Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 4

Ohiani, nsiyɛfoɔ ne ɔhene

1 Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi!

2 Ɛnna medwenee sɛ awufoɔ a wɔawuwu dada no tiri ayɛ yie sene nnipa a wɔda so tete aseɛ no.

3 Na deɛ ɔyɛ sene wɔn baanu no ne deɛ ɔnnya mmaeɛ a ɔnnya nhunuu nneyɛɛ bɔne a wɔyɛ no owia yi aseɛ no.

4 Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

5 Ɔkwasea pompono ne nsa tena hɔ, na ɔdi ɔno ara ne honam.

6 Kommyɛ kakra yɛ sene ɔbrɛ ne dadwene hunu bebree.

7 Na mesane mehwɛɛ owia yi ase ahuhudeɛ.

8 Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no.

9 Baanu yɛ sene baako, ɛfiri sɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn;

10 na sɛ wɔhwe ase a, ɔbaako bɛma ne yɔnko so, na ɔbaakofoɔ a ɔhwe aseɛ a obi nka ne ho mma no soɔ nnue.

11 Bio, sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hye, na ɔbaakofoɔ deɛ, ne ho bɛyɛ no hye sɛn?

12 Na sɛ obi toa ɔbaakofoɔ a, ɔrentumi nnyina, nanso baanu ne no bɛdi asie; na ahoma a wɔaka abɔ ho mmiɛnsa no rente ntɛm.

13 Fanyinam aberantewaa hiani nyansafoɔ sene ɔhene akɔkoraa kwasea a ɔntie afotuo bio.

14 Na obi firi nneduafoɔ dan mu bɛdii hene, nso wɔwoo no hiani n’ahennie asase no so.

15 Mehunuu ateasefoɔ a wɔnam owia yi aseɛ nyinaa ne aberantewaa foforɔ a ɔbɛgyinaa n’ananmu no.

16 Ɔman no nyinaa, wɔn a wɔdii n’anim nyinaa nni awieeɛ, nso wɔn a wɔbɛba akyire yi no ani rennye ne ho. Ampa ara, yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 5

Ahodasoɔ ne Nyankopɔn anim ahobrɛaseɛ

1 Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne.

2 Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

3 Na adaeɛso nam ɔbrɛdwene mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodoɔ mu.

4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, ɛfiri sɛ ɔnni nkwaseafoɔ ho akoma pa bi: Deɛ woahyɛ bɔ no, ma!

5 Fanyinam sɛ woanhyɛ bɔ sene sɛ woahyɛ bɔ na womma.

6 Mma w’ano kwan mfa wo nkɔ bɔne mu, na nka wɔ ɔbɔfoɔ no anim sɛ: Ɛyɛ mfomsoɔ. Adɛn nti na Nyankopɔn bo mfu wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma?

7 Na daeɛso rekɔ soro no, na nsɛm huhuo redɔɔso; nanso Onyankopɔn mmom na suro no.

Ahonyadeɛ yɛ ahuhudeɛ

8 Na sɛ wohunu mmɔborɔni sɛ wɔhyɛ ne soɔ, ne atemmuo, ne tenenee anidane wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiri wo saa asɛm no ho, na deɛ ɔso no, deɛ ɔso sene no hwɛ no so, na deɛ ɔso koraa no hwɛ wɔn so.

9 Na adeɛ nyinaa mu mfasoɔ ne sɛ ɔhene bi wɔ hɔ ma asase a wɔdɔ soɔ no.

10 Deɛ ɔpɛ sika no, sika mmee no, na deɛ ɔpɛ adeɛ dodoɔ no nnya mu mfasoɔ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

11 Berɛ a nnepa redɔɔso no, na adifoɔ nso redɔɔso, na yiedie bɛn na ɛwom ma ɔdenadeɛnom no, sɛ hwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko?

12 Odwumayɛni didi kakraa bi oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefoɔ meeɛ no mma no nnya adayɛ.

13 Bɔne bi a ɛyɛ ya wɔ hɔ a mahunu owia yi aseɛ, ɛne ahonyadeɛ a ɔdenadeɛnom kora ma wɔn ara mmusuo.

14 Na ahonyadeɛ no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam.

15 Sɛdeɛ ɔfiri ne na yam adagya mu baeɛ no, saa ara na ɔbɛsane akorɔ, sɛ ɔbaa no no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bɛkuta ne nsam akorɔ.

16 Na yei nso yɛ bɔne a ɛyɛ ya, sɛdeɛ ɔbaa no ara, saa ara na ɔbɛkorɔ, na ɛyɛ no mfasoɔ bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu?

17 Nso ne nna nyinaa, esum mu na ɔdidiiɛ, na n’abufuo ne ne yadeɛ ne n’awerɛhoɔ dɔɔso.

Ɔpene

18 Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia yi aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa.

19 Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyadeɛ ne adedodoɔ, na ɔma no ho kwan sɛ ɔnni bi na ɔmfa no sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, yei nso, Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.

20 Na ɔrenkae ne nkwa nna pii, ɛfiri sɛ Onyankopɔn agye ne so ama no n’akoma anigyeɛ.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 6

Ahonyadeɛ ne animuonyam nso yɛ ahuhudeɛ

1 Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu owia yi aseɛ, na ɛdɔɔso nnipa so:

2 Obi a Onyankopɔn ama no ahonyadeɛ ne adedodoɔ ne animuonyam, na deɛ ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ ɔnni bie, na ɔnanani bi na ɔdie, yei deɛ, ahuhudeɛ ne ayayadeɛ ne no.

3 Sɛ obi wo mma ɔha na ɔdi mfeɛ pii, na ne mfeɛ mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra na wɔansie no yie a, mese, mpo ɔpɔn ba yɛ sene no.

4 Na ɔba no adehunu mu, na esum mu na ɔkorɔ, na esum na ɛkata ne din soɔ,

5 owia nso wanhunu na ɔnnim, ɔhome wɔ hɔ ma oyi sene ɔno.

6 Na sɛ mpo ɔdi mfeɛ apem mmɔho, nanso wannya mu papa biara a, ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa korɔ?

7 Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no da.

8 Na ɛdeɛn na onyansafoɔ de sene ɔkwasea? Ɛdeɛn nso na ohiani a ɔnim ateasefoɔ mu abrabɔ no de kyɛne soɔ?

9 Deɛ ɛwɔ hɔ a aniwa hu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

10 Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.

11 Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhudeɛ dɔɔso; mfasoɔ bɛn na onipa nya?

12 Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuo mu, na nna dodoɔ a ɔdie sɛ sunsum no? Na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ onipa deɛ ɛbɛba wɔ ne wuo akyi?

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 7

Abrabɔ pa ne ntoboaseɛ

1 Din pa yɛ sene ngo a ne boɔ yɛ den,

na owuda yɛ sene awoda.

2 Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ

sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ,

ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ,

na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam.

3 Awerɛhoɔ yɛ sene sereɛ,

na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na akoma nam nya suahunu.

4 Anyansafoɔ akoma wɔ abooboodie fie,

na nkwaseafoɔ akoma wɔ ahuhu fie.

5 Onyansafoɔ animka tie yɛ

sene sɛ obi tie nkwaseafoɔ dwontoɔ.

6 Na sɛdeɛ nkasɛɛ turituri ɛsɛn aseɛ no,

sɛ ɔkwasea sereɛ teɛ ne no;

yei nso yɛ ahuhudeɛ.

7 Aane, nhyɛsoɔ bɔ onyansafoɔ dam,

na ayɛyɛdeɛ sɛe akoma.

8 Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ,

ntoboaseɛ honhom yɛ sene ahomasoɔ honhom.

9 Mma wo honhom mmpere abohuro ho,

na nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ.

10 Nka sɛ: Adɛn na na akane nna no yɛ sene yeinom yi?

Na ɛnyɛ nyansa so na wobisa yei aseɛ.

11 Nyansa yɛ sɛ awunnyadeɛ,

na ɛyɛ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia no.

12 Na nyansa nwunu ase tena te sɛ sika nwunu ase tena,

na nimdeɛ yɛ mfasoɔ, na nyansa gye ne wura nkwa.

13 Hwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ.

Na hwan na ɔbɛtumi atene deɛ ɔno akyea no?

14 Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara.

15 Mahunu adeɛ nyinaa m’abrabɔ hunu nna mu: Ɔteneneeni bi wɔ hɔ a, ne tenenee nyinaa mu no, ɔyera firi hɔ, na ɔbɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyiri no, ɔtena ase kyɛre.

16 Nyɛ wo ho ɔteneneeni bebrebe, na nyɛ onyansafoɔ ntra so: Adɛn nti na wosɛe wo ho?

17 Mma abɔnefosɛm nnɔɔso na nyɛ ɔkwasea nso. Adɛn nti na wobɛbu wo berɛ mu awuo?

18 Ɛyɛ sɛ wosɔ yei mu, na yei nso wonyi wo nsa mfiri ho. Na deɛ ɔsuro Onyankopɔn bɛfiri ne nyinaa mu.

19 Nyansa hyɛ onyansafoɔ den sene atumfoɔ du a wɔwɔ kuro mu.

20 Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.

21 Nso mfa w’akoma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo.

22 Na w’akoma nim mprɛ bebree a wo nso wodomee ebinom.

23 Mede nyansa masɔ yei nyinaa mahwɛ; mekaa sɛ: Mɛhunu nyansa; nso ɛne me ntam ware.

24 Deɛ ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkodonko, hwan na ɔbɛhunu?

25 Mede m’akoma nso mekyinii sɛ mɛhunu na mapeepee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahunu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ.

26 Na mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo: Ɔbaa a n’akomam wɔ fidie ne asau na ne nsa yɛ nhoma. Deɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani bɛfiri ne ho afi, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔbɛkye no.

27 Hwɛ, yei na mahunu, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, mefaa no mmaako mmaako, na manya ho mmuaeɛ.

28 Deɛ me kra hwehwɛ bio nanso menhunuiɛ nie: Ɔbarima baako na mahu no apem mu, na ɔbaa deɛ, menhunuu bi, yeinom nyinaa mu.

29 Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 8

Nnisoɔ ho setie

1 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ no,

na hwan na ɔnim asɛm ase kyerɛ?

Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn,

na n’anim denyɛ sakyera.

2 MeseDi ɔhene anomu asɛm so, na ɛsiane Onyankopɔn ntam a woaka no nti, ɛmma no nnha wo;

3 firi n’anim kɔ; sɛ asɛm no nyɛ dɛ a, ntwentwɛn wo nan ase,

4 ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

5 Deɛ ɔdi mmara asɛm soɔ no nnim asɛmmɔne biara, na onyansafoɔ akoma nim berɛ ne atemmuo.

6 Na ɛberɛ ne atemmuo wɔ hɔ ma nneyɛɛ nyinaa, na onipa bɔne dɔɔso ne so ma no.

7 Na obi nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, na sɛdeɛ ɛbɛba no, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no?

8 Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi.

Ɛwie ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ pɛ

9 Yei nyinaa mahunu na mede m’akoma ato adwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa so: Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma no dane no ɔhaw.

10 Na saa nso na mehunuu abɔnefoɔ a wɔsiee wɔn; na berɛ a na wɔte aseɛ no, na wɔdi kronkronbea hɔ ahyɛmfire na wɔkamfoo wɔn wɔ kuro a wɔdii bɔne wɔ mu no ara mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

11 Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma.

12 Sɛ ɔdebɔneyɛni di asɛmmɔne mprɛha na ɔtena hɔ kyɛre a, ɛnyɛ dɛn ara a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn na wɔfɛre no no yie.

13 Na ɛrenwie ɔbɔnefoɔ yie, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsum, ɛnam sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntira.

14 Ahuhudeɛ bi nso wɔ asase so; sɛ ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata abɔnefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn, na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata ateneneefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn. Mekaa sɛ yei nso yɛ ahuhudeɛ.

15 Ɛnna mekamfoo anigyeɛ, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia yi ase, gye sɛ ɔdidi na ɔnom na n’ani gye, na yei ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ama no owia yi aseɛ no mu.

16 Mede m’akoma mehwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahwɛ ɔbrɛ adwuma a wɔyɛ no asase soɔ no, sɛ awia ne anadwo mpo onipa nnya nna, n’aniwa mu no,

17 ɛnna mehunuu Nyankopɔn nneyɛɛ nyinaa, sɛ onipa ntumi nhunu nnoɔma a wɔyɛ no owia yi aseɛ no, sɛdeɛ onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhunu, na sɛ onyansafoɔ nso ka sɛ ɔbɛhunu a, ɔrentumi nhunu.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 9

Nkwa ho mfasoɔ ne anigyeɛ

1 Na yei nyinaa na mede mehyɛɛ m’akomam, na mepeepee yei nyinaa mu, sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ Nyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtane oo, onipa nnim, nnoɔma nyinaa yɛ wɔn pɛ.

2 Adeɛ nyinaa ba ateasefoɔ nyinaa so pɛ, nkrabea korɔ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ, deɛ ne ho te ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ. Onipa pa te sɛ ɔdebɔneyɛni, deɛ ɔka ntam te sɛ deɛ ɔsuro ntanka.

3 Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.

4 Na hwan na wɔyi no wɔ mu? Ateasefoɔ nyinaa nkyɛn na anidasoɔ wɔ. Na ɔkraman a ɔte aseɛ yɛ sene gyata a wawuo.

5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu, na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, na werɛ afiri wɔn nkaeɛ.

6 Wɔn dɔ oo, wɔn tane oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dadadada, na wɔnni deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ nyinaa mu kyɛfa biara bio da.

7 Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.

8 Hyɛ afahyɛ atadeɛ berɛ nyinaa mu; na mma ngo mmpa wo tiri so.

9 Ɛne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuo nna a ɔde ama wo owia yi aseɛ no nyinaa, w’ahuhudeɛ nna nyinaa, na ɛne wo kyɛfa nkwa yi mu ne wo brɛ a worebrɛ owia yi aseɛ no mu.

10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.

Nyansa ho mfasoɔ ne ne hunuyɛ

11 Mesane mehunuu owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.

12 Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.

13 Nso saa nyansa yi na mehunuu no owia yi aseɛ, na ɛso wɔ m’ani so:

14 Kuro ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi na ɛwɔ mu, na ɔhenkɛseɛ bi baa ho bɛtwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛseɛ,

15 na wɔhunuu emu barima hiani nyansafoɔ bi, na ɔde ne nyansa no gyee kuro no; nso obiara ankae onipa hiani no.

16 Ɛnna mese: Nyansa yɛ sene mmaninyɛ, nanso wɔbu ohiani nyansa animtia, na ne nsɛm no, wɔntie.

17 Anyansafoɔ nsɛm a wɔte no komm yɛ sene nkwaseafoɔ mu tumfoɔ nteamu.

18 Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 10

Nyansa ho mmɛ ahodoɔ

1 Nwansena funu ma odufrani aduro bɔn na ɛporɔ,

na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sene nyansa ne animuonyam.

2 Onyansafoɔ akoma wɔ ne nifa mu,

na ɔkwasea akoma wɔ ne benkum mu.

3 Nanso ɔkwan biara a ɔkwasea fa soɔ no, nteaseɛ bɔ no,

na ɔka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ ɔyɛ ɔkwasea.

4 Sɛ otumfoɔ honhom sɔre tia wo a,

nnya w’afa, na ɛdwo brɛ bɔne akɛseɛ ano ase.

5 Adebɔne bi wɔ hɔ a mehunuu no owia yi aseɛ sɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri otumfoɔ anim,

6 wɔama nkwaseafoɔ so bebree, na adefoɔ tete fam.

7 Mahunu nkoa a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne adehyeɛ a wɔnenam fam sɛ nkoa.

8 Deɛ ɔtu amena no, emu na ɔbɛhweɛ,

na deɛ ɔburi ban no, ɔwɔ bɛka no.

9 Deɛ ɔtu aboɔ no, ɛbɛhyɛ no yea,

na deɛ ɔpae nnua no, emu na ɔbɛpira.

10 Sɛ obi dadeɛ ano akum na wanse ano a,

ɛnneɛ gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso,

na mfasoɔ a wɔde di yie ne nyansa.

11 Sɛ ɔwɔ ka ansa na wɔakyekyere no nkaberɛ a,

na mfasoɔ biara nni hɔ mma nkaberɛkyekyerefoɔ.

12 Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam,

na ɔkwasea ano bɛmene no.

13 N’anomu asɛm mfitiaseɛ yɛ nkwaseasɛm,

na ne kasa awieeɛ yɛ adammɔ bɔne.

14 Ɔkwasea nso ma nsɛm dɔɔso.

Onipa nnim deɛ ɛreba,

na deɛ ɛbɛba n’akyire no, hwan na ɔbɛkyerɛ no?

15 Nkwaseafoɔ haw hyɛ deɛ ɔnnim kuro mu korɔ brɛ.

16 Due, wo asase a wo hene yɛ abɔfra,

na wo mmapɔmma to pono anɔpa.

17 Nhyira ne wo, O asase a wo hene yɛ adehyeɛ ba,

na wo mmapɔmma to pono berɛ a ɛsɛ mu,

ahoɔden nti, na ɛnyɛ nsaborɔ nti.

18 Akwadworɔ nti na mpuna hwinhwan,

na aniha ma ɛdan nwunu.

19 Sereɛ nti na wɔsiesie aduane,

na nsa ma ateasefoɔ anigyeɛ,

na sika na ɛyɛ adeɛ nyinaa.

20 Nnome ɔhene w’adwene mu mpo,

na nnome ɔdefoɔ wo dabekyire,

na ewiem nnomaa bi de nne no bɛkɔ,

na ntakraboa bi mpo aka asɛm no.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 11

Gu w’aba ntɛm

1 To wo paanoo gu nsuo ani,

na daakye bi wo nsa bɛka.

2 Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo,

na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.

3 Sɛ osuo yɛ mununkum ma a,

ɛtɔ gu asase so;

na sɛ dua kɔhwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,

faako a dua no hweɛ no, ɛhɔ na ɛbɛda.

4 Deɛ ɔhwɛ mframa no rengu aba,

na deɛ ɔhwɛ mununkum no rentwa.

5 Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ.

6 Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie.

7 Nso hann yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ɛhunu owia.

8 Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, na ɔnkae esum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ.

Mmeranteberɛ mu anigyeɛ

9 Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.

10 Na yi awerɛhoɔ firi w’akoma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmɔfraase ne mmeranteberɛ yɛ ahuhudeɛ.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 12

1 Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;

2 ansa na owia ne hann ne ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na osuo nya tɔ a, asane amuna,

3 ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu;

4 na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase.

5 Nso wɔasuro deɛ ɛkorɔn, na ehu aba kwan mu, na sorɔno bɛgu nhyerɛne, na abɛbɛ ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, ɛfiri sɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfoɔ rekyini mmorɔno so;

6 ansa na dwetɛ homa no ate, na sika toa no apae, na ahina no abɔ asuo ho, na asubura ho nkyimiiɛ abubu,

7 na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.

8 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ.

Asɛm no awieeɛ ne Nyankopɔn suro

9 Nanso deɛ ɛka ho a Ɔsɛnkafoɔ no yɛ mu nyansafoɔ no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na ɔpeepee mu, na ɔbubuu mmɛ bebree.

10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛhunu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na deɛ wɔatwerɛ no ne tenenee ne nokorɛ nsɛm.

11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfoɔ baako na ɔde maeɛ.

12 Na deɛ aka yeinom akyire no nso, me ba, fa to w’adwene mu. Nwoma bebree yɛ nni awieeɛ, na adesua dodoɔ pii mu wɔ ɔhaw.

13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.

14 Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.

Categories
Mmebusɛm

Mmebusɛm 1

Nyansa frɛ

1 Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:

2 Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ,

sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu;

3 sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ,

tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene;

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ,

aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:

5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso,

na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:

6 Sɛ wɔmfa nhunu abebusɛm ne akasabebuo,

anyansafoɔ nsɛm ne wɔn mmɛ mu.

7 AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ;

agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.

8 Me ba, tie w’agya akwankyerɛ,

na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,

9 na ɛyɛ wo tiri animuonyam abotire

ne wo kɔn mu ntweaban.

Nnyegyeɛ ho kɔkɔbɔ

10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gyegye wo a,

mpene!

11 Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm,

ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;

12 ma yɛmmemene wɔn anikan sɛ Asamando,

ne amudifoɔ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu;

13 yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa,

yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma.

14 Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn deɛ mu,

yɛn nyinaa bɛnya kotokuo baako.

15 Me ba, wo ne wɔn nnnante ɔkwan so.

Twe wo nan firi wɔn sa so.

16 Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu,

na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.

17 Na kwa ara na wɔasum fidie

ntakraboa nyinaa anim.

18 Nanso wɔn ara wɔn mogya ho na wɔkɔ adɛm,

wɔtɛ wɔn ara wɔn kra.

19 Saa na amim mu mfasopɛfoɔ nyinaa akwan teɛ,

ɛfa ne wuranom kra kɔ.

Asoɔden ho asotwe

20 Nyansa team mmorɔno so,

ɔma wɔte ne nne mmɔntene so;

21 ɔteam adwabirem tire,

kuro mu, kuro apono ano, ɔka ne nsɛm sɛ:

22 Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie?

Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie,

na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?

23 Monnane mo ho mma me kasakyerɛ.

Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo,

mɛma moahunu me nsɛm.

24 Sɛ mafrɛ, na mokame,

matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

25 na moto m’afotuo nyinaa twene,

na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,

26 me nso mɛsere mo mo amaneɛ mu,

mo ahopopoɔ bɛba no, mɛyi mo ahi.

27 Mo ahopopoɔ ba sɛ aprannaa,

na mo amaneɛ ba sɛ ahum,

ahohiahia ne ahokyere ba mo so a,

28 ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so,

wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.

29 Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ,

na wɔampɛ AWURADE suro,

30 wɔampɛ m’afotuo,

na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,

31 enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba,

na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.

32 Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn,

na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.

33 Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm,

na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.