Categories
Nnwom mu dwom

Nnwom mu dwom 2

Ɔdɔfoɔ ho anigyina

1 Me deɛ, meyɛ Saron nhwiren,

ne mmonhwa mu sukooko.

2 Me dɔfoɔ wɔ mmammaa mu

sɛ nkasɛɛ ntam sukooko.

3 Me dɔfoɔ da mmeranteɛ ntam sɛ aprɛ

a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam,

mede anigyeɛ kɛseɛ tenaa ne nwunu ase,

na n’aba yɛ me dodom dɛ.

4 Ɔde me aba apontoɔ dan mu,

na ne frankaa a ɛsi me soɔ ne ɔdɔ.

5 Momfa bobe aba taterɛ nwowa me,

momfa aprɛ aba nnwodwo me,

ɛfiri sɛ ɔdɔ abɔ me yareɛ.

6 O, sɛ ne nsa benkum hyɛ me tiri ase,

na anka ne nsa nifa yɛ me atuu.

7 Meka no ntam, Yerusalem mmammaa,

atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam,

sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ

kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

8 Me dɔfoɔ nne nie!

Hwɛ, ɔreba!

Ɔhuri tratra mmepɔ,

ɔte nkokoɔ so pentenkwa.

9 Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa.

Hwɛ sɛ ɔgyina yɛn fasuo akyire,

ɔhwɛ mpomma mu no mu haa,

ɔhwɛ ntokuro a ɛdeda nnadeɛ a ɛsisi mpomma no mu.

10 Me dɔfoɔ kasa se me sɛ:

Sɔre ɛ, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ,

na bra ɛ!

11 Na hwɛ, awɔberɛ atwam,

asusɔ agyae na ɛkɔ koraa.

12 Nhwiren yi ne ho adi asase so,

dwontoɔ berɛ adu,

na wɔte anyankuku

nka yɛn asase so.

13 Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye,

na obobe nnuabaforɔ

reyi ne hwa.

Sɔre, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ,

na bra ɛ!

14 M’aburuburo a wowɔ ɔbotan tokuro mu

ne sorɔnsorɔmmea ahuntaeɛ,

ma menhunu w’anim,

ma mente wo nne,

na wo nne yɛ dɛ,

na w’anim yɛ fɛ.

15 Monkyere nsakraman mma yɛn,

nsakraman nketewa

a wɔsɛe bobe nturo no,

na yɛn bobe asoso nnuabaforɔ.

16 Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no,

ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu.

17 Dane wo ho, me dɔfoɔ,

na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa,

mpaepaemu mmepɔ so,

kɔsi sɛ enwunu bɛdwoɔ na sunsum ayerayera.

Categories
Nnwom mu dwom

Nnwom mu dwom 3

Ɔdɔfoɔ no nokorɛdie

1 Me mpa so, ɔdasuo mu

na mehwehwɛɛ deɛ me kra dɔ no no,

mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

Mefrɛɛ no, nanso wamma mmuaeɛ biara.

2 Yei deɛ, mɛsɔre makyini kuro mu,

mmɔntene so ne dwamu.

Mɛhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no.

Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

3 Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu bɛtoo me:

Deɛ me kra dɔ no no, mohunuu no anaa?

4 Mesianee wɔn ho kakra ara pɛ no,

ɛnna mehunuu deɛ me kra dɔ no no.

Mesɔɔ ne mu na mannyaa ne mu

kɔsii sɛ mede no mebaa me na fie

ne deɛ ɔwoo me no pia mu.

5 Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa,

atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam,

sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ

kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

6 Hwan ne oyi a ɔforo firi ɛserɛ so ba

sɛ wisie a ɛsɔre tee,

kurobo ne ohwamfufuo

ne odwadini nnuhwam nyinaa apunu no yi?

7 Hwɛ, Salomo apakan no!

Nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia,

wɔfiri Israel nnɔmmarima mu.

8 Wɔn nyinaa kurakura mfena,

wɔakwadare akodie mu,

wɔn mfena bobɔ wɔn asene,

anadwo bumbɔ nti.

9 Ɔhene Salomo de Lebanon nnua

yɛɛ apakan fɛfɛɛfɛ fae.

10 Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ,

ne ntweremu sika, n’adwa yɛ ntoma a ɛberedum,

emu nso, Yerusalem mmammaa de ɔdɔ adura mu.

11 O Sion mmammaa, momfiri adi

mmɛhwɛ Ɔhene Salomo,

abotire a ne na de bɔɔ no,

ne yere hyia da

ne n’akoma anigyeɛ da no.

Categories
Nnwom mu dwom

Nnwom mu dwom 4

Ɔdɔfoɔ no ahoɔfɛ

1 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ,

hwɛ, wo ho yɛ fɛ,

na w’aniwa yɛ aborɔnoma ani,

w’anim nkatanim mu.

Wo nwi te sɛ mmirekyikuo

a wɔsiane wɔ Gilead bepɔ ho.

2 Wo se te sɛ nnwanten bereɛ

a wɔatwitwa wɔn nwi a wɔfiri adwareeɛ

a wɔn nyinaa awowo ntanta,

na deɛ wabu kyene nni wɔn mu.

3 W’anofafa te sɛ koogyan homa,

na w’anomu kasa yɛ dɛ.

W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa,

w’anim nkatanimu mu.

4 Wo kɔn si so teateawa

sɛ Dawid abantenten

a akyɛm nketenkete apem sensɛne ho,

ne nyinaa yɛ nnɔmmarima akyɛm.

5 Wo nufo mmienu

te sɛ atweburuwa nta

a wɔdidi sukooko mu.

6 Mɛkɔ kurobo bepɔ

ne ohwamfufuo kokoɔ no so

akɔsi sɛ onwunu bɛdwoɔ,

na sunsum bɛyera.

7 Wo ho nyinaa yɛ fɛ, me dɔfoɔ,

na ɛdɛm biara nni wo ho.

8 M’ayeforɔ, ɛne me mfiri Lebanon,

ɛne me mfiri Lebanon nkɔ,

na yɛmfiri Amana atifi,

Senir ne Hermon atifi,

agyata tenabea, asebɔ mmepɔ so, nhwɛ fam.

9 Woakye m’akoma, me nuabaa, m’ayeforɔ,

wode w’aniwa a wode hwɛɛ me no afa m’akoma

ne wo kɔn mu ntweaban baako.

10 Sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ, me nuabaa, m’ayeforɔ,

sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ sene nsa,

na wo sradehwam hwa sene duhwam biara.

11 W’ano sosɔ ɛwomono, m’ayeforɔ,

ɛwoɔ ne nufosuo wɔ wo tɛkyerɛma ase,

na wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon hwa.

12 Me nuabaa, m’ayeforɔ yɛ turo a woato ano pono mu,

nsuo aniwa a wɔasi ano kwan, ne asubura a wɔasɔ ano.

13 Wo mman yɛ atoaa aba

ne nnuaba a ɛwɔ boɔ turo,

ahuahaa ne nnuannua ahodoɔ,

14 nnuannua ne nkuto, bɛwewonua ne pɛprɛ

ne ohwamfufuo nnua nyinaa,

kurobo ne dupapo

ne nnuhwam atitire nyinaa;

15 nturo mu asubura, mmasuo aniwa

ne nsuwansuwa a ɛfiri Lebanon so sene.

16 Atifi fam mframa, sɔre,

na anafoɔ mframa nso,

bra bɛbɔ me turo mu,

ma ne nnuhwam nsosɔ.

Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu,

na ɔnni mu nnuaba a ɛwɔ boɔ no.

Categories
Nnwom mu dwom

Nnwom mu dwom 5

Ayeforɔ no mpa

1 Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ,

meretete me kurobo ne m’aduhwam,

meredi me woɔkyɛm ne me woɔ,

merenom me nsa ne me nufosuo.

Nnamfonom, monnidi,

adɔfonom, monnom na mommee.

2 Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane.

Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ:

Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ,

m’aburuburo a wodi mu;

na obosuo ayɛ m’atifi ma,

anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.

3 Mayi m’atadeɛ,

mɛyɛ dɛn mahyɛ?

Mahohoro me nan ho,

mɛyɛ dɛn mayɛ no fi?

4 Me dɔfoɔ de ne nsa kaa pono no,

na m’akoma dii ahurisie wɔ me mu.

5 Ɛnna mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ no,

kurobo sosɔɔ me nsa ho,

na kurobo a ɛnene sosɔɔ me nsateaa so,

apratwom nsɔmu so.

6 Mehinii me dɔfoɔ,

nanso na me dɔfoɔ adane ne ho asane kɔ.

Ɔrekasa no, m’akoma tui.

Mehwehwɛɛ no, na manhu no,

mefrɛɛ no, na wannye me so.

7 Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu no

bɛtoo me,

wɔbobɔɔ me, wɔpiraa me,

afasuo so awɛmfoɔ gyee me nkatanimu.

Ayeforɔkunu no ahoɔfɛ

8 Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa,

sɛ mohunu me dɔfoɔ a,

monka nkyerɛ no

sɛ ɔdɔ ayare me.

9 Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfoɔ bie,

O mmaa mu ɔhoɔfɛni?

Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfo bie,

sɛ woka ntam gu yɛn so seyie?

10 Me dɔfoɔ hoa na ɔbere,

ɔda nso nnipa mpemdu mu.

11 Ne tiri yɛ sika amapa pa,

ne mpɛsɛmpɛsɛ yɛ kuhaa,

ɛbiri sɛ anene.

12 N’aniwa te sɛ

asutene ho mmuruburo

a wɔdware nufosuo,

sisi ne mayɛ soɔ.

13 N’afono te sɛ aduhwam akofie

a nnuhwam yɛ so yie;

n’anofafa te sɛ sukooko fɛfɛ

a ɛsosɔ kurobo a ɛnene.

14 Ne nsa yɛ sika nnwinneɛ

a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu,

ne nipadua yɛ asonse adwinneɛ

a wɔde hoaboɔ adura soɔ.

15 Ne nan yɛ abofufuo adum

a ɛsisi amapa nnyinasoɔ soɔ,

ne suban te sɛ Lebanon,

wɔayi no sɛ tweneduro nnua.

16 N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ,

na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko.

Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie,

O Yerusalem mmammaa.

Categories
Nnwom mu dwom

Nnwom mu dwom 6

Nhyia mu anigyeɛ

1 O mmaa mu ɔhoɔfɛni,

ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ?

Ɛhe na wo dɔfoɔ no adane ne ho afa,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

2 Me dɔfoɔ asiane kɔ ne turo mu,

aduhwam akofie ho,

sɛ ɔrekɔma ne nnwan aduane,

na watete sukooko nhwiren afɛfɛ no.

3 Me deɛ, mewɔ me dɔfoɔ, na me dɔfoɔ wɔ me,

ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko no mu.

4 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa,

woyɛ oyima sɛ Yerusalem,

wo ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔahyia frankaa aseɛ.

5 Yi w’ani firi me so,

na ɛha me,

wo nwi te sɛ mmirekyikuo

a wɔsiane firii Gilead bepɔ ho.

6 Wo se te sɛ nnwanten mmaatan

a wɔfiri adwareeɛ reforo ba

a wɔn nyinaa awowo ntanta,

na deɛ wabu kyenee nni wɔn mu.

7 W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa,

w’anim nkatanimu mu.

8 Ahemmaa yɛ aduosia, na mpenafoɔ yɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaa a ɛnni ano.

9 M’aburuburo a ɔdi mu yɛ baako pɛ,

ne na bakorɔ ne no,

deɛ ɔwoo no ɔdɔba ne no;

mmammaa hu no, na wɔfrɛ no anigyeɛ,

ahemmaa ne mpenafoɔ nso, na wɔkamfo no.

10 Hwan ne oyi a ɔpue sɛ adekyeeɛ,

ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsrane, ne ho te sɛ owia,

na ne ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa yi?

11 Mesiane mekɔɔ adwe turo mu,

sɛ merekɔhwɛ bonhwa mu nhahamma frɔmfrɔm,

sɛ merekɔhwɛ sɛ obobe afefɛ,

sɛ atoaa gu nhyerɛne anaa?

12 Na mennim sɛ me kra de me bɛsi

me man adehyeɛ nteaseɛnam mu.

13 Sane, sane bra, Sulamit,

sane, sane bra, na yɛnhwɛ wo.

Adɛn na mohwɛ Sulamitni no?

Ɔte sɛ Mahanaim asa no.

Categories
Nnwom mu dwom

Nnwom mu dwom 7

Nkɔmmɔbɔ

1 Sɛdeɛ wo mpaboa mu anammɔntutuo si yɛ fɛ,

O ɔdehyeɛ babaa,

w’asene ne w’ataaso te sɛ adwinneɛ

a odwumfoɔ nsa ayɛ.

2 Wo funuma te sɛ koraa kurukuruwa

a mfrasa mmɔ no da,

wo yafunu te sɛ ayukuo bi

a wɔde sukooko atwa ho ahyia.

3 Wo nufoɔ mmienu

te sɛ atweburuwa nta;

4 wo kɔn te sɛ asonse abantenten;

w’aniwa te sɛ Hesbon ntadeɛ

a ɛwɔ Bat-Rabim pono ho no;

wo hwene te sɛ Lebanon abantenten

a ɛhwɛ Damasko fam no;

5 wo tiri si wo so sɛ Karmel,

wo mpɛsɛmpɛsɛ te sɛ ntoma a ɛberedum,

wɔakyere ɔhene ne mmɛsa mu

6 Sɛdeɛ wo ho si yɛ fɛ fa, na sɛdeɛ wosi sɔ ani fa,

O ɔdɔfoɔ, anigyedeɛ ahodoɔ no mu.

7 Wo nnyinasoɔ te sɛ bɛtene,

wo nufoɔ te sɛ obobe sia.

8 Mese, mɛforo bɛtene

na masɔ ne mpapa mu,

O ma wo nufoɔ nyɛ sɛ obobe sia,

na wo hwenem hwa nyɛ sɛ aprɛ,

9 na wo mfeano te sɛ bobesa pa!

a ɛfa menemu mu bɔkɔɔ,

a ɛnam anofafa ne ɛse so nam kɔ mu yɔɔ.

10 Me deɛ, meyɛ me dɔfoɔ deɛ,

na me na n’ani gyina me.

11 Bra, me dɔfoɔ,

na yɛnkɔ petee mu,

ma yɛnsoɛ nkuraa ase.

12 Ma yɛntua nhema nkɔ bobe nturo mu

nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛ,

na ne nhwiren apaepae,

sɛ atoaa agu nhyerɛne anaa?

Ɛhɔ na mɛyi me dɔ mama woɔ.

13 Dudaim no yiyi ne hwam,

na aba a ɛwɔ boɔ nyinaa wɔ yɛn pono ano,

aba foforɔ ne adada,

O me dɔfoɔ, mede asie ama wo.

Categories
Nnwom mu dwom

Nnwom mu dwom 8

Nnamfonom no daa nokorɛdie

1 O, sɛ anka woyɛ me nuabarima,

a ɔnom me na nufoɔ ɛ!

Sɛ merehu wo borɔno so a, anka mɛfe w’ano,

nso obiara remmu me animtia.

2 Anka mɛdi w’anim

de wo aba me na fie,

na woakyerɛkyerɛ me ɔdɔ,

na mama woanom nsa a wɔde aduhwam bi agu mu,

m’atoaa nsa no bi.

3 Ne benkum hyɛ me tiri ase,

na ne nifa yɛ me atuu.

4 Meka mo ntam, O Yerusalem mmammaa,

monnnyane ɔdɔ na monnhwanyane no,

gye sɛ ɔno ara pɛ ansa!

5 Hwan ne ɔbaa yi a ɔforo firi ɛserɛ so reba

a ɔtwere ne dɔfoɔ yi?

Menyanee wo aprɛ no ase,

ɛhɔ na awoɔ kaa wo na woɔ,

ɛhɔ na wo wofoɔ kyemeeɛ.

6 Fa me si w’akoma so sɛ nsɔanodeɛ,

fa me si wo basa so sɛ nsɔanodeɛ.

Na ɔdɔ yɛ den sɛ wuo,

ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asamando,

ne nsramma yɛ ogya nsramma,

ogyaframa a ano yɛ den pa ara.

7 Nsuo pii ntumi nnum ɔdɔ,

na nsubɔntene ntumi nsram so;

sɛ obi de ne fie adedodoɔ nyinaa ma

de tɔ ɔdɔ mpo a,

wɔremmu no hwee.

8 Yɛwɔ onuabaa kumaa bi

a ɔmmobɔɔ nufoɔ.

Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa no

da a wɔbɛbisa n’aseɛ no?

9 Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a,

yɛbɛto ne so dwetɛ aban,

na sɛ ɔyɛ ɛpono a,

yɛde tweneduro ntaaboɔ bɛbram ne ho.

10 Me deɛ, meyɛ ɔfasuo,

na me nufoɔ te sɛ aban atentene,

ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ

deɛ ɔde asomdwoeɛ ba.

11 Salomo wɔ bobeturo bi Baal-hamon,

ɔde bobeturo no maa ahwɛfoɔ,

sɛ n’aba nti wɔn nyinaa mmema no dwetɛ apem apem.

12 Me bobeturo a ɛyɛ me deɛ no wɔ m’anim;

apem no nyɛ wo deɛ, O Salomo,

na ahanu nyɛ n’aba ahwɛfoɔ deɛ.

13 O wo a wote nturo no mu no,

wo mfɛfoɔ retie wo nne;

ma mentie ɛ!

14 Fa ntɛm dwane, me dɔfoɔ,

na yɛ wo ho sɛ ɔtwe

anaa ɔforoteburuwa,

wɔ nnuhwam mmepɔ so.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 1

Wiase adeɛ nyinaa yɛ adeɛ huhuo

1 Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie.

2 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ;

ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo.

3 Mfasoɔ bɛn na onipa nya

ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu?

4 Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba,

na asase deɛ, ɛtim hɔ daa.

5 Owia pue, na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a ɛfiri pue hɔ.

6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam,

na ɛdane ba atifi fam;

ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so

na mframa no nam sane ba.

7 Nsubɔntene nyinaa sene kɔ po mu,

nanso ɛpo nyɛ ma ara da.

Faako a nsubɔntene no nenam korɔ no,

ɛhɔ ara na ɛsane kɔ bio.

8 Abrabɔ nyinaa mu yɛ ɔbrɛ nko ara;

obiara ntumi nka;

adehwɛ mmee aniwa,

na asɛnteɛ nso nyɛ aso ma ara da.

9 Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ.

Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ;

na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia yi ase.

10 Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ:

Hwɛ, yei yɛ foforɔ anaa?

Tete nteredee berɛ

a adi yɛn anim no so na ɛbaeɛ.

11 Nkaeɛ biara nni hɔ mma kane nnoɔma no,

na daakye nnoɔma a ɛbɛba no nso

rennya nkaeɛ biara,

deɛ ɛbɛdi akyire aba no nkyɛn.

12 Me ɔsɛnkafoɔ, madi Israel so hene Yerusalem;

13 Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato adasamma soɔ sɛ wɔmmfa mu no.

14 Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

15 Deɛ akyea no, wɔntumi ntene,

na deɛ ate aka mu no, wɔntumi nkan.

16 Me ne m’akoma kasaa sɛ: Me deɛ, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na m’akoma ahunu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso.

17 Na mede m’akoma nyinaa hwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahunu adammɔ ne nkwaseasɛm, nanso mahunu sɛ yei nso yɛ dadwene hunu.

18 Na nyansa dodoɔ mu wɔ ɔhaw dodoɔ,

na deɛ ɔtia nimdeɛ no ti awerɛhoɔ.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 2

Anigyeɛ ne adwuma yɛ adehuhuo

1 Mekaa no m’akomam sɛ: Bra na memfa anigyeɛ mensɔ wo nhwɛ; gye w’ani! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhudeɛ.

2 Mekaa wɔ ɔsereɛ ho sɛ: Ɛyɛ adammɔ! Na mekaa wɔ anigyeɛ ho sɛ: Ɛdeɛn na wɔnya firii mu?

3 Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ nkwaseasɛm mu ɛberɛ a mese meremma nyansa akyerɛ me kwan no. Na merepɛ ahunu sɛ ɛyɛ ma adasamma sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ ɔsoro aseɛ, wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia no mu.

4 Meyeyɛɛ nnwuma akɛseɛ, mesisii adan, meyɛɛ bobe turo ahodoɔ fae,

5 meyɛɛ turo ahodoɔ ne baabi a yɛtu mpasa a masiesie hɔ, na metetɛɛ mu nnua a ɛso aba ahodoɔ nyinaa bi;

6 meyeyɛɛ nsuo atadeɛ, na mede mu nsuo magugu kwaeɛ a nnua fefɛ wɔ mu no so;

7 menyaa nkoa ne mfenaa, na efie nnipa nso wɔ me, nso menyaa anantwie, nnwan ne mmirekyie akuakuo pii sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa;

8 nso meboaa dwetɛ, sika, ahemfo ne nsase so ademudeɛ ano mefae, menyaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ne mmarima anigyedeɛ ne mpenafoɔ bebree;

9 na meyɛɛ kɛse mekɔɔ so mesenee wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na me nyansa nso tenaa me mu;

10 na biribiara a m’ani hwehwɛeɛ no, mankame no; mansi m’akoma anigyeɛ biara ho kwan, na m’akoma ani gyee me brɛ no nyinaa mu na yei yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.

11 Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia yi ase.

12 Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na ɛdeɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyire no bɛyɛ? Deɛ wɔayɛ no tete nteredee no ara.

13 Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa mu sene nkwaseasɛm mu, sɛdeɛ hann mfasoɔ sene esum deɛ no.

14 Onipa nyansafoɔ nim faako a ɔrekorɔ, na ɔkwasea deɛ, esum mu na ɔnanteɛ. Nanso mehunuu nso sɛ asiane korɔ no ara na ɛsiane wɔn nyinaa.

15 Na mekaa no m’akomam sɛ: Ɔkwasea asiane no ara bi na ɛbɛsiane me nso; na ɛno deɛ, adɛn nti na mehunuu nyansa mesenee ebinom? Na mesee no m’akomam sɛ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

16 Na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, ɛfiri sɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afiri ne nyinaa dada; na ɛyɛ dɛn na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa wuwuo!

17 Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia yi ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

18 Na me brɛ a mebrɛɛ no owia yi ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebɛgya no hɔ mama onipa a ɔbɛdi m’adeɛ no.

19 Na hwan na ɔnim sɛ ɔbɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso ɔbɛdi m’adeɛ a mebrɛɛ ho mede nyansa menyaa no owia yi ase no nyinaa so. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

20 Na menuu me ho wɔ ɔbrɛ a mebrɛɛ owia yi ase no nyinaa ho.

21 Ɛfiri sɛ ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne nyansa, n’adwene ne ne nimdeɛ abrɛ ayɛ adwuma no, ɔgya ne nyinaa hɔ ma deɛ wammrɛ bɛfa: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adebɔne kɛseɛ.

22 Na ɛdeɛn na onipa nya wɔ ne brɛ nyinaa ne n’akoma mu dadwene a ɔde ha ne ho owia yi ase no mu?

23 Na ne nna nyinaa yɛ ayayadeɛ, na ne haw yɛ no awerɛhoɔ, nso anadwo mpo n’akoma ntɔ ne yam: Yei nso, ahuhudeɛ ne no.

24 Biribi pa biara nna hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa ne brɛ no mu; yei nso mahunu sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire;

25 ɛnyɛ ɔno a, hwan na anka ɔbɛtumi adidie anaa hwan na anka ɔbɛtumi anya anigyeɛ?

26 Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

Categories
Ɔsɛnkafoɔ

Ɔsɛnkafoɔ 3

Adeɛ biara wɔ ne berɛ, na Onyankopɔn deɛ, ɔtim hɔ daa

1 Adeɛ biara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ no, na ɛberɛ wɔ hɔ ma adwuma biara ɔsoro ase:

2 Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ;

ɔtɛ wɔ ne berɛ, na deɛ wɔatɛ no tutuo wɔ ne berɛ;

3 okum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ;

bubuo wɔ ne berɛ, na osie wɔ ne berɛ;

4 esu wɔ ne berɛ, na sereɛ wɔ ne berɛ;

abooboodie wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ;

5 aboɔ toguo wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ;

atuuyɛ wɔ ne berɛ, na atuuyɛ ntetemu wɔ ne berɛ;

6 ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ;

nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ;

7 osuane wɔ ne berɛ, na ɔpam wɔ ne berɛ;

kommyɛ wɔ ne berɛ, na ɔkasa wɔ ne berɛ;

8 ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtane wɔ ne berɛ;

akodie wɔ ne berɛ, na ɔmannwoeɛ wɔ ne berɛ.

9 Mfasoɔ bɛn na deɛ ɔyɛ adwuma no nya no deɛ ɔbrɛ ho no mu?

10 Mahunu ɔbrɛ adwuma a Onyankopɔn de ama adasamma sɛ wɔmmrɛ nyɛ no.

11 Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.

12 Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma wɔn kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani, asɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn nkwa nna mu;

13 nanso sɛ onipa biara didi nom hunu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Nyankopɔn akyɛdeɛ ne no.

14 Menim sɛ adeɛ biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa; wɔrentumi mfa bi nka ho, na wɔrentumi nyi bi mfiri mu. Na Onyankopɔn ayɛ no saa sɛdeɛ nnipa bɛsuro n’anim.

15 Deɛ ɛba no yɛ teteete adeɛ, na deɛ ɛrebɛba no nso, ɛbaa teteete, na Onyankopɔn hwehwɛ deɛ ɛsene kɔ bio.

Suro Onyankopɔn, na tɔ wo bo ase

16 Na deɛ mahunu bio owia yi aseɛ ne atemmubea a abɔnefosɛm wɔ hɔ ne teneneebea a amumuyɛ wɔ hɔ.

17 Mekaa no m’akomam sɛ: Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ nyinaa, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wahyɛ berɛ ama adwuma biara ne adeyɛ biara.

18 Mekaa no m’akomam wɔ nnipa mma ho sɛ, Onyankopɔn resɔ wɔn ahwɛ, na wɔahunu sɛ wɔn fam no, wɔte sɛ mmoa ara nko.

19 Na nnipa mma hyɛberɛ ne mmoa hyɛberɛ sɛ, na hyɛberɛ korɔ da hɔ ma wɔn, sɛ oyi wuo teɛ no, sɛ oyi wuo nso teɛ ne no, na honhom baako na wɔn nyinaa wɔ, na kyɛne a onipa bɛkyɛne aboa nni hɔ; na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ.

20 Adeɛ nyinaa kɔ faako, adeɛ biara firi dɔteɛ mu, na adeɛ nyinaa sane kɔ dɔteɛ mu.

21 Hwan na ɔnim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro ne mmoa honhom sɛ ɔsiane kɔ asase aseɛ?

22 Na mehunuu sɛ adepa biara nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛne ne kyɛfa. Na hwan na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ deɛ ɛbɛba akyire no?