Categories
5 Mose

5 Mose 12

Beaeɛ A Awurade Ayi Ama Ɔsom

1 Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a ɛsɛ sɛ modi so, ɛberɛ a mote asase a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, de ama mo no so.

2 Sɛ motu amanaman a wɔtete hɔ no firi hɔ a, ɛsɛ sɛ mosɛe mmeammea a wɔsom wɔn anyame no nyinaa—mmepɔ no atifi, nkokoɔ no atifi ne nnua a ɛyi nhahammono no ase nyinaa.

3 Mommubu wɔn afɔrebukyia nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhye wɔn abosompɔ na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfiri mmeammea hɔ.

4 Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Onyankopɔn.

5 Na mmom, monhwehwɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi afiri mo mmusuakuo mu ama mo no na montim ne din hɔ sɛ nʼatenaeɛ. Beaeɛ hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.

6 Ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ mmra mmɛbɔ a mo ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko, adeɛ a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔdeɛ a ɛfiri akoma pa mu, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nso ka ho.

7 Ɛhɔ na Awurade mo Onyankopɔn anim, mo ne mo abusuafoɔ bɛdidi na mo ani agye wɔ biribiara a mo nsa aka wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo.

8 Ɛnnɛ yi, deɛ mopɛ biara na moyɛ, nanso, ɛnyɛ ne kwan ne no,

9 ɛfiri sɛ, monnuruu ahomegyebea a Awurade mo Onyankopɔn de rebɛma mo no hɔ.

10 Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a,

11 momfa biribiara a mɛhyɛ mo sɛ momfa mmra a ɛyɛ mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko ne mo ɔma ahodoɔ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ. Momfa nkɔ beaeɛ a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi ama mo a mobɛkamfo ne din wɔ hɔ no.

12 Mo ne mo mmammarima, mo mmammaa ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na monkae Lewifoɔ a wɔtete mo nkuro so no sɛ, wɔnni asase a ɛyɛ wɔn dea.

13 Monhwɛ yie na moammɔ mo hyeɛ afɔdeɛ wɔ baabiara kwa.

14 Motumi yɛ saa wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afiri mo mmusua asase bi mu ama mo. Ɛhɔ na motumi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na moyɛ biribiara a mɛhyɛ mo sɛ monyɛ no.

15 Nanso, kuro biara a mopɛ so no, motumi kum mmoa we sɛdeɛ mokum atwe ne adabɔ no. Motumi we ɛnam dodoɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn, de bɛma mo. Mo nyinaa, sɛ mo ho te anaa mo ho nte no, motumi we bi.

16 Mmara a ɛbata ho ara ne sɛ, monnni mogya no. Montwa ngu fam te sɛ nsuo.

17 Ɛnsɛ sɛ modi mo afɔdeɛ, ntotosoɔ dudu a ɛfiri mo aburoo mu, mo nsã foforɔ ne ngo anaa mo anantwie ne mo nnwan abakan wɔ mo kuro mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa deɛ mofiri akoma pa mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛdeɛ sononko biara, ɛnsɛ sɛ modi.

18 Mmom, ɛsɛ sɛ modi no wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no a mo, mo mmammarima ne mo mmammaa mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifoɔ a wɔfiri mo nkuro mu ka mo ho. Monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho.

19 Monhwɛ yie na moantwa Lewifoɔ no annya wɔ mmerɛ dodoɔ a mote mo asase so yi.

20 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, trɛ mo asase mu sɛdeɛ wahyɛ mo ho bɔ no a, ɛnneɛ, mobɛtumi awe ɛnam mmerɛ biara a mopɛ.

21 Ɛtumi ba sɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mo fie kwan ware. Sɛ ɛba saa a, motumi kum mo anantwie anaa nnwan a Awurade de ama mo no bi we ɛnam no wɔ mo fie sɛdeɛ mahyɛ mo no.

22 Obi a ne ho te anaa ne ho nte tumi we ɛnam no bi sɛdeɛ mowe ɔtwe ne ɔdabɔ no.

23 Mmara a ɛwɔ ho ara ne sɛ, monnni mogya no, ɛfiri sɛ, mogya no yɛ nkwa enti ɛnsɛ sɛ modi nkwa no fra ɛnam no.

24 Mmom, monhwie mogya no ngu fam sɛ nsuo.

25 Monnni mogya no, na asi mo ne mo mma yie, ɛfiri sɛ, moayɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.

26 Momfa mo akyɛdeɛ kronkron ne mo bɔhyɛ afɔrebɔdeɛ nkɔ beaeɛ a Awurade akyerɛ.

27 Ɛsɛ sɛ mode ɛnam ne mogya a mode bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no gu Awurade mo Onyankopɔn no afɔrebukyia so. Mogya a ɛka mo afɔdeɛ foforɔ bi a mobɔ ho no, monhwie ngu Awurade, mo Onyankopɔn, afɔrebukyia no nkyɛn nanso motumi we ɛnam no.

28 Monhwɛ yie na monni me mmara so na biribiara bɛkɔ yie ama mo ne mo mma, ɛfiri sɛ, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade mo Onyankopɔn ani.

29 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, sɛe aman no na mopam wɔn kɔtena wɔn asase no so a,

30 mommma ɛkwan a wɔfa so som wɔn anyame no nyɛ afidie mma mo. Mommmisa sɛ “Ɛkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛdi wɔn akyi.”

31 Mommfa saa ɛkwan yi so nsom Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔn anyame no som mu no, wɔyɛɛ akyiwadeɛ bebree a Awurade mpɛ. Mpo, wɔhyee wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa wɔ ogya a wɔde rebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame no mu.

32 Monhwɛ sɛ, deɛ mahyɛ mo no nyinaa mobɛdi so; mommfa bi nka ho na monnyi bi nso mfiri mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/12-b05e0deda97a4f3092474674c9ccf62b.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 13

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

1 Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm kyerɛ mo,

2 na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwasɛm no ba mu na ɔka sɛ, “Momma yɛnni anyame foforɔ akyi (anyame a monnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a,

3 monntie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm. Awurade, mo Onyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ modɔ no firi mo akoma ne mo kra mu nyinaa anaa.

4 Awurade, mo Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ modi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obuo ne anidie ma no. Monni ne mmara so na monyɛ ɔsetie mma no; monsom no na momfam ne ho den.

5 Ɛsɛ sɛ wɔkum saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, ɛfiri sɛ, ɔkasa tia Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo firi ɛkwan a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ motutu abɔnefoɔ nyinaa firi mo mu.

6 Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babaa, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase ba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ, anyame a wo anaa wʼagyanom nhunuu bi da,”

7 anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia dea, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri firi asase ano kɔsi ano no a,

8 mfa wo ho mma no, anaasɛ ntie no. Nhunu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso.

9 Kum na ɛsɛ sɛ wokum no. Fa wo nsa di ɛkan kum no ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho.

10 Monsi no aboɔ nku no, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔtwe wo firi Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no ho.

11 Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a ɔbɛfiri mo mu a, ɔbɛyɛ saa adeɛ no bio.

12 Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ

13 nnipa bɔnefoɔ bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kuro no mu anim de wɔn akɔsi bɔne mu aka sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ,” anyame a monhunuu bi da a,

14 ɛsɛ sɛ mobisa mu, hwehwɛ mu yie. Na sɛ ɛyɛ nokorɛ na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nnebɔneyɛ bi akɔ so wɔ mo mu a,

15 ɛsɛ sɛ wɔde akofena kunkum wɔn a wɔwɔ kuro no mu nyinaa. Monsɛe kuro no pasapasa, emu nnipa ne afieboa.

16 Afei, mommoaboa asadeɛ no nyinaa ano wɔ kuro no adwabɔeɛ na monhye no. Monhye kuro mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Saa kuro no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsane kyekyere bio.

17 Asadeɛ a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Sɛ moyɛ saa a, Awurade bɛdane afiri nʼabufuhyeɛ no ho na wahunu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔre sɛdeɛ ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no,

18 ɛfiri sɛ, moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn, na modi ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na moyɛ deɛ ɛsɔ nʼani.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/13-355dfbc26f18f25d00a60210fa345027.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 14

Nnuane A Ɛho Teɛ Ne Nea Ɛho Nteɛ

1 Moyɛ Awurade mo Onyankopɔn mma. Ɛno enti mommotabota mo ho anaa monnnyi mo moma so mma awufoɔ,

2 ɛfiri sɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.

3 Monnni akyiwadeɛ biara.

4 Yeinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwie, odwan, abirekyie

5 ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abereɛ.

6 Na monni atɔteboa biara a ne tɔte mu apae mmienu na ɔpu wesa.

7 Nanso, ntɔteboa a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apae mmienu koraa mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ, wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpaeɛ; wɔn ho nte mma mo.

8 Ɔprako nso ho nte. Ɛwom sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa sɔ ne funu mu koraa.

9 Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we.

10 Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo.

11 Anomaa biara a ne ho te no, monwe.

12 Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe nie: ɔkɔdeɛ, opete, asuo so ɔkɔdeɛ,

13 ɔkompete, nkorɔma ahodoɔ nyinaa

14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa,

15 sohori, anadwo akorɔma, ɛpo so asomfena ne akorɔma ahodoɔ nyinaa,

16 ɔpatuo, ɔpatukɛseɛ, bakanoma

17 nantwinoma, opete ne ɛpo so anene,

18 ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan.

19 Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe.

20 Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe.

21 Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn.

Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.

Ntotosoɔ Dudu Ho Mmara

22 Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu.

23 Momfa saa ntotosoɔ dudu yi mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo na momfa nkamfo ne din na monni wɔ nʼanim. Mo aburoo, mo nsa, mo ngo ne mo anantwie ne mo nnwan abakan mmarima nso, monyɛ wɔn saa ara. Ntotosoɔ dudu no botaeɛ ne sɛ, ɛkyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ daa mosuro Awurade, mo Onyankopɔn.

24 Sɛ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no kwan ware firi mo fie a,

25 motumi tɔn mo afudeɛ ne mo nyɛmmoa ntotosoɔ dudu no kyɛfa gye sika de kɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, akyerɛ mo hɔ.

26 Sɛ moduru hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwie, odwan, bobesa, anaa nsã biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a mo kra pɛ na monni wɔ hɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim, na mo ne mo fiefoɔ ani nnye.

27 Lewifoɔ a wɔfra mo mu no, mommma mo werɛ mfiri wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnni kyɛfa biara a wɔdi so sɛdeɛ mowɔ no.

28 Mfeɛ mmiɛnsa biara awieeɛ no, momfa mo mfudeɛ ntotosoɔ dudu no mmra mmɛkora no wɔ kuro a ɛbɛn mu.

29 Momfa mma Lewifoɔ a wɔnni kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so no, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so sɛdeɛ wɔbɛtumi adidi amee. Na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nnwuma nyinaa so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/14-39c5442f6ce255c79740ca03db2c4224.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 15

Aka Mu Twa

1 Mfirinhyia nson biara awieeɛ, montwa mo aka mu.

2 Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so nie: Ɛsɛ sɛ boseabɔni biara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, ɔde kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ wɔdan wɔn yɔnko anaa wɔn busuani ka, ɛfiri sɛ, Awurade ɛberɛ a wɔde bosea kyɛ no aduru.

3 Saa bosea a wɔtwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfoɔ nko ara. Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nka ho.

4 Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ ba mo mu ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so.

5 Sɛ moto mo bo ase di Awurade mo Onyankopɔn mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, mobɛnya saa nhyira yi.

6 Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea nanso mo deɛ, morenkɔ aboseabɔ da. Mobɛdi aman bebree so nanso wɔrenni mo so.

7 Sɛ moduru nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so na sɛ ahiafoɔ wɔ hɔ a, mommpirim mo akoma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so.

8 Mmom, mongo mo nsam na momfɛm wɔn deɛ ɛhia wɔn.

9 Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ ɛka mu twa berɛ no reyɛ aduru so enti, obi bɛbisa mo bosea a moremma no. Sɛ moammɔ ahiafoɔ no bosea na sɛ wɔsu frɛ Awurade a, wɔbɛbu mo fɔ sɛ moayɛ bɔne.

10 Momma no akoma pa mu na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo ne biribiara a mobɛyɛ so.

11 Ɛberɛ biara, mobɛhunu ahiafoɔ wɔ mo mu. Ɛno enti na merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mo ne ahiafoɔ ne mo nuanom Israelfoɔ nkyɛ.

Asomfoɔ Ahofadie

12 Sɛ wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gya no ɛkwan.

13 Na sɛ woregya no ɛkwan a, mma no nkɔ nsapan.

14 Fa nsa a emu go gya no ɛkwan na ma no wo nnwan no, wʼayuporebea mu adeɛ ne wo nsakyimena mu adeɛ bi. Wo ne no nkyɛ wʼadonneɛ bi a Awurade, wo Onyankopɔn, de ahyira wo no bi.

15 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn yii mo firii hɔ. Ɛno enti na mede saa mmara yi rema mo ɛnnɛ yi.

16 Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo sɛ, “Merennya wo hɔ nkɔ”, ɛfiri sɛ, ɔpɛ wo ne wʼabusuafoɔ asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a,

17 ɛnneɛ, fa fitiiɛ bɔne nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara.

18 Mma no nyɛ wo ya sɛ woregyaa wʼasomfoɔ no ama wɔafa wɔn ho akɔdie. Monkae sɛ, mfeɛ nsia ni no, wɔasom wo a sɛ wokɔfaa apaafoɔ sɛ wɔnsom wo a, anka wobɛtua apaafoɔ no sika mmɔho mmienu, na Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho.

Mmoa Mmakan

19 Mo anantwie ne mo nnwan mmakan anini no, monyi nsi hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mo anantwie mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuo mu nkɔyɛ nnwuma na monntwitwa mo nnwan mmakan ho nwi nso.

20 Mmom, mo ne mo abusuafoɔ, afe biara, monnwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn bɛyi ama mo no wɔ nʼanim.

21 Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afira anaa wadi ɛdɛm foforɔ bi a, mommfa no mmɔ afɔdeɛ mma Awurade mo Onyankopɔn.

22 Mmom, momfa no nyɛ aduane mma abusuafoɔ wɔ fie. Sɛ obi ho te o, sɛ ne ho nte o, ɔtumi di bi sɛdeɛ obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no.

23 Nanso, monnni mogya no. Monhwie ngu fam te sɛ nsuo.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/15-3deac45c79224e3efd3b18d81b9950c0.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 16

Twam Afahyɛ

1 Daa monni Twam Afahyɛ no wɔ ɔbosome Abib no mu mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim.

2 Monkum anantwie anaa nnwan sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, wɔ baabi a Awurade bɛyi sɛ atenaeɛ wɔ ne din mu.

3 Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no.

4 Mommma wɔnhunu mmɔreka wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma ɛnam a mode bɔɔ afɔdeɛ ɛda a ɛdi ɛkan no anwummerɛ no nnka ogya so nkɔsi anɔpa.

5 Monnni Twam Afahyɛ no wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so.

6 Baabi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no na monni Twam Afahyɛ no. Sɛ owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no.

7 Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu.

8 Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma.

Ɔtwa Berɛ Afahyɛ

9 Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no.

10 Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so.

11 Na monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a ɔbɛyi sɛ atenaeɛ a wɔbɛkamfo ne din no—mone no mo mmammarima ne mo mmammaa, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu ne ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔne mo teɛ.

12 Monkae sɛ, na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so.

Asese Afahyɛ

13 Sɛ moboaboa mo ayuporobea ne mo nsakyimena mu adeɛ ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no.

14 Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu.

15 Nnanson na momfa nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, animuonyam wɔ baabi a ɔbɛyi, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔma mo mfudeɛ bɔ pii na ɔhyira mo nnwuma nyinaa so. Saa afahyɛ yi yɛ ahosɛpɛ ma obiara.

16 Afe biara mu, ɛsɛ sɛ mo mmarima hyia wɔ mo Awurade, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan.

17 Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so wɔ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ahyira no.

Atemmufoɔ

18 Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee wɔ nsase no nyinaa so.

19 Mommmu ntɛnkyea da biara da. Monnnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ, adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm.

20 Momma asɛntenenee nna adi sɛdeɛ ɛbɛma moatumi atena asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so.

Ahonisom

21 Monnsisi nnua biara sɛ abosompɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn afɔrebukyia a morebɛsi ama no no ho.

22 Saa ara nso na monnsi aboɔ adum nsom wɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/16-843794a1f44d8e1c58967753fc51f763.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 17

1 Mommfa anantwie anaa nnwan a wɔadi dɛm mmɔ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼakyiwadeɛ.

2 Sɛ ɛba sɛ ɔbarima anaa ɔbaa a ɔka mo ho wɔ kuro baako bi a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no mu ayɛ bɔne wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim, atia apam no

3 sɛ ɔresom anyame foforɔ anaa ɔresom owia, ɔsrane anaa ɔsoro atumfoɔ bi a mabra no, na

4 sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yie. Sɛ ɛyɛ nokorɛ na wɔkɔ mu hunu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ na wayɛ wɔ Israel a,

5 momfa saa ɔbarima anaa ɔbaa no a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn ɛpono ano na monsi no aboɔ nkum no.

6 Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wɔgyina kum saa ɔbarima no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔdanseni baako ano asɛm so kum obi.

7 Adansefoɔ no to ɔboɔ a ɛdi ɛkan a, nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nso bɛto wɔn deɛ de akum onipa no. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atu onipa bɔnefoɔ ase afiri mo mu.

Asɛnniiɛ

8 Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asɛnniiɛ a ne die yɛ mo den sɛ mobɛbu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudie, asɛnnie, anaasɛ ntɔkwa a, momfa wɔn nkɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no.

9 Monkɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔte adwa mu saa ɛberɛ no nkyɛn. Mommisa wɔn na wɔnkyerɛ mo atɛn a mommuo.

10 Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ wɔ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no hɔ. Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ.

11 Monni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinaeɛ a wɔbɛsi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnane deɛ wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum.

12 Ɔbarima a ɔbɛbu ɔtemmufoɔ anaa ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ resom Awurade mo Onyankopɔn animtia no, wɔnkum no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumuyɛsɛm ase wɔ Israel.

13 Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtia bio.

Ɔhene

14 Sɛ moduru asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so na mofa tena so na moka sɛ. “Momma yɛnsi yɛn so ɔhene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,”

15 monhwɛ sɛ mobɛpa obi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi no asi mo so ɔhene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so ɔhene.

16 Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodoɔ sɛ nʼagyapadeɛ anaasɛ ɔma nnipa sane kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ. “Ɛnsɛ sɛ mosane kɔ mo akyi bio.”

17 Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, nʼakoma bɛfiri Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sika pii ano.

18 Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa.

19 Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro Awurade ne Onyankopɔn.

20 Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ sɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so wɔ Israel.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/17-64e5752cf871ad36f79b1ddea739111c.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 18

Asɔfoɔ Ne Lewifoɔ Akyɛdeɛ

1 Asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ, nokorɛm Lewi abusuakuo nyinaa nni kyɛfa ne agyapadeɛ biara wɔ Israel ɔman mu te sɛ mmusuakuo a aka no. Mmom, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no bɛdi ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade no bi sɛ wɔn agyapadeɛ.

2 Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no ara.

3 Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ.

4 Afei, momma wɔn mo aburookan mu adeɛ, nsã foforɔ ne ngo ne nwi a ɛdi ɛkan a wɔtwitwa firi odwan ho.

5 Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi Lewifoɔ afiri mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ wɔnnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu.

6 Sɛ Lewini bi pɛ na ɔfiri mo nkuro no mu biara a ɔte so mu wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a,

7 ɔtumi som wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, din mu te sɛ deɛ ne nkurɔfoɔ Lewifoɔ a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara.

8 Sɛ mpo wanya sika bi afiri abusua agyapadeɛ bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛdeɛ.

Nneyɛɛ A Ɛyɛ Akyiwadeɛ

9 Sɛ monya duru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so a, monhwɛ yie na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanneɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ.

10 Mommma wɔnnhunu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babaa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na mommma mo nnipa no nnyɛ akɔmfoɔ a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifoɔ ne abisakorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ

11 ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ, adutofoɔ a ɔbisa afunu.

12 Obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi no yɛ Awurade akyiwadeɛ na saa akyiwadeɛ yi enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no afiri mo anim.

13 Na wɔmmfa so bi nto mo so wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.

Odiyifoɔ

14 Aman a morekɔtu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛsɛm. Nanso mo deɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, mma mo kwan sɛ monyɛ saa.

15 Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo Israelfoɔ yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no.

16 Saa na mo ankasa mobisaa Awurade, mo Onyankopɔn, ɛberɛ a mohyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Onyankopɔn, nne anaa mohunu egyadɛreɛ bio, ɛfiri sɛ, mosuro sɛ anhwɛ a, mobɛwuwu.

17 Na Awurade buaa sɛ, “Mɛyɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn.

18 Mɛda odiyifoɔ te sɛ wo adi afiri wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Mɛkyerɛ saa odiyifoɔ no asɛm a mɛhyɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no, na ɔbɛka akyerɛ wɔn.

19 Obiara a wantie asɛm a odiyifoɔ no bɛka wɔ me din mu no, mʼankasa me ne ɔsoɔdenfoɔ no bɛdi.

20 Na odiyifoɔ biara a ɔnam onyame foforɔ bi so ka asɛm anaa ɔdi atorɔ wɔ me din mu no bɛwu.”

21 Mobɛbisa mo ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ adiyisɛm no firi Awurade anaasɛ ɛmfiri no?”

22 Sɛ odiyifoɔ no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no maeɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifoɔ no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/18-03c4febf48fd773467540e8ba439972b.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 19

Dwanekɔbea Nkuropɔn

1 Sɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkuro no mu ne wɔn afie mu a,

2 monyi nkuropɔn mmiɛnsa a ɛwɔ asase no mfimfini a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no.

3 Monyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no mu mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, ɔbɛdwane akɔ hɔ.

4 Sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa.

5 Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wiram rekɔbu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako de abonnua rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn firi ne dua mu kumm ne yɔnko no a, saa asɛm yi mu no, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa.

6 Sɛ dwanekɔbea biara mmɛn hɔ a, ɔtaafoɔ bi bɛtumi ataa onipakumfoɔ no akum no. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ, wɔakum onipakumfoɔ no wɔ ɛberɛ a wanhyɛ da akum obi. Wankum onipa, na mmom deɛ ɔyɛeɛ yɛ asiane.

7 Ne saa enti na merehyɛ mo sɛ monyi nkuropɔn mmiɛnsa nsi nkyɛn no.

8 Sɛ Awurade mo Onyankopɔn trɛ mo ɔman mu sɛdeɛ ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a,

9 ɛsɛ sɛ moyi nkuropɔn mmiɛnsa si nkyɛn. Sɛ moto mo bo ase di mmara a mehyɛɛ mo no so ɛnnɛ yi sɛ monnɔ Awurade mo Onyankopɔn na monnante nʼakwan so a, ɛnneɛ, ɔde asase no bɛma mo.

10 Monyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnhwie mogya a ɛnni fɔ no ngu wɔ mo asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ no so, na moanni mogyahwieguo no ho fɔ.

11 Sɛ obi tan obi enti ɔhyɛ da kɔtɛ no kumm no na ɔdwane kɔ nkuropɔn no bi so kɔtɛ a,

12 ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ ne kuro no mu hɔ no soma ma wɔkɔpɛ no ma wɔsane de no ba kuropɔn no mu ma owufoɔ no nkurɔfoɔ nso kum no bi.

13 Mommma onipakumfoɔ no asɛm nha mo. Monyi wɔn a wɔdi awudie ho fɔ wɔ Israel nyinaa mmra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara bɛkɔ yie ama mo.

14 Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, monntutu ɛhyeɛ a mo agyanom atoto ngu mmfa so nwia obi asase.

Adansefoɔ

15 Mommmu obi a ɔdanseni baako abɛdi atia no no fɔ. Soboɔ bɛdi mu ɛberɛ a nnipa baanu anaa baasa abɛdi adanseɛ.

16 Sɛ atorɔ danseni bi ba bɛbɔ obi amumuyɛ bi ho kwaadu a,

17 ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ kwaadubɔni no ne onipa a wabɔ no kwaadu no nyinaa ba asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔreyɛ Awurade adwuma no anim.

18 Ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo bisa nnipa no nsɛm mu yie. Na sɛ wɔhunu sɛ kwaadubɔni no retwa atorɔ a,

19 wɔde asotwe a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma onipa a wɔabɔ no kwaadu no bɛma no. Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, mobɛtu amumuyɛsɛm nyinaa afiri mo mu.

20 Wɔn a wɔbɛte no bɛsuro sɛ wɔbɛyɛ saa bɔne no bi.

21 Monnhunu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ modi so no yɛ nkwa nsi nkwa ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/19-da49c6f9719d23755ce1380ecaba6646.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 20

Akodie Ho Nkyerɛkyerɛ

1 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ na mohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne akodɔm a wɔdɔɔso sen mo a, monnsuro wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim no bɛka mo ho.

2 Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfoɔ no bɛba abɛkasa akyerɛ akodɔm no.

3 Ɔbɛka sɛ, “Montie me, mo Israel mmarima! Ɛnnɛ, morekɔ ɔsa yi, mommma mo akoma ntu! Mommma mo abasa mu mmu, na momma mo ho mpopo.

4 Na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfoɔ no ama mo, na moadi nkonim.”

5 Akodɔm mpanimfoɔ no bɛbisa akodɔm no sɛ, “Mo mu bi asi ɛdan foforɔ a ɔntenaa mu da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu!

6 Obi wɔ ha a wadɔ bobefuo na ɔnnii mu aba da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔdi mu aba.

7 Obi wɔ ha a wagye ɔbaa bi awadeɛ? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔware ne siyere no.”

8 Afei, mpanimfoɔ bɛkɔ so abisa sɛ, “Mo mu bi suro anaa nʼakoma atu? Ɛnneɛ, ɔnkɔ fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne nuammarima nso akoma ntu.”

9 Sɛ mpanimfoɔ no wie akodɔm no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpa asahene asisi wɔn ano.

10 Sɛ mobɛn kuro biara a morekɔto ahyɛ wɔn so no ano a, deɛ ɛdi ɛkan no, monkyerɛ nnipa no asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ a mowɔ ma wɔn.

11 Sɛ wɔpene mo nhyehyɛeɛ no so na wɔbue wɔn apono ma mo a, nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa, mobɛhyɛ wɔn ama wɔasom mo.

12 Na sɛ wɔampene asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ no so na sɛ wɔse wɔne mo bɛko a, ɛnneɛ, monto nhyɛ kuro no so.

13 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, dane kuro no hyɛ mo nsa a, monkum kuro no mu mmarima nyinaa.

14 Nanso, ɛyɛ a momfa kuro no mu mmaa, mmɔfra, nyɛmmoa ne asadeɛ a aka nyinaa sɛ agyapadeɛ. Momfa asadeɛ no nyinaa a Awurade de ama mo no.

15 Saa nhyɛ yi fa nkuro a ɛwɔ akyiri nko ara ho, na ɛnyɛ nkuro a ɛwɔ bɔhyɛ asase no so.

16 Na amanaman nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no deɛ, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ no.

17 Monsɛe Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ pasaa sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛɛ mo no.

18 Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwadeɛ ho amanneɛ a wɔnam so somm wɔn anyame a anka ɛbɛma mo ayɛ bɔne a emu yɛ duru atia Awurade, mo Onyankopɔn, no.

19 Sɛ moretua kuropɔn bi na ɔko no rekɔ so a, monnsɛe nnua. Monni nnuaba no na monntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfoɔ a ɛsɛ sɛ moto hyɛ so!

20 Nanso, motumi twa nnua a monim sɛ ɛnyɛ aduane. Momfa nyɛ deɛ ɛho hia mo mfa ntua kuro no kɔsi sɛ ɛbɛdi nkoguo.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/20-ebdcaaab73dd221894205b2a44f32cf5.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 21

Awudie A Wɔnnim Owudifoɔ No Ho Mpata

1 Sɛ wɔhunu sɛ wɔakum obi da afuom wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ monnim owudifoɔ no a,

2 mo ntuanofoɔ ne atemmufoɔ bɛkɔ akɔsusu ɛkwan a ɛda deɛ owufoɔ no da hɔ ne kuro a ɛbɛn no ntam.

3 Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn owufoɔ no pɛɛ no mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee funtumfidie da,

4 na wɔnni nʼanim mfa no nkɔ subɔnhwa a wɔmfuntum anaa wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da na nsuo resene wɔ mu mu. Subɔnhwa no mu na ɛsɛ sɛ wɔbu nantwie ba no kɔn mu.

5 Lewifoɔ asɔfoɔ bɛba hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi wɔn sɛ wɔnka asɛm na wɔnhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wɔsi asɛnnie ne asotwe so dua.

6 Kuro a ɛbɛn efunu no mu mpanimfoɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa gu nantwie ba a wɔbuu ne kɔn mu no so.

7 Na afei wɔbɛka sɛ, “Ɛnyɛ yɛn nsa na yɛhwiee mogya yi guiɛ na yɛanhunu nso.

8 Ao, Awurade, fa kyɛ wo ɔman Israel a wogyee wɔn no. Mfa mogya a ɛdi bem yi ho so nto wo nnipa Israel so.” Wɔwie yei a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afiri wɔn so.

9 Sɛ wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so a, na moayi awudie no ho afɔbuo afiri mo atenaeɛ hɔ.

Mmaa Nnommumfoɔ Awadeɛ

10 Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfoɔ na Awurade mo Onyankopɔn dane wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnomum,

11 na sɛ wɔn mu no, mohunu ɔbaa ɔhoɔfɛfoɔ bi a mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, motumi ware no.

12 Momfa no mmra mo fie na monyi ne ti, ntwitwa ne mmɔwerɛ,

13 na monyi ntadeɛ a na ɛhyɛ no wɔ ɛberɛ a mokyeree no no ngu hɔ. Na watena mo fie asu nʼagya ne ne maame bosome akyi no, motumi kɔ ne ho ma ɔyɛ ɔyere.

14 Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ, moagu nʼanim ase.

Abakan Ho Asɛm

15 Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn deɛ ɔka ho no, na wɔn baanu no nyinaa, wɔn mu biara ne no wɔ ɔbabarima nanso nʼabakan no yɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima,

16 na sɛ ɔhyɛ nsamanseɛ de ma ne mmammarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛseɛ no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima.

17 Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no, na wanam so ama no nʼagyapadeɛ no mmɔho mmienu. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan. Ɛno enti, abakan kyɛfa yɛ ne dea.

Ɔbabarima A Ɔte Atua

18 Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie nʼagya ne ne maame asɛm a nso wɔtene ne so a,

19 deɛ ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne maame no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ kuro no so no anim.

20 Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ, “Yɛn babarima yi yɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ onipa teta kɔwensani.”

21 Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kuro no mu nyinaa si no aboɔ kum no. Ne saa no, monam so bɛpamo saa bɔne a aba mo mu no, na Israel nyinaa bɛte, na abɔ wɔn hu.

Mmara Ahodoɔ

22 Sɛ obi yɛ amumuyɛsɛm bi a ɛfata owuo na enti wɔkum no na wɔde no sɛn dua so a,

23 ɛnsɛ sɛ ɔsɛne dua no so ma adeɛ kye so. Ɛsɛ sɛ ɛda no ara, wɔsie amu no, ɛfiri sɛ, obiara a wɔsɛn no dua so saa no yɛ Onyankopɔn nnome. Monngu asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no ho fi.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/21-d059f00fd3b92322d4ff1655e40749e5.mp3?version_id=2094—