Categories
Amos

Amos 9

Kronkronbea no sɛeɛ

1 Mehunuu AWURADE sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ:

Bɔ atifi pɔ no ma aponnwa nwoso,

na dwiri gu wɔn nyinaa atifi!

Na akyirikafoɔ no, mede afena bɛkunkum wɔn;

odwanefoɔ rennwane mma wɔn,

na mfirimufoɔ remfiri mu mfi mma wɔn.

2 Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a,

me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba,

na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a,

mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.

3 Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a,

mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ.

Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a,

ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;

4 na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a,

ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn,

na mede m’ani bɛhwɛ wɔn

mama bɔne na ɛnyɛ papa.

5 Na AWURADE, asafo AWURADE

ne deɛ ɔka asase ma no nane

na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo,

na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil,

na ɛtwe sɛ Misraim asuo no.

6 Ɔsi ne nsamsoɔ ɔsoro,

na ɔto ne kuntunu fapem, asase so,

ɔfrɛ po mu nsuo

na ɔhwie gu asase ani,

AWURADE ne ne din.

7 Monyɛ me sɛ Etiopiafoɔ,

mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm nie.

Ɛnyɛ Israel na meyii no firii Misraim asase soɔ,

na Filistifoɔ nso firi Kaftor, na Siriafoɔ nso firi Kir?

8 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no,

na mɛsɛe no afiri asase ani,

nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa,

AWURADE asɛm nie.

9 Na hwɛ, mɛhyɛ

na masɔne Israel fie so amanaman nyinaa mu,

sɛdeɛ wɔsɔne adeɛ soɔ sɔneeɛ mu,

nanso ayufua rentɔ fam.

10 Afena ano na me man mu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛwuwuo,

wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.

Daakye nkwagyeɛ berɛ

11 Ɛda no, mɛma Dawid sese

a ahwe aseɛ no agyina hɔ,

na mapempam wɔn mpaepaeɛ no,

na magyina n’afasusini,

na mato no sɛ tete nna no.

12 Na wɔafa Edom nkaeɛ adi,

ne amanaman a wɔbɛbɔ me din afrɛ wɔn no nyinaa;

AWURADE a ɔyɛ yeinom no asɛm nie.

13 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie,

sɛ deɛ ɔfɛntɛm bɛka deɛ ɔtwa,

na deɛ ɔtiatia bobe aba soɔ bɛka deɛ ɔgu ayuo,

na mmepɔ bɛsosɔ nsamono,

na nkokoɔ nyinaa ahono.

14 Na mɛdane me man Israel nnommumfa no,

na wɔabɛkyekyere nkuro agoago no atena mu,

na wɔatɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa,

na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.

15 Na mɛdua wɔn wɔn asase so,

na wɔrentu wɔn mfiri

wɔn asase a mede mama wɔn no so bio,

AWURADE wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

Categories
Yoel

Yoel 1

Ntutummɛ no

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn nie.

2 Montie yei, mo mpanimfoɔ,

na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa.

Saa adeɛ yi aba mo berɛ so

anaa mo agyanom berɛ so pɛn?

3 Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma,

na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma,

na wɔn mma, nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4 Deɛ aketekyire adi aka no,

ntutummɛ adi.

Na deɛ ntutummɛ adi aka no,

mfuntie adi.

Na deɛ mfuntie adi aka no,

mmɛbɛ adi.

5 Mo nsabofoɔ, monnyane na monsu,

na mo nsanomfoɔ nyinaa, montwa adwo,

nsamono nti,

ɛfiri sɛ wɔatwa afiri mo anomu.

6 Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so,

wɔn ho yɛ den na wɔn dodoɔ nni ano;

wɔn se te sɛ gyata se,

na wɔwɔ gyatabereɛ nnyepi.

7 Wɔasɛe me bobe pasaa,

na wɔapempane me borɔdɔma mman;

wɔawaewae ho hono agu,

na ne mman ho ahoa fitafitaa.

8 Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma

ma ne mmabaaberɛ mu kunu.

9 Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa

afiri AWURADE fie;

asɔfoɔ no,

AWURADE asomfo no, di abooboo.

10 Mfuo asɛe,

asase di abooboo,

na aduane asɛe,

nsamono awe,

ngo so ate.

11 Akuafoɔ, mo ani nwu,

O nturoyɛfoɔ,

ayuo ne atokoɔ nti montwa adwo,

ɛfiri sɛ mfuo mu aduanetwa asɛe.

12 Obobe akusa,

na borɔdɔma atwam,

atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ.

Petee mu nnua nyinaa akusa,

ampa, anika atu

afiri nnipa mma mu.

13 Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena,

afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo,

me Nyankopɔn asomfoɔ,

mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa!

na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae

mo Nyankopɔn fie ba.

14 Monyɛ abuadadie kronkron,

mompae asɔfoɔ nhyiamu,

mommoa mpanimfoɔ ano,

asase sofoɔ nyinaa mmra

AWURADE mo Nyankopɔn fie,

na monsu mfrɛ AWURADE.

15 Ao, ɛda no!

Na AWURADE da no abɛn,

na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.

16 Wɔantwa aduane

amfiri yɛn anim,

na anigyeɛ ne ahosɛpɛ

amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa?

17 Aba a wɔadua aporɔ ne nkofie mu,

aduanekora adan ada mpan,

asan abubu,

na ayuo asɛe.

18 Hwɛ sɛ mmoadoma penepene,

anantwikuo rebrɛ,

ɛfiri sɛ wɔnni adidibea;

nnwankuo nso tiri ato.

19 Wo, AWURADE, na mesu mefrɛ woɔ,

na ogya ahye

ɛserɛ so wira mono,

na ogyaframa ahye

petee mu nnua nyinaa.

20 Ewiram mmoa nso repere frɛ wo,

na nsuwansuwa awewe,

na ogya ahye

ɛserɛ so wira mono.

Categories
Yoel

Yoel 2

1 Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion,

na mommɔ ose me bepɔ kronkron no so.

Ma asase sofoɔ nyinaa ho mpopo,

ɛfiri sɛ AWURADE da no redu, na abɛn,

2 esum ne kusuuyɛ da,

mununkum ne kusukuukuu da.

Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den

a ebi nte sɛ no firi teteete,

na n’akyiri nso ebi renyɛ sɛ ɛno

awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mfeɛ mu reyerɛ

sɛ adekyeeɛ yerɛ mmepɔ soɔ no.

3 Ogya hye di wɔn anim,

na ogyaframa tafere di wɔn akyi;

wɔn anim asase te sɛ Eden turo,

na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada,

na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.

4 Wɔn ho te sɛ apɔnkɔ ho, na

wɔtu mmirika sɛ apɔnkɔsotefoɔ.

5 Wɔhurihuri sɛ nteaseɛnam

kitikitiyɛ mmepɔ atifi,

sɛ ogyaframa a

ɛhye nkyɛnkyɛmma turiturie,

sɛ ɛdɔm a ɛyɛ den a

wɔasiesie wɔn ama ɔko.

6 Aman ho dwiri wɔn wɔn anim,

nnipa nyinaa anim sinsiam.

7 Wɔtu mmirika sɛ nnɔmmarima,

wɔforo ɔfasuo sɛ akofoɔ;

wɔnenam wɔn akwan so,

na wɔnte wɔn santen mu;

8 nanso obi nsum ne yɔnko,

wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so,

na sɛ wɔhwehwe akodeɛ ntam a,

wɔmpira;

9 wɔyɛ kuro mu manyamanya,

wɔtutu ɔfasuo so mmirika,

wɔforo ba afie mu,

wɔfa mpomma mu ba sɛ owifoɔ.

10 Asase woso wɔn anim,

ɔsoro hinhim,

owia ne ɔsrane aduru sum,

na nsoromma kame ne haran.

11 Na AWURADE ma ne nne so,

ne dɔm no anim,

na ne nsraban no so sɛ,

na deɛ ɔdi n’asɛm soɔ no ho yɛ den.

Na AWURADE da no so na ɛyɛ hu sɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Ahonu ho kɔkɔbɔ

12 Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ,

monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa

ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu.

13 Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,

na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn,

na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,

ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so,

na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.

14 Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene,

na wagya n’akyiri nhyira,

a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa

a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.

15 Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion,

monyɛ abuadadie kronkron,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16 Mommoa ɔman no ano,

monyɛ ɔman nhyiam kronkron,

monhyia nkɔkoraa,

mommoa mmɔfra

ne nufoɔ ano mma ano.

Ayeforɔkunu mfiri ne pia mu,

na ayeforɔ mfiri ne dabekyire mfiri adi.

17 Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no,

nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam,

nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho,

na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora,

na amanaman nnnidi wɔn atɛm.

Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ:

Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?

Nhyira foforɔ ho bɔhyɛ

18 Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu,

na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.

19 Na AWURADE bua see ne man sɛ:

Hwɛ, merebrɛ mo

aduane, nsamono ne ngo,

na moamee,

na meremfa mo memma

ahohora amanaman mu bio.

20 Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri,

na mapamo wɔn akɔ asase pradada so,

na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu,

na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre,

na wɔn nyaanyane bɛsɔre,

ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ.

21 O Asase, nsuro,

di ahurisie na w’ani nnye,

ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ adeɛ kɛseɛ.

22 Ewiram mmoa, monnsuro,

na ɛserɛ so wira mono refefɛ,

na nnua reso n’aba,

borɔdɔma ne bobe reyi n’ahoɔden ama.

23 Na mo, Sion mma,

monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho,

na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata,

na ɔma osuo tɔ ma mo,

asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.

24 Na ayuo bɛyɛ porebea amaama,

na nsa ne ngo ayeyɛ kyi-amena amaama abu so.

25 Na mfirinhyia a ntutummɛ,

mfuntie, mmɛbɛ ne nketekyire,

me dɔm kɛseɛ a mesomaa wɔn baa mo mu no diiɛ no,

mɛhyɛ no ananmu.

26 Na moadidi amee,

na moakamfo AWURADE mo Nyankopɔn din,

sɛ ɔne mo adi anwanwasɛm;

na me man ani renwu da biara da.

27 Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu,

na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio,

na me man ani

renwu da biara da.

Honhom no hwieguo

28 Na yei akyiri no,

mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so,

na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm,

na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ,

na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,

29 na nkoa ne mfenaa nso so

na nna no mu mɛhwie me honhom maguo.

30 Na mɛma anwanwadeɛ aba ɔsoro ne asase so, mogya, ogya ne wisie kumoo.

31 Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.

32 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.

Categories
Yoel

Yoel 3

Atamfoɔ ho atemmuo

1 Na hwɛ, nna no ne berɛ a mede Yuda ne Yerusalem nnommum bɛsane aba no mu no,

2 mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn bɛsiane aba Yehosafat bonhwa no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapadeɛ Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti.

3 Ɛfiri sɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee odwamamfoɔ, na wɔtɔn abaayewa gyee nsa nomee.

4 Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.

5 Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinneɛ a ɛsɔ ani a ɛyɛ no kɔɔ mo asɔrefie.

6 Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7 Hwɛ, merenyane wɔn na wɔafiri deɛ motontɔn wɔn kɔeɛ hɔ, na mede deɛ moayɛ bɛsane abua mo atifi,

8 na matontɔn mo mmabanin ne mo mmammaa mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafoɔ, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.

9 Mompae yei amanaman mu,

monnwira ɔsa ho,

monnyane nnɔmmarima,

akofoɔ nyinaa ntwe mpini,

wɔmforo mmra.

10 Momfa mo nsɔ mmobɔ mfena,

na momfa mo nnerɛ mmobɔ mpea.

Deɛ wahodwo nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.

11 Monyɛ ntɛm mmra ɛ,

mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa,

mommɛhyia!

Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra.

12 Amanaman nsɔre ntu mmra

Yehosafat bonhwa no mu;

na ɛhɔ na mɛtena ase abu

amanaman a wɔfiri afa nyinaa atɛn.

13 Momfa kantankrankyi nhyɛ mu,

na deɛ wɔtwa ahoa.

Mommra mmɛtiatia so,

na nsa-kyi-amena no ayɛ ma,

ntɛɛpo no abu so,

na wɔn bɔne adɔɔso.

14 Nnipa yuu, nnipa yuu

wɔ atemmuo bonhwa no mu;

ɛfiri sɛ AWURADE da no abɛn,

atemmuo bonhwa no mu.

15 Owia ne ɔsrane aduru sum,

na nsoromma agyae haran.

Yuda nhyira berɛ

16 Na AWURADE firi Sion bobom

na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so,

na ɔsoro ne asase wosowoso;

nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man,

ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.

17 Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn

a mete Sion, me bepɔ kronkron no so,

na Yerusalem bɛdane kronkronbea,

na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio.

18 Na ɛda no,

mmepɔ bɛsosɔ nsamono,

na nkokoɔ asene nufosuo,

na nsuo asene

Yuda mmonhwa nyinaa mu;

na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie

asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.

19 Misraim bɛdane amamfo,

na Edom adane nkyɛkyerɛ afo,

ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti,

ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.

20 Na Yuda deɛ, wɔbɛtena hɔ daa,

na Yerusalem atena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

21 Na mɛtɔ wɔn mogya so were a mentɔeɛ no,

na AWURADE bɛtena Sion ara.

Categories
Hosea

Hosea 1

Hosea yere ne ne mma

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

2 Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ.

3 Na ɔkɔ kɔfaa Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.

5 Na ɛda no mɛbubu Israel tadua, Yesreel bonhwa no mu.

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama,na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

7 Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.

8 Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.

9 Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami,na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn.

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.

Categories
Hosea

Hosea 2

Wɔsɛe Nyankopɔn apam

1 Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ammine mo nua mmaanom sɛ: Ruhama.

2 Mo ne mo na nkasa, monkasa,

na ɔno deɛ, ɔnyɛ me yere,

na me nso menyɛ ne kunu,

na ɔnyi n’adwamammɔ no mfiri n’anim

ne n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufoɔ ntam,

3 na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya,

na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no,

na manyɛ no sɛ ɛserɛ so,

na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ,

na mamfa sukɔm anku no.

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ,

na adwamammɔ mma ne wɔn.

5 Na adwaman na wɔn na bɔeɛ,

na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ;

na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi;

wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo,

me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

6 Saa nti, hwɛ, mede nwerɛ bɛgye wo kwan mu ban,

na mato emu fasuo,

na wanhunu kwan mu.

7 Na ɔbɛti n’adɔfo,

na ne nsa renka wɔn,

na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan,

na ɔrenhunu;

na ɔbɛka sɛ: Mɛsane

m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn;

na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei.

8 Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ

me na memaa no

ayuo ne nsa ne ngo,

na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ,

ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

9 Saa nti mɛsane mabɛgye

m’ayuo, ne berɛ mu,

ne me nsa, ne hyɛberɛ mu,

na mayi me dwannwi ne m’asaawa

a ɔde kataa n’adagya soɔ no.

10 Na afei mɛyi n’ahuhusɛm adi,

n’adɔfo anim,

na obiara renyi no mfiri me nsam.

11 Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa,

ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda

ne n’afahyɛ nyinaa.

12 Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma

a ɔkaa sɛ:

Yeinom ne m’apɛdeɛ

a m’adɔfoɔ de maa me no ne no;

na mɛyɛ no kwaeɛ

ama wiram mmoadoma adi.

13 Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso,

sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn,

na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho,

na ɔdii n’adɔfo akyi,

na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.

Nyankopɔn nokorɛ

14 Saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa

mede no makɔ ɛserɛ so,

na maka no abodwosɛm

15 na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo,

na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono,

na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu

ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.

16 Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, wobɛfrɛ me: Ishi.Na woremfrɛ me: Me Baal! bio.

17 Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.

18 Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.

19 Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so,

20 na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.

21 Na ɛda no ɛbɛba sɛ mɛgye so, AWURADE asɛm nie,

mɛgye ɔsoro so,

na ɛno nso agye asase so,

22 na asase agye ayuo ne nsa ne ngo so,

na ɛno nso agye Yesreel so.

23 Na mɛdua no mafa, asase so,

na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ,

na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo!

Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!

Categories
Hosea

Hosea 3

Nyankopɔn ntoboaseɛ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

2 Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no.

3 Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa.

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.

5 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.

Categories
Hosea

Hosea 4

Wɔyi asɔfoɔ ne ɔman no atɛn

1 Montie AWURADE asɛm, Israel mma,

na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham.

Na nokorɛ ne adɔeɛ

ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.

2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ.

Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.

3 Enti asase no di abooboo,

na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam,

ewiram mmoadoma

ne ewiem nnomaa;

na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.

4 Nanso mma obi nnham

na obi nnka anim,

ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham.

5 Enti wobɛsunti awia,

na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene.

6 Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu;

na wo nso, woapo nimdeɛ nti,

mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ;

na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti,

me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.

7 Wɔrekɔ so dɔre no,

na wɔrekɔ so yɛ me bɔne;

wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora.

8 Me man bɔne yɛ wɔn aduane,

na wɔn amumuyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.

9 Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no,

na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti,

na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi.

10 Wɔbɛdidi, na wɔremmee;

wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene;

ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.

11 Adwamammɔ ne nsa ne nsa mono

sɛe nteaseɛ.

12 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ,

na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn,

ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn,

na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.

13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ,

na wɔhye aduhwam nkokoɔ so,

odum ne duafufuo ne odupɔn ase,

ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ.

Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.

14 Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho,

ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho,

na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane,

na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ;

na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ.

Wɔbɔ Yuda kɔkɔ

15 Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a,

mma Yuda nnni so.

Na mommma Gilgal,

na mommforo mmma Bet-awen,

na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi.

16 Na Israel aso awu

sɛ nantwiburuwa aso.

Afei AWURADE bɛyɛne wɔn

sɛ adwammaa, asase bayaa so.

17 Efraim akɔdɔm abosom adum;

gyaa no.

18 Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ,

pɛ na emu atitire pɛ ahohora.

19 Mframa akyekyere wɔn wɔ ne ntaban mu,

na wɔn ani bɛwuwu wɔn afɔrebɔ ho.

Categories
Hosea

Hosea 5

Ahemman mmienu no atenetene

1 Montie yei, asɔfoɔ,

na monwɛn aso, Israel fie,

na ɔhene fie nso, monyɛ aso;

na mo so na atemmuo aba;

na moadane fidie wɔ Mispa

ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.

2 Na mansotwefoɔ ama wɔn ahohwisɛmdie mu adɔ,

nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3 Me deɛ, menim Efraim,

na Israel nso nhunta me;

na afei, Efraim, woabɔ adwaman,

na Israel ho agu fi.

4 Wɔn nneyɛɛ mma

wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,

na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu,

na wɔnnim AWURADE.

5 Na Israel ahantan bɛdi n’anim adanseɛ,

na Israel ne Efraim bɛsunti wɔn amumuyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn asunti.

6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ

akɔhwehwɛ AWURADE,

na wɔrenhu no;

ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

7 Wɔatwa AWURADE nkontompo,

na wɔawowo ananafoɔ mma.

Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.

8 Monhyɛne abɛn Gibea,

monhyɛne totorobɛnto Rama.

Mommɔ ose Bet-awen,

ɛwɔ w’akyi, Benyamin.

9 Efraim bɛdane amamfo,

asotwe da no;

mama wɔahunu Israel mmusuakuo

ho asɛm a ɛbɛtim mu.

10 Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ

wɔn a wɔtwe ɛhyeɛ kɔ akyire,

wɔn so na mɛhwie

m’anibereɛ magu sɛ nsuo.

11 Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu,

ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.

12 Na me deɛ, mete sɛ nweweboaa mema Efraim

ne nhunhuniiɛ mema Yuda fie.

13 Na Efraim hunuu ne yadeɛ,

na Yuda hunuu ne kuro;

na Efraim sii mu kɔɔ Asiria,

na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn;

na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ,

na ɔrentumi nkum mo ho akuro.

14 Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim

ne gyataburuwa ma Yuda fie;

me, me na mɛtete mu makorɔ,

mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

15 Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi,

akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim;

wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.

Categories
Hosea

Hosea 6

Ahonu a ɛnyɛ

1 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn,

na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ,

ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

2 Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa,

da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre

na yɛanya n’anim nkwa.

3 Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no.

Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ,

na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ,

sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.

4 Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim?

Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda?

Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum,

na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.

5 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn,

na mede m’anomu nsɛm makum wɔn,

na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.

6 Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam,

ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

8 Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro

a mogya akeka mu.

9 Na asɔfoɔ asafokuo no

te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa,

wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no;

aane abusudeɛ ara na wɔyɛ.

10 Mahunu ahodwirideɛ Israel fie,

ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.

11 Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo,

berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.