Categories
Yona

Yona 4

Yona abufuo ne n’atenetene

1 Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui.

2 Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.

3 Na afei, AWURADE, gye me kra firi me nsam ɛ, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fu anaa?

5 Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no.

6 Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.

7 Na adeɛ kyeeɛ a owia reba abɛpue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi maa no fitii adedenkruma no mu maa no poe.

8 Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.

9 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fuu adedenkruma no ho anaa? Na Yona buaa sɛ: Aane ɛyɛ sɛ me bo fu de kɔ owuo mu.

10 Na AWURADE kaa sɛ: Wo deɛ, adedenkruma no asɛm no yɛ wo ya, nso wonyɛɛ ɛho adwuma biara, na ɛnyɛ wo na womaa no nyiniiɛ, na ɛbaa anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro.

11 Na me deɛ, Ninewe kuro kɛseɛ a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wɔnnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no deɛ renyɛ me ya anaa?

Categories
Obadia

Obadia 1

1 Obadia anisoadehunu nie.

Sei na AWURADE Nyankopɔn ka fa Edom ho:

Yɛate AWURADE anomu asɛm

sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ:

Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko.

2 AWURADE ka kyerɛɛ Edom sɛ:

Hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa, wɔabu wo animtia pa ara.

3 W’akoma ahantan adaadaa wo,

wo a wote ɔbotan ntokuro mu,

deɛ ɛhɔ korɔn ne w’adwa,

wose no w’akoma mu sɛ:

Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?

4 Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ,

na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a,

ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri,

AWURADE asɛm nie.

5 Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ

ba wo so anadwo a,

sɛ wɔrewia wo mpo a,

anka wɔrennya wo ase anaa?

Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a,

anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?

6 Na wo Esau deɛ, hwɛ wɔapra w’adeɛ apɛ w’ahuntadeɛ

na wɔayɛ wo dosodoso.

7 Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo

abɛduru ɛhyeɛ so;

wɔn a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu adaadaa wo afa wo so;

wɔn a wɔdii w’aduane asum w’ase fidie;

nanso wonnim.

8 Ɛnyɛ ɛda no,

na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom

ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ?

AWURADE asɛm nie.

9 Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu,

na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.

Sɛnti a wɔbɛtwe Edom aso

10 Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti

na aniwuo bɛkata wo ho,

na wɔatwa wo atwene akɔsi daa.

11 Ɛda a wobɛgyinaa ntentensoɔ,

ɛda a ananafoɔ faa ne dɔm nnommum kɔeɛ,

na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu

na wɔtwee Yerusalem so ntonto no,

ɛno mu na wo nso woyɛɛ sɛ wɔn mu baako.

12 Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua,

ɛda a abuo buu no no;

ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma

wɔn sɛeɛ da no ho,

ɛnsɛ sɛ anka wohyehyɛ wo ho

wɔ ahohiahia da no,

13 ɛnsɛ sɛ anka wohyɛne me man kuro pono no mu,

wɔn amanehunu da no;

ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wɔn amanehunu,

wɔn amanehunu da no;

ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa sɔ wɔn ahodeɛ mu,

wɔn amanehunu da no;

14 ɛnsɛ sɛ anka wogyina nkwanta soɔ

twitwa ne mfirimufoɔ guo;

ɛnsɛ sɛ anka woyi ne nnipa a wɔaka no ma,

ahohiahia da no.

15 Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so;

Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ woɔ,

wo nneyɛe bɛsane abɛbua w’atifi.

16 Na sɛdeɛ amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa wɔ me bepɔ kronkron no soɔ no,

saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa daa,

na amanehunu no bɛmene wɔn

na w’ase ahye koraa.

AWURADE ahennie no

17 Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ,

na ayɛ kronkronbea,

na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so.

18 Na Yakob fie bɛyɛ ogya,

na Yosef fie ayɛ ogyaframa,

na Esau fie deɛ ɛbɛyɛ nkyɛnkyɛmma,

na wɔadɛre wɔn mu ahye wɔn

a obiara renka mma Esau fie,

ɛfiri sɛ AWURADE na waka.

19 Na anafoɔ famfoɔ bɛfa Esau bepɔ adi so,

na asaseta sofoɔ bɛfa Filistifoɔ deɛ adi so,

na wɔbɛfa Efraim asase ne Samaria asase adi so,

na Benyamin afa Gilead adi so.

20 Na dɔm yi a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nnommum a wɔwɔ Kanaanfoɔ mu no

bɛdi asase no so de akɔsi Sarefat,

na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no

bɛfa Negeb nkuro no adi so.

21 Na agyefoɔ bɛforo aba Sion bepɔ so

na wɔabɛdi Esau bepɔ so,

na ahennie no bɛyɛ AWURADE dea.

Categories
Amos

Amos 1

Amanaman no ateatea

1 Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.

2 Na ɔse:

AWURADE firi Sion bobom,

na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so;

na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam,

na Karmel atifi akusa.

3 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ

dwerɛɛ Gilead nti.

4 Na mɛto Hasael fie mu gya,

na ahye Ben-hadad aban denden no.

5 Na mɛbubu Damasko pono akyiri adaban,

na matwa wɔn a wɔte Awen bonhwa mu afiri hɔ,

ne ɔhempomakurani no afiri Bet-eden;

na wɔbɛtu Siria man akɔ Kir,

AWURADE na ɔseɛ.

6 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu

kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

7 Na mɛto Gasa fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no;

8 na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod

ne ahempomakurani afiri Askelon,

na mɛdane me nsa atia Ekron,

na Filistifoɔ nkaeɛ ayera,

AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.

9 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa,

na wɔankae anuanom apam no nti.

10 Na mɛto Tiro fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no.

11 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ ɔde afena tii ne nua,

na ne yam anhyehye no,

na n’abufuo sɛee adeɛ ara

na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.

12 Na mɛto Teman mu gya,

na ahye Bosra aban denden no.

13 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Amonfoɔ amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane wɔn asotwe no,

sɛ wɔgu so retrɛ w’ahyeɛ mu no,

wɔpaepaee mpo Gilead anyinsɛnfoɔ mu,

14 na mɛsɔ Raba fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no,

na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye,

na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.

15 Na wɔn hene bɛkɔ otukorɔ mu,

ɔno ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ,

AWURADE na ɔseɛ.

Categories
Amos

Amos 2

Moab, Yuda ne Israel ho atemmusɛm

1 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Moab amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ ɔde Edom hene nnompe

hyee akaadoo nti.

2 Na mɛto Moab mu gya,

na ahye Keriot aban denden no,

na Moab bɛwu hooyɛ mu,

osebɔ ne totorobɛnto gyegyeɛ mu.

3 Na mɛtwa emu temmufoɔ no atwene,

na makunkum ne mmapɔmma nyinaa aka ne ho,

AWURADE na ɔseɛ.

4 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔapo AWURADE mmara

na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ,

na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no

ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.

5 Na mɛto Yuda mu gya,

na ahye Yerusalem aban denden no.

6 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ,

na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.

7 Wɔn kɔn dɔ mmɔborɔni atifi dɔteɛ mpo,

na wɔkyea amanehunufoɔ kwan,

na obi ne n’agya kɔ ababaa korɔ ho,

sɛ wɔde regu me din kronkron ho fi,

8 na wɔda awowa ntoma soɔ,

afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu,

na wɔnonom wɔn a

wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.

9 Nanso mesɛee wɔn anim Amorini

a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ

na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no,

na mesɛee n’aba wɔ soro

ne n’ase nhini no.

10 Na me nso meyii mo firii Misraim asase so

na mede mo nantee ɛserɛ so mfirinhyia aduanan,

sɛ mommɛfa Amorini asase nni.

11 Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ,

ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ.

Ɛnte saa, O Israelfoɔ?

AWURADE asɛm nie.

12 Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee

na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ:

Monnhyɛ nkɔm!

13 Hwɛ, me ara mɛnyema mo akɔ fam,

sɛdeɛ teaseɛnam a ayuo afiafi ayɛ no ma nyema no.

14 Na dwane bɛbɔ ɔhoɔharefoɔ,

na ɔhoɔdenfoɔ nso ahoɔden abɔ no,

na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.

15 Na taduakurani rennyina,

na deɛ ne nan yɛ herɛ remfiri mu mfi,

na ɔpɔnkɔsotefoɔ rennye ne ho nkwa.

16 Na nnɔmmarima mu kokoɔdurufoɔ

de adagya bɛdwane ɛda no,

AWURADE asɛm nie.

Categories
Amos

Amos 3

Amos kasa tia Israel

1 Montie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfoɔ ho; Mo a moyɛ mmusua a meyii mo firii Misraim asase so baeɛ sɛ:

2 Mo nko ara na menim mo,

asase so mmusua nyinaa mu,

ɛno nso nti na mɛtua mo

mo amumuyɛ nyinaa so ka.

3 Baanu bɔ mu nante

a wɔanyɛ nokorɔ ansa?

4 Gyata bobom kwaeɛ mu

a aboa biara nni n’anim anaa?

Gyataburuwa ma ne nne so firi ne tu mu

a ɔnkyere biribie?

5 Anomaa tɔ fidiem wɔ ɛfam

a kantankoraa bi nni hɔ mma no?

Fidie bi hwan firi fam

a ɛnyii biribi anaa?

6 Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu

a ɔman mmɔ binim?

Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu

a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ?

7 Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi

gye sɛ wayi n’agyina adi

akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.

8 Gyata abobom,

hwan na ɔrensuro?

AWURADE Nyankopɔn akasa,

hwan na ɔrenhyɛ nkɔm?

Samaria sɛeɛ

9 Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte,

ne Misraim asase so aban so,

na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so,

na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree

ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no.

10 Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie,

wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.

11 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Ɔhohiahiafoɔ bɛtwa asase no ho ahyia,

na wayi w’ahoɔden afiri wo ho ahwe fam,

na wafom w’aban denden no afa.

12 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim nnyawa mmienu anaa asokoraa firi gyata anomu no, saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ a wɔtete Samaria, te sɛ nnaeɛ ntweaso sini anaa mpa so ntoma sini bi.

13 Montie, na monni Yakob fie adanseɛ,

AWURADE Nyankopɔn asafo Nyankopɔn, asɛm nie:

14 Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no,

mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso,

na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn,

na agu fam.

15 Na mɛbobɔ awɔberɛ fie ne ahuhuberɛ fie,

na asonse fie nso asɛe

na afie bebree nso ase ahye koraa,

AWURADE asɛm nie.

Categories
Amos

Amos 4

Ɔsɛeɛ a ɛbɛba

1 Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ

a mowɔ Samaria bepɔ soɔ,

mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ,

na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.

2 AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ:

Hwɛ, nna bi bɛba mo so

a wɔde ntɔnkɔgyei bɛtwe mo akorɔ,

ne mo akyirikafoɔ nso, apofofoɔ nnarewa ano.

3 Na ɔfasuo tokuro mu na mobɛfa anantenante

mo anim tee afiri adie,

na wɔbɛsunsum mo atwene Harmon,

AWURADE asɛm nie.

4 Monkɔ Betel nkɔto mmara,

monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso,

na momfa mo kum afɔdeɛ mmra daa anɔpa,

ne mo ntotosoɔ du du daa nnansa.

5 Na momfa mmɔreka paanoo nhye aseda afɔdeɛ

na mompae ayamyi ayɛyɛdeɛ mma wɔnte.

Na saa na mopɛ, mo Israelfoɔ,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

6 Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkuro nyinaa mu

na modii aduanekɔm, mo tenabea nyinaa mu;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

7 Na me nso mekamee mo osutorɔ

abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu,

na metɔɔ osuo guu kuro baako so,

na mantɔ bi angu kuro baako so.

Afuo baako nyaa osuo,

na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.

8 Na nkuro mmienu anaa mmiɛnsa kyinkyini kɔɔ kuro baako so

kɔnom nsuo, nanso wɔammee;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

9 Memaa ɔhoɔ ne ɔpoɔ baa mo so;

mo nturo ne mo bobe nturo

ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodoɔ no, ntutummɛ wee;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

10 Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim deɛ no baa mo mu,

mede afena mekunkumm mo mmeranteɛ

na mefaa mo apɔnkɔ nnommum,

na memaa mo nsraban mu kankan sɔre hyɛnee mo hwene mu;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

11 Mebutuu mo mu binom

sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no,

na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

12 Enti sei na mɛyɛ woɔ, O Israel;

ɛsiane sɛ mɛyɛ wo seyie nti,

siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn.

13 Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa

na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no,

deɛ ɔyɛ adekyehema esum,

na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no,

AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.

Categories
Amos

Amos 5

Adwotwa ne ahonu frɛ

1 Israel fie, montie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom:

2 Ababaa Israel atɔ,

ɔrensɔre bio,

wɔahwe no ase n’asase so,

deɛ ɔbɛma no soɔ nni hɔ.

3 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Kuro a wɔde apem firi adie

bɛka ɔha,

na kuro a wɔde ɔha firi adie

bɛka du

ama Israel fie.

4 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie:

Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa.

5 Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan,

na monnkɔ Gilgal,

na monntwam nnkɔ Beer-seba;

ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu,

na Betel bɛdane huhuo.

6 Monhwehwɛ AWURADE akyiri kwan na monnya nkwa,

na wampue sɛ ogya Yosef fie,

na wanhye a obi a ɔbɛdum nni hɔ mma Betel;

7 mo a modane atemmuo bɔnwono

na mode tenenee hwehwe fam no!

8 Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente,

na ɔdane esum kabii adekyeeɛ,

na ɔma awia duru sum sɛ anadwo,

ɔfrɛ ɛpo mu nsuo

hwie gu asase ani,

AWURADE ne ne din.

9 Ɔma ɔsɛeɛ ba otumfoɔ so sɛ anyinam,

na ɔsɛeɛ nso ba aban a ɛyɛ den so.

10 Wɔtane deɛ ɔtenetene, kuro pono mu,

na wɔkyiri deɛ ɔka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ.

11 Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ

na mogye ne hɔ ayuo nti,

mode aboɔ a wɔatwa atoto aban,

nanso morentena mu,

moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ,

nanso morennom mu nsa.

12 Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso

na mo bɔne mu yɛ den.

Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata,

na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.

13 Saa nti ɔba nimdefoɔ mua n’ano, ɛberɛ no mu,

ɛfiri sɛ ɛyɛ berɛ bɔne.

14 Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne,

na moanya nkwa,

na AWURADE, asafo Nyankopɔn ne mo atena,

sɛdeɛ moka no.

15 Montane bɔne na monnɔ papa,

na momma atɛmpa ntim kuro apono mu;

ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn

bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.

16 Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie:

Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so,

na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee!

Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu,

ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo.

17 Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu,

ɛfiri sɛ mɛsane mafa wo mu,

AWURADE na ɔseɛ.

18 Wɔnnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no!

AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn?

Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.

19 Ɛte sɛdeɛ obi dwane firi gyata anim

na osisire hyia no,

na ɔba efie na ɔde ne nsa twere ɔfasuo

na ɔwɔ ka no.

20 AWURADE da no ɛnyɛ sum anaa? Ɛnyɛ hann!

Ɛnyɛ kusuu anaa? Ɛnhyerɛn!

21 Metane na mepo mo nnapɔnna,

na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

22 Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a,

m’ani rensɔ,

na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso,

merenhwɛ.

23 Yi wo dwontoɔ gyegyeegyeyɛ firi me so,

na wo sankubɔ nso, merentie.

24 Na atemmuo mmuni mmra sɛ nsuo,

na tenenee mmra sɛ asuo a ɛsene daa.

25 Israel fie, mode okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ brɛɛ me ɛserɛ so mfirinhyia aduanan?

26 Mmom mosoa mo hene Sikut ne mo ahoni Kiun no, mo nyame a moyɛ faeɛ no nsoromma.

27 Enti mɛtu mo akɔ Damasko akyire nohoa, AWURADE na ɔseɛ, asafo Nyankopɔn ne ne din.

Categories
Amos

Amos 6

Adwenharefoɔ ne ahantanfoɔ no asotwe

1 Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo

ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ,

wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu,

wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.

2 Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ,

na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ,

na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat.

Wɔyɛ sene ahennie yi,

anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa?

3 Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie

na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.

4 Wɔdeda asonse mpadua so,

na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so,

na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu

ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu.

5 Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano,

na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid.

6 Wɔnom nsa nkoraa mu,

na wɔde ngohwam sra wɔn ho,

na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.

7 Enti afei wɔn na wɔbɛdi atukɔfoɔ kan atu akorɔ,

na sadwaasefoɔ gyegyeegye no agyae.

8 AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam,

AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie):

Me deɛ, mekyi Yakob ahantan,

na metane n’aban denden no,

na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.

9 Na sɛ wɔgya nnipa du efi korɔ mu a, ewuo ara na wɔbɛwuwuo.

10 Na obi busuani, deɛ ɔhyeɛ no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afiri fie hɔ, na ɔbɛbisa deɛ ɔwɔ efie mpiakyire mu no sɛ: Obi da so ne wo wɔ hɔ anaa? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano, na wɔmmɔ AWURADE din so.

11 Na hwɛ, AWURADE ahyɛ,

na wɔbɛbɔ efi kɛseɛ no pasapasa

ne efi ketewa no nso dukuduku.

12 Apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika

anaasɛ wɔde anantwie funtum hɔ anaa?

Sɛ modane atemmuo awuduro

na modane tenenee aba bɔnwono?

13 Mo a mo ani gye Lo-debarho

na moka sɛ: Ɛnyɛ yɛn ahoɔden

na yɛde agye Karnaim mmɛn afa?

14 Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre atia mo,

Israel fie, AWURADE, asafo Nyankopɔn asɛm nie,

na wɔabɛha mo afiri deɛ wɔfa kɔ Hamat

akɔsi mpaperɛ so subonhwa Araba no ano.

Categories
Amos

Amos 7

Atemmuo ho anisoadehunu ahodoɔ mmiɛnsa no

1 Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, na ɔrenwono ntutummɛ, ɛberɛ a akyire yi wira firi aseɛ fifire, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wiratwa akyiri wira.

2 Na wɔbɛdii asase so ahahan wieeɛ no, mebisaa sɛ:

O AWURADE Nyankopɔn, mekoto srɛ wo, fa kyɛ!

Yakob bɛgyina sɛn?

Ɔsua dodo?

3 AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho:

Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ɔseɛ.

4 Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyee ebunu bayaa no, na na ɛrehye asase no bi.

5 Na mese:

O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mekoto srɛ wo.

Yakob bɛgyina sɛn?

Ɔsua dodo?

6 AWURADE sakyeraa n’adwene yei ho.

Yei nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.

7 Sei na ɔmaa mehunuiɛ, na hwɛ, Awurade gyina ɔfasuo kyirebenn so, na kyirebennyɛ homa kura ne nsam.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ:

Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa

bɛsi me man Israel mfimfini,

merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.

9 Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo,

na Israel kronkrommea no ayɛ agoago,

na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.

Wɔpamo Amos firi Betel

10 Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia soma maa wɔkɔɔ Israelhene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fie mfimfini, ne nsɛm no nyinaa rensene asase yi so.

11 Na sɛ Amos seɛ nie:

Afena ano na Yeroboam bɛwuo,

na Israel bɛtu

afiri n’asase so akɔ.

12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehunufoɔ, kɔ. Bɔ wo ho adwaa kɔ Yuda asase so, na kɔdidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.

13 Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahennie fie nso.

14 Ɛnna Amos bua see Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifoɔ ne me na ɛnyɛ odiyifoɔ ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfoɔ ne ɔdɔma so hwɛfoɔ.

15 Na AWURADE faa me firii nnwan akyiridie, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.

16 Na afei tie AWURADE asɛm:

Wo deɛ, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel,

na nsosɔ ngu Isak fie so.

17 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Wo yere bɛdane odwamamfoɔ,

kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano,

na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu,

na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so,

na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.

Categories
Amos

Amos 8

Nyankopɔn asɛm ho nkɔm

1 Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, nnuaba a abereɛ wɔ kɛntɛn mu.

2 Na ɔbisaa sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Nnuaba a abereɛ kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

Awieeɛ no aduru ama me man Israel,

merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.

3 Na asɔrefie nnwom bɛdane adwotwa ɛda no,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

afunu no bɛdɔɔso,

na wɔde kommyɛ bɛtoto wɔn agu mmaa nyinaa.

4 Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene

sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,

5 na mobisa sɛ: Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam

na yɛatɔn ayuo,

ne homeda,

na yɛabue ɛsan ano,

na yɛayɛ efa ketewa, na yɛama n’abrammoɔ ayɛ kɛseɛ,

na yɛakyea nsania de asisie?

6 Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni,

na yɛde mpaboa atɔ ohiani,

na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.

7 AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ:

Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!

8 Yei nti asase renwoso

na ɛsofoɔ nyinaa renni abooboo anaa?

Na asase mu nyinaa bɛpuhu sɛ Asubɔnten Nil,

na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asuo no.

9 Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

mɛma owia atɔ awiaberɛ,

na mɛma sum aduru asase so awia ketee.

10 Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo

ne mo nnwom nyinaa kwadwom,

na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa,

na atipa aba etire nyinaa so;

na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie,

na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.

11 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

sɛ mɛma ɛkɔm aba asase no soɔ,

ɛnyɛ aduanekɔm anaa sukɔm,

na AWURADE asɛm tie deɛ.

12 Na wɔbɛkyini afiri po ano akɔ po ano,

na wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ

afiri atifi fam akɔsi apueeɛ fam, sɛ wɔrehwehwɛ AWURADE asɛm akyiri kwan,

na wɔrenhunu.

13 Ɛda no, sukɔm nti

mmabaa a wɔn ho yɛ fɛ ne mmeranteɛ bɛtotɔ piti,

14 wɔn a wɔkeka Samaria asodie ntam,

na wɔse: Sɛ wo, Dan, wo nyame te aseɛ yi!

ne: Sɛ Beer-seba kwan te aseɛ yi!

no, wɔn deɛ, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.