Categories
Mateo

Mateo 8

Ɔkwatani bi ahofire

1 Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi.

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

3 Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ:Mepɛ, wo ho mfi!Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.

4 Na Yesu see no sɛ:Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.

Akoa bi ayaresa

5 Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

6 sɛ: Owura, m’akoa da fie yare mmubuo, na ɔrehunu ayayadeɛ dodo.

7 Na ɔsee no sɛ:Mɛba mabɛsa no yadeɛ.

8 Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den.

9 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

10 Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.

11 Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;

12 na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

13 Na Yesu see asraafoɔ ɔha so panin no sɛ:Kɔ, na sɛdeɛ woagye adie no, ɛnyɛ hɔ mma wo!Na ɛdɔn no ara mu, n’abɔfra no ho sanee no.

Ayaresa ahodoɔ bebree

14 Na Yesu baa Petro fie no, ɔbɛhunuu n’asebaa sɛ ɔda hɔ yare yarefufuo.

15 Na ɔsɔɔ ne nsa, na yarefufuo no gyaa no, na ɔsɔre somm no.

16 Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yadeɛ.

17 Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa.

Yesu akyiridie

18 Na Yesu hunuu nkurɔfoɔ akuakuo pii wɔ ne ho no, ɔhyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ asuogya nohoa.

19 Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.

20 Na Yesu see no sɛ:Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.

21 Na asuafoɔ no mu ɔfoforɔ bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa.

22 Na Yesu see no sɛ:Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!

Ahum asebrɛ

23 Na ɔtenaa kodoɔ mu no, n’asuafoɔ no dii n’akyi.

24 Na hwɛ, ahum kɛseɛ bi tuu ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkyeɛ bu bɛkataa kodoɔ no so; na ɔno deɛ, na wada.

25 Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

26 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ?Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.

27 Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?

Ahonhommɔne

28 Na ɔduruu asuogya nohoa, Gadarenefoɔ asase soɔ no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn soɔ firi aboda mu bɛhyiaa no; wɔyɛ awerɛmfoɔ sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.

29 Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?

30 Na mprakokuo bebree bi redidi akyirikyiri.

31 Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wotu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuo yi mu.

32 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ!Na wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu po no mu wuwuu nsuo no mu.

33 Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no dwanedwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a na ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ no ho asɛm no.

34 Na hwɛ, kurom hɔfoɔ no nyinaa firii adi sɛ wɔrebɛhyia Yesu; na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ahyeɛ so hɔ nkɔ.

Categories
Mateo

Mateo 9

Obubuani bi ayaresa

1 Na ɔtenaa kodoɔ mu twa baa ɔno ara ne kurom.

2 Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ:Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.

3 Na hwɛ, Atwerɛfoɔ no mu binom kaa wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm.

4 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ:Adɛn nti na modwene bɔne mo akoma mu?

5 Na deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre, na nante?

6 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase soɔ, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ:Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!

7 Na ɔsɔre sii mu kɔɔ ne fie.

8 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.

Mateo frɛ

9 Na Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu onipa bi a ɔte atogyeeɛ a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Di m’akyi.Na ɔsɔre dii n’akyi.

10 Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ wɔ fie no, hwɛ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii ba bɛnee Yesu ne n’asuafoɔ no tenaa adidiiɛ.

11 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie yi?

12 Na ɔteeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Wɔn a wɔn ho yɛ den no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no.

13 Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.

Mmuadadie

14 Ɛnna Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ di mmuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni mmuada yi?

15 Na Yesu buaa wɔn sɛ:Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada.

16 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ.

17 Nanso wɔmfa nsa foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nkotokuo no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na nkotokuo no asɛe. Na wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu, na ne mmienu nyinaa ayɛ yie.

Yairo babaa ne ɔbaa bi ayaresa

18 Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.

19 Na Yesu sɔre ne n’asuafoɔ no dii n’akyi.

20 Na hwɛ, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dummienu faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ ano nnwo.

21 Na ɔkaa no ne tirim sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den.

22 Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ:Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo.Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.

23 Na Yesu duruu ɔpanin no fie na ɔhunuu atɛntɛbɛnhyɛnfoɔ ne nkurɔfokuo a wɔreyɛ gyegyeegye no,

24 ɔkaa sɛ:Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada.Na wɔseree no.

25 Na ɔpamm nkurɔfokuo no firii adie no, ɔkɔɔ mu kɔsɔɔ ne nsa, na ababaa no nyanee.

26 Na yei ho asɛm trɛɛ asase no nyinaa so.

Anifirafoɔ baanu adehunu

27 Na Yesu firi hɔ rekorɔ no, anifirafoɔ baanu dii n’akyi teateaa mu sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!

28 Na ɔduruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn; na Yesu bisaa wɔn sɛ:Mogye di sɛ mɛtumi mayɛ yei?Wɔbuaa no sɛ: Aane, owura.

29 Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ:Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no, ɛnyɛ saa ara mma mo!

30 Na wɔn ani buebueeɛ. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ:Monhwɛ na obiara ante!

31 Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ no, wɔde ne ho asɛm tenee asase no nyinaa so.

Ɔbɔdamfoɔ mum bi ayaresa

32 Na wɔrefiri adie no, hwɛ, wɔde emum bi a honhommɔne wɔ ne soɔ brɛɛ no.

33 Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.

34 Na Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɔtu ahonhommɔne.

Ntimmɔborɔ

35 Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

36 Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.

37 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua.

38 Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa adwuma no mu!

Categories
Mateo

Mateo 10

Asuafoɔ dummienu no yie

1 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.

2 Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,

3 Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.

Asomafoɔ no adwuma

5 Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ:Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu,

6 na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn!

7 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn.

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!

9 Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔsoɔ mu,

10 monnhwehwɛ akwantuo bɔtɔ anaa ntadeɛ mmienu anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfoɔ sɛ ɔdidieɛ.

11 Na kuro anaa akuraa biara a mobɛhyɛne mu no, mommisa deɛ ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ.

12 Na mohyɛne efie bi mu a, monkyea emufoɔ no.

13 Na sɛ ɛfata efie no a, mo asomdwoeɛ mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoeɛ nsane mmra mo nkyɛn.

14 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.

15 Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.

Ɔtaa ho nkɔmhyɛ

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.

17 Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu.

18 Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.

19 Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.

20 Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom mo Agya Honhom no na ɔkasa mo mu.

21 Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofoɔ, na wɔama wɔakum wɔn.

22 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

23 Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.

24 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nsene ne wura.

25 Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?

Deɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro no

26 Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.

27 Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.

28 Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.

29 Wɔntɔn mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu baako mpo nkwati mo Agya nhwe fam.

30 Na mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.

31 Enti monnsuro! Mosene mpatuprɛ bebree.

32 Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim;

33 na obiara a ɔbɛpa me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.

Ɔko di asomdwoeɛ anim

34 Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so; ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom nkrantɛ.

35 Na meba mebɛpaepaee mu na ɔbarima asɔre atia n’agya,

na ɔbabaa asɔre atia ne na,

na aseɛ asɔre atia n’asebaa;

36 na onipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfo.

37 Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,

38 na deɛ ɔmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔmfata me.

39 Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.

Asomafoɔ no tumi

40 Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.

41 Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua.

42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Categories
Mateo

Mateo 11

Osuboni Yohane ahoyera

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.

2 Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ

3 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?

4 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ Yohane:

5 Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.

6 Na nhyira ne deɛ merento no suntidua.

Yesu di Yohane ho adanseɛ

7 Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ:Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa?

8 Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu.

9 Anaasɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo.

10 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ:

Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim

a ɔbɛsiesie w’anim kwan.

11 Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.

12 Na ɛfiri Osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ ɔsoro ahennie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abereɛ no fa no aniɛden so.

13 Na adiyifoɔ no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so.

14 Na sɛ mopɛ sɛ mogye a, oyi ne Elia a ɔreba no.

15 Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!

Yudafoɔ akomapirim

16 Na hwan ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete edwa ase refrɛfrɛ wɔn mfɛfoɔ sɛ:

17 Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo na moansa;

yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anho.

18 Na Yohane baeɛ, ɔnnidi na ɔnnom, na wɔse: Ɔwɔ honhommɔne.

19 Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.

Korasin, Betsaida ne Kapernaum

20 Ɛnna ɔfirii aseɛ kaa nkuro a na wayɛ ne tumideɛ pii wom no anim sɛ wɔannsakyera wɔn adwene no sɛ:

21 Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.

22 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.

23 Na wo Kapernaum,

wɔbɛma wo so akɔ soro anaa?

Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando;

ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

24 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Sodom asase asene wo.

Agya no ayeyie

25 Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ:Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.

26 Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim.

27 M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.

28 Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.

29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.

30 Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.

Categories
Mateo

Mateo 12

Homeda sɛeɛ

1 Ɛberɛ no mu no, Yesu kɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfitii aseɛ pempanee mmɛtem no bi weeɛ.

2 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda.

3 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?

4 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a, ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wɔdie, gye asɔfoɔ nko ara no?

5 Anaasɛ monkenkann mmara no mu, sɛdeɛ homeda, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie no sɛe homeda nanso wɔnni ho fɔ no?

6 Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha.

7 Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.

8 Na Onipa Ba no yɛ homeda no wura.

Onipa bi a ne nsa adwodwo

9 Na ɔfiri hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu.

10 Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

11 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔkɔtɔ amena mu homeda a, ɔrensɔ ne mu mma no soɔ?

12 Onipa nsom bo nsene odwan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda.

13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ:Tene wo nsa!Na ɔteneeɛ, na ɛsane yɛɛ yie sɛ baako no.

Wɔpam Yesu tiri so sɛ wɔbɛkum no

14 Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no.

15 Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

16 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnyi no adi,

17 na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ:

18 Hwɛ, m’abɔfra a mayi no,

deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no;

Mede me Honhom bɛgu ne so,

na waka atɛntenenee akyerɛ Amanaman mufoɔ.

19 Ɔrenko, na ɔrenteateam,

na obi rente ne nne abɔntene so;

20 mmɛwa a abuka no, ɔremmu mu,

na ntomaban a ɛfiri wisie nso, ɔrennum

de akɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛkɔ nkonimdie mu.

21 Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛtoɔ.

Nkɔnkɔnsa ho mmuaeɛ

22 Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifirani ne emum brɛɛ no, na ɔsaa no yadeɛ maa emum no kasae, na ɔhunuu adeɛ.

23 Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?

24 Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.

25 Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ:Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina.

26 Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaepaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina?

27 Na sɛ me, mede Beelsebul na metu ahonhommɔne a, na mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.

28 Na sɛ mede Nyankopɔn Honhom na metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie anya aba mo so.

29 Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ fie akɔfom n’afideɛ, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na wafom ne fie.

Honhom ho abususɛm

30 Deɛ ɔnka me ho no, na ɔtia me; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.

31 Yei nti mese mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm deɛ, wɔremfa nkyɛ nnipa.

32 Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.

Akoma ne asetena

33 Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua no aba na wɔde hunu dua korɔ.

34 Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.

35 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie.

36 Na mese mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wɔbɛbu ho akonta atemmuda.

37 Na wo nsɛm so na wɔnam bɛbu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bɛbu wo fɔ.

Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ

38 Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ yɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ bi firi wo hɔ.

39 Na ɔbua see wɔn sɛ:Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

40 Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.

41 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.

42 Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.

43 Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi.

44 Ɛnna ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wasiesie mu.

45 Ɛnna ɔkɔ na ɔkɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔyɛ bɔne sene no ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu tena hɔ; na onipa no akyire yi asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefoɔ yi.

Yesu abusuafoɔ hwehwɛ no

46 Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.

47 Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyire pɛ sɛ wɔne wo kasa.

48 Na ɔbua see deɛ ɔsee no saa no sɛ:Hwan ne me na, na hwan ne me nuanom?

49 Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ:Hwɛ, me na ne me nuanom ni!

50 Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.

Categories
Mateo

Mateo 13

Ogufoɔ no ho bɛ

1 Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano.

2 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano.

3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ:Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

4 Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe.

5 Ebi nso kɔguu aboɔ so, faako a dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ,

6 na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ.

7 Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu; na ɛrefifire no, ɛmiaa no.

8 Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.

9 Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!

Ɛbɛ no agyinaeɛ

10 Na asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebuo mu?

11 Na ɔbua see wɔn sɛ:Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.

12 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.

13 Yei nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebuo mu, ɛfiri sɛ wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu, na wɔte deɛ, nso wɔnte aseɛ.

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ:

Teɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ;

na hunu nso mobɛhunu, na morenhunu mu.

15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim,

na wɔn aso mu ayɛ duru,

na wɔakatakata wɔn ani

na wɔamfa wɔn ani anhunu,

na wɔamfa wɔn aso ante,

na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ,

na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.

16 Na mo deɛ, nhyira ne mo ani sɛ ɛhunu, ne mo aso sɛ ɛteɛ.

17 Na nokorɛ mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi, na wɔte deɛ moteɛ yi, nanso wɔanhunu, na wɔante nso.

Ogufoɔ ho bɛ no asekyerɛ

18 Afei montie ogufoɔ ho bɛ no:

19 Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.

20 Na deɛ wɔguu no aboɔ soɔ no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye no ntɛmntɛm;

21 nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.

22 Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.

23 Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.

Ayuo ne wura ho bɛ

24 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu.

25 Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

26 Na ɛyii ahahan na ɛsoo aba no, na wura bɔne no nso daa adie.

27 Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he?

28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfoɔ bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnneɛ wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?

29 Ɛnna ɔse: Dabi, anhwɛ a, moreboaboa wura bɔne ano no, na moatu ayuo no bi afra mu.

30 Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so!

Sinapi aba ho bɛ

31 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ:Ɔsoro ahennie te sɛ sinapifua a onipa bi fa kɔduaa n’afuo mu.

32 Ɛno na ɛyɛ aba ahodoɔ nyinaa mu ketewa deɛ, nanso ɛnyini a, ɛne ɛfan nyinaa mu kɛseɛ, na ɛyɛ dua ma ewiem nnomaa ba bɛyɛ pirebuo wɔ ne mman so.

Mmɔka ho bɛ

33 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ:Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.

34 Yeinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no abebuo mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn.

35 Yei ma deɛ odiyifoɔno kaeɛ no ba mu sɛ:

Mɛbue m’ano mmebuo mu,

na mɛpae nsɛm a ahunta firi wiase asefire no mu maka.

Ayuo ne wura ho bɛ no asekyerɛ

36 Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase.

37 Na ɔbua see wɔn sɛ:Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no;

38 afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma;

39 ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ.

40 Enti sɛdeɛ wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awieeɛ.

41 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,

42 na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

43 Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!

Agyapadeɛ ho bɛ

44 Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

Ahwene pa ho bɛ

45 Bio ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔrehwehwɛ ahwene pa;

46 na ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ɔkɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.

Asau ho bɛ

47 Bio ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔde guu po mu na ɛbumaa nam ahodoɔ nyinaa bi;

48 na ɛyɛɛ ma, na wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa deɛ ɛyɛ no ano guu akodoɔ mu, na deɛ ɛnyɛ no, wɔto gui.

49 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu,

50 na wɔato wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

51 Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane.

52 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.

Nasaret nsra

53 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee mmɛ yi buo no, ɔfiri hɔ kɔeɛ.

54 Na ɔkɔɔ ɔno ara ne kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu maa no yɛɛ wɔn ahodwiri, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fire?

55 Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?

56 Na ɛnyɛ ne nua mmaanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa? Na afei ɛhe na oyi kɔnyaa yeinom nyinaa?

57 Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ:Anidie mmɔ odiyifoɔ, gye ne kurom ne ne fie.

58 Na wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie nti, wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.

Categories
Mateo

Mateo 14

Osuboni Yohane wuo

1 Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka

2 na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.

3 Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.

4 Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no.

5 Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.

6 Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.

7 Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.

8 Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!

9 Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.

10 Na ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.

11 Na wɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na.

12 Na n’asuafoɔ no ba bɛfaa amu no kɔsiee, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.

Nnipa mpemnum aduanema

13 Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no.

14 Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.

15 Na onwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Ɛha yi yɛ ɛserɛ so, na onwunu nso adwo, gya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduane nni!

16 Na Yesu see wɔn sɛ:Ɛnhia sɛ wɔkorɔ, mo ara momma wɔn biribi nni!

17 Na wɔsee no sɛ: Yɛnni biribiara wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.

18 Ɛnna ɔse:Momfa mmrɛ me ha!

19 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

20 Na wɔn nyinaa didi meeɛ, na mporoporowa a ɛkaeɛ no yɛɛ nkɛntɛn dummienu mama.

21 Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ mmarima mpemnum, mmaa ne mmɔfra nka ho.

Yesu kɔbɔ mpaeɛ bepɔ so

22 Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, nni kan ntwa nkɔ asuogya nohoa, na ɔnnya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan ansa.

23 Na ɔwiee nkurɔfoɔ akuakuo no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔ so fa baabi mpaebɔ. Na onwunu dwoeɛ no, na aka ɔno nko ara wɔ hɔ.

24 Na kodoɔ no aduru ɛpo no mfimfini, na asorɔkyeɛ reha no, ɛfiri sɛ na mframa no rehyia wɔn.

Yesu nante po ani

25 Na ahemadakye nnɔnmmiɛnsa rekɔ no, Yesu nam po so baa wɔn nkyɛn.

26 Na asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam po no soɔ no, wɔn akoma tuiɛ, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teateaa mu.

27 Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!

28 Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani!

29 Na ɔse:Bra!Na Petro firii kodoɔ no mu si faa nsuo no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.

30 Na ɔhunuu mframa no, ɔsuroe; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ: Awurade, gye me!

31 Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?

32 Na wɔduruu kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ.

33 Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!

Genesaret ayaresa

34 Na wɔtwaeɛ no, wɔduruu Genesaret asase so.

35 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu no no, wɔsoma maa wɔkɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa brɛɛ no,

36 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.

Categories
Mateo

Mateo 15

Honhom mu ahoteɛ

1 Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ:

2 Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

3 Na Yesu buaa wɔn sɛ:Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti, monni Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ?

4 Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo.

5 Na mo deɛ mose: Obiara a ɔbɛse n’agya anaa ne na sɛ: Deɛ anka wobɛnya no me hɔ no yɛ ayɛyɛdeɛ no,

6 na ɛnni sɛ ɔdi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Nyankopɔn asɛm.

7 Nyaatwomfoɔ! Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni,

na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.

9 Na wɔsɔre me kwa,

wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Montie, na monte aseɛ.

11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.

12 Ɛnna n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Farisifoɔ no tee asɛm yi no, ato wɔn suntidua?

13 Na ɔbuaa sɛ:Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.

14 Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.

15 Na Petro bua see no sɛ: Kyerɛ yɛn bɛ no ase!

16 Na ɔse:Mo nso moda so nte aseɛ ara?

17 Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛkɔ anomu no kɔ ɔyafunu mu na ɛyi gu yaane mu anaa?

18 Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi.

19 Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.

20 Yeinom ne nnoɔma a ɛgu onipa ho fi; na sɛ wɔde nsa a wɔanhohorɔ didi a, ɛngu onipa ho fi.

Ababaa bosonsonni bi ayaresa

21 Na Yesu firi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fa mu.

22 Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!

23 Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.

24 Na ɔbuaa sɛ:Israel fie nnwan a wɔayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.

25 Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me!

26 Na ɔbuaa sɛ:Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.

27 Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.

28 Ɛnna Yesu bua see no sɛ:O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no.Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.

Yesu sa nyarewa ahodoɔ

29 Na Yesu firi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔ so kɔtenaa ase wɔ hɔ.

30 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, emum ne afoforɔ pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yadeɛ

31 maa no yɛɛ nkurɔfokuo no nwanwa, berɛ a wɔhunuu sɛ emum rekasa, na mpakye ho sane, na mmubuafoɔ nanteɛ, na anifirafoɔ hunu adeɛ; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.

Nnipa mpemnan aduanema

32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no see wɔn sɛ:Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa nie, na wɔnni biribi a wɔdie; nanso mempɛ sɛ megya wɔn kwan ma wɔde yafumpan korɔ, na wɔankɔtotɔ baha ɔkwan mu.

33 Na asuafoɔ no see no sɛ: Ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nkurɔfokuo pii sɛɛ wɔ anwea pradada so ha?

34 Na Yesu see wɔn sɛ:Paanoo ahe na mowɔ?Na wɔse: Nson ne mpataa nketewa bi.

35 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena fam.

36 Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

37 Na wɔn nyinaa di meeɛ, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn nson mama.

38 Na wɔn a wɔdiiɛ no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.

39 Na ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no kwan no, ɔfaa kodoɔ na ɔbaa Magadan ahyeɛ so.

Categories
Mateo

Mateo 16

Ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi

1 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi.

2 Na ɔbua see wɔn sɛ:Ɛduru anwummerɛ a, mose: Ewiem bɛte ɛfiri sɛ ɔsoro abere.

3 Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu.

4 Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka

5 Na asuafoɔ no duruu asuogya nohoa no, na wɔn werɛ afiri sɛ wɔfa paanoo.

6 Na Yesu see wɔn sɛ:Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!

7 Na wɔdwendwenee wɔn mu kekaa sɛ: Yɛamfa paanoo no ntira.

8 Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ:O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira?

9 Monnya nhunui, na monkae nnipa mpemnum paanoo nnum no ne nkɛntɛn dodoɔ a monyaeɛ?

10 Anaasɛ nnipa mpemnan paanoo nson ne nkɛntɛn bebree a monyaeɛ?

11 Ɛdeɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na mereka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!

12 Ɛnna wɔhunuu sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yie paanoo mmɔreka ho, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no nkyerɛkyerɛ ho.

Petro kyerɛ nipa ko a Yesu yɛ

13 Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ:Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?

14 Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.

15 Ɔbisaa wɔn sɛ:Na mo nso, mose mene hwan?

16 Na Simon Petro buaa sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba!

17 Ɛnna Yesu bua see no sɛ:Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.

18 Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.

19 Na mede ɔsoro ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase soɔ no, na wɔakyekyere no soro, na biribiara a wobɛsane no asase soɔ no, na wɔasane no soro.

20 Ɛnna ɔhyɛɛ asuafoɔ no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ

21 Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.

22 Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!

23 Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ:Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.

Ahopakyire

24 Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ:Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.

25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka.

26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?

27 Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.

28 Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.

Categories
Mateo

Mateo 17

Yesu animuonyam hran

1 Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi.

2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.

4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako.

5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!

6 Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie.

7 Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ:Monsɔre, na monnsuro!

8 Na wɔmemaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara gye Yesu nko ara.

9 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ:Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Elia ba

10 Na asuafoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?

11 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Elia ba na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa deɛ,

12 nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam.

13 Ɛnna asuafoɔ no tee aseɛ sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.

Ɔtwafoɔ bi ayaresa

14 Na wɔduruu nkurɔfokuo no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotoo no

15 sɛ: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔtwa, na ɔrehunu amane pii; na ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu.

16 Na mede no mebrɛɛ w’asuafoɔ no, nanso wɔantumi ansa no yadeɛ.

17 Na Yesu kaa sɛ:O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!

18 Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.

Gyidie mu tumi

19 Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn ɛfa baabi, na wɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no?

20 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.

21 (Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)

Yesu wuo ne ne wunyane ho nkɔmhyɛ foforɔ

22 Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,

23 na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane.Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.

Yesu tua asɔrefie ho toɔ

24 Na wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye dwetɛbena fa toɔno baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfoɔ no ntua ɛtoɔ no anaa?

25 Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ:Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ?

26 Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho.

27 Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.