Categories
Efesofoɔ

Efesofoɔ 4

Asafo no baakoyɛ

1 Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo,

2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu,

3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.

4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:

5 Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako,

6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu.

Adom akyɛdeɛ

7 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmaako mmaako, sɛdeɛ Kristo asusu n’akyɛdeɛ ama no.

8 Enti ɔse:

Ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum pii a ɔfaeɛ no kɔe,

na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa.

9 (Na sɛ ɔse: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnneɛ na ɛnyɛ deɛ ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔsianee kɔɔ asase ase hɔnom ansa?

10 Ampa ara, deɛ ɔsianeeɛ no ara ne deɛ ɔsiane nso foro traa ɔsorosoro nyinaa so ama wahyɛ nnoɔma nyinaa ma no.)

11 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,

12 na wɔatoto ahotefoɔ yie ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no sie akɔ so,

13 akɔduru sɛ yɛn nyinaa bɛduru Nyankopɔn Ba no ho gyidie ne ne nhunumu baakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyini a yɛaduru Kristo mayɛ susudeɛ no tebea soɔ,

14 na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu,

15 na mmom momma yɛnni nokorɛ mfa ɔdɔ mu nnyini nnoɔma nyinaa mu, Kristo a ɔne etire no mu.

16 Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.

Ɛsɛ sɛ wɔgu amanaman nneyɛɛ bɔne no

17 Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no.

18 Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.

19 Ɛsiane sɛ wɔn ani nwu adeɛ bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwie, na wɔyɛ afideɛ nyinaa anibereɛ mu.

Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Kristo su

20 Na mo deɛ, moansua Kristo saa,

21 sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no.

22 Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene,

23 na momma wɔnyɛ mo foforɔ mo adwene honhom mu,

24 na monhyɛ onipa foforɔ a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokorɛ tenenee ne ahoteɛ mu no.

Kristofoɔ abrabɔ pa ho mmɔdemmɔ

25 Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

26 Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so,

27 na mommma ɔbonsam kwan!

28 Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.

29 Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.

30 Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.

31 Momma wɔnyi yeadie nyinaa ne koko bɔne ne abufuo ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu.

32 Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.

Categories
Efesofoɔ

Efesofoɔ 5

Monnɔ mo ho sɛ mo soro Agya dɔ mo no

1 Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,

2 na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.

Bɔne a ɛsi kwan

3 Na adwamammɔ ne efi adeyɛe nyinaa anaa anibereɛ deɛ, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ.

4 Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.

5 Ɛfiri sɛ monim dada sɛ odwamammɔfoɔ biara anaa efi adeyɛni anaa oniberefoɔ (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyadeɛ Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu.

Nkontabuo

6 Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.

7 Enti mo ne wɔn nnni twaka.

Esum ne hann

8 Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma,

9 ɛfiri sɛ hann aba da adi papayɛ ne tenenee ne nokorɛ nyinaa mu,

10 na monsɔ deɛ ɛsɔ Awurade ani yie no nhwɛ.

11 Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!

12 Ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunta yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo.

13 Na nnoɔma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; ɛfiri sɛ deɛ wɔyi adi nyinaa yɛ hann.

14 Enti na ɔse:

Wo a woada, nyane,

na sɔre firi awufoɔ mu,

na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.

Asetena pa ho afotuo

15 Enti monhwɛ mo nanteɛ yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ anyansafoɔ.

16 Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne.

17 Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie.

18 Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.

19 Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade,

20 monna Agya Nyankopɔn ase daa wɔ ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu,

21 mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu.

Ɛyerenom

22 Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade,

23 ɛfiri sɛ okunu yɛ ɛyerɛ ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no tiri no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no.

24 Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.

Okununom

25 Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no,

26 sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron,

27 na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho.

28 Saa ara nso na ɛsɛ okununom, sɛ wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara nipadua. Deɛ ɔdɔ ɔno ara ne yere no, dɔ ne ho.

29 Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛ no yie, na ɔsom no bo, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no.

30 Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.

31 Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam korɔ.

32 Ahuntasɛm yi so, na me deɛ, mese, ɛfa Kristo ne asafo no ho.

33 Nanso mo mmaako mmaako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɛyerɛ nso mmu ne kunu.

Categories
Efesofoɔ

Efesofoɔ 6

Mma ne Agyanom

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.

2 Di w’agya ne wo na ni! Yei ne mmara asɛm a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu,

3 na awie wo yie, na wo nna aware asase so.

4 Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom montete wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.

Nkoa

5 Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo,

6 ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ,

7 na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa.

8 Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.

Awuranom

9 Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateatea ase, ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ soro, na nnipa animhwɛ biara nni ne fam.

Honhom fam atamfoɔ

10 Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

11 Monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛeɛ adi asie,

12 ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.

Onyankopɔn Akodeɛ

13 Yei nti monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ne nyinaa wie a, moagyina hɔ.

14 Enti monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,

15 na momfa asomdwoeɛ asɛmpa no ho ahodasoɔ nhyehyɛ mo nan,

16 ne nyinaa akyiri no, monkura gyidie kyɛm a mode bɛtumi adum ɔbɔnefoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyinaa,

17 na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm,

18 na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,

19 ɛne me nso, sɛ, mebue m’ano a, wɔmma me asɛm a menka, na memfa nnam menyi asɛmpa no ahuntasɛm menkyerɛ.

20 Ɛno ho bɔfoɔ na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.

Nkradie

21 Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa.

22 Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ, na wahyɛ mo akoma den.

23 Asomdwoeɛ ne ɔdɔ ne gyidie nso a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.

24 Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho nte kyema dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.

Categories
Galatifoɔ

Galatifoɔ 1

Nkyea

1 Paulo a ɛmfiri nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no so na ɔyɛ ɔsomafoɔ

2 ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo ahodoɔ:

3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

4 Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ na wayi yɛn afiri wiase bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Agya Nyankopɔn pɛ no teɛ.

5 Ɔno na animuonyam nka no mmeresanten mfesanten. Amen.

Galatifoɔ nsaneakyire

6 Ɛyɛ me nwanwa sɛ moatwe mo ho ntɛm saa afiri deɛ wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforɔ bi mu

7 a nso ɛnyɛ asɛmpa foforɔ biara; na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔha mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no.

8 Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfoɔ bi firi soro ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo, ka deɛ yɛka kyerɛɛ mo no ho a, ɔnnue!

9 Sɛdeɛ yɛkaa no kane no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo ka deɛ moagyeɛ no ho a, ɔnnue!

10 Na afei anim pa na merehwehwɛ afiri nnipa hɔ anaasɛ sɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnneɛ na menyɛ Kristo akoa.

Paulo nkyerɛkyerɛ firi Kristo

11 Na anuanom, merema moahunu sɛ, asɛmpa a mekaeɛ no nte sɛ nnipa adeɛ;

12 ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na megyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

13 Na moate abrabɔ a akane no na mebɔ no wɔ Yudafoɔ som mu, sɛdeɛ metaataa Nyankopɔn asafo maa no boroo soɔ, na mesɛee wɔn,

14 na menyaa nkɔsoɔ Yudafoɔ som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree m’abusua mu, na mebɔɔ agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree maa no traa so.

15 Na ɛsɔɔ deɛ ɔyii me firii me na yam, na ɔnam n’adom so afrɛ me no ani

16 sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara mene honam ne mogya antu agyina,

17 nso mankɔ Yerusalem wɔn a wɔdii m’anim yɛɛ asomafoɔ no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesane mebaa Damasko bio.

Nsra a ɔkɔsraa Yerusalem, Siria ne Kilikia

18 Ɛnna mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na medii ne nkyɛn dadu nnanum,

19 na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.

20 Na deɛ meretwerɛ mo yi, hwɛ, Nyankopɔn anim, merenni atorɔ.

21 Ɛno akyiri no, mebaa Siria ne Kilikia fam.

22 Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim;

23 na teɛ nko ara na na wɔate sɛ, deɛ anka kane no ɔtaa yɛn no, afei deɛ, ɔka gyidie a akane no na ɔsɛe no no ho asɛmpa.

24 Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

Categories
Galatifoɔ

Galatifoɔ 2

Wɔgye Paulo frɛ to mu wɔ Yerusalem

1 Ɛnna ɛno akyiri mfeɛ dunan me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho.

2 Na menam adiyie so na mekɔeɛ, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no anim kɔkoam), na ammirika a metuo anaa metuiɛ no anyɛ kwa.

3 Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia.

4 Na ɛyɛ anuanom atorofoɔ a wɔfiri baabi baeɛ no ntira; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedie a yɛwɔ no Kristo mu no ho akwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.

5 Wɔn deɛ, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwere baako mpo, na asɛmpa no nokorɛ no akɔ so atena mo mu.

6 Na wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔwɔ din no, (deɛ wɔteɛ biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me deɛ, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho,

7 na mmom wɔhunuu sɛ, wɔde momonotofoɔ mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛdeɛ wɔde twetiatwafoɔ mu deɛ ama Petro no;

8 (na deɛ ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafoɔ mu somafosom mu no, nam me nso me so dii dwuma amanaman mufoɔ mu).

9 Na wɔhunuu adom a wɔde ama me no, Yakobo ne Kefa ne Yohane a wɔbu wɔn sɛ adum no tenee ayɔnkoyɛ nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufoɔ mu, na wɔn deɛ, wɔnka no twetiatwafoɔ mu,

10 gye ahiafoɔ nko ara na wɔsrɛɛ sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.

Paulo ka Petro anim

11 Na Kefa baa Antiokia no, megyinaa n’anim kasa tiaa no ɛfiri sɛ na wadi mfomsoɔ bi.

12 Ɛnne sɛ, na nnipa bi a wɔfiri Yakobo nkyɛn no nnya mmaeɛ no, na ɔne amanaman mufoɔ didi; na wɔbaeɛ no, ɔtwee ne ho tee ne ho firii wɔn ho, ɛfiri sɛ na ɔsuro wɔn a wɔfiri twetiatwafoɔ mu no.

13 Na Yudafoɔ a aka no ne no yɛɛ nkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔɔ bi.

14 Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ?

15 Yɛn deɛ, yɛfiri yɛn awosuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfoɔ.

16 Na yɛnim sɛ wɔmfiri mmara nnwuma mu na wɔbu onipa bem, gye sɛ ɛnam Yesu Kristo gyidie mu nti, yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafiri Kristo gyidie mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem.

17 Na yɛn a yɛhwehwɛ sɛ wɔbu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wɔhu yɛn nso sɛ nnebɔneyɛfoɔ a, ɛnneɛ na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabi da.

18 Na sɛ meto deɛ madwiri maguo no bio a, na meyɛ me ho sɛ mmaratoni.

19 Na me deɛ, menam mmara no so mewu memaa mmara na matena ase mama Onyankopɔn.

20 Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu; na m’ase a meteɛ yi deɛ, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete honam mu yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidie mu.

21 Mempo Nyankopɔn adom no; ɛfiri sɛ, sɛ tenenee nam mmara so na ɛba a, ɛnneɛ na Kristo awu kwa.

Categories
Galatifoɔ

Galatifoɔ 3

Galatifoɔ suahunu

1 O, Galatifoɔ a moyɛ adwenharefoɔ! Hwan na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee paa nie?

2 Yei nko ara na mepɛ sɛ mete firi mo anomu: Monam mmara nnwuma so na monyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidie (asɛmpa) a moteeɛ no so?

3 Saa na moyɛ adwenhare? Mode honhom afiti aseɛ, afei adɛn na morewie wɔ honam mu yi?

4 Mohunuu saa amaneɛ bebree yi kwa; sɛ ɛyɛ ɔkwa dea a,

5 ɛnneɛ na deɛ ɔde Honhom no ma mo na ɔyɛ mo mu tumideɛ no, na ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ, anaasɛ ɔnam gyidie (asɛmpa) a moteeɛ no so?

6 Na sɛdeɛ Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na wɔbuu no tenenee maa no no,

7 saa ara nso na monhunu sɛ wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔn ara ne Abraham mma.

8 Na atwerɛ no dii kan hunuu sɛ Onyankopɔn firi gyidie mu na ɔbɛbu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wɔbɛhyira amanaman nyinaa.

9 Ɛnneɛ na wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔhyira wɔn ne gyidini Abraham bɔ mu.

10 Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.

11 Na ɛda adi pefee sɛ, mmara mu deɛ, obiara ntene Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ gyidie mu na ɔteneneeni bɛnya nkwa.

12 Ɛwom sɛ mmara mfiri gyidie mu deɛ, nanso deɛ ɔdi soɔ no bɛnya mu nkwa.

13 Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,

14 na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidie so anya Honhom bɔhyɛ no.

Mmara rentumi mma Nyankopɔn bɔhyɛ nyɛ ɔkwa

15 Anuanom, mede deɛ yɛhu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samanseɛ a wɔde nsa ahyɛ aseɛ mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho.

16 Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefoɔ, sɛdeɛ ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ɔse ɔbaako: Na w’aseni, a ɔne Kristo.

17 Na yei na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfeɛ ahanan aduasa akyiri ɛbaeɛ no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa.

18 Na sɛ apɛgyadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ na ɛmfiri bɔhyɛ mu bio; na Abraham deɛ bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.

Mmara ho mfasoɔ

19 Na afei, mmara no ne deɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho, kɔsi sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfoɔ so na ɛhyehyɛeɛ wɔ ntamgyinafoɔ bi nsa mu.

20 Na ntamgyinafoɔ deɛ, ɔnyɛ ɔbaako dea; na Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔbaako.

21 Ɛnneɛ na mmara tia Nyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabi da. Sɛ wɔmaa mmara bi a ɛbɛtumi ama nkwa deɛ a, anka tenenee firi mmara mu ampa.

22 Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.

Mmara bɔ kwan ma Agyenkwa

23 Na gyidie nnya mmaeɛ no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛnn yɛn maa gyidie a wɔrebɛyi no adi akyerɛ no.

24 Enti, na mmara no yɛ yɛn hwɛfoɔ a ɛkyerɛɛ yɛn Kristo nkyɛn kwan, na ama wɔafiri gyidie mu abu yɛn bem.

25 Afei gyidie aba yi, yɛnhyɛ ɔhwɛfoɔ no ase bio,

26 na mmom, mo nyinaa nam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma, Kristo Yesu mu.

27 Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.

28 Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.

29 Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.

Categories
Galatifoɔ

Galatifoɔ 4

Yɛnam Kristo mu gyidie so yɛ Nyankopɔn mma

1 Na mese: Ɔdedifoɔ no yɛ akɔkoaa yi, ɔyɛ nnoɔma nyinaa wura deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔne akoa ntam;

2 na mmom ɔwɔ ahwɛfoɔ ne afiesohwɛfoɔ ase de kɔsi da a agya no ahyɛ asie.

3 Sɛ yɛteɛ ara ne no. Yɛyɛ nkɔkoaa no, wɔde yɛn yɛɛ nkoa hyɛɛ wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ase,

4 na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,

5 sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔwɔ mmara ase no, na wɔafa yɛn ayɛ mma.

6 Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!

7 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Nyankopɔn so yɛ ɔdedifoɔ nso bi.

Aniani som yɛ ɔkwa

8 Nanso ɛberɛ a monnim Onyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa.

9 Na afei a moahunu Onyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na moasane mo akyiri bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛ, na ɛdi hia no ho, na mopɛ sɛ mofiri aseɛ foforɔ som bio?

10 Mobu nna ne abosome ne mmerɛ ne mfeɛ.

11 Mesuro wɔ mo ho sɛ ebia maha me ho mama mo kwa.

Galatifoɔ da bi hɔ dɔ

12 Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ me nso mayɛ sɛ mo. Moanyɛ me bɔne biara,

13 nso monim sɛ honam mmerɛyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kane no,

14 na deɛ ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyiri me, na mmom mogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, aane, sɛ Kristo Yesu no ara.

15 Na afei mo ahosɛpɛ no wɔ he? Ɛfiri sɛ medi mo adanseɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka motutuu mo ani maa me.

16 Na sɛ meka nokorɛ mekyerɛ mo nti, madane mo tamfoɔ anaa?

Paulo hwehwɛ Galatifoɔ yiedie

17 Ayɛ sɛ deɛ ebinom pɛ mo yiedie ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wɔsi mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom.

18 Nanso ɛyɛ sɛ anka wɔbɔ mo yiedie ho mmɔden daa na ɛnyɛ berɛ a me ne mo wɔ hɔ nko.

19 Ao, me mma nkumaa a mereko mo awoɔ bio kɔsi sɛ wɔbɛwie Kristo suyɛ wɔ mo mu,

20 anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seesei, na mesakyera me nne, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.

Akoa Ismael ne ɔdehyeɛ Isak

21 Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara aseɛ, monka nkyerɛ me: Monte deɛ mmara no ka anaa?

22 Na wɔatwerɛ sɛ na Abraham wɔ mmammarima baanu, ɔbaako yɛ afenaa ba, na ɔbaako yɛ ɔdehyeɛ ba.

23 Na deɛ ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, na ɔdehyeɛ ba no deɛ, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.

24 Saa adeɛ yi yɛ mfatoho, ɛfiri sɛ wɔn baanu no yɛ apam mmienu; ɔbaako firi Sinai bepɔ so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɔno ne Hagar.

25 Na Hagar yɛ Sinai bepɔ a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ Yerusalem sɛso, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu.

26 Na ɔsoro Yerusalem no deɛ, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.

27 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ:

Wo obonini a wonwoɔ, ma w’ani nnye;

Wo a wonko awoɔ, di ahurisie na team!

Ɛfiri sɛ deɛ ɔnni bie no mma dɔɔso

kyɛne deɛ ɔwɔ kunu no deɛ.

Monhwɛ mo adehyedie so yie

28 Na yɛn deɛ, anuanom, sɛdeɛ Isak teɛ no, yɛyɛ bɔhyɛ mma.

29 Na sɛdeɛ saa berɛ no, deɛ wɔwoo no honam kwan soɔ no taa deɛ wɔwoo no honhom kwan soɔ no, saa ara na ɛteɛ nnɛ nso.

30 Nanso atwerɛ no se deɛn? Pam afenaa no ne ne ba; ɛfiri sɛ afenaa ba no ne ɔdehyeɛ ba no renni adeɛ.

31 Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma na mmom yɛyɛ ɔdehyeɛ mma.

Categories
Galatifoɔ

Galatifoɔ 5

Mmara si Kristo kwan

1 Adehyedie mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti monnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔnnua ntoatoa mo bio.

2 Hwɛ, me Paulo, mese mo sɛ wɔtwa mo twetia a, Kristo ho remma mfasoɔ biara mma mo.

3 Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, ɛtwa sɛ ɔdi mmara no nyinaa soɔ.

4 Mo a mopɛ sɛ wɔbu mo bem mmara no mu no, wɔatete mo afiri Kristo ho, moafiri adom mu ahwe ase.

5 Na yɛn deɛ, yɛnam honhom so, firi gyidie mu, twɛn tenenee anidasoɔ.

6 Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.

Kasa tiawa a ɛdi akyire

7 Na moretu mmirika no yie; hwan na ɔsii mo kwan sɛ monntie nokorɛ no?

8 Saa adwensakyera yi mfiri deɛ ɔfrɛ mo no.

9 Mmɔreka ketewaa bi na ɛka mmɔre no nyinaa.

10 Me deɛ, m’ani da mo so, wɔ Awurade mu sɛ, morennwene biribi foforɔ biara sɛ me deɛ no; na deɛ ɔhaa mo no, sɛ ɔte sɛn dɛn ara a, ɔbɛnya atemmuo.

11 Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnneɛ na anka asɛnnua no suntidua no nni hɔ bio.

12 Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, wɔadi wɔn ho awu!

Ɔdɔ si ahofadie ho kwan

13 Anuanom, adehyedie mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedie no nyɛ ɔkwan mma honam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho.

14 Na mmara no nyinaa wie pɛyɛ asɛm baako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

15 Na sɛ mokeka na momemene mo ho a, monhwɛ yie na moanni mo ho awu.

Honhom ne onipa su

16 Na mese: Monnante honhom mu na monnni honam akɔnnɔ akyi.

17 Na honam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia honam, na nnoɔma mmienu yi nhyia, na ɛsi mo deɛ mopɛ sɛ moyɛ ho kwan.

18 Na sɛ honhom de mo nam a, na monni mmara ase.

Deɛ ɛfiri onipa su mu ba

19 Na honam nnwuma no da adi pefee, ɛne adwamammɔ, efi, ahohwie,

20 abosonsom, adutoɔ, ɔtane, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, aperepereɛ, kunsunkunsum, mpaepaemu,

21 nitan, nsaborɔ, agobɔne ne deɛ ɛtete saa; yeinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛdeɛ mebɔɔ mo kɔkɔ kane no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi rennya Nyankopɔn ahennie no.

Honhom aba

22 Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,

23 ɔdwoɔ ne anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.

24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.

25 Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnante honhom mu nso.

26 Mommma yɛmpɛ animuonyam hunu nnyiyi yɛn ho abufuo, nntentane yɛn ho.

Categories
Galatifoɔ

Galatifoɔ 6

Ɛsɛ sɛ wɔyi ayamhyehyeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔahwe aseɛ

1 Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ.

2 Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.

3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho.

4 Na ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ, ɛno na ɔbɛnya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.

5 Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.

6 Ma deɛ wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.

Asetena mu aba

7 Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wɔnsi no atwetweɛ; ɛfiri sɛ deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa.

8 Deɛ ɔgu ma ne honam no, firi honam mu bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔgu ma honhom no firi honhom mu bɛtwa daa nkwa.

9 Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.

10 Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.

Awieeɛ

11 Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede me ara me nsa matwerɛ merebrɛ mo yi.

12 Dodoɔ a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia.

13 Na wɔn a wɔatwa twetia no mpo nni mmara no so, na mmom wɔpɛ sɛ motwa twetia, na wɔahoahoa wɔn ho mo honam mu.

14 Na me deɛ, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua mu ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua mu ama wiase.

15 Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ.

16 Na dodoɔ a wɔnam saa kwan yi soɔ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so.

17 Na ɛfiri nnɛ, mommma obiara nnha me; na meso Awurade Yesu akam wɔ me nipadua mu.

Nkradie

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom, anuanom. Amen.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 1

Nkyea

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafoɔ ne onua Timoteo de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu.

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Awerɛkyekyerɛ ne ɔgyeɛ so aseda

3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn

4 a, ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so, akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.

5 Na sɛdeɛ Kristo amanehunu a ɛso pa ara ba yɛn soɔ no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekyerɛ nam Kristo so boro soɔ.

6 Na sɛ wɔteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ne nkwagyeɛ ma mo, na sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ma mo; ɛno na ɛdi dwuma boasetɔ mu amaneɛ a yɛn nso yɛhunu no ara mu.

7 Na mo ho anidasoɔ a yɛwɔ no mu yɛ den, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ sɛdeɛ mohunu amaneɛ no bi no, saa ara nso na monya awerɛkyekyerɛ no bie.

8 Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ wuo.

9 Na yɛn ara yɛhunuu no yɛn mu sɛ yɛbɛwu, enti yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho too Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ no so.

10 Deɛ ɔyii yɛn firii saa owuo kɛseɛ yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛyi yɛn bio.

11 Mo nso monkoto nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛdeɛ a wɔnam nnipa pii nkotosrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn.

Paulo ahohoahoa

12 Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.

13 Na yɛntwerɛ biribiara mmrɛ mo, gye deɛ mobɛtumi akenkan na moate aseɛ; na m’ani da so sɛ mobɛte aseɛ awie,

14 sɛdeɛ mo nso moate yɛn aseɛ fa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛdeɛ mo nso moyɛ yɛn deɛ, yɛn Awurade Yesu da no.

Deɛ enti Paulo tu ne nsra hyɛ da

15 Na saa ahotosoɔ yi mu na mebɔɔ me tirim kane no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔho,

16 na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masane mafiri Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea.

17 Enti mebɔɔ me tirim saa no, medii adwenharesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔeɛ no, mebɔɔ no honam fam, na m’asɛm ayɛ aane, aane ne dabi, dabi anaa?

18 Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ aane ne dabi.

19 Na Nyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ aane ne dabi, na aane mmom na ɛwɔ ne mu.

20 Ɛfiri sɛ, Nyankopɔn bɔ dodoɔ a ɔhyɛeɛ no, ɔno mu na aane no wɔ, na ne mu nso na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

21 Na deɛ ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Onyankopɔn;

22 ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ dwaha ama yɛn wɔ yɛn akoma mu.

23 Na me deɛ, mefrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni me kra adanseɛ sɛ, mempɛ sɛ mebɛho mo werɛ nti na mamma Korinto bio no.

24 Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidie ho, na mmom yɛyɛ mo anigyeɛ ho yɔnko adwumayɛfoɔ; ɛfiri sɛ gyidie na mode gyina hɔ.