Categories
Ɛster

Ɛster 4

Mordekai Pɛ Ɛster Mmoa

1 Ɛberɛ a Mordekai hunuu asɛm a asi no, ɔtetee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, de nsõ huraa ne ho, de agyaadwoɔ denden faa kuropɔn no mu.

2 Ɔgyinaa ahemfie no ɛpono akyi, ɛfiri sɛ wɔmma obi a ɔhyɛ ayitadeɛ no nkɔ mu.

3 Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho.

4 Ɛberɛ a ɔhemmaa Ɛster mmaawa ne nʼapiafoɔ bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaa no yie. Ɔbrɛɛ no ntadeɛ sɛ ɔmfa nsi ayitadeɛ no anan nanso, ɔpoeɛ.

5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene apiafoɔ no mu baako a wɔayi no sɛ ne ɔsomfoɔ. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkɔbisa no deɛ ɛreha no, ne deɛ enti a ɔretwa agyaadwoɔ saa.

6 Enti, Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ adwaberem a ɛwɔ ahemfie no ɛpono ano.

7 Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛgu adehyeɛ fotoɔ no mu, nam so de atɔre Yudafoɔ no ase.

8 Mordekai de mmara no sɛso a wɔyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wɔnkum Yudafoɔ nyinaa no baeɛ, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsane frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔborɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfoɔ.

9 Enti, Hatak sane kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no.

10 Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsane mfa nkra nkɔma Mordekai sɛ,

11 “Ewiase nyinaa nim sɛ, obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasɛnnipiamu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owuo na wobɛwuo gye sɛ, ɔde ne sika ahempoma no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ bosome nie no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.”

12 Enti, Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.

13 Mordekai nso de saa mmuaeɛ yi maa Ɛster sɛ, “Ɛnsusu da biara da sɛ, sɛ wɔkunkum Yudafoɔ no nyinaa a, wobɛnya wo tiri adidi mu wɔ ahemfie hɔ.

14 Na sɛ woyɛ komm wɔ ɛberɛ a ɛte sei mu a, Yudafoɔ no gyeɛ bɛtumi afiri baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafoɔ bɛwuwu. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi enti na wɔasi wo hemaa wɔ ahemfie.”

15 Na Ɛster de mmuaeɛ yi kɔmaa Mordekai sɛ,

16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwom sɛ, ɛtia mmara deɛ, nanso, mɛkɔ akɔhunu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mɛwu koraa a, mɛwu.”

17 Enti, Mordekai kɔyɛɛ sɛdeɛ Ɛster ka kyerɛɛ no no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/4-ad27b2ccf398c7cd1d46994773bd72d7.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 5

Ɛster Adesrɛ

1 Nnansa akyi, Ɛster hyɛɛ nʼahemmaa atadeɛ kɔɔ ahemfie no adihɔ hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa. Na ɔhene no te nʼahennwa so a nʼani kyerɛ abɔntene kwan ano.

2 Ɛberɛ a ɔhunuu Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔgyina adihɔ hɔ no, ɔgyee no fɛ so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempoma no kyerɛɛ ne so. Enti, Ɛster bɛneeɛ, kɔsɔɔ poma no ti.

3 Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”

4 Na Ɛster buaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhene kɛseɛ, wo ne Haman mmra apontoɔ a masiesie ama wo ɛnnɛ no.”

5 Ɔhene no danee ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monka nkyerɛ Haman sɛ, ɔmmra apontoɔ no ase seesei ara, sɛdeɛ Ɛster abisa no.”

Enti, ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster apontoɔ no.

6 Na ɛberɛ a wɔgu so renom nsã no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster sɛ, “Afei, ka deɛ wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛdeɛ yɛ ɛdeɛn? Sɛ wobisa mʼahemman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”

7 Ɛster buaa sɛ, “Mʼadesrɛdeɛ a mʼakoma da ho pa ara nie:

8 Sɛ ɔhene kɛseɛ ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase.”

Haman Pɛ Mordekai Owuo

9 Haman firii apontoɔ no ase no, na nʼani agye mmorosoɔ! Nanso, ɔhunuu Mordekai a ɔte ɛpono no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuiɛ.

10 Nanso, Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ efie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho ano,

11 de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin wɔ mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho.

12 Afei, Haman ka kaa ho sɛ, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmaa Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼapontoɔ ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena.”

13 Afei, ɔtoaa so sɛ, “Nanso, sɛ mehunu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfie ɛpono ano a, yeinom nyinaa nka hwee.”

14 Enti, Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa adwene sɛ, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no sɛ, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigyeɛ ne ɔhene no bɛkɔ apontoɔ no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yie, maa ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/5-d1141a7dfafdd639201de989c866fde4.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 6

Ɔhene Bɔ Mordekai Aba So

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, enti ɔmaa ɔsomfoɔ bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa baeɛ sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no.

2 Ɔhunuu sɛdeɛ Mordekai kɔdaa atirisopam bi adi, deɛ Bigtana ne Teres a na wɔyɛ apiafoɔ baanu a na wɔwɛn ɔhene no apono ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpamm ɔhene no tiri so sɛ wɔbɛkum no.

3 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn akatua anaa nkaeɛ adeɛ bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ yei ho?” Asomfoɔ no buaa sɛ, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.”

4 Ɔhene no bisaa sɛ, “Hwan na ɔhyɛ akyire hɔ adihɔ hɔ no?” Ɛbaa sɛ, na afei na Haman abɛduru ahemfie adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.

5 Nʼasomfoɔ no buaa ɔhene no sɛ, “Haman na ɔhyɛ hɔ.”

Ɔhene no kaa sɛ, “Momfa no mmra mu.”

6 Enti, Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokorɛm, ɔsɔ mʼani no animuonyam?”

Haman bisaa ne ho sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no animuonyam sene me?”

7 Enti, ɔbuaa sɛ, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi animuonyam a,

8 ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentadeɛ mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehyeɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɔ ne moma so ba.

9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a ɔdi mu yie, na ɔmfa ahentadeɛ nhyɛ no, na ɔnni nʼanim mfa no mmra adwaberem hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum sɛ, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no!’ ”

10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ɛyɛ koraa! Ka wo ho kɔfa ahentadeɛ no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛdeɛ wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfie ɛpono ano no. Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”

11 Enti, Haman faa ahentadeɛ no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kuro no adwaberem hɔ a na ɔpae di nʼanim sɛ, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no.”

12 Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie hɔ ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano yɛ den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie.

13 Ɛberɛ a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amaneɛ no, wɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Mordekai a ɔguu wʼanim ase yi yɛ Yudani enti, nhyehyɛeɛ biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yie. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.”

14 Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, ɔhene apiafoɔ no baeɛ sɛ, wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster apontoɔ a wasiesie no ase.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/6-aa7829aede385cece411fdf927774adf.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 7

Wɔkum Haman

1 Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no.

2 Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”

3 Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn.

4 Ɛfiri sɛ, wɔatɔn me ne me manfoɔ ama nnipa a wɔbɛkunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, ɛfiri sɛ, ɛno deɛ, ɛyɛ asɛm kumaa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”

5 Ɔhene Ahasweros bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛyɛ saa? Na hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka wo?”

6 Ɛster buaa sɛ, “Saa omumuyɛfoɔ ne ɔtamfoɔ yi ne animguaseni Haman.”

Ehu maa Haman too hoa wɔ ɔhene ne ɔhemmaa no anim.

7 Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ nʼawieeɛ aduru.

8 Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu hɔ baeɛ.

Ɔhene no bobɔɔ mu sɛ, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi wɔ ahemfie ha, wɔ mʼani so ha nso?”

Ɔhene no kasa wieeɛ ara pɛ, nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawieeɛ aduru.

9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.”

Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.”

10 Enti, wɔsɛnee Haman wɔ dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/7-d92686e6825d327850da85a3e75e6f3e.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 8

Mmara Foforɔ Boa Yudafoɔ

1 Ɛda no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no agyapadeɛ maa Ɔhemmaa Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, ɛfiri sɛ, na Ɛster akyerɛ sɛdeɛ ɔne no bɔ abusua.

2 Ɔhene no worɔɔ kawa a ɔgye firii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapadeɛ so.

3 Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no sɛ, Haman atirisopam a ɔpam de tiaa Yudafoɔ no, wɔmma wɔnnyae.

4 Bio, ɔhene no sɔɔ sika ahempoma no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti, ɔsɔre gyinaa nʼanim

5 kaa sɛ, “Sɛ mesɔ Ɔhenkɛseɛ ani na sɛ ɔdwene sɛ ɛyɛ a, hyɛ mmara a ɛtia sɛeɛ a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu.

6 Na mɛyɛ dɛn matena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfoɔ ne mʼabusuafoɔ, asɛe wɔn?”

7 Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ɛster ne Yudani Mordekai sɛ, “Mede Haman agyapadeɛ ama Ɛster, na wɔasɛn no dua so, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ.

8 Afei, kɔ so fa ɔhene din to nkra kɔma Yudafoɔ, ka deɛ wopɛ biara kyerɛ wɔn, na fa ɔhene kawa no sɔ ano. Nanso, kae sɛ, biribiara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ne kawa asɔ ano no, wɔnnane ani.”

9 Enti, Siwan bosome (bɛyɛ Ayɛwohomumu) da a ɛtɔ so aduonu enum no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔtwerɛɛ mmara kɔmaa Yudafoɔ ne mmapɔmma, amradofoɔ ne mpasua no mu adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson no mu, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Wɔtwerɛɛ mmara no wɔ kasa hodoɔ a nnipa no ka no ahemman no mu, a Yudafoɔ no ka ho.

10 Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene no kawa sɔɔ ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfoɔ ahoɔherɛfoɔ a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no som no so.

11 Ɔhene no mmara no maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ, ɔman anaa ɔmantam biara a ɛbɛtu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ, wɔkunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fo wɔn atamfoɔ no agyapadeɛ.

12 Ɛda pɔtee a wɔtu sii hɔ maa adeyɛ yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson wɔ afe a na wɔrebɛsim no mu.

13 Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfoɔ nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafoɔ no bɛsiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfoɔ so were.

14 Ɔhene asɛm no enti, abɔfoɔ no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara korɔ no ara bi wɔ Susa aban no mu.

15 Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa.

16 Anigyeɛ ne ahosɛpɛ hyɛɛ Yudafoɔ no ma ma, na wɔhyɛɛ wɔn animuonyam wɔ baabiara.

17 Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no duruiɛ no, Yudafoɔ no sɛpɛɛ wɔn ho, hyɛɛ fa kɛseɛ na wɔdii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ, na wɔsuro deɛ Yudafoɔ no bɛyɛ wɔn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/8-b623195f84d67f15e372d79f85a39469.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 9

Yudafoɔ Nkonimdie

1 Na Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, wɔde ɔhene no mmara mmienu no yɛɛ adwuma. Saa ɛda no, na Yudafoɔ no atamfoɔ no ani da so sɛ, wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani daneeɛ.

2 Yudafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban, de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛha wɔn. Nanso, obiara antumi ansɔre antia wɔn, ɛfiri sɛ, na obiara suro wɔn.

3 Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no.

4 Ɛfiri sɛ na wama Mordekai panin wɔ ahemfie hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa so wɔ ɛberɛ a na ne tumi nso rekɔ soro.

5 Na da a wɔahyɛ no, Yudafoɔ no kunkumm wɔn atamfoɔ, sɛee wɔn wɔ akofena ano. Wɔkunkumm wɔn atamfoɔ, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no deɛ wɔpɛ biara.

6 Wɔkunkumm nnipa ahanum wɔ Susa aban no mu.

7 Afei, wɔkumm Parsandata, Dalfon ne Aspata,

8 Porata, Adalia, Aridata,

9 Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata

10 a wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no mmammarima edu no. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara.

11 Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no amaneɛ a ɛfa nnipa dodoɔ a wɔkumm wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummerɛ no,

12 ɔmaa wɔfrɛɛ Ɔhemmaa Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ no akunkum nnipa ahanum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmammarima edu. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha deɛ a, ɛnneɛ asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, ɛdeɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo. Ka kyerɛ me na mɛyɛ.”

13 Na Ɛster kaa sɛ, “Ɔhenkɛseɛ, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ deɛ wɔyɛɛ no ɛnnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmammarima edu no amu nsensɛn dua no so.”

14 Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuro wɔ Susa. Wɔsane de Haman mmammarima edu no amu sensɛnee dua no so.

15 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na wɔsane kunkumm nnipa ahasa, na bio, wɔamfa asadeɛ biara.

16 Saa ɛberɛ no mu, na Yudafoɔ nkaeɛ no a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa no aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔkumm wɔn atamfoɔ no ɔpeduɔson enum, nam so nyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara.

17 Amantam no nyinaa mu, saa ara na wɔyɛɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson no. Adeɛ kyeeɛ no, wɔhomeeɛ, didiiɛ, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdie no ho.

18 Nanso, Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no toaa so kunkumm wɔn atamfoɔ no da a ɛtɔ so mmienu no nso, na wɔhomee ne nnansa so didiiɛ, gyee wɔn ani.

19 Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yudafoɔ a wɔtete nkuraa a wɔntwaa afasuo mfaa ho no di saa afirinhyia dapɔnna yi. Wɔdi afoofi saa awɔberɛ da yi mu, sɛpɛ wɔn ho, de akyɛdeɛ mema wɔn ho wɔn ho.

Purim Afahyɛ

20 Mordekai twerɛɛ saa nsɛm a ɛsisiiɛ yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmemaa Yudafoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu,

21 hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔnni afirinhyia afahyɛ yi wɔ saa nnanu no mu.

22 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no.

23 Enti, Yudafoɔ no faa Mordekai adwenkyerɛ no, hyɛɛ afirinhyia amanneɛ no ase.

24 Na Hamedata, a ɔfiri Agag babarima Haman, a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no pamm sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔbosome a ɔnam ntontobɔ so nyaeɛ no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim).

25 Nanso, Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne tiri so, na wɔsɛnee no ne mmammarima wɔ dua no so.

26 (Ɛno enti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ tete kasa a asekyerɛ ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahunu a wɔanya enti,

27 Yudafoɔ a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanneɛ no ho fa, na wɔama wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafoɔ no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no afe biara mu no, wɔremma ɛmmpa wɔn tiri so da.

28 Wɔbɛkae saa nna yi, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafoɔ mu, na nsɛm a ɛsiiɛ no nso wɔn asefoɔ werɛ remfiri da.

29 Na Ɔhemmaa Ɛster, Abihail babaa no ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa foforɔ a wɔde ɔhemmaa no tumi kɛseɛ foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den.

30 Ɛno akyi, wɔsoma maa wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoeɛ ne banbɔ aba, kɔɔ Yudafoɔ a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu nson no a ɛwɔ Ahasweros ahemman no nyinaa so.

31 Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirinhyiadeɛ a wɔdi no ɛnnɛ yi ara no tim. Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛdeɛ wɔasi no gyinaeɛ ama wɔn ho ne wɔn asefoɔ de ama mmuadadie ne agyaadwotwa mmerɛ atim no.)

32 Enti Ɛster ɔhyɛ no sii Purim ho nhyɛhyɛɛ so dua, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa guu nkrataa mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/9-0aae0d7c98814a821f7fcde430292106.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 10

Ahasweros Ne Mordekai Kɛseyɛ

1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho.

2 Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛɛ ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa no nyinaa no, wɔatwerɛ wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu.

3 Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔman panin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa deɛ akyi. Na ɔdi mu wɔ Yudafoɔ no mu. Na wɔbu no yie, ɛfiri sɛ, na ne nkurɔfoɔ yiedie yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfie hɔfoɔ nyinaa tenaa yie.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/10-689108fcfeb47928f875ed9a42aa357f.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛsra

Ɛsra Nnianimu

Nnianimu

Na Ɛsra yɛ ɔsɔfoɔ, mmara mu ɔkyerɛkyerɛfoɔ ne ɔkannifoɔ kɛseɛ. Ne din no asekyerɛ ne “Mmoa”, na ɔde nʼasetena nyinaa somm Onyankopɔn ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Sɛnnahɔ kyerɛ mu sɛ Ɛsra na ɔtwerɛɛ Berɛsosɛm a Ɛdi Ɛkan ne deɛ Ɛtɔ so Mmienu no. Ɔno ara nso na ɔtwerɛɛ Ɛsra, Nehemia ne Nnwom 119.

Ɛsra nwoma no yɛ Berɛsosɛm nwoma no ntoasoɔ a ɛka Yudafoɔ nnommumfoɔ no binom a wɔfiri Babilonia baeɛ no ho asɛm. Ɛka Yerusalem asetena ne ɔsom a wɔsane hyɛɛ aseɛ foforɔ ho asɛm nso.

Emu Nsɛm

Serubabel Di Nnommumfoɔ Anim Ba Yerusalem (

1.1–6.19

)

Ɛsra Di Nnommumfoɔ Anim Ba Yerusalem (

7.1–10.44

)

Categories
Ɛsra

Ɛsra 1

Yuda Nnommumfoɔ Sane Ba Yerusalem

1 Na Persiahene Kores afe a ɛdi ɛkan no mu no, Awurade kaa Kores akoma maa ɔtwerɛɛ saa dawurobɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman yi nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.

2 Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie:

Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ, mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.

3 Mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsane nkɔsi saa Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Onyankopɔn bɛka mo ho.

4 Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafoɔ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantuo nneɛma, nyɛmmoa ne akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantuo no.

5 Na Onyankopɔn kaa Lewifoɔ, Yuda ne Benyamin mmusuakuo ntuanofoɔ akoma sɛ, wɔnsane mmra Yerusalem mmɛsiesie Awurade asɔredan no.

6 Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho.

7 Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenneɛ a ɔhene Nebukadnessar tase firii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no baeɛ.

8 Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa.

9 Yeinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛeɛ:

sikakɔkɔɔ nsiaseɛ 30
dwetɛ nsiaseɛ 1,000
dwetɛ ɔhyeɛsɛn 29
10 sikakɔkɔɔ atam 30
dwetɛ atam 410
nneɛma a ɛkeka ho 1,000

11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem wɔ ɛberɛ a wɔn a wɔtwaa wɔn asuo firi Babilonia baa hɔ no dodoɔ yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem enum ne ahanan (5,400).

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EZR/1-64705df138d36464e2cc1d2cdcc7b524.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛsra

Ɛsra 2

1 Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

2 Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:

3 Dodoɔ a wɔyɛ
Paros abusuafoɔ 2,172
4 Sefatia abusuafoɔ 372
5 Arah abusuafoɔ 775
6 Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812
7 Elam abusuafoɔ 1,254
8 Satu abusuafoɔ 945
9 Sakai abusuafoɔ 760
10 Bani abusuafoɔ 642
11 Bebai abusuafoɔ 623
12 Asgad abusuafoɔ 1,222
13 Adonikam abusuafoɔ 666
14 Bigwai abusuafoɔ 2,056
15 Adin abusuafoɔ 454
16 Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98
17 Besai abusuafoɔ 323
18 Yora abusuafoɔ 112
19 Hasum abusuafoɔ 223
20 Gibar abusuafoɔ 95
21 Betlehemfoɔ 123
22 Netofafoɔ 56
23 Anatotfoɔ 128
24 Asmawetfoɔ 42
25 Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743
26 Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621
27 Mikmasfoɔ 122
28 Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223
29 Nebo ɔman mma 52
30 Magbis ɔman 156
31 Elam ɔman mma 1,254
32 Harim ɔman mma 320
33 Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725
34 Yeriko ɔman mma 345
35 Senaa ɔman mma 3,630

36 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973
37 Imer abusuafoɔ 1,052
38 Pashur abusuafoɔ 1,247
39 Harim abusuafoɔ 1,017

40 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74

41 Nnwontofoɔ:

Asafabusuafoɔ 128

42 Aponoanohwɛfoɔ:

Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ
Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139

43 Asɔredan asomfoɔ:

Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
44 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
45 Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,
46 Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,
47 Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,
48 Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,
49 Usa, Paseah, Besai asefoɔ,
50 Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,
51 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
52 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
53 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
54 Nesia ne Hatifa.

55 Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:

Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,
56 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
57 Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58 Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392

59 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.

Saa nnipakuo yi ne:

60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652

61 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:

Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)

62 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.

63 Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

64 Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360),

65 a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa.

66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245),

67 nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.

68 Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.

69 Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.

70 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EZR/2-f39e43a15adc2d43fa43d5e81966202c.mp3?version_id=2094—