Categories
Yakobo

Yakobo 2

Nyiyimu ho kɔkɔbɔ

1 Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra.

2 Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ,

3 na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na moka sɛ: Wo deɛ, tena deɛ ɛyɛ ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo deɛ, gyina nohoa anaasɛ tena me nan ase adwa ho ha! a,

4 ɛno ɛnyɛ paeɛ na mopaepae mo mu, na moayɛ adwemmɔne atemmufoɔ?

5 Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?

6 Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?

7 Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne?

8 Enti sɛ mohyɛ adehyeɛ mmara no ma, sɛdeɛ atwerɛ no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, no a, moyɛ no yie.

9 Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo atɛn sɛ mmaratofoɔ.

10 Na deɛ ɔbɛdi mmara no soɔ na ɔbɛto baako mpo no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.

11 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.

12 Monka saa na monyɛ saa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedie mmara no so rebɛbu wɔn atɛn no.

13 Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.

Gyidie ne nnwuma

14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie, nanso ɔnni nnwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Gyidie bɛtumi agye no anaa?

15 Na sɛ onuabarima anaa onuabaa da adagya, na daa aduane abɔ wɔn,

16 na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ, mo ho nyɛ mo hye na mommee, nanso moamma wɔn deɛ ɛhia honam a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu?

17 Sɛ gyidie nso teɛ ne no. Sɛ ɛnni nnwuma a, na awu wɔ ne nko ara fam.

18 Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.

19 Wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ baako. Woyɛ no yie; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.

20 Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wɔkyerɛ wo sɛ gyidie a adwuma nni ho awu anaa?

21 Ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔrebukyia soɔ no?

22 Woahunu sɛ ne gyidie ne ne nnwuma na ɛyɛɛ adeɛ, na ɛfiri nnwuma no mu na gyidie no wiee pɛyɛ,

23 na atwerɛ a ɛse: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wɔbuu ɛno tenenee maa no, na wɔfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo no baa mu.

24 Mohunu sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbu onipa bem, na ɛmfiri gyidie nko ara mu.

25 Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu odwamamfoɔ Rahab bem, sɛ ɔgyee abɔfoɔ no na ɔmaa wɔfaa kwan foforɔ so kɔeɛ no anaa?

26 Na sɛdeɛ nipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nnwuma nni mu awuo.

Categories
Yakobo

Yakobo 3

Ɔkasa mu ahosohwɛ

1 Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom.

2 Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.

3 Yɛde nnareka to apɔnkɔ ano mu sɛ wɔntie yɛn, na yɛdanedane wɔn kɔ faako a yɛpɛ.

4 Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.

5 Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!

6 Na tɛkyerɛma nso yɛ ogya. Tɛkyerɛma yɛ wiase bi wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ deɛ ɛntene. Ɛde nkekaeɛ keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimiiɛ a ɛtwa ne ho firi awoɔ mu no, na ɛfiri amanehunu kuro no mu na wɔasɔ ano.

7 Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwodwo wɔn, na wɔadwodwo wɔn.

8 Na tɛkyerɛma deɛ, onipa biara ntumi nnwodwo no, ɛyɛ adebɔne a ɛyɛ werɛmfoɔ a awuduro ayɛ no ma.

9 Ɛno na yɛde hyira Awurade ne Agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Nyankopɔn suban soɔ.

10 Ano korɔ no ara mu na nhyira ne nnome fire. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ yeinom ba saa!

11 Asutire bi firi nsu dɛdɛ ne nwononwono wɔ ani korɔ mu anaa?

12 Me nuanom, borɔdɔma bɛtumi aso ngo dua aba anaa? Anaasɛ obobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara nso na asutire nkyenenkyene rentumi mma nsu pa.

Nyansa ahodoɔ mmienu

13 Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.

14 Na sɛ mowɔ nitanmmɔne ne mansotwe mo akoma mu a, ɛnneɛ monnhoahoa mo ho, na monnni atorɔ nntia nokorɛ.

15 Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne deɛ.

16 Na deɛ nitan ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛɛ bɔne nyinaa wɔ.

17 Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom.

18 Na wɔgu tenenee aba asomdwoeɛ mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoeɛ adeɛ.

Categories
Yakobo

Yakobo 4

Wiase adamfofa

1 Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?

2 Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa.

3 Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.

4 Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.

5 Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?

6 Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se:

Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

7 Enti momfa mo ho nhyɛ Nyankopɔn ase. Mommɔ mo ho mmɔden nsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo nkyɛn.

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!

9 Monni abooboo, na mo werɛ nho, na monsu! Mo sereɛ nnane awerɛhoɔ, na mo anigyeɛ nnane anatoɔ!

10 Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.

Wɔbara bu a wɔbu afoforɔ atɛn

11 Anuanom, monnnidi mo ho nsekuro! Deɛ ɔdi onua ho nsekuro na ɔbu ne nua atɛn no, ɔdi mmara ho nsekuro na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfoɔ, na mmom woyɛ ne temmufoɔ.

12 Ɔbaako ne mmarahyɛfoɔ ne ɔtemmufoɔ, ɔno ne deɛ ɔbɛtumi agyeɛ na wasɛeɛ. Na hwan ne wo a wobu obi atɛn?

Ɔkyena a wɔde hoahoa wɔn ho

13 Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kuro yi mu akɔdi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfasoɔ.

14 Nanso monnim deɛ ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne deɛn? Ɛfiri sɛ moyɛ huhuro a ɛyi ne ho kakra, na afei ɛyera.

15 Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka sɛ: Sɛ Awurade pɛ na yɛnya nkwa a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.

16 Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.

17 Enti deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Categories
Yakobo

Yakobo 5

Wiase adefoɔ ho kɔkɔbɔ

1 Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena!

2 Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ.

3 Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen, na ɛho nnaakyen no bɛdi mo adanseɛ, na ɛbɛdi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ, nna a ɛdi akyire mu.

4 Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.

5 Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwie, na moayɛne mo akoma sɛ okum da.

6 Moabu deɛ ɔtene no fɔ akum no; ɔnsi mo kwan.

Abodwokyɛre wɔ amanehunu mu

7 Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.

8 Mo nso, monnya abodwokyɛre, monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ da a Awurade bɛba no abɛn.

9 Anuanom, monngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono ano.

10 Anuanom, momfa adiyifoɔ a wɔkasaa Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre nhwɛsoɔ.

11 Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.

12 Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.

Gyidie mpaebɔ

13 Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.

14 Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ, na wɔmmɛbɔ ne so mpaeɛ, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.

15 Na gyidie mpaebɔ bɛgye ɔyarefoɔ no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bɛkyɛ no.

16 Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.

17 Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpaeɛ denden sɛ osuo nntɔ. Na osuo antɔ asase so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia.

18 Na ɔbɔɔ mpaeɛ bio, na osuo tɔɔeɛ, na asase soo n’aba.

19 Me nuanom, sɛ mo mu bi fom firi nokorɛ ho na obi dane no a,

20 ma no nhunu sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛni firi ne mfomsoɔ kwan soɔ no, bɛgye ne kra afiri owuo mu, na wakata bɔne pii so.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 1

Onyankopɔn nam Kristo so kasa

1 Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,

2 nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.

3 Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,

4 na wakyɛne abɔfoɔ no mmoroso, sɛdeɛ ne din kunini a wanya no kyɛne wɔn deɛ no.

Kristo yɛ Nyankopɔn ba, na abɔfoɔ yɛ n’asomfoɔ

5 Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ:

Me ba ne wo,

me na mawo wo nnɛ,

na bio:

Mɛyɛ no Agya,

na ɔno nso ayɛ me ɔba?

6 Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse:

Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!

7 Na abɔfoɔ no ho deɛ, ɔse:

Ɔyɛ n’abɔfoɔ mframa

ne n’asomfoɔ, ogyaframa,

8 na ɔba no ho deɛ, ɔse:

Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem,

w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.

9 Wodɔ tenenee, na wokyiri amumuyɛ

enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,

de ahosan ngo asra woɔ asene wo mfɛfoɔ.

10 Na:

Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem,

na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.

11 Yeinom bɛsɛe, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ ara,

na ne nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

12 na wobɛbobɔ wɔn sɛ firatam,

na wɔasakyera wɔn sɛ atadeɛ.

Na wo deɛ, wote sɛ deɛ wote ara,

na wo mfeɛ renhi da.

13 Na abɔfoɔ no mu hwan ho na waka pɛn sɛ:

Tena me nifa so

kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ?

14 Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 2

Nkwagyeɛ kɛseɛ no

1 Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi.

2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a,

3 yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,

4 na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.

Yesu nam owuo mu kɔ animuonyam mu

5 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ ase na ɔde wiase a ɛreba a yɛka ho asɛm no ahyɛ.

6 Na obi di adanseɛ baabi sɛ:

Ɔdasani ne hwan a wokae no,

anaasɛ onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho?

7 Woama no aka kakraa bi na wato abɔfoɔ,

wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire,

[na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,]

8 wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase.

Na sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’aseɛ. Na seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ wɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase.

9 Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.

Ɔnam amanehunu so duru ne pɛyɛ mu

10 Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.

11 Na deɛ ɔte yɛn ho ne wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,

12 sɛ:

Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

asafo mu na mɛto ayeyie dwom mama woɔ.

13 Na bio:

Mede me ho bɛto ne so.

Na bio nso:

Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.

Ɔsɔfo Panin Yesu de ɔno ara ne ho bɔ afɔdeɛ

14 Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,

15 na wagye wɔn a anka owuo ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te aseɛ nyinaa.

16 Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn.

17 Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.

18 Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 3

Kristo sene Mose

1 Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu

2 a ɔdi deɛ ɔde no sii hɔ no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ no.

3 Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ animuonyam bebree sɛ no, sene Mose, te sɛ deɛ ɔsi efie wɔ anidie bebree sene efie no.

4 (Ɛfiri sɛ efie biara, obi na ɔsie, na deɛ ɔyɛɛ nnoɔma nyinaa ne Onyankopɔn.)

Mose yɛ ɔsomfoɔ pa

5 Na Mose deɛ, ɔdii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ, sɛ ɔbɛdi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanseɛ.

6 Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ.

Akyinnyegyeɛ ne asoɔden ho kɔkɔbɔ

7 Enti, sɛdeɛ Honhom Kronkron ka no:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

8 mommpirim mo akoma sɛ atuateɛ no mu,

sɔhwɛ da no wɔ serɛ so hɔ,

9 deɛ mo agyanom gyegyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛeɛ,

na wɔhunuu me nnwuma mfirinhyia aduanan.

10 Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi,

na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu.

Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan;

11 sɛdeɛ mekaa ntam wɔ m’abufuo mu no:

Wɔrenhyɛne me home mu da.

12 Monhwɛ yie, anuanom, na akoma bɔne a ɛnnye nnie amma mo mu biara mu, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ ho.

Nokorɛdie ho hia

13 Na mmom montutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ “ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara akoma.

14 Nanso sɛ deɛ yɛfirii aseɛ de yɛn ho too soɔ no, yɛsɔ mu pintinn kɔsi awieeɛ a, yɛn ne Kristo bɛyɛ baako.

15 Sɛ wɔka sɛ:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

mommpirim mo akoma sɛ ahiyie no mu a,

16 na ɛhefoɔ na wɔteeɛ a wɔtee atua no?

Yudafoɔ abakɔsɛm mu nkyerɛkyerɛ bi

Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so firii Misraim nyinaa no anaa?

17 Na ɛhefoɔ ho na ɛyɛɛ no ahi mfirinhyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu serɛ soɔ no anaa?

18 Na ɛhefoɔ na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛne n’ahome mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no anaa?

19 Na yɛhunu sɛ ɔgyeɛ a wɔannye annie nti, wɔantumi anhyɛn n’ahomegyeɛ no mu.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 4

Ahome a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no

1 Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi.

2 Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu.

3 Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ:

Mekaa ntam m’abufuo mu sɛ:

Wɔrenhyɛne me home mu.

Nanso wɔfiri wiase fapemtoɔ awie nnwuma no dada.

4 Na baabi waka ɛda a ɛtɔ so nson no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson firi ne nnwuma nyinaa mu.

5 Na ɛhanom ɔka bio sɛ: Wɔrenhyɛne me home mu.

6 Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kane no ankɔ mu nti,

7 ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kaa sɛ: “Ɛnnɛ”, ɛkyɛree saa no, ɔkaa sɛdeɛ yɛabɔ din dada no sɛ:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

mommpirim mo akoma!

8 Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.

9 Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.

10 Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.

11 Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.

12 Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.

13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.

Yɛn sɔfo panin Yesu

14 Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden.

15 Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.

16 Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 5

1 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama,

2 sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.

3 Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no.

4 Na obi mfa saa anidie no mma ne ho, gye sɛ deɛ Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no.

5 Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin, na mmom deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ!

6 Sɛdeɛ ɔkaa no baabi nso sɛ:

Woyɛ daa sɔfo,

wɔ Melkisedek kwan so.

7 Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.

8 Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie,

9 na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,

10 a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no ɔsɔfo panin wɔ Melkisedek kwan so.

Akyirisan ho kɔkɔbɔ

11 Ɛno ho na yɛwɔ nsɛm pii a asekyerɛ yɛ den, nanso mo aso asisi.

12 Na ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, ɛhia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ sɛ wɔn a ɛhia wɔn nufosuo, na ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den.

13 Na obiara a ɔnum nufoɔ no nhunuu tenenee asɛm no mu, na ɔyɛ akɔkoaa.

14 Na aduane a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyinia ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hunu papa ne bɔne mu.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 6

1 Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho gyidie

2 ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo anto fapem bio.

3 Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ.

4 Na ɛntumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bie,

5 na wɔaka Nyankopɔn asɛm a ɛyɛ ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden ahodoɔ ahwɛ,

6 na wɔafiri ho ahwe aseɛ no, wɔbɛdane wɔn foforɔ akɔ adwensakyera mu, wɔn a wɔsɛne Nyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguaseɛ mu.

7 Na asase a ɛnom osuo a ɛtaa tɔ gu soɔ na ɛfifiri aduane a ɛyɛ ma wɔn a wɔn nti wɔdɔ no, nya Nyankopɔn hɔ nhyira no bi.

8 Na deɛ ɛfifiri nkasɛɛ ne hwerɛmo no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awieeɛ ne ɔhyeɛ.

9 Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam deɛ, yɛn ani da deɛ ɛyɛ sene saa a ɛbata nkwagyeɛ ho so.

10 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.

11 Na yɛyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmaako mmaako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidasoɔ a akyinnyeɛ nni mu koraa mu de kɔduru awieeɛ,

12 na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ.

Nyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ nokorɛ

13 Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, na ɔnni deɛ ɔso sene no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa ɔno ara ne ho ntam

14 sɛ: Ampa ara, nhyira na mɛhyira woɔ, na dɔre na mɛma woadɔre.

15 Na ɔtoo ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.

16 Ɛfiri sɛ nnipa ka deɛ ɔso sene wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den.

17 Ɛno nti na Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔyi n’atirimusɛm a ɛnsakyera kyerɛ bɔhyɛ no adedifoɔ pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,

18 na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.

19 Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛnteɛ, na ɛtim hɔ a ɛhyɛne mu de kɔsi ntwamutam no mu,

20 deɛ odikanfoɔ bi hyɛnee hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panin.