Categories
Yudit

Yudit 10

Yudit kɔ Holoferne nsraban mu

1 Ɛberɛ a Yudit su kyerɛɛ Israel Nyankopɔn wieeɛ, na ɔwiee saa nsɛm yi ka no,

2 ɔsɔre firii faako a na ɔbutu no. Na ɔfrɛɛ n’abaawa na ɔsane kɔɔ efie a na ɔte mu home nna ne n’afahyɛ nna mu no.

3 Ɔyii ayitoma a na ɛfira no no, na ɔyii ne kunayɛ ntoma no, na ɔde nsuo hohoroo ne ho, na ɔde sradehwam a ne boɔ yɛ den sraa ne ho. Ɔnunuu ne tirim, na ɔde ahemmaakyɛ sii so, na ɔde afahyɛ atadeɛ a na ɔtaa hyɛ ɛberɛ a na ne kunu Manase te aseɛ no hyɛeɛ.

4 Ɔhyɛɛ ne mpaboa, na ɔhyɛɛ ne nan ase nkaa, nkapo, nkaa, aso mu nkaa ne n’ahyehyɛdeɛ nyinaa, na ɛmaa ne ho yɛɛ fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbarima biara a ɔbɛhu no no, n’ani bɛgye ne ho.

5 Ɔde nsa tumpan ne ngo toa maa n’abaawa, na ɔhyɛɛ nkyeweɛ bɔtɔ ma, borɔdɔma a akyenkyen ne paanoo a ɛyɛ kama; na afei ɔkyekyeree ne nnoɔma no nyinaa ho na ɔde maa n’abaawa no soaeɛ.

6 Na wɔfirii adi kɔɔ Betulia kuro pono no ho, na wɔkɔhunuu Ussia sɛ ɔne kurom hɔ mpanimfoɔ, Karis ne Karmis gyina hɔ.

7 Na ɛberɛ a wɔhunuu n’anim nsesaeɛ na wasiesie ne ho sononko no, wɔn ani gyee n’ahoɔfɛ ho, na wɔka kyerɛɛ no sɛ:

8 Yɛn agyanom Nyankopɔn nnom na ɔmma wo nhyehyɛɛ mmra mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel anim bɛba nyam na Yerusalem bɛkorɔn. Na ɔsɔree Onyankopɔn.

9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hyɛ ma wɔmmue kuro pono no mma me, na mɛpue na makɔyɛ nnoɔma a woaka akyerɛ me no. Yei nti wɔhyɛɛ mmeranteɛ no sɛ wɔmmue ɛpono no mma no sɛdeɛ wabisa no.

10 Ɛberɛ a wɔwiee yei no, Yudit firii adi a na n’abaawa ka ne ho. Na mmarima a wɔwɔ kuro no mu hwɛɛ no ara kɔsii sɛ ɔsianee bepɔ no na ɔkɔfaa bɔnhwa no mu, a afei deɛ na wɔanhunu no bio.

Wɔkyere Yudit

11 Na ɛberɛ a wɔnam tee wɔ bɔnhwa no mu no, Asiriafoɔ awɛmfoɔ bi hyiaa no

12 na wɔfaa no kɔsieeɛ. Wɔbisaa no sɛ: Ɔman bɛn mu na wofire, na ɛhe na wofiri reba, na ɛhe na worekorɔ? Ɔbuaa sɛ: Meyɛ Hebrini babaa, nanso meredwane afiri wɔn mu, ɛfiri sɛ wɔde wɔn rebɛhyɛ mo nsa na moasɛe wɔn.

13 Menam kwan so rekɔhwehwɛ Holoferne a ɔyɛ mo asraafoɔ sahene no, na mabɔ no amanneɛ a ɛyɛ nokorɛ; na mɛkyerɛ no ɔkwan a sɛ ɔfa so a ɔbɛtumi akɔfa kokoɔ kuro no, wɔ berɛ ko a ɔnhwere ne mmarima no mu baako, na wɔnkye no anaa wɔnku no.

14 Ɛberɛ a mmarima no tee nsɛm yi no, na wɔhwɛɛ n’anim no, na ɔwɔ ahoɔfɛ nwanwasoɔ bi wɔ wɔn ani so, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ,

15 woagye wo kra nkwa sɛ woatu mmirika aba wo wura nkyɛn. Ka wo ho kɔ ne ntomadan mu; yɛn mu bi bɛdi w’anim de wo akɔhyɛ ne nsa.

16 Sɛ wokɔgyina n’anim a, nsuro wɔ wo koma mu, na mmom ka asɛm a woaka yi ara kyerɛ no, na ɔne wo bɛdi no yie.

17 Wɔyii mmarima ɔha firii wɔn nkurɔfoɔ no mu kaa ɔne n’abaawa no ho, na wɔde wɔn baa Holoferne ntomadan no mu.

18 Anigyeɛ kɛseɛ baa nsraban no mu hɔ nyinaa, ɛberɛ a wɔkekaa wɔ ntomadan mmaako mmaako mu sɛ Yudit aba hɔ no. Wɔn nyinaa bɛtwa hyiaa ne ho ɛberɛ a na ɔda so gyina Holoferne ntomadan akyi retwɛn kɔsi sɛ wɔbɛka ne ho asɛm akyerɛ no no.

19 Na n’ahoɔfɛ no yɛɛ wɔn nwanwa, na deɛ wɔhunuu wɔ ne ho no maa wɔn ani gyee Israelfoɔ no ho. Wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛtumi abu saa nkurɔfoɔ yi animtia, nnipa a wɔwɔ mmaa te sɛɛ wɔ wɔn mu yi? Ɛnsɛ sɛ yɛgyaa wɔn ma wɔn mu baako mpo tena ase, ɛfiri sɛ, sɛ wɔfiri yɛn nsa a, wɔbɛtumi asum wiase nyinaa afidie!

Wɔde Yudit bɛgyina Holoferne anim

20 Ɛnna Holoferne awɛmfoɔ ne n’asomfoɔ nyinaa firi baeɛ na wɔde no kɔɔ ntomadan no mu.

21 Na Holoferne regye n’ahome wɔ mpa a ɛsi apata bi a wɔde deɛ ɛbere dum ne sika, ahabammonoboɔ ne aboɔden aboɔ na anwono.

22 Ɛberɛ a wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no no, ɔfirii adi bɛgyinaa ntomadan no anim, na wɔde dwetɛ nkanea di n’anim.

23 Na ɛberɛ a Yudit bɛduruu Holoferne ne n’asomfoɔ anim no, n’anim fɛfɛɛfɛ no yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. Yudit de n’anim butuu fam de kyeaa no, nanso ne nkoa no pagyaa no gyinaa hɔ.

Categories
Yudit

Yudit 11

1 Ɛnna Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbaa nya akokoɔduro na mmɔ hu wɔ w’akoma mu, ɛfiri sɛ menyɛɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Nebukadnessar, asase nyinaa so hene no bɔne da.

2 Na seesei ara mpo, sɛ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkokoɔ aman no mu amfa m’anim antwitwi fam a, ɛnneɛ anka mantwe me pea antia wɔn. Wɔn ara na wɔatwetwe yeinom nyinaa ama wɔn ho.

3 Na afei ka kyerɛ me deɛ nti a woadwane afiri wɔn mu na woaba yɛn nkyɛn ha yi. Na sɛdeɛ ɛte biara, biribiara renyɛ wo. Nya akokoɔduro! Wobɛtena ase anadwo yi ne nna a ɛdi akyire nyinaa.

4 Obiara mpira wo. Na mmom wɔn nyinaa ne wo bɛdi no yie, sɛdeɛ wode yɛ me wura Nebukadnessar asomfoɔ no.

Yudit kyerɛ sɛnti a ɔwɔ hɔ

5 Na Yudit buaa no sɛ: Gye w’afenaa asɛm to mu, na ma w’abaawa nkasa wɔ w’anim, na merentwa atorɔ biribiara ho nkyerɛ me wura anadwo yi.

6 Na sɛ wodi w’afenaa asɛm so a, ɛnneɛ Onyankopɔn nam wo so bɛdi dwuma bi, na ɛmma sɛ me wura nsa renka ne botaeɛ.

7 Na sɛ Nebukadnessar, asase nyinaa so hene te aseɛ yi, ne deɛ ɔwɔ tumi a wasoma wo sɛ kyerɛ akra nyinaa kwan no; ɛnyɛ nnipa nko na wo nti wɔsom no, na mmom nwira mu mmoa ne anantwie ne ewiem nnomaa bɛtena ase, ɛsiane wo tumi a ɛhyɛ Nebukadnessar ne ne fie aseɛ no nti.

8 Na yɛate wo nyansa ne wo mmɔdemmɔ nka, na wɔka no wiase nyinaa mu sɛ wo nkutoo ne onipa papa wɔ ahennie no nyinaa mu, deɛ ɔnim de ne deɛ ne ho yɛ nwanwa wɔ akodie mu.

9 Afei ɛfa Akior asɛm a ɔkaeɛ wɔ wo badwam no deɛ, yɛatie ne nsɛm no, na nnipa a wɔwɔ Betulia no de ne ho kyɛɛ no, na ɔkaa nsɛm a na waka akyerɛ wo no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

10 Yei nti, me wura ne me panin, mmu nsɛm a ɔkaeɛ no nsɛnhunu, na mmom fa sie w’adwene mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ nokorɛ. Ampa ara, wɔrentumi ntwe yɛn man aso, anaasɛ, nkrantɛ ntumi nni yɛn so gye sɛ wɔyɛ bɔne tia wɔn Nyankopɔn.

11 Na afei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔnni me wura so nkonim na ne botaeɛ nyɛ kwa no, owuo bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ bɔne adi wɔn so a ɛnam so ahyɛ wɔn Nyankopɔn abufuo, berɛ a wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ no.

12 Ɛnam sɛ wɔnya aduane nnie na aka kakra na wɔn nsuo asa nti, wɔayɛ nhyehyɛɛ sɛ wɔbɛkum wɔn anantwie, na wɔawe ataa so sɛ wɔbɛdi deɛ Onyankopɔn mmara si wɔn kwan sɛ wɔnnie no nyinaa.

13 Wɔasi agyinaeɛ sɛ wɔbɛdi aburoo aba a ɛdi kan ne nsa ne ngo so ntotosoɔ du du, a wɔayi asi hɔ ama asɔfoɔ a wɔsom Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem no — nnoɔma a mmara no mma ho kwan mma nnipa no mfa wɔn nsa nka mpo no.

14 Na ɛsiane sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no reyɛ yei nti, wɔasoma abɔfoɔ akɔ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛsrɛ kwan afiri mpanimfoɔ badwa no hɔ.

15 Sɛ wɔn nsa ka mmuaeɛ no na wɔyɛ saa pɛ a, ɛda no ara wɔde wɔn bɛhyɛ wo nsa na woasɛe wɔn.

16 Saa nti, ɛberɛ a me, w’afenaa metee yeinom nyinaa no, medwane firii wɔn nkyɛn. Onyankopɔn asoma me sɛ mene wo mmɛdi dwuma bi a ɛbɛyɛ wiase nyinaa, nnipa dodoɔ a wɔbɛte nyinaa nwanwa.

17 Nokorɛ nie, w’afenaa suro Onyankopɔn na ɔsom ɔsoro Nyankopɔn awia ne anadwo. Saa nti me wura, mɛtena wo nkyɛn ha ara; na mmom anadwo biara, w’afenaa bɛkɔ bɔnhwa no mu akɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ. Ɔbɛka akyerɛ me ɛberɛ a wɔayɛ bɔne no.

18 Ɛno ansa na mɛba abɛka akyerɛ wo, na afei wo ne w’asraafoɔ nyinaa akɔ, na wɔn mu baako mpo rentumi nnyina w’anim.

19 Ɛnna afei mɛdi w’anim afa Yudea, kɔsi sɛ wobɛduru Yerusalem; ɛhɔ na mede w’ahennwa bɛsie. Wobɛka wɔn sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ, na ɔkraman biara rentumi mmue n’ano mpo na wapɔ wo. Ɛfiri sɛ wɔaka yei akyerɛ me dada; wɔka kyerɛɛ me, na wɔsomaa me sɛ memmɛka nkyerɛ wo.

20 Ne nsɛm no sɔɔ Holoferne ne n’asomfoɔ no nyinaa ani. Na ne nyansa a ɔwɔ no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔkaa sɛ:

21 Ɔbaa biara nni hɔ firi asase ano kɔsi asase ano a ne ho yɛ fɛ anaa ɔkasa nyansa mu sei!

22 Ɛnna Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn ayɛ no yie sɛ ɔsomaa wo dii nkurɔfoɔ no anim, sɛ bɛhyɛ yɛn nsam den na fa ɔsɛeɛ mmra wɔn a wɔabu me wura animtia no so.

23 Ɛnyɛ wo ho ara nko na ɛyɛ fɛ, na mmom wokasa nyansa mu. Sɛ woyɛ sɛdeɛ woaka no deɛ a, wo Nyankopɔn bɛyɛ me Nyankopɔn, na wobɛtena Ɔhene Nebukadnessar fie, na wɔbɛte wo nka wɔ wiase nyinaa mu.

Categories
Yudit

Yudit 12

Yudit gyina pintinn wɔ ne Nyamesom mu

1 Afei ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Yudit mmra faako a wɔkora ne dwetɛ nnoɔma a wɔdidi mu anwummerɛ no, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnto no pono na wɔmfa n’ankasa n’aduane ne ne nsa ma no nnom.

2 Nanso Yudit kaa sɛ: Menni yeinom mu biara, anaasɛ meyɛ a meto mmara; na mmom mɛnya biribiara afiri nnoɔma a mede kaa me ho baeɛ no mu.

3 Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo nnoɔma no sa a, ɛhefa na yɛbɛnya saa nnoɔma korɔ no ara bi ama wo? Ɛfiri sɛ wo nkurɔfoɔ no mu biara nni yɛn nkyɛn ha yi.

4 Yudit buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, ɛnyɛ adeɛ a w’afenaa bɛma nnoɔma yi a ɛwɔ me nkyɛn ha yi asa, ansa na Awurade nam me nsa so ayɛ adeɛ a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.

5 Ɛnna afei Holoferne asomfoɔ no de no baa ntomadan no mu, na ɔdae kɔsii dasuom. Adeɛ rebɛkye no, ɔsɔre

6 soma kɔka kyerɛɛ Holoferne sɛ: Afei ma me wura nhyɛ na wɔmma me kwan mfiri adi nkɔbɔ mpaeɛ.

7 Ɛno nti Holoferne hyɛɛ ne banbɔfoɔ no sɛ wɔnsi no kwan. Na ɔtenaa nsraban no mu nnansa, na ɔkɔɔ Betulia bɔnhwa anadwo biara kɔdwaree wɔ nsuwa a ɛwɔ nsraban no mu hɔ.

8 Sɛ ɔdware wie a, ɔbɔ Awurade Israel Nyankopɔn mpaeɛ sɛ ɔnkyerɛ no kwan a ɛde nkonimdie bɛbrɛ ne nkurɔfoɔ.

9 Afei ɔsane ba wɔ ahoteɛ mu na watena ntomadan no mu de kɔsi sɛ ɔbɛdi aduane berɛ a onwunu redwoɔ no.

Yudit kɔ Holoferne apontoɔ ase

10 Da a ɛtɔ so nan no, Holoferne too pono maa n’asomfoɔ no nkutoo, na wamfrɛ ne mpanimfoɔ no mu biara.

11 Na ɔka kyerɛɛ Bagoas, opiani a ɔno na ɔhwɛ n’ankasa ne nnoɔma so sɛ: Kɔsrɛ Hebrini baa a wohwɛ no soɔ no sɛ ɔmmɛka yɛn ho na yɛnnidi na yɛnnom.

12 Na ɛbɛyɛ aniwuo sɛ yɛbɛma ɔbaa a ɔte sɛɛ akɔ berɛ a yɛne no nna. Sɛ yɛannane n’adwene a, ɔbɛsi yɛn atwetwe.

13 Saa nti Bagoas firii Holoferne anim kɔe, na ɔkɔɔ Yudit nkyɛn kɔsee no sɛ: Ma abaayewa fɛfɛ yi nyɛ no ntɛm mmra me wura nkyɛn na ɔnhyɛ no animuonyam wɔ n’anim, na ɔnnom nsa nsɛpɛ ne ho, na ɛnnɛ da yi ɔnyɛ sɛ Asiriafoɔ mmaa no mu baako a ɔsom wɔ Nebukadnessar ahemfie no.

14 Yudit buaa sɛ: Mene hwan sɛ mɛpopo me ti akyerɛ me wura? Mɛyɛ ntɛm ayɛ biribiara a ɛsɔ n’ani, na ɛbɛyɛ me anigyeɛ de akɔsi me wu da!

15 Enti ɔsɔree, na ɔde ne mmaa afɛfɛdeɛ nyinaa siesiee ne ho. N’abaawa dii n’anim de adwammaa nwoma a wanya afiri Bagoas a sɛ daa ɔredidi a ɔtwere soɔ no, sesɛɛ fam maa no wɔ Holoferne anim.

16 Ɛnna afei Yudit bae bɛdaa hɔ. Na Holoferne nyaa ne ho akɔnnɔ dendeenden wɔ n’akoma mu, na n’atenka kɔɔ soro, ɛfiri sɛ na watwɛn ahwehwɛ firi da a ɛdi kan a ɔhunuu no sɛ ɔbɛnya berɛ adane n’adwene.

17 Enti Holoferne ka kyerɛɛ no sɛ: Afei nom, na ma yɛnsɛpɛ yɛn ho!

18 Yudit kaa sɛ: Mede anigyeɛ bɛnom, me wura, ɛfiri sɛ ɛnnɛ ne anigyeɛ da kɛseɛ wɔ me nkwa nna nyinaa mu.

19 Ɛnna afei ɔfaa deɛ na n’abaawa asiesie no na ɔdiiɛ na ɔnomee wɔ n’anim.

20 Na Holoferne ani gyee ne ho kɛseɛ, na ɔnomm nsa pii, deɛ ɛdɔɔso sene nsa a wanom pɛn ɛfiri berɛ a wɔwoo no.

Categories
Yudit

Yudit 13

Yudit twa Holoferne ti

1 Onwunu dwoeɛ no, ntɛm ara na ne nkoa no twee wɔn ho. Bagoas too ntomadan no mu wɔ akyire, na ɔyii asomfoɔ no firii ne wura anim. Wɔn nyinaa kɔdaeɛ. Na na wɔabrɛbrɛ ɛsiane sɛ, wɔkyɛree wɔ apontoɔ no ase.

2 Ɛno nti ɛkaa Yudit nko ara wɔ ntomadan no mu hɔ, a Holoferne bea ne mpa so, ɛsiane sɛ na waboro papaapa.

3 Afei nso na Yudit aka akyerɛ n’abaawa no sɛ ɔntwɛn wɔ dabekyire no akyi kɔsi sɛ ɔbɛba, sɛdeɛ na ɔyɛ no nna a aka no; ɛsiane sɛ na waka sɛ ɔbɛfiri adi akɔbɔ ne mpaeɛ no. Na waka saa nso akyerɛ Bagoas.

4 Saa nti obiara firii adi, na anka obiara, sɛ ketewa anaa kɛseɛ, obiara anka wɔ dabekyire no mu. Ɛnna afei Yudit gyinaa ne mpa no ho, ɔkaa wɔ ne koma mu sɛ: O Awurade Nyankopɔn, tumi nyinaa wura, ɛdɔn yi mu, hwɛ me nsa ano adwuma na fa so korɔn Yerusalem.

5 Ampa ara, afei na ɛberɛ aduru sɛ woboa w’agyapadeɛ, na meyɛ deɛ mahyehyɛ sɛ mede rebɛsɛe atamfoɔ a wɔasɔre atia yɛn no.

6 Ɔkɔgyinaa mpadua a ɛbɛn Holoferne ti ho no, na ɔyii ne nkrantɛ a na ɛsɛne hɔ no.

7 Ɔtwi bɛnee ne mpa no, na ɔsɔɔ ne tirinwi mu kaa sɛ: O Awurade, Israel Nyankopɔn, ma me ahoɔden nnɛ da yi!

8 Na ɔde n’ahoɔden nyinaa twaa ne kɔn mprenu, na ɔtwaa ne ti.

9 Afei ɔmunii ne sini no firii mpa no so, na ɔtwetwee ntoma a wɔde akata mpadua no ho no firii dua no so. Ɛyɛɛ kakra no, ɔfirii adi de Holoferne ti no kɔmaa n’abaawa no,

10 a ɔno nso de hyɛɛ n’aduane bɔtɔ mu.

Yudit sane ba Betulia

Ɛnna wɔn baanu no bɔɔ anan sɛdeɛ wɔtaa yɛ no sɛ wɔbɔ mpaeɛ no. Wɔtwaam faa nsraban no mu, na wɔtwaa bɔnhwa no ho hyiae, na wɔforoo bepɔ no kɔɔ Betulia, na wɔbɛduruu n’apono ano.

11 Yudit firii akyirikyiri frɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛpono no sɛ: Bue, bue pono no! Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ka yɛn ho, na ɔda so ara kyerɛ ne tumi wɔ Israel, ne n’ahoɔden kyerɛ yɛn atamfoɔ, sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ da yi!

12 Na ɛberɛ a nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu tee ne nne no, wɔyɛɛ ntɛm siane baa kuro pono no ano, na wɔfrɛfrɛɛ kuro no mu mpanimfoɔ.

13 Wɔn nyinaa tuu mmirika, nketewa ne akɛseɛ, ɛfiri sɛ na wɔnnye nni sɛ ɔbɛtumi asane aba. Wɔbuee ɛpono no maa wɔbaa mu. Afei wɔsɔɔ gya de nyaa hann, na wɔtwaa ho hyiae.

14 Na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: Monyi Awurade ayɛ, O monyi no ayɛ! Monyi Awurade ayɛ, ɔno a wamfa ne mmɔborɔhunu ankame Israel fie, na mmom ɔnam me nsa so asɛe yɛn atamfoɔ anadwo yi ara!

15 Ɛnna afei ɔyii etire no firii bɔtɔ no mu kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa sɛ: Monhwɛ ha, Asiriafoɔ sahene Holoferne ti ne ntoma a na ɛkata mpadua so a waboro sram da so no nie. Awurade nam ɔbaa nsa so aku no.

16 Na sɛ Awurade te aseɛ yi, ɔno a wabɔ me ho ban wɔ ɔkwan a mekɔeɛ no, meka ntam sɛ ɛyɛ m’animdua na ɛdaadaa no kɔɔ ne sɛeɛ mu, na ɔne me anyɛ bɔne biara a ɛgu me ho fi na ɛgu m’anim ase.

17 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn kɛseɛ. Wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree Onyankopɔn, na wɔde ano koro kaa sɛ: Nhyira nka wo, yɛn Nyankopɔn a ɛnnɛ da yi woabrɛ wo nkurɔfoɔ atamfoɔ aseɛ.

18 Ɛnna afei Ussia ka kyerɛɛ no sɛ: O ɔba, Ɔsorosoro Nyankopɔn no ahyira wo asene mmaa nyinaa wɔ asase so; na nhyira nka Awurade Nyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, ɔno a waboa wo ama woakɔtwa yɛn atamfoɔ sahene ti.

19 W’ayeyie remfiri wɔn a wɔkae Onyankopɔn tumi no akoma mu da.

20 Onyankopɔn mma yei nyɛ daa animuonyam mma wo, na ɔnhyira wo, ɛfiri sɛ woankame w’ankasa wo nkwa, ɛberɛ a wɔbrɛɛ yɛn man aseɛ no, wosii yɛn sɛeɛ ho kwan, sɛ wonantee tee kwan so wɔ Onyankopɔn anim. Na nkurɔfoɔ no nyinaa kaa sɛ: Amen, Amen!

Categories
Yudit

Yudit 14

Yudit afotuo

1 Afei Yudit ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɔfonom, montie me. Momfa saa etire yi na momfa nsɛne mo dan atifi ban ho.

2 Na sɛ adeɛ kye na owia repue a, mo mu biara mfa mmia, na ma mmarima akokoɔdurufoɔ no mu biara mfiri kuro no mu; monyi ɔsahene nni mo anim sɛ gyama moresiane akɔ petee mu atoa Asiriafoɔ wɔ wɔn nsraban mu; nso monnsiane nkɔ.

3 Ɛnna wɔbɛfa wɔn akodeɛ na wɔakɔ nsraban no mu, na wɔakɔkanyan Asiriafoɔ asraafoɔ akannifoɔ no. Wɔbɛtu mmirika akɔ Holoferne ntomadan no mu, nanso wɔrenhu no. Afei ahopopoɔ bɛka wɔn nyinaa, na wɔadwane afiri mo anim.

4 Afei mo a motete Israel ahyeɛ so nyinaa bɛti wɔn, na moakunkum wɔn berɛ a wɔgu so redwane no.

5 Nanso ansa na mobɛyɛ yeinom nyinaa no, momfa Amonni Akior mmrɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛhwɛ na wahunu onipa a ɔbuu Israel fie animtia no na ɔde no brɛɛ yɛn sɛdeɛ gyama ɔrekɔwu.

6 Ɛno nti wɔkɔfaa Akior firii Ussia fie baeɛ. Na ɛberɛ a ɔbɛhunuu Holoferne ti sɛ ɛkura mmarima no mu baako nsam wɔ nkurɔfoɔ no nhyiamu no mu no, ɔhwee fam sɛdeɛ ne honhom afiri ne mu.

7 Na ɛberɛ a wɔmaa no so gyinaeɛ no, ɔhwee Yudit nan ase de anidie maa no, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka wo wɔ Yuda ntomadan biara mu! Aman nyinaa mu, obiara a ɔbɛte wo din no ho bɛpopo.

8 Afei na ka kyerɛ me deɛ nna yi nyinaa mu woayɛ.

Ɛno nti Yudit ka kyerɛɛ no wɔ nnipa no anim deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, ɛfiri ɛda a ɔkɔeɛ kɔsi ɛberɛ a ɔfirii aseɛ kasa kyerɛɛ wɔn no.

9 Na ɛberɛ a wakasa awie no, nkurɔfoɔ no de nne kɛseɛ teaam na wɔde ahurisie yɛɛ dede wɔ wɔn kuro mu.

10 Na ɛberɛ a Akior hunuu deɛ Israel Nyankopɔn ayɛ no, ɔgyee Onyankopɔn dii dendeenden. Enti, wɔtwaa no twetia na ɔbɛkaa Israel fie ho, na ɔwɔ mu ara de bɛsi nnɛ.

Holoferne wuo da adi

11 Na ahemadakye no, wɔde Holoferne ti no sɛnee ɔfasuo no ho. Ɛnna afei wɔn nyinaa miaeɛ, na wɔfirii adi akuakuo kɔɔ ɔkwan a ɛda mmepɔ no ho.

12 Na ɛberɛ a Asiriafoɔ no hunuu wɔn no, wɔde nkra kɔmaa wɔn asahene, na wɔn nso kɔɔ wɔn asafohene ne asahene ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa nkyɛn.

13 Wɔbɛduruu Holoferne ntomadan mu na wɔka kyerɛɛ ne piafoɔ a wɔhwɛ n’ankasa nnoɔma soɔ sɛ: Nyane yɛn wura, ɛfiri sɛ nkoa no anya akokoɔduro asiane aba rebɛne yɛn ako, na yɛrebɛsɛe wɔn korakora.

14 Ɛno nti Bagoas hyɛnee mu na ɔkɔbɔɔ ntomadan no pono mu, na ɔdwene sɛ ɔne Yudit da hɔ.

15 Nanso ɛberɛ a obiara annye soɔ no, ɔbueeɛ na ɔkɔɔ dabekyire hɔ kɔhunuu sɛ ɔda hɔ kagyaa awu da ɛfam apa so na ne ti ntua soɔ.

16 Ɔde nne kɛseɛ teateaam sui na ɔsii apinie, na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.

17 Afei ɔkɔɔ ntomadan a na Yudit te mu no mu, na wanhu no no, ɔtuu mmirika teateaam kɔɔ nkurɔfoɔ no hɔ kɔkaa sɛ:

18 Nkoa no adaadaa yɛn! Hebrini baa baako de animguaseɛ aba Ɔhene Nebukadnessar fie. Hwɛ, Holoferne na ɔda fam, na ne ti ayera no!

19 Na ɛberɛ a Asiriafoɔ asraafoɔ no tee yei no, wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu na wɔn akoma tuu pa ara, na wɔn su ne wɔn nteateam no gyegyee nsraban no mu hɔ nyinaa.

Categories
Yudit

Yudit 15

Asiriafoɔ de ahopopoɔ dwane

1 Na ɛberɛ a mmarima a wɔwɔ ntomadan no mu teeɛ no, asɛm a asie no yɛɛ wɔn nwanwa.

2 Suro ne ahopopoɔ hyɛɛ wɔn so, na wɔantwentwɛn wɔn ho wɔn ho, na mmom wɔgyee twi firii adi na wɔdwaneeɛ, ɔkwan biara a obiara bɛnya na ɔfaa soɔ wɔ petee mu hɔ wɔ nkokoɔ man no mu nyinaa.

3 Wɔn a wɔakyere nsraban wɔ nkokoɔ a atwa Betulia ho ahyia no nso dwaneeɛ. Ɛnna afei Israel asraafoɔ no firii adi to hyɛɛ wɔn so.

4 Ussia somaa mmarima kɔɔ Betomastaim, Koba ne Kola, ne Israel ahyeɛ so nyinaa sɛ wɔnkɔka deɛ asie na wɔakasa akyerɛ wɔn ama wɔafiri adi ato ahyɛ atamfoɔ no so asɛe wɔn.

5 Na ɛberɛ a Israelfoɔ teeɛ no, wɔyɛɛ koro kɔɔ atamfoɔ no so, na wɔkunkumm wɔn kɔsii Koba. Wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne nkokoɔ man so nso baeɛ, ɛfiri sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛsiiɛ wɔ ɔtamfoɔ no nsraban mu. Mmarima a wɔwɔ Gilead ne Galilea twaree wɔn kaa wɔn hyɛɛ mfimfini kumm wɔn mu pii ara, mpo wɔtraa Damasko ne n’ahyeɛ so.

6 Nnipa nkaeɛ a wɔwɔ Betulia no toaa Asiriafoɔ nsraban no kɔfomm wɔn nnoɔma, wɔnyaa ahodeɛ pii.

7 Na Israelfoɔ no kɔkunkumm wɔn sane baeɛ no, wɔbɛfaa nnoɔma a aka no. Na nkuraa ne nkuro a ɛwɔ nkokoɔ aman so ne petee mu no mpo nyaa asadeɛ pii, ɛsiane sɛ nnoɔma a ɛdɔɔso na na ɛwɔ hɔ.

Israelfoɔ hyɛ wɔn nkonimdie ho fa

8 Ɛnna Ɔsɔfopanin Yoakim ne Israel mpanimfoɔ a wɔtenaa Yerusalem no baa sɛ wɔrebɛhwɛ nnoɔma pa a Awurade ayɛ ama Israel, na wɔahwɛ Yudit na wɔama no amo.

9 Na ɛberɛ a wɔhyiaa no no, wɔde anokorɔ hyiraa no na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone Yerusalem animuonyam no, wo na Israel de wo hyehye ne ho, wone yɛn man ahohoahoa!

10 Wode w’ankasa wo nsa na ayɛ yeinom nyinaa; woayɛ papa a ɛso ama Israel, na asɔ Onyankopɔn ani. Awurade Tumfoɔ no nhyira wo daa daa! Na nnipa no nyinaa kaa sɛ: Amen.

11 Nnipa no nyinaa fomm nsraban no nna aduasa. Wɔde Holoferne ntomadan ne dwetɛ nnoɔma a ɔdidi mu anwummerɛ, ne mpa, ne nkyɛnsee ne ne nkonnwa nyinaa maa Yudit. Ɔfaa nnoɔma no de soaa ne mfunumupɔnkɔ na ɔyɛɛ ne teaseɛnam no yie na ɔde nnoɔma no guu mu.

12 Afei mmaa a wɔwɔ Israel nyinaa boaa wɔn ano bɛhwɛɛ no, na wɔhyiraa no, na wɔn mu binom saeɛ de hyɛɛ no animuonyam. Na ɔfaa nnubaa kuraa ne nsam, na ɔkyekyɛ maa mmaa a na wɔka ne ho no;

13 na ɔne wɔn a na wɔka ne ho no de ngo nhahamma nkyekyereeɛ hyehyɛɛ wɔn ti. Ɔdii nkurɔfoɔ no nyinaa anim saeɛ, ɔdii mmaa no anim, na Israel mmarima no toaa so kurakuraa wɔn akodeɛ ne nhwiren a wɔakyekyerɛ hyehyɛɛ wɔn ho na wɔtoo dwom.

Yudit to n’ayeyie dwom

14 Yudit firii aseɛ daa ase wɔ Israelfoɔ nyinaa anim, na nkurɔfoɔ no nyinaa de nne a ɛgyegyeɛ too saa dwom yi.

Categories
Yudit

Yudit 16

1 Ɛnna Yudit too dwom kaa sɛ:

Momfa akasae nhyɛ dwontoɔ ase ma me Nyankopɔn,

momfa nnonno nto dwom ma m’Awurade.

Monto dwom foforɔ ma no;

momma no so, na mommɔ ne din.

2 Na Awurade ne Onyankopɔn a ɔka akodie hyɛ;

ɔde ne ntomadan si ne nkurɔfoɔ mu;

na ɔgye me firi m’atifoɔ nsam.

3 Asiriafoɔ no firii atifi mmepɔ so baeɛ;

ɔne n’akofoɔ pii baeɛ;

wɔn dodoɔ asi mmonhwa no,

na wɔn apɔnkɔsotefoɔ akata nkokoɔ no so.

4 Ɔka de hoahoaa ne ho sɛ ɔbɛhye me man,

na ɔde afena akunkum me mmeranteɛ,

na ɔde me nkokoaa ahwehwe fam,

na wakyere me mmɔfra sɛ asadeɛ,

na wafa me mmabunu sɛ fomadeɛ.

5 Nanso Awurade Tumfoɔ

nam ɔbaa nsa so ama no ayɛ kwa.

6 Ɛfiri sɛ wɔn katakyie no antɔ wɔ mmeranteɛ nsa ano,

ɛnna ɛnyɛ Titan mma na wɔkumm no,

anaa abrane na wɔto hyɛɛ ne soɔ;

na mmom Merari babaa Yudit,

n’anim fɛfɛ no na ɔde nyaa no.

7 Na ɔyii ne kunayɛ ntoma guu hɔ

na ɔde ama wɔn a wɔrehyɛ wɔn soɔ no so wɔ Israel.

Ɔde sradehwan sraa n’anim;

8 ɔsiesiee ne ti yɛɛ no takuwa

na ɔhyɛɛ nwera atadeɛ de daadaa no.

9 Ne mpaboa yɛɛ n’ani so fɛ,

n’ahoɔfɛ faa n’adwene dommum,

na nkrantɛ twaa ne kɔn!

10 Persiafoɔ no ho popoo wɔ n’akokoɔduro ho,

Medefoɔ no ho dwirii wɔn wɔ ne nnamyɛ ho.

11 Afei me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no teaam;

me nkurɔfoɔ a wɔyɛ mmerɛ no suiɛ, na ɔtamfoɔ no ho popoeɛ;

wɔmaa wɔn nne so, na ɔtamfoɔ no sanee n’akyi.

12 Mfenaa mmammarima hwiree wɔn mu,

na wɔapira wɔn sɛ akobɔfoɔ mma;

wɔwuwuiɛ wɔ m’Awurade asraafoɔ anim.

13 Mɛto dwom foforɔ ama me Nyankopɔn:

O Awurade, woyɛ kɛseɛ ne onimuonyamfoɔ,

ɔnwanwani wɔ ahoɔden mu, a wɔnhu wo.

14 Ma w’abɔdeɛ nyinaa nsom wo,

ɛfiri sɛ wokasae na wɔbaeɛ.

Wosomaa wo honhom, na ɛbɔɔ wɔn;

obiara nni hɔ a ɔtumi si deɛ woaka no kwan.

15 Ɛfiri sɛ mmepɔ bɛwoso akɔduru wɔn fapem;

na nsuo nso bɛwoso akɔduru wɔn fapem;

mmotan bɛnane sɛ sradeɛ ntentan wɔ w’anim.

Na mmom wɔn a wɔsuro wo no,

wohu wɔn mmɔbɔ.

16 Ɛfiri sɛ afɔrebɔ biara a ɛyɛ ohwam afɔrebɔ yɛ ade ketewa,

na sradeɛ a ɛwɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu no nyinaa no yɛ wo ade ketewa bi;

na mmom obiara a ɔsuro Awurade no bɛkɔ so ara ayɛ kɛseɛ.

17 Nnome nka aman a wɔsɔre tia me nkurɔfoɔ!

Awurade Tumfoɔ no bɛtɔ wɔn so were wɔ atemmuo da no;

na ɔbɛsoma ogya ne mmoaa akɔ wɔn honam mu;

na wɔbɛsu wɔ yea mu afebɔɔ.

18 Ɛberɛ a wɔduruu Yerusalem no, wɔsomm Onyankopɔn. Na nkurɔfoɔ no tee wɔn ho ara pɛ no, wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, mmasoɔ afɔdeɛ na wɔde wɔn akyɛdeɛ maeɛ.

19 Yudit de Holoferne agyapadeɛ a nkurɔfoɔ no de ama no no nyinaa maa Onyankopɔn, na ntoma a na ɛkata mpadua no ho a ɔfa firii dabekyire no, ɔde maa sɛ anohoba afɔdeɛ.

20 Na abosome mmiɛnsa na nnipa no gu so ara wɔ apontoɔ mu wɔ kronkronbea hɔ wɔ Yerusalem, na Yudit ne wɔn tenaa hɔ.

Yudit din gyeɛ ne ne wuo

21 Na yeinom nyinaa baa awieeɛ no, obiara sane kɔɔ ne fie, wɔn agyapadeɛ ho, na Yudit sane kɔɔ Betulia kɔtenaa n’agyapadeɛ ho. Na ne nkwa nna a aka nyinaa wɔhyɛɛ no animuonyam wɔ ɔman no mu nyinaa.

22 Mmarima bebree na wɔpɛɛ sɛ wɔware no, nanso wamfa ne ho amma ɔbarima biara wɔ ne nkwa nna nyinaa mu, ɛfiri berɛ a ne kunu Manase wuiɛ na ɔtoaa n’agyanom wɔ nseɛdo no akyi no.

23 Ɔkɔɔ so ara gyee din, na ɔnyini bɔɔ aberewa wɔ ne kunu fie, na ɔdii mfeɛ ɔha ne nnum. Ɔde n’abaawa no ho kyɛɛ no. Yudit wui wɔ Betulia, na wɔsiee no wɔ ne kunu Manase bodan mu;

24 na Israel fie suu no nna nson. Ansa na ɔrebɛwuo no, ɔkyekyɛɛ n’agyapadeɛ maa ne kunu Manase nkurɔfoɔ a wɔbɛn no no, ne ɔno ara nso nkurɔfoɔ a wɔbɛn no no.

25 Na ne berɛ so anaa ne wuo akyi mmerɛ tentene bi mu no, obiara ammɛteetee Israelfoɔ no bio.

Categories
Tobit

Tobit 1

1 Nwoma yi ka Tobit ho asɛm. Tobit agya ne Tobiel, a n’agya ne Ananiel, a n’agya ne Aduel, a n’agya ne Gabael, a n’agya ne Rafael; Asiel asefoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo mu.

2 Ɔno na Asiriahene Salmaneser berɛ so wɔfaa no dommum firi Tisbe a ɛwɔ Kades Naftali anafoɔ fam wɔ Galilea Atifi, wɔ Aser atifi a ɛkyerɛ atɔeɛ ne Fogor atifi fam no.

Tobit abrabɔ ahyɛaseɛ

3 Me Tobit, menantee wɔ nokorɛ ne tenenee kwan so me nkwa nna nyinaa. Meyɛɛ adɔeɛ bebree maa m’abusuafoɔ ne me man mufoɔ a wɔfaa wɔn ne me dommum kɔɔ Ninewe wɔ Asiriafoɔ asase so no.

4 Ɛberɛ a na meyɛ aberantewaa te me man Israel asase so no, me nana Naftali abusuakuo no nyinaa tu gyaa Dawid fie ne Yerusalem hɔ. Saa kuro yi ne faako a wɔayi wɔ Israel abusuakuo nyinaa mu, sɛ Israel abusuakuo nyinaa mmɔ afɔdeɛ, baabi a asɔrefie a ɛyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn tenabea wɔ, a wɔasi ate ho ama awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa daa.

5 Na m’abusuakuo ne yɛn nana Naftali fie nyinaa bɔɔ afɔdeɛ maa nantwie ba honi a Ɔhene Yeroboam a ɔwɔ Israel de sii hɔ wɔ Dan ne Galilea mmepɔ nyinaa so no.

6 Nanso na me nko ara metaa kɔ Yerusalem afahyɛ, sɛdeɛ wɔahyɛ mmara a ɛntwa mu da ato hɔ ama Israelfoɔ nyinaa teɛ no. Na meyɛ ntɛm de nnuaba ne nnwankuo mu mmakan, anantwie so ntotosoɔ du du ne nnwan nwi a ɛdi kan a metwitwa no kɔ.

7 Mede yeinom nyinaa maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron mma no wɔ afɔrebukyia no so; saa ara nso na mede ntotosoɔ du du a ɛfiri ayuo, nsa, ngo, atoaa aba, borɔdɔma, ne nnuaba nkaeɛ no maa Lewi mma a wɔsomm wɔ Yerusalem no. Afei nso, mesiee ntotosoɔ du du a ɛtɔ so mmienu wɔ sika mu a na mede kɔmema wɔ Yerusalem.

8 Ntotosoɔ du du a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na mede ma nnyanka ne akunafoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel. Mede ba na mede ama wɔn wɔ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu, na yɛadi sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose mmara mu ne m’agya Tobiel ne na Debora ahyɛdeɛ no mu, ɛfiri sɛ na m’agya awu agya me ama mayɛ agyanka.

9 Meyɛɛ panin no, mewaree ɔbaa bi a ɔfiri yɛn abusua mu. Mene no woo ɔbabarima na metoo ne din Tobias.

10 Wɔfaa me dommum kɔɔ Asiria na mebaa Ninewe sɛ dommum no, me nuanom ne m’abusuafoɔ nyinaa dii Amanaman mufoɔ aduane;

11 nanso mekoraa me ho sɛ merenni Amanaman mufoɔ aduane no bi.

12 Ɛfiri sɛ na mebɔɔ m’adwenem pɔ sɛ mɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,

13 na Ɔsorosoroni no maa menyaa adom ne animuonyam wɔ Salmaneser anim, na me na na metotɔ n’ahiadeɛ nyinaa.

14 Kɔsi berɛ a ɔwuiɛ no, na metaa kɔ Media kɔtotɔ nnoɔma firi hɔ brɛ no. Na meda so wɔ Media man mu no, megyaa dwetɛ a ɛwɔ mmɔtɔ mu talente du maa Gabael a ne nuabarima ne Gabri sɛ ɔmfa nyɛ adwuma.

15 Nanso ɛberɛ a Salmaneser wuiɛ no, na ne ba Senakerib bɛdii n’adeɛ sɛ ɔhene no; kwantempɔn a na ɛkɔ Media no mu bɛyɛɛ hu, enti mantumi ankɔ Media bio.

Akokoɔduro a wɔde sie awufoɔ

16 Salmaneser ahennie nna mu no, meyɛɛ adɔeɛ nnwuma bebree maa me nuanom ne me nkurɔfoɔ.

17 Mede m’aduane maa wɔn a ɛkɔm de wɔn, na mefiraa wɔn a wɔda adagya ntoma; na sɛ mehunu me nkurɔfoɔ a wɔawu na wɔato wɔn afunu atwene Ninewe afasuo akyiri a, na mesie wɔn.

18 Na mesane siee obiara a Ɔhene Senakerib kumm no berɛ a na onii no redwane afiri Yudea wɔ nna no mu, na ɛsiane mmusuo a wabɔ nti na ɔsoro hene de n’atemmuo aba ne soɔ. Ɔfirii n’abufuo mu kumm Israelfoɔ bebree; nanso na mefa wɔn afunu no kɔsie no kodɛɛ. Ɛno nti ɛberɛ a Senakerib hwehwɛɛ wɔn no, wanhu wɔn.

19 Ɛnna Ninewefoɔ no mu baako kɔdii me ho nkɔnkɔnsa kyerɛɛ ɔhene sɛ, me na mesie wɔn; saa nti mehuntae. Na ɛberɛ a metee sɛ wɔrehwehwɛ me aku me no, mede suro dwaneeɛ.

20 Na wɔde nsa too m’agyapadeɛ nyinaa so; na wɔfaa me biribiara kɔkaa adehyeɛ fotoɔ ho, gye me yere Anna ne me ba Tobias.

21 Nanso adaduanan annuru na Senakerib mmammarima kumm no, na wɔdwane kɔɔ Ararat mmepɔ so, na ne ba Esarhadon sii n’ananmu dii adeɛ. Na ɔyii me nua Hanael ba Ahikar sɛ ɔnhwɛ n’ahennie mu nkontaa ne emu dwumadie nyinaa so.

22 Ahikar twitwa gyee me, na mesan baa Ninewe. Saa berɛ yi na Ahikar yɛ nsahyɛni,nsɔanokaa korafoɔ, ne nkontaa dwumadifoɔ a ɔhyɛ Asiriahene Senakerib ase; enti Esarhadon sane faa no. Na ɔyɛ me wɔfaase a ɔyɛ me ho nipa a ɔbɛne me pa ara.

Categories
Tobit

Tobit 2

Abusua afahyɛ bi

1 Na Esar-hadon ahennie berɛ soɔ no, mesane kɔɔ fie, na wɔde me yere ne me babarima Tobias sane maa me. Yɛn afahyɛ Pentekoste a ɛyɛ nnawɔtwe nson afahyɛ kronkron mu no, wɔnoaa aduane pa maa me na metenaa ase sɛ meredidi.

2 Ɛberɛ a wɔtoo me pono na wɔde aduane a ɛdɔɔso saa bɛsii m’anim no, meka kyerɛɛ me ba Tobias sɛ: Me ba, kɔfa mmɔborɔni biara a wobɛhu no wɔ yɛn nkurɔfoɔ a wɔka nnommumfoɔ ho wɔ Ninewe a ɔde n’akoma nyinaa dwene Awurade ho bra, na ɔne me mmɛdidi. Mɛtwɛn wo kɔsi sɛ wobɛsan aba.

3 Ɛno nti Tobias kɔeɛ kɔhwehwɛɛ ohiani bi wɔ yɛn nkurɔfoɔ mu. Ɛberɛ a ɔsane baeɛ no, ɔbɛkaa sɛ: Agya! Na megyee so sɛ: Menie, me ba. Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: Agya, hwɛ, wɔaku yɛn nkurɔfoɔ no mu baako ato no atwene edwa so hɔ, ɔda hɔ seesei ara a wɔaku no.

4 Saa nti, mesɔre gyinaeɛ, na mesɔre firii aduane no ho a manka anhwɛ mpo, na mefaa efunu no de kɔtoo adan no baako mu kɔsi sɛ owia bɛtɔ na makɔsie no.

5 Mesan baeɛ no, mehohoroo me ho na mede awerɛhoɔ dii aduane no.

6 Ɛnna mekaee Amos nkɔmhyɛ no, sɛdeɛ ɔkasa tiaa Betel sɛ:

Mo nnapɔnna bɛdane esu,

na mo nnwom nyinaa ayɛ kwadwom.

Na mesuiɛ.

Tobit anifira

7 Na owia kɔtɔeɛ no, mekɔbɔɔ amena na mesiee efunu no.

8 Na me fipamfoɔ seree me kaa sɛ: Enti ɔda so ara nsuro? Wɔrehwehwɛ no dada aku no sɛ ɔreyɛ yei, na ɔdwaneeɛ; hwɛ, ɛnna ɔda so ara resie efunu no!

9 Saa anadwo no ara mehohoroo me ho na mekɔɔ adihɔ fasuo no ho kɔdaeɛ; na ɛsiane ahuhuro nti mankata m’anim.

10 Na mennim sɛ mpatuprɛ wɔ ɔfasuo no so; na wɔn agyanan foforɔ guu m’ani so na ɛyɛɛ so fitaa. Mekɔɔ aduruyɛfoɔ nkyɛn sɛ wɔnsa me yadeɛ, nanso mprɛ dodoɔ a wɔde aduro ka me no, na ade fitaa no yɛ m’ani so wantann de kɔsii sɛ m’ani no firaeɛ koraa. Na mfeɛ nan na mentumi nhunu hwee. M’asɛm yi yɛɛ m’abusuafoɔ nyinaa ya, na Ahikar hwɛɛ me ara mfeɛ mmienu ansa na ɔkɔɔ Elimais.

Tobit yere yɛ adwuma de hwɛ fie

11 Saa berɛ no nso, me yere Anna nyaa sika firii mmaa dwumadie mu.

12 Na ɔtaa de nnoɔma a wayɛ no kɔma ne wuranom na wɔatua no ka. Da bi, bosome Distruse da a ɛtɔ so nson no, ɔtwaa ntoma a wanwono no bi kɔmaa ne wuranom. Wɔtuaa no ka nyinaa na wɔsane kyɛɛ no abirekyie ba bi sɛ ɔnkɔkum nni.

13 Ɛberɛ a ɔsane baa me nkyɛn no, abirekyie no firii aseɛ sui. Ɛno nti mefrɛɛ no kaa sɛ: Ɛhe na wonyaa abirekyie ba yi firiiɛ? Ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ korɔnodeɛ, ɛnte saa? San fa kɔ ma ne wuranom; ɛsiane sɛ ɛnyɛ sɛ wɔdi adeɛ a ɛyɛ korɔno adeɛ.

14 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ akyɛdeɛ a wɔde kaa m’akatua ho maa me. Nanso mannye no anni, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mfa nkɔma ne wuranom. Me bo fuu no ɛsiane yei nti. Ɛnna ɔbuaa me sɛ: W’adɔeɛ nnwuma no wɔ he? Wo tenenee nnwuma no wɔ he? Wɔnnim saa nnoɔma yi fa wo ho!

Categories
Tobit

Tobit 3

Tobit mpaebɔ

1 Afei mefiri yea mu mesuiɛ, na mede anibereɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ:

2 O Awurade, wone ɔteneneeni,

wo nnwuma nyinaa yɛ tee;

w’akwan nyinaa yɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛdie;

wobu wiase atɛn.

3 Afei, O Awurade kae me

na te w’anim kyerɛ me.

Ntwe m’aso wɔ me bɔne

ne mfomsoɔ a manyɛ no anidaho mu

ne deɛ m’agyanom yɛee no wɔ w’anim no ho.

Wɔyɛɛ bɔne tiaa wo,

4 na wɔanni wo mmara so.

Ɛno nti wode yɛn maa fomfa, nnommum ne owuo,

na woyɛɛ yɛn ɛfene ahohora mu

wɔ aman a wɔabɔ yɛn apete soɔ nyinaa mu.

5 Na afei w’atemmuo bebree yɛ nokorɛ

sɛ woretwe m’aso wɔ me bɔne ho.

Ɛfiri sɛ yɛanni wo mmara so

na yɛannante w’anim nokorɛ mu.

6 Afei wo ne me nni no sɛdeɛ wo ara wopɛ;

kasa na gye me honhom firi me mu,

na memfiri asase so nkɔdane mfuturo.

Na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase,

ɛfiri sɛ mate atɛnnie a ɛmfata,

na me mu yeadie no so.

Kasa na afei memfiri m’ahohiahia mu;

gyae me na menkɔ daa fie no mu,

na nnane w’ani mfiri me so, O Awurade.

Na ɛyɛ ma me sɛ mewuo

sene sɛ mɛhu amaneɛ kɛseɛ wɔ m’abrabɔ mu

na matie atɛnnie.

Sara amanehunu

7 Ɛda no ara wɔ Ekbatana a ɛwɔ Media no, ɛbaa nso sɛ Raguel babaa Sara agya mmaawa guu n’anim ase,

8 ɛfiri sɛ na wɔde no ama mmarima nson awadeɛ, na honhom bɔne Asmodeus akum wɔn nyinaa ansa na mpo wɔrebɛka ne ho sɛ ɔyerɛ. Ɛno nti mmaawa no ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara na woakum wo kununom! Hwɛ, woaware ekununom nson dada na wɔn mu baako mpo din nna wo so.

9 Ɛdeɛn nti na woboro yɛn yi? Ɛsiane sɛ wo kununom awuo ntira? Kɔka wɔn ho ɛ! Mma yɛnhunu wo yafunu babarima anaa ɔbaa biara da!

Sara mpaebɔ

10 Saa da no ne kra werɛ hoe na ɔsui. Ɛberɛ a ɔkɔɔ n’agya abansoro dan mu no, ɔdwenee sɛ ɔsɛne ne ho. Nanso ɔdwenee ho kaa sɛ: Wɔremmɔ m’agya ahohora bio, na wɔaka akyerɛ no sɛ: Na wowɔ ɔbabaa baako pɛ a wodɔ no, nanso n’amanehunu nti ɔsɛnee ne ho. Na mama m’agya de awerɛhoɔ asan akɔ asamando wɔ ne nkwakoraa berɛ mu. Ɛyɛ ma me sɛ mensɛne me ho, na mmom mɛbɔ Awurade mpaeɛ sɛ ebia mɛwu na mentie saa ahohora yi bio.

11 Saa berɛ no a watene ne nsa ahwɛ mpomma mu no, ɔbɔɔ mpaeɛ kaa sɛ:

Nhyira nka wo, mmɔborɔhunu Nyankopɔn!

Nhyira nka wo din daa daa;

ma wo nnwuma nyinaa nyi wo ayɛ daa.

12 Na afei, madane m’anim akyerɛ wo,

na mema m’ani so hwɛ wo.

13 Kasa na memfiri asase so

na mantie ahohora a ɛte saa bio.

14 O Owura, wonim sɛ menni fɔ

wɔ efiguo biara wɔ ɔbarima ho,

15 na mangu me

anaa m’agya din ho fi wɔ me dommum asase so.

Meyɛ m’agya ba koro;

na ɔnni ba biara a ɔbɛdi n’adeɛ,

ɔnni busuani a ɔbɛn anaa onua foforɔ bi

a mɛkora me ho ama no sɛ ɔyere.

Me kununom baason adi kan awuwu dada.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metena aseɛ?

Nanso sɛ ɛnsɔ w’ani sɛ wobɛgye me nkwa afiri me nsam a,

O Awurade, ɛnneɛ tie me wɔ m’animguaseɛ mu.

Mpaebɔ ho mmuaeɛ

16 Ɛdɔn no ara mu na wɔtiee wɔn baanu no mpaeɛ yi wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no animuonyam anim.

17 Ɛno nti wɔsomaa Rafael sɛ ɔnkɔsa wɔn baanu no yadeɛ; sɛ ɔnkɔyi adeɛ fitaa no mfiri Tobit ani so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde n’ani bɛhu Onyankopɔn hann; na ɔmfa Raguel babaa Sara mma Tobit ba Tobias awareɛ, na ɔnnye no mfiri honhom bɔne Asmodeus tirimuɔdenfoɔ no nsam; ɛfiri sɛ Tobias na ɛsɛ sɛ ɔware no ansa koraa na afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔware no no nyinaa aba. Saa berɛ no ara mu Tobit sane firi adihɔ kɔɔ ɔno ara ne fie no na Raguel babaa Sara firi abansoro dan mu sianee.