Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 6

Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,

sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

2 sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo

na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a,

3 ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho,

sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti:

fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim;

na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

4 Mma wʼani nkum

na nntɔ nko.

5 Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam

anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn;

hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!

7 Ɔnni ɔsahene,

ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi,

8 nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu

ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ.

9 Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?

Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn?

10 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

11 ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo.

12 Onipa teta ne ohuhuni a

ɔde atorɔ kyini,

13 deɛ ɔbu nʼani,

na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ

na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,

14 deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne,

na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara.

15 Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ;

wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro.

16 Nneɛma nsia na Awurade mpɛ,

nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ:

17 ani a ɛtra ntɔn,

atorɔ tɛkrɛma,

nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo,

18 akoma a ɛdwene amumuyɛ ho,

nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne,

19 Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ

ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.

Awaresɛeɛ Ho Kɔkɔbɔ

20 Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ

na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.

21 Fa kyekyere wʼakoma ho daa;

na fa kyekyere wɔ kɔn mu.

22 Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan;

sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;

sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.

23 Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;

saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,

na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi

yɛ nkwa kwan,

24 ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho,

firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho.

25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ

mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

26 ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo,

na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu.

27 Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a

ɛnhye nʼatadeɛ anaa?

28 Obi bɛtumi anante gyasramma so a

mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa?

29 Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ

obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.

30 Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa

sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti.

31 Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson;

sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn.

32 Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

33 Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na nʼahohora rempepa da.

34 Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo

na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu.

35 Ɔrennye mpata biara;

na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/6-ba1f932ed8f56294fbf91d04780f4cc6.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 7

Ɔbaawaresɛefoɔ Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, fa me nsɛm sie

na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.

2 Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;

bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.

3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;

twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.

4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”

na frɛ nteaseɛ wo busuani;

5 Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,

afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.

6 Me fie mpomma ano

mede mʼani faa ntokua mu.

7 Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,

mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,

ɔbabunu a ɔnni adwene.

8 Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so

a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie

9 ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,

na animu rebiribiri no.

10 Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a

wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.

11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,

ɔntena efie koraa;

12 ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,

ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)

13 Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano

wamfɛre, na ɔkaa sɛ,

14 “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;

ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.

15 Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;

mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!

16 Mato me mpa

mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.

17 Mede nnuhwam apete me mpa so:

kurobo, pɛperɛ ne sinamon.

18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;

19 Me kunu nni efie;

watu kwan na ɔbɛkyɛre.

20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma

na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”

21 Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;

ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.

22 Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ

te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,

anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu

23 kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,

te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu

na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24 Na afei, me mma, montie me;

monyɛ aso mma deɛ meka.

25 Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so

na mommane mfa nʼakwan so.

26 Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;

wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27 Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a

ɛkɔ owuo mpia mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/7-b3f1608ce8dda29df8b3e3792c1f34cf.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 8

Nyansa Frɛ

1 Tie: Nyansa refrɛ.

Nteaseɛ ma ne nne so.

2 Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,

nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,

3 apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho,

ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ,

4 “Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ;

meteam frɛ adasamma nyinaa.

5 Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte;

mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.

6 Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;

mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.

7 Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ,

ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.

8 Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ;

ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

9 Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu;

ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,

momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.

11 Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota,

na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.

12 “Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ;

nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.

13 Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne;

mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,

ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

14 Afotuo ne atemmuo pa wɔ me;

mewɔ nteaseɛ ne tumi.

15 Me so na ahemfo nam di adeɛ

na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;

16 Mmapɔmma de me bu ɔman

ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.

17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,

na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.

18 Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn,

ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara.

19 Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa;

deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so.

20 Tenenee akwan so na menam

atɛntenenee akwan so,

21 mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me

na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma.

22 “Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakan

dii ne tete nneyɛɛ anim;

23 ɔyii me sii hɔ firi tete,

ansa na ewiase rehyɛ aseɛ.

24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no

ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no;

25 ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,

wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba,

26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo

anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.

27 Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro,

ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no,

28 ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro

na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no,

29 ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo

sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ,

ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no,

30 na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn.

Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa

na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara,

31 na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa mu

na mʼani ka wɔ adasamma mu.

32 “Enti me mma, montie me;

nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.

33 Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa;

mommu mo ani nngu so.

34 Nhyira ne onipa a ɔtie me,

ɔwɛn mʼaboboano daa,

na ɔtwɛn wɔ hɔ.

35 Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa

na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.

36 Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho

na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/8-8c7b520cfe3749ffc6f9e7c80ab68143.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 9

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

1 Nyansa asi ne fie;

watwa nʼafadum nson ho.

2 Wasiesie nʼaduane afra ne nsã

wato ne ɛpono.

3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,

4 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!”

Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

5 “Mommra mmɛdi mʼaduane

na monnom nsã a mafra no.

6 Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa;

monnante nteaseɛ akwan so.”

7 Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ;

na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.

8 Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;

ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

9 Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

10 Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.

11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.

12 Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;

sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.

13 Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ;

ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.

14 Ɔte ne fie ɛpono ano,

na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ,

wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,

16 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha”

ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

17 “Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem

na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”

18 Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ

sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/9-7587d678d4b7d8f08b2cdc04a55182c6.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 10

Salomo Mmɛbusɛm

1 Salomo mmɛbusɛm:

Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye,

na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.

2 Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ,

nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.

3 Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni

na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.

4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,

nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.

5 Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ

na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.

6 Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ

na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.

7 Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira,

na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.

8 Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm,

na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.

9 Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo,

na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.

10 Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,

na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.

11 Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire,

na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.

12 Ɔtan hwanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.

13 Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom,

na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi.

14 Anyansafoɔ kora nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

15 Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,

nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.

16 Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn,

na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.

17 Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan,

na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.

18 Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ,

na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea.

19 Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu,

na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.

20 Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa

nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ.

21 Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane,

na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.

22 Awurade nhyira de ahonya ba,

na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.

23 Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea,

nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.

24 Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so;

na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn.

25 Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera,

nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.

26 Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ.

27 Awurade suro ma nkwa tenten,

nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.

28 Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba,

nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee.

29 Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni,

nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

30 Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da,

nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.

31 Nyansa firi teneneeni anom ba

nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene.

32 Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata

na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/10-db143ca42a140e238092c3d51dd36535.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 11

1 Awurade kyiri asisie nsania,

na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho.

2 Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ

nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba.

3 Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan;

nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn.

4 Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no,

nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu.

5 Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn,

nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase.

6 Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn,

nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.

7 Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera;

deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa.

8 Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu,

na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.

9 Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,

nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.

10 Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie;

nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.

11 Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so,

nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.

12 Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa,

nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka.

13 Osekuni da kɔkoamsɛm adi,

nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so.

14 Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ,

nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba.

15 Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane,

na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no.

16 Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no,

nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.

17 Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho,

na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so.

18 Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina,

nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.

19 Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa,

nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu.

20 Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa,

na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.

21 Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua,

na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu.

22 Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no

te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.

23 Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie,

nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.

24 Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree;

obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no.

25 Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho;

na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

26 Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie,

na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so.

27 Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ,

na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.

28 Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase,

na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm sɛ ahahan mono.

29 Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ,

na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.

30 Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua,

na deɛ ɔgye akra no yɛ onyansafoɔ.

31 Sɛ teneneefoɔ nya wɔn akatua wɔ asase so a

ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ!

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/11-f1b550facd0528be37c1218fd0dc4ae2.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 12

1 Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ,

na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.

2 Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom,

na Awurade bu onifirani fɔ.

3 Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,

na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.

4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ,

nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.

5 Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ,

na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.

6 Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya,

na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.

7 Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,

nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.

8 Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ

na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.

9 Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,

sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.

10 Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,

na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.

11 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree,

na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.

12 Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ,

nanso ɔteneneeni ase dɔre.

13 Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie,

nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.

14 Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma

sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

15 Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so,

na ɔnyansafoɔ tie afotuo.

16 Ɔkwasea bo nkyɛre fu,

nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.

17 Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,

na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.

18 Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena

nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.

19 Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,

na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.

20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,

na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.

21 Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,

nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.

22 Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ,

na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.

23 Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro

na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.

24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

25 Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto,

nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

26 Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu,

nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.

27 Onihafoɔ ntoto ne hanam,

nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.

28 Tenenee kwan mu wɔ nkwa;

na owuo nni saa ɛkwan no so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/12-21acd4e78a9fe945d23ad9a2ddfea2b6.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 13

1 Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;

na ɔfɛdifoɔ ntie animka.

2 Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ,

na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.

3 Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,

nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.

4 Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee,

na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.

5 Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ,

nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.

6 Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban,

na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.

7 Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee,

ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.

8 Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa,

nanso ohiani nte ahunahuna biara.

9 Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara,

nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.

10 Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba,

na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.

11 Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so,

na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

12 Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ,

nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.

13 Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka,

nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.

14 Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

15 Nhunumu pa de adom ba,

nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.

16 Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu,

nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

17 Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu,

nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.

18 Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.

19 Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye,

nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.

20 Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa,

na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.

21 Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi,

na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua.

22 Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom,

na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.

23 Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii,

nanso ntɛnkyea pra kɔ.

24 Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba,

na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.

25 Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee

nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/13-bb4ecd60d1d0a3f4a72413dfc70b6c5f.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 14

1 Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,

nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.

2 Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade,

na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,

nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.

4 Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan,

na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.

5 Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa,

ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.

6 Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,

nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.

7 Twe wo ho firi ɔkwasea ho,

ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.

8 Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.

9 Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ,

na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.

10 Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,

na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.

11 Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie,

nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.

12 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

13 Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,

na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.

14 Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,

na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.

15 Atetekwaa gye biribiara di,

nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.

16 Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,

nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.

17 Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,

na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.

18 Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,

na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.

19 Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,

na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.

20 Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,

nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.

21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,

na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.

22 Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa?

Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.

23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,

na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.

24 Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.

25 Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,

nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.

26 Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den,

na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.

27 Awurade suro yɛ nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

28 Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,

nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.

29 Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ,

na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

30 Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,

na anibereɛ ma nnompe porɔ.

31 Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,

nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

32 Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase,

nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.

33 Nyansa te nteaseɛ akoma mu,

na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.

34 Tenenee pagya ɔman

na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.

35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani,

na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/14-2bba7f1072eecf452fe174f4d1900e48.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 15

1 Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo,

nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.

2 Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,

nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.

3 Awurade ani hunu baabiara,

na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.

4 Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua,

nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.

5 Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.

6 Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie,

nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.

7 Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu;

nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.

8 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ,

nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.

9 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan,

nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.

10 Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so,

deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.

11 Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim,

na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so.

12 Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ;

ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.

13 Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere,

na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.

14 Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.

15 Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,

nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.

16 Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ

sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.

17 Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ

sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.

18 Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba,

nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.

19 Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi,

nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.

20 Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye

nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.

21 Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye,

nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.

22 Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe,

nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.

23 Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye,

asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.

24 Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ

ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan.

25 Awurade sɛe ɔhantanni fie

na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.

26 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ,

nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.

27 Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua,

nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.

28 Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ,

nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.

29 Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa

nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.

30 Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka,

na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.

31 Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no

ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.

32 Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.

33 Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,

ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/15-e90e92a1a2f264f5b064bfa338044f46.mp3?version_id=2094—