Categories
Gyenesis

Gyenesis 3

Onipa asehweɛ

1 Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?

2 Na ɔbaa no buaa ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yɛdi bi;

3 nanso dua a ɛsi turo no mfimfini no aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ: Monnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo;

5 na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na moayɛ sɛ Onyankopɔnahunu papa ne bɔne.

6 Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.

7 Na wɔn baanu ani buebuee, na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya, enti wɔpempam borɔdɔma ahahan yɛɛ nkatanim fae.

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

9 Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔbisaa no sɛ: Wowɔ he?

10 Na ɔse: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, mesuroe, ɛfiri sɛ meda adagya, na mehuntae.

11 Na ɔbisaa no sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie yi?

12 Na Adam kaa sɛ: Ɔbaa no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba no bie, na mediiɛ.

13 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Adɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbaa no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, maa mediiɛ.

Onipa bu atɛn

14 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ:

Ɛnam sɛ woayɛ yei nti,

wɔadome wo ntɔteboa

ne wiram mmoadoma nyinaa mu.

Wo yafunu so na wobɛnanteɛ,

na woadi dɔteɛ

wo nkwa nna nyinaa.

15 Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam,

ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam;

ɔno na ɔbɛbɔ wo tire,

na wo nso woaka ne nantin.

16 Ɔbaa no deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ:

Dɔ na mɛma wo yea ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso.

Yea mu na wobɛwo mma,

na w’ani bɛgyina wo kunu,

na ɔno na ɔbɛdi wo soɔ.

17 Na Adam deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ:

Sɛ woatie wo yere nne,

na woadi dua

a mehyɛɛ wo

sɛ nnie no bie nti,

wo nti wɔadome asase.

Yea mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyinaa.

18 Na nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse na ɛbɛfifiri ama woɔ,

na woadi afuo mu ahahan.

19 W’anim fifire mu

na wobɛdidie

de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu,

ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ;

na woyɛ dɔteɛ,

na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.

20 Na Adam too ne yere din Hawa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyɛ ateasefoɔ nyinaa na.

21 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nwoma ntadeɛ maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.

Wɔpamo Adam ne Hawa firi turo no mu

22 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako, ahunu papa ne bɔne. Na afei, deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa ante nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti,

23 AWURADE Nyankopɔn tuu no firii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no.

24 Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubimne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 4

Kain ne Habel

1 Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima.

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ.

3 Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.

4 Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,

5 nanso Kain ne n’afɔrebɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Kain bo fuu pii, na ɔmunae.

6 Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Adɛn nti na wo bo afuo na woamuna yi?

7 Sɛ woyɛɛ no yie a, anka w’anim rente anaa? Na sɛ woanyɛ no yie enti, bɔne butu ɛpono ano, na w’akyiri kwan na ɛhwehwɛ, nanso di ne so.

8 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.

9 Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na ɔse: Mennim, me nua so hwɛfoɔ ne me anaa?

10 Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.

11 Na afei wɔadome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua mogya afiri wo nsam no so.

12 Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.

13 Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so adeɛ so kyɛne sɛ mɛtumi asoa.

14 Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me.

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a ɔbɛkum Kain no, wɔbɛtɔ ne so werɛ ahodoɔ nson. Na AWURADE yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi maa Kain, na obiara a ɔbɛhu no no anku no.

16 Na Kain firii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ.

Kain asefoɔ

17 Na Kain ne ne yere dae, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Henok. Na ɔkyekyeree kuro bi, na ɔde ne ba Henok din too kuro no.

18 Na Henok woo Irad, na Irad woo Mehuyael. Na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.

19 Na Lamek waree mmaa baanu, ɔbaako din de Ada, na deɛ ɔka ho no din de Sila.

20 Na Ada woo Yabal, ɔno na ɔyɛ ntomadan mu ne mmoa ho tenafoɔ agya.

21 Na ne nua din de Yubal; ɔno na ɔyɛ asankubɔfoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ nyinaa agya.

22 Na Sila nso woo Tubalkain a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ adeɛ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubalkain nuabaa ne Naama.

23 Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ:

Ada ne Sila, montie me nne;

Lamek yerenom, monyɛ aso mma m’asɛm:

Mekumm ɔbarima sɛ ɔpiraa me,

mekumm aberanteɛ sɛ ɔboroo me.

24 Na sɛ wɔtɔɔ Kain so werɛ mprɛnson a,

Lamek deɛ bɛyɛ aduɔson nson.

Set ne Enos awoɔ

25 Na Adam ne ne yere daeɛ bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Set (aseɛ ne: Nsiananmu) sɛ: Onyankopɔn de ɔba foforɔ asi me Habel a Kain kumm no no ananmu.

26 Na Set nso, wɔwoo ɔba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛberɛ no mu na wɔfirii aseɛ bɔɔ AWURADE din sɔree no.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 5

Adam awoɔ ntoatoasoɔ

1 Adam awoɔ ntoatoasoɔ nie: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔbɔɔ no ne suban so.

2 Na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbaa, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔtoo wɔn din onipa.

3 Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set.

4 Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

5 Na Adam nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduasa.

6 Na Set dii mfirinhyia ɔha ne nnum na ɔwoo Enos.

7 Na Set woo Enos no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe ne nson, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

8 Na Set nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron ne dummienu.

9 Na Enos dii mfirinhyia aduɔkron na ɔwoo Kenan.

10 Na Enos woo Kenan no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe ne dunum, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

11 Na Enos nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron ne nnum.

12 Na Kenan dii mfirinhyia aduɔson na ɔwoo Ma-halalel.

13 Na Kenan woo Ma-halalel no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe aduanan, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

14 Na Kenan nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron ne du.

15 Na Ma-halalel dii mfirinhyia aduosia nnum na ɔwoo Yared.

16 Na Ma-halalel woo Yared no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe aduasa, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

17 Na Ma-halalel nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahanwɔtwe aduɔkron nnum.

18 Na Yared dii mfirinhyia ɔha aduosia mmienu na ɔwoo Henok.

19 Na Yared woo Henok akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

20 Na Yared nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduosia mmienu.

21 Na Henok dii mfirinhyia aduosia nnum na ɔwoo Metusela.

22 Na Henok woo Metusela no akyiri no, ɔne Onyankopɔn nantee mfirinhyia ahasa, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

23 Na Henok nna nyinaa yɛ mfeɛ ahasa aduosia nnum.

24 Na Henok ne Onyankopɔn nantee, na wɔanhunu no bio, ɛfiri sɛ Onyankopɔn faa no kɔe.

25 Na Metusela dii mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe nson na ɔwoo Lamek.

26 Na Metusela woo Lamek no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

27 Na Metusela nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduosia nkron.

28 Na Lamek dii mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe mmienu no ɔwoo babarima.

29 Na ɔtoo ne din Noa, na ɔkaa sɛ: Oyi na ɔbɛkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no soɔ.

30 Na Lamek woo Noa akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanum aduɔkron nnum, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa.

31 Na Lamek nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfirinhyia ahanson aduɔson nson.

32 Na Noa dii mfirinhyia ahanum no, ɔwoo Sem, Ham ne Yafet.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 6

Nnipa nnebɔne

1 Na nnipa firii aseɛ redɔɔso wɔ asase soɔ na wɔwoo mmammaa maa wɔn no,

2 Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.

3 Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.

4 Nna no mu ne akyire no, na abrane akɛseɛ wɔ asase so. Na Nyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmammaa ho na wɔwoo mma maa wɔn no, yeinom ne aberempɔn a wɔwɔ din firi tete.

5 Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.

6 Na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase soɔ, na ɛyɛɛ no ya n’akomam.

7 Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.

8 Na Noa deɛ, ɔnyaa adom AWURADE anim.

Noa adaka no

9 Yei ne Noa ho asɛm: Na Noa yɛ onipa tenenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne berɛ so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn nanteeɛ.

10 Na Noa woo mmammarima baasa, Sem, Ham, ne Yafet.

11 Na asase asɛe wɔ Nyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma.

12 Na Onyankopɔn hunuu asase, na hwɛ, asɛe, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.

13 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔdeɛ nyinaa awieeɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.

14 Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama ka emu ne ɛho.

15 Na sɛdeɛ yɛ no nie: Ne ntwemu basafa ɔha aduonum, ne trɛ basafa aduonu nnum, ne korɔn basafa dunum.

16 Yɛ adaka no ho mpomma, kɔsi sɛ aka anammɔn baako ne fa na aduru soro, na si adaka no ano pono ne nkyɛn mu, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa, deɛ ɛdi aseɛ, deɛ ɛdi ntam ne deɛ ɛdi soro.

17 Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.

18 Na me ne wo bɛyɛ apam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.

19 Na fa honam a ɛte aseɛ nyinaa mu mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ, kɔ adaka no mu, na wɔnnya nkwa nka wo ho.

20 Nnomaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntɔteboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, wɔn nyinaa mu mmienu mmienu mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa.

21 Na wo deɛ, boaboa aduane nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduane.

22 Na Noa yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 7

Nsuyire no

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu.

2 Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa mu, fa nson nson, anini ne abedeɛ. Na mmoa a wɔn ho nteɛ mu, fa mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ;

3 ewiem nnomaa mu nso fa nson nson, anini ne abedeɛ, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani.

4 Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani.

5 Na Noa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no nyinaa.

6 Ɛberɛ a nsuyire no baa asase soɔ no na Noa adi mfirinhyia ahansia.

7 Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

8 Mmoa a wɔn ho teɛ ne mmoa a wɔn ho nteɛ ne nnomaa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa mu

9 mmienu mmienu baa Noa nkyɛn adaka no mu, onini ne ɔbedeɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ Noa no.

10 Na nnanson akyiri no, nsuyire baa asase so.

11 Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.

12 Na osuo tɔɔ asase so pii adaduanan, awia ne anadwo.

13 Saa da yi ara (a nsuyire yi hyɛɛ aseɛ no) mu na Noa ne ne yere, ne ne mma, Sem, Ham ne Yafet, ne ne mma yerenom baasa akɔhyɛ adaka no mu.

14 Na mmoadoma nyinaa, ntɔteboa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ntuboa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ,

15 ne wɔn na ɛkɔɔ mu. Honam a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa mu mmienu mmienu na wɔbaa Noa nkyɛn wɔ adaka no mu.

16 Wɔn a ɛbaeɛ no, na wɔyɛ honam nyinaa mu anini ne abedeɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no; na AWURADE too no mu.

17 Na nsuyire no baa asase so adaduanan, na nsuo no yiriiɛ, na ɛmaa adaka no so firii asase so.

18 Na nsuo no yirii dodo wɔ asase so; maa adaka no tɛɛ nsuo no ani.

19 Na nsuo no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔ nyinaa so.

20 Nsuo no boroo so kɔɔ soro basafa nson ne fa na ɛkataa mmepɔ so.

21 Na abɔdeɛ a ɛte aseɛ nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wiram mmoa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ne nnipa nyinaa;

22 wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase pɛsɛɛ soɔ nyinaa wuwui.

23 Na ɔpepaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, ɛfiri nnipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so. Na wɔpepaa wɔn firii asase so, na ɛkaa Noa nko ara ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.

24 Na nsuo no yirii wɔ asase so nna ɔha aduonum.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 8

Nsuo no twe

1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase.

2 Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee tɔ;

3 na nsuo no twe firii asase so ara. Na ɛfiri nna ɔha aduonum akyiri no na na nsuo no so rehwan.

4 Na ɛda a ɛtɔ so dunson wɔ bosome nson mu no, adaka no kɔsii Ararat mmepɔ so.

5 Na nsuo no kɔɔ so twee ara kɔsii bosome a ɛtɔ so du no so; na saa bosome no ara, ne da a ɛdi kan no na mmepɔ atifi dedaa adie.

6 Na ɛno akyiri adaduanan no, Noa buee adaka no mpomma a ɔyɛeɛ no,

7 na ɔsomaa anene. Na ɔfirii adi, na ɔdii akɔneaba de kɔsii sɛ nsuo no wee asase soɔ.

8 Na ɔsomaa aburuburo sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsuo no awe wɔ asase ani anaa.

9 Nanso aburuburo no annya ne nan sibea, na ɔsane baa ne nkyɛn adaka no mu, ɛfiri sɛ na nsuo no da so wɔ asase nyinaa ani. Na ɔtenee ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu.

10 Na ɔtwɛn nnanson bio, na ɔsomaa aburuburo firii adaka no mu bio.

11 Na aburuburo no baa ne nkyɛn anwummerɛ, na hwɛ, ngo dua ahahan frɔmfrɔm tua n’ano. Noa hunuu sɛ nsuo no awe asase so.

12 Na ɔtwɛn nnanson bio no, ɔsomaa aburuburo no; na wansane amma ne nkyɛn bio.

13 Na Noa afe a ɛtɔ so ahansia ne baako, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na na nsuo no awe asase soɔ. Na Noa yii suhyɛ no firii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, na asase ani awo.

14 Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu nson no na na asase so awo koraa.

15 Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ:

16 Firi adaka no mu, wo ne wo yere, wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho;

17 mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a ɛfiri honam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne deɛ ɛwea asase soɔ nyinaa ne wo mfiri adi, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so.

18 Na Noa ne ne yere, ne ne mma ne wɔn yerenom firii adi;

19 mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, ne deɛ nkwa wɔ mu biara, sɛdeɛ wɔn mmoaban teɛ, firi adaka no mu firii adi.

Noa afɔrebɔ

20 Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.

21 Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.

22 Nna a asase wɔ hɔ yi nyinaa,

oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro,

asuso ne ɔpɛ, awia ne anadwo

rennyae da.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 9

Onyankopɔn ne Noa yɛ Apam

1 Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

3 Deɛ ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduane; mede ne nyinaa mama mo, sɛdeɛ mede nhahan mono memaa mo no.

4 Nam a ne mogya da so wɔ ne mu nko na monnnie.

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya guo no, ne nsam mu na mɛbisa, na aboa mpo ka onipa mogya gu a mɛbisa afiri ne nsam.

6 Deɛ ɔhwie onipa mogya guo no,

onipa so na wɔnam bɛhwie ne mogya aguo,

ɛfiri sɛ Nyankopɔn suban so

na ɔyɛɛ onipa.

7 Na mo deɛ, monwo na monnɔ, na monnɔɔso wɔ asase so.

8 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mma a wɔka ne ho no sɛ:

9 Hwɛ, afei merema m’apam atim hɔ ama mo ne mo asefoɔ a ɛbɛdi mo akyi,

10 ɛne akra a ɛtete aseɛ a ɛka mo ho nyinaa, nnomaa, ntɔteboa ne asase so mmoadoma a wɔne mo wɔ hɔ firi adaka no mu nyinaa.

11 Na mama me ne mo apam yi agyina hɔ, sɛ meremfa nsuyire mensɛe abɔdeɛ nyinaa bio, na nsuyire remma mmɛsɛe asase bio.

12 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Apam a merema ada me ne mo ne akra ateasefoɔ a ɛka mo ho nyinaa ntam akɔ nnasanten awoɔ ntoatoasoɔ soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ nie:

13 Me nyankontɔn na mede masi mununkum mu, na ayɛ me ne asase ntam apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

14 Na sɛ mede mununkum meba asase so a, wɔbɛhunu nyankontɔn no wɔ mununkum no mu;

15 na makae m’apam a ɛwɔ me ne mo, ne abɔdeɛ nyinaa mu ateasefoɔ ntam no, na nsuo annane nsuyire ansɛe abɔdeɛ nyinaa bio.

16 Na nyankontɔn no bɛba mununkum mu, na mahwɛ, na mede makae daa apam a ɛwɔ Onyankopɔn ne nnipa ne abɔdeɛ mu ateasefoɔ a ɛwɔ asase soɔ nyinaa no ntam.

17 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Yei ne apam a mama no agyina me ne honam a ɛwɔ asase nyinaa ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

Noa asefoɔ pete asase so

18 Na Noa mma a wɔfirii adaka no mu firii adie ne Sem, Ham ne Yafet; na Ham ne Kanaan n’agya.

19 Yeinom ne Noa mma baasa no. Wɔn mu na nnipa firi petee asase nyinaa soɔ.

20 Na Noa firii aseɛ yɛɛ kua, na ɔyɛɛ bobeturo.

21 Na ɔnom nsa no bi, na ɔboroe, na ɔda ne ntomadan mu a ne ho da hɔ.

22 Na Kanaan agya Ham kɔhunuu n’agya adagya mu, na ɔkɔka kyerɛɛ ne nuanom baanu no wɔ adihɔ.

23 Na Sem ne Yafet faa ntoma de guu wɔn mmatiri so nam nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so, na wɔdanee wɔn ani kyerɛɛ akyire, na wɔanhunu wɔn agya adagya mu.

24 Na Noa ani so tete firii ne nsaborɔ mu na ɔtee deɛ ne ba kumaa no ayɛ no no,

25 ɔkaa sɛ:

Wɔadome Kanaan,

ɔbɛyɛ nkoa mu akoa ama ne nuanom.

26 Na ɔkaa nso sɛ:

Nhyira ne Sem Nyankopɔn, AWURADE,

na Kanaan nyɛ wɔn akoa.

27 Onyankopɔn mma Yafet ase ntrɛ,

na ɔntena Sem ntomadan mu,

na Kanaan nyɛ wɔn akoa.

28 Na nsuyire akyiri no, Noa tenaa ase mfirinhyia ahasa aduonum.

29 Na Noa nna a ɔdiiɛ nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduonum, na ɔwui.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 10

Noa awoɔ ntoatoasoɔ

1 Na yeinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awoɔ ntoatoasoɔ. Na nsuyire no akyi, wɔwoo mma.

2 Yafet mma nie: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3 Na Gomer mma ne Askenas, Rifat ne Togarma.

4 Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim.

5 Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.

6 Na Ham mma ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7 Na Kus mma ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne Saba ne Dedan.

8 Na Kus woo Nimrod. Ɔno na ɔdii kan yɛɛ ɔkatakyie wɔ asase soɔ.

9 Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ wɔ AWURADE anim; enti na wɔka sɛ: Ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a ɔwɔ tumi AWURADE anim te sɛ Nimrod nie.

10 Na n’ahennie mfitiaseɛ ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase soɔ.

11 Asase no so na ɔfiri kɔɔ Asiria kɔkyekyeree Ninewe ne Rehobot-ir ne Kala,

12 ne Resen kuro kɛseɛ a ɛda Ninewe ne Kala ntam no.

13 Na Misraim woo Ludim, Anamim, Lehabim, Naftuhim,

14 Patrusim, Kasluhim (a Filistifoɔ firii wɔn mu), ne Kaftorim.

15 Kanaan woo n’abakan Sidon, ne Het,

16 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,

17 Hiwifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,

18 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatfoɔ. Ɛno akyi na Kanaanfoɔ mmusua peteeɛ.

19 Na Kanaanfoɔ hyeɛ firi Sidon kɔduru Gerar de kɔsi Gasa kɔduru Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kɔsi Lasa.

20 Yeinom ne Ham mma, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman teɛ.

21 Sem a ɔyɛ Yafet nua panin no mu na Eber mma nyinaa firie.

22 Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

23 Na Aram mma ne Us, Hul, Geter ne Mas.

24 Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber.

25 Na Eber woo mma baanu. Deɛ ɔdi kan no din de Peleg,ɛfiri sɛ ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan.

26 Na Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera,

27 Hadoram, Usal, Dikla,

28 Obal, Abimael, Saba,

29 Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa ne Yoktan mma.

30 Na wɔn tenabea firi Mesa kɔduru Sefar, apueeɛ bepɔ so.

31 Yeinom ne Sem mma, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman teɛ.

32 Yeinom ne Noa mma mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyi amanaman petee asase soɔ.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 11

Babel abantenten no

1 Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ.

2 Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.

3 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ.

4 Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.

5 Na AWURADE siane bɛhwɛɛ kuro ne abantenten a nnipa mma retoɔ no.

6 Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman baako, na wɔn nyinaa ka kasa korɔ; na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie; na afei, biribiara rentumi nsi wɔn deɛ wɔsusu sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.

7 Wiɛ, momma yɛnsiane nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio.

8 Na ɛfiri hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.

9 Enti na wɔfrɛ hɔ Babel,ɛfiri sɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa. Ɛfiri hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.

Sem awoɔ ntoatoasoɔ

10 Yeinom ne Sem awoɔ ntoatoasoɔ: Sem dii mfirinhyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyire no akyiri mfeɛ mmienu.

11 Na Sem woo Arfaksad no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanum na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

12 Na Arfaksad dii mfirinhyia aduasa nnum na ɔwoo Sela.

13 Na ɔwoo Sela no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

14 Na Sela dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Eber.

15 Na Sela woo Eber no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

16 Na Eber dii mfirinhyia aduasa nnan na ɔwoo Peleg.

17 Na ɔwoo Peleg no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan aduasa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

18 Na Peleg dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Reu.

19 Peleg woo Reu no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

20 Na Reu dii mfirinhyia aduasa mmienu na ɔwoo Serug.

21 Na Reu woo Serug no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nson, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

22 Na Serug dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Nahor.

23 Na Serug woo Nahor no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

24 Na Nahor dii mfirinhyia aduonu nkron na ɔwoo Tera.

25 Na Nahor woo Tera no akyiri no, ɔdii mfeɛ ɔha ne dunkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

26 Na Tera dii mfirinhyia aduɔson na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.

Abram agya Tera awoɔ ntoatoasoɔ

27 Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot.

28 Na Haran wuu n’agya Tera anim, asase a wɔwoo no soɔ no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea.

29 Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babaa. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya.

30 Na Sarai yɛ obonini, na ɔnni ba.

31 Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.

32 Na Tera nna yɛ mfeɛ ahanu ne nnum, na Tera wuu wɔ Haran.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 12

Onyankopɔn frɛ Abram

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so.

2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.

3 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.

4 Na Abram kɔe sɛdeɛ AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ aduɔson nnum.

5 Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahodeɛ a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wɔfirii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na wɔkɔduruu Kanaan asase so.

6 Na Abram twaa mu asase no so kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem wɔ More pɔ no ho. Nso berɛ no mu na Kanaanfoɔ wɔ asase no so.

7 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.

8 Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.

9 Na Abram dii atutena ara kɔɔ Negeb.

Abram kɔ Misraim

10 Na ɛkɔm baa asase no so, na Abram siane kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no mu yɛ den asase no so.

11 Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ,

12 na sɛ Misraimfoɔ hu wo a, wɔbɛka sɛ: Ne yere nie, na wɔaku me, na wɔama woatena ase.

13 Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yie, na matena ase.

14 Na Abram duruu Misraim no, Misraimfoɔ hunuu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ.

15 Na Farao atitire hunuu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbaa no kɔɔ Farao fie.

16 Na ne nti ɔyɛɛ Abram yie; na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu, nkoa, mfenaa, mfunumubereɛ ne yoma.

17 Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛseɛ haa Farao ne ne fie.

18 Na Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yerɛ?

19 Adɛn nti na wose: Ɔyɛ me nua? Anka meremfa no nware no; na afei, hwɛ wo yere nie, fa no na kɔ wo kwan.

20 Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wɔnkɔgya no ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa kwan.