Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 33

AWURADE hyɛ Israel sɛ wɔmfiri Bepɔ Sinai ase nkɔ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim firi ha kɔ, wo ne ɔman a wokɔyii wɔn firi Misraim baeɛ no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no so.

2 Na mɛsoma ɔbɔfoɔ adi w’anim, na matu Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no.

3 Kɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so; na me deɛ merenni wo mu nkɔ, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asene, na mammene wo ɔkwan no mu.

4 Na ɔman no tee asɛmmɔne yi no, wɔdii abooboo, na obiara anhyɛ n’ahokekadeɛ.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Moyɛ ɔman a mo kɔn asene; sɛ medi mo mu kakraa bi ne mo kɔ a, anka mɛhye mo. Na afei monyi mo ho ahokekadeɛ, na menhunu deɛ mɛyɛ mo.

6 Ɛnna Israelfoɔ no yiyii wɔn ho ahokekadeɛ firi bepɔ Horeb ho hɔ ara.

Wɔnsi ntamadan

7 Na Mose taa fa ntomadan no de kɔsi nsraban no akyi akyirikyiri, na ɔfrɛɛ no ahyiaeɛ ntomadan. Na obiara a ɔhwehwɛ AWURADE no firi adi kɔ ahyiaeɛ ntomadan no a ɛwɔ nsraban no akyiri no ho.

8 Na sɛ Mose firi kɔ ntomadan no ho a, ɔman no nyinaa sɔresɔre kɔgyinagyina wɔn ntomadan ano, na wɔde Mose akyiri hwɛ ara kɔsi sɛ ɔhyɛne ntomadan no mu.

9 Na sɛ Mose hyɛne ntomadan no mu a, mununkum dum no siane bɛgyina ntomadan no ano, na AWURADE ne Mose kasa.

10 Na ɔman no nyinaa hunu mununkum dum no sɛ ɛgyina ntomadan no ano a, ɔman no nyinaa sɔresɔre, na obiara koto sɔre wɔ ne ntomadan ano.

11 Na AWURADE ne Mose di nhwɛanim kasa sɛ onipa ne ne yɔnko kasa. Na ɔsane ba nsraban no mu a, ne somfoɔ Nun ba Yosua a ɔyɛ aberanteɛ no deɛ, ɔmfiri ntomadan no mu.

AWURADE hyɛ bɔ sɛ ɔbɛka ne nkurɔfoɔ ho

12 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, wo ara na woaka akyerɛ me sɛ: Fa ɔman yi kɔ, nanso womma menhunu deɛ wobɛsoma no na ɔne me akorɔ. Nanso wo ara na woaka sɛ: Mede wo din menim wo, na woanya m’anim animuonyam nso.

13 Enti mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ma menhunu wo kwan ɛ, na mahu wo, na hunu sɛ nkurɔfoɔ yi yɛ wo man a!

14 Na AWURADE kaa sɛ: Me ara ankasa mɛdi wo anim ne wo akɔ, na mama woakɔhome.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ankasa ne yɛn ankɔ deɛ a, ɛnneɛ mfa yɛn mfiri ha nkɔ.

16 Na ɛdeɛn na wɔde bɛhunu wɔ ha sɛ me ne wo man yi anya w’anim adom, ɛnyɛ wo korɔ a wo ne yɛn bɛkorɔ no? Na me ne wo man yi ada nso wɔ aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu.

17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din menim wo.

18 Na Mose kaa sɛ: Ɛnneɛ, ma menhunu w’animuonyam.

19 Na ɔse: Mɛma me papa nyinaa asene w’anim, na mɛpae me din YHWH (AWURADE) wɔ w’anim; na medom deɛ medom no, na mehunu deɛ mehu no mmɔbɔ no mmɔbɔ.

20 Na ɔse: Wontumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa renhunu m’anim nnya nkwa.

21 Na AWURADE se: Hwɛ, ɔkwan wɔ me nkyɛn ha, na gyina ɔbotan no so;

22 na sɛ m’animuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔboɔ tokuro mu, na mede me nsa makata wo so masene ansa,

23 na mayi me nsa, na woahunu m’akyi fam; na m’anim deɛ, worenhunu.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 34

Wɔyɛ aboɔpono no foforɔ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na mentwerɛ kane apono a wobobɔeɛ no so nsɛm no wɔ so.

2 Na siesie wo ho sie anɔpa, na foro bra Sinai bepɔ so anɔpa, na gyina hɔ twɛn me bepɔ no atifi.

3 Mma obiara nnka wo ho mmforo mmma, na mma wɔnnhunu obiara nso bepɔ no so baabiara, na mma nnwan anaa anantwie mmmɛdidi bepɔ no ho.

4 Na Mose senee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na ɔtuaa nhema foro kɔɔ Sinai bepɔ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa aboɔpono mmienu no kuraa ne nsam.

5 Na AWURADE nam mununkum mu sianee, na ɔne no bɛgyinaa hɔ, na ɔpaee n’ankasa ne din YHWH (AWURADE) din.

6 Na AWURADE bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH, (AWURADE, AWURADE),

Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ,

deɛ n’abodwoɔ kyɛre

na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii,

7 deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem,

na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ,

na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie,

ɔtua nananom amumuyɛ so ka

fa mma

ne mma mma so

kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

8 Na Mose yɛɛ ntɛm kotoo fam sɔree;

9 na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ.

AWURADE ne wɔn apam

10 Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, me deɛ, merepam apam: Wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa soɔ ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wowɔ wɔn mu no nyinaa ahunu AWURADE nnwuma, na adeɛ a merebɛyɛ woɔ no bɛyɛ hu.

11 Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim.

12 Hwɛ wo ho yie na wo ne deɛ ɔte asase a worekɔ soɔ no soɔ no ampam, na wɔammɛdane wo mu fidie;

13 na mmom mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn ɔboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ Asera ngu.

14 Na nsɔre onyame foforɔ biara, ɛfiri sɛ AWURADE a ne din ne oninkunfoɔ no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ;

15 na wo ne deɛ ɔte asase no soɔ no ampam, na wɔdi wɔn anyame akyi bɔ adwaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔdeɛ a, obi ammɛfrɛ wo na woankɔdi n’afɔrebɔdeɛ no bi,

16 na woanware ne mmammaa no bi amma wo ba, na ne mma mmaa no anni wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankɔdi wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman.

17 Nyɛ anyame a wɔaguo mfa.

Afahyɛ mmiɛnsa no

18 Di apiti nnapɔnna no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na wofiri Misraim baeɛ.

19 Adeɛ biara a ɛbue ɔyafunu ano no ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwie oo, odwan oo, me dea.

20 Na afunumu abakan deɛ, fa odwan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnneɛ bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmɛpue m’anim.

21 Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, home, funtum berɛ mu ne otwa berɛ mu na home.

22 Na hyɛ wo nnapɛn fa no, ayuotwa berɛ mu adekan deɛ no, ɛne anoboa afahyɛ no, afeda mu.

23 Afe mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim.

24 Na mɛtu amanaman no afiri w’anim, na matrɛ w’ahyeɛ mu; na woreforo akɔpue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirinhyia mu mprɛnsa no a, obiara ani remmere w’asase.

25 Mfa mmɔreka nka w’afɔdeɛ a wobɔ no mogya ho, na mma adeɛ nnkye twam afahyɛ afɔdeɛ no so.

26 W’asase so adekan a ɛbɛba kane no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.

27 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ nsɛm yi fa, ɛfiri sɛ nsɛm yi so na magyina me ne wo ne Israelfoɔ no apam.

Mose de aboɔpono no ba

28 Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔtwerɛɛ apam nsɛm no, nsɛm du no, apono no so.

29 Na Mose firi Sinai bepɔ so resiane no, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam; na ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, na Mose nnim sɛ ɔne AWURADE kasaeɛ nti, n’anim wedeɛ ahyerɛn.

30 Na Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa hunuu Mose no, na hwɛ, n’anim wedeɛ hyerɛn; na wɔsuroo sɛ wɔbɛbɛn no.

31 Na Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne asafo no mu mpanimfoɔ no nyinaa sane baa ne nkyɛn, na Mose ne wɔn kasae.

32 Na ɛno akyiri no, Israelfoɔ no nyinaa twe bae, na ɔhyɛɛ wɔn deɛ AWURADE ka kyerɛɛ no Sinai bepɔ soɔ no nyinaa.

33 Na Mose ne wɔn wiee kasa no, ɔde nkatanimu kataa n’anim.

34 Na daa sɛ Mose rekɔ AWURADE anim ne no akɔkasa a, ɔyi nkatanimu no de kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie; na ɔfiri adi a ɔbɛka deɛ wɔahyɛ no no kyerɛ Israelfoɔ no.

35 Na sɛ Israelfoɔ no hunu Mose anim sɛ n’anim wedeɛ no ahyerɛn; na Mose de nkatanimu no sane kata n’anim kɔsi sɛ ɔkɔ mu ne no kɔkasa.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 35

Homeda ho nhyehyɛɛ

1 Na Mose hyiaa Israelfoɔ asafo no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. Nsɛm a AWURADE ahyɛ sɛ monni soɔ nie:

2 Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wɔbɛku no.

3 Monnsɔ gya mo tenaberɛ nyinaa homeda.

Mmasoɔ afɔrebɔdeɛ

4 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie:

5 Monyi mmasoɔ afɔrebɔdeɛ wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a n’akoma pɛ no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ,

6 ne bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, ne asaawa fitaa ne mmirekyie nwi.

7 Deɛ ɛka ho ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman nwoma, okuo nnua,

8 kanea no ho ngo, nnuhwam a wɔde bɛyɛ sra ngo, ɔhyeɛ aduhwam,

9 apopobibire aboɔ, nsisimu aboɔ a wɔde bɛyɛ asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no.

Ntomadan no ho nnoɔma

10 Na mo mu akoma mu anyansafoɔ nyinaa mmra mmɛyɛ adeɛ a AWURADE ahyɛ nyinaa,

11 tenabea no, ntomadan ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ ne ne ntaaboɔ a ɛsisi ho, ne mmeamu, n’adum ne ne nnyinasoɔ;

12 adaka no ne ne mpoma, mpata adwa no ne ntwamutam a ɛtwa mu no,

13 ɛpono no ne ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kyerɛ paanoo no.

14 Bio, kaneadua no ne ɛho nnoɔma ne ne nkanea ne ɛho ngo,

15 ne aduhwamhyeɛ bukyia no ne ne mpoma ne sra ngo no ne hyeɛ aduhwam no ne tenabea no ano nkataano no;

16 ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ne kɔbere mfrafraeɛ ntentan no, ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa, kuduo no ne ne ntaaseɛ.

17 Deɛ ɛka ho ne adihɔ no ho ntwamutam no, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano no,

18 tenabea no ho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma;

19 ɔsom ntadeɛ a wɔde som kronkronbea hɔ, Ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron no ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no.

Ɔman no afɔrebɔdeɛ

20 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa firii Mose anim kɔe.

21 Na wɔbae, obiara a n’akoma kanyan no ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛho som nnoɔma nyinaa ne ntadeɛ kronkron no.

22 Na mmarima ne mmaa nyinaa, dodoɔ a wɔn akoma pɛ nyinaa bae, na wɔde nkapo ne nsomuadeɛ ne mpɛtea ne krakyere ne sika nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika ohim afɔdeɛ brɛ AWURADE,

23 ne obiara a ne nsam wɔ bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa ne mmirekyie nwi ne adwennini nwoma kɔkɔɔ ne sukraman nwoma no de bae;

24 obiara a ɔkura dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ma AWURADE de bae, na obiara a ne nsam wɔ okuo nnua a wɔde bɛyɛ ɔsom nnoɔma no biara nso de bae.

25 Na mmaa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde deɛ wɔtoeɛ no bae, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa;

26 na mmaa a wɔn akoma pɛ de wɔn nyansa mu nyinaa too mmirekyie nwi asaawa.

27 Na mpanimfoɔ no de apopobibire aboɔ ne nsisimu aboɔ a wɔde bɛyɛ asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no bae.

28 Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛyɛ nkanea ngo ne sra ngo ne ɔhyeɛ aduhwam no nso bae.

29 Na Israelfoɔ mu mmarima ne mmaa nyinaa a wɔn akoma pɛ wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE.

Ntomadan sie ho adwumayɛfoɔ

30 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu,

31 na ɔde Nyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa, nhunumu, nimdeɛ ne adwinnie nyinaa mu,

32 sɛ ɔnni adwini ahodoɔ; sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ,

33 ne nsisimu aboɔ mu nkurukyireeɛ, nnuasene ne adwini ahodoɔ,

34 na ɔde ahyɛ n’akomam sɛ ɔnkyerɛ ebinom nso. Ɔno ne Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu no.

35 Wɔn na ɔde akoma mu nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wɔnni adwini ahodoɔ nyinaa, sikadwumfoɔ, duadwumfoɔ, ɔnwomfoɔ a ɔdi bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini ne ntomanwomfoɔ deɛ; wɔn a wɔdi adwini biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwini ahodoɔ.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 36

Wɔde ayɛyɛdeɛ no brɛ adwumfoɔ no

1 Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a AWURADE ama wɔn nimdeɛ ne nhunumu sɛ wɔnhunu adeɛ no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no.

2 Na Mose frɛɛ Besalel, Oholiab ne animdefoɔ a AWURADE de nyansa ahyɛ wɔn akoma mu nyinaa, wɔn a wɔn akoma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa.

3 Na wɔgyee mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de baa sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ no daa anɔpa.

4 Na adwumfoɔ a wɔyɛ kronkronbea no ho adwuma nyinaa firi wɔn nnwuma a wɔreyɛ no ho ba

5 bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman no ama deɛ wɔde ba no adɔɔso sene deɛ ɛbɛso adwuma a AWURADE hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no.

6 Na Mose hyɛ maa wɔpaee no nsraban no mu sɛ: Ɔbarima oo, ɔbaa oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho mmasoɔ afɔrebɔdeɛ bio.

7 Ɛnna ɔman no de gyaee ba. Ɛfiri sɛ na deɛ wɔanya no dɔɔso ma adwuma no nyinaa sɛ wɔde bɛyɛ ama ebi aka.

Apam adaka no yɛ

8 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no animdefoɔ nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛɛ ntoma du, kerubim a ɛyɛ ntomanwono mu adwini na wɔde yɛeɛ.

9 Ntoma biara tentene yɛ basafa dunan, na ntoma biara tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma no nyinaa nsusuiɛ yɛ bafua.

10 Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so maa baako toaa baako so, na ɔde ntoma no nnum nso toatoaa so maa baako toaa baako so.

11 Na ɔde bibire bobɔɔ ntoma baako mmuano so nkantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no mmuano so wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no so;

12 nkantankoraa aduonum na ɔbobɔɔ no ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na ɔbobɔɔ no ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no dii mmɔanim.

13 Na ɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na ɔde nkɔtɔkorɔ no koakoaa ntoma no, na tenabea no yɛɛ fua.

14 Na ɔyɛɛ mmirekyie nwi ntoma de yɛɛ ntomadan wɔ tenabea no so; ntoma dubaako na ɔyɛeɛ.

15 Ntoma baako tentene yɛ basafa dunum, na ntoma baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛm yɛ pɛ.

16 Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so yɛɛ no bafua, na ɔde nsia nso toatoaa so yɛɛ no bafua.

17 Na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum, ntoma a ɛdi akyire no mmuano so, wɔ ntoaeɛ no so, na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so.

18 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa ntomadan no na ayɛ bafua.

19 Na ɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ ntomadan no nkatasoɔ, na ɔde sukraman nwoma yɛɛ ɛno so nkatasoɔ.

20 Na ɔde okuo yɛɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ no.

21 Taaboɔ baako tentene yɛ basafa nnum, na taaboɔ baako tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

22 Ɛnan mmienu tuatua taaboɔ baako ase, na biribi sosɔ ɛnan baako ne baako mu. Saa na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no nyinaa ho.

23 Na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu di anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa.

24 Na ɔyɛɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan; nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro ase ma ne nan mmienu no, na nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro nso ase ma ne nan mmienu no.

25 Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ɔde ntaaboɔ aduonu kɔsisii hɔ,

26 ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, taaboɔ koro ase nnyinasoɔ mmienu, na koro nso ase nnyinasoɔ mmienu.

27 Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, ɔde ntaaboɔ nsia kɔsisii hɔ.

28 Na ɔde ntaaboɔ mmienu kɔsisii tenabea no akyiri ntwea no so,

29 na ɛpam ho firi fam de rekorɔ, nanso ɛyɛ mu kɔduru ne hini so, deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ: Saa na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa ntwea mmienu no soɔ.

30 Na ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia na ɛwɔ hɔ, taaboɔ biara ase nnyinasoɔ mmienu.

31 Na ɔde okuo yɛɛ mmeamu, tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ enum,

32 ne tenabea no nkyɛn baako no nso ntaaboɔ no mmeamu enum no ne tenabea no akyi, atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ, mmeamu nnum.

33 Na ɔde mfimfini mmeamu no beaa ntaaboɔ no mfimfini de twaa mu firi tire kɔduruu tire.

34 Na ɔde sika duraduraa ntaaboɔ no ho, na ɔde sika yɛɛ ɛho nkaa no sɛ ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na ɔde sika duraduraa mmeamu no ho.

35 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ ntwamutam; ɔyɛɛ no ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu.

36 Na ɔyɛɛ ɛho okuo adum nnan, na ɔde sika duraduraa ho; ne mprɛngo yɛ sika. Na ɔde dwetɛ nnyinasoɔ nnan guu aseɛ.

37 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo nkyeremu de yɛɛ ntomadan no ano nkataano.

38 Na ɔyɛɛ ɛho adum nnum ne mprɛngo, na ɔde sika duraduraa n’atifi ne ne mmeamu ho, na ne nnyinasoɔ nnum yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 37

Apam Adaka no yɛ

1 Na Besalel de okuo yɛɛ adaka no, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

2 Na ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho, na ɔyɛɛ sika hankra twaa ho hyiae.

3 Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan de tuatuaa ne nan nnan no ho, nkaa mmienu wɔ ɔfa ha, na nkaa mmienu wɔ ɔfa ha.

4 Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.

5 Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu, adaka no nkyɛn mu, na wɔde asoa adaka no.

6 Na ɔde sika amapa yɛɛ mpata adwa no, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

7 Na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ sika kerubim mmienu maa no firi mpata adwa no tiri mmienu no mu.

8 Ɔyɛɛ kerub baako wɔ etire ha, na ɔyɛɛ kerub baako nso wɔ etire ha; mpata adwa no mu na ɔmaa kerubim no firii ne tiri mmienu no soɔ.

9 Na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata adwa no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na wɔn anim kyerɛkyerɛ mpata adwa no so.

Wɔyɛ ɛpono no

10 Na ɔde okuo yɛɛ ɛpono no, ne tentene basafa baako, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn baako ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

11 Na ɔde sika amapa duraa ho, na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae.

12 Na ɔyɛɛ ɛho mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ te sɛ nsam hyiae, na ɔyɛɛ mfemfamho no ho sika hankra hyiae.

13 Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan, na ɔde nkaa no sisii ntwea nnan a ɛwɔ ne nan nnan ho no so.

14 Mfemfamho no ase pa ara na nkaa a ɛyɛ mpoma a wɔde bɛsoa ɛpono no wurabea no wɔ.

15 Na ɔde okuo senee mpoma no, na ɔde sika duraduraa ho, na wɔde asoa ɛpono no.

16 Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛpono no so nnoɔma, ne nyowa ne ne nyowaa ne ne nkuruwa ne ne nkoraa a wɔde bɛhwie.

Kaneadua no yɛ

17 Na ɔde sika amapa a wɔaboro na wɔde yɛɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho kuruwa, ne kukuduuduu ne ne nhwiren firi ɛno ara mu.

18 Na nsa nsia tuatua ho, kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha.

19 Nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren: Saa ara na ɛteɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho.

20 Na kaneadua no ho nkuruwa a ɛte sɛ sorɔno deɛ no yɛ nnan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren;

21 na kukuduuduu no wowɔ nsa mmienu mmienu a ɛtuatua ho no ase, nsa nsia a ɛtuatua ho no ase.

22 Ne kukuduuduu ne ne nsa no tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaborɔ bafua.

23 Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa.

24 Sika amapa dwetikɛseɛ baako na ɔde yɛeɛ ɛne ɛho nnoɔma no nyinaa.

Wɔyɛ aduhwamhyeɛ afɔrebukyia no

25 Na ɔde okuo yɛɛ aduhwamhyeɛ no afɔrebukyia, ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn baako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara.

26 Na ɔde sika amapa duraa ho, ɛso ne ɛho hyiae, ne ne mmɛn no; na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae.

27 Na ɔyɛɛ ɛho sika nkaa mmienu, wɔ ne hankra no ase, ne nkyɛn mu mmienu no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no wurabea na wɔde asoa.

28 Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.

Sra ngo ne Aduhwam no yɛ

29 Na ɔyɛɛ sra ngo kronkron ne ɛhyeɛ aduhwam korɔgyenn no, sɛdeɛ odufrafoɔ fra no.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 38

Wɔyɛ Ɔhyeɛ Afɔrebukyia no

1 Na ɔde okuo yɛɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia no, ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ yɛ basafa baako ne fa.

2 Na ɔyɛɛ ne mmɛn, ne mfatorɔ nnan no so, emu ara na na ne mmɛn no tuatua, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho.

3 Na ɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa: Nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa, adinam ne nsramma kukuwa no; ɛho nnoɔma nyinaa, ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ.

4 Na ɔnwonoo afɔrebukyia no ho kɔbere mfrafraeɛ ntentan a wɔanwono no sɛ atena, ne bamma no ase firi fam kɔduru mfimfini.

5 Na ɔguu nkaa nnan tuatuaa kɔbere mfrafraeɛ ntentan no ntwea nnan no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no hyehyɛbea.

6 Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraduraa ho.

7 Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn na wɔde asoa. Ɔde ntaaboɔ na ɛyɛeɛ, na emu da kwan.

Wɔyɛ kuduo ne adihɔ

8 Na ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ kuduo no, na ne ntaaseɛ nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔnya firii mmaa a wɔba bɛsom, ahyiaeɛ ntomadan no ano, no kɔbere mfrafraeɛ nhwehwɛ mu.

9 Na ɔyɛɛ adihɔ no: Anafoɔ fam a ɛkyerɛ adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono, basafa aduonum,

10 ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu, adum no mprɛngo ne ne mmeaeɛ yɛ dwetɛ;

11 ne atifi fam ntwamutam no, basafa aduonum, n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu, adum no nnadewa ne ne mmeaeɛ yɛ dwetɛ;

12 ne atɔeɛ fam ntwamutam no basafa aduonu nnum, n’adum du ne ne nnyinasoɔ du, adum no nkɔtɔkorɔ ne ne mmeamu yɛ dwetɛ;

13 ne anim fam a ɛkyerɛ apueeɛ deɛ, basafa aduonu nnum,

14 ɔfa ha ntwamutam basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa;

15 na ɔfa baako no deɛ nso adihɔ no aboboano ɔfa ha ne ha ntwamutam basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa.

16 Adihɔ no ntwamutam a ɛtwa ho hyia nyinaa, asaawa fitaa a wɔafira na wɔde yɛeɛ,

17 na adum no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, adum no mprɛngo ne ne mmeamu yɛ dwetɛ, ne tiri nnuraho yɛ dwetɛ; adihɔ no adum nyinaa, dwetɛ mmeaeɛ na ɛbeabea ho;

18 na adihɔ no aboboano nkataano no yɛ adenwono adwuma a wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na ayɛ, na ne tentene yɛ basafa du, na ne sorokorɔ wɔ ne trɛ mu yɛ basafa mmienu ne fa, te sɛ adihɔ no ho ntwamutam no;

19 na n’adum nnan, ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnan, ne nnadewa yɛ dwetɛ, na ne tiri nnuraho ne ne mmeamu yɛ dwetɛ.

20 Na tenabea no ne adihɔ no ho mpɛɛwa a ɛtwa ho hyia no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Ɔman no ayɛyɛdeɛ no anobuo

21 Yei ne tenabea no, adanseɛ tenabea no ho nnoɔma anobuo, sɛdeɛ wɔnam Mose anomu asɛm so maa Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar buu ano maa Lewifoɔ som no.

22 Na Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa;

23 na deɛ ɔka ne ho ne Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu a ɔyɛ sika ne dua dwumfoɔ ne ɔnwomfoɔ a ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini no.

24 Sika a wɔde yɛɛ adwuma no nyinaa, kronkronbea no ho nnwuma nyinaa, ɛtoɔ sika no, ano si dwetikɛseɛ aduonu nkron ne nnwetɛbena ahanson aduasa, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ.

25 Na asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no dwetɛ ano si dwetikɛseɛ ɔha ne nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ.

26 Wɔn a wɔkan wɔn fraa dodoɔ no mu a wɔadi mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa a wɔyɛ mpem ahansia ne mpensa ne ahanum aduonum no mu biara yii beka baako (a ɛyɛ dwetɛbena fa sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ).

27 Na wɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha no guu kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ no, nnyinasoɔ ɔha no yɛ dwetikɛseɛ ɔha, dwetikɛseɛ baako yɛ nnyinasoɔ baako.

28 Na nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum no, ɔde yɛɛ adum no mprɛngo, na ɔde bi duraduraa etire tire, na ɔde bi beabeaa ho.

29 Na ɛtoɔ kɔbere mfrafraeɛ no ano si dwetikɛseɛ aduɔson ne nnwetɛbena mpem mmienu ahanan.

30 Na ɛno na ɔde yɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ano nnyinasoɔ ne kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia ne ɛho kɔbere mfrafraeɛ ntentan ne afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa,

31 ne adihɔ no nnyinasoɔ a ɛtwa ho hyia, ne adihɔ no aboboano nnyinasoɔ, ne tenabea no ho mpɛɛwa nyinaa, ne adihɔ no mpɛɛwa a ɛtwa ho hyia nyinaa.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 39

Asɔfoɔ Ntadeɛ no yɛ

1 Na bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan no, wɔde yɛɛ ɔsom ntadeɛ a wɔde bɛsom kronkronbea hɔ, na wɔyɛɛ Aaron ntade kronkron no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

2 Na ɔde sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo asɔfotadeɛ no.

3 Na wɔboroo sika tratra twitwaa no nteanteaa sɛ wɔde rebɛsa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa no mu adi no adwini.

4 Wɔyɛɛ ɛho mmatire a wɔde toa. Na wɔkaa ano mmienu no toae;

5 na asɔfotadeɛ no nkyekyeremu a ɛwɔ soɔ no, ɛfiri emu ara te sɛ n’adwini no ara, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

6 Na wɔyɛɛ apopobibire aboɔ a ɛsisi sika nnwinneɛ mu a wɔakurukyire soɔ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ Israel mma din teɛ.

7 Na ɔde fam asɔfotadeɛ no mmatiri so sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ aboɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Adaaboɔ no yɛ

8 Na ɔde adwinni nwonoo adaaboɔ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no adwini no teɛ, sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira.

9 Ɛyɛ ahinanan, wɔbuka adaaboɔ no to so, ne tentene yɛ saama na ne tɛtrɛtɛ yɛ saama, na wɔbuka to so.

10 Na wɔde aboɔ kyerɛpɛn nnan sisii mu. Kyerɛpɛn a ɛdi kan no yɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ;

11 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu yɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ;

12 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ;

13 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan yɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no wɔyɛɛ ho sika nnwinneɛ hyiae.

14 Na aboɔ no duru Israel mma no din ano, dummienu, sɛdeɛ wɔn din teɛ; ɛyɛ nsɔanodeɛ kurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛdeɛ mmusuakuo dummienu no teɛ.

15 Na wɔde sika amapa yɛɛ adaaboɔ no so ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa sɛ nhoma no.

16 Na wɔyɛɛ sika nnwinneɛ mmienu ne sika nkaa mmienu, na wɔde nkaa mmienu no hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu so.

17 Na wɔde sika mmɛsa mmienu no koakoaa nkaa mmienu a ɛwowɔ adaaboɔ no ntwea soɔ no mu.

18 Na wɔde mmɛsa mmienu no ano mmienu a aka no koakoaa nnwinneɛ mmienu no mu, na wɔde hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmatiri no so, anim fam.

19 Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so, wɔ ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotadeɛ no.

20 Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu bio de hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so.

21 Na wɔde bibire nhoma kyekyeree adaaboɔ nkaa no de sosɔɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu sɛ ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no antwetwe amfiri asɔfotadeɛ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Asɔfotadeɛ afoforɔ no yɛ

22 Na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ no ase batakari no, wɔde birisi na ɛnwonoo ne nyinaa.

23 Na batakari no tokuro da ne mfimfini te sɛ adaaboɔ mu tokuro, wɔde ntomaban abare tokuro no ano ahyia, na ansuane.

24 Na wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔafira yɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ wɔ batakari no mmuano so.

25 Na wɔyɛɛ sika amapa nnɔnnɔmma, na wɔde nnɔnnɔmma no sensɛnee atoaa aba no ntam ntam, batakari no mmuano no so de twaa ho hyiae, atoaa aba no ntam ntam;

26 adɔmma ne atoaa aba, adɔmma ne atoaa aba didi so ara batakari no mmuano so hyia, na wɔde asom, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

27 Na wɔde nwera fɛfɛ a wɔanwono yɛɛ ntadeɛ yuu no maa Aaron ne ne mma,

28 na nwera abotitene ne nwera ahokeka abotire ne nwera twakoto a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ayɛ,

29 ne adenwono aboomu a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛeɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

30 Na wɔboroo sika amapa tratraa de yɛɛ abɔanimu kronkron no, na wɔtwerɛɛ so atwerɛ sɛ nsɔanodeɛ so nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE.

31 Na wɔde bibire homa kyekyeree fam abotitene no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Adwuma no wie

32 Na wɔyɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa wiee, na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

33 Na wɔde tenabea no brɛɛ Mose: Ntomadan no ne ɛho nnoɔma nyinaa, ne nkɔtɔkorɔ, ne nsisiho ntaaboɔ, ne mmeamu ne ne nsisimu adum ne ne nnyinasoɔ;

34 ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ nkatasoɔ ne sukraman nwoma nkatasoɔ ne ntwamutam no;

35 adanseɛ adaka ne ne mpoma ne mpata adwa no;

36 ɛpono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kyerɛ paanoo no;

37 kaneadua kronkron no, ne ne nkanea a wɔasiesie sisi soɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kanea no ngo;

38 ne sika afɔrebukyia ne sra ngo ne ɔhyeɛ aduhwam ne ntomadan no ano nkataano no;

39 kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ne ɛho kɔbere mfrafraeɛ ntentan no, ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa; nkuduo no ne ne ntaaseɛ;

40 adihɔ no ntwamutam, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano, ne ntampehoma ne ne mpɛɛwa, ne ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no som ho nnoɔma nyinaa;

41 ɔsom ntadeɛ a wɔde som kronkronbea hɔ ne Ɔsɔfoɔ Aaron ntade kronkron ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no.

42 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na Israelfoɔ yɛɛ adwuma no nyinaa.

43 Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na hwɛ, wɔayɛ no sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no, saa ara pɛ na wɔyɛeɛ. Na Mose hyiraa wɔn.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 40

Wɔtu Tenabea no hyɛ AWURADE nsa

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na si ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no.

3 Na fa adanseɛ adaka no si mu, na fa ntwamutam no kata adaka no ani.

4 Na fa ɛpono no kɔ mu, na siesie deɛ wɔde sisi soɔ no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa ne nkanea no sisi so.

5 Na fa sika aduhwamhyeɛ bukyia no kɔsi adanseɛ adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛne hɔ.

6 Na fa ɔhyeɛ afɔrebukyia no si ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano.

7 Na fa kuduo no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu.

8 Na sisi adihɔ no hyia, na fa adihɔ no aboboano nkataano no sɛne hɔ.

9 Na fa sra ngo no sra tenabea no ne emu adeɛ nyinaa, na yɛ ɛno ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron na ɛnyɛ akronkronneɛ.

10 Na sra ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ngo, na yɛ afɔrebukyia no kronkron, na afɔrebukyia no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

11 Na sra kuduo no ne ne ntaaseɛ no ngo, na yɛ no kronkron.

12 Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn.

13 Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na ɔnni me sɔfoɔ.

14 Na fa ne mma nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ,

15 na sra wɔn ngo, sɛdeɛ wosraa wɔn agya no, na wɔnni me asɔfoɔ, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodie, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

16 Na sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ.

17 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, wɔsii tenabea no.

18 Na Mose sii tenabea no, na ɔhyehyɛɛ ne nnyinasoɔ na ɔgyinagyinaa ne ntaaboɔ no, na ɔde ne mmeamu no beabeaa mu, na ɔgyinagyinaa ne nsisimu adum.

19 Na ɔyeree ntomadan no kataa tenabea no so, na ɔde ntomadan no nkatasoɔ no kataa so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

20 Na ɔfaa Adanseɛ no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata adwa no sii adaka no so;

21 na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na ɔsii ntwamutam no, na ɔde kataa adanseɛ adaka no ano, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

22 Na ɔde ɛpono no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ atifi fam wɔ ntwamutam no akyi;

23 na ɔsiesiee ɛso paanoo AWURADE anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

24 Na ɔde kaneadua no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ anafoɔ fam;

25 na ɔde nkanea no sisii so AWURADE anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

26 Na ɔde sika afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam no anim;

27 na ɔhyee so aduhwam, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

28 Na ɔde nkataano no sɛnee tenabea no ano.

29 Na ɔde ɔhyeɛ afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ ne aduane afɔdeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

30 Na ɔde kuduo no sii ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na ɔde nsuo guu mu sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho.

31 Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho;

32 sɛ wɔkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

33 Na ɔsii adihɔ no de twaa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyiae, na ɔde adihɔ no aboboano ntwamutam no sɛnee hɔ. Na Mose wiee adwuma no.

Mununkum bɛkata Tenabea no so

34 Ɛnna mununkum no bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no soɔ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma.

35 Na Mose antumi anhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛfiri sɛ na mununkum no te so, na AWURADE animuonyam ahyɛ tenabea no ma.

36 Na Israelfoɔ akwantuo no nyinaa mu, sɛ mununkum no ma ne ho so firi tenabea no so a, na wɔkɔ wɔn anim;

37 na sɛ mununkum no amma ne ho so a, ɛnneɛ wɔntu ara kɔsi da a ɛma ne ho soɔ.

38 Ɛfiri sɛ wɔn akwantuo no nyinaa mu, na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fie no nyinaa anim.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 1

Adebɔ mfitiaseɛ

1 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butunsuo no ani.

3 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.

4 Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu.

5 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.

6 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ewiem mmra, na ɛmmɛpae nsuo no mu.

7 Na Onyankopɔn yɛɛ ahunumu ntrɛmu. Na ɔpaee nsuo a ɛwɔ ewiem no aseɛ ne deɛ ɛwɔ ewiem no soɔ no mu. Na ɛyɛɛ saa.

8 Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.

9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo a ɛwɔ ɔsoro aseɛ no mmoaboa ano wɔ faako, na wɔnhunu asase pɛsɛɛ. Na ɛyɛɛ saa.

10 Na Onyankopɔn frɛɛ pɛsɛɛ no asase, na nsuo mmoano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

11 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Asase mfifiri nwira, mfudeɛ, nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa.

12 Na asase fifirii nwira ne nnuaba sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

13 Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne no.

14 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nkanea mmra ewiem, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mmerɛ, nna ne mfeɛ nkyekyɛmu.

15 Bio, na ɛnyɛ nkanea wɔ ewiem, na ɛnhyerɛn wɔ asase so. Na ɛyɛɛ saa.

16 Na Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu no, sɛ kɛseɛ no nni adekyeeɛ so, na ketewa no, sɛ ɛnni anadwo so. Ɔyɛɛ nsoromma nso.

17 Na Onyankopɔn de sisii ewiem sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so,

18 na ɛnni adekyeeɛ ne adesaeɛ so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

19 Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnan ne no.

20 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Nsuo no nnɔre abɔdeɛ a ɛte aseɛ pii, na ntakraboa ntu mfa asase so wɔ ewiem.

21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

22 Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so.

23 Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnum ne no.

24 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Abɔdeɛ a ɛtete aseɛ mfiri asase mu mmra, sɛdeɛ wɔn su teɛ: Ntɔteboa a ɛwɔ fie ne wiram ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na ɛyɛɛ saa.

25 Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma, ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

26 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.

27 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.

Aane, Nyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no,

ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.

28 Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.

29 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, mede mfudeɛ a ɛwɔ asase ani nyinaa ne nnuaba nyinaa mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduane.

30 Na asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, mede nhahan mono mama wɔn sɛ wɔnni. Na ɛyɛɛ saa.

31 Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.

Categories
Gyenesis

Gyenesis 2

Homeda

1 Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ.

2 Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho.

3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.

Eden turo no

4 Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

5 Na afuo mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuo mu nhahan nyinaa nnya mfifirii, ɛfiri sɛ na AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ nsuo nguu asase no so, na na onipa a ɔbɛdɔ asase nni hɔ.

6 Na nsuo firi asase so foroe, na ɛfɔɔ asase ani nyinaa.

7 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.

8 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apueeɛ fam, na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaa hɔ.

9 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ sɛ wɔdie asase no so, ne nkwa dua a ɛsi turo no mfimfini, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua fifirii asase no so.

10 Na asuo bi tene firi Eden bɛfɔ turo no, na ɛfiri hɔ ara na emu paapae yɛɛ nsutire nnan.

11 Deɛ ɛdi kan no din de Pison, ɛno na ɛkonton twa Hawila asase a sika wɔ soɔ no nyinaa ho hyiae.

12 Na asase no so sika yɛ papa. Ɛhɔ na bedola aduhwam ne apopobibireboɔ wɔ.

13 Na asuo a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Ɛno na ɛkonton twa Kusasase nyinaa ho hyia.

14 Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri,ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.

15 Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔ na ɔnwɛn hɔ.

16 Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi.

17 Na mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni; ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo.

18 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena; mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.

19 Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din.

20 Na onipa totoo afiemmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoadoma nyinaa din. Nanso onipa deɛ wɔannya ne boafoɔ a ɔfata amma no.

21 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na ɔdae. Na ɔyii ne mfe mpadeɛ mu baako, na ɔde nam tuaa ananmu.

22 Na AWURADE Nyankopɔn de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no.

23 Na onipa no kaa sɛ:

Ampa ara, me nnompe mu dompe,

ne me honam mu nam ankasa nie.

Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbaa,

ɛfiri sɛ Ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.

24 Saa nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ.

25 Na wɔn baanu no deda adagya, ɔbarima no ne ne yere, nanso wɔn ani anwu.