Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 13

Wɔde mmakan si hɔ ma AWURADE

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.

Apiti afahyɛ no

3 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.

4 Ɛnnɛ da yi, bosome Abib mu na morefiri Misraim.

5 Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu.

6 Nnanson na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no, hyɛ fa ma AWURADE.

7 Wɔnni apiti nnanson no, na mma wɔnnhunu wo nkyɛn mmɔreka paanoo anaa mmɔreka w’asase baabiara.

8 Na ɛda no, bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Deɛ AWURADE yɛɛ me berɛ a mefirii Misraim no ntira.

9 Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim.

10 Enti di atorɔmudeɛ yi so wɔ ne berɛ mu afe daa.

Mmakan no

11 Na sɛ AWURADE de wo duru Kanaanfoɔ asase so, sɛ deɛ ɔkaa wo ne wo nananom ntam, na ɔde ma wo a,

12 yi adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ma AWURADE, na w’afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wɔbue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.

13 Na mfunumu mmakan nyinaa deɛ, fa odwan sesa, na sɛ woansesa a, bu ne kɔn mu. Na nnipa mmakan a wɔwɔ wo mmammarima mu nyinaa deɛ, sesa gye wɔn.

14 Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.

15 Na Farao pirim n’akoma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakorɔ no, AWURADE kumm Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa mmakan so kɔsi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ɛbue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔdeɛ, nanso me mma mu mmakan nyinaa deɛ, mesesa agye wɔn.

16 Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.

Mununkum dum ne ogya dum

17 Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifoɔ asase so kwan a ɛnwareɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankɔhyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansane ankɔ Misraim.

18 Enti Onyankopɔn de ɔman no konton faa ɛserɛ so kwan a ɛda Mmɛwa Po ho no so. Na Israelfoɔ no kaa ntoa firii Misraim asase so kɔe.

19 Na Mose faa Yosef nnompe no, ɛfiri sɛ Yosef aka Israelfoɔ ntam sɛ: Hwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfiri ha nkɔ.

20 Na wɔsii mu firii Sukot kɔkyeree nsraban wɔ Etam, wɔ ɛserɛ no ano.

21 Na AWURADE dii wɔn anim, awia, mununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔnante awia ne anadwo.

22 Na mununkum dum no antwe ne ho na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfiri ɔman no anim.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 14

Israelfoɔ twa Mmɛwa Po no

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no ma wɔnnane nkɔkyere nsraban wɔ Pihahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baalsefon anim; ne ntentensoɔ na monkyere nsraban no wɔ po no ano.

3 Na Farao bɛka no Israelfoɔ ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, ɛserɛ aka wɔn atom.

4 Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.

5 Na wɔka kyerɛɛ Misraimhene sɛ ɔman no adwane kɔ. Na Farao ne ne nkoa akoma sakyerae wɔ ɔman no ho, na wɔse: Ɛdeɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som korɔ yi?

6 Na ɔsiesiee ne teaseɛnam, na ɔfaa ne man kaa ne ho,

7 na ɔfaa nteaseɛnam a wɔayie ahansia ne Misraim nteaseɛnam nyinaa ne nteaseɛnam no nyinaa so asahene.

8 Na AWURADE pirim Misraimhene Farao akoma maa no tii Israelfoɔ no, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no de ahosɛpɛ kɛseɛ na ɛfiri kɔeɛ.

9 Na Misraimfoɔ tii wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n’apɔnkɔfoɔ ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔakyere nsraban wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim.

10 Na Farao bɛneeɛ no, Israelfoɔ no memaa wɔn ani so, na hwɛ, na Misraimfoɔ di wɔn akyiri reba. Na Israelfoɔ no suroo pii, na wɔsu frɛɛ AWURADE.

11 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Adamena a ɛnni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ yi? Ɛdeɛn nti na woayɛ yɛn sɛɛ yi, sɛ woyii yɛn firii Misraim baeɛ yi?

12 Ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no nie? Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu ɛserɛ so.

13 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.

14 AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm!

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Adɛn na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ ma wɔnkɔ wɔn anim.

16 Na wo deɛ, ma wo poma no so, na tene wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfoɔ no nnante asase pɛsɛɛ so mfa po no mfimfini.

17 Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,

18 na Misraimfoɔ no ahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mahyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so.

19 Ɛnna Nyankopɔn bɔfoɔ a ɔdi Israel dɔm anim no twee ne ho bɛdii wɔn akyire, na mununkum dum no firii wɔn anim bɛgyinaa wɔn akyi,

20 na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa.

21 Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee.

22 Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.

23 Na Misraimfoɔ tii wɔn, na wɔdii wɔn akyiri kɔɔ ɛpo no mfimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ nyinaa.

24 Na anɔpa nsraberɛ mu no AWURADE faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn,

25 na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.

26 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfoɔ no so.

27 Ɛnna Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na adeɛ rekye anɔpa no, ɛpo no sanee n’akyi bɛsenee sɛdeɛ na ɛteɛ, na Misraimfoɔ no dwane bɛhyiae. Na AWURADE kaa wɔn guu po no mfimfini.

28 Na nsuo no sanee akyire bɛkataa Farao dɔm, nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ a wɔtii wɔn baa ɛpo no mu no nyinaa so, wɔn mu baako mpo anka.

29 Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.

30 Na AWURADE gyee Israel nkwa da no firii Misraim nsam, na Israel hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu gu ɛpo no ano.

31 Na Israel hunuu nsa kɛseɛ a AWURADE de kyerɛɛ Misraim soɔ no, na ɔman no suroo AWURADE, na wɔgyee AWURADE ne n’akoa Mose diiɛ.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 15

Mose dwom

1 Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ:

Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ,

ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.

2 M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE,

na wayɛ me nkwagyeɛ.

Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.

Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.

3 AWURADE yɛ dɔmmarima,

AWURADE ne ne din.

4 Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, wato wɔn agu ɛpo mu,

na n’akofoɔ a wɔayi wɔn no, wɔamemmem Mmɛwa Po mu.

5 Ebunu akata wɔn so,

wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ.

6 AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam,

AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.

7 Na wo tumi a ɛso no ara na wode butu wɔn a wɔsɔre tia woɔ no.

Wosoma w’abufuhyeɛ ba, ɛhye wɔn sɛ nkyɛnkyɛmma.

8 Na wo hwene mu ahome mu na nsuo no ano boaeɛ;

asorɔkyeɛ gyinaa sɛ ekuo;

abunu kyekyeree ɛpo yam.

9 Ɔtamfoɔ no kaa sɛ:

Mɛti wɔn, mɛto wɔn, mɛkyɛ asase no mu, wɔbɛmee me kra.

Mɛtwe me nkrantɛ, me nsa bɛsɛe wɔn.

10 Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so;

wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.

11 Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu?

Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ,

deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.

12 Wotenee wo nifa,

asase menee wɔn.

13 Wode w’adɔeɛ gyaa ɔman a woagye wɔn yi,

wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.

14 Aman tee, na wɔn ho wosoe,

ahopopoɔ kaa wɔn a wɔte Filistia.

15 Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn,

Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn,

Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe.

16 Ehu ne suro gu wɔn so,

wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ,

kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE,

kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.

17 Wode wɔn bɛba, na woabɛtɛ wɔn w’agyapadeɛ bepɔ no so,

AWURADE, faako a wode hɔ ayɛ wo tenabea,

kronkronbea a, AWURADE, wo nsa asiesie no.

18 AWURADE bɛdi hene de bɛkɔ akɔsi daa daa.

Miriam dwom

19 Na Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ baa ɛpo no mu, na AWURADE maa ɛpo no sane bɛkataa wɔn so, na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini.

20 Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.

21 Na Miriam gyee wɔn so sɛ:

Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu;

ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.

Mara nsuo a ɛyɛ nwono

22 Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.

23 Na wɔduruu Mara no, na wɔntumi nnom Mara nsuo, ɛfiri sɛ ɛyɛ nwono. Enti wɔtoo hɔ din Mara.

24 Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom?

25 Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,

26 na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.

27 Na wɔduruu Elim a nsubura dummienu ne akyiresua aduɔson wɔ no. Na wɔkyeree nsraban wɔ nsuo no ho hɔ.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 16

Onyankopɔn ma wɔn aduane firi soro

1 Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no.

2 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron ɛserɛ so hɔ.

3 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduane afiri soro atɔ ama mo, na ɔman no mfiri adi da biara nkɔtase deɛ ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaasɛ wɔrenni so.

5 Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔresiesie deɛ wɔfa no a, nyɛ deɛ wɔtase daa no mmɔho.

6 Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: Anwummerɛ na mobɛhunu sɛ AWURADE na ɔyii mo Misraim asase soɔ;

7 na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn?

8 Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.

9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Montwe mpini AWURADE anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no.

10 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfoɔ anwiinwii no.

12 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

13 Na anwummerɛ no, mmoko maa wɔn ho so ba bɛkataa nsraban no so; na anɔpa no, obosuo guu nsraban no ho hyiae.

14 Na obosuo a ɛguiɛ no gyaeɛ no, na hwɛ, na biribi nkorowankorowa nketenkete gugu ɛserɛ no ani, nketenkete te sɛ fam bosuo nkyenkyeneeɛ.

15 Na Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn nie?Ɛfiri sɛ na wɔnnim adekodeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei ne aduane a AWURADE de ama mo sɛ monnie no.

16 Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Montase bi sɛdeɛ obiara bɛdie, bɛyɛ olonka mmaako mmaako; sɛdeɛ mo nnipa dodoɔ teɛ na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntomadan mu no.

17 Na Israelfoɔ no yɛɛ saa; na wɔtasee, ebinom deɛ pii, ebinom deɛ kakraa bi.

18 Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie.

19 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnya bi mmma adeɛ nnkye so.

20 Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaa bi ma adeɛ kyee so; na ɛdɔree mmoaa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuu wɔn.

21 Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛdeɛ ɔbɛdie; na owia mu yɛ den a, na anane.

22 Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee aduane no mmɔho, ɔbaako deɛ olonka dummienu. Na asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Mose.

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.

24 Na wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no; na ammɔn, nso na mmoaa biara nni mu.

25 Na Mose kaa sɛ: Monni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wɔdi ma AWURADE; ɛnnɛ morenhunu bi wiram.

26 Nnansia na montase, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda, ɛda no deɛ, ebi rentɔ.

27 Na da a ɛtɔ so nson no, nkurɔfoɔ no mu bi firii adi sɛ wɔrekɔtase, nanso wɔannya bi.

28 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛpo m’ahyɛdeɛ ne me mmara so die akɔsi da bɛn?

29 Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no.

30 Ɛnna ɔman no homee da a ɛtɔ so nson no.

31 Na Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana”; nso ɛte sɛ wisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.

32 Na Mose kaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Momfa ebi nhyɛ olonka ma mfa nsie awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba mo akyire no, na wɔahunu aduane a mede memaa mo diiɛ wɔ ɛserɛ soɔ berɛ a meyii mo Misraim asase soɔ no.

33 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana olonka ma gu mu, fa si AWURADE anim, na wɔmfa nsie mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

34 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanseɛ no anim sɛ wɔde resie.

35 Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ.

36 Nso olonka yɛ efa du mu baako.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 17

Nsuo firi ɔbotan mu ba

1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ.

2 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?

3 Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi?

4 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ.

6 Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim.

7 Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masane Meriba.

Wɔdi Amalek so nkonim

8 Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.

9 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam.

10 Na Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no, ne Amalek kɔkoe, na Mose, Aaron ne Hur foroo kokoɔ no kɔɔ atifi.

11 Na sɛ Mose ma ne nsa so a, Israel di nim, na sɛ ɔgyaa ne nsam a, Amalek di nim.

12 Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔboɔ de too n’ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur sosɔɔ ne nsa no mu, ɔbaako wɔ ha, na ɔbaako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kɔsii sɛ owia tɔeɛ.

13 Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so.

15 Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa),

16 na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 18

Yetro ba Mose nkyɛn

1 Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no.

2 Na Yetro, Mose ase no, faa Mose yere Sipora a wama no asane korɔ no

3 ne ne mmabanin baanu no, ɔbaako din de Gersom, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mayɛ amannɔne hɔhoɔ),

4 na ɔbaako no nso din de Eliesa, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: M’agya Nyankopɔn ne me boafoɔ, na wayi me afiri Farao nkrantɛ ano).

5 Na Yetro, Mose ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a wabɛkyere nsraban hɔ, Nyankopɔn bepɔ no ho.

6 Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w’ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn.

7 Na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔkotoo no fee n’ano, na wɔkyeakyeaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntomadan mu.

8 Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.

9 Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ ɔyii wɔn firii Misraimfoɔ nsam no nyinaa ho.

10 Na Yetro kaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a ɔyii mo firii Misraimfoɔ ne Farao nsam no.

11 Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.

12 Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.

Wɔyiyi atemmufoɔ

13 Na adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔresiesie ɔmanfoɔ no ntam asɛm; na ɔman no gyinaa Mose ho firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.

14 Na Mose ase no hunuu deɛ ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ woreyɛ ɔman no yi? Adɛn nti na wo nko ara wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho firi anɔpa abɛduru anwummerɛ yi?

15 Na Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ.

16 Sɛ wɔnya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mesiesie onipa ne ne yɔnko ntam, na mekyerɛ wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne ne mmara.

17 Na Mose ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Deɛ woyɛ yi nyɛ.

18 Brɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma yi yɛ den dodo ma wo, na wo nko ara rentumi nyɛ.

19 Afei tie me nne, mɛtu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi: Wo deɛ, gyina Nyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,

20 na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara ahodoɔ no mu, na ma wɔnhunu kwan ko a wɔmfa soɔ ne deɛ wɔnyɛ.

21 Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.

22 Na wɔnsiesie ɔman no mu nsɛm berɛ nyinaa mu; na asɛnkɛseɛ biara deɛ, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa deɛ, wɔn ara wɔnni, na ama no ayɛ wo so hare, na wɔne wo asɔ mu.

23 Sɛ woyɛ yei sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛ wo yi a, ɛno na wobɛtumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo.

24 Ɛnna Mose tiee n’ase asɛm no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa.

25 Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin.

26 Na wɔsiesie ɔman no mu nsɛm nyinaa, na nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa deɛ, wɔn ara dii.

27 Na Mose kɔgyaa n’ase kwan, na ɔkɔɔ ɔno ara n’asase so.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 19

Ɔman no duru Sinai

1 Da a Israelfoɔ sii mu firii Misraim asase soɔ no, ne bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa so pɛpɛɛpɛ na wɔduruu Sinai serɛ so.

2 Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ.

3 Na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn nkyɛn, na AWURADE firi bepɔ no so frɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Yakob fie, na ka kyerɛ Israelfoɔ no nie:

4 Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi.

5 Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ m’agyapadeɛ a ɛsom boɔ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me.

6 Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no.

7 Na Mose ba bɛfrɛɛ ɔman no mpanimfoɔ, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim.

8 Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ;

11 na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so.

12 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo;

13 nsa biara nnka no, aboɔ na wɔnsi no anaasɛ agyan na wɔntoto no; aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa: Sɛ wɔhyɛne totorobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔ no.

14 Na Mose siane firii bepɔ no so baa ɔman no nkyɛn, na ɔdwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ.

15 Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.

16 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe.

17 Na Mose de ɔman no firii adi firii nsraban no mu kɔhyiaa Onyankopɔn, na wɔkɔgyinagyinaa bepɔ no ase.

18 Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri.

19 Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so.

20 Na AWURADE siane baa Sinai bepɔ so wɔ n’atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔ no atifi, na Mose foro kɔe.

21 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.

22 Na asɔfoɔ nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE anto anhyɛ wɔn so.

23 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔ so, ɛfiri sɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔ no ho hyeban na yɛ no kronkron.

24 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Siane kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfoɔ no ne ɔman no ntra hyeban no mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wanto anhyɛ wɔn so.

25 Na Mose siane baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 20

Mmara Nsɛm Du no

1 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:

2 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.

3 Nnya anyame foforɔ nka me ho.

4 Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn.

5 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,

6 na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ.

7 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.

8 Kae homeda, na yɛ no kronkron.

9 Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa;

10 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu.

11 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.

12 Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

13 Nni awu.

14 Nsɛe awadeɛ.

15 Mmɔ korɔno.

16 Nni wo yɔnko ho adansekurumu.

17 Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.

Ɔman no suro

18 Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.

19 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.

20 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne.

21

Afɔremmukyea ho mmara

Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twe pinii esum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfoɔ nie: Mo ara moahunu sɛ mefiri ɔsoro na me ne mo akasa.

23 Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.

24 Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn.

25 Na sɛ worebɛyɛ aboɔ afɔrebukyia ama me a, mfa aboɔ a wɔatwa nsi; na sɛ woma w’adwinneɛ so bɔ so a, woagu ho fi.

26 Na mforo atwedeɛ nkɔ m’afɔrebukyia so, na w’adagya anna adi wɔ so.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 21

Nkoa ho mmara

1 Na yeinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim:

2 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa.

3 Sɛ ɔno nko na ɔbaeɛ a, ɔno nko na ɔnkorɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefoɔ a, ne yere no ne no nkɔ.

4 Sɛ ne wura ama no ɔyerɛ, na wawo mmabanin anaa mma mmaa ama no a, ɔbaa no ne ne mma no nyɛ ne wura dea, na ɔno nko nkɔ.

5 Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mekɔdie a,

6 ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra Nyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɛpono ho anaa aponnwa ho, na ne wura no mfa fitiiɛ mfiti n’aso mu, na ɔnsom no daa.

7 Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa kɔyɛ afenaa a, ɛnneɛ ɔmmfa ne ho nnkɔdi sɛ nkoa no.

8 Sɛ ɔnsɔ ne wura a ɔtɔɔ no sɛ ɔreware no ani a, ɔmma wɔmmɛgye no, na ɔnni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, ɛfiri sɛ wadaadaa no.

9 Na sɛ ɔgye no awareɛ ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔbabaa.

10 Sɛ agya no ware ɔbaa foforɔ ka ne ho a, ɔmmma n’anoduane, ne nkataho ne n’awadeɛ asɛdeɛ so nnhwan.

11 Na sɛ wanyɛ adeɛ mmiɛnsa yi amma no a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ kwa, sika biara nni mu.

Kum a ɛnam nsapare soɔ

12 Deɛ ɔbɔ onipa ma no wuo no, kum na wɔnku no.

13 Na sɛ wantɛ no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnneɛ mɛyi baabi mama wo, na wadwane akɔ hɔ.

14 Sɛ obi hyɛ da kɔtoa ne yɔnko ku no aniteɛ mu a, yi no m’afɔrebukyia ho na ɔnwu.

15 Deɛ ɔbɔ n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no.

16 Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no.

17 Deɛ ɔdome n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no.

18 Sɛ mmarima reko, na obi bɔ ne yɔnko boɔ anaasɛ kuturuku, na wanwu, na ɛka no to mpa so a,

19 sɛ ɔsɔre bio sɔ ne poma mu nante firi adi a, ɛnneɛ deɛ ɔbɔɔ no no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ, ne mmerɛ a wasɛe no nko ho ka na ɔntua, na sa na ɔmma wɔnsa no yadeɛ.

20 Na sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa abaa na ɔtɔ ne nsa ano a, wɔntɔ no so were.

21 Nanso sɛ ɔtena hɔ da koro anaa nnanu a, wɔnntɔ no so were, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne sika.

22 Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfoɔ, na ɔba no firi, na bɔne bi amma akyire a, gyeɛ na wɔnnye no deɛ ɔbaa no kunu de bɛto no soɔ no, na ɔmma sɛdeɛ atemmufoɔ no bɛkyerɛ.

23 Na sɛ bɔne bi ba akyire a, ɛnneɛ ma ɔkra nsi ɔkra ananmu,

24 aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu,

25 ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ ananmu, apirakuro nsi apirakuro ananmu, ntampeɛ nsi ntampeɛ ananmu.

26 Na sɛ obi bɔ n’akoa ani anaa n’afenaa ani na ɛsɛe a, n’ani no nti akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi.

27 Na sɛ ɔtu n’akoa se anaa n’afenaa se a, ne se no nti ɔmma akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi.

Awuranom asodie

28 Sɛ nantwie pem ɔbarima anaa ɔbaa ma no wu a, ɛnneɛ wɔnsi nantwie no aboɔ, na wɔnnni ne nam, na nantwie no wura no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.

29 Na sɛ nantwie no yɛ apempem dada, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakɔkum ɔbarima anaa ɔbaa a, wɔnsi nantwie no aboɔ, na ne wura no nso, wɔnku no.

30 Sɛ wɔbɛgye no mpata a, ɔmma adeɛ biara a wɔbɛgye no mfa nnye ne kra.

31 Ɔbabanin na ɔpem no oo, ɔbabaa na ɔpem no oo, atɛn yi ara na wɔmfa mmu no.

32 Sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔmma akoa anaa afena wura dwetɛ, nnwetɛbena aduasa, na wɔnsi nantwie no aboɔ.

33 Na sɛ obi kɔbue abura ano anaasɛ obi kɔtu amena na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔhwe mu a,

34 amena no wura no nhyɛ ananmu, na ɔmma wɔn wura no sika, na efunu no nyɛ ne dea.

35 Na sɛ obi nantwie pem ne yɔnko nantwie na ɔwu a, wɔntɔn nantwie nikanfoɔ no na wɔnkyɛ ne tiriadeɛ no mu, na efunu no nso wɔnkyɛ.

36 Anaasɛ, sɛ wɔnim sɛ nantwie no yɛ apempem dada na ne wura no anhwɛ no so a, ɔmfa nantwie nikanfoɔ nsi nantwie no ananmu, na efunu no nyɛ ne dea.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 22

Ɛka tua ho mmara

1 Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwie nnum nsi nantwie baako no ananmu, ne nnwan nnan nsi odwan baako no ananmu.

2 Sɛ wɔhunu owifoɔ sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no na ɔwu a, wɔnni ne mogya ho fɔ;

3 na sɛ owia pue ne so deɛ a, wɔbɛdi ne mogya ho so. Ananmu na ɔnsie; sɛ ɔnni biribi a, ne korɔno no nti wɔntɔn no.

4 Sɛ wɔhunu akorɔnneɛ wɔ ne nsam, sɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, na ɔyɛ anikan a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nsi ananmu.

5 Sɛ obi ma n’aboa di afuo anaa bobe turo bi mu adeɛ anaa ɔgyaa no ma no kɔdi obi afuo mu adeɛ a, ɔmfa ɔno ara n’afuo mu nnepa ne ne bobe turo mu nnepa bi na ɛnsi ananmu.

6 Sɛ ogya dɛre na ɛkɔsɔ nkasɛɛ mu, na ɛhye ayuo afiafi kuo anaa ayuo a ɛgyina hɔ anaa afuo a, hyɛ na deɛ ɔsɔɔ gya no nhyɛ ananmu.

7 Sɛ obi de sika anaa nnoɔma ma ne yɔnko asie na wɔwia wɔ onipa no fie na wɔhunu owifoɔ no a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nhyɛ ananmu.

8 Sɛ wɔanhunu owifoɔ no a, wɔmfa efiewura no mmra Nyankopɔn anim mmɛhwɛ sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no adeɛ no anaa.

9 Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu.

10 Sɛ obi de afunumu, sɛ nantwie, sɛ odwan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na aboa no wu anaa ɔpira anaasɛ wɔka no to wiram na obi anhunu a,

11 AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko aboa no. Na ɔdenadeɛ no mpene na ɔbaako no nsi no ananmu.

12 Na sɛ wia na ɔwiaa no ne nkyɛn a, ɔnsi ɔdenadeɛ no ananmu.

13 Sɛ teteɛ na aboa bi tetee no a, ɔmfa mmra mmɛdi adanseɛ. Na ɔnnsi deɛ wɔatete no no ananmu.

14 Sɛ obi kɔfɛm biribi ne yɔnko nkyɛn na aboa no pira anaasɛ ɔwu, na ɔdenadeɛ no ho nnim ho bi a, ɔnii ko no nhyɛ ananmu.

15 Sɛ ɔdenadeɛ no nim ho bi a, ɔnnsi ananmu; sɛ wɔbɔɔ no paa a, na ne paadie na ɛmaa no baeɛ.

Abrabɔ ne nyamesom ho mmara

16 Sɛ obi kɔdaadaa ababaa a wɔnnyee no awadeɛ ne no da a, ma no mma tiriadeɛ na ɔnware no.

17 Sɛ n’agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛdeɛ wɔma mmaa bunu tiriadeɛ no.

18 Mma ɔbaa ntafowayifoɔ nntena ase.

19 Obiara a ɔne aboa bɛda no, kum na wɔnku saa onipa no.

20 Deɛ ɔbɛbɔ afɔdeɛ ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnseɛ no korakora.

21 Na ɔhɔhoɔ deɛ, mmɔ no atirimuɔden, nso nhyɛ no so, ɛfiri sɛ mo nso moakɔyɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn.

22 Monnhyɛ ɔbaakunafoɔ anaa awisiaa biara so.

23 Sɛ wohyɛ wɔn so, na wɔsu frɛ me pɛ a, tie na mɛtie wɔn sufrɛ no,

24 na m’abufuo ano ayɛ den, na mede nkrantɛ maku mo, na mo yerenom adanedane akunafoɔ, na mo mma ayeyɛ nwisiaa.

25 Sɛ wofɛm me man mu mmɔborɔni bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, ɛnyɛ no sɛ ɔpempensifoɔ; monnnye no nsiho.

26 Sɛ wogye wo yɔnko ntoma awowa a, sane fa ma no ansa na owia akɔtɔ,

27 ɛfiri sɛ ɛno nko ara ne ne nkataho, ne honam ntoma. Ɛdeɛn na ɔmfa nna? Na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mmɔborɔhunufoɔ ne me.

28 Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.

29 Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me.

30 Saa ara na yɛ w’anantwie ne wo nnwan; nnanson na ɔne ne na ntena, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.

31 Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na monnni nam bi a wɔatete mu wɔ wiram; monto ntwene mma akraman.