Categories
Numeri

Numeri 16

Kora, Datan ne Abiram atuateɛ

1 Kora a n’agya ne Isehar a ɔyɛ Lewi ba Kohat ba no ne Eliab mma Datan, Abiram ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben abusua mu, faa nnipa bi,

2 na wɔne Israelfoɔ mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ abadwafoɔ, nnipa a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose;

3 na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?

4 Na Mose teeɛ no, ɔde n’anim butuu fam;

5 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no.

6 Yei na monyɛ: Kora ne n’asafo no nyinaa, momfa aduhwam nkukuwa,

7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, AWURADE anim, ɔkyena. Na ɛbɛba sɛ onipa a AWURADE bɛyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei deɛ, ayɛ yie, mo Lewi mma!

8 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, montie me ɛ!

9 Ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ate mo afiri Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?

10 Na wama wo ne wo nuanom Lewi mma a wɔka wo ho nyinaa abɛn no, na morepɛ asɔfodie nso yi?

11 Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?

12 Na Mose soma maa wɔkɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram; na wɔse: Yɛremma!

13 Ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afiri asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so rebɛku yɛn ɛserɛ soɔ, na woredi yɛn so abakomasɛm nso yi?

14 Nso womfaa yɛn mmaa asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!

15 Ɛnna Mose bo fuu pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnane w’ani nkyerɛ wɔn aduane afɔdeɛ. Mennyee wɔn nsam afunumu baako mpo, nso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.

16 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Wo ne w’asafo no nyinaa mmra AWURADE anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena;

17 na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhwam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra.

18 Na wɔn mu obiara faa ne kukuwa, na wɔsosoo gya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so de bɛgyinagyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron.

19 Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so dwa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa.

20 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

21 Montwe mo ho mfiri asafo yi mu, na memmene wɔn amonom.

22 Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?

23 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ asafo no sɛ:

24 Montwe mo ho mfiri Kora, Datan ne Abiram tenabea ho.

25 Na Mose sɔre sii mu kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn; na Israel mpanimfoɔ dii n’akyi kɔe.

26 Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.

27 Na wɔtwee wɔn ho firii Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Datan ne Abiram firii adi bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan ano, wɔne wɔn yerenom, wɔn mma ne wɔn mmotafowa nyinaa.

28 Na Mose kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛɛ yi nyinaa, na ɛmfiri me ara:

29 Sɛdeɛ nnipa nyinaa wuo na yeinom bɛwuwuo na deɛ ɛto nnipa nyinaa na ɛto wɔn a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔsomaa me;

30 na sɛ ade foforɔ na AWURADE bɛbɔ na asase bɛbue n’ano amene wɔn ne deɛ ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asiane akɔ Asamando a, ɛnneɛ monhunu sɛ mmarima yi abu AWURADE animtia.

31 Na ɔwiee nsɛm yi nyinaa ka no, wɔn ase asase paee,

32 na asase buee n’ano menee wɔn ne wɔn afie ne nnipa a wɔkaa Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa;

33 na wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa nam anikan siane kɔɔ Asamando, na asase sram wɔn so, na wɔyeraa wɔ ɔman asafo no mu.

34 Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso!

35 Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhwam no baeɛ no.

36 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

37 Ka kyerɛ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, na ɔntase nkukuwa no mfiri nhyeeɛ no mu, na dwiri ogya no petepete; na ɛyɛ kronkron:

38 Nnebɔneyɛfoɔ yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abena atɛtrɛtɛ nkata afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israelfoɔ no.

39 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa faa kɔbere mfrafraeɛ nkukuwa a wɔn a wɔahyeɛ no de baeɛ no, na wɔboro de yɛɛ afɔrebukyia no ho nkataho,

40 sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ nkaeɛ adeɛ, na onipa foforɔ a ɔmfiri Aaron asefoɔ mu no ammɛn ammɛhye aduhwam AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne n’asafo no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

41 Na adeɛ kyeeɛ no, Israel asafo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE nkurɔfoɔ.

42 Na asafo no boaboaa wɔn ano tiaa Mose ne Aaron no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na hwɛ, na mununkum no akata so, na AWURADE animuonyam yii ne ho adi.

43 Na Mose ne Aaron baa ahyiaeɛ ntomadan no anim.

44 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45 Monsɔre mfiri asafo yi mu na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam.

46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na so afɔrebukyia no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ afiri AWURADE anim afi. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.

47 Na Aaron faa deɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu mmirika kɔɔ asafo no mu; na hwɛ, na ɔyaredɔm no afiri aseɛ ɔman no mu; na ɔde aduhwam no mae de pata maa ɔman no.

48 Na ɔgyinaa awufoɔ ne anikanfoɔ no ntam, na wɔsii ɔyaredɔm no ano.

49 Na nnipa a wɔwuwuu ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahanson, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuiɛ no.

50 Na ɔyaredɔm no to twaeɛ no, Aaron sane baa Mose nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.

Categories
Numeri

Numeri 17

Aaron poma fefɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no, na gyegye wɔn hɔ wɔn mpanimfie mu mpoma mmaako mmaako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no, na twerɛtwerɛ wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so.

3 Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.

4 Na gya gu ahyiaeɛ ntomadan no mu, Adanseɛ no anim, deɛ me ne mo hyia hɔ no.

5 Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.

6 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa memaa no mpoma mmaako mmaako; mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.

7 Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu.

8 Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ adanseɛ ntomadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na aso sorɔno aba abere.

9 Na Mose tasee mpoma no nyinaa de firii AWURADE anim firii adi brɛɛ Israelfoɔ no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma.

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no sane bra Adanseɛ no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma asoɔdenfoɔ no, na woatwa wɔn anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no so, na wɔanwuwu.

11 Na Mose yɛɛ saa. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛeɛ.

12 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!

13 Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: Yɛn nyinaa nwie sa anaa?

Categories
Numeri

Numeri 18

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ som adwuma ne wɔn kyɛfa

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanimfie nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumuyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodie ho amumuyɛ.

2 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,

3 na wɔnkura w’adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntomadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nnoɔma ne afɔrebukyia no ho nko na wɔmmpini, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.

4 Na wɔnka wo ho, na wɔnkura ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma no mu, nyɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforɔ biara ammɛn mo.

5 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma no ne afɔrebukyia no ho nnwuma no, na abufuhyeɛ bi amma Israelfoɔ no so bio.

6 Na me deɛ, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ no mu ama mo sɛ akyɛdeɛ a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma no.

7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no.

8 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me deɛ, hwɛ, mede me mmasoɔ adeɛ so hwɛ mema wo; Israelfoɔ akronkronneɛ nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa.

9 Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no.

10 Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɛnyɛ wo ade kronkron.

11 Na yei nso nyɛ wo deɛ: Wɔn ayɛyɛdeɛ mu mmasoɔ adeɛ, Israelfoɔ him afɔdeɛ nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho teɛ wo fie mu nni bi.

12 Ngo foforɔ mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa ne nsa foforɔ ne ayuo mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa, emu adikan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama woɔ.

13 Wɔn asase so ade nyinaa mu adikan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo deɛ; obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie nni bi.

14 Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wo deɛ.

15 Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu.

16 Na ananmuhyɛdeɛ no deɛ, (deɛ wadi bosome no, ma wɔnnye no) dwetɛ nnwetɛbena nnum a wobɛhyɛ ama wɔn sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena a ano si gera aduonu no teɛ.

17 Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

18 Na wɔn nam nyɛ wo deɛ sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo deɛ no.

19 Akronkronneɛ mu mmasoɔ adeɛ a Israelfoɔ de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɛnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.

20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worennie, na worennya kyɛfa biara wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ Israelfoɔ mu.

21 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔn som a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nti, hwɛ, mede Israel mu ntotosoɔ du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapadeɛ.

22 Na Israelfoɔ no mmpinkyɛ ahyiaeɛ ntomadan no bio, na wɔamfa mmusuo anwuwu;

23 na Lewifoɔ no deɛ, wɔn na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, na wɔnsoa ɛho mmusuo: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara.

24 Na Israelfoɔ ntotosoɔ du du a wɔmema so yɛ mmasoɔ adeɛ ma AWURADE no, mede mama Lewifoɔ no sɛ agyapadeɛ, ɛno nti na maka no wɔn ho sɛ: Wɔrennya agyapadeɛ biara Israelfoɔ mu no.

25 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

26 Lewifoɔ no deɛ, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mogyegye Israelfoɔ hɔ ntotosoɔ du du a mede mama mo firi wɔn nkyɛn sɛ mo agyapadeɛ no a, ɛnneɛ momma emu bi so nyɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ, ntotosoɔ du du no mu ntosoɔ du.

27 Na wɔmmu mo mmasoɔ adeɛ mma mo sɛ ayuporebea ayuo ne nsa-kyi-amena mu adenya.

28 Enti mo nso momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE mfiri mo ntotosoɔ du du a mogyegye no Israelfoɔ no hɔ nyinaa mu, na momfa emu mmasoɔ adeɛ a ɛyɛ AWURADE deɛ no mma Ɔsɔfoɔ Aaron.

29 Adeɛ a wɔbɛma mo nyinaa mu na momma AWURADE mmasoɔ adeɛ nyinaa, emu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa mu akronkronneɛ.

30 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Morema emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, wɔmmu deɛ aka no mma Lewifoɔ sɛ ayuporebea nnɔbaeɛ ne nsa-kyi-amena mu adenya.

31 Na monni no baabiara, mo ne mo fiefoɔ, na ɛyɛ mo ahyiaeɛ ntomadan ho som adwuma so akatua.

32 Na moma emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, ɛnneɛ mmusuo biara nna mo so, na monngu Israelfoɔ akronkronneɛ ho fi, na moanwuwu.

Categories
Numeri

Numeri 19

Ahodwira nsuo nsiesieeɛ ne ɛho mmara

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Yei ne mmara mu ahyɛdeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa nantwibereɛ kɔkɔɔ a ɔdi mu a ɔnni dɛm a kɔnnua nkɔɔ ne so pɛn mmrɛ wo;

3 na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na ɔmfa no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim.

4 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson.

5 Na wɔnhye nantwibereɛ no wɔ n’anim, ne nwoma ne ne nam ne ne mogya ne ne sɛbeɛ no.

6 Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro ne adwera ne kuntu kɔkɔɔ ngu nantwibereɛ a ɔrehyeɛ no so.

7 Na ɔsɔfoɔ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ɛno akyiri ansa na ɔmmra nsraban no mu; na ɔsɔfoɔ no ho nte kɔsi anwummerɛ.

8 Na deɛ ɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ nsuo mu, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

9 Na ɔbarima bi a ne ho teɛ nsesa nantwibereɛ no nso no mfa nkɔgu nsraban no akyi baabi a ɛhɔ teɛ, na ɛnyɛ Israelfoɔ asafo no ahodwira nsuo nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

10 Na deɛ ɔsesaa nantwibereɛ no nso no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma Israel mma ne ɔhɔhoɔ a ɔsoɛ wɔn mu.

11 Deɛ ɔka onipa biara funu no, ne ho nte nnanson;

12 ɔno na ɔmfa yei nnwira ne ho mfiri ne bɔne mu da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ne ho ate; na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no a, ne ho rente.

13 Obiara a ɔka owufoɔ, onipa bi a wawuo funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wɔntwa saa ɔkra no mfiri Israel mu ntwene, ɛfiri sɛ ahodwira nsuo a wɔampete angu ne soɔ nti, ne ho nte, ne ho fi da so wɔ ne ho.

14 Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a obi awu ntomadan mu: Sɛ onipa wu ntomadan mu a, obiara a ɔba ntomadan no mu ne adeɛ biara a ɛwɔ ntomadan no mu no ho nte nnanson;

15 adeɛ biara a ano da hɔ na ɛnni mmuasoɔ ne ɛho homa no, ɛho nte.

16 Na obiara a ɔka deɛ watɔ nkrantɛ ano anaa efunu bi anaa onipa nnompe anaa ɛda bi wiram no, ne ho nte nnanson.

17 Na deɛ ne ho nteɛ no, wɔmfa bɔne ho afɔdeɛ a wɔahyeɛ no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasuo ngu so adeɛ bi mu;

18 na ɔbarima a ne ho teɛ bi mfa adwera mmɔ nsuo no mu, na ɔmpete ngu ntomadan no ne emu nnoɔma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne deɛ waka dompe anaa ɔtɔfoɔ anaa efunu anaa ɛda bi no so.

19 Na deɛ ne ho teɛ no mpete ngu deɛ ne ho nteɛ no so, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho ate anwummerɛ.

20 Na onipa a ne ho nteɛ na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ɔman asafo no mu, ɛfiri sɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsuo no angu ne so, enti ne ho nte.

21 Na yei nyɛ wɔn daa ahyɛdeɛ. Na deɛ ɔpetee ahodwira nsuo no nsi ne ntadeɛ; na deɛ ɔka ahodwira nsuo no ho nte kɔsi anwummerɛ;

22 na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.

Categories
Numeri

Numeri 20

Nsɛm a ɛsisii wɔ Kades

1 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara.

2 Na nsuo nni hɔ mma asafo no, na wɔhyia tiaa Mose ne Aaron.

3 Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkaa sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka ɛberɛ a yɛn nuanom wuwuu AWURADE anim no yɛwuwuu bi.

4 Na adɛn nti na mode AWURADE man aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa?

5 Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi?

6 Na Mose ne Aaron firii asafo no anim baa ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuu fam; na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ wɔn.

7 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

8 Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔn anim, na ɛmma ne nsuo, na yi ɔbotan no mu nsuo ma wɔn ma asafo no ne wɔn mmoa nnom.

9 Na Mose faa poma no firii AWURADE anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no;

10 na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie ɛ, mo asoɔdenfoɔ, adɛn ɛsɛ sɛ yɛnya nsuo firi ɔbotan yi mu ma mo anaa?

11 Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsuo pii firi mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee.

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me annie na moanyɛ me kronkron Israelfoɔ anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnuru asase a mede mama wɔn no so.

13 Yei ne Meribaasuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.

Edomfoɔ si Mose kwan

14 Na Mose somaa abɔfoɔ firi Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel seɛ nie: Wo ara wonim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa,

15 sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne;

16 na yɛsu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ maa no bɛyii yɛn firii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kuro a ɛwɔ wo hyeɛ soɔ mu.

17 Ma yɛmfa w’asase so; yɛremfa mfuo ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsuo bi; yɛbɛnante ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremmane nifa anaa benkum de bɛkɔ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

18 Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me mu, na mamfa nkrantɛ mamfiri adi mammɛhyia wo.

19 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Tempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsuo bi a, yɛbɛtua ka; ɛnyɛ asɛm biara, na yɛn nan nko ara na ma yɛmfa ntwam mu nkɔ

20 Na wɔse: Mommɛtwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den firii adi bɛhyiaa wɔn.

21 Na Edom kamee Israel ɔkwan a wɔde bɛtwam n’asase soɔ. Enti Israel mane firii ne ho.

22 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa tu firii Kades, na wɔbaa Hor bepɔ ho.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔ ho, Edom asase hyeɛ so, sɛ:

24 Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.

25 Fa Aaron ne ne ba Eleasa, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔ,

26 na yi Aaron ntadeɛ no fa hyɛ ne ba Eleasa, na ɔnwu wɔ hɔ nti ne mpanimfoɔ wɔ asamando.

27 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔ, asafo no nyinaa anim.

28 Na Mose yiyii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no atifi hɔ. Na Mose ne Eleasa firii bepɔ no so sianee.

29 Na asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awuo no, Israel fie nyinaa suu no adaduasa.

Categories
Numeri

Numeri 21

Israelfoɔ sɛe Kanaanfoɔ

1 Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb no tee sɛ Israel aba Atarim kwan soɔ no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum.

2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa.

3 Na AWURADE tiee Israel nne, na ɔde Kanaanfoɔ no mae, na wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro pasapasa, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Horma.

Kɔbere ɔwɔ

4 Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa Mmɛwa Po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so.

5 Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.

6 Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui.

7 Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne woɔ; pa AWURADE kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ nsɛsoɔ, na fa no sɛne frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, ɔbɛnya nkwa.

9 Na Mose yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no, na ɔde no sɛnee frankaa dua no so, na sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no a, na wanya nkwa.

Israelfoɔ toa wɔn akwantuo no so

10 Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Obot.

11 Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-haabarim, ɛserɛ a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so.

12 Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Sared subonhwa mu.

13 Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon a ɛsene serɛ soɔ a ɛfiri Amori hyeɛ soɔ no agya, ɛfiri sɛ Arnon ne ɛhyeɛ a ɛda Moab ne Amori ntam.

14 Enti wɔka no AWURADE akodie nwoma no mu sɛ:

Wɔnam ahumtuo so ko faa Waheb

ne Arnon nsubɔnhwa no,

15 ne deɛ nsubɔnhwa no sene a

ɛdane kɔ Ar tenabea

na ɛtwere Moab hyeɛ ho no.

16 Ɛhɔ na wɔfiri kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsuo anom, no.

17 Ɛberɛ no mu na Israel too dwom yi sɛ:

Asubura, tue! Monnye no so!

18 Asubura a atitire tuiɛ

na ɔman mu mmapɔmma funufunuiɛ,

wɔde ahempoma ne wɔn mpoma.

Na wɔfiri serɛ so kɔɔ Matana;

19 na wɔfiri Matana kɔɔ Nahaliel; na wɔfiri Nahaliel kɔɔ Bamot;

20 na wɔfiri Bamot kɔɔ bonhwa a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ anwea pradada soɔ no mu.

Wɔdi Sihon ne Og so nkonim

21 Na Israel somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:

22 Ma memfa w’asase so; yɛremmane mfuo mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsuo bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnanteɛ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

23 Na Sihon amma Israel antwam n’asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano firi bɛhyiaa Israel, ɛserɛ so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe.

24 Na Israel kumm no nkrantɛ ano faa n’asase firi Arnon kɔɔ Yabok so kɔduruu Amonfoɔ ho, ɛfiri sɛ na Amonfoɔ no hyeɛ so hɔ yɛ den.

25 Na Israel faa nkuro yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifoɔ nkuro no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkuro nyinaa mu;

26 na Hesbon ne Amorifoɔ hene Sihon kuro, ɔno na ɔne kane Moabhene koeɛ, na ɔgyee ne nsam n’asase nyinaa kɔsii Arnon ano.

27 Ɛno nti na mmebufoɔ no ka sɛ:

Mommra Hesbon!

Momma wɔnkyekye na wɔnsiesie Sihon kuro no.

28 Na ogya bi firii Hesbon,

ogyaframa firii Sihon kuro kɛseɛ mu;

ɛhyee Moab kuro Ar,

Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom.

29 Wo Moab, due!

Kemos man, moayera!

Wama ne mmammarima adwanedwane,

na ne mmammaa adane

Amorifoɔ hene Sihon nnommum.

30 Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akɔduru Dibon;

yɛasɛe wɔn akɔfa Nofa

de akɔduru Medeba.

31 Na Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.

32 Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.

33 Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.

34 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

35 Na wɔkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anya kwan anwanne, na wɔfaa asase no dii so.

Categories
Numeri

Numeri 22

Balak soma ma wɔkɔhyia Bileam

1 Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko agya.

2 Na Sipor ba Balak hunuu deɛ Israel yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa.

3 Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti.

4 Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ sɛ: Afei ɛdɔm yi bɛdi yɛn ho adeɛ nyinaa, sɛdeɛ nantwie di asase so wira no. Saa berɛ no mu no Sipor ba Balak na na ɔyɛ Moab hene.

5 Na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Beor ba Bileam nkyɛn wɔ Petor a ɛda asubɔnten no ano, ne manfoɔ asase so, sɛ wɔnkɔhyia no sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi Misraim aba, na hwɛ, wɔabɛkata asase ani, na wɔn ara na wɔgu m’anim yi.

6 Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene me, sɛ ebia mɛtumi maku wɔn, na mapamo wɔn afiri asase yi so anaa; na menim sɛ deɛ wohyira no no, wɔahyira no, na deɛ wodome no no, wɔadome no.

7 Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim.

8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena ha anadwo yi, na mede mmuaeɛ bɛbrɛ mo, sɛdeɛ AWURADE bɛkasa akyerɛ me no. Na Moab asafohene no ne Bileam tenaa hɔ.

9 Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkaa sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi?

10 Na Bileam ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Moabhene Sipor ba Balak na ɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ:

11 Hwɛ, ɔman a wɔfiri Misraim baeɛ no abɛkata asase ani. Afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia mɛtumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa.

12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne wɔn nnkɔ; nkɔdome ɔman no, na wɔahyira wɔn.

13 Na Bileam sɔree anɔpa, na ɔka kyerɛɛ Balak asafohene no sɛ: Monkɔ mo asase so, na AWURADE ampene amma me kwan sɛ me ne mo nkɔ.

14 Na Moab asafohene no sɔre baa Balak nkyɛn bɛkaa sɛ: Bileam ampene sɛ ɔne yɛn bɛba.

15 Na Balak sane somaa atitire a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sene wɔn.

16 Na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Sipor ba Balak seɛ nie: Afei deɛ, mma biribi nnsi wo me nkyɛn ba kwan,

17 na mɛhyɛ wo animuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ: Enti bra ara na bɛdome ɔman yi ma me.

18 Na Bileam buaa see Balak nkoa no sɛ: Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi memmu AWURADE me Nyankopɔn asɛm so menkɔyɛ biribi ketewa anaa kɛseɛ.

19 Na afei mo nso montena ha anadwo yi, na menhunu deɛ AWURADE bɛsane aka akyerɛ me.

20 Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ hyia na mmarima yi bɛhyiaa woɔ a, sɔre na ɛne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na di soɔ.

N’afunumu gye no nkwa

21 Ɛnna Bileam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afunumu na ɔne Moab atitire no sii mu kɔe.

22 Na ɔrekorɔ no, Onyankopɔn bo fui, na AWURADE bɔfoɔ bɛgyinaa ɔkwan no so sɛ ɔbɛsi no kwan; nso na ɔte n’afunumu so, na ne nkoa baanu ne no na ɛnam.

23 Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam na afunumu no mane firii kwan no so kɔfaa wiram; na Bileam hwee afunumu no sɛ ɔredane no aba ɔkwan mu.

24 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no kɔgyinaa bobe nturo ntam nammɔnkorɔ kwan mu a ɔfasuo wɔ ha ne ha.

25 Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔde ne ho miaa ɔfasuo no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasuo no ho; na ɔkɔɔ so hwee no ara.

26 Na AWURADE bɔfoɔ no twe kɔɔ anim kɔgyinaa deɛ ɛhɔ yɛ hihiaa a ɔkwan nni hɔ a wɔbɛdane akɔ nifa anaa benkum.

27 Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔbutuu fam, Bileam ase; na Bileam bo fui, na ɔde abaa bɔɔ afunumu no.

28 Ɛnna AWURADE buee afunumu no ano, na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ woɔ a woabɔ me mprɛnsa yi?

29 Na Bileam ka kyerɛɛ afunumu no sɛ: Sɛ woagoro me ho ntira. Sɛ mekura nkrantɛ a, anka sɛsɛɛ maku wo.

30 Na afunumu no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ w’afunumu ne me a woatena me so ara de abɛsi nnɛ da yi? Mayɛ wo sei pɛn anaa? Na ɔse: Dabi.

31 Ɛnna AWURADE buee Bileam ani, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam, na ɔkoto de n’anim butuu fam tim.

32 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wobɔɔ w’afunumu no mprɛnsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebɛsi wo kwan, ɛfiri sɛ wo kwan no ntene wɔ m’anim;

33 na afunumu no hunuu me, na ɔmane firii m’anim mprɛnsa yi; sɛ wammane amfiri m’anim a, anka sɛsɛɛ maku wo dada, na ɔno deɛ, magye no nkwa.

34 Na Bileam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne na mennim sɛ wo na wogyina ɔkwan mu rehyia me; na afei, sɛ ɛyɛ bɔne w’ani so deɛ a, mɛsane m’akyi.

35 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne mmarima no nkɔ; na asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na ka. Na Bileam ne Balak atitire no sii mu kɔe.

36 Na Balak tee sɛ Bileam reba no, ɔfiri kɔhyiaa no, Moab kuro a ɛda Arnon a ɛyɛ ɛhyeɛ no soɔ no mu, wɔ nhyenoa hɔ pɛɛ.

37 Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ soma na mesomaa sɛ wɔmmɛhyia wo mmra? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? Wonnye nni sɛ mɛtumi ahyɛ wo animuonyam anaa?

38 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Hwɛ, afei maba wo nkyɛn. Mɛtumi maka asɛm bi anaa? Asɛm a Onyankopɔn de hyɛ m’anomu no, ɛno na mɛka.

39 Na Bileam ne Balak kɔe, na wɔduruu Kiriat-husot.

40 Na Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ, maa wɔde kɔmaa Bileam atitire a wɔne no wɔ hɔ no.

41 Na adeɛ kyeeɛ no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ɔfiri hɔ hunuu ɔman no ano.

Categories
Numeri

Numeri 23

Balak nkɔmhyɛ a ɛdi kan

1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha.

2 Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no biara so.

3 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.

4 Na Onyankopɔn bɛhyiaa Bileam, na Bileam kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔrebukyia nson, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ w’afɔrebukyia biara so.

5 Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

6 Na ɔsane kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, ɔno ne Moab atitire nyinaa.

7 Na ɔkasaa sɛ:

Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ,

Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ:

Bra bɛdome Yakob ma me,

na bɛbɔ Israel dua.

8 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome deɛ Onyankopɔn nnomee no no,

na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ deɛ AWURADE mmɔɔ no dua no dua?

9 Abotan atifi na mefiri mehu no,

na nkokoɔ so na mefiri megyene no:

Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena nie,

na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.

10 Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo

ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ?

Ma menwu ateneneefoɔ wuo,

na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ.

11 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na wode ayɛ me yi? M’atamfoɔ nnome nti na mekɔfaa wo baeɛ, na hwɛ, nhyira na wohyira.

12 Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ deɛ AWURADE de hyɛ m’anomu no na ɛsɛ sɛ mehwɛ yie na meka?

Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmienu

13 Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ bra na yɛnkɔ faako a wobɛhu wɔn; wɔn fa nko na wobɛhunu, na worenhunu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.

14 Na ɔde no kɔɔ Sofim serɛ so Pisga bepɔ atifi, na ɔsii afɔrebukyia nson, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no biara so.

15 Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w’afɔrebukyia no ho ara, na me deɛ, merekɔ makɔhwɛ.

16 Na AWURADE bɛhyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n’anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

17 Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, na Moab atitire no ne no gyinagyina hɔ; na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na AWURADE kaeɛ?

18 Na ɔkasaa mmebuo mu sɛ:

Sɔre, Balak, na tie;

yɛ aso ma me, Sipor ba.

19 Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ,

anaa onipa ba, na wanu ne ho.

Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ,

anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim?

20 Hwɛ, nhyira na manya;

wahyira, na merentumi mennane ani.

21 Wanhunu amumuyɛ Yakob mu,

na wanhunu ɔhaw Israel mu.

AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi,

na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu.

22 Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim,

n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.

23 Ampa ara, adebisa nni Yakob mu,

na nkɔmhyɛ nni Israel mu:

Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ:

Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!

24 Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ,

na ɔma ne ho so sɛ gyata:

Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam,

na wanom atɔfoɔ mogya ansa.

25 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa.

26 Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ anaa?

Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

27 Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforɔ, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.

28 Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ anwea pradada no soɔ hɔ.

29 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson brɛ me ha.

30 Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.

Categories
Numeri

Numeri 24

1 Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so.

2 Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so,

3 na ɔkasae sɛ:

Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka,

ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya,

4 deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi,

deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ,

na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:

5 Sɛdeɛ wo ntomadan si yɛ fɛ, O Yakob,

wo tenabea no, O Israel!

6 Ɛyere sɛ asubɔnka,

sɛ asuo ho nturo,

te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛ,

te sɛ nsuo ho ntweneduro.

7 Na ne mmokiti mu nsuo bu so,

na n’asefoɔ tena nsuo pii mu.

Ne hene so sene Agag,

na wɔbɛma n’ahennie so.

8 Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim,

n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.

Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo,

na wadwerɛ wɔn nnompe,

na ɔde n’agyan awowɔ wɔn.

9 Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ,

hwan na ɔbɛma no asɔreɛ?

Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ,

na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.

Balak gya no kwan

10 Ɛnna Balak bo fuu Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M’atamfoɔ nnome nti na mehyiaa woɔ, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mprɛnsa yi.

11 Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan.

12 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ w’abɔfoɔ a wosomaa wɔn me nkyɛn no nso sɛ:

13 Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi mentra AWURADE asɛm memfiri m’akomam menkɔyɛ papa anaa bɔne; deɛ AWURADE bɛka no, ɛno na mɛka?

14 Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa menkyerɛ wo deɛ ɔman yi bɛyɛ wo man nna a ɛdi akyire no mu.

15 Na ɔkasaa sɛ:

Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka,

ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya,

16 deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm

a ɔhunu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no,

deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ

na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:

17 Mehu no, nso ɛnyɛ seesei,

mehwɛ no, nso ɔmmɛn:

Nsoromma bɛpue Yakob mu,

na ahempoma bɛfiri Israel mu asɔre,

na wadwerɛ Moab afanan nyinaa

na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.

18 Na ɔbɛfa Edom adi so,

na wafa n’atamfo asase Seir adi so,

na Israel bɛyɛ ahoɔdenneɛ ara.

19 Na obi a ɔfiri Yakob mu bɛdi tumi,

na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kuro no mu no.

20 Afei ɔhwɛɛ Amalek na ɔtoaa ne kasa no so sɛ:

Amanaman mu dikanfo ne Amalek,

nanso n’awieeɛ bɛwie no ɔsɛeɛ mu.

21 Na ɔhwɛɛ Kenifoɔ toaa ne kasa no so kaa sɛ:

Wo tenabea si hɔ pintinn,

na wode wo pirebuo asie ɔbotan mu;

22 nanso wɔbɛsɛe Kain,

de akɔsi sɛ Asur bɛfa wo nnommum.

23 Na ɔwiee ne kasa no so kaa sɛ:

Buei, sɛ Onyankopɔn reyɛ yei a,

hwan na ɔbɛnya nkwa?

24 Na ahyɛn bɛfiri Kitim fam aba,

na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase;

na ɔno ara nso, awie no ɔsɛeɛ mu.

25 Ɛnna Bileam sɔreeɛ, na ɔsii mu sane kɔɔ n’atenaeɛ; na Balak nso kɔɔ ne kwan.

Categories
Numeri

Numeri 25

Israelfoɔ adwamammɔ ne abosonsom

1 Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman;

2 na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no;

3 na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuu Israel;

4 na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitire no nyinaa, na sensɛne wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyeɛ no nsane mfiri Israel so.

5 Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufoɔ no sɛ: Monkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no.

6 Na hwɛ, ɔbarima bi firi Israelfoɔ no mu bae a ɔde Midianni baa bi baa ne nuanom nkyɛn wɔ Mose ani so ne Israelfoɔ asafo no nyinaa ani so; ɛberɛ a wɔn deɛ, na wɔresu ahyiaeɛ ntomadan no ano.

7 Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas hunuiɛ no, ɔsɔre firii asafo no mu kɔfaa pea kurae,

8 na ɔdii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbaa no nyinaa hwiree n’ayaase; na ɔhaw no to twa firii Israelfoɔ no so.

9 Na nnipa a wɔwuwuu ɔhaw no mu ano si mpem aduonu nnan.

10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

11 Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas asianka m’abufuo afiri Israelfoɔ so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu a enti manhye Israelfoɔ wɔ me ninkuntwe mu.

12 Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m’asomdwoeɛ apam merema no,

13 na ayɛ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyire no daa asɔfodie apam, ɛfiri sɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfoɔ.

14 Na Israelni a wɔkum no ne Midianni baa no din ne Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfoɔ mpanimfie mu bapɔmma.

15 Na Midianni baa a wɔkum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfoɔ mu agya fie so panin no ba.

16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17 Monteetee Midianfoɔ no na monku wɔn,

18 ɛfiri sɛ, wɔn nso a wɔde wɔn aniteɛ teetee mo, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabaa Kosbi, Midian safohene no babaa a wɔkum no da a Peor ho haw no baeɛ no asɛm no nti.