Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 30

1 Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apamo wo akɔ hɔ no nyinaa mu,

2 na wosane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛdeɛ merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a,

3 ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

4 Sɛ wo nnipa a wapamo wɔn no wɔ ɔsoro ano mpo a, ɛfiri hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa wo ano, na ɛfiri hɔ na ɔbɛfa woɔ.

5 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a wo nananom dii soɔ no so, na woadi so, na wayɛ wo yie, na wama woadɔre akyɛne wo nananom.

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.

7 Na AWURADE wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛgu w’atamfo ne wɔn a wɔkyiri woɔ a wɔtaa woɔ no so.

8 Na wo deɛ, wobɛsane abɛtie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

9 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yie ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, ɛfiri sɛ AWURADE ani bɛgye wo ho bio, ama woadi yie sɛdeɛ n’ani gyee wo nananom ho no;

10 sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wodi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa sane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a!

11 Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nnyɛ den mma wo, nanso ɛnni akyirikyiri;

12 ɛnni ɔsoro na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

13 Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

14 Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anomu ne w’akoma mu sɛ di so.

15 Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owuo ne bɔne masi w’anim,

16 na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.

17 Na sɛ w’akoma dane na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforɔ na wosom wɔn a,

18 mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, wo nna renkyɛre asase a woretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so.

19 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase medi mo adanseɛ, sɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefoɔ nnya nkwa,

20 na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 31

Yosua si Mose ananmu

1 Na Mose kɔ kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.

3 AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afiri w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛdeɛ AWURADE aka no.

4 Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase.

5 Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛdeɛ mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa teɛ.

6 Monyɛ den na monyɛ nnam, monnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennya wo.

7 Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.

8 Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na ɔbɛdi w’akyire, ɔrempa wo na ɔrennya wo; nsuro na mma w’akoma nntu.

Wɔnkenkan mmara no mfeɛ nson biara

9 Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.

10 Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirinhyia nson awieeɛ, Adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu

11 a Israel nyinaa aba rebɛpue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn aso mu.

12 Na ɔman no mmarima ne mmaa, mmɔfra ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nkuro apono mu mmɔ dwa na wɔntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so:

13 Na wɔn mma a wɔnnim no ntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so no nyinaa.

AWURADE ka Israel asoɔden ho asɛm

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na memfa n’adwuma nhyɛ ne nsa. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu.

15 Na AWURADE de mununkum dum bɛyii ne ho adi ntomadan no mu, na mununkum dum no bɛgyinaa ntomadan no ano.

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.

17 Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?

18 Na me deɛ, bɔne a wɔayɛ no nyinaa sɛ wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn nti, da no hunta na mede m’anim bɛhunta.

19 Na afei montwerɛ dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfoɔ; fa hyɛ wɔn anomu, na dwom yi nni me adanseɛ, Israelfoɔ mu.

20 Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.

21 Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.

22 Na Mose twerɛɛ dwom yi da no ara, na ɔde kyerɛkyerɛɛ Israelfoɔ no.

23 Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no soɔ: Na mɛdi w’akyi.

Mose de mmara no hyɛ Lewifoɔ nsa

24 Na Mose twerɛɛ mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nwoma mu wiee koraa no,

25 ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ:

26 Momfa mmara nwoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanseɛ.

27 Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!

28 Momma mo mmusuakuo mu mpanimfoɔ nyinaa ne mo ahwɛfoɔ mmɛbɔ me nkyɛn dwa, na menka nsɛm yi nyinaa ngu wɔn aso mu, na memfrɛ ɔsoro ne asase nni wɔn adanseɛ.

29 Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo.

30 Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel badwa no nyinaa aso mu de kɔsii sɛ ɔwieeɛ.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 32

Mose dwom no

1 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa,

na asase ntie m’anomu nsɛm!

2 Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo,

na me kasa ngu sɛ obosuo,

sɛ wira so mfetema

ne nhahan so hasuo.

3 Na AWURADE din na mɛbɔ.

Momfa anidie mma yɛn Nyankopɔn.

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,

na n’akwan nyinaa yɛ tenenee;

ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu;

ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.

5 Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekaeɛ nti wɔnna so nyɛ ne mma,

awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye a wɔakyea.

6 AWURADE na motua no ka seyie yi?

Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire!

Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ?

Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.

7 Kae tete nteredee nna,

hwɛ awoɔ ntoatoasoɔ dodoɔ no mfeɛ;

bisa w’agya na ɔnkyerɛ wo,

wo mpanimfoɔ, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman,

ɔpaepaee Adam mma mu no,

ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ

sɛ Israelfoɔ ano sie.

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man,

Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.

10 Ɔhunuu no anwea pradada asase so

ne nkyɛkyerɛ so,

ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae,

ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.

11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne buo

na ɔtu bɔ ne mma ho mpɛmpɛ no,

ɔtrɛɛ ne ntaban mu faa no,

ɔsoaa no ne ntakra so.

12 AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan,

na anyame foforɔ biara anka ne ho.

13 Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe,

na ɔdii asase so nnɔbaeɛ;

na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu,

ne ngo firii abohemmaa mu,

14 anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo,

nnwammuruwa sradeɛ,

ne Basan adwennini mpapo deɛ,

ne ayuo sawa mu sradeɛ,

na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.

15 Na Yesurumdɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie;

woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru;

na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,

na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.

16 Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu,

wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo.

17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn,

anyame a wɔnni wɔn,

afoforɔ a ɛbaa akyire yi

na wɔn nananom amfɛre wɔn.

18 Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho,

na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.

19 Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti

AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,

20 na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn,

mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie,

na awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye ne wɔn,

mma a nokorɛ nni wɔn mu.

21 Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu,

wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo.

Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu,

mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.

22 Na ogya asɔ m’abufuo mu,

na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ,

na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ,

na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.

23 Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so,

mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so.

24 Ɛkɔm bɛfɔn wɔn,

na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya

bɛmene wɔn;

na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu,

ne mfuturo mu awɔ borɔ.

25 Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so,

na ehu aku wɔn mpia mu,

aberanteɛ ne ababaa,

akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.

26 Anka mese: Mɛhu wɔn agu,

mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,

27 sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a,

na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani,

na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim

na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.

28 Na wɔyɛ ɔman a afotuo abɔ wɔn,

na nhunumu bi nni wɔn mu.

29 Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase,

na wɔahunu wɔn awiekyire.

30 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn

na AWURADE ayi wɔn ama a,

anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem,

na baanu ama mpemdu adwane?

31 Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan,

na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.

32 Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fire,

ɛne Gomora mfofowa so;

wɔn aba yɛ ɛborɔ aba,

wɔso esia, esia a ɛyɛ nwono;

33 wɔn nsa yɛ atweaseɛ borɔ

ne nhuritia borɔ a ano yɛ den.

34 Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn,

na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea?

35 Me na aweretɔ ne akatua wɔ me,

ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no.

Na wɔn dwɛreɛ da abɛn,

na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.

36 Na AWURADE bɛbu ne man atɛn,

na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ,

berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa,

na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.

37 Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ,

ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?

38 Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ,

na wɔnom wɔn ahwiesa no?

Ma wɔnsɔre mmɛboa mo,

ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ.

39 Afei monhunu sɛ me ara mene no,

na onyame biara nka me ho.

Me na mekum, na mema nkwa,

mepira, na mesa,

na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.

40 Na mema me nsa so mekɔ soro,

na mese: Sɛ mete ase daa yi!

41 Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no

na me nsa sɔ atemmuo mu a,

mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were,

na matua m’atamfoɔ ka.

42 Mɛma m’agyan aboro mogya,

na me nkrantɛ adi nam,

atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,

ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.

43 Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese,

ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were,

na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka,

na wapata ama n’asase, ne man.

44 Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua.

45 Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no,

46 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.

47 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.

Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔ so

48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ:

49 Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no.

50 Na wu wɔ bepɔ a woreforɔ akɔ soɔ no so, na ti wo nananom wɔ asamando, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Hor bepɔ soɔ na ɔkɔkaa ne nananom ho no,

51 ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu.

52 Na wobɛhunu asase no w’anim, na korɔ deɛ, worenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so hɔ.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 33

Mose hyira Israel

1 Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:

2 AWURADE firi Sinai bae,

na ɔpue firii Seir maa wɔn,

ɔharan firii Paran bepɔ so;

ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ,

ogya a ɛyɛ mmarama wɔn wɔ ne nifa mu.

3 Aane, ɔdɔ ne man,

n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam.

Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase

na wɔtie w’asɛm.

4 Mmara na Mose hyɛɛ yɛn,

Yakob badwa agyapadeɛ;

5 na ɔyɛɛ Yesurun mu hene,

ɛda a ɔman no atitire hyiaeɛ

na Israel mmusuakuo nyinaa hyiaa faako no.

6 Ruben nnya nkwa na ɔnnwu,

na ne mmarima nso mma wɔn ase nhye.

7 Na Yuda nso deɛ nie, ɔse:

O AWURADE, tie Yuda nne,

na fa no kɔ ne man nkyɛn;

ma wo nsa nko mma no,

na yɛ no ɔboafoɔ firi n’ahohiahiafoɔ nsam.

8 Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ:

Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no,

deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ

na wo ne no ham Meriba asuo ho no.

9 Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ:

Menni wɔn!

Na wammu ne nuanom,

na ɔpoo ne mma.

Na wɔdi wo nsɛm so,

na wɔkora w’apam;

10 wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob,

na wɔde wo mmara akyerɛ Israel;

wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano,

na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so.

11 AWURADE, hyira n’ahonyadeɛ so,

ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani;

bobɔ wɔn a wɔsɔre tia no no dwonku,

ne wɔn a wɔtane no, na wɔansɔre bio.

12 Benyamin ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo;

ɔkata ne so daa nyinaa,

na ɔbɛtena ne mmatiri so.

13 Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE nhyira n’asase;

ɔmma no ɔsoro nnepa,

obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ,

14 ne owia mu nnɔbaeɛ nnepa,

ne deɛ asrane ma no fifire mu nnepa,

15 ne tete mmepɔ atifi

ne daapem nkokoɔ nnepa,

16 ne asase ne ne mayɛ mu nnepa,

na deɛ ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ;

ɔmma no mmra Yosef atifi,

ne ne nuanom mu hotuafoɔ no mpampam.

17 Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no,

na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn;

ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa

aguo akɔduru asase ano.

Na wɔn ne Efraim apedu no,

Manase mpempem ne no.

18 Na Sebulon ho nso, ɔkaa sɛ:

Sebulon, ma w’ani nnye w’adifire mu,

ne Isakar, wo ntomadan mu.

19 Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔ no so,

ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ;

na wɔbɛfefe ɛpo mu mmorosoɔ

ne anwea mu ademudeɛ a ahunta.

20 Na Gad ho nso, ɔkaa sɛ:

Nhyira ne deɛ ɔtrɛ Gad mu;

ɔbutu hɔ sɛ gyatabereɛ,

ɔtete basa ne mpampam;

21 ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ,

na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa;

na ɔnam di ɔman no atitire mu,

ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ

ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.

22 Na Dan ho nso, ɔkaa sɛ:

Dan yɛ gyataburuwa,

ɔhuri firi Basan.

23 Na Naftali ho nso, ɔkaa sɛ:

Naftali a anisɔ amee no

na AWURADE nhyira ayɛ no ma,

fa ɛpo ne ahuhuro asase no di so.

24 Na Aser ho nso, ɔkaa sɛ:

Ma wɔmfa mma nhyira Aser,

ɔnyɛ deɛ ɔsɔ ani ne nuanom mu,

na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.

25 Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nyɛ w’adaban,

sɛ wo nna teɛ no, saa na w’ahoɔden nyɛ.

26 Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn!

Ɔnam soro di boa wo,

ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.

27 Tete Nyankopɔn ne wo tenabea,

na aseɛ na daapem abasa no wɔ.

Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim,

na waka sɛ: Dwɛre wɔn.

28 Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,

Yakob asubura no nkutoo,

ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so;

ne soro nso bɛsosɔ obosuo.

29 Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ,

ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ!

Ɔyɛ wo mmoa kyɛm,

na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ.

W’atamfo bɛwae ama wo,

na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 34

Mose wuo

1 Na Mose firii Moab mpaperɛ mu foro kɔɔ Nebo bepɔ so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentensoɔ, na AWURADE maa no hunuu Gilead asase nyinaa de kɔsii Dan,

2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase asase ne Yuda asase nyinaa de kɔsii akyiri po no ho;

3 ne Negeb asase ne mpaperɛ a ɛyɛ, nkyiresua kuro Yeriko bonhwa no de kɔsii Soar.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Yei ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no. Mama wode w’ani ahunu, na ɛkorɔ deɛ, worenkɔ hɔ.

5 Na AWURADE akoa Mose wuu wɔ hɔ, Moab asase so sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

6 Na ɔsiee no bonhwa mu Moab asase so, Bet-peor ntentensoɔ. Na obiara nnim ne damena de bɛsi nnɛ.

7 Na Mose wuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu. N’ani anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhwan.

8 Na Israelfoɔ suu Mose, Moab mpaperɛ mu adaduasa, na wɔdii Mose su ne ne gyam nna no wiee.

9 Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ Mose de ne nsa guu ne so; na Israelfoɔ tiee no, na wɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

10 Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie.

11 Saa Mose yi na AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ Misraim asase soɔ.

12 Afei nso ɛnam Mose so na ahudeɛ akɛseɛ nyinaa da adi wɔ Israel nyinaa anim.

Categories
Numeri

Numeri 1

Ɔman no kan

1 Na Israelfoɔ firii Misraimfoɔ asase so akyi afe a ɛtɔ so mmienu, ne bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu sɛ:

2 Wo ne Aaron mommu Israel nyinaa ano sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, nhunu mmarima nyinaa mmaako mmaako, wɔn din dodoɔ,

3 ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, Israel mu obiara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa; wo ne Aaron nkan wɔn sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ,

4 na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.

5 Na mmarima a wɔmfiri mmusuakuo no mu mmɛboa mo no din nie: Ruben deɛ ne Sedeur ba Elisur.

6 Simeon deɛ: Surisadai ba Selumiel.

7 Yuda deɛ: Aminadab ba Nahason.

8 Isakar deɛ: Suar ba Netanel.

9 Sebulon deɛ: Helon ba Eliab.

10 Yosef mma no deɛ: Efraim deɛ: Amihud ba Elisama. Manase deɛ: Pedahsur ba Gamaliel.

11 Benyamin deɛ: Gideoni ba Abidan.

12 Dan deɛ: Amisadai ba Ahieser.

13 Aser deɛ: Okran ba Pagiel.

14 Gad deɛ: Deguel ba Eliasaf.

15 Naftali deɛ: Enan ba Ahira.

16 Yeinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn nananom mmusuakuo mu mmapɔmma ne Israel mpem mpem so atitire nie.

17 Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi,

18 na wɔhyiaa asafo no nyinaa boaa ano, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan, na wɔkaa wɔn awoɔ ntoatoasoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, mmaako mmaako;

19 sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na ɔkan wɔn Sinai serɛ soɔ.

20 Na Israel abakan Ruben mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

21 wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben abusuakuo no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum.

22 Simeon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

23 wɔn a wɔkan wɔn maa Simeon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa.

24 Gad mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

25 nnipa a wɔkan wɔn maa Gad abusuakuo no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum.

26 Yuda mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

27 nnipa a wɔkan wɔn maa Yuda abusuakuo no yɛ mpem aduɔson nnan ne ahansia.

28 Isakar mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

29 nnipa a wɔkan wɔn maa Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum nnan ne ahanan.

30 Sebulon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

31 nnipa a wɔkan wɔn maa Sebulon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan.

32 Yosef mma, Efraim mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

33 nnipa a wɔkan wɔn maa Efraim abusuakuo no yɛ mpem aduanan ne ahanum.

34 Manase mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

35 nnipa a wɔkan wɔn maa Manase abusuakuo no yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu.

36 Benyamin mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

37 nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuo no yɛ mpem aduasa nnum ne ahanan.

38 Dan mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

39 nnipa a wɔkan wɔn maa Dan abusuakuo no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson.

40 Aser mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

41 nnipa a wɔkan wɔn maa Aser abusuakuo no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum.

42 Naftali mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

43 nnipa a wɔkan wɔn maa Naftali abusuakuo no yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.

44 Yeinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kaneeɛ no, mmarima dummienu a wɔtuatua wɔn mpanimfie ano mmaako mmaako no.

45 Na Israelfoɔ mu nnipa a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire, Israel mu ɔbarima biara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa no,

46 nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa yɛ ɔpehansia mmiɛnsa ne ahanum aduonum.

47 Na Lewi mma deɛ, sɛdeɛ wɔn nananom abusuakuo teɛ no, wɔankan wɔn amfra wɔn.

Lewifoɔ no ahyɛdeɛ

48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

49 Lewi abusuakuo no nko deɛ, nkan wɔn, nanso mmu wɔn dodoɔ ano mfra Israelfoɔ,

50 na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanseɛ tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne adeɛ biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔnkyere wɔn nsraban nhyia.

51 Sɛ wɔretu tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔntutu, na sɛ wɔresi tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔnsie; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no.

52 Na Israelfoɔ no mmobɔ nsraban wɔn ara wɔn nsraban mu ne wɔn frankaa ho sɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ mmaako mmaako.

53 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.

54 Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Categories
Numeri

Numeri 2

Mmusuakuo no nsraban nhyehyɛɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Israelfoɔ no nkyere nsraban, wɔn mu biara wɔ ɔno ara ne frankaa ho, ɛne wɔn mpanimfie nsɛnkyerɛnneɛ ho; ahyiaeɛ ntomadan no ntentensoɔ na wɔnkyere nsraban no nhyia.

3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason,

4 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduɔson nnan ne ahansia.

5 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa soɔ ne Isakar abusuakuo. Isakar mma no safohempanin Suar ba Netanel,

6 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum nnan ne ahanan.

7 Sebulon abusuakuo na ɛtoa soɔ. Sebulon mma no safohempanin ne Helon ba Eliab,

8 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan.

9 Wɔn a wɔkan wɔn maa Yuda nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; wɔn na wɔntu kane.

10 Ruben nsraban frankaa ase nnipa nni anafoɔ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Ruben mma no safohempanin ne Sedeur ba Elisur,

11 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum.

12 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Simeon abusuakuo. Simeon mma safohempanin Surisadai ba Selumiel,

13 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa.

14 Na Gad abusuakuo na ɛntoa soɔ. Gad mma no safohempanin ne Reuel ba Eliasaf,

15 na ne dɔm a wɔkan wɔn mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum.

16 Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduonum baako ne ahanan aduonum, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, na wɔn na wɔntɔ so mmienu ntu.

17 Afei ahyiaeɛ ntomadan no ne Lewifoɔ nsraban no ntu nni nsraban ahodoɔ no ntam. Sɛdeɛ wɔkyere nsraban no, saa ara na wɔntuo, wɔn nyinaa wɔ wɔn dibea sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ.

18 Efraim nsraban frankaa nni atɔeɛ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Efraim mma safohempanin ne Amihud ba Elisama,

19 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduanan ahanum.

20 Na Manase abusuakuo ntoa so. Manase mma no safohempanin ne Pedahsur ba Gamaliel,

21 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa mmienu ne ahanu.

22 Na Benyamin abusuakuo no na ɛntoa soɔ. Benyamin mma no safohempanin ne Gideoni ba Abidan

23 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa nnum ne ahanan.

24 Wɔn a wɔkan wɔn maa Efraim nsraban no nyinaa yɛ nnipa mpemha ne nwɔtwe, ne ɔha sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na wɔn na wɔntɔ so mmiɛnsa ntuo.

25 Dan nsraban frankaa nni atifi fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Dan mma no safohempanin ne Amisadai ba Ahieser,

26 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson.

27 Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Aser abusuakuo. Aser mma no safohempanin ne Okran ba Pagiel,

28 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum.

29 Na Naftali abusuakuo na ɛntoa soɔ. Naftali mma no safohempanin ne Enan ba Ahira,

30 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.

31 Wɔn a wɔkan wɔn maa Dan nsraban yɛ ɔpeha aduonum nson ne ahansia; wɔn na wɔnni akyire ntuo sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ.

32 Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, nsraban ahodoɔ no mu wɔn a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, yɛ ɔpeha nsia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum.

33 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

34 Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔkyeree nsraban, sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ, na saa nso na wɔtuiɛ, wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ no.

Categories
Numeri

Numeri 3

Lewifoɔ no dodoɔ ne wɔn asɛdeɛ

1 Na yeinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasaa Sinai bepɔ soɔ no.

2 Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

3 Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din.

4 Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim.

5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6 Fa Lewi abusuakuo no bra na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔnsom no,

7 na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiaeɛ ntomadan no anim, tenabea no ho som mu,

8 na wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nnoɔma nyinaa so nyɛ Israelfoɔ nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu.

9 Na fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afiri Israelfoɔ mu.

10 Na Aaron ne ne mma no deɛ, yi wɔn si hɔ na wɔnkura wɔn asɔfodie no mu; na ɔhɔhoɔ biara a ɔtwe pini ho no, wɔnku no.

11 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12 Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea.

13 Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.

14 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai serɛ so sɛ:

15 Kan Lewi mma no sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, kan wɔn.

16 Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no.

17 Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

18 Na yeinom ne Gerson mma din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo teɛ: Libni ne Simei.

19 Na Kohat mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, ne: Amram ne Isehar, Hebron ne Usiel.

20 Na Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua no, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ.

21 Gerson deɛ ne Libni abusua ne Simei abusua; yeinom ne Gersonfoɔ mmusua no.

22 Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem nson ne ahanum.

23 Gersonfoɔ mmusua yi kyeree nsraban tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam.

24 Na Gersonfoɔ agya fie bapɔmma ne Lael ba Eliasaf.

25 Na deɛ Gerson mma no nhwɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho ne tenabea no ne ntomadan no, ne nkatasoɔ ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no,

26 ne adihɔ no ho ntwamutam no ne adihɔ a ɛtwa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehoma, ntomadan no ho adwuma nyinaa.

27 Na Kohat deɛ ne Amramfoɔ abusua, Iseharfoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua ne Usielfoɔ abusua; yeinom ne Kohatfoɔ mmusua no.

28 Mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nwɔtwe ne ahansia. Wɔn na wɔyɛ kronkronbea no ho ahwɛfoɔ.

29 Kohat mma no mmusua nkyere nsraban tenabea no nkyɛn, anafoɔ fam.

30 Na Kohatfoɔ mmusua no agya fie bapɔmma ne Usiel ba Elisafan.

31 Na deɛ wɔnhwɛ ne adaka no, ɛpono no, kaneadua no, afɔrebukyia no ne kronkronbea hɔ nnoɔma nyinaa a wɔde som no ne ntwamutam no ne ɛho adwuma nyinaa.

32 Na Lewi mmapɔmma mu panin ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, ɔne wɔn a wɔkura kronkronbea mu no so no mu panin.

33 Merari deɛ ne Mahli abusua ne Musi abusua; yeinom ne Merari mmusua no.

34 Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu.

35 Na Merari mmusua no agya fie bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔnkyere wɔn nsraban atifi fam.

36 Na Merari mma no hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa,

37 ne adihɔ no ho adum a ɛhyia ho no ne ne nnyinasoɔ ne ɛho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma so.

38 Na wɔn a wɔnkyere nsraban, ahyiaeɛ ntomadan no anim, apueeɛ no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔkura kronkronbea no ma Israelfoɔ no; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no.

39 Lewifoɔ a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa yɛ mpemaduonu mmienu.

Lewifoɔ gye mmakan

40 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kan Israelfoɔ no mu mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa, na bu wɔn din dodoɔ ano;

41 na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.

42 Na Mose kan Israelfoɔ mu mmakan nyinaa sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

43 Na mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa din dodoɔ, sɛdeɛ wɔn a wɔkan no teɛ no ano si mpemaduonu mmienu ne ahanu aduɔson mmiɛnsa.

44 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45 Fa Lewifoɔ si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifoɔ afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifoɔ no nyɛ me dea: Mene AWURADE.

46 Na Israelfoɔ mmakan mu nnipa ahanu aduɔson mmiɛnsa a wɔboro Lewifoɔ soɔ no agyedeɛ deɛ,

47 gye obiara dwetɛbena nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ na gyeɛ, gera aduonu nyɛ dwetɛbena baako;

48 na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn soɔ no agyedeɛ no ma Aaron ne ne mma.

49 Na Mose gyegyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifoɔ gyee wɔn no soɔ hɔ.

50 Israelfoɔ mmakan hɔ na ɔgyegyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ.

51 Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no tiri dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Categories
Numeri

Numeri 4

Lewifoɔ som

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Bu Kohat mma no ano firi Lewi mma no mu, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

3 fa firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ no so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m’adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.

4 Yei ne Kohat mma no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma: Akronkronneɛ mu ade kronkron no.

5 Na sɛ nsraban no rebɛtu a, Aaron ne ne mma mmra mmɛyi ntwamutam no, na wɔmfa nkata adanseɛ adaka no ho,

6 na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nto so, na wɔmfa bibitoma mu nsɛ so, na wɔmfa ne mpoma no nwurawura mu.

7 Na wɔmfa bibitoma nkata anim pono no so, na wɔmfa nyowa no ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa paanoo no nsisi so;

8 na wɔmfa ntoma kɔkɔɔ nsɛ nnoɔma no so, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.

9 Na wɔmfa bibitoma nkata kaneadua no ne ne nkanea ne n’adaawa ne ne nso nkukuwa ne ne ngo ntoa a wɔde som no nyinaa ho.

10 Na wɔmfa ɛno ne ɛho nnoɔma nyinaa nhyɛ sukraman nwoma nkatasoɔ no mu, na wɔmfa nto pata no so.

11 Na wɔmfa bibitoma nsɛ sika afɔrebukyia no so, na wɔmfa sukraman nwoma nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.

12 Na wɔmfa ɔsom nnoɔma a wɔde som kronkronbea hɔ no nyinaa nhyɛ bibitoma mu, na wɔmfa sukraman nwoma nkatasoɔ nkata ho, na wɔmfa nto pata no so.

13 Na afɔrebukyia no, wɔnsesa so nso ngu, na wɔmfa ntoma a ɛbere dum nsɛ so,

14 na wɔmfa ɛho nnoɔma a wɔde som so nyinaa, nsramma kukuwa ne adinam ne sofi ne nkoraa no, afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nsɛ so, na wɔmfa ɛho mpoma no nwurawura mu.

15 Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.

16 Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ahwɛdeɛ ne kanea ngo ne nnuhwam ne daa aduane afɔdeɛ ne sra ngo no, tenabea no nyinaa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa so hwɛ, kronkronbea hɔ ne ɛho nnoɔma fam.

17 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

18 Momma wɔntwa Kohatfoɔ mmusua mu abusuakuo no mmfiri Lewifoɔ mu, na yei na monyɛ mma wɔn,

19 na wɔanya nkwa na wɔanwuwu sɛ wɔabɛn akronkronneɛ mu ade kronkron no: Aaron ne ne mma no nhyɛne mu, na wɔmfa wɔn nsisi wɔn adwuma ne wɔn asɛdeɛ ho;

20 na wɔn deɛ, wɔnnhyɛne mu mmfa wɔn ani mmɛbɔ akronkronneɛ no so, na wɔanwuwu.

21 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

22 Bu Gerson mma no nso ano, sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ;

23 kan wɔn firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnsom ahyiaeɛ ntomadan no ho.

24 Yei ne Gersonfoɔ mmusua no som a wɔnsom na wɔnsoa nnoɔma:

25 Wɔn na wɔnsoa tenabea no ntoma no ne ahyiaeɛ ntomadan no, ne nkatasoɔ, ne sukraman akatasoɔ a ɛwɔ soɔ no ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no,

26 ne adihɔ no ho ntwamutam ne adihɔ a ɛtwa tenabea ne afɔrebukyia no ho hyia no aboboano nkataano no ne ne ntampehoma ne ɛho adwuma ho nnoɔma nyinaa; na wɔnyɛ biribiara a ɛhia sɛ wɔyɛ no wɔ ho.

27 Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfoɔ mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛdeɛ nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn nnwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so.

28 Yei ne Gersonfoɔ mma mmusua no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma, na wɔn adwuma no sohwɛ wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam.

29 Merari mma no nso, kan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ.

30 Kan wɔn firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, obiara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa, na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma.

31 Na yei ne nnesoa a wɔnsoa sɛ wɔn ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma; tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ,

32 ne adihɔ a ɛhyia ho no adum ne ne nnyinasoɔ ne ne mpɛɛwa ne ne ntampehoma ne ɛho nnoɔma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa; na monkan nnoɔma a wɔnsoa no mmobɔ din mfa nhyɛ wɔn nsa.

33 Yei ne Merari mma mmusua no adwuma, wɔn ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma nyinaa, wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam.

34 Na Mose ne Aaron ne asafo no mu mmapɔmma no kɔkan Kohatfoɔ mma no sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

35 wɔde firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma.

36 Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua no soɔ yɛ mpennu ahanson aduonum.

37 Yeinom ne Kohatfoɔ mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam so kan wɔn.

38 Na Gerson mma mu nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

39 firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma.

40 Wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie soɔ yɛ mpennu ahansia aduasa.

41 Yeinom ne Gerson mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn.

42 Na Merari mma mu nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

43 firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma,

44 wɔn nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ mmusua teɛ, yɛ mpensa ne ahanu.

45 Yeinom ne Merari mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam no so kan wɔn.

46 Na Lewifoɔ a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

47 firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔtumi yɛ ɔsom adwuma anaa nnesoasoa adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu no,

48 wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem nwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe.

49 Sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no na wɔde wɔn sisii wɔn som adwuma ne asɛdeɛ ne deɛ wɔde hyɛɛ wɔn nsa no soɔ mmaako mmaako; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Categories
Numeri

Numeri 5

Wɔyi wɔn a wɔn ho nteɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu.

3 Ɔbarima ne ɔbaa na montu no, nsraban no akyi na montu wɔn nkorɔ, na wɔangu mo nsraban a mete mu wɔ mo mu no ho fi.

4 Israelfoɔ no yɛɛ saa, na wɔtuu wɔn kɔɔ nsraban no akyi; sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no, saa na Israelfoɔ no yɛeɛ.

Asodideɛ

5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Ɔbarima anaa ɔbaa yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a,

7 ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

8 Na sɛ onipa no awu na ɔnni busuani a ɔbɛn no bi ara a wɔde asodideɛ no bɛma no a, wɔmfa asodideɛ a ɛyɛ AWURADE dea no, wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

9 Na mmasoɔ adeɛ biara Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde brɛ ɔsɔfoɔ no nyinaa, nyɛ ne deɛ.

10 Na obiara akronkronneɛ yɛ ɔsɔfoɔ no dea; deɛ obiara de ma ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea.

Ninkuntwe ho asɛm

11 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ ɔbarima bi yere firi n’akyi na ɔkɔfom no,

13 na ɔbarima bi ne no da na sɛ wammɔ so ankyerɛ ne kunu, na ne kunu no nnim sɛ ne ho agu fi na ɛho danseni nni hɔ, na wɔankye no wɔ so,

14 na ninkuntwe honhom ba ɔbarima no so na ɔtwe ne yere no ho ninkunu, na ɔbaa no agu ne ho fi ampa, — anaasɛ ninkuntwe honhom ba ne so na ɔtwe ne yere ho ninkunu na ɔbaa no nguu ne ho fi a,

15 ɛnneɛ ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfoɔ no anim. Na ɔmfa ɔbaa no ho ayɛyɛdeɛ, atokosiam olonka abupɛn du mu baako mmra: Ɔnngu so ngo nanso ɔnnto so ohwamfufuo, na ɛyɛ ninkunu ho aduane afɔdeɛ, nkaeɛ aduane afɔdeɛ a wɔde kae amumuyɛ.

16 Na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no mmra mmɛgyina AWURADE anim.

17 Na ɔsɔfoɔ no nsa nsu kronkron ngu kukuo bi mu, na ɔnsa tenabea hɔ fam mfuturo bi, na ɔmfa ngu nsuo no mu;

18 na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no nnyina AWURADE anim, na ɔnyi ne tiri so akatasoɔ, na ɔmfa nkaeɛ aduane afɔdeɛ a ɛne ninkuntwe aduane afɔdeɛ nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfoɔ no nkura nsu nwononwono a ɛde nnome ba no ne nsam.

19 Na ɔsɔfoɔ no mma no nni nse na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae, na sɛ womfirii wo kunu akyiri nkɔguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi ho;

20 na sɛ woafiri wo kunu akyi, na sɛ wo ho agu fi na woama obi ho aka wo sɛ wo kunu a, —

21 ɛno deɛ, ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nni saa nse yi, na ɔsɔfoɔ no nka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w’asrɛ atotɔ mu na wo yafunu ahonhon;

22 na nsuo a ɛde nnome ba yi ahyɛne wo nsono mu ahonhon wo yafunu na w’asrɛ atotɔ mu! Na ɔbaa no nka sɛ: Amen, Amen!

23 Na ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwononwono no mu,

24 na ɔmma ɔbaa no nnom nsu nwononwono a ɛde nnome ba no, na nsuo a ɛde nnome ba no nkɔ ne mu nkɔyɛ nwononwono.

25 Na ɔsɔfoɔ no nnye ɔbaa no nsam ninkuntwe ho aduane afɔdeɛ no, na ɔnhim aduane afɔdeɛ no AWURADE anim, na ɔmfa mpini afɔrebukyia no;

26 na ɔsɔfoɔ no mfa aduane afɔdeɛ no nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛno akyiri no, ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no.

27 Na sɛ ɔma no nom a, na sɛ, wagu ne ho fi na wayɛ ne kunu bɔne a, ɛnneɛ nsuo a ɛde nnome ba no bɛhyɛne ne mu akɔyɛ no nwono, na ne yafunu ahon na n’asrɛ atotɔ mu, na ɔbaa no adane nnome, ne man mu.

28 Na sɛ ɔbaa no ho nguu fi na ne ho te a, ɛnneɛ ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma.

29 Yei ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbaa bi firi ne kunu akyi kɔgu ne ho fi

30 anaasɛ ninkuntwe honhom ba ɔbarima bi so na ɔtwe ne yere ho ninkunu a, ɔmfa ɔbaa no mmɛgyina AWURADE anim, na ɔsɔfoɔ no nyɛ no sɛdeɛ mmara yi hyɛ nyinaa.

31 Na ɔbarima no ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri amumuyɛ no ho, na ɔbaa no asoa n’amumuyɛ.