Categories
Yosua

Yosua 4

Wɔsi nkaeɛ dum

1 Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:

2 Monyiyi ɔman no mu mmarima dummienu, abusuakuo biara mu onipa baako,

3 na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya no mo asoɛeɛ a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.

4 Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dummienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu no, abusuakuo biara mu onipa baako.

5 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsene nni AWURADE mo Nyankopɔn adaka no anim nkɔ Yordan mfimfini, na montase aboɔ mmaako mmaako mmobɔ mo kɔn ho, sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na yei ayɛ mo mu nsɛnkyerɛnneɛ.

6 Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode aboɔ yi kyerɛ deɛn?

7 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa.

8 Na Israelfoɔ no yɛɛ saa, sɛdeɛ Yosua hyɛeɛ no, na wɔtasee aboɔ dummienu Yordan mu, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na wɔde twa baa wɔn asoɛeɛ, na wɔgyaa no hɔ.

9 Na Yosua memaa aboɔ dummienu so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

10 Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa.

Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

11 Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.

12 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no,

13 nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ.

14 Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wɔsuroo no sɛdeɛ wɔsuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:

16 Hyɛ asɔfoɔ a wɔso adanseɛ adaka no, na wɔmforo mfiri Yordan mu.

17 Na Yosua hyɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Momforo mfiri Yordan mu.

18 Na asɔfoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no foro firii Yordan mu na asɔfoɔ no anammɔn bɛsii asase pɛsɛɛ soɔ ara pɛ, na Yordan mu nsuo no sane baa n’afa, na ɛbɛkataa ne nsunoa nyinaa sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.

19 Na ɔman no foro firii Yordan mu bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du, na wɔkyeree nsraban Gilgal, Yeriko apueeɛ hyeɛ so.

20 Na aboɔ dummienu a wɔtase firii Yordan mu no, Yosua de sisii Gilgal.

21 Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn agyanom sɛ: Aboɔ yi kyerɛ deɛn?

22 Momma mo mma nhunu sɛ asase pɛsɛɛ so na Israel fa de twaa Yordan yi,

23 sɛ AWURADE mo Nyankopɔn wee Yordan nsuo no mo anim kɔsii sɛ motwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛwa Po no a ɔweeɛ no yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no,

24 na asase so aman nyinaa ahunu AWURADE nsa sɛ ɛyɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn.

Categories
Yosua

Yosua 5

1 Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.

Ɔman twetiatwa ne Twam afahyɛ

2 Saa berɛ no ara na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twerɛboɔ asekan, na sane twitwa Israelfoɔ no twetia a ɛtɔ so mmienu.

3 Na Yosua yɛɛ twerɛboɔ asekan de twitwaa Israelfoɔ no twetia Aaralot kokoɔ so.

4 Na deɛ enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wɔfiri Misraim baeɛ no mu mmarima nyinaa, akofoɔ no nyinaa wuwuu kwan mu wɔ serɛ so, wɔfiri Misraim firiiɛ no akyi.

5 Nanso ɔman no a wɔfiri Misraim firiiɛ no akyire wɔwoo wɔn kwan mu wɔ serɛ soɔ no nyinaa deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.

6 Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.

7 Na wɔn mma na ɔmaa wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.

8 Na wɔwiee ɔman mu no nyinaa twetiatwa no, wɔtenaa wɔn tenabea hɔ nsraban no mu kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ mamuni Misraim nsopa afiri mo so. Ɛno nti wɔfrɛɛ hɔ Gilgalde bɛsi nnɛ yi ara.

10 Na Israelfoɔ no kyeree nsraban Gilgal, na wɔdii Twam no, bosome no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Yeriko mpaperɛ so.

11 Na Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ no, da no ara, na wɔdii asase no so aduane, apiti ne nkyeweɛ.

Nyankopɔn bɔfoɔ no

12 Na mana no to twae firi da a wɔdii asase no so aduane no, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ no annya mana bio, na wɔdii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ afe no ara mu.

13 Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?

14 Na ɔse: Dabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuu fam sɔree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?

15 Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa firi wo nan, na deɛ wogyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.

Categories
Yosua

Yosua 6

Yeriko tua

1 Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.

3 Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. Saa ara na yɛ no nnansia.

4 Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.

5 Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee.

6 Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.

7 Na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsene nkɔtwa kuro no ho nhyia, na wɔn a wɔamia no nsene nni AWURADE adaka no anim.

8 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no no, asɔfoɔ baason a wɔkurakura osebɔ ntotorobɛnto no sene dii AWURADE anim na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no, na AWURADE apam adaka no dii wɔn akyi.

9 Na wɔn a wɔamia no dii asɔfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto no anim, na kyidɔm no dii adaka no akyi; wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara.

10 Na ɔman no deɛ, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ ose, na mommma wɔnnte mo nne, na asɛm biara mmfiri mo anomu de kɔsi da a mɛse mo sɛ mommɔ ose no ansa na moabɔ ose.

11 Na AWURADE adaka no twaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔbaa nsraban mu bɛdaa hɔ.

12 Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE adaka no.

13 Na asɔfoɔ baason no kurakura osebɔ ntotorobɛnto nson no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no.

14 Na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔtwaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔsane baa nsraban no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia.

15 Na da a ɛtɔ so nson no, adeɛ rekye pɛ, na wɔtuaa nhema sɔree ntɛm, na wɔtwaa kuro no ho hyiaa saa ara mprɛnson; da no nko ara na wɔtwaa kuro no ho hyiaa mprɛnson.

16 Na ɛbaa sɛ deɛ ɛtɔ so nson no soɔ a asɔfoɔ no rehyɛne ntotorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, ɛfiri sɛ AWURADE de kuro no ama mo.

17 Na kuro no nyɛ ahyiradeɛ, ɛno ne emu ade nyinaa mma AWURADE; odwamamfoɔ Rahab nko ara na ɔnnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fie nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde abɔfoɔ a yɛsomaa wɔn no huntaeɛ.

18 Mo ho yie ara na monhwɛ ahyiradeɛ no ho, na moanhyira so na moamfa ahyiradeɛ no bi, na moamfa Israel nsraban no anyɛ ahyiradeɛ amma amaneɛ amma so.

19 Na dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE, na wɔmfa mmra AWURADE adekorabea.

20 Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no. Na ɛbaa sɛ ɔman no tee ntotorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛseɛ, na ɔfasuo no hwee fam tim, na ɔman no foro kɔɔ kuro no mu, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kuro no.

21 Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.

22 Na mmarima baanu a wɔkɔsraa asase no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbaa dwamamfoɔ no fie nkɔfa ɔbaa no ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.

23 Na mmeranteɛ akwansrafoɔ no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne deɛ ɔwɔ nyinaa firi bae, na wɔde n’abusua nyinaa firii adi bɛgyaa wɔn Israel nsraban no akyi.

24 Na kuro no deɛ, wɔde ogya hyee ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nko na wɔde bɛguu AWURADE fie adekorabea no mu.

25 Na odwamamfoɔ Rahab ne n’agya fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa deɛ, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de bɛsi nnɛ, ɛfiri sɛ ɔde abɔfoɔ a Yosua soma maa wɔkɔsraa Yeriko no huntae.

26 Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ:

Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre

abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim:

Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ,

na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.

27 Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.

Categories
Yosua

Yosua 7

Wɔkum Israelfoɔ wɔ Ai. Wɔkum Akan

1 Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.

2 Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.

3 Na wɔsane baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; na mmarima bɛyɛ mpennu anaa mpensa nkɔbɔ Ai, nha ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wɔsua.

4 Na ɔman no mu bɛyɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso wɔdwane firii Ai mmarima no anim.

5 Na Ai mmarima no kunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa wɔn Ai kuro pono no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn asianee no mu. Na ɔman no akoma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsuo.

6 Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.

7 Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.

8 Wo kyɛw nie, AWURADE, sɛ Israel adane wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfoɔ yi, ɛdeɛn na menka?

9 Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, adɛn nti na wode w’anim abutu fam seyie?

11 Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.

12 Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.

13 Sɔre te ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Ahyiradeɛ wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kɔsi sɛ mobɛyi ahyiradeɛ no afiri mo mu.

14 Enti anɔpa, wɔmfa mo mpinkyɛ mmusuakuo mmusuakuo. Na abusuakuo a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini mmusua mmusua, na abusua a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini afie, na efie a AWURADE bɛkyerɛ no mu mmarima ntwe mpini mmaako mmaako.

15 Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.

16 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel pinkyɛe abusuakuo abusuakuo. Na wɔkyeree Yuda abusuakuo.

17 Na ɔde Yuda mmusua pinkyɛe, na wɔkyeree Serafoɔ abusua. Na ɔde Serafoɔ abusua mu mmarima pinkyɛe mmaako mmaako, na wɔkyeree Sabdi.

18 Na ɔde ne fie mmarima pinkyɛe mmaako mmaako, na wɔkyeree Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu.

19 Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so.

20 Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokorɛ, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛeɛ.

21 Mehunuu asadeɛ no mu Sinear ngusoɔ fɛfɛ bi ne dwetɛ nnwetɛbena ahanu ne sika dame baako a ano si nnwetɛbena aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam me ntomadan mu, na dwetɛ no wɔ aseɛ.

22 Ɛnna Yosua somaa abɔfoɔ, na wɔde mmirika kɔɔ ntomadan no mu, na hwɛ, na ɛhyɛ ne ntomadan no mu, na dwetɛ no hyɛ aseɛ.

23 Na wɔyi firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa, na wɔde bɛguu AWURADE anim.

24 Ɛnna Yosua faa Sera ba Akan, ne dwetɛ ne ngusoɔ ne sika dame no, ne ne mmammarima ne ne mmammaa, ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan, ne ne ntomadan ne deɛ ɔwɔ nyinaa, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔde wɔn foro kɔɔ Akor bonhwa mu.

25 Na Yosua kaa sɛ: Adɛn na woaha yɛn saa yi? AWURADE bɛha wo nnɛ da yi. Na Israel nyinaa sii no aboɔ, na wɔde ogya hyee wɔn, na wɔde aboɔ guu wɔn so.

26 Na wɔhɔree ne so abosie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi. Na AWURADE dane firii n’abufuhyeɛ no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akorbonhwa de bɛsi nnɛ yi.

Categories
Yosua

Yosua 8

Wɔdi Ai so nkonim

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma w’akoma nntu. Fa akofoɔ dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai: Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase mahyɛ wo nsa.

2 Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo no.

4 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛ kuro no, kuro no akyiri nohoa; mommma mo ne kuro no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.

5 Na me deɛ, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa bɛtwe apini kuro no; na sɛ wɔfiri adi bɛhyia yɛn sɛ akane no a, yɛbɛdwane afiri wɔn anim;

6 na wɔbɛfiri adi abɛdi yɛn akyi akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no mu; na wɔbɛka sɛ: Wɔredwane afiri yɛn anim sɛ akane no; enti yɛbɛdwane afiri wɔn anim.

7 Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.

8 Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no.

9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔe kɔtɛe. Na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔeɛ fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.

10 Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanimfoɔ foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.

11 Na akofoɔ dɔm a wɔka ne ho nyinaa foro kɔe, na wɔtwe pinii, na wɔduruu kuro no ntentensoɔ, na wɔbɔɔ nsraban Ai atifi fam, na bonhwa wɔ wɔn ne Ai ntam.

12 Na ɔde nnipa bɛyɛ mpemnum kɔtetɛɛ Betel ne Ai ntam, kuro no atɔeɛ fam.

13 Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kuro no atifi fam ne akyire atɛfoɔ no a ɛwɔ kuro no atɔeɛ fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ bonhwa no mu anadwo no ara.

14 Na Ai hene hunuiɛ no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ deɛ wɔahyɛ hɔ, mpaperɛ no anim, sɛ wɔrebɛhyia Israel ne wɔn ako; nso na ɔnnim sɛ wɔretɛ no kuro no akyi.

15 Na Yosua ne Israel nyinaa maa wɔpamoo wɔn wɔn anim, na wɔdwane faa ɛserɛ so kwan so.

16 Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ ɔman a wɔwɔ kuro no mu nyinaa sɛ wɔmmɛti wɔn; na wɔtii Yosua, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu.

17 Na ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wamfiri adi ankɔdi Israel akyire; na wɔgyaa kuro no hɔ maa ano daa hɔ kɔdii Israel akyi.

18 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Tene pea a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ Ai, na mede bɛhyɛ wo nsa. Na Yosua tenee ne pea a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ kuro no.

19 Ɛnna atɛfoɔ no sɔree ntɛm firii wɔn afa hɔ, na ɔtenee ne nsa no, wɔtutuu mmirika kɔhyɛnee kuro no mu na wɔfae, na wɔyɛɛ ntɛm de ogya too kuro no mu.

20 Na Ai mmarima no danedanee wɔn ani hwɛɛ wɔn akyiri no, na hwɛ, na kuro no mu wisie retu kɔ soro, na wɔnnya kwan nnwane nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ soɔ no danedanee wɔn ho tiaa atifoɔ no.

21 Na Yosua ne Israel nyinaa hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuro no, na kuro no mu wisie retu kɔ soro no, wɔsanee wɔn akyi bɛkunkumm Ai mmarima no.

22 Na yeinom nso firii adi firii kuro no mu bɛhyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, yeinom wɔ ha, na yeinom nso wɔ ha; na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii sɛ wɔn mu anikanfoɔ anaa odwanefoɔ biara anka.

23 Na Ai hene no, wɔkyeree no animono, na wɔde no brɛɛ Yosua.

24 Na Israel wiee Aifoɔ nyinaa kum wɔ ɛserɛ so petee mu, faako a wɔbɛtii wɔn no, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano kɔsii sɛ wɔsaeɛ no, Israel nyinaa sane kɔɔ Ai de nkrantɛ ano kunkumm wɔn.

25 Na nnipa a wɔtotɔɔ da no nyinaa, mmarima ne mmaa yɛ mpem dummienu, Aifoɔ nyinaa.

26 Na Yosua antwe ne nsa a ɔde tenee ne pea no de kɔsii sɛ wɔsɛee Aifoɔ nyinaa pasapasa.

27 Kuro no mu mmoa ne asadeɛ nko na Israel fom faeɛ, sɛ AWURADE asɛm a ɔde hyɛɛ Yosua no teɛ no.

28 Na Yosua hyee Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo sie de bɛsi nnɛ yi.

29 Na Ai hene no deɛ, ɔsɛnee no dua so kɔsii anwummerɛ; na owia kɔtɔeɛ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnkɔyi ne funu no mfiri dua no so, na wɔde no too kuro no pono ano, na wɔhɔree ne so aboɔsie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi.

Yosua si afɔrebukyia, na ɔtwerɛ mmara no gu aboɔ so

30 Ɛnna Yosua kɔsii afɔrebukyia maa AWURADE Israel Nyankopɔn Ebal bepɔ soɔ,

31 sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu no, afɔrebukyia a wɔde aboɔ amuamu a obi mmaa dadeɛ so wɔ so pɛn asie; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔkunkumm asomdwoeɛ afɔdeɛ.

32 Na aboɔ no so hɔ na ɔtwerɛɛ Mose mmara ntimu a ɔtwerɛɛ no Israelfoɔ anim no.

33 Na Israel nyinaa ne wɔn mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne wɔn atemmufoɔ gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔhoɔ ne ɔman ba nyinaa. Wɔn mu fa wɔ Gerisim bepɔ ntentensoɔ, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔ ntentensoɔ, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ sɛ wɔnhyira ɔman Israel kane no.

34 Na ɛno akyiri no, ɔkenkanee mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no, sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma no mu nyinaa.

35 Deɛ Mose hyɛeɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan no Israel dwabɔ nyinaa ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhɔhoɔ a ɔnam wɔn mu no anim.

Categories
Yosua

Yosua 9

Gibeonfoɔ ne Yosua yɛ apam

1 Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no,

2 wɔbɛhyia boaa wɔn ano yɛɛ nokorɔ sɛ wɔne Yosua ne Israel rebɛko.

3 Na Gibeonfoɔ tee deɛ Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,

4 wɔn deɛ, wɔdii no nyansam na wɔkɔpɛɛ akwansoduane, na wɔfaa mmɔtɔ adada de soasoaa wɔn mfunumu ne nsa nkotokuo adada a asunsuane na wɔapempam.

5 Na wɔde mpaboa adada a wɔasesa kyekyeree wɔn nan, na wɔhyehyɛɛ ntadeɛ agoago, na wɔn kwan so paanoo nyinaa akyenkyen na abobɔ atuo.

6 Na wɔsii mu baa Yosua nkyɛn nsraban mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mmarima no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yɛfiri baeɛ, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

7 Na Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hewifoɔ no sɛ: Ebia yɛn mu na woteɛ; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam?

8 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwannom ne mo, na ɛhe na mofire?

9 Na wɔse: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa firi akyirikyiri asase bi so aba, ɛfiri sɛ yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ no Misraim nyinaa

10 ne deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no.

11 Na yɛn mpanimfoɔ ne yɛn asase no sofoɔ nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduane na monkɔ nkɔhyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.

12 Yɛn paanoo nie, ɛda a yɛresim aba mo nkyɛn no, yɛfaa no hyehyeɛ de firii yɛn afie mu, sɛ yɛrebɛdi no ɔkwan so; na afei, monhwɛ, akyenkyen na abobɔ atuo.

13 Na nsa nkotokuo yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforɔ no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware pii nti yɛn ntadeɛ ne yɛn mpaboa yi asusu.

14 Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa.

15 Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.

16 Na wɔne wɔn yɛɛ apam no akyiri nnansa no, wɔtee sɛ wɔbɛn wɔn na wɔte wɔn mu.

17 Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.

18 Na Israelfoɔ no anku wɔn, ɛfiri sɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii tiaa mmapɔmma no.

19 Na mmapɔmma no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: Yɛaka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn ntam, enti ɛnsɛ sɛ yɛka wɔn.

20 Yei na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuo amma yɛn so.

21 Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ mma asafo no nyinaa, sɛdeɛ mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no.

22 Na Yosua frɛɛ wɔn bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na modaadaa yɛn kaa sɛ: Yɛne mo ntam ware pa ara, nanso mote yɛn mu yi?

23 Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ a wɔbɛyɛ adwuma ama ne Nyankopɔn fie no bɛfire daa.

24 Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi.

25 Na afei, yɛn nie, yɛwɔ wo nsam, deɛ ɛyɛ na ɛtene w’ani soɔ a wobɛyɛ yɛn no, yɛ!

26 Na ɔyɛɛ wɔn saa, na ɔyii wɔn firii Israelfoɔ nsam, na wɔanku wɔn.

27 Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ maa asafo no ne AWURADE afɔrebukyia no sɛ ɛntoa so mmɛsi nnɛ yi faako a ɔbɛyie.

Categories
Yosua

Yosua 10

Gibeon sa

1 Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasapasa, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,

2 ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.

3 Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:

4 Mommra me nkyɛn mmɛboa me, na yɛnkunkum Gibeon, ɛfiri sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no akɔdi asomdwoeɛsɛm.

5 Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.

6 Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.

7 Ɛnna Yosua firii Gilgal foro kɔeɛ, ɔno ne akofoɔ no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.

9 Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo firii Gilgal baeɛ.

10 Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.

11 Na wɔredwane afiri Israel anim na wɔkɔduruu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totoo aboɔ akɛseɛ firi soro guguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui, wɔn a asukɔtweaa no kunkumm wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ no kunkumm wɔn nkrantɛ ano no.

Owia ne ɔsrane di Yosua asɛm so

12 Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifoɔ maa Israel anim no, na ɔkaa no Israel anim sɛ:

Owia, twɛn wɔ Gibeon,

ne ɔsrane, wɔ Ayalon bonhwa mu.

13 Na owia twɛnee, na ɔsrane gyinae

de kɔsii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfoɔ so were.

Wɔntwerɛɛ yei Teefoɔ Nwoma no mu? Na owia gyinaa ɔsoro mfimfini, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.

14 Na ɛda bi mmae sɛ ɛno, anim anaa akyire a AWURADE atie onipa nne, ɛfiri sɛ AWURADE ko maa Israel.

15 Na Yosua sane ne Israel nyinaa baa Gilgal nsraban no mu.

16 Na ahemfo baanum yi dwane kɔhuntaa Makeda ɔbodan no mu.

17 Na wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛahunu ahemfo baanum no sɛ wɔahunta Makeda ɔbodan no mu.

18 Na Yosua kaa sɛ: Monkɔmuni aboɔ akɛseɛ nhini ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn.

19 Na mo deɛ, monnnyina hɔ, monti mo atamfoɔ no, na monkum wɔn kyidɔm no; mommma wɔnnnuru wɔn nkuro mu, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.

20 Na Yosua ne Israelfoɔ no de okunkɛseɛ pa kunkum wɔn wieeɛ maa wɔsaeɛ no, na nnipa a wɔfirii mu no dwanedwane kɔhyɛnehyɛnee nkuro a wɔatoto ho afasuo mu,

21 na ɔman no nyinaa sane baa nsraban no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo. Obiara antwe ne tɛkyerɛma antia Israelfoɔ no.

22 Na Yosua kaa sɛ: Mommue ɔbodan no ano, na monyi ahemfo baanum no mfiri ɔbodan no mu mmrɛ me.

23 Na wɔyɛɛ saa, na wɔyiyii ahemfo baanum no firii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene.

24 Na wɔde ahemfo yi firi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔsee mmarima akofoɔ a wɔne no kɔeɛ no asafohene no sɛ: Montwe mpini mfa mo nan mmɛsisi ahemfo yi kɔn so. Na wɔtwe pinii de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn so.

25 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na mo akoma nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfoɔ a mo ne wɔn ko no nyinaa.

26 Na ɛno akyiri no, Yosua bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn, na ɔde wɔn sensɛnee nnua nnum so, na wɔsensɛnee nnua no so kɔsii anwummerɛ.

27 Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe maa wɔyiyii wɔn firii nnua no so, na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhuntaa mu no mu, na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi ara.

28 Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.

29 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Makeda kɔɔ Libna, na ɔne Libna kɔkoeɛ.

30 Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.

31 Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Libna kɔɔ Lakis, na ɔkyeree so nsraban, na ɔne wɔn koe.

32 Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae, da a ɛtɔ so mmienu no, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ Libna no ara.

33 Ɛno mu no Geser hene Horam foro ba bɛboaa Lakis. Na Yosua kumm no ne ne man nyinaa de kɔsii sɛ wamma no anka no obiara.

34 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Lakis kɔɔ Eglon, na wɔkyeree so nsraban, na wɔne wɔn koe.

35 Na wɔfae, da no ara, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne nnipa a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ ɔyɛɛ Lakis no ara.

36 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa foro firii Eglon kɔɔ Hebron, na ɔne wɔn koe.

37 Na wɔfae de nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne emu hene ne wɔn nkuro no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa. Wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa.

38 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa sane baa Debir ne no bɛkoeɛ.

39 Na ɔfae, ne ne hene ne ne nkuro nyinaa, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.

40 Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.

41 Na Yosua kunkumm wɔn firii Kades-barnea kɔduruu Gasa ne Gosen asase no nyinaa kɔduruu Gibeon.

42 Na ahemfo yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua faa no prɛko, ɛfiri sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ko maa Israel.

43 Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho no nyinaa sane baa Gilgal nsraban no mu.

Categories
Yosua

Yosua 11

Israel nkonimdie

1 Na Hasorhene Yabin teeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Madonhene Yobab ne Simronhene ne Aksafhene nkyɛn

2 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam

3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.

4 Na wɔn ne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa firi bae, nnipa pepeankoma a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

5 Na ahemfo yi nyinaa bɛhyiae, na wɔba bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko.

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.

7 Ɛnna Yosua ne akofoɔ dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn soɔ mpofirim, Merom asuo no ano bɛtuaa wɔn.

8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.

9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

10 Na Yosua sanee berɛ no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrantɛ kumm ne hene. Na akane no na Hasor ne saa ahennie yi nyinaa ti.

11 Na wɔde nkrantɛ ano kunkumm akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasapasa, wɔannya biribiara a ɛhome, na ɔde ogya hyee Hasor.

12 Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.

13 Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ.

14 Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome.

15 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.

16 Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no;

17 ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn.

18 Nna bebree na Yosua ne saa ahemfo yi koeɛ.

19 Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ dii asomdwoeɛsɛm, gye Hewifoɔ a wɔte Gibeon no; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa.

20 Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

21 Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa.

22 Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.

23 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.

Categories
Yosua

Yosua 12

Nsase a Mose faeɛ no so ahemfo baanu ho asɛm

1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,

2 Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano,

3 ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no;

4 ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no.

5 Na ɔdii hene Hermon bepɔ so ne Salka ne Basan nyinaa de kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so ne Gilead fa, Hesbon hene Sihon hyeɛ ho.

6 AWURADE akoa Mose ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no maa wɔdii so.

Ahemfo a Yosua kumm wɔn

7 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ,

8 mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no):

9 Yerikohene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene,

10 Yerusalemhene, Hebronhene,

11 Yarmuthene, Lakishene,

12 Eglonhene, Geserhene,

13 Debirhene, Gederhene,

14 Hormahene, Aradhene,

15 Libnahene, Adulamhene,

16 Makedahene, Betelhene,

17 Tapuahene, Heferhene,

18 Afekhene, Lasaronhene,

19 Madonhene, Hasorhene,

20 Simron-meronhene, Aksafhene,

21 Taanakhene, Megidohene,

22 Kedeshene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene,

23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ soɔ hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene,

24 Tirsahene, — ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako.

Categories
Yosua

Yosua 13

Onyankopɔn hyɛ Yosua sɛ ɔnkyekyɛ asase no mu

1 Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.

2 Asase a aka no nie: Filistifoɔ nsase nyinaa ne Gesur nyinaa.

3 (Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;

4 Kanaanfoɔ asase no nyinaa ne Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no de kɔsi Afek kɔduru Amorifoɔ hyeɛ so;

5 ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam;

6 wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.

7 Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuo nkron ne Manase abusuakuo fa no agyapadeɛ.

8 Manase fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ anya wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn Yordan agya apueeɛ no, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,

9 ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon,

10 ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no nkuro no de kɔsi Amonfoɔ hyeɛ so,

11 ne Gilead ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asase ne Hermon bepɔ nyinaa ne Basan nyinaa de kɔsi Salka;

12 Og a ɔdii hene wɔ Astarot ne Edrei ahennie a ɛwɔ Basan no nyinaa, (ɔno na ɔkaa abrane akɛseɛ no nkaeɛ no mu); na Mose kumm wɔn na ɔtuu wɔn,

13 nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ, na Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ no tenaa Israel mu de bɛsi nnɛ yi.

14 Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.

Yordan apueeɛ fam asase yɛ mmusuakuo mmienu ne fa no dea

15 Na Mose de maa Ruben mma abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

16 Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa.

17 Hesbon ne ne nkuro a ɛdeda asaseta soɔ no nyinaa. Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon

18 ne Yahas ne Kedemot ne Mefaat

19 ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, bonhwa no mu bepɔ so

20 ne Bet-peor ne Pisga bepɔ ase ne Bet-yesimot,

21 asaseta no nkuro no nyinaa; ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no ahennie nyinaa; ɔno na Mose kumm no ne Midian mmapɔmma, Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba, Sihon asafohene a wɔtenaa asase no soɔ no.

22 Na Beor ba Bileam, nkɔmhyɛfoɔ no nso, Israelfoɔ de nkrantɛ kumm no fraa atɔfoɔ no mu.

23 Na Ruben mma no hyeɛ ne Yordan ne ɛho hyeɛ. Yei ne Ruben mma no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

24 Na Mose de maa Gad abusuakuo, Gadfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25 Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,

26 na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde firi Mahanaim de kɔsi Debir hyeɛ so;

27 ne bonhwa no mu, Bet-haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbon hene Sihon ahennie no nkaeɛ, Yordan ne ɛho hyeɛ, de kɔsi Kineret po no awieeɛ, Yordan agya apueeɛ.

28 Yei ne Gadfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

29 Na Mose maa Manase abusuakuo fa no nso bi, na ɛyɛɛ Manase abusuakuo fa no deɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

30 Na wɔn hyeɛ firi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahennie nyinaa ne Yair nkuro a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkuro aduosia;

31 ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahennie nkuro a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

32 Yei ne agyapadeɛ a Mose kyekyɛɛ wɔ Moab mpaperɛ soɔ, Yeriko, Yordan agya apueeɛ.

33 Na Lewi abusuakuo no deɛ, Mose amma wɔn agyapadeɛ biara: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔno ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no.