Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 15

Samson ne nsakraman ahasa no

1 Na ɛbaa sɛ ɛkyɛree kakra no, ayuotwa berɛ mu no, Samson de abirekyie ba kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkaa sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbaa n’agya amma no kwan amma no ankɔ mu.

2 Na ɔbaa n’agya kaa sɛ: Me deɛ, mese wompɛ no bio, enti mede no mama wo yɔnko bi. Ne nua kumaa no ho nyɛ fɛ nsene no anaa? Fa no si n’ananmu.

3 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, sɛ me ne Filistifoɔ di no bɔne a, merenni ho so biara.

4 Na Samson sii mu kɔ kɔkyeree nsakraman ahasa, na ɔfaa ogyatɛnee na ɔde dua sii dua anim de gyatɛnee hyɛɛ dua mmienu biara ntam.

5 Na ɔsosɔɔ ogyatɛnee no ano no, ɔgyaa wɔn maa wɔkɔɔ Filistifoɔ no ayufuo mu maa no hyee ayuo akuakuo ne ayuo a ɛsisi hɔ ne ngodua nturo no.

6 Ɛnna Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwan mpo na ɔyɛɛ yei? Na wɔse: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko nti. Ɛnna Filistifoɔ no sii mu kɔeɛ de ogya kɔhyee ɔbaa no ne n’agya fie.

7 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae.

8 Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonkuo so kunkumm wɔn okunkɛseɛ. Na ɔsii mu kɔtenaa Etam botan tokuro mu.

Samson ne afunumu abɔgye

9 Ɛnna Filistifoɔ ba bɛkyeree Yuda so nsraban, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Lehi.

10 Na Yuda mmarima no kaa sɛ: Adɛn nti na moaba yɛn soɔ yi? Na wɔse: Yɛreba abɛkyekyere Samson na yɛayɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn no.

11 Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.

12 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyekyere wo na yɛde wo akɔhyɛ Filistifoɔ no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka ntam nkyerɛ me sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee.

13 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na kyekyerɛ nko na yɛrebɛkyekyere woɔ de wo akɔhyɛ wɔn nsa. Na kum deɛ, yɛrenku wo. Na wɔde ntampehoma foforɔ mmienu kyekyeree no, na wɔde no foro firii ɔbotan no mu.

14 Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.

15 Na ɔhunuu afunumu abɔgye foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkumm mmarima apem.

16 Na Samson kaa sɛ:

Mede afunumu abɔgye,

ekuo nie, akuo mmienu nie,

mede afunumu abɔgye

makunkum mmarima apem.

17 Na ɛbaa sɛ ɔwiee kasa no, ɔtoo abɔgyeɛ no mu firi ne nsam twenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi.

18 Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam.

19 Na Onyankopɔn paee tokuro a ɛwɔ Lehi no mu, na nsuo firi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom sane bae na ɔnyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakorea ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ yi.

20 Na ɔbuu Israel atɛn Filistifoɔ berɛ no so mfirinhyia aduonu.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 16

Samson soa Gasa apono kɔ

1 Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ kye anɔpa a, yɛbɛku no.

3 Na Samson da kɔsii dasuo mu, na ɔsɔree dasuo no mu, na ɔsɔɔ kuro no apono ne aponnwa mmienu no mu, na ɔtuu ɛne akyire adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔ a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi.

Delila ho asɛm

4 Na ɛno akyiri no, ɔdɔɔ ɔbaa bi Sorek subonhwa mu a ne din de Delila.

5 Na Filistifoɔ asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ adekodeɛ a n’ahoɔden kɛseɛ no wɔ mu ne adekodeɛ a yɛde bɛtumi no na yɛakyekyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena apem ne ɔha.

6 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn mu na w’ahoɔden kɛseɛ no wɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛkyekyere woɔ abrɛ wo aseɛ?

7 Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhomamono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, ɛnneɛ mɛhodwo, na mayɛ sɛ onipa biara.

8 Ɛnna Filistifoɔ asafohene no de nhomamono kyeaoo nson a ɛnwoeɛ brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no.

9 Nso na ɔwɔ atɛfoɔ hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔtetee nhoma no mu sɛdeɛ ogya ka firaeɛ a, ɛteteɛ no. Na wɔanhunu n’ahoɔden no ase.

10 Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ ɛ.

11 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehoma foforɔ a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyekyere me a, ɛnna mɛhodwo mayɛ sɛ onipa biara.

12 Na Delila faa ntampehoma foforɔ de kyekyeree no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Nso na atɛfoɔ no hyɛ pia mu. Na ɔtete firii ne basa ho sɛ asaawa.

13 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abɛduru sɛsɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson de fra ntomaban nwono a.

14 Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔtuu deɛ wanwono no mu akoroteaa no ne anwonneɛ no.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka sɛ: Medɔ wo, na w’akoma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me adekodeɛ a w’ahoɔden kɛseɛ yi wɔ mu.

16 Na ɔde ne nsɛm dwan ne ho daa nyinaa yeraa ne ho na ne kra home tee no kɔɔ owuo mu no,

17 ɛnna ɔyii n’akoma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Yiwan nkaa m’atifi da, ɛfiri sɛ Nyankopɔn hotuafoɔ ne me firi me na yam; sɛ wɔyi me tiri a, na m’ahoɔden bɛfiri me ho, na mahodwo mayɛ sɛ onipa biara.

18 Na Delila hunuu sɛ waka no n’akoma mu asɛm nyinaa no, ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Mommra prɛko yi, ɛfiri sɛ waka me n’akoma mu asɛm nyinaa. Na Filistifoɔ asafohene no baa ne nkyɛn, na wɔkurakura sika no wɔn nsam.

19 Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi maa no bɛyii ne tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson no, na ɔfirii aseɛ brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no firii ne ho kɔe.

20 Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Nanso ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho.

21 Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.

22 Na ne tirinwi firi aseɛ fui, n’ayie no akyi.

Samson nneyɛɛ a ɛtwa toɔ ne ne wuo

23 Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

24 Na ɔman no hunuu no no, wɔyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefoɔ a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa.

25 Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

26 Na Samson ka kyerɛɛ abɔfra a ɔkura ne nsa no sɛ: Gyaa me na mensosɔ adum mmienu a ɛdan no si soɔ no mu, na mentwere.

27 Nso na mmarima ne mmaa ayɛ efie hɔ ma, na Filistifoɔ asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ ɛdan no atifi rehwɛ Samson agorɔ no.

28 Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na mentɔ m’ani mmienu yi so were prɛko Filistifoɔ so.

29 Na Samson sosɔɔ mfimfini adum mmienu a ɛdan no si soɔ na ɛso no no mu, na ɔde ne nifa sɔɔ baako mu na ɔde benkum sɔɔ baako mu.

30 Na Samson kaa sɛ: Ma me ne Filistifoɔ no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na efie no dwiri guu asafohene no ne nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufoɔ a ɔmaa wɔwuiɛ ne wuo mu dɔɔso sene wɔn a ɔmaa wɔwuiɛ ne nkwa berɛ mu.

31 Ɛnna ne nuanom ne n’agya fie nyinaa siane kɔ kɔfaa no de no foro ba bɛsiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asieeɛ. Na ɔno deɛ, ɔbuu Israel atɛn mfirinhyia aduonu.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 17

Mika ahonisom

1 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.

2 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba.

3 Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo.

4 Na ɔdanee dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufoɔ, na ɔde yɛɛ senhoni ne agudeɛ, na ɛwɔ Mika fie.

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.

6 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ.

7 Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.

8 Na ɔbarima no firii Betlehem Yuda kuro no mu sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔbɛnya; na n’akwantuo no mu, ɔduruu Mika fie wɔ Efraim bepɔ so.

9 Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem Yuda, na menam merekɔtena baabiara a mɛnya.

10 Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne sɔfoɔ, na mɛma wo dwetɛ du afirinhyia ne atadeɛ baako ne w’aduane. Na Lewini no hyɛnee mu.

11 Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberanteɛ no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu baako.

12 Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfoɔ, na aberanteɛ no bɛyɛɛ ne sɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie.

13 Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 18

Danfoɔ wia Mika ahoni, wɔdi Lais so na wɔsom ahoni

1 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; na nna no mu nso na Danfoɔ abusuakuo no rehwehwɛ agyapadeɛ atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na agyapadeɛ bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuo no mu.

2 Na Danfoɔ no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, firii Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na wɔduruu Efraim bepɔ so Mika fie, na wɔdaa hɔ.

3 Wɔwɔ Mika fie ho no, wɔtee aberanteɛ Lewini no nne, na wɔmanee hɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwan na ɔde wo baa ha? Na ɛdeɛn na woreyɛ no ha? Na ɛdeɛn nso na wowɔ wɔ ha?

4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adie, na wabɔ me paa, na mabɛyɛ ne sɔfoɔ.

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa?

6 Na ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ. AWURADE anim na mo kwan a monam mu no da.

7 Na mmarima baanum no sii mu kɔduruu Lais; na wɔhunuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, sɛdeɛ Sidonfoɔ amanneɛ teɛ, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na ɔdi tumi asase no soɔ, na wɔne Sidonfoɔ no ntam ware, na wɔne obi nni asɛm biara.

8 Na wɔbaa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol; na wɔn nuanom no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Amanneɛ?

9 Na wɔse: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, ɛfiri sɛ yɛahunu asase no, na hwɛ, ɛyɛ papaapa. Na mo deɛ, moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no.

10 Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo; asase no so, na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so adeɛ biara nyɛ na hɔ.

11 Ɛnna Danfoɔ abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ tu firii Sora ne Estaol.

12 Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dande bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.

13 Na wɔtwaa mu hɔ kɔɔ Efraim bepɔ so, na wɔduruu Mika fie.

14 Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: Monim sɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni a wɔasene ne agudeɛ wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ deɛ mobɛyɛ.

15 Na wɔmanee hɔ, na wɔduruu aberanteɛ Lewini no fie a ɛyɛ Mika fie, na wɔkyeaa no.

16 Na mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ a wɔfiri Danfoɔ no mu no gyinaa aboboano.

17 Na mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no kɔ kɔhyɛnee hɔ faa ohoni a wɔasene ne asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne agudeɛ no, nso na ɔsɔfoɔ no ne mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ no gyina aboboɔ no ano.

18 Na yeinom kɔhyɛnee Mika fie kɔfaa ohoni a wɔasene, asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne agudeɛ no no, ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moreyɛ yi?

19 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ komm, fa wo nsa mua w’ano na ɛne yɛn nkɔ, na yɛ yɛn agya ne ɔsɔfoɔ. Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi sɔfoɔ ama onipa baako fie anaasɛ wobɛdi sɔfoɔ ama Israel mu abusuakuo ne abusua?

20 Ɛnna ɔsɔfoɔ no penee soɔ, na ɔfaa asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasene no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu.

21 Ɛnna wɔdanee wɔn ho de kɔeɛ, na wɔmaa mmɔfra ne afieboa ne nnoɔma a ɛho hia dii wɔn anim.

22 Wɔne Mika fie ntam twee ara yie no, wɔfrɛfrɛɛ nnipa a ɛwɔ afie a ɛbemmɛn Mika fie no mu no bɛhyiae, na wɔtii Danfoɔ no. Na wɔteaa mu frɛɛ Danfoɔ no,

23 na wɔdanedanee wɔn ho ka kyerɛɛ Mika sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wode ɛdɔm a ɛte sɛɛ reba yi?

24 Na ɔse: M’anyame a meyɛeɛ ne ɔsɔfoɔ no, moafa de rekɔ, na ɛdeɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ, yi?

25 Na Danfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Mma wɔnnte wo nne wɔ yɛn mu, na mmarima a wɔn bo afuo ammɛto anhyɛ mo so, na woanhwere wo nkwa ne wo fiefoɔ deɛ.

26 Na Danfoɔ no sii wɔn kwan so kɔe. Na Mika hunuu sɛ wɔn ho yɛ den sene no no, ɔdanee ne ho sane baa ne fie.

27 Na wɔn deɛ, wɔfaa nnoɔma a Mika yɛeɛ no ne ɔsɔfoɔ a ɔnyaeɛ no kɔ kɔduruu Lais, ɔman a wɔwɔ hɔ komm na wɔte hɔ dwoodwoo no, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔde ogya hyee kuro no.

28 Na ɔgyefoɔ biara amma, ɛfiri sɛ ɛne Sidon ware, na na wɔne obiara biara nni twaka; na ɛda bonhwa a ɛde kɔ Bet-rehob no mu. Na wɔkyekyeree kuro no tenaa mu,

29 na wɔtoo kuro no din Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan a wɔwoo no maa Israel no din teɛ; nanso anka akane no na kuro no din de Lais.

30 Na Danfoɔ no de ohoni a wɔasene no sii hɔ fae, na Moseba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfoɔ maa Dan abusuakuo no de kɔsii asase no tukorɔ da so.

31 Na wɔde Mika honi a wɔasene a ɔyɛeɛ no sii hɔ fae nna a Nyankopɔn fie no wɔ Silo no nyinaa.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 19

Gibeafoɔ mmusuo

1 Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda.

2 Na ne mpena no firii n’akyi kɔbɔɔ adwaman, na ɔfirii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fie Betlehem Yuda na ɔkɔdii hɔ nna bi, abosome nnan.

3 Na ne kunu no sɔre tii no sɛ ɔrekɔka no abodwosɛm na ɔde no asane aba, na n’abɔfra ne mfunumu mmienu ka ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ n’agya fie; na ababaa no agya hunuu no no, ɔde anigyeɛ hyiaa no.

4 Na n’ase, ababaa no agya no, worɔɔ no, na ɔtenaa ne nkyɛn nnansa. Na wɔdidii, nomee na wɔtenaa hɔ.

5 Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.

6 Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.

7 Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔresim no, n’ase no worɔɔ no, na ɔtenaa ase daa hɔ.

8 Na ɛda a ɛtɔ so nnum no, ɔsɔree anɔpatutu sɛ ɔrekɔ. Na ababaa no agya no kaa sɛ: Dwodwo w’akoma, na montwɛn nkɔsi sɛ owia bɛdane ne ho; na wɔn baanu no didii.

9 Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔno ne ne mpena ne n’abɔfra no. Na n’ase, ababaa no agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Enwunu redwo na adeɛ reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesaeɛ abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua nhema atu mo kwan akɔ wo fie.

10 Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Yebus (a ɛne Yerusalem) no ntentensoɔ; na mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no ka no ho.

11 Wɔduruu Yebus no, na adeɛ resa pa ara. Na abɔfra no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ: Ma yɛmmane nkɔ Yebusifoɔ kuro yi mu nkɔda hɔ.

12 Na ne wura ka kyerɛɛ no sɛ: Mma yɛmmmane nnkɔ ananafoɔ a Israelfoɔ mu bi nni ha kuro mu, na yɛntwam nkɔ Gibea.

13 Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Duom na yɛmmɛn nkuro no mu baako nkɔda Gibea anaa Rama.

14 Na wɔtwaa mu kɔe, na owia kɔtɔɔ wɔn wɔ Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no ho.

15 Na wɔmane kɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔda Gibea. Na ɔduruiɛ no, ɔtenaa kuro no abɔntene so, na obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fie sɛ wɔnkɔda hɔ.

16 Na hwɛ, akɔkoraa bi firi n’adwuma ano afuom anwummerɛ bae; na onipa no firi Efraim bepɔ so na ɔbɛyɛɛ hɔhoɔ Gibea, na kurom hɔfoɔ yɛ Benyaminfoɔ.

17 Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire?

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛfiri Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mefire na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fie na merekorɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fie.

19 Nanso ɛserɛ ne aduane wɔ hɔ ma yɛn mfunumu no, na paanoo ne nsa wɔ hɔ ma me ne w’afenaa ne abɔfra a ɔka wo nkoa ho no nso, biribiara nhia yɛn.

20 Na akɔkoraa no kaa sɛ: Asomdwoeɛ nka wo. Ma deɛ ɛhia woɔ nyinaa nna me so. Abɔntene so nko ara na nna!

21 Na ɔde no kɔɔ ne fie, na ɔmaa mfunumu no aduane, na wɔhohoroo wɔn nan ho, na wɔdidi nomee.

22 Wɔn deɛ, wɔrema wɔn bo atɔ wɔn yam no, hwɛ, kurom hɔfoɔ mma busufoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae, na wɔpempem ɛpono no, na wɔka kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fie no firi adi bra na yɛne no nna.

23 Na ɔbarima efiewura no firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fie yi, monnni nkwaseasɛm yi.

24 Na me ba ɔbaabunu, ne ne mpena nie, momma memfa wɔn mfiri adi na mommrɛ wɔn ase na monyɛ wɔn deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ. Na ɔbarima yi deɛ, monnyɛ no nkwaseadeɛ a ɛte sɛɛ.

25 Nanso mmarima no ampɛ sɛ wɔbɛtie no; ɛnna ɔbarima no sɔɔ ne mpena no mu de no firii adi brɛɛ wɔn abɔntene soɔ; na wɔne no dae yɛɛ no biribiara a wɔpɛ anadwo no ara kɔsii anɔpa, na adeɛ kyeeɛ no, wɔgyaa no maa no kɔe.

26 Na anim reyɛ abae no, ɔbaa no bae, na ɔbɛhwee ɔbarima no fie a ne wura wɔ mu no pono ano daa hɔ kɔsii sɛ anim teteeɛ.

27 Na ne wura no sɔree anɔpa hinii efie no apono firii adi sɛ ɔrekɔ ne kwan no, na hwɛ, ne mpena no da efie no pono no ano, na ne nsa gu aponnwa aseɛ deɛ no so.

28 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre na yɛnkɔ. Na obiara annye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afunumu no soɔ, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom.

29 Na ɔduruu ne fie no, ɔfaa sekan na ɔsɔɔ ne mpena no mu de fefaa ne nnompe ntam kyɛɛ ne mu asinasini dummienu, na ɔmaa wɔde kɔɔ Israel asase nyinaa so.

30 Na obiara a ɔhunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Wɔnyɛe nso wɔnhunuu saa adeɛ yi bi da ɛfiri da a Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ da yi; monnwene yei ho mo tirim, montu ho fo na monkasa.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 20

Benyamin so asatuo

1 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.

2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ.

3 (Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ asim kɔ Mispa.) Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Monka nkyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte seyie?

4 Ɛnna ɔbarima Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔdii no awuo no kunu no buaa sɛ: Meduruu Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no mu, me ne me mpena no, na yɛbɛdaa hɔ.

5 Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui.

6 Na mesɔɔ me mpena no mu twitwaa no asinasini, na memaa wɔde kɔɔ Israel agyapadeɛ asase nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔayɛ abusudeɛ ne nkwaseadeɛ Israel mu.

7 Na afei mo Israelfoɔ nyinaa nie, momma yɛn mo adwene ne afotuo wɔ ha yi ara.

8 Na ɔman no nyinaa sɔre gyinaa sɛ ɔbarima baako kaa sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ntomadan mu, na yɛn mu biara remmane ne fie.

9 Na afei yei ne asɛm a yɛne Gibea bɛdie, yɛbɛkɔ wɔn so, ntonto so,

10 na yɛayi nnipa ɔha mu du Israel mmusuakuo nyinaa mu ne apem mu ɔha ne mpemdu mu apem, na wɔakɔfa aduane abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wɔdii no Israel mu no nyinaa teɛ.

11 Na Israel mmarima no nyinaa kɔhyia tiaa kuro no; na wɔapam ayɛ sɛ ɔbarima baako.

12 Na Israel mmusuakuo somaa nnipa maa wɔkɔɔ Benyamin abusuakuo nyinaa mu kaa sɛ: Ɛdeɛn adebɔne ara ne deɛ wɔayɛ no mo mu yi?

13 Na afei monyi mma busufoɔ a wɔwɔ Gibea no mmra na yɛnku wɔn, na yɛnyi bɔne no mfiri Israel. Na Benyaminfoɔ no ampɛ sɛ wɔtie wɔn nuanom Israelfoɔ nne.

14 Na Benyaminfoɔ no fifiri nkuro mu bɛboaa wɔn ano Gibea, sɛ wɔbɛfiri ne Israelfoɔ no akɔko.

15 Na wɔkan Benyaminfoɔ no da no ara, wɔn a wɔfifiri nkuro mu, nnipa mpemaduonu nsia a wɔtwe nkrantɛ; ɛsono Gibeafoɔ a wɔkan wɔn a wɔyɛ mmarima a wɔayi wɔn ahanson no.

16 Dɔm yi nyinaa mu mmarima a wɔayi wɔn ahanson yɛ abenkumma, wɔn nyinaa tumi to enwi mu ntɔmmoɔ a ɛmfom.

17 Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, wɔyi Benyamin firi mu a, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔtwe nkrantɛ. Yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ.

18 Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.

19 Na Israelfoɔ no sɔree anɔpa kɔkyeree Gibea so nsraban.

20 Na Israel mmarima no tu kɔɔ sɛ wɔne Benyamin rekɔko, na Israel mmarima no twitwaa wɔn so mpasua wɔ Gibea.

21 Na Benyaminfoɔ no firii adi firii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima mpemaduonu mmienu guu fam da no ara.

22 Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wɔtwitwaa wɔn mpasua bio deɛ wɔtwitwaa no da a ɛdi kan hɔ no ara.

23 Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.

24 Na Israelfoɔ no pinkyɛɛ Benyaminfoɔ baa wɔn so da a ɛtɔ so mmienu no.

25 Na Benyamin firii adi firii Gibea da a ɛtɔ so mmienu no, na wɔkaa Israelfoɔ no mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ.

26 Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.

27 Na Israelfoɔ no bisaa AWURADE, (ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Nyankopɔn apam adaka no wɔ nna no mu,

28 na Aaron ba Eleasa ba Pinehas na ɔgyina n’anim nna no mu.) Na wɔkaa sɛ: Memfiri adi bio ne me nua Benyamin mma nkɔko anaasɛ mennyae? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ, na ɔkyena mede no bɛhyɛ mo nsa.

29 Ɛnna Israel de atɛfoɔ twaa Gibea ho hyiaeɛ.

30 Na Israelfoɔ no sii mu kɔɔ Benyaminfoɔ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔtwitwaa Gibea so mpasua sɛ kane no.

31 Na Benyaminfoɔ no firii adi bɛhyiaa dɔm no, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu, na wɔfirii aseɛ bobɔɔ nnipa no bi kunkumm wɔn sɛ kane no, atempɔn a baako kɔ Betel na baako nso kɔ Gibea petee mu no so, Israel mu mmarima bɛyɛ aduasa.

32 Na Benyaminfoɔ no kaa sɛ: Wɔadi yɛn anim nkoguo sɛ kane no. Na Israelfoɔ kaa sɛ: Momma yɛnnwane, na yɛntwe wɔn mfiri kuro no mu mmra atempɔn so.

33 Na Israel mmarima no nyinaa sɔresɔre firii wɔn afa, na wɔkɔtwaa mpasua wɔ Baal-tamar. Na Israel atɛfoɔ no firii adi firii wɔn afa, Geba bodan no ho.

34 Na mmarima mpemdu a wɔayi wɔn Israel nyinaa mu no bɛfirii Gibea nkyɛn mu, na ɔko no mu yɛɛ den. Nso na Benyaminfoɔ no nnim sɛ amaneɛ rebɛto wɔn.

35 Na AWURADE kumm Benyamin Israel anim, na Israelfoɔ no dwerɛɛ Benyamin mmarima mpemaduonu nnum ne ɔha da no. Yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ.

36 Na Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima bɔɔ twi na wɔmaa Benyamin kwan, ɛfiri sɛ na wɔn ani da atɛfoɔ a wɔama wɔakɔtetɛ Gibea no so.

37 Na atɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔto hyɛɛ Gibea so, na atɛfoɔ no sɔɔ mu de nkrantɛ ano kunkumm kuro mufoɔ no nyinaa.

38 Nso kasasie a na ɛda Israel mmarima no ne atɛfoɔ no ntam ne sɛ: Sɛ wɔma wisie kumoo a ɛso firi kuro no mu sɔre kɔ soro a,

39 Israel mmarima no nnane wɔn ho dɔm no ano. Nso na Benyamin afiri aseɛ abobɔ Israel mmarima no akunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa, na wɔse: Ka ara na yɛaka wɔn aguo wɔ yɛn anim sɛ kane ko no mu.

40 Na egyahyeɛ no firi aseɛ maa wisie kumoo no sɔre firii kuro no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, na kuro mu no rehye na ne wisie reforo kɔ soro.

41 Na Israel mmarima no nso danedanee wɔn ho, na nketenkete kutaa Benyamin mmarima no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ amaneɛ ato wɔn.

42 Na wɔdanee wɔn akyi Israel mmarima no anim faa ɛserɛ so kwan; na ɔko no tu taree wɔn, na wɔn a wɔfifiri nkuro mu baeɛ no dwerɛɛ wɔn wɔn mu.

43 Wɔkaa Benyamin hyɛɛ mu hyiae tii wɔn ara kɔduruu wɔn asoɛeɛ pamm wɔn kɔsii Gibea ntentensoɔ, owiapueeɛ.

44 Na Benyamin mmarima mpemdunwɔtwe totɔe; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ.

45 Ɛnna wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ so fam Rimon botan no ho; na wɔkunkumm wɔn sɛdeɛ wɔtase mpɛpɛ, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wɔtu taree wɔn dii wɔn akyi kɔduruu Gidom, na wɔkunkumm wɔn mu mmarima mpennu.

46 Na Benyamin atɔfoɔ a wɔtotɔɔ da no nyinaa yɛ mmarima mpemaduonu nnum a wɔtwe nkrantɛ; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ.

47 Na mmarima ahansia nko na wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ soɔ kɔɔ Rimon botan no soɔ, na wɔkɔtenaa Rimon botan no so, abosome nnan.

48 Na Israel mmarima no sane wɔn akyi baa Benyaminfoɔ no so, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne mmoa, ne deɛ wɔn nsa kaeɛ nyinaa; nso wɔtotoo nkuro a wɔduruu soɔ no nyinaa mu gya.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 21

Ɔman no su Benyamin sɛeɛ ho

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.

3 Na wɔkaa sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na yei aba Israel sɛ nnɛ aka Israel mu abusuakuo baako?

4 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no tuaa nhema sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.

5 Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.

6 Na Israelfoɔ no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wɔse: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuo baako afiri Israel mu atwene.

7 Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?

8 Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.

9 Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, na Yabes-gileadfoɔ mu biara nni hɔ.

10 Ɛnna asafo no somaa akofoɔ no mu mmarima mpemdumienu, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔkum Yabes-gileadfoɔ no ne mmaa ne mmɔfra nkrantɛ ano.

11 Na yei ne adeɛ a monyɛ, mmarima nyinaa ne mmaa a wɔnim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasapasa.

12 Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.

13 Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.

14 Na Benyamin sane baa berɛ no mu, na wɔde mmaa a wɔgyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmaa mu no memaa wɔn aware; nanso anso wɔn.

15 Na ɔman no yam hyehyee wɔn maa Benyamin, sɛ AWURADE ama ntemu aba Israel mmusuakuo mu.

Benyaminfoɔ wia mmabaa

16 Na asafo no mu mpanimfoɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam? Ɛfiri sɛ Benyamin mu mmaa ase ahye.

17 Na wɔkaa sɛ: Adwanefoɔ a wɔfirii mu no agyapadeɛ ntena hɔ mma Benyamin, na wɔampepa abusuakuo biara amfiri Israel.

18 Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mu biara mma wɔn aware, ɛfiri sɛ Israelfoɔ akeka ntam sɛ: Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bi bɛma Benyamin awareɛ.

19 Na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa afe daa Silo a ɛwɔ Betel atifi fam, tempɔn a ɛfiri Betel kɔ Sekem no apueeɛ fam ne Lebona anafoɔ fam.

20 Na wɔhyɛɛ Benyaminfoɔ no sɛ: Monkɔ nkɔtetɛ wɔn bobe nturo no mu,

21 na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no firi adi bɛsa wɔn asa no a, momfiri adi mfiri bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɛyerɛ mfiri Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so.

22 Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yɛbɛse wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɛyerenom amma wɔn mmaako mmaako, akodie no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sɛsɛɛ deɛ, moadi so.

23 Na Benyaminfoɔ no yɛɛ saa, na wɔfefaa yerenom sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ firii wɔn a wɔbɛsaeɛ a wɔkyekyeree wɔn no mu. Na wɔsii mu sane kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔkyekyeree nkuro no tenatenaa mu.

24 Na Israelfoɔ no nso firii hɔ berɛ no mu kɔɔ wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua mu, na wɔfirii hɔ kɔɔ wɔn agyapadeɛ ho.

25 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so.

Categories
Yosua

Yosua 1

Onyankopɔn yi Yosua na ɔkyerɛ no deɛ ɔnyɛ

1 Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ:

2 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so.

3 Baabiara a mo nan bɛtia no, mo na mede mama mo, sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Mose no,

4 ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ.

5 Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.

6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.

7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.

8 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.

9 Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.

10 Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfoɔ no sɛ:

11 Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no.

12 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

13 Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo;

14 mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuo ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo deɛ, monni mo nuanom anim amia mu, akofoɔ nyinaa, na monni mmoa wɔn,

15 nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.

16 Na wɔbuaa Yosua sɛ: Deɛ woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ.

17 Sɛdeɛ yɛtiee Mose, ade nyinaa mu no, saa ara na yɛbɛtie woɔ; die na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyire, sɛdeɛ ɔdii Mose akyire no.

18 Obiara a ɔbɛte w’anomu asɛm ho atua na ɔrentie wo nsɛm, deɛ wobɛhyɛ yɛn nyinaa mu no, wɔnku no. Den ara nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.

Categories
Yosua

Yosua 2

Rahab gye akwansrafoɔ no

1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.

2 Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wɔfiri Israelfoɔ no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.

3 Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.

4 Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

5 na esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro pono no mu no, na mmarima no firii adie; mennim deɛ wɔkorɔ. Monti wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.

6 Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase.

7 Na mmarima no tii wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwaeɛ; na wɔn a wɔtii wɔn no firii adie ara pɛ, na wɔtoo kuro pono no mu.

8 Na wɔn deɛ, wɔnnya nkɔdaeɛ no, ɔbaa no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɛdan no atifi

9 kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.

10 Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Mmɛwa Po mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.

11 Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

13 na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammaanom ne deɛ wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na monyi yɛn mfiri owuo mu.

14 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.

15 Ɛnna ɔbaa no de ntampehoma twetwee wɔn faa mpomma mu sisii fam, na na ne dan si kuro no ho fasuo so, na ɔfasuo no so na ɔteɛ.

16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔ so na monkorɔ, na atifoɔ no anto mo, na monhunta hɔ nnansa nkɔsi sɛ atifoɔ no bɛsane, na ɛno akyiri no moakɔ mo kwan.

17 Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ yi ho.

18 Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,

19 na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

20 Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ no ho.

21 Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛdeɛ mo nsɛm yi teɛ. Na ɔgyaa wɔn kwan na wɔkɔe; na ɔde homa kɔkɔɔ no kyekyeree mpomma no mu.

22 Ɛnna wɔsii mu kɔduruu bepɔ no soɔ, na wɔdii hɔ nnansa kɔsii sɛ atifoɔ no saneeɛ. Na atifoɔ no hwehwɛɛ wɔn ɔkwan no so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.

23 Na mmarima baanu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa deɛ ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no,

24 na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.

Categories
Yosua

Yosua 3

Wɔtwa Yordan

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.

2 Na nnansa wiee duro no, ahwɛfoɔ no kyinii nsraban no mu,

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;

4 nanso monsusu ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moahunu kwan ko a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.

5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.

6 Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Monsoa apam adaka no nsene nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.

8 Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.

9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: Montwe mmra ha, na montie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm.

10 Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.

11 Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi w’anim akɔ Yordan mu.

12 Na afei momfa mmarima dummienu mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu nipa baako.

13 Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ.

14 Na ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu sɛ wɔrekɔtwa Yordan, na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,

15 na wɔn a wɔso adaka no duruu Yordan ano, na asɔfoɔ a wɔso adaka no nan sii nsuo no mu ara pɛ, (nso na Yordan yiri kata ne nsunoa nyinaa ayutwaberɛ nna nyinaa),

16 ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.

17 Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.