Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 16

Asa ne Basa ko

1 Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nsia mu na Israelhene Baasa foro baa Yuda soɔ, na ɔkyekyeree Rama sɛ ɔde resi deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, Yudahene Asa fam kwan.

2 Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika firii AWURADE fie ne ɔhene fie akoradeɛ mu soma maa wɔde kɔmaa Siriahene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ:

3 Apam wɔ me ne wo ntam ne m’agya ne w’agya ntam; hwɛ, mabrɛ wo dwetɛ ne sika: Bra bɛbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.

4 Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene maa wɔkɔɔ Israel nkuro so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkuro aduane akoraeɛ nyinaa.

5 Na ɛbaa sɛ Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ na ɔmaa n’adwuma no kae.

6 Ɛnna Ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na ɔde kyekyeree Geba ne Mispa.

Ɔdehunufoɔ Hanani animka

7 Na ɛberɛ no mu no, Ɔdehunufoɔ Hanani baa Yudahene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnam sɛ wotweree Siriahene na woantwere AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siriahene dɔm no afiri wo nsa.

8 Na Etiopiafoɔ ne Libiafoɔ no nyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodoɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mu? Na ɛnam sɛ wotweree AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.

9 Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.

10 Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.

Asa wuo

11 Na hwɛ, Asa ho nsɛm, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.

12 Na Asa yaree ne nan, n’ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu, na ne yadeɛ no ano yɛ den pa ara, nanso ne yadeɛ no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfoɔ.

13 Na Asa tii n’agyanom wɔ asamando, na ɔwuu n’ahennie afe a ɛtɔ so aduanan baako mu.

14 Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 17

Yehosafat ahennie pa

1 Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ, na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asie.

2 Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifoɔ duaduaa Yuda asase so, ne Efraim nkuro a n’agya Asa gyeeɛ no mu.

3 Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

4 na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnanteeɛ, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛɛ no.

5 Na AWURADE maa n’ahennie no timii wɔ ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat, na ɔnyaa adedodoɔ ne animuonyam bebree.

6 Na ɔnyaa AWURADE akwan mu akoma pa; na afei ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no firii Yuda.

7 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkuro mu.

8 Na Lewifoɔ Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya ka wɔn ho, na Asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho.

9 Na wɔkɔkyerɛkyerɛɛ Yuda; na wɔkura AWURADE mmara nwoma no, kyinii Yuda nkuro nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ ɔman no mu.

10 Na AWURADE ho hu baa nsase a ɛtwa Yuda ho hyia no ahennie nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.

11 Na wɔfiri Filistifoɔ mu nso de ayɛyɛdeɛ ne apeatoɔ dwetɛ brɛɛ Yehosafat, Arabiafoɔ mpo de nnwan brɛɛ no, adwennini mpemnson ahanson ne mpapo nso mpemnson ahanson.

12 Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduanekora nkuro Yuda.

13 Na ɔwɔ adwuma bebree Yuda nkuro mu, na akofoɔ, mmarima a wɔtumi wɔn ho, Yerusalem.

14 Na wɔn dodoɔ sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ nie: Yuda mu mpem mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahasa ka ne ho.

15 Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan die, na nnipa mpemahanu aduɔwɔtwe ka ne ho.

16 Na ɔno so na Sikri ba Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE som kwa no die, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahanu ka ne ho.

17 Na Benyamin mu: Ɔbarima a ɔtumi ne ho Eliada, na nnipa mpemahanu a wɔkura ntadua ne akyɛm ka ne ho.

18 Na ɔno so na na Yehosabad die, na nnipa mpemha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛdeɛ wɔrekɔ sa ka ne ho.

19 Yeinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkuro a ɛyɛ den no mu no.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 18

Odiyifoɔ Mikaia bɔ Ahab kɔkɔ

1 Na Yehosafat nyaa ahodeɛ ne animuonyam bebree. Na ɔne Ahab bɔɔ nseɛ.

2 Na mfeɛ bi akyiri no, ɔsiane kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkumm nnwan ne anantwie bebree maa no ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na ɔgyegyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot-gilead.

3 Na Israelhene Ahab bisaa Yudahene Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no.

4 Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mesrɛ wo, kɔbisa AWURADE ansa.

5 Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifoɔ no ano hyiaeɛ, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko, anaasɛ mennyae? Na wɔse: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa.

6 Na Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio, na yɛnkɔbisa ne hɔ adeɛ?

7 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE hɔ adeɛ, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnka me ho asɛm pa biara, na daa, bɔne na ɔka. Ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.

8 Ɛnna Israel hene no frɛɛ opiani bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia mmra ntɛm.

9 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn adwa so, hyehyɛ wɔn ntadeɛ, na wɔtete Samaria pono ano mpraeɛ so. Na adiyifoɔ no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim.

10 Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛbobɔ Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn.

11 Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Foro kɔ Ramot-gilead na kɔdi nim; na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

12 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nsɛm yɛ koro, na ɛyɛ ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako asɛm, na ka asɛmpa.

13 Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka.

Mikaia hyɛ nkoguo ho nkɔm

14 Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ mennyae? Na ɔse: Monkɔ na monkɔdi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.

15 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm biara sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?

16 Ɛnna ɔse: Mehunuu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Na AWURADE se: Yeinom nni wuranom? Ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.

17 Ɛnna Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne?

18 Na Mikaia se: Enti montie AWURADE asɛm. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.

19 Na AWURADE se: Hwan na ɔbɛdaadaa Israelhene Ahab, na waforo akɔtua Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi nso kaa sɛɛ.

20 Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode deɛn?

21 Na ɔse: Mɛfiri akɔyɛ honhom torofoɔ n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no, na wobɛtumi nso, firi kɔ na kɔyɛ saa.

22 Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne.

23 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe piniiɛ bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ woɔ yi?

24 Na Mikaia se: Hwɛ, ɛda a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta na wobɛhunu.

25 Na Israel hene no kaa sɛ: Momfa Mikaia nsane nkɔ kuro no safohene Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

26 na monka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni, ne ahohiahia nsuo nnom nkɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.

27 Na Mikaia se: Sane deɛ, wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!

Ahab wuo

28 Na Israelhene no ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

29 Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ dɔm no mu, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.

30 Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene sɛ: Mone akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko gye Israel hene no nko ara.

31 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn danee wɔn firii ne ho.

32 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene no ne no no, wɔsane firii n’akyi.

33 Na ɔbarima bi twee ne tadua mu, mpofirim so, na ɔto wuraa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane w’ani na fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.

34 Na ɔko no mu yɛɛ den da no, na Israel hene no kura ne teaseɛnam mu gyina mu Siriafoɔ anim ara kɔsii anwummerɛ. Na owia kɔtɔeɛ no, ɔwui.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 19

Odiyifoɔ Yehu ka Ɔhene Yehosafat anim

1 Na Yudahene Yehosafat sane baa ne fie asomdwoeɛ mu wɔ Yerusalem.

2 Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.

3 Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn.

4 Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsane firi kɔɔ ɔman no mu de firii Beer-seba kɔsii Efraim bepɔ so, na ɔdanee wɔ sane baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn.

Asennie ho nhyehyɛɛ foforɔ

5 Na ɔsisii atemmufoɔ asase no so, Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu mmaako mmaako.

6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: Monhwɛ deɛ moreyɛ yie, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmuo asɛm no mu.

7 Na afei AWURADE ho suro ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne kɛtɛ-asehyɛ nni ne fam.

8 Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom atitire no mu binom sisii AWURADE atemmuo ne asennie so. Na wɔn atenaeɛ ne Yerusalem.

9 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sei na monyɛ wɔ AWURADE ho suro mu, nokorɛ ne mo akoma mu.

10 Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.

11 Na hwɛ, Ɔsɔfoɔ Amaria na ɔda mo ano, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fie bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufoɔ Lewifoɔ no nso wɔ mo anim. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafoɔ bɛtena.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 20

Atamfoɔ ba bɛtu sa

1 Na ɛbaa sɛ ɛno akyiri no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko.

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɛdɔm kɛseɛ bi firi po no agya firi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasason-tamar (a ɛne En-gedi no).

3 Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.

4 Na Yudafoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ mmoa. Yuda nkuro nyinaa mu na wɔfiri ba bɛhwehwɛɛ AWURADE.

5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem badwa no mu AWURADE fie abannwa foforɔ no anim,

6 na ɔkaa sɛ: AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone Onyankopɔn wɔ soro, na wo ara na wodi amanaman ahennie nyinaa soɔ? Na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agyina w’anim.

7 Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa?

8 Na wɔatena so, na wɔasi wo kronkronbea wɔ so maa wo din sɛ:

9 Sɛ bɔne bi, sɛ afena, atemmuo anaa ɔyaredɔm, sɛ ɛkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abɛgyina efie yi anim ne w’anim, ɛfiri sɛ wo din wɔ efie yi mu, na yɛafiri yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.

10 Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,

11 hwɛ, deɛ wɔde retua yɛn ka ne sɛ wɔaba rebɛtu yɛn afiri w’agyapadeɛ a wɔde maa yɛn sɛ yɛnni soɔ no soɔ.

12 Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.

Yehosafat mpaebɔ tie

13 Na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.

14 Na Matania ba Yeiel ba Benaia ba Sakaria ba Yehasiel a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Asaf mma mu no, AWURADE honhom baa ne so badwa no mu,

15 na ɔkaa sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfoɔ ne Ɔhene Yehosafat, montie! Sɛ AWURADE se mo nie: Mo deɛ, monnsuro na mo akoma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn.

16 Ɔkyena, monsiane nkɔ wɔn so, hwɛ, wɔreforo Sis aforoeɛ aba, na mobɛkɔ akɔto wɔn bonhwa no awieeɛ Yeruel serɛ anim.

17 Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi.

18 Ɛnna Yehosafat koto de n’anim butuu fam, na Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE.

19 Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu ne Korafoɔ mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛseɛ pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn no ayɛ.

20 Na wɔsɔree anɔpatutu, na wɔfirii adi kɔɔ Tekoa serɛ so. Na wɔrefiri adie no, Yehosafat gyinae na ɔkaa sɛ: Yuda ne Yerusalemfoɔ, montie me. Monnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mobɛtim, na monnye n’adiyifoɔ no nni, na mobɛdi yie.

21 Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ:

Monna AWURADE ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

22 Na ɛberɛ a wɔrefiri dwontoɔ ne ayeyie aseɛ no, AWURADE maa atɛfoɔ baa Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ sofoɔ a wɔbaa Yuda soɔ no so, na wɔkaa wɔn gui.

23 Na Amonfoɔ ne Moabfoɔ no sɔre tiaa Seir bepɔ sofoɔ no sɛee wɔn pasapasa. Na wɔwiee Seirfoɔ no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkumm wɔn ho wɔn ho.

24 Na Yuda duruu ahwɛeɛ a ɛhwɛ ɛserɛ soɔ, na wɔdanee wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛseɛ no, na hwɛ, wɔn afunu na ɛgugu fam, na obi amfiri mu amfi.

25 Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔ kɔfomm wɔn asadeɛ no, na wɔhunuu wɔn mu ahodeɛ ne ntadeɛ ne nnwinneɛ a ɛyɛ fɛ pii pa ara, na wɔtase fae a na wɔntumi nsoa, na wɔde nnansa fomm asadeɛ no, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso bebree.

26 Na da a ɛtɔ so nnan no, wɔboaboaa wɔn ano wɔ Beraka Bonhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔhyiraa AWURADE, enti na wɔfrɛ ɛhɔ din sɛ “Beraka-Bonhwa” de bɛsi nnɛ.

27 Na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigyeɛ sane baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfoɔ ho.

28 Na wɔkurakura mmɛnta ne asankuten ne ntotorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛnee no AWURADE fie.

29 Na wɔtee sɛ AWURADE ne Israel atamfoɔ ako no, Nyankopɔn ho hu kaa nsase so ahennie nyinaa.

30 Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.

Yehosafat ne Ahasia ntam apam

31 Na Yehosafat dii Yuda so hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.

32 Na ɔnantee n’agya Asa kwan so, na wammane amfiri so, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so.

33 Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn akoma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no.

34 Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Hanani ba Yehu nsɛm a wɔde hyɛɛ Israel ahemfo nwoma mu no mu.

35 Na ɛno akyiri no, Yudahene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ɔdii nsɛmmɔne no pamee.

36 Na ɔne no pam sɛ wɔbɛyeyɛ ahyɛn akɔ Tarsis, na wɔpempam ahyɛn no Esion-geber.

37 Na Dodafahu ba Eliesa a ɔfiri Maresa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 21

Yehoram nnisoɔ bɔne

1 Yehosafat tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid kuro no mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.

2 Na ɔwɔ nuammarima a wɔyɛ Yehosafat mma, wɔn ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Yeinom nyinaa yɛ Yudahene Yehosafat mma.

3 Na wɔn agya maa wɔn akyɛdeɛ bebree, dwetɛ ne sika ne aboɔdenneɛ ne Yuda mu nkuro a ɛyɛ den bi nso, na ahennie no deɛ, ɔde maa Yehoram, ɛfiri sɛ na ɔno ne abakan.

4 Na Yehoram dii n’agya adeɛ na n’ahennie gyinaa pintinn no, ɔde nkrantɛ kunkumm ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso.

5 Yehoram dii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem.

6 Na ɔnantee Israel ahemfo kwan so, sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa yɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

7 Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.

8 Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene.

9 Na Yehoram ne n’asafohene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa sene kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo na ɔkɔkum Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no.

10 Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no.

11 Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔ so, na ɔde Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda maa wɔkɔɔ bɔne mu.

12 Na krataa bi firi Odiyifoɔ Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woannante w’agya Yehosafat akwan soɔ ne Yudahene Asa akwan soɔ,

13 na wonantee Israel ahemfo akwan soɔ, na wode Yuda ne Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu sɛ Ahab fie adwamammɔ no, na woakum wo nuanom nso, w’agya fiefoɔ a wɔyɛ sene woɔ no nti,

14 hwɛ, AWURADE de ɔhaw kɛseɛ bɛha wo man ne wo mma ne wo yerenom ne w’ahodeɛ nyinaa.

15 Na wo ara nso, wobɛyare. Wobɛyare wo yam de bɛkɔ akɔsi sɛ yadeɛ no nti w’ayamdeɛ bɛfiri adi da biara.

16 Na AWURADE hwanyann Filistifoɔ ne Arabfoɔ a wɔwɔ Etiopiafoɔ nkyɛn mu no honhom tiaa Yehoram.

17 Na wɔforo baa Yuda so, na wɔtetee mu, na wɔfaa ahodeɛ a wɔhunuu no ɔhene fie nyinaa ne ne mmammarima nso ne ne yerenom nnommum kɔe, na anka ɔbabarima amma no gye ne mmammarima mu akumaa Yehoahas.

18 Na yei nyinaa akyiri no, AWURADE de yafunu yadeɛ mu yadeɛ a ɛnni sabea bɔɔ no.

19 Na yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ, mfeɛ mmienu awieeɛ no, n’ayamdeɛ firii adie yadeɛ no ara mu, na ɔwuu yea kɛseɛ mu. Na ne man ansɔ ogyabiara amma no sɛ n’agyanom deɛ no.

20 Ɔdii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso ɛnyɛ ahemfo no adamena no mu.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 22

Ahasia nnisoɔ ne ne wuo

1 Na Yerusalemfoɔ de ne ba kumaa Ahasia sii hene n’ananmu, ɛfiri sɛ ne mma mpanimfoɔ no nyinaa, afomfafoɔ asafo a wɔne Arabfoɔ no baa nsra mu no kunkumm wɔn. Na Yehoram ba Ahasia dii Yuda hene.

2 Ahasia dii mfeɛ aduanan mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Omri ba.

3 Ɔno nso nantee Ahab fie akwan so, ɛfiri sɛ ne na tuu no fo sɛ ɔnni asɛmmɔne.

4 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ n’agya wuo akyiri no wɔn na wɔtuu no foɔ, na ɛmaa no guu asu.

5 Wɔn afotuo nso so na ɔnam kɔeɛ, na ɔne Israelhene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba kɔɔ ɔsa ne Siriahene Hasael kɔkoe wɔ Ramot-gilead. Na Siriafoɔ no piraa Yehoram.

6 Na ɔsanee sɛ ɔrekɔsa ne ho yadeɛ Yesreel afiri pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, wɔpirapiraa no Rama no mu. Na Yudahene Yehoram ba Asaria siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.

7 Na Onyankopɔn na ɔde asiane bɛsianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na ɔduruiɛ no, ɔne Yehoram fie kɔhyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fie.

8 Na Yehu rebu Ahab fie atɛn no, ɔkɔtoo Yuda mmapɔmma ne Ahasia nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na ɔkunkumm wɔn.

9 Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno deɛ, na ɔde ne ho ahunta Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wɔkumm no. Na wɔsiee no, na wɔkaa sɛ: Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden.

Atalia awudie

10 Na Ahasia na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔre kɔdwerɛɛ adehyeɛ a wɔwɔ Yuda fie nyinaa.

11 Na ɔhene babaa Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu, na ɔde no ne ne ɔbagyegyefoɔ hyɛɛ pia mu. Na sɛ Ɔhene Yehoram babaa Yehosabat a ɔyɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabaa nti, ɔde no hunta firii Atalia anim, na wanku no.

12 Na ɔne wɔn tenaa Nyankopɔn fie, huntaa mfeɛ nsia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 23

Wɔsra ɔhene foforɔ ngo

1 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada sii ne bo faa ɔha ha so asafohene Yeroham ba Asaria, ne Yohanan ba Ismael, ne Obed ba Asaria ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat maa wɔne no pamee.

2 Na wɔkyinii Yuda, na wɔboaboaa Lewifoɔ no ano firi Yuda nkuro nyinaa mu, ne Israel agyanom atitire no, na wɔbɛhyiaa wɔ Yerusalem.

3 Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no.

4 Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔba asɔrefie homeda no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛyɛ ɛpono ano ahwɛfoɔ;

5 na nkyɛmu baako ntena ɔhene fie, na nkyɛmu baako nso ntena nnyinasoɔ pono no ano, na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fie abannwa no so.

6 Na obiara nnhyɛne AWURADE fie gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛne mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahyɛdeɛ no.

7 Na Lewifoɔ no ntwa ɔhene ho nhyia, wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam. Na deɛ ɔhyɛne efie hɔ no, wɔnku no. Na wɔntena ɔhene no ho n’adifire ne ne muba mu.

8 Na Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefie homeda, ne wɔn a wɔrepɔn adwuma homeda no bae, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma wɔn a wɔrepɔn no ampɔn.

9 Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne nkumaa a ɛwowɔ Nyankopɔn fie no memaa ɔha ha so asafohene no.

10 Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wɔn akodeɛ kurakura wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no nifa ntweaso kɔsi ɛdan no benkum ntweaso, afɔrebukyia no ne ɛdan no ho twaa ɔhene no ho hyiae.

11 Na wɔyii ɔhene ba no firii adi, na wɔde ahemmotire no hyɛɛ ne ti, na wɔde adanseɛ no maa no, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no ngo, na wɔkaa sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

Wɔkum Atalia

12 Ɛnna Atalia tee ɔman a wɔretu mmirika na wɔreyi ɔhene ayɛ no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie,

13 na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina n’agyinaeɛ aboboano, asafohene ne ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛne ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ no de nsankuo bɔɔ ayeyie nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: Atirisopam, atirisopam!

14 Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfiri nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, wɔnku no nkrantɛ ano. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Monnku no wɔ AWURADE fie.

15 Na wɔsɔɔ ne mu de no kɔɔ apɔnkɔ pono ano, ahemfie, na wɔkumm no wɔ hɔ.

Wɔgu Baal som

16 Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man.

17 Na ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii gui, na n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubui, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkumm no afɔrebukyia no anim.

18 Na Yehoiada siesiee AWURADE fie hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fie so, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na wɔnyɛ no anigyeɛ ne nnwontoɔ mu sɛ Dawid hyehyɛɛ no no.

19 Nanso ɔde apono ano ahwɛfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie apono no ano, na deɛ ne ho nte biara, anhyɛne mu.

20 Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne aberempɔn no ne ɔman no sodifoɔ ne asase no sofoɔ nyinaa, na ɔde ɔhene no firii AWURADE fie sianee, na wɔbaa ɔhene fie pono a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahennie adwa no so.

21 Na asase no sofoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe. Na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 24

Yoas nneyɛɛ pa

1 Yoas dii mfeɛ nson na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem, na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba.

2 Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ Yehoiada berɛ no so nyinaa.

3 Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

4 Na ɛno akyiri no ɛbaa Yoas akoma mu sɛ ɔbɛsiesie AWURADE fie no foforɔ.

5 Na ɔboaboaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri adi nkɔ Yuda nkuro so, na monkɔgyegye dwetɛ mfiri Israel nyinaa nsam, na wɔde apempam mo Nyankopɔn fie no daa afe; na mo deɛ, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifoɔ no ho anyɛ hare.

6 Ɛnna ɔhene no frɛɛ Ɔpanin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na womma Lewifoɔ no nnye Yuda ne Yerusalem toɔ a AWURADE akoa Mose ne Israel badwa no hyɛ maa adanseɛ ntomadan no?

7 Na Atalia, ɔbɔnefoɔ no mma ahyɛne Nyankopɔn fie no mu, na AWURADE fie akronkronneɛ nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim.

8 Na ɔhene no ka maa wɔpamm adaka baako, na wɔde sii AWURADE fie pono ano wɔ adihɔ,

9 na wɔpaee no Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Nyankopɔn akoa Mose toɔ a ɔde too Israel so wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE.

10 Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyee. Na wɔde ba bɛguu adaka no mu ara kɔsii sɛ ɛyɛɛ ma.

11 Na berɛ biara a Lewifoɔ no bɛhunu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu no, wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ soɔ no; ɔhene twerɛfoɔ ne deɛ ɔsɔfo panin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ soɔ no ba bɛhwie firi adaka no mu, na wɔma so sane de kɔsi ne sibea. Saa na na wɔyɛ no da biara, na wɔboaboaa sika bebree ano.

12 Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, na wɔde bobɔɔ aboɔpaefoɔ ne adwumfoɔ paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fie no foforɔ, ne dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ adwumfoɔ nso, sɛ wɔmmiamia AWURADE fie no mu.

13 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na pempam adwuma no kɔɔ so wɔn nsam, na wɔde Nyankopɔn fie no sii hɔ maa no yɛɛ yie na ɛyɛɛ den.

14 Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa.

15 Na Yehoiada bɔɔ akora, na wanyini pa ara no, ɔwui. Na ɔwuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduasa.

16 Na wɔkɔsiee no Dawid kuro mu, ahemfo no nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔdii asɛmpa Israel ne Onyankopɔn ne ne fie no ho.

Yoas wae firi Nyankopɔn ho

17 Na Yehoiada wuo akyiri no, Yuda mmapɔmma ba bɛkotoo ɔhene no. Ɛnna ɔhene no tiee wɔn.

18 Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.

19 Na ɔsomaa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn mu sɛ wɔmmɛsane wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wɔdii wɔn adanseɛ, nanso wɔantie.

20 Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo.

21 Na wɔpam ne tiri so, na wɔkɔsii no aboɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no AWURADE fie abannwa so.

22 Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.

Yoas asotwe ne ne wuo

23 Na afe no awieeɛ no, Siriafoɔ dɔm tu baa ne so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa firii ɔman no mu, na wɔn asadeɛ no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene.

24 Na nnipa kakraa bi na Siriafoɔ dɔm de baeɛ, nanso AWURADE de dɔm kɛseɛ pa ara hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ na wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm.

25 Na wɔfirii ne so sii mu kɔeɛ, na wɔgyaa no apirakuro bebree mu, na ne nkoa pamm ne tiri so, Ɔsɔfoɔ Yehoiada mma no mogya nti, na wɔkɔkumm no ne mpa so, na ɔwui. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso wɔansie no ahemfo no asieeɛ.

26 Na wɔn a wɔpamm ne tiri soɔ no nie: Sabad, Amonni baa Simeat ba ne Yehosabad, Moabni baa Simrit ba.

27 Na ne mma no ne ɛtoɔ dodoɔ a wɔgyee no no, ne Nyankopɔn fie asiesie no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ahemfo Nwoma Nkyerɛaseɛ no mu. Na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 25

Yudahene Amasia

1 Amasia dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ n’akoma pɛyɛ mu.

3 Na ɛbaa sɛ ahennie no timm ne nsam pɛ, ɔkunkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya, ɔhene no.

4 Na wɔn mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu, Mose nwoma mu no a AWURADE hyɛɛ sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa no ara bɔne nti na wɔmma no nwuo.

5 Na Amasia boaboaa Yuda ano hyiae, na wɔde wɔn gyinagyinae, mpanimfie so ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene so, Yuda ne Benyamin nyinaa mu, na ɔkanee wɔn firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire so. Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahasa a wɔtumi ɔsatuo kura mpea ne akyɛm.

6 Nanso ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha kɔbɔɔ Israel mu nnipa mpemha a wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho pa ara.

7 Na Nyankopɔn nipa bi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɔhene, mma Israel dɔm no ne wo nnkɔ, na AWURADE nni Israel, Efraim mma no nyinaa akyi;

8 nanso sɛ wosusu sɛ woyɛ saa a na wobɛnya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe aseɛ.

9 Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.

10 Na Amasia paee no asafo a wɔfiri Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkɔ wɔn tenabea; na wɔn bo fuu Yuda sɛ, na wɔde abufuhyeɛ sane kɔɔ wɔn tenabea.

11 Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-Bonhwa no mu, na ɔkɔkum Seirfoɔ no mu nnipa mpemdu.

12 Na wɔn mu nnipa mpemdu nso, Yudafoɔ no faa wɔn nnommum animono so, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotoo wɔn firii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee.

13 Na asafo a Amasia maa wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma kɔguu Yuda nkuro so, firi Samaria kɔduruu Bet-horon, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfom adeɛ bebree fae.

14 Na Amasia firii Edomfoɔ kum sane baeɛ no, ɔde Seirfoɔ anyame bae, na ɔde bɛsisii hɔ fae sɛ anyame, na ɔkotoo wɔn anim, na ɔhyee aduhwam maa wɔn.

15 Ɛnna AWURADE abufuo sɔre tiaa Amasia, na ɔsomaa odiyifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfiri wo nsam no?

16 Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔahyɛ wo ɔhene fotufoɔ? Gyae! Adɛn nti na wɔnku woɔ? Na odiyifoɔ no gyaee, na ɔkaa sɛ: Mahunu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ woayɛ yei, na woantie m’afotuo no.

17 Ɛnna Yudahene Amasia tuu agyina, na ɔsomaa Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba Yehu baa ne nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.

18 Na Israelhene Yoas soma maa wɔkɔɔ Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo ba ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so.

19 Wose: Hwɛ, woakum Edom, na w’ahoahoa wo ho sɛ worehwehwɛ animuonyam. Afei tena wo fie. Adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?

20 Na Amasia antie, ɛfiri sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire, sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ obi nsam, sɛ wɔasom Edom anyame no nti.

21 Na Israelhene Yoas foro bae, na wɔde bɛbɔɔ anim, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea no.

22 Na Yuda gui wɔ Israel anim, na wɔdwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.

23 Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba, Yehoahas ba deɛ, Israelhene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem na ɔdwirii Yerusalem fasuo no firii Efraim pono ho de kɔsii ntweaso pono no ho, basafa ahanu.

24 Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a wɔhunuu no Nyankopɔn fie, Obed-Edom nsam no nyinaa, ne ahemfie akoradeɛ no ne nnommum no nso, na ɔsane kɔɔ Samaria.

25 Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba dii mfirinhyia dunum, Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba no wuo akyi.

26 Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔantwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu anaa?

27 Na ɛfiri berɛ a Amasia sane firii AWURADE akyire no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis, na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis kɔkumm no wɔ hɔ.

28 Na wɔsoaa no apɔnkɔ so bae, na wɔbɛsiee no n’agyanom nkyɛn wɔ Dawid kuro no mu.