Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 6

Salomo kasa kyerɛ ɔman no

1 Ɛnna Salomo kaa sɛ: AWURADE aka sɛ ɔbɛtena sum kusuu mu.

2 Na me deɛ, masi tenabea mama wo, na masiesie baabi a wobɛtena hɔ daa.

3 Na ɔhene danee n’ani hyiraa Israel badwa no nyinaa. Na Israel badwa no nyinaa gyina hɔ.

4 Na ɔkaa sɛ: Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu no sɛ:

5 Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim asase so baeɛ yi, menyii Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro biara, sɛ wɔnsi dan na me din ntena hɔ, nanso menyii ɔbarima biara, sɛ ɔnni me man Israel so panin,

6 na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.

7 Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi dan ama AWURADE, Israel Nyankopɔn din.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Ɛsiane sɛ na ɛwɔ w’akomam sɛ anka wobɛsi dan ama me din nti, woyɛɛ no yie sɛ na ɛwɔ w’akoma mu.

9 Nso ɛnyɛ wo na wobɛsi dan no, na wo ba a ɔfiri w’asene mu no, ɔno na ɔbɛsi dan ama me din.

10 Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no aba mu, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, na mete Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din,

11 na mede adaka a AWURADE apam a ɔne Israel mma pameeɛ no wɔ mu no masi hɔ.

12 Na Salomo kɔgyinaa AWURADE afɔrebukyia no anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam.

13 Na Salomo ayɛ kɔbere mfrafraeɛ simpie bi de asi abannwa no mfimfini. Ne ntwemu basafa mmienu ne fa na ne terɛ basafa mmienu ne fa, na ne korɔn basafa baako ne fa, na ɔkɔgyinaa so. Na ɔkotoo ne nankoroma anim, Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ ɔsoro,

14 na ɔkaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo, ɔsoro ne asase so a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no,

15 wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no. Wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

16 Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn, kora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no so ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa mmɔ no w’anim a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ. Hwɛ nko ara na wo mma nhwɛ wɔn akwan sɛ wɔbɛnante me mmara mu, sɛdeɛ wonantee m’anim no.

17 Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn ma w’asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa Dawid no ntim.

18 Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!

19 Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa reyi no w’anim yi,

20 sɛ w’ani bɛbue akyerɛ ɛdan yi awia ne anadwo, deɛ woka sɛ wɔmfa wo din nsi hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ wɔ ha yi.

21 Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ wɔ ha yi, na wo deɛ, firi wo tenabea ɔsoro hɔ, tie, na wote a, fa kyɛ!

22 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a,

23 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛtua ɔbɔnefoɔ ka ama ne bɔne abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.

24 Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔ atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane bɛbɔ wo din, na wɔbɔ mpaeɛ na wɔkoto srɛ w’anim efie yi mu a,

25 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne no kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn ne wɔn agyanom no so.

26 Sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ha yi, na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho sɛ woabrɛ wɔn aseɛ nti a,

27 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne no kyɛ, na kyerɛ wɔn kwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.

28 Sɛ ɛkɔm ba asase yi so, sɛ ɔyaredɔm ba, sɛ ɔhoɔ ne ɔpoɔ, ntutummɛ ne mmɛbɛ ba, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn nkuro apono asase so a, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo,

29 ɛnneɛ mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara wɔ anaa wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yea, na ɔbɛtrɛ ne nsam akyerɛ efie yi no,

30 wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa kyɛ, na ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akoma no. Na wo ara, wo nko ara na wonim nnipa mma akoma mu,

31 deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, na wɔanante w’akwan soɔ nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa.

32 Afei nso ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu, na ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba, wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woatene no nti no, sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ ɛdan yi mu a,

33 ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ no sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahunu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ wo din na wɔde frɛ efie a masie yi.

34 Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi ama wo din yi a,

35 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ no ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.

36 Sɛ wɔyɛ wo bɔne, (ɛfiri sɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne,) na wofa wɔn ho abufuo na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn kɔ asase bi so a, akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,

37 na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho koto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so sɛ: Yɛayɛ bɔne, yɛafom na yɛadi abɔnefosɛm,

38 na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn nnommumfafoɔ asase a wɔafa wɔn akɔ hɔ no so, na wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayie ne efie a masi ama wo din yi a,

39 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn, na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ no kyɛ wɔn.

40 Afei, me Nyankopɔn, ma w’aniwa mmue ɛ, na yɛ aso ma ɛha yi mpaebɔ.

41 Na afei, AWURADE Nyankopɔn, sɔre hyɛne wo homebea no mu,

wo ne wo tumi adaka no.

W’asɔfoɔ no, AWURADE Nyankopɔn, ma wɔnhyɛ nkwagyeɛ,

na w’adɔeɛ nnipa ani nnye wo papa mu.

42 AWURADE Nyankopɔn, nyi w’ani mfiri deɛ woasra no no so.

Kae adɔeɛ a wode yɛɛ w’akoa Dawid no.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 7

Asɔrefie dwira no awieeɛ

1 Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.

2 Na asɔfoɔ no antumi anhyɛne AWURADE dan no mu, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.

3 Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ,

“ɔyɛ na n’adɔeɛ

wɔ hɔ daa”.

4 Na ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ okum afɔdeɛ AWURADE anim.

5 Na Ɔhene Salomo de anantwie mpemaduonu mmienu ne nnwan mpemha aduonu bɔɔ okum afɔdeɛ, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Nyankopɔn fie no ho.

6 Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.

7 Na Salomo yɛɛ abannwa a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔhyee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Salomo yɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne sradeɛ nam no nsene so.

8 Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa ara a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano.

9 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, na afɔrebukyia no dwira, wɔdii no nnanson, ne nnapɔnna no nso, nnanson.

10 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie. Na wɔn ani gyee na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Salomo ne ne man Israel no nti.

Nyankopɔn ahoyie a ɛtɔ so mmienu

11 Na Salomo wiee AWURADE fie ne ɔhene fie no. Na deɛ ɛbaa Salomo akoma mu sɛ ɔbɛyɛ AWURADE fie ne ne fie mu no nyinaa wiee yie.

12 Na AWURADE bɛyii ne ho kyerɛɛ Salomo anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha afa sɛ afɔrebɔ fie.

13 Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osuo ntɔ, na sɛ mehyɛ ntutummɛ sɛ wɔmmɛdi asase no, na sɛ mede ɔyaredɔm ba me man mu,

14 na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.

15 Afei m’ani bɛbue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ.

16 Na afei mafa efie yi ayɛ no kronkronbea, sɛ me din ntena hɔ nkɔsi daa, na m’ani ne m’akoma bɛtena hɔ nna nyinaa.

17 Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ, sɛ wobɛyɛ deɛ mahyɛ woɔ nyinaa na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,

18 ɛnneɛ mɛma w’ahennie adwa atim, sɛdeɛ me ne w’agya Dawid pam sɛ meremma onipa a ɔbɛdi Israel soɔ mmɔ no no.

19 Na sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ sane na mogya m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ, na mosɔre wɔn a,

20 ɛnneɛ mɛtu mo afiri m’asase a mede memaa mo no so, na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na mede ayɛ ɛbɛ ne ɛfene aman nyinaa mu.

21 Na ɛdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a ɔtwam ho no ho bɛdwiri no na waka sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi saa?

22 Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde mmusuo yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 8

Salomo mmɔdemmɔ

1 Na Salomo de mfeɛ aduonu sisii AWURADE fie ne ne fie no wieeɛ no,

2 ɔkyekyeree nkuro a Huram de maa no no, na ɔmaa Israelfoɔ kɔtenaa hɔ.

3 Na Salomo sii mu kɔɔ Hamat-soba kɔdii so.

4 Na ɔkyekyeree Tadmor wɔ ɛserɛ so ne adekora nkuro a ɔkyekyeree no Hamat no nyinaa.

5 Na ɔkyekyeree atifi Bet-horon ne anafoɔ Bet-horon, nkuro a ɛyɛ den a ɛwɔ afasuo ne apono ne apono akyi adaban;

6 ne Baalat ne adekora nkuro a Salomo wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkuro nyinaa ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne deɛ Salomo pɛɛ sɛ ɔkyekyeree no Yerusalem ne Lebanon ne n’ahennie asase no nyinaa so.

7 Nso nkurɔfoɔ a wɔkaeɛ no a wɔfiri Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ no mu no nyinaa,

8 wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi wɔ asase no soɔ, a Israelfoɔ annwerɛ wɔn no mu bi, na Salomo gyee wɔn ɔhyɛ adwumayɛ toɔ de bɛsi nnɛ da yi.

9 Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obiara anyɛ akoa n’adwuma mu. Na wɔne n’akofoɔ ne n’akunini so asafohene, ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ so asafohene.

10 Na yeinom ne adwumayɛfoɔ a Ɔhene Salomo wɔ no so asafohene, nnipa ahanu aduonum a wɔdii nkurɔfoɔ no soɔ.

11 Na Farao babaa no deɛ, Salomo de no firii Dawid kuro no mu baa efie a wasi ama no no mu, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Me yere nntena Israelhene Dawid fie, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron.

12 Ɛno mu na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE wɔ AWURADE afɔrebukyia a ɔsii no ntwonoowa no anim no soɔ,

13 sɛdeɛ ɛhia da biara no, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, home nna deɛ ne abosome foforɔ deɛ; ne afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa a wɔhyɛ no afe biara, a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna ne asese nnapɔnna.

14 Na sɛdeɛ n’agya Dawid atorɔmudeɛ teɛ no, ɔde asɔfoɔ no nkyekyɛmu no sisii wɔn som so, ne Lewifoɔ no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wɔnyi ayɛ na wɔnsom asɔfoɔ no anim, sɛdeɛ ɛhia da biara; ne apono ano hwɛfoɔ no, wɔn nkyekyɛmu mu, ɛpono ne ɛpono ano, na saa na Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ.

15 Na wɔamfiri ɔhene mmara asɛm a ɛda asɔfoɔ ne Lewifoɔ no soɔ no ho, nsɛm nyinaa ne akoradeɛ no fam.

16 Sei na wɔwiee Salomo adwuma no nyinaa; ɛfiri da a wɔtoo AWURADE fie fapem de kɔsi sɛ wɔwieeɛ. Sɛ wɔyɛɛ AWURADE fie no nie.

Ɛpo so akwantuo

17 Ɛno na Salomo kɔɔ Esion-geber ne Elot mpoano wɔ Edom asase so.

18 Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wɔnim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Salomo nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛseɛ ahanan aduonum firi hɔ de brɛɛ Ɔhene Salomo.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 9

Seba hemmaa ba Salomo nkyɛn

1 Na Seba hemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ne yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika pii pa, ne abohene baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.

2 Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa, na asɛm biara anhunta Salomo a wanka ankyerɛ no.

3 Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa ne efie a wasie

4 ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfo agyinaeɛ ne wɔn ntadeɛ, ne ne nsahyɛfoɔ ne wɔn ntadeɛ, ne n’aforoeɛ a ɔnam so kɔ AWURADE fie no, ne ho dwirii no.

5 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho asɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ,

6 na mannye wɔn nsɛm no manni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani mabɛhunu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa mpo, wosene wo ho nsɛm a meteeɛ no.

7 Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi, sɛ daa wɔte wo nyansa no.

8 Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’adwa so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel, sɛ ɔde no bɛtim hɔ de akɔsi daa nti, na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.

9 Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam pii pa ara ne abohene, na nnuhwam a ɛte sɛ deɛ Seba hemmaa no de maa Ɔhene Salomo no so bi amma bio.

10 Na Huram nkoa ne Salomo nkoa a wɔde sika firi Ofir baeɛ no nso de abako nnua ne abohene bae.

11 Na ɔhene de abako nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie ntrapoe ne nsankutene ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Na wɔnhunuu saa nnoɔma no bi pɛn wɔ Yuda asase so.

12 Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no n’adeɛ a ɔpɛ a ɔbisaeɛ no nyinaa, ɛsono deɛ ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sane sii mu kɔɔ n’asase soɔ.

Salomo ahonya

13 Nso sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia,

14 ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ, ne deɛ abatafoɔ de ba. Na Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Salomo.

15 Na Ɔhene Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm akɛseɛ ahanu, sika a wɔaborɔ nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho.

16 Na ɔyɛɛ sika a wɔaborɔ akyɛm ahasa, sika nnwetɛbena ahasa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsiee Lebanon Kwaeɛ dan no mu.

17 Na ɔhene de asonse yɛɛ ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho;

18 na adwa no wɔ ntrapoe nsia, na sika ntiasoɔ wɔ adwa no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha, atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho;

19 na agyata dummienu gyinagyina hɔ wɔ ntrapoe nsia no so ɛha ne ha. Wɔnyɛɛ saa bi da ahennie biara mu.

20 Na Ɔhene Salomo nnoɔma a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa, dwetɛ nni mu. Wɔmmu dwetɛ hwee Salomo berɛ so.

21 Na ɔhene wɔ ahyɛnkuo a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfeɛ mmiɛnsa biara Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.

22 Na Ɔhene Salomo so senee asase so ahemfo nyinaa, adedodoɔ ne nyansa fam.

23 Na asase so ahemfo nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛhunu Salomo anim na wɔate nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ n’adwene mu no bie.

24 Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ, akodeɛ ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.

25 Na Salomo wɔ apɔnkɔ adan mpemnan ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu, na ɔde wɔn tenatenaa nteaseɛnam nkuro mu, ne ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.

26 Na ɔdii ahennie nyinaa so de firi Asuo Eufrate ano de kɔsii Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so.

27 Na ɔhene maa dwetɛ yɛɛ sɛ aboɔ, Yerusalem, na ntweneduro nso, ɔmaa no yɛɛ sɛ akyee nnua a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no dodoɔ.

28 Na wɔkraa apɔnkɔ firii Misraim ne nsase nyinaa so brɛɛ Salomo.

Salomo wuo

29 Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne Odehwɛfoɔ ldo adehwɛ a ɔhwɛɛ no Nebat ba Yeroboam ho no mu?

30 Na Salomo dii Israel nyinaa so hene Yerusalem mfirinhyia aduanan.

31 Na Salomo tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 10

Ɔman no mpaapaemu

1 Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem, deɛ na Israelfoɔ nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.

2 Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim, (deɛ ɔfiri Ɔhene Salomo anim dwane kɔeɛ no, tee). Ɛnna Yeroboam sane firii Misraim baeɛ.

3 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:

4 W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom denden, ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo.

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdi nnansa a, monsane mmra me nkyɛn bio. Na ɔman no kɔe.

6 Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔsom no sɛ afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede makɔbua ɔman yi?

7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yie, na wosɔ wɔn ani, na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.

8 Na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, na ɔne mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ a wɔsom no no kɔtuu agyina,

9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso moretuo, na yɛde akɔbua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, no?

10 Na mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn, no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene.

11 Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.

12 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaa sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no.

13 Na ɔhene no de asɛm denden buaa wɔn, na Ɔhene Rehoboam gyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,

14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmɔfra no tuu no foɔ no sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.

15 Na ɔhene no antie ɔman no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔdanee no saa, sɛdeɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.

16 Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ:

Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu?

Na yɛnni agyapadeɛ biara nso Yisai ba no mu.

O Israel, monkɔ mo afie!

Afei, Dawid, hwɛ wo ara wo fie so.

Ɛnna Israel nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.

17 Na Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.

18 Na Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a ɔdi adwuma toɔ soɔ no, na Israelfoɔ no sii no aboɔ maa ɔwuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔredwane akɔ Yerusalem.

19 Na Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 11

Semaia Nkɔmhyɛ

1 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fiefoɔ no nyinaa ano hyiae, nnipa a wɔayi wɔn akofoɔ mpemha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadane ahennie no ama Rehoboam.

2 Na AWURADE asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:

3 Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ:

4 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko. Monsane nkɔ mo afie, na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔne Yeroboam ankɔko.

Rehoboam nkuro a ɛyɛ den

5 Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyeree nkuro maa no yɛɛ den wɔ Yuda,

6 na ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,

7 Bet-sur, Soko, Adulam,

8 Gat, Maresa, Sif,

9 Adoraim, Lakis, Aseka,

10 Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no.

11 Na ɔhyehyɛɛ nkuro no den, na ɔde asafohene ne aduane ne ngo ne nsa akoradeɛ kokɔɔ mu.

12 Na ɔde akyɛm ne mpea hyehyɛɛ nkuro no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkuro no den pa ara. Sɛ ɔdii Yuda ne Benyamin so ne no.

13 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔwɔ Israel nyinaa mu firi wɔn ahyeɛ nyinaa so bɛgyinaa n’akyi.

14 Na Lewifoɔ no gyigyaa wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase ne wɔn agyapadeɛ, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wɔnnni AWURADE asɔfoɔ,

15 na ɔhyehyɛɛ n’asɔfoɔ maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwie mma a ɔyɛeɛ no.

16 Na wɔn akyiri no, wɔn a wɔde akoma maa sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifirii Israel mmusuakuo nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

17 Na wɔmaa Yuda ahennie no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Salomo ba Rehoboam den mfirinhyia mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔnantee Dawid ne Salomo kwan so mfeɛ mmiɛnsa.

18 Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babaa, ne Abihail a ɔyɛ Yisai ba Eliab babaa,

19 na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham maa no.

20 Na ɛno akyiri no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abia ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no.

21 Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sene ne yerenom ne ne mpenafoɔ nyinaa, (na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia).

22 Na Rehoboam de Maaka ba Abia yɛɛ ne nuanom no mu tire ne panin, na ɔpɛɛ sɛ ɔsi no hene.

23 Na ɔdii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsase no nyinaa so nkuro a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhomabɔdeɛ bebree maa wɔn, na ɔgyegyee mmaa bebree aware memaa wɔn.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 12

Misraim tu Yuda so sa

1 Na Rehoboam ahennie timiiɛ, na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.

2 Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so, ɛfiri sɛ na wɔafom AWURADE.

3 Ɔde nteaseɛnam apem ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ mpemaduosia bae, na ɛdɔm a wɔne no baeɛ no nni ano, wɔfiri Misraim: Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ.

4 Na ɔgyee Yuda nkuro a ɛyɛ den no, na ɔbɛduruu Yerusalem.

5 Ɛnna Odiyifoɔ Semaia baa Rehoboam ne Yuda mmapɔmma a wɔaboa wɔn ano aba Yerusalem afiri Sisak anim no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, moagya me, na me nso magyaa mo ahyɛ Sisak nsa.

6 Ɛnna Israel mmapɔmma ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho aseɛ, na wɔkaa sɛ: Ɔteneneeni ne AWURADE.

7 Na AWURADE hunuu sɛ wɔabrɛ wɔn ho aseɛ no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a mɛma wɔafiri mu afi, na m’abufuo amfa Sisak nsa so anhwie angu Yerusalem so.

8 Nanso wɔbɛyɛ no nkoa, na wɔahunu me som ne nsase so ahennie som no.

9 Na Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem bɛfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ no, — ne nyinaa na ɔfaeɛ, — na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso.

10 Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɔhene fie pono ano no asafohene no nsa.

11 Na da biara a ɔhene ba AWURADE fie no, awɛmfoɔ no bɛsoa kɔ na wɔde asane aba awɛmfoɔ no dan mu.

12 Na ɛnam sɛ ɔbrɛɛ ne ho aseɛ nti, AWURADE abufuo no sane firii ne so, sɛ ɔrensɛe no nwie; na ɔmannwoeɛ wɔ Yuda mu nso.

Rehoboam nnisoɔ no awieeɛ

13 Na Ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den wɔ Yerusalem, na ɔdii hene. Na ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem a ɛne kuro a AWURADE yii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.

14 Na ɔyɛɛ bɔne, na wamfa n’akoma anhwehwɛ AWURADE.

15 Na Rehoboam ho nsɛm, kane deɛ ne akyire yi deɛ nso, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Semaia ne ɔdehunufoɔ Ido nsɛm mu antoatoa so? Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.

16 Na Rehoboam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Abia bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 13

Abia di Yeroboam so nkonim

1 Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe soɔ no, Abia bɛdii Yuda so hene.

2 Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene Yerusalem, na ne na din de Mikaia, Uriel ba a ɔfiri Gibea. Na ɛko baa Abia ne Yeroboam ntam.

3 Na Abia de mmarima akofoɔ dɔm a ano si nnipa a wɔayi wɔn mpemahanan kɔɔ ɔsa no, na Yeroboam de nnipa mpemahanwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔayi wɔn ne no de bɛbɔɔ ani.

4 Na Abia sɔree Semaraim bepɔ a ɛwɔ Efraim mmepɔ soɔ no atifi, na ɔkaa sɛ: Yeroboam ne Israel nyinaa, montie me.

5 Ɛnyɛ mo deɛ, sɛ mobɛhunu sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no de Israel so ahennie ama Dawid, de rekɔsi daa sɛ nkyene apam ama ɔno ne ne mma anaa?

6 Na Nebat ba Yeroboam a ɔyɛ Dawid ba Salomo akoa no asɔre ate ne wuranom so atua,

7 na nnipa hunu ahuhufoɔ ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Salomo ba Rehoboam, na Rehoboam yɛ abɔfra, na n’akoma yɛ mmerɛ, na wanhyɛ ne ho den wɔn anim.

8 Na afei, mo deɛ, mose mobɛhyɛ mo ho den, AWURADE ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no anim, na moyɛ asafo yuu, na mowɔ sika anantwie a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.

9 Montutuu AWURADE asɔfoɔ, Aaron mma no ne Lewifoɔ no na monyɛɛ asɔfoɔ mfaeɛ sɛ nsase so aman no? Obiara a ɔde nantwinini ba, anaa adwennini nson ba sɛ ɔrebɛdwira ne ho no bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma deɛ ɛnyɛ anyame.

10 Na yɛn deɛ, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yɛnnyaa no, na asɔfoɔ a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifoɔ no kura wɔn adwuma mu.

11 Na wɔhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE daa anɔpa ne anwummerɛ ne ɔhyeɛ aduhwam no. Na wɔsiesie kyerɛ paanoo wɔ ɔpono kronkron no so, na sika kaneadua ne ne kanea no, wɔsɔ no daa anwummerɛ. Na yɛn deɛ, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no, na mo deɛ, moagya no.

12 Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie.

13 Na Yeroboam maa atɛfoɔ buu wɔn ho braka na wɔabɛfiri wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛfoɔ no wɔ wɔn akyire.

14 Na Yuda danedanee wɔn ani no, na hwɛ, ɛdɔm no wɔ anim ne akyire. Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ AWURADE, na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto.

15 Na Yuda mmarima no bɔɔ ose. Na ɛbaa sɛ Yuda mmarima no bɔɔ ose no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel nyinaa gui, Abia ne Yuda anim.

16 Na Israelfoɔ no dii nkoguo wɔ Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa.

17 Na Abia ne ne man kunkumm wɔn okumkɛseɛ, na asraafoɔ a wɔtotɔɔ Israel mu yɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahanum.

18 Na wɔbrɛɛ Israelfoɔ no ase berɛ no mu, na Yudafoɔ no ho yɛɛ den, ɛfiri sɛ na wɔtwere wɔn agyanom Nyankopɔn no.

19 Na Abia tii Yeroboam, na ɔkɔgyee ne nsam nkuro, Betel ne ɛho nkurowa ne Yesana ne ɛho nkurowa ne Efron ne ɛho nkurowa.

20 Na Yeroboam annya tumi biara bio Abia berɛ so. Na AWURADE kaa no maa no wui.

21 Na Abia hyɛɛ ne ho den, na ɔwarewaree yerenom dunan, na ɔwowoo mmammarima aduonu mmienu ne mmammaa dunsia.

22 Na Abia ho nsɛm nkaeɛ ne n’akwan ne ne nsɛm, wɔatwerɛ no Odiyifoɔ Ido nkyerɛaseɛ nwoma no mu.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 14

Asa gu ahonisom

1 Na Abia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu, na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Ne berɛ so na asase no so dwoo mfeɛ du.

2 Na Asa yɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene AWURADE ne Nyankopɔn ani so,

3 na ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia ne sorɔnsorɔmmea no, na ɔdwirii adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no gui.

4 Na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔnni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ no so.

5 Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase.

6 Na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den Yuda, ɛfiri sɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko biara mfeɛ no mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa no ɔhome.

7 Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekyere nkuro yi, na yɛmfa ɔfasuo ne aban atentene, apono ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyeree, na ɛsii wɔn yie.

8 Na Asa wɔ dɔm a wɔkura akyɛm ne mpea mu, Yuda mu nnipa mpemahasa ne Benyamin mu nnipa a wɔkura akyɛm mu na wɔkuntunu tadua, mpemahanu aduɔwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko.

Asa di Etiopiafoɔ so nkonim

9 Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa.

10 Na Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔbaee wɔn mpasua mu wɔ Sefata bonhwa mu, Maresa ho.

11 Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden.

12 Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafoɔ no guiɛ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwanee.

13 Na Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tii wɔn kɔduruu Gerar. Na Etiopiafoɔ mu nnipa totɔe ara kɔsii sɛ wɔsaeɛ, na wɔdwerɛɛ wɔn pasaa, AWURADE ne ne dɔm anim. Na wɔfaa asadeɛ bebree pa ara.

14 Na wɔsɛee nkuro a ɛtwa Gerar ho hyia no nyinaa, na AWURADE ho hu kutaa wɔn. Na wɔfom nkuro no nyinaa, na na asadeɛ pii wɔ mu.

15 Na wɔsɛee mmoakuo ntomadan nso, na wɔfaa nnwan pii ne yoma kɔe, na wɔsane baa Yerusalem.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 15

Odiyifoɔ Asaria kɔkɔbɔ

1 Na Nyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so,

2 na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.

3 Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara.

4 Na wɔn ahohiahia mu no, wɔsane baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔmaa wɔhunuu no.

5 Na ɛberɛ no mu no na asomdwoeɛ nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsase no sotefoɔ nyinaa so.

6 Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman ne kuro ne kuro, na Onyankopɔn maa wɔn ani tanee ahohiahia nyinaa mu.

7 Na mo deɛ, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngo, na wɔbɛtua mo adwuma so ka.

Nyankopɔn apam no ntimu

8 Na Asa tee nsɛm yi ne Odiyifoɔ Oded adiyie no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so, ne nkuro a ɔgyee no Efraim bepɔ soɔ no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ AWURADE ntwonoowa no anim no foforɔ.

9 Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam.

10 Na wɔboaa wɔn ano wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Asa ahennie afe a ɛtɔ so dunum so.

11 Na wɔde asadeɛ a wɔde baeɛ no bi bɔɔ AWURADE afɔdeɛ da no, anantwie ahanson ne nnwan mpemnson,

12 na wɔne AWURADE yɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no,

13 na obiara a ɔrenhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no, akumaa oo, ɔkɛseɛ oo, ɔbarima oo, ɔbaa oo, wɔnku no.

14 Na wɔde nne kɛseɛ ne osebɔ ne ntotorobɛnto ne mmɛn suae kyerɛɛ AWURADE.

15 Na Yuda nyinaa ani gyee nsuaeɛ no ho, ɛfiri sɛ wɔn akoma nyinaa na wɔde suaeeɛ; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔmaa wɔhunuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.

16 Na Maaka a ɔyɛ Ɔhene Asa ne na nso, ɔtuu no firii ɔhemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni maa Asera. Na Asa twaa ne honi no, bubuu no gɔsɔgɔsɔ, kɔhyee no Kidron subonhwa mu.

17 Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi amfiri Israel. Nanso Asa akoma dii mu ne nna nyinaa mu.

18 Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa Nyankopɔn fie: Dwetɛ, sika ne nnwinneɛ.

19 Na akodie biara amma de kɔsii Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nnum so.