Categories
Esra

Esra 6

Asɔrefie no wie

1 Ɛnna Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ wɔnkɔhwehwɛ nwoma fie, deɛ wɔde akoradeɛ sie wɔ Babel no.

2 Nso, kuro Ekbatana a ɛwɔ Media mansini mu na wɔkɔhunuu nwoma mmobɔeɛ, a wɔatwerɛ asɛm bi wɔ mu sei sɛ:

3 Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, ɔhyɛɛ mmara sɛ: Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho deɛ, wɔnsi efie no mma no nyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduasa, ne trɛ basafa aduasa nso,

4 aboɔ akɛseɛ nkyerɛpɛn mmiɛnsa ne nnua nso kyerɛpɛn baako. Na ɛho ahweredeɛ no, wɔmfa mfiri ɔhene fie mma.

5 Nso Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem asɔredan mu de baa Babel no, wɔnsane mfa mma, na ɛnkɔ Yerusalem asɔredan no mu ne siberɛ hɔ, na wɔnnya no Nyankopɔn fie hɔ.

6 Afei wo Tatenai, asuogya amrado ne Setar-Bosnai ne mo agyinatufoɔ Afarsakafoɔ a mowɔ Asuogya no, momfiri hɔ nkɔ akyiri.

7 Momma Nyankopɔn fie adwuma no ntena hɔ, na Yudafoɔ amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsi Nyankopɔn fie no ne siberɛ hɔ.

8 Na me na merehyɛ makyerɛ deɛ monyɛ mma Yudafoɔ mpanimfoɔ no na wɔnsi Nyankopɔn fie no: Ɛne sɛ, ɔhene nnoɔma a ɛne asuogya toɔ no, wɔmfa mu bi ntua ahweredeɛ no ka pɛpɛɛpɛ mma mmammarima no, na amma wɔannyae.

9 Na adeɛ a ɛhia wɔn no, nantwie mma ne adwennini ne nnwan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyeɛ afɔdeɛ, ayuo, nkyene, nsa ne ngo, sɛdeɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛgyeɛ no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka,

10 na wɔmmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wɔnyi ɔhene ne ne mma nkwa so apaeɛ.

11 Mehyɛ bio sɛ, obiara a ɔbɛdane asɛm yi ani no, wɔnyi ne dan so mpuna mma so nsi hɔ, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fie nnane sumina.

12 Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bɛbutu ɔhene ne ɔman biara a wɔtene wɔn nsa dane ani, sɛ wɔbɛbubu Nyankopɔn fie yi wɔ Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara yi, ma wɔnni so pɛpɛɛpɛ.

13 Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ no, deɛ Ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

14 Na Yudafoɔ mpanimfoɔ sisii, na ɛyɛɛ yie, Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ no nti. Na wɔsisii na wɔwiee, sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Persiahene Kores ne Dario ne Artasasta mmara no teɛ no.

15 Na wɔwiee efie no bosome Adar da a ɛtɔ so mmiɛnsa so, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu.

16 Na Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne atukɔfoɔ no nkaeɛ de ahosan dii Nyankopɔn fie anobue da no.

17 Na wɔbobɔɔ Nyankopɔn fie anobue no ho afɔdeɛ: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa tiri bɔne ho afɔdeɛ, dummienu; sɛdeɛ Israel mmusuakuo ano teɛ no.

18 Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.

19 Na atukɔfoɔ no dii Twam no, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan so.

20 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ onipa baako, wɔn nyinaa ho firii, na wɔkunkumm Twam adwammaa no maa atukɔfoɔ no nyinaa ne wɔn nuanom asɔfoɔ no ne wɔn ara.

21 Na Israelfoɔ a wɔfiri otukorɔ mu baeɛ no ne wɔn a wɔate wɔn ho afiri asase no so amanaman no afideɛ ho baa wɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam dwan no,

22 na wɔdii apiti dapɔnna nnanson, anigyeɛ mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa wɔn ani gyee, na ɔkomm Asiriahene no akoma baa wɔn so, maa no hyɛɛ wɔn abasam den, Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fie adwuma no mu.

Categories
Esra

Esra 7

Esra kɔ Yerusalem

1 Na nsɛm yi akyiri no, Persiahene Artasasta ahennie mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba Asaria ba Hilkia ba

2 Salum ba, Sadok ba, Ahitub ba,

3 Amaria ba, Asaria ba, Meraiot ba,

4 Seraia ba, Usi ba, Buki ba,

5 Abisua ba, Pinehas ba, Eleasa ba, Aaron ɔsɔfo panin no ba,

6 ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.

7 Na Israelfoɔ mu bi, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa no mu binom ne no foro baa Yerusalem, Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so nson mu.

8 Na ɔbaa Yerusalem bosome a ɛtɔ so nnum no so, ɔhene no afe a ɛtɔ so nson no ara mu.

9 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no so, wɔhyɛɛ sɛ ɔmfiri Babel mforo nkɔ. Na bosome a ɛtɔ so nnum no, da a ɛdi kan no, ɔbaa Yerusalem, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ayamyɛ nsa no wɔ ne so.

10 Na Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Israel.

11 Na nwoma a Ɔhene Artasasta de maa Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsususoɔ nie:

12 Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade.

13 Me na mahyɛ mmara sɛ, m’ahennie mu nnipa biara a ɔfiri Israel man mu, ne n’asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu, a wɔyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.

14 Ɛfiri sɛ wɔasoma wo ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson no anim, sɛ kɔ na kɔhwehwɛ Yuda ne Yerusalem mu sɛdeɛ wo Nyankopɔn mmara a ɛwɔ wo nsam no teɛ.

15 Na fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de akyɛ Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no,

16 ne dwetɛ ne sika a wobɛnya no Babel asase nyinaa soɔ no nyinaa, ne ayamyi adeɛ a ɔman ne asɔfoɔ no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no.

17 Yei nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwie, adwennini, nnwammaa ne wɔn ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔdeɛ, afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no so.

18 Na adeɛ biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika no nkaeɛ no bɛyɛ no, monyɛ no sɛdeɛ mo Nyankopɔn no pɛ.

19 Nso nnoɔma a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fie som no, yi no Yerusalem Nyankopɔn no anim.

20 Na deɛ aka a ɛhia sɛ wohwere no Nyankopɔn fie no ho no, yi firi ɔhene adekora fie ma.

21 Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafoɔ a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ adeɛ a Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ no, bɛbisa mo no nyinaa wɔmmɔ mmɔden nyɛ,

22 ɛnkɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo bɔtɔ ɔha ne nsa galɔn ahanum ne aduonum ne ngo galɔn ahanum ne aduonum ne nkyene a wɔnntumi nkan.

23 Adeɛ biara a ɔsoro Nyankopɔn hyɛ no nyinaa, ma wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fie no, na n’abufuo ansɔre antia ɔhene ne ne mma ahennie no.

24 Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Nyankopɔn fie no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ɔgye wɔn toɔ, amanneɛ anaa akwanneɛ.

25 Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo tirim no teɛ no, hyehyɛ atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ, na wɔnni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa. Na wɔn a wɔnnim nso, momma wɔnhunu.

26 Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara soɔ no, ɛdi okum oo, asutware oo, afideɛ fa oo, anaa duamda oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn.

27 Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene akoma mu, sɛ ɔde rebɛhyehyɛ AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no,

28 na wakom adɔeɛ aba me soɔ wɔ ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ɔhene mmapɔmma atumfoɔ nyinaa anim. Na me nso menyaa ahoɔden, ɛfiri sɛ AWURADE me Nyankopɔn nsa wɔ me so, na meboaa Israel mu atitire ano mehyiaa sɛ wɔne me mforo nkɔ.

Categories
Esra

Esra 8

Esra mfɛfoɔ

1 Na yeinom ne wɔn agyanom atitire ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ, wɔn a wɔne me firi Babel foro kɔeɛ, Ɔhene Artasasta ahennie mu no:

2 Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus.

3 Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; a na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho.

4 Pahat-Moab mma mu: Seraia ba Eliehoenai, na mmarima ahanu ka ne ho.

5 Sekania mma mu: Yahasiel ba, na mmarima ahasa ka ne ho.

6 Adin mma mu: Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho.

7 Elam mma mu: Atalia ba Yesaia, na mmarima aduɔson ka ne ho.

8 Sefatia mma mu: Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho.

9 Yoab mma mu: Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu dunwɔtwe ka ne ho.

10 Selomit mma mu: Yosifia ba, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho.

11 Bebai mma mu: Bebai ba Sakaria, na mmarima aduonu nwɔtwe ka ne ho.

12 Asgad mma mu: Hakatan ba Yohanan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho.

13 Na Adonikam mma a wɔdi akyire no mu, wɔn din nie: Elifelet, Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho.

14 Na Bigwai mma mu: Utai ne Sabud, na mmarima aduɔson ka wɔn ho.

15 Na meboaboaa wɔn ano mehyiaa asuo a ɛsene kɔ Ahawa no ano, na yɛkyeree nsraban hɔ nnansa. Na mehwɛɛ ɔman no ne asɔfoɔ no mu, na manhunu Lewi mma mu bi hɔnom.

16 Ɛnna mesoma maa wɔkɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitire ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ,

17 na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitire Ido, wɔ Kasifia kuro mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kuro mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fie no mmrɛ yɛn.

18 Na yɛn Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ yɛn soɔ nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefoɔ bi a ɔfiri Lewi ba Mahli a ɔyɛ Israel ba mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom nnipa dunwɔtwe,

19 ne Hasabia ne Yesaia a ɔka ne ho a wɔfiri Merari mma mu, ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu,

20 ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifoɔ som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.

Mmuadadie ne ahodwira

21 Ɛnna mepaee mmuadadie wɔ Ahawa asuo no soɔ, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan tenenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nnoɔma nyinaa,

22 na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mɛbisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔmmoa yɛn, yɛn atamfoɔ ho ɔkwan mu, ɛfiri sɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuo wɔ wɔn a wɔgya no nyinaa so.

23 Na yɛdii abuada hwehwɛɛ yei yɛn Nyankopɔn nsam, na ɔtiee yɛn.

24 Ɛnna meyii asɔfoɔ mpanimfoɔ no mu dummienu, Serebia ne Hasabia ne wɔn nuanom mu du a wɔka wɔn ho.

25 Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ne mmapɔmma ne Israel a wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛmaa soɔ no, mede mehyɛɛ wɔn nsa,

26 na mekarii dwetɛ dwetikɛseɛ ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa ne dwetɛ nnwinneɛ dwetikɛseɛ ɔha, sika nso dwetikɛseɛ ɔha,

27 ne sika nkuruwa aduonu a ano si sika nsuruboaa apem ne kɔbere mfrafraeɛ nahanaha a ɛyɛ nnwinneɛ mmienu a ne boɔ yɛ den sɛ sika.

28 Na mesee wɔn sɛ: Mo deɛ, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nnoɔma yi yɛ akronkronneɛ, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamyi adeɛ ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no,

29 monhwɛ nkora nkɔsi sɛ mobɛkarie, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mpanin ne Israel agyanom mmapɔmma a ɛwɔ Yerusalem no anim de ahyɛ AWURADE fie mpia no mu.

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no soaa dwetɛ ne sika ne nnoɔma a wɔkariiɛ no, sɛ wɔde reba Yerusalem de abɛma yɛn Nyankopɔn fie.

31 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dummienu no mu yɛtu firii Ahawa asuo no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ɔyii yɛn firii atamfoɔ ne wɔn a wɔtɛ ɔkwan mu no nsam.

32 Na yɛduruu Yerusalem, na yɛtenaa hɔ nnansa.

33 Na ɛda a ɛtɔ so nnan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie de hyɛɛ Uria ba Ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas ba Eleasa a ɔka ne ho no nsa, na Lewifoɔ, Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho.

34 Wɔde ne nyinaa, ne dodoɔ ne ne duro so hyɛɛ wɔn nsa, na wɔtwerɛɛ ne duro no nyinaa berɛ no mu.

35 Na atukɔfoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de ɔhyeɛ afɔdeɛ yi brɛɛ Israel Nyankopɔn no: Anantwinini dummienu, adwennini aduɔkron nsia, nnwanten mma aduɔson nson, bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.

36 Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofoɔ ne aberempɔnfoɔ a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaa ɔman no ne Nyankopɔn fie no.

Categories
Esra

Esra 9

Afrafra awadeɛ. Esra ahonu mpaebɔ

1 Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,

2 ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na yɛn asefoɔ kronkron no de wɔn ho akɔfrafra nsase no so aman no mu. Na mmapɔmma ne amampanin no na ɛdi mmarato yi mu kan.

3 Na metee asɛm yi no, mesunsuanee m’atadeɛ ne me batakari mu, na metutuu me tirinwi ne me bɔgyesɛ, na mede ahodwirie metenaa ase.

4 Na wɔn a Israel Nyankopɔn nsɛm yɛɛ wɔn ahopopoɔ, atukɔfoɔ no mmarato nti no nyinaa boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me deɛ, mede ahodwirie metenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ.

5 Na anwummerɛ afɔrebɔ mu no, mesɔre firii m’awerɛhoɔ no mu, nso na masunsuane m’atadeɛ ne me batakari mu, na mekotoo me nankoroma anim metrɛɛ me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn

6 sɛ:

Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro.

7 Ɛfiri yɛn agyanom berɛ soɔ no, asodie kɛseɛ mu na yɛwɔ ara de abɛduru nnɛ yi, na yɛn amumuyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ nsase so ahemfo nsa wɔ afena, nnommumfa, ɔfomfa ne animguaseɛ mu, sɛdeɛ ɛte nnɛ yi.

8 Na afei seesei nko ara na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ adom akyerɛ yɛn, ama wɔagya yɛn nkaeɛ a wɔafiri mu afire, nanso wɔama yɛn pɛɛwa wɔ ne kronkronbea, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛte yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu.

9 Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaa yɛn, na mmom wama Persia ahemfo ayɛ yɛn adɔeɛ. Na yɛanya ahoɔden a yɛde si yɛn Nyankopɔn fie, na yɛnkyekyere n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasuo bi wɔ Yuda ne Yerusalem.

10 Na afei, ɛdeɛn na yɛnka, yɛn Nyankopɔn, yei akyi? Sɛ yɛagya wo mmara nsɛm no

11 a wonam wo nkoa adiyifoɔ no soɔ hyɛeɛ sɛ: Asase a morekɔ akɔdi soɔ no yɛ asase a ɛho akum, nsase so aman figuo no mu, wɔ akyiwadeɛ a wɔde ayɛ so ma, firi ano akɔpem ano, wɔn afideɛ mu no nti.

12 Na afei mommfa mo mmammaa mmma wɔn mmammarima, na monnnye wɔn mmammaa mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoeɛ ne wɔn yiedie ara da, deɛ ɛbɛyɛ na mo ho bɛyɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agya mo mma ma wɔadi so akɔsi daa.

13 Na deɛ yɛn nneyɛɛ bɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa akyiri yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woadi yɛn ho adɔna, woamma no annuru yɛn amumuyɛ so, na woama yɛafiri mu sɛdeɛ ɛteɛ yi,

14 yɛnsane mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyiwadeɛ aman yi ho wɔ awadeɛ mu anaa? Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfiri mu anaa?

15 AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔteneneeni ne wo, ɛfiri sɛ wɔagya yɛn nkaeɛ bi a wɔafiri mu sɛdeɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodie mu. Na yei nti obiara biara rentumi nnyina w’anim.

Categories
Esra

Esra 10

Mmaa ananafoɔ pamo

1 Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ.

2 Ɛnna Yehiel ba Sekania a ɔfiri Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn deɛ, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛawareware mmaa ananafoɔ afiri asase no so aman mu, nanso anidasoɔ da so wɔ hɔ ma Israel.

3 Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yɛbɛyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no afiri yɛn mu, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popoɔ no afotuo no nti; na wɔnyɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ.

4 Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn deɛ, yɛdi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ!

5 Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wɔbɛdi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.

6 Na Esra sɔre firii Nyankopɔn fie no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu; na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsuo nso wannom, ɛfiri sɛ ɔdii atukɔfoɔ no mfomsoɔ ho abooboo.

7 Na wɔpae mu kyinii Yuda ne Yerusalem kyerɛɛ atukɔfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmoaboa wɔn ano mmɛhyia wɔ Yerusalem,

8 na obiara a ɔremma nnansa mu, sɛ mmapɔmma ne mpanimfoɔ afotuo no teɛ no, wɔbɛsɛe n’afideɛ nyinaa pasapasa, na ɔno nso wɔbɛtu no afiri atukɔfoɔ badwa no mu.

9 Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano bɛhyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Nyankopɔn fie no anim mpraeɛ no so, na asɛm no ne osu kɛseɛ bi nti wɔn ho popoe.

10 Na Ɔsɔfoɔ Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo deɛ, moafom, sɛ moawareware mmaa ananafoɔ, na mode ama Israel asodie no adɔɔso.

11 Na afei mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ deɛ ɔpɛ no, na monte mo ho mfiri asase so aman ne mmaa ananafoɔ no ho.

12 Ɛnna badwa no nyinaa de nne kɛseɛ gyee so kaa sɛ: Ɛte saa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛdeɛ woaka no.

13 Nso ɔman no dɔɔso, na osutɔ berɛ yi nso yɛrentumi nnyina abɔntene so, na adwuma no nso nyɛ da koro anaa nnannu adwuma; na yɛama yɛn mmarato adɔɔso asɛm yi mu.

14 Enti ma yɛnyi yɛn mmapɔmma mma badwa no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkuro mu a wɔawareware mmaa ananafoɔ nyinaa mmra berɛ a wɔahyehyɛ mu, na kuro biara mu mpanimfoɔ ne emu atemmufoɔ nka wɔn ho nkɔsi sɛ wɔbɛsianka yɛn Nyankopɔn abufuo a adɔ asɛm yi ho no afiri yɛn soɔ.

15 Nso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yahasia sɔre tiaa yei ho, na Mesulam ne Sabetai, Lewini no boaa wɔn.

16 Na atukɔfoɔ no yɛɛ saa. Na Ɔsɔfoɔ Esra yiyii mmarima a wɔyɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie soɔ, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no mu, sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu.

17 Na wɔne mmarima a wɔawareware mmaa ananafoɔ no nyinaa wiee asɛm no ka bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no mu.

18 Na wɔhunuu asɔfoɔ mma mu wɔn a wɔawareware mmaa ananafoɔ: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia.

19 Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛgyae wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodie no ho afɔdeɛ;

20 ne Imer mma mu: Hanani ne Sebadia;

21 ne Harim mma mu: Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia;

22 ne Pasur mma mu: Eliehoenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.

23 Na Lewifoɔ mu: Yosabad ne Simei ne Kelaia (a ɔne Kelita), Petahia, Yuda ne Eliesa;

24 ne nnwontofoɔ ne: Eliasib; ne apono ano ahwɛfoɔ mu: Salum ne Telem ne Uri.

25 Na Israel mu: Paros mma mu: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia;

26 ne Elam mma mu: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia;

27 ne Satu mma mu: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa;

28 ne Bebai mma mu: Yehohanan, Hanania, Sabai, ne Atlai;

29 ne Bani mma mu; Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot;

30 ne Pahat-Moab mma mu: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, Manase;

31 ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkia, Semaia, Simeon,

32 Benyamin, Maluk, Semaria.

33 Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei.

34 Bani mma mu: Maadai, Amram, Uel,

35 Benaia, Bedeia, Keluhi,

36 Wania, Meremot, Eliasib,

37 Matania, Matenai, Yaasu,

38 Bani, Binui, Simei,

39 Selemia, Natan, Adaia,

40 Maknadebai, Sasai, Sarai,

41 Asarel, Selemia, Semaria,

42 Salum, Amaria, Yosef.

43 Nebo mma mu: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel, Benaia.

44 Na yeinom nyinaa awareware mmaa ananafoɔ, na wɔgyaagyaee wɔn maa wɔne wɔn mma kɔeɛ.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 1

Salomo bisa AWURADE hɔ nyansa

1 Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no so kɛseɛ pa ara.

2 Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa.

3 Na Salomo ne badwa a wɔka ne ho no nyinaa sii mu kɔɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no. Ɛhɔ na na Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan a AWURADE akoa Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no wɔ.

4 (Nanso Nyankopɔn adaka no deɛ, Dawid kɔfa firii Kiriat-yearim de baa deɛ Dawid siesie maa no no, na wasi ntomadan ama no wɔ Yerusalem.)

5 Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur ba Uri ba Besalel yɛeɛ no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Salomo ne badwa no kɔhwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.

6 Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim ahyiaeɛ ntomadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ apem.

Nyankopɔn ahoyie

7 Anadwo no ara na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Srɛ deɛ memma woɔ.

8 Ɛnna Salomo ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Wo na woyɛɛ m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu.

9 Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfuturo soɔ.

10 Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?

11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’akoma mu, na woammisa ahonya, akoradeɛ ne animuonyam ne w’atamfo nkwa, na nna dodoɔ nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bɛbu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi,

12 nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo na ahonya ne akoradeɛ ne animuonyam nso, mɛma wo, a ahemfo a wɔdii w’anim no nnyaa saa da, na w’akyi nso wɔrennya saa.

Salomo tumi ne n’ahonya

13 Ɛnna Salomo firi sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no ne ahyiaeɛ ntomadan no anim baa Yerusalem, na ɔdii Israel so hene.

14 Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.

15 Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛɛ sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso ɔmaa ne dodoɔ yɛɛ sɛ akyee a ɛwowɔ mpaperɛ soɔ.

16 Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kue. Kue na na ɔhene adwadifoɔ no tɔ wɔn tua ka.

17 Na wɔde teaseɛnam a ne boɔ yɛ dwetɛ nnwetɛbena ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne boɔ yɛ ɔha aduonum firi Misraim ba. Na saa na na wɔkra bi ma Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 2

Asɔrefie no sie ho ahoboaboa

1 Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie.

2 Na Salomo kann nnesoafoɔ mpemaduɔson ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfoɔ mpensa ahansia.

3 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no tweneduro nnua, na ɔde sii ne fie tenaa mu no,

4 hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.

5 Na efie a merebɛsie no so, ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn no so sene anyame nyinaa.

6 Na hwan mpo na ɔbɛtumi asi efie ama no? Na ɔsoro ne ɔsoro mu soro rentumi nkora no, na hwan ne me, sɛ mɛsi efie mama no, gye aduhwam a wɔhye no n’anim?

7 Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.

8 Nanso brɛ me ntweneduro ne pepeaa ne abako nnua firi Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.

9 Na wɔnsiesie nnua pii pa mma me, na efie a merebɛsie no so na ɛyɛ nwanwa.

10 Na hwɛ wo nkoa nnuapaefoɔ no mɛma wɔn ayuo susukoraa mpemaduonu ne atokoɔ susukoraa mpemaduonu ne nsa galɔn ɔpeha du ne ngo galɔn ɔpeha du.

11 Ɛnna Tirohene Huram twerɛɛ nwoma brɛɛ Salomo sɛ: Ɔdɔ a AWURADE dɔ ne man nti na ɔde wo asi wɔn so hene.

12 Na Huram kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no, sɛ wama Ɔhene Dawid ɔba nyansafoɔ a ɔnim de ne nhunumu a ɔbɛsi efie ama AWURADE, ne n’ahemfie.

13 Na afei masoma ɔbarima nyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu a ɔne Huram-Abi.

14 Ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan mmammaa mu ba, na n’agya yɛ Tironi. Ɔnim sika ne dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, aboɔ ne nnua, ntoma a ɛbere dum, bibire ne nwera ne koogyan mu adwinni, na ɔnim nsema ahodoɔ nyinaa nso, na ɔbɛtumi adi adwini biara a wɔbɛhwehwɛ no ne hɔ, sɛ ɔmmɛka w’anyansadwumfoɔ ne me wura Dawid w’agya no, anyansadwumfoɔ ho.

15 Na afei, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne nsa a me wura kaeɛ no, ɔmfa mmrɛ ne nkoa no.

16 Na yɛn deɛ, yɛbɛbu nnua afiri Lebanon sɛdeɛ ɛhia woɔ nyinaa, na yɛde ayɛ mpuna de abrɛ wo, Yopa po so, na wo nso wode aforo akɔ Yerusalem.

Wɔfiri Asɔrefie no sie ase

17 Na Salomo kanee mmarima ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no, ɔkan a n’agya kanee wɔn no akyi, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ mpemha aduonum mmiɛnsa ne ahansia.

18 Na ɔyɛɛ wɔn mu mpemaduɔson nnesoafoɔ ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne ahwɛfoɔ mpensa ahansia, sɛ wɔmma nkurɔfoɔ no nyɛ adwuma.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 3

Asɔrefie sie no mfitiaseɛ

1 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

2 Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu.

3 Na yei ne fapem a Salomo too sɛ ɔde resi AWURADE dan no: Ne ntwemu yɛ akane nsusuiɛ no mu basafa aduasa, na ne trɛ nso basafa du.

4 Na ntwonoowa a ɛwɔ ɛdan no trɛ anim no, ne ntwemu yɛ basafa du, na ne korɔn, basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam.

5 Na ɛdan kɛseɛ no, ɔde pepeaa nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na ɔdii so adwini, mmɛ ne ntweaban.

6 Na ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den duraa ɛdan no ho sɛ ahyehyɛdeɛ. Na sika no yɛ Parwaim sika.

7 Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho.

8 Na ɔyɛɛ kronkronkronbea dan no, ne ntwemu sɛdeɛ ɛdan no trɛ teɛ yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa du, na ɔde sika pa a ano si talente ahansia kataa ho.

9 Na deɛ wɔkari de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbena aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho.

10 Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde dua senee kerubim mmienu, na ɔde sika duraa ho.

11 Na kerubim no ntaban ntwemu yɛ basafa du, baako ataban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo, ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa na ɛka kerub baako no ataban.

12 Na kerub baako no nso ataban yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo no, na ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛpem kerub baako no ataban no.

13 Kerubim yi ntaban a wɔatrɛ mu no yɛ basafa du, na wɔgyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim hwɛ ɛdan no.

14 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera yɛɛ ntwamutam, na ɔyeyɛɛ mu kerubim.

Kɔbere mfrafraeɛ Adum mmienu no

15 Na ɔyɛɛ ɛdan no anim adum mmienu, n’atentene, basafa dunson ne fa, na aduntire a ɛwɔ atifi no basafa mmienu ne fa.

16 Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyire mu, na ɔde sensɛnee adum no atifi, na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ, ɔha, hyehyɛɛ ntweaban no mu.

17 Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no anim, baako wɔ nifa, na baako wɔ benkum. Na ɔtoo nifa fam deɛ no din: Yakin, na benkum fam deɛ no, ɔtoo no din: Boas.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 4

Asɔrefie ho nnoɔma no yɛ

1 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, ne ntwemu, basafa du, na ne trɛ, basafa du, na ne korɔn, basafa nnum.

2 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no kurukuruwa. Ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa nnum. Na basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum homa twa ho hyia.

3 Na ntoa nsɛsoɔ wowɔ aseɛ de twa ɛho nyinaa hyia, edu wɔ anammɔn baako ne fa mu, ɛbɔ no ho kɔntɔnkrɔn; ntoa akyerɛpɛn mmienu, wɔguu no sɛdeɛ aka no.

4 Ɛsi anantwie dummienu so, mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ. Na ɛpo no si wɔn so ɔsoro, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam.

5 Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ, na ɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane, na galɔn mpem dunum kɔ mu.

6 Na ɔyɛɛ nnwaresɛn du, na ɔde nnum sisii nifa fam, na ɔde nnum nso sisii atifi fam, sɛ wɔnhohoro nnoɔma ho wɔ mu; ɔhyeɛ afɔdeɛ nnoɔma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no deɛ, ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu.

7 Na ɔyɛɛ sika nkaneadua du sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, na ɔde sisii asɔredan no mu, enum wɔ anafoɔ fam, na enum nso wɔ atifi fam.

8 Na ɔyɛɛ apono du de sisii asɔredan no mu, enum wɔ nifa, na enum wɔ benkum. Na ɔyɛɛ sika nkoraa ɔha.

9 Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho.

10 Na ɔde ɛpo no sii atɔeɛ fa a ɛkyerɛ apueeɛ no.

11 Na Huram yɛɛ nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no nso. Na Huram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo Nyankopɔn fie no yɛ,

12 adum mmienu no ne apɔ no ne adum no atifi aduntire mmienu no, ne ntentan mmienu a wɔde kataa adum no atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no,

13 ne ntentan mmienu no akutuo ahanan, akutuo kyerɛpɛn mmienu yɛ ntentan baako deɛ, sɛ ɛnkata adum no so ntaasotire mmienu apɔ no ho;

14 na ɔyɛɛ nsugyeɛ nnaka no, na ɔyɛɛ nnyinasoɔ nnaka no so nnwaresɛn no;

15 ɛpo baako ne aseɛ anantwie dummienu no,

16 ne nsenaa ne sesa adeɛ ne adinam no ne ɛho nnoɔma nyinaa, Huram-Abi yɛ maa Ɔhene Salomo maa AWURADE fie no, ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho hyɛnhyɛn.

17 Yordan ho mpaperɛ so na ɔhene guu no, dɔteɛ a ɛsɔ mu, Sukot ne Sereda ntam.

18 Na Salomo yɛɛ nnoɔma yi nyinaa bebree pa ara, na wɔnnim kɔbere mfrafraeɛ no nkariiɛ ano.

19 Na Salomo yɛɛ Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa ne sika afɔrebukyia no ne apono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no

20 ne nkaneadua no ne ɛho nkanea a wɔsɔ no, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ mpiakyire no anim no, ɛyɛ sika amapa,

21 na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika, ne nyinaa yɛ sika ara nko.

22 Na adumgya, nkoraa, aduhwam nkukuwa ne nsramma kukuwa no nso yɛ sika amapa kronkron, na ɛdan no ano apono a ɛwɔ emu fam kronkronkronbea ho no ne asɔrefie dan no apono no yɛ sika.

Categories
2 Berɛsosɛm

2 Berɛsosɛm 5

Asɔrefie no dwira

1 Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu.

Wɔde Apam Adaka no ba Asɔrefie hɔ

2 Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire ne Israelfoɔ mu agyanom mmapɔmma no ano bɛhyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro a ɛne Sion no mu aba.

3 Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano baa ɔhene nkyɛn afahyɛ a ɛwɔ nnapɔnna a ɛne bosome a ɛtɔ so nson no mu.

4 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae. Na Lewifoɔ no bɛsoaa adaka no.

5 Na wɔfaa adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne akronkronneɛ a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa bae; Lewifoɔ asɔfoɔ no na wɔde foro baeɛ.

6 Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔbɛhyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔantumi ankan na wɔammu ano, bobɔɔ afɔdeɛ.

7 Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no baa mu, de bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.

8 Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kata adaka no ne ɛho mpoma no so ɔsoro.

9 Na mpoma no woware ma wɔhunu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyire no anim, na wɔnhunu wɔ adihɔ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi.

10 Biribiara nni adaka no mu gye aboɔpono mmienu a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no.

AWURADE Animuonyam no

11 Na ɛbaa sɛ, asɔfoɔ no firi kronkronbea hɔ firii adie no, (na asɔfoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyɛmu no akyi,

12 na Lewifoɔ nnwontofoɔ no a wɔhyɛ Asaf Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom aseɛ no nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ, kurakura nnawuro ne mmɛnta ne nsankutene gyinagyina afɔrebukyia no apueeɛ fam, na asɔfoɔ ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛne ntotorobɛnto.

13 Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ,

“ɔyɛ na

n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no,

ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,

14 na mununkum no nti asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ayɛ ɛdan no ma.