Categories
Nehemia

Nehemia 9

Ɔman no ahonu

1 Na bosome yida a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.

2 Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no.

3 Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkann AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nwoma no mu adekyeeɛ mu nkyɛmu nnan mu baako, na nkyɛmu nnan mu baako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotoo AWURADE wɔn Nyankopɔn.

4 Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

5 Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

6 Na Esra kaa sɛ:Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ.

7 Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na woyii no firii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.

8 Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.

9 Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.

10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

12 Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.

13 Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.

14 Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara.

15 Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

17 Na wɔampɛ sɛ wɔtie, na wɔankae w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔsii wɔn so panin sɛ wɔresane akɔ Misraim wɔn anyadie no mu, wɔn atuateɛ no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, woyɛ abufuo mu nyaa, na w’adɔeɛ dɔɔso, na woannya wɔn.

18 Mpo wɔyɛɛ nantwie ba a wɔaguo kaa sɛ: Yei ne wo nyame a ɔkɔyii wo firii Misraim baeɛ no. Na wɔyɛɛ akyiwadeɛ kɛseɛ no,

19 wo deɛ, wo mmɔborɔhunu bebree nti woannya wɔn ɛserɛ no so, mununkum dum no amfiri wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛre ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa soɔ.

20 Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.

21 Na wohwɛɛ wɔn mfirinhyia aduanan ɛserɛ no so: Anhia wɔn, wɔn ntadeɛ ansunsuane, na wɔn nan anhonhon.

22 Na wode ahennie ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase, ne Basanhene Og asase no.

23 Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba abɛdi soɔ no so.

24 Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.

25 Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu.

26 Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.

27 Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.

28 Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu.

29 Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.

30 Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.

31 Nanso wo mmɔborɔhunu bebree nti, woanwie wɔn ase hye, na woannyae wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn domfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne wo.

32 Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.

33 Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.

34 Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no.

35 Nanso wɔn ahennie mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ sradeɛ a wode maa wɔn no, wɔansom wo, na wɔansane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no mu.

36 Hwɛ, nnɛ yɛyɛ nkoa, na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wɔnni so aba ne ɛso nnepa no, hwɛ, yɛyɛ ɛso nkoa.

37 Na ɛma nnɔbaeɛ pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn soɔ, yɛn bɔne mu no, na wɔdi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛseɛ mu.

38 Na yei nyinaa nti, yɛrepam nokorɛ apam, na yɛretwerɛ, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifoɔ ne yɛn asɔfoɔ asɔ ano.

Categories
Nehemia

Nehemia 10

Wɔti Nyankopɔn apam mu

1 Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,

2 Seraia, Asaria, Yeremia,

3 Pasur, Amaria, Malkia,

4 Hatus, Sebania, Maluk,

5 Harim, Meremot, Obadia,

6 Daniel, Gineton, Baruk,

7 Mesulam, Abia, Miyamin,

8 Maasia, Bilgai, Semaia; yeinom ne asɔfoɔ no;

9 ne Lewifoɔ: Asania ba Yesua, Binui a ɔfiri Henadad mma mu, Kadmiel,

10 ne wɔn nuanom: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

11 Mika, Rehob, Hasabia,

12 Sakur, Serebia, Sebania,

13 Hodia, Bani, Beninu;

14 ɔman no atitire: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,

15 Buni, Asgad, Bebai,

16 Adoniya, Bigwai, Adin,

17 Ater, Hesekia, Asur,

18 Hodia, Hasum, Besai,

19 Harif, Anatot, Nebai,

20 Magpias, Mesulam, Hesir,

21 Mesesabel, Sadok, Yadua,

22 Pelatia, Hanan, Anaia,

23 Hosea, Hanania, Hasub,

24 Halohes, Pilha, Sobek,

25 Rehum, Hasabna, Maaseia,

26 Ahia, Hanan, Anan,

27 Maluk, Harim, Baana.

28 Na ɔman no nkaeɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii nsase no so aman ho baa Nyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, animdefoɔ ne nhunumufoɔ nyinaa,

29 wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa;

30 ne sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mma asase no sofoɔ, nanso yɛremfa wɔn mmammaa mma yɛn mmammarima.

31 Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no homeda a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.

32 Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;

33 ama kyerɛ paanoo ne daa aduane afɔdeɛ ne daa hyeɛ afɔdeɛ, home nna deɛ, bosome foforɔ deɛ, ama afahyɛ ne akronkronneɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.

34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.

35 Na yɛhyɛɛ sɛ yɛde yɛn asase so aduanekan ne nnua nyinaa aba a ɛdi kan bɛba AWURADE fie daa afe,

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,

37 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfoɔ no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fie mpia no mu, na yɛde yɛn asase so ntotosoɔ du du bɛma Lewifoɔ no, na Lewifoɔ no anya ntotosoɔ du du, nkuraaseɛ nyinaa mu.

38 Na ɔsɔfoɔ, Aaron ba, nka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regye ntotosoɔ du du no, na Lewifoɔ no mfa ntotosoɔ du du no mu deɛ ɛtɔ so du no mmra yɛn Nyankopɔn fie, na wɔmfa ngu adekoradan mpia no mu.

39 Na Israelfoɔ ne Lewifoɔ no nyinaa mfa aduane ne nsa ne ngo mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinneɛ ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ; na yɛrennya yɛn Nyankopɔn fie no.

Categories
Nehemia

Nehemia 11

Nkuro mufoɔ ne nkuraasefoɔ

1 Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.

2 Na ɔman no hyiraa mmarima a wɔyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

4 Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu.

5 Ne Baruk ba Maaseia, Kol-hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba.

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho.

7 Na Benyamin mma nie: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba;

8 na n’akyiri no: Gabai, Salai: Ahankron aduonu nwɔtwe.

9 Na Sikri ba Yoel ne wɔn so hwɛfoɔ; na Senua ba Yuda di kuro no fa a ɛtɔ so mmienu no so.

10 Asɔfoɔ mu: Yoiarib ba Yedaia, Yakin;

11 Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub ba a ɔyɛ Nyankopɔn fie panin;

12 ne wɔn nuanom a wɔyɛ efie no mu adwuma no, ahanwɔtwe aduonu mmienu; ne Yeroham ba Adaia, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur ba, Malkia ba,

13 ne ne nuanom, agyanom so atitire, ahanu aduanan mmienu. Ne Asarel ba Amasai, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba,

14 ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho: Ɔha aduonu nwɔtwe; na wɔn so hwɛfoɔ ne Hagedolim ba Sabdiel.

15 Lewifoɔ mu nso: Hasub ba Semaia, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba

16 ne Sabetai ne Yosabad, wɔdi Nyankopɔn fie anihumafoɔ so, wɔfiri Lewifoɔ atitire no mu;

17 ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitire a ɔfiri aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a ɔdi hɔ ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba.

18 Lewifoɔ a wɔwɔ kuro kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe nnan.

19 Na apono ano ahwɛfoɔ no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apono ano no: Ɔha aduɔson mmienu.

20 Na Israel nkaeɛ no, asɔfoɔ no, Lewifoɔ no wɔ Yuda nkuro mu tete wɔn agyapadeɛ so.

21 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel. Na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so.

22 Na Lewifoɔ a na wɔte Yerusalem no so hwɛfoɔ ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba, Asaf mma no mu nnwontofoɔ wɔ hɔ ma Nyankopɔn fie adwuma no.

23 Na ɔhene mmara nsɛm wɔ wɔn ho, na wɔahyɛ kyɛfa bi ama nnwontofoɔ no, da biara ne ne deɛ.

24 Na Mesesabel ba Petahia a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho asɛm nyinaa mu.

Nkuraa a ɛwɔ Yerusalem akyi

25 Na wɔn adɔsase so nkuraa no deɛ, Yudafoɔ no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu,

26 ne Yesua ne Molada ne Bet-pelet,

27 ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu,

28 ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu,

29 ne En-rimon, ne Sora, ne Yarmut,

30 Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfofowa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenaa firi Beer-seba kɔsii Hinom bonhwa mu.

31 Na Benyamin mma a wɔfiri Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,

32 Anatot, Nob, Anania,

33 Hasor, Rama, Gitaim,

34 Hadid, Seboim, Nebalat,

35 Lod ne Ono, adwumfoɔ tenaa bonhwa mu.

36 Na Lewifoɔ no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda deɛ no bi fraa Benyamin mu.

Categories
Nehemia

Nehemia 12

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ din

1 Na yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro baeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra,

2 Amaria, Maluk, Hatus,

3 Sekania, Rehum, Meremot,

4 Ido, Ginetoi, Abia,

5 Miamin, Maadia, Bilga,

6 Semaia, Yoiarib, Yedaia,

7 Salu, Amok, Hilkia, Yedaia. Yeinom ne asɔfoɔ no ne wɔn nuanom atitire, Yesua berɛ so.

8 Na Lewifoɔ no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a ɔdi aseda nnwom no soɔ, ɔne ne nuanom,

9 na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentensoɔ, ɔwɛn no mu.

10 Na Yesua woo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,

11 na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.

12 Na Yoiakim berɛ so no, na asɔfoɔ no agyanom atitire nie: Seraia fam, Meraia; Yeremia deɛ: Hanania;

13 Esra deɛ: Mesulam; Amaria deɛ: Yehohanan;

14 Maluki deɛ: Yonatan; Sebania deɛ: Yosef;

15 Harim deɛ: Adna; Meraiot deɛ: Helkai;

16 Ido deɛ: Sakaria; Gineton deɛ: Mesulam;

17 Abia deɛ: Sikri; Miniamin deɛ, Moadia deɛ: Piltai;

18 Bilga deɛ: Samua; Semaia deɛ: Yehonatan;

19 Yoiarib deɛ: Matenai; Yedaia deɛ: Usi;

20 Salai deɛ: Kalai; Amok deɛ: Eber;

21 Hilkia deɛ: Hasabia: Yedaia deɛ: Natanel.

22 Lewifoɔ no: Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua berɛ so na wɔtwerɛɛ agyanom atitire no, asɔfoɔ no nso, wɔtwerɛɛ wɔn deɛ Persiani Dario ahennie so.

23 Lewi mma, agyanom atitire no, wɔatwerɛ no berɛsosɛm nwoma no mu de abɛsi Eliasib ba Yohanan berɛ so.

24 Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo:

25 Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon, Akub a wɔwɛn apono ano ahwɛfoɔ wɛn, apono anoboadan no mu.

26 Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.

Ɔfasuo no dwira

27 Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.

28 Na nnwontofoɔ mma no boaa wɔn ho ano hyiae firi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafoɔ nkuraase,

29 ne Bet-gilgal ne Geba mfofowa so ne Asmawet, ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia.

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no.

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

32 na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe

33 ne Asaria, Esra ne Mesulam,

34 Yuda ne Benyamin ne Semaia ne Yeremia,

35 ne asɔfoɔ mma no mu binom a wɔkurakura ntotorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,

36 ne ne nuanom, Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Natanel ne Yuda, Hanani, wɔkurakura Nyankopɔn nipa Dawid nsankuo no, na Ɔtwerɛfoɔ Esra di wɔn anim.

37 Na nsuo Aniwa Pono no so ne wɔn ntentensoɔ no wɔforoo Dawid kuro aforoeɛ no, ɔfasuo no aforoeɛ no so, Dawid fie no atifi de kɔsii Nsuo Pono no ano apueeɛ.

38 Na aseda asafokuo a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ wɔn ntentensoɔ, na me nso medii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasuo no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no so,

39 de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.

40 Ɛnna aseda asafokuo mmienu no kɔgyinaa Nyankopɔn fie, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,

41 ne asɔfoɔ no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto;

42 ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ.

43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Asɔrefie akyɛdeɛ so ahwɛfoɔ

44 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

45 Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso, sɛdeɛ Dawid ne ne ba Salomo hyɛeɛ no.

46 Na tete no, Dawid berɛ so no, na Asaf ne nnwontofoɔ ne Nyankopɔn ayeyie ne aseda so otitire.

47 Na Serubabel ne Nehemia berɛ so no, Israel nyinaa memaa nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no kyɛfa, da biara ne ne deɛ, na wɔde akronkronneɛ maa Lewifoɔ, na Lewifoɔ no nso de akronkronneɛ maa Aaron mma.

Categories
Nehemia

Nehemia 13

Wɔyi ananafoɔ firi Israel

1 Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

3 Na ɛbaa sɛ wɔtee mmara no, wɔyiyii amamfrafoɔ nyinaa firii Israel.

Nehemia ntotoɔ adwuma

4 Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

6 Na yei nyinaa mu no na menni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyiri no, mebisaa ɔhene hɔ kwan,

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

8 Na me bo fuu kɛse, na meyiyii Tobia fie nnoɔma no nyinaa firii pia no mu gui,

9 na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.

10 Na mehunuu sɛ Lewifoɔ kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, enti wɔadwanedwane kɔ wɔn mfuo mu, Lewifoɔ ne nnwontofoɔ a wɔyɛ adwuma no.

11 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

14 Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.

Wɔfirii homeda ntotoeɛ ase

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ homeda, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

16 Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ.

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi?

18 Ɛnyɛ saa na mo agyanom yɛeɛ, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kuro yi soɔ no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuo no ho, sɛ morekum home da ho yi.

19 Na ansa na homeda reduro no, esum refiri aseɛ aduru Yerusalem apono mu no, mehyɛɛ sɛ wɔntoto apono no mu, na mekaa sɛ wɔnnhini gye sɛ homeda no atwam ansa; na meyii m’asomfoɔ no mu binom gyinagyinaa apono no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

20 Na adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ ahodoɔ no tɔnfoɔ no soɛsoɛɛ Yerusalem apono no akyi prɛko ne mprenu.

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.

22 Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ.

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

24 Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa, na Yuda kasa deɛ, wɔntumi nka, na aman no mu bi deɛ na wɔka.

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

26 Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.

27 Na mo deɛ, yɛntie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmaa ananafoɔ?

28 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.

29 Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔagu asɔfodie ho ne asɔfodie ho mmara, ne asɔfodie ne Lewifoɔ apam no ho fi.

30 Na medwiraa wɔn ho firii amanaman nnoɔma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no asɛdeɛ, sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.

31 Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.

Categories
Esra

Esra 1

Kores gya Israel kwan

1 Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyanee Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:

2 Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.

3 Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsane nkɔsi AWURADE Israel Nyankopɔn fie no: Ɔno ne Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem.

4 Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.

5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no.

6 Na wɔn a na wɔtete wɔn ho hyia nyinaa de dwetɛ nnwinneɛ, sika ne afideɛ ne mmoa aboɔdenneɛ hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamyi adeɛ no nyinaa.

7 Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no,

8 ɛnonom na Persiahene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar.

9 Na ne dodoɔ nie: Sika nyowa aduasa, dwetɛ nyowa apem, aduhwam nkukuwa aduonu nkron,

10 sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a ɛdi hɔ ahanan ne du, nnwinneɛ a ɛkeka ho apem.

11 Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.

Categories
Esra

Esra 2

Wɔn a wɔsane baeɛ no dodoɔ

1 Na yeinom ne asase no sofoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔɔ Babel nkoayɛ mu no sane baeɛ na wɔsane kɔtenaa Yerusalem ne Yuda nkuro mu.

2 Wɔne Serubabel na ɛbaeɛ. Wɔn ne: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana.

Israel man mu mmarima dodoɔ nie:

3 Paros mma: Mpennu ɔha aduɔson mmienu.

4 Sefatia mma: Ahasa aduɔson mmienu.

5 Arah mma: Ahanson aduɔson nnum.

6 Pahat-Moab mma: Yesua ne Yoab mma deɛ: Mpennu ahanwɔtwe ne dummienu.

7 Elam mma: Apem ahanu aduonum nnan.

8 Satu mma: Ahankron aduanan nnum.

9 Sakai mma: Ahanson aduosia.

10 Bani mma: Ahansia aduanan mmienu.

11 Bebai mma: Ahansia aduonu mmiɛnsa.

12 Asgad mma: Apem ahanu aduonu mmienu.

13 Adonikam mma: Ahansia aduosia nsia.

14 Bigwai mma: Mpennu aduonum nsia.

15 Adin mma: Ahanan aduonum nnan.

16 Ater mma: Hesekia deɛ, aduɔkron nwɔtwe.

17 Besai mma: Ahasa aduonu mmiɛnsa.

18 Yora mma: Ɔha ne dummienu.

19 Hasum mma: Ahanu aduonu mmiɛnsa.

20 Gibar mma: Aduɔkron nnum.

21 Betlehem mma: Ɔha aduonu mmiɛnsa.

22 Netofa mmarima: Aduonum nsia.

23 Anatot mmarima: Ɔha aduonu nwɔtwe.

24 Asmawet mma: Aduanan mmienu.

25 Kiriat-arim, Kefira ne Beerot mma: Ahanson aduanan mmiɛnsa.

26 Rama ne Geba mma: Ahansia aduonu baako.

27 Mikmas mmarima: Ɔha aduonu mmienu.

28 Betel ne Ai mmarima: Ahanu aduonu mmiɛnsa.

29 Nebo mma: Aduonum mmienu.

30 Magbis mma: Ɔha aduonum nsia.

31 Elam foforɔ bi mma: Apem ahanu aduonum nnan.

32 Harim mma: Ahasa aduonu.

33 Lod, Hadid ne Ono mma: Ahanson aduonu nnum.

34 Yeriko mma: Ahasa aduanan nnum.

35 Senaa mma: Mpensa ahansia aduasa.

36 Asɔfoɔ no: Yedaia mma: Yesua fie deɛ: Ahankron aduɔson mmiɛnsa.

37 Imer mma: Apem aduonum mmienu.

38 Pasur mma: Apem ahanu aduanan nson.

39 Harim mma: Apem ne dunson.

40 Lewifoɔ: Yesua ne Kadmiel mma: Hodawia mma deɛ: Aduɔson nnan.

41 Nnwontofoɔ: Asaf mma: Ɔha aduonu nwɔtwe.

42 Apono ano ahwɛfoɔ no mma: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Wɔn nyinaa yɛ ɔha aduasa nkron.

43 Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,

44 Keros mma, Siaha mma, Padon mma,

45 Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma,

46 Hagab mma, Samlai mma, Hanan mma,

47 Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma,

48 Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma,

49 Usa mma, Pasea mma, Besai mma,

50 Asna mma, Meunifoɔ mma, Nefisifoɔ mma,

51 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma,

52 Baslut mma, Mehida mma, Harsa mma,

53 Barkos mma, Sisera mma, Tama mma,

54 Nesia mma, Hatifa mma.

55 Salomo nkoa mma: Sotai mma, Hasoferet mma, Peruda mma,

56 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma,

57 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-hasebaim mma, Ami mma.

58 Nsɔfokwaa nyinaa ne Salomo nkoa mma: Ahasa aduɔkron mmienu.

59 Na yeinom ne wɔn a wɔfiri Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adan ne Imer foro baeɛ, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanimfie ne wɔn ase, sɛ wɔfiri Israel mu anaa.

60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduonum mmienu.

61 Na asɔfoɔ mma mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mma mu baako na wɔde wɔn din too no mma):

62 Yeinom hwehwɛɛ wɔn din wɔ mmusua ntwerɛeɛ mu, na wɔanhunu, na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu.

63 Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.

64 Badwa mu no nyinaa ano si mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia,

65 ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso yɛ mpemnson ahasa aduasa nson. Na wɔwɔ nnwontofoɔ mmarima ne mmaa ahanu.

66 Wɔn apɔnkɔ yɛ ahanson aduasa nsia, wɔn mfunumupɔnkɔ, ahanu aduanan nnum,

67 wɔn yoma: Ahanan aduasa nnum; mfunumu, mpemnsia ahanson aduonu.

68 Na agyanom atitire no mu binom baa AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no, wɔbɛkyekyɛɛ Nyankopɔn fie no ho ayamyi adeɛ, sɛ wɔmfa mma so nsi ne sibea.

69 Deɛ wɔbɛtumi na wɔde guu adwuma no ho akoradeɛ mu, sika nsuruboaa mpem aduosia baako ne dwetɛ mmɛnaa mpemnum ne asɔfoɔ ntadeɛ ɔha.

70 Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne ɔman no mu binom ne nnwontofoɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ no ne nsɔfokwaa no bɛtenatenaa wɔn nkuro mu, na Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.

Categories
Esra

Esra 3

Wɔhyɛ ɔsom ase bio

1 Na bosome a ɛtɔ so nson duruiɛ no, na Israelfoɔ no tete nkuro no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ano yɛɛ sɛ nipa baako baa Yerusalem.

2 Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no.

3 Na wɔde afɔrebukyia no sii ne nnyinasoɔ so, ɛfiri sɛ nsase so aman ho hu kaa wɔn; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE: Anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ deɛ.

4 Na wɔdii asese nnapɔnna no sɛdeɛ wɔatwerɛ no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔdeɛ ne dodoɔ mu, sɛdeɛ mmara teɛ no, sɛdeɛ ɛhia da biara.

5 Na ɛno akyiri no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne abosome foforɔ deɛ, ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa deɛ no ne wɔn a wɔde ayamyi adeɛ brɛɛ AWURADE no nyinaa deɛ nso.

6 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no na wɔfirii AWURADE hyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ. Na AWURADE asɔredan no deɛ, na wɔnnya ntoo ne fapem.

7 Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.

Asɔrefie no asehyɛ

8 Na wɔbaa AWURADE fie ho wɔ Yerusalem afe a ɛtɔ so mmienu mu bosome a ɛtɔ so mmienu soɔ no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkaeɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa firii aseɛ, na wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no so.

9 Na Yesua ne ne mma ne ne nuanom, Kadmiel ne ne mma, Hodawia mma, gyinaa sɛ onipa koro sɛ wɔrehwɛ Nyankopɔn fie adwumayɛfoɔ no so: Henadad mma ne wɔn mma ne wɔn nuanom, Lewifoɔ nso ka wɔn ho.

10 Na abantofoɔ no too AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ kurakura ntotorobɛnto, ne Lewifoɔ, Asaf mma no, wɔkurakura nnawuro gyinagyina hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛdeɛ Israelhene Dawid hyehyɛeɛ no.

11 Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.

12 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom atitire no mu pii a wɔanyini, a wɔhunuu akane fie no, wɔtoo fapem no wɔ wɔn anim no, wɔde nne kɛseɛ sui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so osebɔ ne anigyeɛ mu,

13 na ɔman no anhunu anigyeɛ sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonsonoeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no bɔɔ ose kɛseɛ maa wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri.

Categories
Esra

Esra 4

Asɔrefie sie no ho akwansideɛ

1 Na Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ otukorɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no,

2 wɔtwe baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitire no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo bɛsi, na yɛsom mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔdeɛ de firi Asiriahene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no berɛ soɔ.

3 Na Serubabel, Yesua ne Israel agyanom atitire nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo nni hwee yɛ, sɛ yɛbɛsi ɛdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara yɛbɛsi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.

4 Ɛnna asase no sofoɔ maa Yuda man no nsam goeɛ, na wɔtuu wɔn akoma abantoɔ no ho.

5 Na wɔbobɔɔ agyinatufoɔ paa tiaa wɔn, tee wɔn agyina ani yerae, Persiahene Kores nna nyinaa de kɔsii Persiahene Dario ahennie so.

6 Na Akas-weros ahennie so, ɔfirii n’ahennie aseɛ no, wɔtwerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ ho anototo nwoma.

7 Na Artasasta berɛ so no, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfoɔ nkaeɛ no twerɛɛ nwoma kɔmaa Persiahene Artasasta, na wɔtwerɛɛ ɔmane nwoma no Aramaik kasa mu, na wɔkyerɛɛ aseɛ.

8 Mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai twerɛɛ nwoma kɔmaa Ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfoɔ sɛ: —

9 Ɛberɛ no mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn agyinatufoɔ nkaeɛ a wɔfiri Dina, Afarsatka, Tarpela, Afarsa, Arkewa, Babel, Susan, Deha, Elam,

10 ne aman a aka no mu a Osnapar kɛseɛ a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn baeɛ, na ɔde wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu, ne nkaeɛ a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade.

11 Nwoma a wɔde kɔmaa ɔno Ɔhene Artasasta no nsususoɔ nie: — Wo nkoa a wɔwɔ asuogya ha fam, kyea wo.

12 Ma ɔhene nhunu sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri wo nkyɛn foro baa yɛn nkyɛn no aba Yerusalem, na wɔabɛkyekyere atuateɛ kuro bɔne yi, na ɛho afasuo nso wɔamema so asisi hɔ, na wɔamiamia ne fapem no mu.

13 Enti ma ɔhene nhunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔmema n’afasuo so sisi hɔ a, ɛnneɛ wɔremma ɛtoɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ bio, na ɛbɛyɛ no na w’ahennie mu toɔgyeɛ abrɛ ase.

14 Na ɛsiane sɛ ɔhene aban mu nkyene na yɛdie na yɛntumi nkɔ so nhwɛ ɔhene ahohora nti, na yɛasoma sɛ wɔmmɛse ɔhene sɛ,

15 sɛ ma wɔnhwehwɛ w’agyanom nkaeɛ nwoma mu, na wɔbɛhu no nkaeɛ nwoma no mu sɛ kuro yi yɛ atuateɛ kuro a ɛsɛe ɔhene ne amantam adeɛ, na wɔatwe ho manso firi tete mmerɛ no mu nti, na wɔbɔɔ kuro no.

16 Yɛn deɛ, yɛrema ɔhene ahunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔtoto ho afasuo no a, ɛnneɛ asuogya ha fam agyapadeɛ biara renka wo nsam.

17 Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ nkaeɛ a wɔtete Samaria ne Asuogya hafoɔ nkaeɛ sɛ: Asomdwoeɛ.

18 Nwoma a mosoma maa wɔde brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no kann wɔ m’anim.

19 Na me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu, na wɔahunu sɛ kuro no firi tete nteredee na ɛmaa ne ho so tiaa ahemfo, na wɔtee atua twee mu manso.

20 Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.

21 Enti monhyɛ mma mmammarima no nnyae, na wɔnnkyekyere kuro no, kɔsi sɛ ahyɛdeɛ bɛfiri me nkyɛn.

22 Na monhwɛ yie na moantoto yei ase, na bɔne biara amma na ahemfo adeɛ ammɔ wɔn.

23 Afei wɔkenkan Ɔhene Artasasta nwoma a ɔtwerɛɛ Rehun ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no anim ara pɛ no, wɔsii mu baa Yerusalem ntɛm so bɛhyɛɛ Yudafoɔ no, na wɔde nsa ne tumi sii wɔn kwan.

24 Na wɔsii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no sie ho kwan, na akwansie no kɔɔ so ara kɔsii Persiahene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu so.

Categories
Esra

Esra 5

Wɔkɔ so si asɔrefie no

1 Na Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Odiyifoɔ Sakaria hyɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem ho nkɔm Israel Nyankopɔn din a ɛwɔ wɔn soɔ no mu.

2 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, na Nyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho na wɔsɔɔ mu.

3 Berɛ no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn soɔ, na sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?

4 Na wɔbisaa wɔn bio sɛ: Monkyerɛ yɛn nnipa a wɔresi dan yi din.

5 Nanso Yudafoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn ani ku wɔn ho nti, wɔansi wɔn kwan kɔsii sɛ asɛm no kɔduruu Dario nkyɛn ansa, na wɔde yei ho nwoma sane baa bio.

Wɔbɔ Dario amanneɛ

6 Nwoma a asuogya ha Amrado Tatenai ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔfiri Afarsak a ɛwɔ asuogya ha soma maa wɔde kɔmaa Ɔhene Dario no nie:

7 Nwoma no wɔsoma maa wɔde kɔmaa no, na sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no emu nie: Ɔhene Dario, asomdwoeɛ ara nko.

8 Ma ɔhene nhunu sɛ yɛsii mu kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie hɔ, na wɔde aboɔ akɛseɛ resi, na wɔde nnua agugu afasuo no so, na adwuma no a wɔreyɛ no rekɔ so, na ɛrekɔ so yie wɔ wɔn nsam.

9 Na yɛbisaa mpanimfoɔ no, na sɛ yɛsee wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?

10 Na yɛbisabisaa wɔn din nso sɛ yɛrebɛka akyerɛ wo, na yɛatwerɛ mmarima a wɔyɛ wɔn atitire no din.

11 Na sɛ wɔbuaa yɛn nie: Wɔse: Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɛdan a wɔsii no tetetete mfeɛ bebree yi a Israel hene kɛseɛ bi siiɛ na ɔwieeɛ no.

12 Na ɛnam sɛ yɛn agyanom yii ɔsoro Nyankopɔn no abufuo nti, na ɔde wɔn hyɛɛ Babelhene Nebukadnessar, Kaldeani no nsa, na ɔbubuu efie yi, na ɔtutuu ɔman no kɔɔ Babel.

13 Nanso Babelhene Kores afe a ɛdi kan no mu, Ɔhene Kores hyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn fie yi.

14 Na Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar fa firii asɔredan a ɛwɔ Babel no mu no nso, Ɔhene Kores fa de firii Babel asɔredan no mu, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,

15 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa nnoɔma yi kɔ, na fa kɔsie asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wɔnsi Nyankopɔn dan no wɔ ne siberɛ.

16 Ɛnna Sesbasar yi ara ba bɛhyɛɛ Nyankopɔn dan a ɛwɔ Yerusalem no aseɛ, na ɛfiri berɛ no soɔ de bɛsi sɛsɛɛ yi wɔde resi ara, na wɔnwiee.

17 Na afei, sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fie a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ Ɔhene Kores na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka deɛ ɔhene pɛ wɔ yei ho nkyerɛ yɛn.