Categories
5 Mose

5 Mose 32

1 Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa!

Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom.

2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;

me kasa bɛgu sɛ obosuo.

Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so,

te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.

3 Mɛbɔ Awurade din;

Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn.

4 Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;

Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ.

Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ;

Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.

5 Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no;

sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa?

Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye.

6 Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no?

Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ.

Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ?

Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ?

7 Monkae tete nna;

monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho.

Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.

Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo.

8 Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman,

na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no,

ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no

sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie.

9 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea;

Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.

10 Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so

Asase kesee a hwee nni so so.

Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so;

Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.

11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma,

na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho,

saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn,

sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro.

12 Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan.

Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara.

13 Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so;

Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ;

ɔde abotan mu woɔ,

ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn.

14 Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo,

nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ.

Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre,

ne atokoɔ papa maa wɔn.

Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu.

15 Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;

nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee!

Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn;

wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no.

16 Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;

wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.

17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,

anyame a na wɔnnim wɔn dada,

anyame a wɔbaa nnansa yi ara,

anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn.

18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.

Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.

19 Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu.

Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.

20 Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ;

Mɛma wɔn awieeɛ aba!

Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye;

mma a wɔnni nokorɛ.

21 Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe;

wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo.

Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere;

mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.

22 Mʼabufuo dɛre sɛ ogya,

na ɛhye kɔsi damena mu.

Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa

na ɛpaapae mmepɔ fapem.

23 “Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so

na mato me bɛmma awowɔ wɔn.

24 Mede ɛkɔm kɛseɛ,

huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so.

Wɔde wiram mmoa se

ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn.

25 Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano,

na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so.

Mmeranteɛ ne mmabaawa

mmɔfra ne mpanin nyinaa.

26 Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete

ama wɔn nkaeɛ ayera.

27 Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie,

sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ,

‘Yɛn tumi adi nkonim!

Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’ ”

28 Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene.

Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ.

29 Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase!

Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ!

30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,

na baanu bɛma ɔpedu adwane,

gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn.

Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

31 Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,

sɛdeɛ wɔhunu no.

32 Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu

firi Gomora bobe nturom.

Wɔn bobe aba yɛ awuduro

na wɔn siaka nso yɛ nwono.

33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;

aprammire ano borɔ kɔdiawuo.

34 “Merekora saa nneɛma yi nyinaa,

asɔ ano de asie mʼadekoradan mu.

35 Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.

Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri.

Wɔn amanehunu da no bɛduru,

na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.”

36 Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn

na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,

Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa,

na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.

37 Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he,

ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no,

38 anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no

na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no?

Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo!

Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea!

39 “Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!

Onyame biara nni hɔ sɛ me!

Me na mekum na mema nkwa:

Me na mepira, na mesa;

obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.

40 Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro

Ka sɛ: Sɛ mete ase yi,

41 Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano

na mefiri atemmuo ase a,

mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere

na matua wɔn a wɔtan me so ka.

42 Mɛma me bɛmma anom mogya abo,

na mʼakofena asɛe honam,

atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,

ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.”

43 Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie,

ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were.

Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere

na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho.

44 Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.

45 Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no,

46 ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara.

47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.”

Mose Owuo

48 Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no.

50 Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no.

51 Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ.

52 Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/32-015dc385de57ba0e3da33f6354005b37.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 33

Mose Hyira Mmusuakuo No

1 Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu:

2 Ɔkaa sɛ,

“Awurade firi Sinai ba bɛpuee

yɛn so firii Seir;

ɔhran firii Paran bepɔ so.

Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii

anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.

3 Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no,

akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam.

Wɔkoto wo nan ase,

na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;

4 mmara a Mose de maa yɛn no:

Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.

5 Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun

ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa

Israel mmusuakuo no.

6 “Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre.

Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”

7 Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie:

“Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ

fa no brɛ ne nkurɔfoɔ.

Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban.

Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”

8 Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:

“Ao Awurade, wode ade kronkron

ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.

Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa

wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.

9 Lewifoɔ tiee wʼasɛm

bɔɔ wʼapam no ho ban.

Wɔdii wo nokorɛ

sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,

wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.

10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.

Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.

Wɔde aduhwam bɛba wʼanim

Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.

11 Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade

na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.

Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;

bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”

12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:

“Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ

na wɔnya banbɔ wɔ ne mu.

Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara

na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”

13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:

“Awurade nhyira wɔn nsase;

ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro

ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,

14 ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu

ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;

15 ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu

ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu

16 ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu,

ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu.

Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so

nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.

17 Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.

Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.

Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,

apamo wɔn akɔ asase ano.

Yei ne me nhyira a

mede rema Efraim bebrebe

ne Manase mpempem no.”

18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie:

“Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu.

Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.

19 Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so

kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ.

Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa

ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”

20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:

“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!

Gad ayɛ krado sɛ gyata

a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.

21 Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;

ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.

Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,

wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,

na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”

22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie:

“Dan yɛ gyata ba a

ɔrehurihuri firi Basan.”

23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:

“Ao Naftali, wowɔ adom bebree

na Awurade nhyira ayɛ wo ma;

atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”

24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:

“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;

ne nuanom mfa anidie mma no;

wɔmfa ngo nsra ne nan ho.

25 Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ;

Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.

26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn;

Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo,

ɔde ne tumi nante omununkum mu.

27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea;

nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo.

Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim;

Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’

28 Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu;

Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ

wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so,

na ɔsoro tɔ bosuo gu so.

29 Nhyira nka mo, Ao Israel!

Hwan na ɔte sɛ mo,

nnipa a Awurade agye mo nkwa.

Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ

ne mo nkonimdie akofena!

Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim,

na moatiatia wɔn so.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/33-ec18be122c1761d1cf73af2d581959b5.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 34

Mose Owuo

1 Na Mose firi Moab asase tata so foro kɔɔ Nebo Bepɔ so, sane foroo Pisga kokoɔ no wɔ Yeriko ntentenesoɔ. Na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, ɛfiri Gilead kɔsi Dan;

2 Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kɔsi Ntam Po no ho;

3 Negeb; ne nsase a ɛfiri Yeriko bɔnhwa no de kɔsi Soar.

4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yei ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ mede bɛma wɔn asefoɔ no. Afei, mama wo de wʼani ahunu, nanso wo nan rensi so.”

5 Enti Mose, Awurade ɔsomfoɔ wuu wɔ Moab asase so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.

6 Wɔsiee no wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn Bet-Peor nanso ɛbɛsi ɛnnɛ, obiara nnim beaeɛ ko pɔtee.

7 Mose dii mfirinhyia ɔha ne aduonu, na ɔwuiɛ nanso na nʼani hunu adeɛ yie na ne ho nso yɛ den.

8 Israelfoɔ suu no nnafua aduasa de wiee nʼayie wɔ Moab tata so.

9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom ɛfiri sɛ, Mose de ne nsa guu ne so. Enti, Israelfoɔ yɛɛ ɔsetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.

10 Mose akyi no, odiyifoɔ biara mmaeɛ a Awurade nim no animu ne animu.

11 Awurade somaa Mose ma ɔkɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao, nʼasomfoɔ ne asase no nyinaa.

12 Na ɛnam Mose so na Awurade daa ne tumi kɛseɛ ne ahodwirie nneyɛɛ adi kyerɛɛ Israel nyinaa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/34-3bb0fae2c07ca85707b0c8e8b7137d66.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose Nnianimu

Nnianimu

Wɔtwerɛɛ saa nwoma yi ɛberɛ a wɔkanee Israel mma no hunuu wɔn dodoɔ. Wɔkanee Israelmma no mprenu. Ɔman no tu firii Misraim no, afe akyi na wɔkanee wɔn (

1.1–10.36

Mfirinhyia aduasa nwɔtwe akyi a ɔman no akyinkyini ɛserɛ so na wɔrebɛhyɛne Kanaan no na wɔkanee wɔn mprenu soɔ (

26.1-65

).

Nnipakan a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu ntam no, Israelfoɔ no kɔtenaa Kades Barnea a ɛda Kanaan anafoɔ fam. Mfirinhyia bebree akyi no, wɔtu kɔɔ Yordan apueeɛ fam. Ɔmanfoɔ no bi tenaa hɔ na ebi nso kɔɔ Kanaan, a ɛyɛ Bɔhyɛ Asase no so. Ɛsiane sɛ Israelfoɔ yi rekɔtena ɔman foforɔ bi so enti, wɔhyehyɛɛ mmara ahodoɔ bi maa wɔn (

6

15

27

28

).

Nwoma yi ka Israelfoɔ a wɔn aba mu abu na ahokyereɛ bebree abɔ wɔn hu ho asɛm. Wɔkasa tiaa Mose, Onyame onipa a wɔapa no sɛ ɔnni ɔman no anim. Israelfoɔ asoɔden ne aboterɛ a na wɔnni no nyinaa akyi no, Onyankopɔn dɔ ne ntoboaseɛ ne mmɔborɔhunu daa adi wɔ nwoma yi mu.

Emu Nsɛm

Akwantuo No Ho Ntotoeɛ (

1.1–10.10

)

Anammɔntuo A Ɛdi Ɛkan Wɔ Asase No Ho (

10.11–14.45

)

Ɛserɛ So Akyinkyinakyinkyini (

15.1–21.15

)

Anammɔntuo A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Bɔhyɛ Asase No Ho (

22.1–36.13

)

Categories
4 Mose

4 Mose 1

Nnipakan

1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ:

2 “Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din.

3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa.

4 Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo.

5 “Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie:

“Ruben abusuakuo no ntuanoni yɛ Sedeur babarima Elisur;

6 Simeon abusuakuo no ntuanoni yɛ Surisadai babarima Selumiel;

7 Yuda abusuakuo no ntuanoni yɛ Aminadab babarima Nahson;

8 Isakar abusuakuo no ntuanoni yɛ Suar babarima Netanel;

9 Sebulon abusuakuo no ntuanoni yɛ Helon babarima Eliab;

10 Yosef mmammarima no:

Efraim abusuakuo no ntuanoni yɛ Amihud babarima Elisama;

Manase abusuakuo no ntuanoni yɛ Pedahsur babarima Gamaliel;

11 Benyamin abusuakuo ntuanoni yɛ Gideoni babarima Abidan;

12 Dan abusuakuo ntuanoni yɛ Amisadai babarima Ahieser;

13 Aser abusuakuo ntuanoni yɛ Okran babarima Pagiel;

14 Gad abusuakuo ntuanoni yɛ Deguel babarima Eliasaf;

15 Naftali abusuakuo ntuanoni yɛ Enan babarima Ahira.”

16 Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no.

17 Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi,

18 na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako

19 sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai ɛserɛ so.

20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

21 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).

22 Simeon asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

23 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).

24 Gad asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Gad abusuakuo mu yɛ mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).

26 Yuda asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

27 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu yɛ mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).

28 Isakar asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

29 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).

30 Sebulon asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

31 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Sebulon abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).

32 Yosef mmammarima no:

Efraim asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

33 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Efraim abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500).

34 Manase asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

35 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu (32,200).

36 Benyamin asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

37 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).

38 Dan asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

39 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo no mu yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).

40 Aser asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

41 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Aser abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).

42 Naftali asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

43 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

44 Yeinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuo dumienu no ntuanofoɔ kan wɔn.

45 Israelfoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no a wɔbɛtumi adɔm Israel akodɔm no nso, wɔgyinaa wɔn mmusua so kan wɔn.

46 Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem ahansia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum (603,550).

47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuo no deɛ, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho.

48 Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ,

49 “Nkan Lewifoɔ abusuakuo no, na mfa wɔn nka Israelfoɔ a wɔaka no ho.

50 Fa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwumadie hyɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne deɛ ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho.

51 Ɛberɛ biara a ɛsɛ sɛ wɔtu Ahyiaeɛ Ntomadan no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu, na baabiara a wɔde bɛsi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn ho no, wɔbɛkum no.

52 Israel abusuakuo biara bɛnya nʼatenaeɛ ne ne frankaa.

53 Lewifoɔ no bɛsisi wɔn ntomadan atwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ahyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ remma Israelfoɔ no so. Lewifoɔ no na wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.”

54 Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/1-a9580f9807d330a9e6c4db8ac50e06bd.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 2

Israel Mmusuakuo Atenaeɛ Ho Nhyehyɛeɛ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 “Abusua biara bɛnya nʼafa wɔ atenaeɛ hɔ, na ekuo biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenaeɛ ahodoɔ no mfimfini na wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no bɛsi.”

3 Apueeɛ fam,

baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.

4 Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).

5 Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.

6 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).

7 Sebulon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.

8 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).

9 Enti na nnipa dodoɔ a wɔwɔ Yuda atenaeɛ no nyinaa sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan (186,400). Sɛ Israelfoɔ no tu a, saa mmusuakuo mmiɛnsa yi na ɛdi ɛkan.

10 Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.

11 Ne dɔm ano si mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).

12 Simeon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.

13 Ne dɔm ano si mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).

14 Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.

15 Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).

16 Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.

17 Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi.

18 Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.

19 Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahanum (40,500).

20 Manase abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.

21 Ne dɔm ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,200).

22 Benyamin abusuakuo na wɔdi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.

23 Ne dɔm ano si mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).

24 Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha ne nnwɔtwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmiɛnsa.

25 Dan abusuakuo bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.

26 Ne dɔm ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).

27 Aser abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.

28 Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).

29 Naftali abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.

30 Ne dɔm ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

31 Mmarima a wɔwɔ Dan atenaeɛ no ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia (157,600).

32 Sei na Israelfoɔ a wɔkan wɔn mmusuakuo mmusuakuo no teɛ. Wɔn a wɔwɔ atenaeɛ hɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa ahanum ne aduonum (603,550).

33 Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ no anka Israelfoɔ no ho.

34 Enti Israelfoɔ yɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenaeɛ, tenatenaa wɔn frankaa ahodoɔ ase, na wɔnantee nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/2-07291b2a7ced785e8769af849c1b60f9.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 3

Lewifoɔ

1 Ɛberɛ a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so no.

2 Na yeinom ne Aaron ne Mose abusua. Aaron mmammarima edin na ɛdidi soɔ yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

3 Yeinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfoɔ.

4 Nadab ne Abihu deɛ, wɔwuwuu wɔ Awurade anim ɛberɛ a wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai ɛserɛ so. Na wɔnni mma enti, Eleasa ne Itamar nko ara na wɔsomm sɛ asɔfoɔ, ɛberɛ a wɔn agya Aaron te ase.

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ:

6 “Frɛ Lewifoɔ no, na fa wɔn ma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ nʼaboafoɔ.

7 Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ama ɔsɔfoɔ Aaron ne nnipa no nyinaa.

8 Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiaeɛ Ntomadan mu no so, de asi Israelfoɔ no no anan mu ayɛ asodie a wɔyɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

9 Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mmammarima; wɔn ne Israelfoɔ a wɔde wɔn bɛma no korakora.

10 Ma Aaron ne ne mmammarima no nsom sɛ asɔfoɔ; onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛne kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.”

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

12 “Mayi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu de wɔn asi Israel babaa biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifoɔ no yɛ me dea,

13 ɛfiri sɛ abakan biara wɔ me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan wɔ Misraim no, megyaa Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai ɛserɛ so sɛ,

15 “Kan Lewifoɔ no wɔ wɔn mmusua ne afie mu. Kan ɔbarima biara firi deɛ wadi bosome baako so.”

16 Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

17 Yeinom ne Lewi mmammarima:

Gerson, Kohat ne Merari.

18 Gerson asefoɔ nie:

Libni ne Simei.

19 Kohat asefoɔ:

Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

20 Merari asefoɔ:

Mahli ne Musi.

Yeinom ne Lewifoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.

21 Gerson asefoɔ no na wɔyɛ mmusua a wɔfiri Libni ne Simei ase.

22 Na Gersonfoɔ mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa a wɔfiri Gerson mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem ahanson ne ahanum (7,500).

23 Wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi wɔ atɔeɛ fam.

24 Na Gersonfoɔ no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.

25 Saa mmusuakuo mmienu yi na na wɔhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkataho no ne ɛkwan nsɛnanotam no so.

26 Afei, na wɔhwɛ adihɔ nsɛnanotam a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ne afɔrebukyia ne adihɔ nsɛnanotam, nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ no nyinaa so.

27 Kohat asefoɔ yɛ mmusua a wɔfiri Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.

28 Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ne ahansia (8,600).

Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea mu hɔ so.

29 Wɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam.

30 Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.

31 Saa mmusua ɛnan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɛpono, kaneadua, afɔrebukyia hodoɔ, ne deɛ ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamutam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ wɔ hɔ nyinaa no so.

32 Aaron babarima ɔsɔfoɔ Eleasa no na na ɔyɛ ɔpanin wɔ Lewifoɔ no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panin wɔ asɔfoɔ a wɔhwɛ kronkronbea no so.

33 Na Merari asefoɔ no yɛ mmusua a wɔfiri Mahli ne Musi ase.

34 Merarifoɔ mmusua no mu na mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu (6,200).

35 Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,

na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam.

36 Dwumadie a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuo mmienu yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no nnyinasoɔ so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpunan, nsisisoɔ ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma nyinaa.

37 Afei, mpunan a ɛwɔ adihɔ hɔ nyinaa ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ne ntampehoma nyinaa, wɔbɛhwɛ so.

38 Ahyiaeɛ Ntomadan no apueeɛ fam, deɛ owia pue firi no, wɔgya maa Mose ne Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔnsisi wɔn ntomadan wɔ hɔ.

Saa nnipa yi na na wɔsi Israelfoɔ no anan mu di Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwuma nyinaa.

Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, wɔbɛkum no.

39 Lewifoɔ a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ a ɔbarima biara a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa ka ho no dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu (22,000).

40 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kan Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no, na twerɛ wɔn edin.

41 Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”

42 Enti Mose kanee Israelfoɔ mmakan nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

43 Mmammarima mmakan a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no a ɔtwerɛɛ wɔn edin no ano si mpem aduonu mmienu ahanu ne aduɔson mmiɛnsa (22,273).

44 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

45 “Ma Lewifoɔ nsi Israelfoɔ mmakan ananmu. Na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan ananmu. Lewifoɔ yɛ me dea. Mene Awurade.

46 Ansa na mobɛgye Israelfoɔ mmakan ahanu aduɔson mmiɛnsa no a wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no,

47 momma wɔntua tiadeɛ, sɛdeɛ hyiadan mu nnwetɛbena teɛ, a emu duru yɛ gram aduonum nson.

48 Fa tiadeɛ sika no ma Aaron ne ne mma.”

49 Enti Mose gyegyee Israelfoɔ ahanu aduɔson mmiɛnsa a na wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no tiadeɛ.

50 Sika a wɔgyegyeeɛ no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa.

51 Na Mose de maa Aaron ne ne mmammarima sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/3-76ef2cd820e3a02c4c674171806873ab.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 4

Kohar Mmammarima

1 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 “Kan Kohatfoɔ no dodoɔ a wɔwɔ Lewifoɔ no abusua mu.

3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.

4 “Kohat mma no dwumadie ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronneɛ no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

5 Sɛ wɔretu afiri atenaeɛ hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wɔbɛdi ɛkan akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu akɔfa nkatanimu no de akata adaka no ho.

6 Afei, wɔde abirekyie nwoma bɛkata nkatanimu no ho na wɔde ntoma tuntum akata abirekyie nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkawa no mu.

7 “Afei, wɔmfa ntoma tuntum nsɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no da so no so, na wɔmfa nyowaa, ntere, dwaresɛn akɛseɛ, nkuruwa ne Burodo no ngu ntoma no so.

8 Wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasane de abirekyie nhoma akata ntoma kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɛpono no mu.

9 “Afei, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata kaneadua no, nkanea no, adaawa no, nkukuo apaawa no ne ngo toa no ho.

10 Saa nneɛma yi nyinaa nso, wɔde abirekyie nhoma bɛkata ho na wɔde nkyekyereeɛ yi nyinaa abɛgu ɛpono so.

11 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔrebukyia no so na wɔsane de abirekyie nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔrebukyia no mu.

12 “Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma bibire kyekyere ho a wɔde abirekyie nhoma asane akyekyere ho na wɔde to mpata a wɔde soa no so.

13 “Ɛsɛ sɛ wɔtu nsõ no nyinaa firi afɔrebukyia no mu guo, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bibire kyekyere ho.

14 Ɛsɛ sɛ wɔde afɔrebukyia no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntoma no so. Saa nneɛma no ne nkyɛnsee a wɔnoa mu, nsosɔmu, sofi, kyɛnsee kɛseɛ ne nneɛma a wɔkora mu nneɛma gu ntoma no so na wɔde abirekyie nhoma kata ne nyinaa so. Na afei, wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde guo.

15 “Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafoɔ bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wɔnni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho te no bi. Wɔyɛ saa a, wɔbɛwuwu. Kohat mma na ɛsɛ sɛ wɔsoa nneɛma a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

16 “Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”

17 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

18 “Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu.

19 Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho te no a, deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu nie: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa.

20 Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ koraa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhunu nneɛma a ɛho te no na ɛrenkyɛre koraa wɔawuwu.”

Gerson Mmammarima

21 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

22 “Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no,

23 firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so.

24 “Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie:

25 Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no.

26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa.

27 Aaron anaa ne mmammarima no bi tumi ma Gerson asefoɔ no bi dwuma di.

28 Nanso Gersonfoɔ no bɛhyɛ Aaron Itamar ase.

Merari Mmammarima

29 “Afei, kan Merari asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no

30 ɛfiri mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum so a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ.

31 Sɛ wɔpagya Ahyiaeɛ Ntomadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinasoɔ, nnua a ɛsisi mu, ne nsisisoɔ

32 mpunan a wɔde yɛɛ adihɔ hɔ afasuo no ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ntampehoma ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadie ahodoɔ no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn edin nsa.

33 Merari asefoɔ no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.”

34 Enti Mose ne Aaron ne mpanimfoɔ no bi kɔkan Kohatfoɔ

35 a mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum nyinaa a wɔbɛtumi ayɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma ka ho,

36 na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanson aduonum.

37 Wɔyɛɛ yeinom nyinaa de dii Awurade ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ Mose no so.

38 Wɔkan Gersonfoɔ no mmusua ne wɔn mmusuakuo.

39 Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

40 Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmienu ahansia ne aduasa.

41 Enti na Gersonfoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.

42 Merarifoɔ no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuo.

43 Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

44 Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmiɛnsa ne ahanu.

45 Enti Merarifoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ nam Lewifoɔ no mmusua ne wɔn afie so kan wɔn nyinaa.

47 Mmarima a na wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no

48 dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ahanum ne aduɔwɔtwe.

49 Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no enti na wɔnam so kanee nnipa no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/4-3b67d92025b5805a38366c7f52817fdf.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 5

Israelfoɔ Atenaeɛ Kronkronyɛ

1 Yei ne mmara a Awurade sane hyɛ maa Mose:

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafoɔ nyinaa firi atenaeɛ hɔ. Wɔn a ekuro atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka efunu enti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn.

3 Mmarima ne mmaa nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa firi hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na atenaeɛ hɔ a me ne mo bɛtena no ho rengu fi”.

4 Wɔdii Awurade mmara no so.

5 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

6 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima o, ɔbaa o, ɔdi Awurade hwammɔ a, ɛyɛ bɔne.

7 Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na adeɛ a ɔwiaeɛ no, ɔtua ho ka nyinaa na ɔsane de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔno no.

8 Na sɛ onipa ko a ɔyɛɛ no bɔne no awu na ɔnni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua ho ka ama no no a, ɛsɛ sɛ, sɛ ɔtua ka no ma ɔsɔfoɔ a, odwennini ka ho sɛ mpatadeɛ. Ɛyɛ Awurade dea.

9 Akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛkyɛ ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea.

10 Ɔsɔfoɔ biara bɛfa akyɛdeɛ kronkron biara a ne nsa bɛka.”

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

12 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ adwaman

13 nanso ɔnhunu asɛm no mu nokorɛ na ɔnnya ɔdanseni

14 na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a,

15 ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfoɔ anim a ɔbaa no ho afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohwam ngo mfraeɛ lita mmienu ka ho. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ ninkuntwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokorɛ ada adie ama wɔahunu sɛ ɔbaa no di fɔ anaa ɔdi bem.

16 “Ɔsɔfoɔ no de ɔbaa no bɛba Awurade anim,

17 na wasa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu mfuturo de afra nsuo kronkron a ɛgu asansuo kɛseɛ bi mu no.

18 Ɔbɛsane ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔdeɛ no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuiɛ no yɛ nokorɛ ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɔsɔfoɔ no bɛgyina nʼanim a ɔkura nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba no.

19-22 Ɔbɛma no aka ntam sɛ ɔnnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no sɛ, sɛ wo ne ɔbarima biara nnaeɛ ka wo kunu nko ara ho deɛ a, ɛnneɛ, wo ho nte mfiri nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba yi ho. Na sɛ woabɔ adwaman a, ɛnneɛ, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfoɔ mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔ na wo yafunu ahono. Na ɔbaa no bɛka sɛ, ‘Aane, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’

23 “Ɔsɔfoɔ no bɛtwerɛ nnome yi nyinaa agu nwoma bi mu na wahohoro agu nsuo nwononwono no mu.

24 Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbaa no nom nsuo no na sɛ ɔnom wɔ ɛberɛ a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu.

25 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye ninkunu afɔrebɔdeɛ no afiri ɔbaa no nsam na wahinhim no Awurade anim na ɔde akɔ afɔrebukyia no so.

26 Ɔbɛsa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no wɔ afɔrebukyia no so na wama ɔbaa no anom nsuo no.

27 Sɛ ne ho agu fi na wabɔ adwaman no atia ne kunu a, nsuo a wanom no bɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu na ne yafunu ahono na ne srɛ aporɔ na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfoɔ mu.

28 Sɛ ɔyɛ kronn a ɔmmɔɔ adwaman a, wɔrenha no, na ɛrenkyɛre, ɔbɛnyinsɛn.

29 “Yei ne mmara a ɛfa ɔbaa a ne bra nyɛ na ne kunu twe ne ho ninkunu

30 de hwehwɛ mu hunu sɛ ɔdi ne kunu nokorɛ anaa ɔnni no nokorɛ no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfoɔ no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa.

31 Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama yare bɔne bi aba ne yere so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/5-748d5261272582ac38341175aad9d287.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 6

Ahotuafoɔ Mmara

1 Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ

2 ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ Nasareni de te ne ho wɔ Awurade anim a,

3 ɛno akyi, saa ɛberɛ a ɔwɔ ahoteɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔnom nsã a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsã a emu ka.

4 Saa ɛberɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.

5 “Saa ɛberɛ no mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron na wɔate ne ho ama Awurade; ɛno enti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tirinwi fu no.

6 “Awurade bɔhyɛ no nna no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ owufoɔ ho.

7 Sɛ owufoɔ no yɛ nʼagya, ne maame, ne nuabarima anaa ne nuabaa koraa a, ɔnnkɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ne bɔ a ɔhyɛ de tee ne ho no, ɔda so hyɛ aseɛ,

8 na saa ɛberɛ no mu nyinaa, wɔate ne ho ama Awurade.

9 “Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi a ɛho agu fi no. Afei, wɔbɛdwira ne ho afiri efi a owufoɔ no de aka no no.

10 Nʼadekyeeɛ a ɛyɛ ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu brɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

11 Ɔsɔfoɔ no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ayɛ mpatadeɛ ama deɛ ne ho agu fi no. Na ɛda no ara, ɛsɛ sɛ ɔti ne bɔhyɛ mu na ɔsane ma ne tirinwi no fu bio.

12 Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.

13 “Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne Awurade ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano

14 kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

15 Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.

16 “Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ,

17 afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade.

18 “Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no.

19 “Wɔayi ɔbarima no tirinwi no awie no, ɔsɔfoɔ no de odwennini no basa a wɔatoto, taterɛ a mmɔreka nni mu no baako ne burodo ntrawa a mmɔreka nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam.

20 Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ Awurade anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu.

21 “Yeinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahodoɔ brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, ɔtumi de afɔrebɔdeɛ biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”

22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyira Israelfoɔ yi sononko sɛ:

24 “ ‘Awurade nhyira mo

na ɔnhwɛ mo so.

25 Awurade nte nʼanim nkyerɛ mo

na ɔnnom mo.

26 Awurade mma nʼani so nhwɛ mo

na ɔmma mo asomdwoeɛ.’

27 “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmammarima hyira Israelfoɔ, na mʼankasa nso mɛhyira wɔn.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/6-00ddf51857732afb0f05f16a95db084a.mp3?version_id=2094—