Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 6

Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,

sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

2 sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo

na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a,

3 ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho,

sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti:

fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim;

na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

4 Mma wʼani nkum

na nntɔ nko.

5 Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam

anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn;

hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!

7 Ɔnni ɔsahene,

ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi,

8 nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu

ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ.

9 Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?

Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn?

10 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

11 ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo.

12 Onipa teta ne ohuhuni a

ɔde atorɔ kyini,

13 deɛ ɔbu nʼani,

na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ

na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,

14 deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne,

na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara.

15 Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ;

wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro.

16 Nneɛma nsia na Awurade mpɛ,

nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ:

17 ani a ɛtra ntɔn,

atorɔ tɛkrɛma,

nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo,

18 akoma a ɛdwene amumuyɛ ho,

nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne,

19 Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ

ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.

Awaresɛeɛ Ho Kɔkɔbɔ

20 Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ

na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.

21 Fa kyekyere wʼakoma ho daa;

na fa kyekyere wɔ kɔn mu.

22 Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan;

sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;

sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.

23 Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;

saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,

na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi

yɛ nkwa kwan,

24 ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho,

firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho.

25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ

mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

26 ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo,

na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu.

27 Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a

ɛnhye nʼatadeɛ anaa?

28 Obi bɛtumi anante gyasramma so a

mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa?

29 Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ

obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.

30 Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa

sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti.

31 Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson;

sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn.

32 Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

33 Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na nʼahohora rempepa da.

34 Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo

na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu.

35 Ɔrennye mpata biara;

na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/6-ba1f932ed8f56294fbf91d04780f4cc6.mp3?version_id=2094—

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *