Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 7

Ɔbaawaresɛefoɔ Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, fa me nsɛm sie

na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.

2 Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;

bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.

3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;

twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.

4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”

na frɛ nteaseɛ wo busuani;

5 Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,

afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.

6 Me fie mpomma ano

mede mʼani faa ntokua mu.

7 Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,

mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,

ɔbabunu a ɔnni adwene.

8 Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so

a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie

9 ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,

na animu rebiribiri no.

10 Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a

wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.

11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,

ɔntena efie koraa;

12 ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,

ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)

13 Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano

wamfɛre, na ɔkaa sɛ,

14 “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;

ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.

15 Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;

mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!

16 Mato me mpa

mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.

17 Mede nnuhwam apete me mpa so:

kurobo, pɛperɛ ne sinamon.

18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;

19 Me kunu nni efie;

watu kwan na ɔbɛkyɛre.

20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma

na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”

21 Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;

ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.

22 Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ

te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,

anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu

23 kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,

te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu

na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24 Na afei, me mma, montie me;

monyɛ aso mma deɛ meka.

25 Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so

na mommane mfa nʼakwan so.

26 Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;

wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27 Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a

ɛkɔ owuo mpia mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/7-b3f1608ce8dda29df8b3e3792c1f34cf.mp3?version_id=2094—

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *