Wɔntwerɛ mmara no ngu aboɔpono so
1 Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no hyɛɛ ɔman no sɛ: Monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.
2 Na da a mobɛtwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, fa aboɔ akɛseɛ sisi hɔ, na fa akaadoo sra ho,
3 na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.
4 Na mo Yordan twa mu no, momfa aboɔ yi a merehyɛ mo nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔ so, na fa akaadoo sra ho.
5 Na si hɔ afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, aboɔ afɔrebukyia, mma dadeɛ so wɔ so;
6 aboɔ amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia, na bɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE wo Nyankopɔn;
7 na bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.
8 Na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu aboɔ no so, fa kurukyire mu yie.
9 Na Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;
10 enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so.
Ebal bepɔ so nnome
11 Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ:
12 Motwa Yordan a, yeinom na ɛnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no: Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin;
13 na yeinom nnyina Ebal bepɔ so nnome: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali.
14 Na Lewifoɔ mfiri aseɛ mfa nne kɛseɛ nka nkyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ:
15 Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen!
16 Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
17 Nnome nka deɛ ɔtwe ne yɔnko hyeɛ. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
18 Nnome nka deɛ ɔma onifirani fom kwan. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
19 Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
20 Nnome nka deɛ ɔne n’agya yere da, ɛfiri sɛ wayi n’agya nkataho. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
21 Nnome nka deɛ ɔne aboa biara da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
22 Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, n’agya ba anaa ne na ba da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
23 Nnome nka deɛ ɔne n’ase da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
24 Nnome nka deɛ ɔhunta de adeɛ bɔ ne yɔnko. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
25 Nnome nka deɛ ɔgye apaadeɛ sɛ ɔbɛkum onipa a ɔdi bem. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
26 Nnome nka deɛ ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!