Categories
He Ester

He Ester 1

Mordekai daeɛso

1 Na Artasasta Ɔkɛseɛ no ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, bosome Nisan da a ɛdi kan no, Mordekai a n’agya ne Yair agya, a n’agya ne Simei, a n’agya ne Kis a ɔfiri Benyamin abusua mu soo daeɛ bi.

2 Na ɔyɛ Yudani bi a ɔte Susa kuro mu, onipa titire a ɔsom wɔ ɔhene ahemfie.

3 Na ɔyɛ dommum a na ɔka Ɔhene Yekonia a ɔfiri Yudea no ho, a wɔde wɔn firii Yerusalem baeɛ no mu baako.

4 Dede ne basabasayɛ, aprannaa ne asasewosoɔ!

5 Afei ɔtweaseɛ akɛseɛ mmienu bi firii adi, a wɔn mmienu asiesie wɔn ho rebɛko, na wɔboboom huhuuhu.

6 Wɔn mmobomu no, ɔman biara siesiee ne ho maa ɔko, sɛ wɔn ne tenenee man no rebɛko.

7 Na ɛyɛ esum ne awerɛhoɔ da, amanehunu ne ahohia, ɔhaw ne hooyɛ wɔ asase so!

8 Na wɔhaa tenenee man mu no nyinaa; wɔsuroo bɔne ahodoɔ a na ɛrehunahuna wɔn no, na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛwu.

9 Ɛnna afei wɔsu frɛɛ Onyankopɔn; na wɔn nteamu te sɛdeɛ ɛfiri nsuwa teatea bi mu, na asubɔnten kɛseɛ firi mu bae, a emu nsuo dɔɔso;

10 hann bae, na owia pueeɛ, na wɔmaa wɔn a wɔabrɛ wɔn aseɛ no so, na wɔmenee wɔn a wɔama wɔn soɔ no.

11 Mordekai hunuu deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ yi wɔ daeɛ mu, na ɛberɛ a ɔnyaneeɛ no, na ɔda so ara kae wɔ n’adwenem, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛte deɛ ɛwɔ mu biara ase.

Wɔbɔ pɔ tia ɔhene

12 Na Mordekai regye n’ahome wɔ adihɔ, a Gabata ne Tara, ɔhene apiafoɔ mmienu a wɔtaa wɛn adihɔ no ka ne ho.

13 Ɔtee wɔn nkɔmmɔdie na ɔbisae pɛɛ wɔn botae, na ɔhunuu sɛ wɔresiesie wɔn ho sɛ wɔn nsa bɛka Ɔhene Artasasta na wɔaku no; na ɔkɔyii ɔhene asotire ɛfa wɔn ho.

14 Afei ɔhene hwehwɛɛ apiafoɔ mmienu yi nsɛm mu, na ɛberɛ a wɔpae mu kaa wɔn bɔne no, wɔfaa wɔn kɔe sɛ wɔrekɔku wɔn.

15 Na ɔhene twerɛɛ nsɛm yi sɛ ɛntena hɔ daa, na Mordekai twerɛɛ nsɛm no nyinaa.

16 Na ɔhene hyɛɛ sɛ wɔmma Mordekai mmɛsom wɔ ahemfie hɔ, na ɔkyɛɛ Mordekai adeɛ wɔ saa nsɛm yi ho.

17 Nanso Hamedata ba Haman a ɔyɛ Bougeanni, a na ɔhene bu no kɛseɛ pa ara no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛha Mordekai ne ne nkurɔfoɔ ɛsiane ɔhene apiafoɔ mmienu no nti.

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *