Categories
1 Mose

1 Mose 41

Yosef Kyerɛ Farao Daeɛ Ase

1 Mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ bi. Na ɔgyina Asubɔnten Nil ho.

2 Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛwee ɛserɛ a na ɛwɔ hɔ.

3 Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so.

4 Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no! Saa ɛberɛ no ara mu na Farao bɔɔ pitiri nyaneeɛ!

5 Yei akyiri, nna faa Farao bio ma ɔsane soo daeɛ foforɔ. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, ɛmo asiaka nson a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ aso wɔ ɛmo nan baako so.

6 Akyiri no prɛko pɛ, siaka nson bi soo wɔ nan no ho. Apueeɛ mframa bɔɔ no ma ɛtwintwamee.

7 Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao sane nyanee bio, hunuu sɛ, sɛɛ na nneɛma a ɔhunuiɛ no nyinaa yɛ daeɛ.

8 Adeɛ kyeeɛ no, nʼadwenem yɛɛ no basaa. Enti, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifoɔ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fie. Farao kaa daeɛ a ɔsoeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ aseɛ.

9 Ɛhɔ na Farao nsãhyɛfoɔ panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Ɛnnɛ na saa asɛm yi ama makae me mfomsoɔ bi a mayɛ.

10 Mmerɛ bi a atwam no, wo Farao bo fuu wʼasomfoɔ yie. Ɛnam so maa wode me ne wo burodotofoɔ panin kɔtoo afiase wɔ dabehene fie.

11 Yɛn baanu nyinaa soo daeɛ anadwo korɔ no ara a na ɛsono sɛdeɛ yɛn mu biara daeɛ no si teɛ.

12 Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ.

13 Na sɛdeɛ ɔsi fa kyerɛɛ yɛn daeɛ no ase no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesane kɔdii me dibea, ɛnna burodotofoɔ panin no, wɔsɛn no.”

14 Amonom hɔ ara, Farao soma ma wɔkɔyii Yosef firii afiase hɔ baeɛ. Ɔfiri afiase hɔ baeɛ no, ɔyii nʼabɔgyesɛ, sesaa nʼatadeɛ, baa Farao anim.

15 Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Maso daeɛ bi a obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Nanso, mate sɛ wo deɛ, sɛ obi ka ne daeɛ kyerɛ wo a, wotumi kyerɛ aseɛ. Ɛno enti na masoma abɛfrɛ wo yi.”

16 Yosef buaa Farao sɛ, “Me ara merentumi mfiri me tumi mu nkyerɛ daeɛ no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo daeɛ no ase.”

17 Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ no mu, na megyina Asubɔnten Nil konkɔn so.

18 Mehunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛnantee wira no mu, hyɛɛ aseɛ wee serɛ.

19 Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Ɛfiri sɛ wɔwoo me, menhunuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Misraim asase yi so.

20 Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ na wɔn ho tua wɔn a wɔdii ɛkan baeɛ no!

21 Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyiri no, na sɛdeɛ wɔte ara na wɔte, ɛfiri sɛ, na wɔn ho da so yɛ tan kanyakanya no ara. Saa ɛberɛ no ara mu na mebɔɔ pitiri nyaneeɛ.

22 “Mesane soo daeɛ bio hunuu sɛ, ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ aso wɔ ɛmo nan baako so.

23 Yeinom akyiri no, ɛmo asiaka nson bi a apueeɛ mframa abɔ no, ama akusa, ayeyɛ ntweantweaa soo wɔ ɛmo nan no so.

24 Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me daeɛ no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifoɔ no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.”

25 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Wo daeɛ mmienu a wososoeɛ no nyinaa nkyerɛaseɛ yɛ pɛ. Onyankopɔn nam wo daeɛ no so, reda biribi a ɔrebɛma asi wɔ Misraim asase so no adi akyerɛ wo.

26 Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no.

27 Anantwie nson a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ kanyakanya no ne ɛmo siaka nson a akusa ayeyɛ ntweantweaa no nso kyerɛ sɛ, mfeɛ pa nson no akyiri no, ɛkɔm bɛba mfeɛ nson.

28 “Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ.

29 Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no, aduane bɛbu wɔ Misraim asase so nyinaa.

30 Nanso, akyire no, ɛkɔm kɛseɛ bi bɛba mfeɛ nson, ama nnipa werɛ afiri asetena pa a wɔnyaa no mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no. Ɛkɔm bɛmene asase no.

31 Esiane ɛkɔm a ɛbɛdi mmerɛ pa a atwam no akyiri no ano den a ɛbɛyɛ no enti, saa ɛberɛ no, wɔrenkae mmerɛ pa no bio wɔ asase no so.

32 Saa daeɛ mmienu a wosoeɛ no kyerɛ sɛdeɛ ɛkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na wasi gyinaeɛ pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa, ɛbɛba mu saa.

33 “Enti, mʼafotuo ne sɛ, hwehwɛ onyansafoɔ kɛseɛ a ɔwɔ nhunumu wɔ Misraim asase yi so, na fa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa.

34 Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansini ahodoɔ enum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn bɛtuatua amansini no ano no nyiyi nnɔbaeɛ a ɛbɛba mmerɛ pa mfeɛ nson no mu no nkyɛmu enum mu baako, mfa nsie.

35 Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wɔtuatua amansini no ano no boaboa nnuane a wɔbɛgyegye mmerɛ pa mfeɛ nson a nnuane bɛbu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao edin mu. Wɔmfa saa nnuane no nhyehyɛ asan so wɔ nkuro akɛseɛ mu.

36 Nnuane yi na mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no bɛdi. Saa nnuane yi na wɔde bɛsie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛkɔm bɛbɔ ɔman no.”

Farao Pagya Yosef

37 Farao ne ne mpanimfoɔ no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu.

38 Ɛberɛ a wɔredwennwene onipa ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa adwuma kɛseɛ yi hyɛ ne nsa no ho no, Farao bisaa sɛ, “Hwan koraa na ɔbɛtumi ayɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi asene Yosef? Ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa bi a, akwan nyinaa mu, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma.”

39 Afei, Farao danee nʼani ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Onyankopɔn ayi saa daeɛ yi ne nʼasekyerɛ akyerɛ wo yi, hwan bio na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu sene wo wɔ Misraim ɔman yi mu!

40 Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.”

41 Enti, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ de rekorɔ, mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.”

42 Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no.

43 Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.

44 Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.”

45 Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa.

46 Ɛberɛ a Yosef kɔɔ ɔhene Farao adwa ase no, na wadi mfirinhyia aduasa. Farao maa Yosef ɛkwan ma ɔbɔɔ aporɔ faa Misraim asase so nyinaa.

47 Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no, aduane buu so wɔ Misraim asase so yie.

48 Saa mfeɛ nson no mu no, Yosef boaboaa nnuane a ɛbuu so wɔ Misraiman mu no ano kɔkoraa no wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Aduane biara a wɔnya firii kuro biara mu no bi no, wɔde sie wɔ hɔ.

49 Mfeɛ nson akyiri no, na Yosef akora nnuane wɔ nnuanekorabea hɔ, ama abu so ara kɔsii sɛ, afei na obiara mmu ho nkonta bio.

50 Ansa na ɛkɔm kɛseɛ no rebɛba no, na Yosef yere Asnat, a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa no, awo mmammarima baanu.

51 Yosef too nʼabakan no edin Manase, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama me werɛ afiri mʼamanehunu ne mʼagya fie nyinaa.

52 Yosef babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, wɔtoo no edin Efraim, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.

53 Afei, mfeɛ nson a aduane buu so wɔ Misraim asase so no twaam.

54 Sɛdeɛ Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɛkɔm a ɛbɛba mfeɛ nson a ɛdi so no hyɛɛ aseɛ. Ɛkɔm kɛseɛ sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so deɛ, na aduane abu so.

55 Ɛberɛ a ɛkɔm no sii dendeenden wɔ Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfoɔ nyinaa sɛ, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”

56 Ɛberɛ a ɛkɔm kɛseɛ no trɛtrɛɛ ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuane korabea no nyinaa ano, tɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no ano yɛ den yie ma wɔn.

57 Enti, na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano yɛ den yie.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/41-71052cd8f2a9a6691df8813b545220f1.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 42

Yosef Nuammarima Kɔ Misraim

1 Ɛberɛ a Yakob tee sɛ aburoo wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Adɛn enti na moatete agyinagyina rehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim yi?”

2 Yakob toaa so sɛ, “Mate sɛ aburoo wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɛkɔm ankum yɛn.”

3 Enti, Yosef nuammarima mpanimfoɔ edu no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburoo no bi.

4 Nanso, Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ biribi bɛyɛ no.

5 Enti, Israel mmammarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfoɔ a wɔfifiri aman ahodoɔ so kɔtɔ aburoo wɔ Misraim no ho, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no atrɛ akɔduru Kanaan asase so mmaa nyinaa.

6 Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburoo ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuammarima no kɔduruu nʼanim no, wɔbuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuu fam.

7 Ɛberɛ a Yosef ani bɔɔ anuanom no so ara pɛ, ɔhunuu sɛ wɔyɛ ne nuanom, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔnnim wɔn, kasaa anihanehane so kyerɛɛ wɔn. Ɔpoopoo nʼani, bisaa wɔn sɛ, “Mofiri he?”

Anuanom no buaa no sɛ, “Yɛfiri Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduane.”

8 Ɛwom sɛ na Yosef ahunu wɔn sɛ ne nuanom, nanso ne nuanom no deɛ, na wɔnhunuu sɛ, ɔno ne Yosef.

9 Yosef kaee daeɛ a mmerɛ bi ɔso faa wɔn ho no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ akwansrafoɔ! Morebɛhwɛ sɛdeɛ ɛkɔm yi ama yɛn asase yi agyigya.”

10 Anuanom no teaam sɛ, “Dabi yɛn wura, ɛnte saa. Yɛbaeɛ sɛ yɛrebɛtɔ aduane.

11 Yɛn nyinaa firi agya baako. Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ saa.”

12 Nanso, Yosef ka tii mu sɛ, “Dabi, morebɛhwɛ sɛdeɛ asase no asi agyigya afa.”

13 Anuanom no buaa sɛ, “Yɛn, wʼasomfoɔ, yɛyɛ anuanom dumienu. Yɛyɛ ɔpanin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn, ɛnna ɔbaako nso afiri mu.”

14 Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ moyɛ akwansrafoɔ no, ɛno ara ne no.

15 Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, meremma mo mfiri Misraim asase so ha nkɔ da, kɔsi sɛ mode mo kaakyire no bɛba.

16 Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyire no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa bɛgu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahunu sɛ, mo asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ. Sɛ ɛkɔba sɛ monni nuabarima kumaa a ɔyɛ mo kaakyire a, mmerɛ dodoɔ a Farao te ase yi, na ɛkyerɛ sɛ moyɛ akwansrafoɔ ampa!”

17 Enti, ɔde wɔn guu afiase hɔ nnansa.

18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho sɛ monyɛ akwansrafoɔ.

19 Sɛ moyɛ nokwafoɔ ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha. Mo a moaka no nso, monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.

20 Nanso, ɛkwan biara so no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ, asɛm a moreka no yɛ nokorɛ anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Na sɛ nokorɛ na moreka deɛ a, mɛgyaa mo.” Wɔpenee abisadeɛ a Yosef de too wɔn anim no so.

21 Afei, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Nokorɛm, yɛn nuabarima yi enti na wɔretwe yɛn aso. Yɛhunuu sɛdeɛ wabɔ huboa ne sɛdeɛ ɔsrɛɛ ne nkwa no, nanso yɛantie. Ɛno enti na saa amanehunu yi a aba yɛn so ɛnnɛ yi.”

22 Afei, anuanom no mu panin a wɔfrɛ no Ruben no kaa sɛ, “Manka mankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yɛbu ne mogya ho akonta”

23 Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no enti, na wɔnnim sɛ Yosef te wɔn kasa.

24 Yosef sɔre firii wɔn nkyɛn kɔsuiɛ. Ɔsane baeɛ ne wɔn bɛkasaa bio. Ɔyii Simeon firii wɔn mu, ma wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.

25 Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotokuo no aburoo ma ma, na wɔnsane mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburoo nhyɛ ne kotokuo mu, na wɔmma wɔn akwansoduane nso nka ho. Wɔyɛɛ yei maa wɔn.

26 Wɔhyehyɛɛ wɔn aburoo nkotokuo no wɔ mfunumu no so, siim sɛ wɔrekɔ wɔn kurom.

27 Wɔrekɔ no ara, wɔgyinaa ɛkwan so anadwo homeeɛ. Ɛhɔ na wɔn mu baako sanee ne kotokuo ano sɛ ɔrema nʼafunumu aduane adi. Ɔsanee ne kotokuo no ano no, ɔhunuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ kotokuo no fa baabi.

28 Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Wɔde me sika no asane ahyɛ me kotokuo no mu. Monhwɛ. Ɛno nie!”

Saa asɛm yi maa wɔn akoma tutuiɛ. Enti, wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kaa sɛ, “Ɛdeɛn anwanwadeɛ na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”

29 Wɔduruu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amaneɛ. Wɔkaa sɛ,

30 “Yɛduruu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no a ɔyɛ asase no so ɔhene ɔboafoɔ no poopoo nʼani, kasaa anihanehane so kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛyɛ akwansrafoɔ.

31 Nanso, yɛbuaa no sɛ, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafoɔ.

32 Yɛyɛ anuanom dumienu a yɛfiri agya baako. Ɔbaako afiri mu. Seesei, yɛn kaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’

33 “Afei, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: Monnya mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.

34 Nanso, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahunu sɛ monyɛ akwansrafoɔ na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mobɛtumi abɛtɔ aburoo no bi wɔ asase yi so mpɛn dodoɔ biara a mopɛ.’ ”

35 Ɛberɛ a wɔrehwiehwie wɔn aburoo no afiri wɔn nkotokuo no mu no, obiara hunuu ne sika a anka ɔde rekɔtua aburoo no ka wɔ ne kotokuo no ano. Wɔne wɔn agya hunuu sika no, wɔn akoma tutuiɛ.

36 Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”

37 Ruben ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Sɛ mamfa Benyamin ansane amma a, wowɔ ho kwan sɛ wokum me mmammarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsane mede no abrɛ wo.”

38 Nanso, Yakob buaa sɛ, “Me babarima no ne monnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa akwantuo a morebɛtu yi, asiane bi kɔsiane no a, mɛwu.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/42-699c721fc2b3a984eb0e284514560bcf.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 43

Yakob Mma No Sane Kɔ Misraim

1 Saa ɛberɛ no mu no, na ɛkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa.

2 Enti, ɛberɛ a aduane a wɔkɔtɔ firii Misraim baeɛ no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔtɔ aduane kakra mmra bio.”

3 Nanso, Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob sɛ, “Owura no suae kyerɛɛ yɛn dendeenden sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim ha bio.’

4 Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ deɛ a, ɛnneɛ, yɛbɛsane akɔ akɔtɔ aduane no bi abrɛ wo.

5 Nanso, sɛ woamma yɛamfa no ankɔ deɛ a, yɛrenkɔ, ɛfiri sɛ, owura no suaee dendeenden sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, monnsi mʼanim bio.’ ”

6 Israel bisaa ne mma no sɛ, “Adɛn enti na moka kyerɛɛ owura no sɛ mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?”

7 Anuanom no buaa wɔn agya Israel sɛ, “Owura no nyaa adagyeɛ, too ne bo ara bisaa yɛn ne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm nyinaa sɛ, ‘Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua foforɔ bi ka mo ho?’ Nsɛm a ɔbisaa yɛn no na yɛbuaa no. Na yɛnnim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ”

8 Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel sɛ, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.

9 Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu sɛ wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa.

10 Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa ɛberɛ yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”

11 Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yie deɛ a, ɛnneɛ, momfa asase yi so nnepa a ebi ne akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, aduhwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nhyɛ mo nkotokuo mu, nkɔyɛ owura no ayɛ.

12 Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho mmienu, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mosane de sika a kane no mode kɔeɛ na ɔsane de hyɛɛ mo nnesoa mu baeɛ no kɔma no. Ebia, na ɛyɛɛ no anifasoɔ.

13 Momfa mo nua no nso nka mo ho, na monsim ntɛm ntɛm nkɔ.

14 Otumfoɔ Onyankopɔn nnyina mo akyiri, na owura no nhunu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua panin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsane mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ medi wɔn wuo ho awerɛhoɔ nso a, menni asɛm biara ka.”

15 Enti, Israel mma no faa akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho mmienu, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, siim kɔeɛ. Wɔduruu Misraim no, wɔkɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef.

16 Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa nkurɔfoɔ no kɔ me fie, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduane, na awia me ne wɔn bɛdidi.”

17 Ɔsomfoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɔde nkurɔfoɔ no kɔɔ Yosef fie.

18 Ɔde wɔn duruu Yosef fie no, wɔsuroeɛ. Wɔkaa sɛ, “Gyama ɛsiane dwetɛ a wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu no enti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔno to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsane fa yɛn mfunumu no nyinaa.”

19 Wɔduruu Yosef fie kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef ɔsomfoɔ panin no nkyɛn.

20 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha ɛberɛ bi a atwam bɛtɔɔ aduane.

21 Ɛberɛ a yɛresane akɔ yɛn kurom a adeɛ saeɛ, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoeɛ hɔ na yɛbuebuee yɛn nkotokuo ano, na yɛhunuu sɛ obiara sika a ɛkura no a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ ne kotokuo no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno enti, yɛasane de aba.

22 Yɛasane de sika foforɔ aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu.”

23 Ɔsomfoɔ panin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ asɛm biara. Monnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Onyame a ɔsom no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotokuo no mu maa mo. Na mo sika no deɛ, yɛgyeeɛ.” Afei, ɔyii Simeon firii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.

24 Ɔsomfoɔ panin no de wɔn kɔɔ Yosef fie, maa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ase, ɛnna ɔmaa wɔn mfunumu no nso aduane diiɛ.

25 Wɔboaboaa akyɛdeɛ a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wɔbɛdidi wɔ efie hɔ awia no.

26 Ɛberɛ a Yosef baeɛ no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛdeɛ no maa no.

27 Yosef bisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho te. Ɔtoaa so sɛ, “Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te sɛn? Ɔda so te ase anaa?”

28 Wɔbuaa no sɛ, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho yɛ. Ɔda so te ase.” Wɔde obuo ne anidie bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim.

29 Ɛberɛ a nʼani tɔɔ ne maame ba Benyamin anim no, ɔbisaa sɛ, “Yei ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no anaa?” Ɔtoaa so sɛ, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!”

30 Yosef hunuu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ hoeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm firii adi kɔhyɛɛ ne piam, kɔsuiɛ.

31 Ɔsu wieeɛ no, ɔhohoroo nʼanim, sane baeɛ de animia kaa sɛ, “Momma yɛnnidi!”

32 Wɔtoo Yosef ɛpono wɔ baabi, ɛnna wɔtoo anuanom no nso ɛpono wɔ baabi wɔ ɛdan korɔ no ara mu. Misraimfoɔ a wɔyɛ Yosef asomfoɔ no nso didii wɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ nto nsa nnidi, ɛyɛ wɔn akyiwadeɛ.

33 Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim.

34 Wɔtetee nnuane no firi Yosef ɛpono so kɔmaa wɔn, nanso Benyamin deɛ, na ne deɛ no dɔɔso sene ne nua biara deɛ mprenum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigyeɛ ne ahosɛpɛ didi nomeeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/43-5c739f0fb683e1f4b358cae6f68222fe.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 44

Yosef Amma Benyamin Ankɔ

1 Afei, Yosef hyɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa aduane dodoɔ biara a mmarima no bɛtumi asoa no hyɛ wɔn nkotokuo no ma ma, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotokuo mu ma no.

2 Afei, fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduane no sika ho, na fa hyɛ ne kotokuo no mu.” Na ɔsomafoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.

3 Adeɛ kyee anɔpa no, ɔgyaa anuanom no ne wɔn mfunumu no kwan.

4 Wɔannuru akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Ti nkurɔfoɔ no ntɛm so, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na mode bɔne tua papa so ka? Adɛn enti na moawia me dwetɛ kuruwa?

5 Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhunumusɛm no nie? Yei yɛ bɔne kɛseɛ a moayɛ.’ ”

6 Ɔkɔtoo wɔn no, ɔtii saa asɛm korɔ yi ara mu kyerɛɛ wɔn.

7 Nanso, anuanom no buaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ adeɛ a ɛte saa!

8 Sika a yɛhunuu wɔ yɛn nkotokuo mu no, yɛansane amfa amfiri Kanaan ammrɛ mo anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ firi wo wura fie?

9 Sɛ wohunu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa afebɔɔ.”

10 Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɛyɛ, na deɛ ɔwiaeɛ no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa. Na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.”

11 Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano.

12 Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo no mu.

13 Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Afei, wɔn nyinaa sane hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfunumu no so, sanee wɔn akyiri, kɔɔ kuro no mu bio.

Anuanom No Bu Yosef Nkotodwe

14 Ɛberɛ a Yuda ne ne nuanom no kɔduruu kuro no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fie hɔ. Enti, wɔn nyinaa totoo wɔn ho guu fam wɔ nʼanim.

15 Yosef bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhunumusɛm so bɛtumi ahunu biribiara mu?”

16 Yuda buaa sɛ, “Anoyie bɛn na yɛbɛtumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahunu sɛ yɛnni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfoɔ afɔdie yi adi. Yɛne deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa”.

17 Nanso, Yosef kaa sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Onipa a wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no deɛ, monsane nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoeɛ mu.”

Yuda Srɛ Ma Benyamin

18 Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma me a meyɛ wʼakoa no ɛkwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwom sɛ, wo ne Farao yɛ pɛ deɛ, nanso mesrɛ wo, nya aboterɛ ma wo ɔsomfoɔ.

19 Me wura bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’

20 Na yɛbuaa sɛ, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akɔkoraa ne yɛn kaakyire a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne maame ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yie.’

21 “Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’

22 Yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abarimaa no rentumi nte ne ho mfiri nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔte ne ho firi nʼagya ho a, nʼagya no bɛwu.’

23 Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim bio.’

24 Yɛsane kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.

25 “Ɛnna yɛn agya kaa sɛ, ‘Monsane nkɔ bio nkɔtɔ aduane kakra mmra.’

26 Nanso, yɛka kyerɛɛ yɛn agya sɛ, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’

27 “Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu.

28 Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa sɛ, “Aboa bi atete no pasaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio.

29 Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’

30 “Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no,

31 sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman.

32 Wʼakoa a ɔde ne ho dii abɔfra no agyinamu sɛ ɔde no bɛba kaa sɛ, ‘Sɛ mamfa no ansane ammrɛ wo a, ɛho asodie no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’

33 “Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abɔfra no ananmu wɔ ha, na ma abɔfra no ne ne nuammarima no nsane nkɔ.

34 Na sɛ abɔfra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn makɔpue mʼagya anim. Dabi! Merentumi nnyina ahohiahia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/44-338b16250f308c5ef07bdd3f718541b0.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 45

Yosef Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Ne Nuanom

1 Afei, na Yosef yɛ ne ho biribiara a, ɛnyɛ yie wɔ nʼasomfoɔ no nyinaa anim. Enti, ɔteaam kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ.” Enti, ɛberɛ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ.

2 Ɔsuu dendeenden maa Misraimfoɔ no teeɛ. Ɛyɛɛ saa ma ɛduruu Farao fiefoɔ asom.

3 Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Mene Yosef! Mʼagya te ase anaa?” Asɛm no yɛɛ wɔn nwanwa yie ma ɛtɔree wɔn mumu wɔ nʼanim.

4 Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Montwe mmɛn me.” Wɔtwe bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔnee me maa wɔde me kɔɔ Misraim no.

5 Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa.

6 Mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm baa asase yi so. Mfeɛ enum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa.

7 Onyankopɔn asoma me ha sɛ, memma mo ne mo fiefoɔ ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛseɛ.

8 “Enti, ɛnyɛ mo na mode mebaa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufoɔ ne ne fie sohwɛfoɔ, ɛnna ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.

9 Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ wo babarima Yosef seɛ ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfoɔ. Enti, ntwentwɛn wo nan ase koraa, na bra Misraim!

10 Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nnwan ne wʼanantwie ne biribiara a wowɔ bra.

11 Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, ɛfiri sɛ saa ɛkɔm kɛseɛ yi aka mfeɛ enum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fiefoɔ ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bɛdi hia buruburoo.’

12 “Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanseɛ sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi.

13 Monka animuonyam a Onyame adom enti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abɛhunu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsiane mmrɛ me ntɛm so.”

14 Ɔyɛɛ Benyamin atuu, suiɛ, a anigyeɛ ne awerɛhoɔ adi afra. Benyamin nso firii aseɛ suiɛ.

15 Ɔfefee ne nuanom no nyinaa ano suiɛ, na ɛno akyiri no, wɔtumi ne no kasaeɛ.

Farao Hyia Yakob Ba Misraim

16 Ɛberɛ a wɔtee wɔ Farao fie sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa ani gyeeɛ.

17 Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so,

18 na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafoɔ nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a ɛyɛ pa ara atena so. Wɔbɛdi asase no so nnepa!’

19 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra.

20 Monnha mo ho wɔ mo agyapadeɛ ho, ɛfiri sɛ, mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ ”

21 Enti, Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.

22 Ɔmaa ne nuanom no mu biara atadeɛ foforɔ, nanso Benyamin deɛ, ɔmaa no ntadeɛ ahodoɔ enum ne dwetɛ kilogram mmiɛnsa ne fa.

23 Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane.

24 Ɔgyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔkasakasa wɔ ɛkwan so.”

25 Enti, wɔfirii Misraiman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so.

26 Wɔduruiɛ no, wɔde anigyeɛ bɔɔ wɔn agya amaneɛ sɛ, “Yosef te ase! Nokwasɛm nie, ɔno na ɔdi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm yi no, ne ho dwirii no. Wannye anni.

27 Na ɛberɛ a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wieeɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no.

28 Afei, Israel kaa sɛ, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, Yosef te ase. Mɛkɔ makɔhunu no ansa na mawu.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/45-f38043123c5bff5e1070f88225a36e75.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 46

Yakob Kɔ Misraim

1 Enti, Israel de nʼahodeɛ nyinaa siim kɔduruu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak somm no no afɔdeɛ wɔ hɔ.

2 Anadwo anisoadehunu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob sɛ, “Yakob! Yakob!”

Yakob gyee so sɛ, “Me nie.”

3 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya somm no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, ɛfiri sɛ, mɛma wʼase adɔre ayɛ ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.

4 Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.”

5 Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu.

6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim.

7 Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim.

8 Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim.

Ruben yɛ Yakob abakan.

9 Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

10 Simeon nso mmammarima yɛ:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.

11 Lewi mmammarima din na ɛdidi so yi:

Gerson, Kohat ne Merari.

12 Yuda nso mmammarima yɛ:

Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan deɛ, wɔwuwuiɛ wɔ Kanaan asase so, ansa na Israel reba Misraim asase so.

Peres mmammarima yɛ:

Hesron ne Hamul.

13 Isakar mmammarima nso yɛ:

Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

14 Sebulon mmammarima nso yɛ:

Sered, Elon ne Yakleel.

15 Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woeɛ wɔ Paddan-Aram a ne babaa Dina nso ka ho. Saa mmammarima ne ne babaa yi nyinaa dodoɔ si nnipa aduasa mmiɛnsa.

16 Gad nso mma din na ɛdidi so yi:

Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

17 Aser nso mma din na ɛdidi so yi:

Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera.

Beria nso mma yɛ:

Heber ne Malkiel.

18 Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia.

19 Yakob yere Rahel mma yɛ:

Yosef ne Benyamin.

20 Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.

21 Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

22 Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan.

23 Dan babarima yɛ

Husim.

24 Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

25 Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason.

26 Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefoɔ ankasa, a ne mmammarima yerenom nka ho dodoɔ ano si aduosia nsia.

27 Sɛ wɔde Yosef mmammarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodoɔ ano si nnipa aduɔson.

Farao Bɔ Yakob Atenaseɛ Wɔ Gosen

28 Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef hɔ kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen.

29 Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim pɛ, ɔbam no, suiɛ ara kwansin.

30 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.”

31 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no sɛ, “Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ, ‘Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.

32 Mmarima no yɛ nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.’

33 Sɛ Farao frɛ mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’

34 momma no mmuaeɛ sɛ, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa firi wɔn mmɔfraase, te sɛ deɛ yɛn agyanom yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenaeɛ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ kɔkɔɔkɔ.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/46-7f2119087ad52138c90678a1098b037d.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 47

1 Yakob mma no bɛduruu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn agyapadeɛ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so”.

2 Yosef yii ne nuammarima no mu baanum de wɔn kɔkyeaa Farao.

3 Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?”

Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.”

4 Anuanom no toaa so sɛ, “Yɛaba ha sɛ amamfrafoɔ a yɛrebɛtena ha kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm no ano yɛ den yie wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nnwan nnya aduane nni. Enti, yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.”

5 Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.

6 Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuammarima baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wonim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nnwan so mma me.”

Yakob Hyira Farao

7 Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bɛkyiaa Farao maa Yakob hyiraa no.

8 Farao bisaa Yakob sɛ, “Woadi mfeɛ ahe?”

9 Yakob buaa Farao sɛ, “Madi mfeɛ ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Mennuru mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.”

10 Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii nʼanim kɔeɛ.

11 Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.

12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te.

13 Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ.

14 Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie.

15 Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?”

16 Yosef buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo sika asa deɛ a, momfa mo nnwan ne mo anantwie mmra mmɛgye aduane.”

17 Enti, wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduane no yɛ apɔnkɔ, nnwan, mpɔnkye, anantwie ne mfunumu. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduane.

18 Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.

19 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”

20 Enti, Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɛkɔm no ano den enti, Misraimfoɔ no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa maa nsase no nyinaa bɛdii Farao nsam.

21 Ɛfiri Misraim tire kɔsi tire, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa.

22 Asɔfoɔ nko ara nsase na wantɔ, ɛfiri sɛ, asɔfoɔ no deɛ, na Farao atwa anoduane bi de ama wɔn. Ne saa enti na wɔn deɛ, wɔantɔn wɔn nsase no.

23 Yosef ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, monnye aburoo nkɔdua.

24 Na sɛ aburoo no yɛ yie, na motwa a, momfa nkyɛmu enum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu enum mu ɛnan a ɛbɛka no, mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nni bi, na monnya bi nso a mobɛdua.”

25 Wɔkaa sɛ, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao sɛ, ɔnnye yɛn ntom, na yɛnyɛ nkoa.”

26 Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛeɛ sɛ, wɔmfa asase no so nnɔbaeɛ nyinaa mu nkyɛmu enum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Asɔfoɔ no nsase nko ara na ankɔdi Farao nsam.

Yosef Hyɛ Nʼagya Bɔ

27 Israelfoɔ no bɔɔ atenaseɛ wɔ Gosen mansini a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wɔnyaa agyapadeɛ wɔ hɔ, na wɔn ase nso dɔree yie.

28 Yakob tenaa Misraim mfeɛ dunson. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne aduanan nson ansa na ɔrewu.

29 Ɛduruu sɛ Yakob rebɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɛ wodɔ me deɛ a, ka ntam di nse sɛ, wobɛyɛ me adɔeɛ, adi me nokorɛ. Sɛ mewu a, nsie me wɔ Misraim ha.

30 Sɛ mewu a, momfa me mfiri Misraim ha, nkɔsie me wɔ baabi a wɔsiee me mpanimfoɔ no.”

Yosef hyɛɛ bɔ sɛ, “Mɛdi asɛm a woaka no so.”

31 Yakob kaa bio sɛ, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuu ne poma so sɔree Onyankopɔn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/47-21b3dcb2541cf5585ecd11310b42054d.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 48

Yakob Hyira Efraim Ne Manase

1 Yei akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya yare.” Enti, Yosef faa ne mmammarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no.

2 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yakob amaneɛ sɛ, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so maa no akwaaba.

3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me,

4 ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ. Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ.’

5 “Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon yɛ me mma no.

6 Mma foforɔ biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyiri no na wɔbɛyɛ wo dea. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so.

7 Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”

8 Ɛberɛ a Israel hunuu Yosef mmammarima no, ɔbisaa sɛ, “Na yeinom yɛ ɛhefoɔ?”

9 Yosef buaa nʼagya sɛ, “Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.”

Na Israel kaa sɛ, “Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn.”

10 Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano.

11 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Manna mannwene sɛ mɛhunu wʼanim bio da, nanso hwɛ deɛ Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahunu wo mma nso.”

12 Yosef pagyaa wɔn firii Israel kotodwe anim, ɛnna ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuu fam.

13 Ɔpagyaa ne mu no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, ɛnna ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ.

14 Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom sɛ na Manase yɛ abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.

15 Ɔhyiraa Yosef sɛ,

“Onyankopɔn a mʼagyanom

Abraham ne Isak nantee nʼanim,

ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ

de bɛsi ɛnnɛ no,

16 ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no,

ɔnhyira saa mmarimaa yi.

Wɔmfa me din ne mʼagyanom,

Abraham ne Isak edin ntoto wɔn,

na wɔn ase mfɛe

wɔ asase so.”

17 Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.

18 Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”

19 Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.”

20 Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ,

“Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho.

Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”

Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim.

21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.

22 Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/48-b146d371aec0d28c3da8ed6cb4e775c5.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 49

Yakob Hyira Ne Mmammarima

1 Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so.

2 “Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie;

montie mo agya Israel.

3 “Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.

Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a

ɛboro animuonyam ne tumi so.

4 Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,

ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ,

de guu mʼanim ase.

5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.

Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie.

6 Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho,

ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa,

na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani.

7 Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den,

na ɛyɛ atirimuɔdensɛm!

Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete

Israelman mu nyinaa.

8 “Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ.

Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

Wʼagya mmammarima bɛkoto wo.

9 Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a

woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie.

Wote sɛ gyata a wabutu.

Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?

10 Ahempoma remfiri Yuda nsam,

na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam,

kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.

11 Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu.

Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu.

Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu,

na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

12 Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa.

Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo.

13 “Sebulon bɛtena mpoano.

Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.

Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon.

14 “Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a

ɔbutu hɔ rehome wɔ nnwankuo mu.

15 Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a,

ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a,

ɔbɛkuntunu agye adesoa,

na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.

16 “Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn

sɛ Israel mmusuakuo no baako.

17 Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn;

ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a

ɔka ɔpɔnkɔ nantin,

sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri.

18 “Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn.

19 “Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so,

na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so.

20 “Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa.

Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.

21 “Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no a

ɔwo mma ahoɔfɛfoɔ.

22 “Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba,

a ɛsi asutene ho,

na ne mman tra afasuo.

23 Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ,

de abufuo to hyɛɛ ne so.

24 Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn,

na ne basa mu yɛɛ den;

esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no

a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no;

25 esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no;

Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo;

nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ;

nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.

26 Wʼagya nhyira a wɔahyira no no

bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ

ne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ.

Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua

a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so.

27 “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;

ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we,

na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.”

28 Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.

Yakob Wuo Ne Ne Sie

29 Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu.

30 Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ.

31 Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso.

32 Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn.”

33 Ɛberɛ a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wuiɛ. Wɔkɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/49-0b339fb3f55f91dda1349cefe39a013c.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 50

Wɔsie Yakob Wɔ Kanaan

1 Afei, Yosef too ne ho hwee nʼagya so suiɛ, fee nʼano.

2 Ɛno akyiri no, Yosef maa nʼaduruyɛfoɔ bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuro, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti, aduroyɛfoɔ no hyɛɛ no akyenkyennuro.

3 Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuro no, ɛfiri sɛ, saa nna dodoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduro no. Misraimfoɔ suu no nnafua aduɔson.

4 Wɔsuu no wieeɛ no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ, “Sɛ manya mo anim animuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me sɛ,

5 ‘Mʼagya maa mekaa ntam,’ na ɔkaa sɛ: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti, sɛ mewu a, ɔboda a mʼankasa metwaa wɔ Kanaan asase so no mu na monkɔsie me. ‘Enti, mommisa otumfoɔ Farao ɛkwan mma me na menkɔsie mʼagya, na mɛsane maba.’ ”

6 Farao penee akwansra no so, kaa sɛ, “Kɔ na kɔsie wʼagya, sɛdeɛ ɔmaa wo kaa no ntam no.”

7 Ɛno enti, Yosef kɔ kɔsiee nʼagya. Farao asomfoɔ nyinaa ne ne mpanimfoɔ ne nʼatenankonnwa ne Misraim nnipa titire nyinaa kɔgyaa Yosef ayie.

8 Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ.

9 Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ.

10 Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ.

11 Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ.

12 Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.

13 Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu.

14 Yosef siee nʼagya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkɔgyaa no ayie no nyinaa sane baa Misraim.

Yosef De Ne Nuanom Bɔne Kyɛ Wɔn

15 Yosef agya wuo akyiri no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔ, na ɔtua yɛn bɔne ahodoɔ a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no ɛdeɛn.”

16 Enti, wɔtuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu.

17 ‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahodoɔ a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti, afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya somm no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Ɛberɛ a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kaeɛ no, ɔsuiɛ.

18 Yosef nuammarima no bɛtotoo wɔn ho guguu nʼanim, kaa sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa.”

19 Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a mɛtumi abu mo atɛn, atwe mo aso anaa?

20 Ɛwom sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne deɛ, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdane ade pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi agye nnipa dodoɔ nkwa, sɛdeɛ ɔreyɛ no ɛnnɛ yi.

21 Enti, monnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ɛhia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.

Yosef Wuo

22 Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafoɔ nyinaa tenaa Misraim asase so. Ɔdii mfeɛ ɔha ne edu ansa na ɔrewu.

23 Yosef hunuu Efraim mma nana ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so.

24 Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarima no sɛ, “Ɛrenkyɛre biara na mawu. Nanso, Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afiri saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.”

25 Yosef maa Israel mmammarima no kaa ntam, na Yosef kaa sɛ, “Nokorɛm, Onyankopɔn bɛdi aboa mo. Sɛ mewu nso a, monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ Kanaan asase so.”

26 Yosef dii mfeɛ ɔha ne edu, na ɔwuiɛ. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuro de no too efunu adaka mu wɔ Misraim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/50-e3101ec9cb6af41cc9d21e0e85bf01f5.mp3?version_id=2094—