Categories
1 Mose

1 Mose 1

Adebɔ Ahyɛaseɛ

1 Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.

2 Na asase yɛ sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

3 Onyankopɔn hyɛɛ sɛ, ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.

4 Onyankopɔn hunuu sɛ hann no yɛ enti, ɔtee hann no firii esum no ho.

5 Onyankopɔn frɛɛ hann no sɛ adekyeeɛ, na esum no nso sɛ adesaeɛ. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ, ɛda a ɛdi ɛkan no no.

6 Onyankopɔn kaa sɛ, “Nkyɛmu mmra nsuo no ntam, na ɛnkyekyɛ nsuo no mu.”

7 Enti, Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no de kyekyɛɛ nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase firii nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.

8 Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no edin ewiem. Na esum duruiɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ; yei ne ɛda a ɛtɔ so mmienu.

9 Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa.

10 Onyankopɔn too beaeɛ kesee no edin asase. Ɛnna nsuo a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no edin ɛpo. Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

11 Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Afifideɛ mfifiri asase so; afifideɛ a ɛso aba, nnuaba ahodoɔ a ɛso aba ne deɛ, nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifiri asase so.” Na ɛyɛɛ saa.

12 Afifideɛ a ɛso aba ne nnua fifirii asase so na nʼaba no nyini yɛɛ nnua ne afifideɛ sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.

13 Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa.

14 Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu mmɛpae adekyeeɛ ne adesaeɛ mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinasoɔ mma ɛberɛ nkyekyɛmu, nna ne mfeɛ

15 na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.

16 Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu a ɛyɛ owia ne ɔbosome sɛ, owia no nni adekyeeɛ so na ɔbosome no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso.

17 Onyankopɔn de nkanea akɛseɛ mmienu yi sii nkyɛmu ewiem no mu sɛ, ɛnhyerɛn wɔ asase so,

18 na wɔnni adekyeeɛ ne adesaeɛ no so, na ɛnte hann no mfiri esum no ho. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.

19 Na adeɛ saeɛ, ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a ɛtɔ so ɛnan ne no.

20 Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nhyɛ nsuo no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no so.”

21 Enti, Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahodoɔ nyinaa. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

22 Onyankopɔn hyiraa abɔdeɛ no nyinaa so, ɛnna ɔkaa sɛ, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ ɛpo no ma, na nnomaa ase ntrɛ wɔ asase so.”

23 Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a, ɛtɔ so enum ne no.

24 Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa ne wɔn sɛso, anantwie ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahodoɔ a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa.

25 Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahodoɔ, anantwie ahodoɔ ne wɔn sɛso ne mmoa a, wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.

26 Onyankopɔn kaa sɛ, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na ɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, anantwie ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so.”

27 Enti, Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbaa ne ɔbarima na ɔbɔɔ wɔn.

28 Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa wɔ mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so.”

29 Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Mede asase so afifideɛ a ɛso aba nyinaa, afifideɛ biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduane.

30 Mede nhahammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ ewiem, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduane.” Na ɛyɛɛ saa.

31 Onyankopɔn hwɛɛ deɛ wayɛ nyinaa hunuu sɛ ɛyɛ papa. Na adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so nsia.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/1-d6e081f752b83379e44242e8525b9aad.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 2

1 Yei ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

2 Ɛduruu ɛda a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ɔhyɛɛ aseɛ yɛeɛ no nyinaa. Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔgyee nʼahome.

3 Onyankopɔn hyiraa ɛda a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho. Ɛfiri sɛ, saa ɛda no na Onyankopɔn gyee nʼahome firii adebɔ nnwuma no nyinaa ho.

4 Yei ne ɔsoro ne asase bɔ ho asɛm. Ɛberɛ a Awurade Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.

5 Na afifideɛ biara nni asase so, na wiram nnua biara nso nni hɔ. Ɛfiri sɛ, na Awurade Onyankopɔn mmaa nsuo ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma.

6 Nanso, nsutire puepue fifirii asase mu bɛpetee asase ani nyinaa.

7 Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.

8 Afei, Awurade Onyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ.

9 Awurade Onyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa fifirii asase no so; nnua a ɛyɛ fɛ na wɔdie. Turo no mfimfini no na nkwa dua, ɛnna papa ne bɔnehunu dua sisie.

10 Na nsuo tene firi Eden bɛgugu turo no mu afifideɛ no so; ɛfiri hɔ a, na saa nsuo no mu apaapae ayɛ nsubɔntene ɛnan.

11 Wɔtoo nsuo a apaapae no mu deɛ ɛdi ɛkan no edin Pison. Na ɛkontonkonton fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa.

12 Na saa asase no so sikakɔkɔɔ yɛ. Na ɛhyɛ a ɛyɛ hwam ne apopobibirieboɔ nso wɔ hɔ.

13 Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Na ɛno ara na abobare afa Kus asase ho nyinaa.

14 Asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛtene kɔ asase kɛseɛ Asiria apueeɛ fam. Asuo a ɛtɔ so ɛnan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.

15 Awurade Onyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so.

16 Na Awurade Onyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ sɛ, “Wowɔ ho ɛkwan sɛ, wodi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha;

17 nanso wonni ho ɛkwan sɛ wodi papa ne bɔnehunu dua no so aba. Ɛda a wobɛdie no, deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.”

Onyankopɔn Bɔ Hawa

18 Afei, Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ onipa nko ara tena; mɛbɔ ɔboafoɔ a ɔfata no ama no.”

19 Saa ɛberɛ no na, Awurade Onyankopɔn de mfuturo abɔ wiram mmoa ne ewiem nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ edin ko a ɔde bɛtoto wɔn. Edin a onipa de too abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ no.

20 Enti, onipa totoo nyɛmmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoa no nyinaa edin.

Nanso, onipa deɛ, wannya ɔboafoɔ a ɔfata no.

21 Enti, Awurade Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ hɔ no.

22 Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no.

23 Na Adam kaa sɛ,

“Mʼankasa me dompe

ne me honam bi nie.

Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ,

ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.”

24 Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

25 Saa ɛberɛ no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/2-b06727f7ff54443a3e186add3e95d1c3.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 3

Bɔne A Adam Yɛeɛ Ne Akyire Asɛm

1 Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafoɔ wɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Enti, ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Monnni turo yi mu aduaba biara?’ ”

2 Ɔbaa no buaa ɔwɔ sɛ, “Yɛtumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara,

3 nanso Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ yɛdi dua a ɛsi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a, yɛbɛwuwu.’ ”

4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu.

5 Onyankopɔn nim sɛ, ɛda a mobɛdi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne.”

6 Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ maa ɔno nso diiɛ.

7 Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so.

8 Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn.

9 Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no sɛ, “Mowɔ he?”

10 Adam buaa sɛ, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na mesuro, ɛfiri sɛ, na meda adagya enti mekɔtɛeɛ.”

11 Na Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo sɛ, nni so aba no, woadi nʼaba no bi?”

12 Adam kaa sɛ, “Aane. Ɔbaa no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔte firii dua no so no brɛɛ me ma mediiɛ.”

13 Enti, Awurade Onyankopɔn bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”

Ɔbaa no buaa sɛ, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma mediiɛ.”

14 Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti,

“Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa

ne nkekaboa mu.

Wobɛwea wʼafuru so,

na wo nkwa nna

nyinaa woadi mfuturo.

15 Mede ɔtan bɛto

wo ne ɔbaa no

ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam.

Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire,

na wo nso woaka ne nantin.”

16 Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ,

“Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu;

ɔyea mu na wobɛwo mma.

Yei nyinaa akyiri no,

wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”

17 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti,

“Madome asase,

na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so

wo nkwa nna nyinaa.

18 Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ

ama wo na woadi wiram nhahan.

19 Wobɛsiam wʼanim fifire

ansa na woanya aduane adi,

kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ,

dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ;

woyɛ dɔteɛ,

na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ.”

20 Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na.

21 Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.

22 Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahunu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no ɛkwan na ɔtene ne nsa kɔte nkwa dua no so aba no bi die, na ɔtena ase afebɔɔ.”

23 Enti, Awurade Onyankopɔn pamoo no firii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a, wɔnwonoo no firii mu no so.

24 Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam hɔ no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii hɔ sɛ, ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/3-acd2b686e6d2cf423a2fd158fa793503.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 4

Kain Ne Habel Afɔrebɔ

1 Afei, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma ɔnyinsɛne woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkaa sɛ, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima.

2 Akyire no, ɔsane woo nʼakyiri ɔbabarima too no edin Habel.

Na Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, ɛnna Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ.

3 Nna bi akyiri, Kain de nʼafuom nnɔbaeɛ bi kɔbɔɔ Awurade afɔdeɛ.

4 Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadɔre sradeɛ kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔdeɛ no.

5 Nanso Kain afɔrebɔdeɛ no deɛ, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuiɛ.

6 Awurade bisaa Kain sɛ, “Adɛn enti na wo bo afuo? Adɛn enti na woamuna saa?

7 Sɛ woyɛ ade pa a, wɔbɛgye wo atom. Sɛ wonyɛ ade pa deɛ a, ɛnneɛ, hwɛ yie. Ɛfiri sɛ, bɔne retwɛn ako atia wo, asɛe wo, nanso ɛsɛ sɛ wodi ne so.”

Kain Kum Habel

8 Ɛda bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ, “Ma yɛnkɔ afuom.” Ɛberɛ a wɔwɔ afuom hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so, kumm no.

9 Awurade bisaa Kain sɛ, “Wo nua Habel wɔ he?”

Kain buaa sɛ, “Mennim. Mɛyɛ dɛn mahunu? Me na mehwɛ me nua no so anaa?”

10 Awurade bisaa Kain sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su firi asase so frɛ me.

11 Seesei, wɔadome wo, apamo wo afiri asase a ɛbuee nʼano gyee wo nua mogya firii wo nsam no so.

12 Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so.”

13 Kain kaa sɛ, “Awurade mʼasotweɛ boro me so.

14 Ɛnnɛ, woapam me afiri asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfoɔ akyinkyin asase so na obiara a ɔbɛnya me no bɛkum me.”

15 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnte saa koraa! Obiara a ɔbɛkum Kain no bɛnya Kain asotwe no mprɛnson.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyiraeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔbɛhyia no no renkum no.

16 Enti, Kain dwane firii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ fam.

Anibue Ahyɛaseɛ

17 Kain de ne ho kaa ne yere na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima, too no edin Henok. Saa ɛberɛ no, Kain kyekyeree kuro bi de too ne ba Henok.

18 Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.

19 Lamek waree mmaa baanu a wɔn din de Ada ne Sila.

20 Ada woo Yabal a nʼasefoɔ yɛ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa.

21 Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ yɛ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ.

22 Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ ne nnadeɛ ahodoɔ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabaa bi a ne din de Naama.

23 Ɛda bi Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila sɛ,

“Montie me, me yerenom

makum aberanteɛ bi a,

ɔto hyɛɛ me so, piraa me.

24 Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mprɛnson a,

ɛnneɛ, me Lamek, deɛ ɔbɛkum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson nson.”

25 Akyire yi, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no edin Set kaa sɛ, “Onyankopɔn ama me ɔba foforɔ asi Habel a Kain kumm no no ananmu.”

26 Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no edin Enos.

Saa ɛberɛ no mu na nnipa hyɛɛ aseɛ bɔɔ Awurade edin.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/4-f628361106d2530d3311faa5a45a8f9e.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 5

Adam Asefoɔ

1 Sɛdeɛ Adam asefoɔ nnidisoɔ teɛ nie.

Ɛberɛ a Onyankopɔn nwonoo onipa no, ɔnwonoo no sɛ ɔno ara ne sɛso.

2 Ɔbɔɔ ɔbaa ne ɔbarima, na ɔhyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wieeɛ no, ɔtoo wɔn edin onipa.

3 Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set.

4 Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

5 Sɛ wɔka Adam mfeɛ nyinaa bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduasa, ansa na ɔrewu.

6 Set dii mfeɛ ɔha ne enum no, ɔwoo Enos.

7 Set woo Enos akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

8 Sɛ wɔka Set mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne dumienu, ansa na ɔrewu.

9 Enos dii mfeɛ aduɔkron no, ɔwoo Kenan.

10 Enos woo Kenan akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe ne dunum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

11 Sɛ wɔka Enos mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne enum, ansa na ɔrewu.

12 Kenan dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.

13 Kenan woo Mahalalel akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe aduanan, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

14 Sɛ wɔka Kenan mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne edu, ansa na ɔrewu.

15 Mahalalel dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Yared.

16 Mahalalel woo Yared akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

17 Sɛ wɔka Mahalalel mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nwɔtwe aduɔkron enum, ansa na ɔrewu.

18 Yared dii mfeɛ ɔha aduosia mmienu no, ɔwoo Henok.

19 Yared woo Henok akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

20 Sɛ wɔka Yared mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia mmienu, ansa na ɔrewu.

21 Henok dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Metusela.

22 Henok woo Metusela akyiri no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfeɛ ahasa, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

23 Sɛ wɔka Henok mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahasa aduosia enum.

24 Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhunu no bio, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn faa no kɔeɛ.

25 Metusela dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe nson no, ɔwoo Lamek.

26 Metusela woo Lamek akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

27 Sɛ wɔka Metusela mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia nkron, ansa na ɔrewu.

28 Lamek dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe mmienu no, ɔwoo ɔbabarima.

29 Ɔtoo no edin Noa, na ɔkaa sɛ, ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegyeɛ afiri kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.

30 Lamek woo Noa akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum aduɔkron enum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.

31 Sɛ wɔka Lamek mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔson nson, ansa na ɔrewu.

32 Noa dii mfeɛ ahanum no, ɔwoo mmammarima baasa a, wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/5-2dd2e3ef78abb4fb1e6674c6373db6de.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 6

Nnipa Ne Bɔne

1 Ɛberɛ a nnipa dɔɔso wɔ asase so no, wɔwoo mmammaa.

2 Onyankopɔn mmammarima no hunuu sɛ nnipa mmammaa no ho yɛ fɛ enti, deɛ obiara pɛ no no, ɔfaa no wareeɛ.

3 Afei, Awurade kaa sɛ, “Me honhom rentena nnipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ, wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.”

4 Saa ɛberɛ no, na nnipa akwabrane wɔ asase no so. Ɛberɛ a Onyankopɔn mmammarima yi kɔɔ nnipa mmammaa yi ho no, wɔne wɔn wowoeɛ. Saa nnipa yi ne kane tete nnipa atitire a na wɔyɛ akofoɔ a wɔgyee edin no.

5 Awurade Onyankopɔn hunuu sɛ adasamma amumuyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko ara.

6 Ɛyɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ.

7 Awurade kaa sɛ, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ me ya sɛ mebɔɔ wɔn.”

8 Nanso, Noa deɛ, ɔnyaa adom Awurade anim.

9 Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie.

Na Noa yɛ onipa teneneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.

10 Noa woo mmammarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.

11 Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso.

12 Onyankopɔn hunuu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, hunuu awurukasɛm ne amumuyɛsɛm, afanan nyinaa nso.

13 Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so enti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa.

14 Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka emu ne akyire nyinaa.

15 Sei na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahanan aduonum, ne trɛ anammɔn aduɔson enum, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan enum.

16 Bɔ adaka no so. Ma ne ɔsorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Fa ɛpono to adaka no nkyɛn, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa; deɛ ɛdi ɛkan, deɛ ɛda ntam ne deɛ ɛwɔ soro.

17 Tie! Mede nsuyire bɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bɛwuwu.

18 Na wo deɛ, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmammarima, wo yere ne wo mmammarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu.

19 Ɛsɛ sɛ wode abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nyinaa, mmienu mmienu a, ɛyɛ onini ne ɔbereɛ a, wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyire berɛ no a, wɔnwuwuo.

20 Nnomaa ahodoɔ biara mmienu, mmoa biara mmienu, ne abɔdeɛ biara a ɛwea asase so mmienu bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu.

21 Afei, fa nnuane ahodoɔ a, wɔdie na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuane a mobɛdi.”

22 Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/6-20c2f1571ed5977a09bb57f350b31459.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 7

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkɔ Adaka no mu, ɛfiri sɛ, asase so nnipa nyinaa no, wo na mahunu sɛ woyɛ ɔteneneeni.

2 Fa mmoa a wɔn ho te biara, anini nson ne abereɛ nson ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho nte nso mmienu, onini ne ɔbereɛ.

3 Na fa nnomaa biara anini nson ne abereɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no akyiri no, wɔn ase bɛfɛe.

4 Nnanson sɛ ɛnnɛ pɛpɛɛpɛ, mɛma osuo atɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afiri asase so.”

5 Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.

6 Ɛberɛ a nsuyire baa asase so no, na Noa adi mfeɛ aha nsia.

7 Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne nsenom mmaa kɔhyɛɛ adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no renka wɔn.

8 Mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam,

9 mmienu mmienu a wɔyɛ anini ne abereɛ kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no.

10 Na nnanson no akyiri no, nsuyire no hyɛɛ aseɛ.

11 Noa dii mfeɛ ahansia no mu no, bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunson no, nsutire a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔeɛ, na ɛsoro mpomma nso buebueeɛ.

12 Osuo tɔɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.

13 Saa ɛda no ara, Noa ne ne mmammarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmammarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu.

14 Na wiram mmoa ahodoɔ ne nyɛmmoa ahodoɔ ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔdeɛ biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu.

15 Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ wɔn mu mmienu mmienu baa Noa nkyɛn bɛwuraa Adaka no mu.

16 Mmoa a wɔwuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abereɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.

17 Nsuyire no toaa so adaduanan asase so. Ɛmaa Adaka no so ma ɛtɛɛ nsuo no ani.

18 Nsuo no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, ma Adaka no tɛɛ nsuo no ani.

19 Nsuo no yirii tɛntɛntɛn wɔ asase so ara kɔsii sɛ, ɛkataa mmepɔ atentene akɛseɛ a ɛwɔ asase so nyinaa so.

20 Nsuo no yirii ara kɔsii sɛ ɛkataa mmepɔ no so boroo so anammɔn aduonu.

21 Abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wiram mmoa a wɔwea asase so ne adasamma ase hyeeɛ.

22 Biribiara a ɛte asase kesee so nso ase hyeeɛ.

23 Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so ne ewiem nnomaa nyinaa nso, wɔpepaa wɔn firii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.

24 Nsuyire no toaa so asase so nnafua ɔha aduonum.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/7-a665592265db222615953b319c44d0da.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 8

1 Nanso, Onyankopɔn kaee Noa ne wiram mmoa a na wɔne no wɔ adaka no mu no. Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no tweeɛ.

2 Nsutire a ɛwɔ asase ase no mu nsuo a ɛbɔeɛ no gyaee ba, na ɛsoro mpomma no nso mu totoeɛ, maa nsuo no gyaee tɔ.

3 Nsuo no toaa so twe firii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyiri no, na nsuo no atwe koraa.

4 Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔ so.

5 Nsuo no toaa so, tweeɛ ara kɔsii ɔbosome a ɛtɔ so edu no so. Na ɔbosome edu no ɛda a ɛdi ɛkan no, mmepɔ no atifi daa adi.

6 Adaduanan akyiri no, Noa buee mpomma a ɔtwa too adaka no ho no,

7 na ɔsomaa kwaakwaadabi, ma ɔdii akɔneaba kɔsii sɛ nsuo no nyinaa we firii asase no so.

8 Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ, ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo anaa.

9 Nanso, aborɔnoma no annya baabi ansi, ɛfiri sɛ, na nsuo no akata asase no so nyinaa. Enti, ɔsane baa Noa nkyɛn, maa Noa tenee ne nsa sɔɔ ne mu de no baa Adaka no mu.

10 Noa twɛn nnanson, na ɛno akyiri no, ɔsane somaa aborɔnoma no bio.

11 Ɛberɛ a aborɔnoma no sane baa ne nkyɛn anwummerɛ no, na ngo dua ahahammono a wate tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa hunuu sɛ, nsuo no atwe afiri asase no so.

12 Noa twɛnee nnanson bio, na ɔsane somaa aborɔnoma no, nanso wansane amma ne nkyɛn bio.

13 Na ɛbaa sɛ Noa dii mfeɛ ahansia ne baako, bosome a ɛdi ɛkan no mu ɛda a ɛdi ɛkan no, na nsuo no atwe afiri asase no so. Enti, Noa yii adaka no suhyɛ no, na ɔhunuu sɛ, asase so awo.

14 Ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu nson so no na asase no so woo koraa.

15 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ,

16 “Wo ne wo yere ne wo mmammarima ne wɔn yerenom mfiri adaka no mu mfi.

17 Afei, yi abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa firi adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔre wɔ asase so.”

18 Enti, Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne mmammarima yerenom firii adaka no mu.

19 Mmoa no nyinaa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so ahodoɔ nyinaa firii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako.

Onyankopɔn Bɔ A Ɔhyɛɛ Noa

20 Afei, Noa sii afɔrebukyia maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho te, de bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.

21 Awurade tee afɔdeɛ no a Noa bɔeɛ no hwam a ɛyɛ no, ɔkaa wɔ nʼakoma mu sɛ, “Ɛwom sɛ bɔne ahyɛ onipa akoma ma firi ne mmɔfraase deɛ, nanso merenni onipa akyiri nnome asase bio. Na merensɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu bio sɛdeɛ mayɛ yi.

22 “Mmerɛ dodoɔ a asase da so wɔ hɔ yi,

oguo ne otwa,

awɔ ne ahuhuro,

asusɔ ne ɔpɛ,

owia ne anadwo

rentwam da.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/8-8ee312f41b686a84f8c696d21e0f7eb5.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 9

Apam A Onyankopɔn Ne Noa Yɛeɛ

1 Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmammarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.

2 Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.

3 Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduane. Sɛdeɛ mede nhahammono hyɛɛ mo nsa no, afei deɛ, mede biribiara ma mo.

4 “Nanso, ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam.

5 Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm.

6 “Obiara a ɔhwie onipa mogya guo no,

onipa so na wɔnam bɛhwie ɔno nso mogya aguo,

ɛfiri sɛ, Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.

7 Mo deɛ, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe asase so, na monnɔɔso.”

8 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmammarima a wɔka ne ho no sɛ,

9 “Ɛnnɛ, me ne mo ne mo asefoɔ a wɔbɛwo wɔn no

10 ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wiram mmoa a wɔne mo firi adaka no mu no baeɛ nyinaa, ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so.

11 Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyire nsɛe abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyire nsɛe asase bio da.”

12 Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Yei ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

13 Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.

14 Ɛberɛ biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a,

15 mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ no nyinaa ntam. Nsuyire a ɛbɛsɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.

16 Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no.”

17 Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Yei ne apam a me ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a, wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.”

Noa Mmammarima

18 Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.

19 Yeinom ne Noa mmammarima. Wɔn mu na nnipa a, wɔahwete wɔ asase so nyinaa firi baeɛ.

20 Noa yɛ okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo.

21 Ɛda bi, ɔnom bobesa no bi boroeɛ, ma ɔdaa ne ntomadan mu adagya.

22 Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagya. Ɔfirii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuammarima baanu no amaneɛ.

23 Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu.

24 Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no,

25 ɔkaa sɛ,

“Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ.

Wɔbɛyɛ wɔn nuanom

mu nkoa mu nkoa.”

26 Noa kaa bio sɛ,

“Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem!

Kanaan nyɛ Sem akoa.

27 Onyankopɔn ntrɛ Yafet ase ne nʼasase mu.

Yafet ntena Sem ntomadan mu,

na Kanaan nyɛ nʼakoa.”

28 Nsuyire no akyiri no, Noa tenaa ase mfeɛ ahasa ne aduonum.

29 Noa dii mfeɛ aha nkron ne aduonum, ansa na ɔrewu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/9-d3fe376c290b88383fea9c6804600929.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 10

Noa Awoɔ Ntoatoasoɔ

1 Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.

Yafet Asefoɔ

2 Yafet asefoɔ nie:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3 Gomer asefoɔ nie:

Askenas, Rifat ne Togarma.

4 Yawan asefoɔ nie:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

5 Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

Ham Asefoɔ

6 Ham asefoɔ nie:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7 Kus asefoɔ nie:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefoɔ nso ne:

Saba ne Dedan.

8 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.

9 Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho.

10 Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear asase so.

11 Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne

12 Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.

13 Na Misraim woo

Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,

14 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ agyanom.

15 Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het.

16 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,

17 Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,

18 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ.

Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ.

19 Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.

20 Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefoɔ

21 Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.

22 Sem asefoɔ nie:

Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

23 Aram asefoɔ nie:

Us, Hul, Geter ne Mas.

24 Na Arfaksad woo Sela,

ɛnna Sela woo Eber.

25 Eber woo mmammarima baanu.

Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

26 Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,

27 Hadoram, Usal, Dikla,

28 Obal, Abimael, Seba,

29 Ofir, Hawila ne Yobab.

30 Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.

31 Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

32 Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/10-0ee94aefae81f98215dcac861ea08922.mp3?version_id=2094—