Categories
2 Mose

2 Mose 12

Twam Afahyɛ Ahyɛaseɛ

1 Ɛberɛ a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ,

2 “Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, bosome yi bɛyɛ bosome a ɛdi ɛkan wɔ Yudafoɔ asranna so.

3 Ka kyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, saa bosome yi ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ odwammaa baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ efie biara nya odwammaa no baako.

4 Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe odwammaa no a, wɔtumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpasua no so a wɔn nso sua kyɛ odwammaa no. Aboa no kyɛ wɔ saa ɛkwan no so no gyina abusua no kɛseɛ ne ɛnam dodoɔ a wɔbɛtumi awe so.

5 Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ odwan anaa abirekyie a ɔnnii dɛm.

6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yie nkɔsi ɔbosome a ɛdii ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nnwammaa no dasuo mu.

7 Wɔmfa wɔn mogya nsra efie biara aponnwa ho. Odwammaa a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛdeɛ yi.

8 Anadwo, obiara bɛwe aboa no a wɔatoto no nam no bi. Wɔmfa burodo a ɛnkaeɛ ne awɔnwono nni.

9 Wɔnnnoa ɛnam no na wɔnnwe no mono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti ne nan ne nʼayamdeɛ nyinaa ka ho.

10 Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, deɛ ɛbɛka no, sɛ adeɛ kye so a, monnwe na mmom monhye no.

11 Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe wɔ ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.

12 “Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ, mene Awurade!

13 Mogya a mode bɛyɛ aponnwa no ho no bɛyɛ agyinahyɛdeɛ enti, sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ merekum Misraim mmakan a, merenkum mo deɛ bi.

14 “Yei yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokaeɛ. Afe biara, ɛfiri awontoatoasoɔ kɔsi awontoatoasoɔ ɛsɛ sɛ mohyɛ ɛfa no sɛ afahyɛ sononko ma Awurade. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ ɛda biara.

15 Nnanson no mu, monni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ nko ara. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, monyiyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu. Obiara a saa ɛberɛ yi mu ɔbɛbu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelman mu.

16 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan ne ne nnanson soɔ no, nnipa no nyinaa bɛdi ɛda no sɛ ɛda a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduanenoa akyiri no, obiara nnyɛ adwuma foforɔ biara.

17 “Sɛ modi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa ɛda no na meyii mo firii Misraim asase so. Enti, ɛsɛ sɛ afe biara, modi saa dapɔnna yi firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so.

18 Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ kɔsi nʼadaduonu ɛda baako so no, burodo a mmɔreka mfra mu nko ara na monni.

19 Saa nnanson no mu, ɛnsɛ sɛ wɔhunu mmɔreka kakra bi koraa wɔ mo afie mu. Enti, obiara a ɔbɛdi aduane a mmɔreka wɔ mu no, wɔbɛyi no afiri Israel asafo kuo no mu. Saa mmara yi ka amamfrafoɔ a wɔne mo te ne wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so nyinaa.

20 Mesane meti mu bio sɛ, saa nna no mu monnni biribiara a wɔde mmɔreka afra mu; monni burodo a mmɔreka mfra mu.”

21 Afei, Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyere odwammaa anaa abirekyie ba mma abusua biara, na monkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa.

22 Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no.

23 Awurade bɛtwam afa asase yi so akunkum Misraimfoɔ. Na sɛ ɔhunu sɛ mogya wɔ aponnwatifi no ne aponnwa mmienu no ho a, ɔbɛtwa saa efie no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefoɔ no nwura hɔ nkunkum mo mmakan.

24 “Na monkae sɛ yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefoɔ.

25 Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no.

26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn; saa afahyɛ yi fa ɛdeɛn ho a,

27 mobɛbua wɔn sɛ, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔtwaa Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim. Ɛwom sɛ ɔkunkumm Misraimfoɔ deɛ, nanso ɔgyaa yɛn mmusua.’ ” Ɛberɛ a Mose kasa wieeɛ no, nnipa no nyinaa koto sɔreeɛ.

28 Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so.

29 Ɛda no ara anadwo dasuo mu Awurade kunkumm mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, ɛfiri Farao babarima panin so kɔsi odeduani babarima panin ne anantwie nso mmakan nyinaa.

30 Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ, efie biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu.

31 Enti, Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mesrɛ mo, mo nyinaa montu mfiri ha. Monkɔsom Awurade sɛdeɛ mokaeɛ no.

32 Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ.”

33 Misraimfoɔ no nyinaa ani beree Israelfoɔ no so pampam wɔn sɛ wɔmfiri asase no so ntɛm, ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Yɛbɛwuwu.”

34 Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so.

35 Na Israelfoɔ no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntadeɛ afiri Misraimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ Mose kaa sɛ wɔnyɛ no.

36 Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa yɛ so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ.

37 Anadwo no ara, Israelfoɔ no siim firii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmaa ne mmɔfra de wɔankan wɔn anka ho.

38 Nnipa ahodoɔ pii bi a wɔnyɛ Israelfoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa kaa wɔn ho.

39 Wɔduruu baabi a wɔpɛ sɛ wɔdidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔreka amfra a wɔde kɔeɛ no bi too burodo diiɛ. Na mmɔreka nni mu, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ no pamoo wɔn. Ɛno enti wɔannya mu ɛkwan anyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so.

40 Israelfoɔ no tenaa Misraim mfeɛ ahanan ne aduasa.

41 Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so.

42 Saa anadwo no ne ɛberɛ a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too hɔ sɛ ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda.

Twam Afahyɛ Ho Mmara

43 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni:

“Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi.

44 Nanso, ɔsomfoɔ biara a wɔtee sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia deɛ a, ɔtumi we bi.

45 Ɔpaani anaa ɔhɔhoɔ biara nnwe bi.

46 “Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ efie baako mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe ɛnam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔwe ɛnam no fa biara wɔ abɔntene. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe mu.

47 Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa di saa nkaeɛda yi berɛ korɔ mu.

48 “Ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abɛdi. Na sɛ ɛyɛ saa a, wɔbɛyɛ deɛ wɔwoo wɔn too mu mu.

49 Saa mmara yi ka Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo te no nso.”

50 Enti, Israelfoɔ no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no.

51 Ɛda no ara na Awurade yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/12-d2627bdf645ca3774ce8889823be53c5.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 13

Abakan Biara Yɛ Onyankopɔn Dea

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Te Israelfoɔ mmammarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”

3 Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛnnɛ yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokae ɛda biara—ɛda a motu firii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no. Awurade ayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree akyerɛ mo. Enti, monkae sɛ, sɛ afe duru na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔreka mfra mo aduane; na mommfa bi nkɔ mo afie nso mu koraa.

4 Afe biara mu Abib bosome awieeɛ (bɛyɛ Ɔbenem awieeɛ), monkae saa atutena yi.

5 Awurade de mo baa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ nsase a ɛwoɔ ne nufosuo sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.

6 Mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu nko ara nnanson. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, monto ɛpono kɛseɛ mma Awurade.

7 Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔreka wɔ ne fie anaa mo asase no ahyeɛ so baabiara.

8 Ɛduru afirinhyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma deɛ enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae deɛ Awurade yɛ maa mo ɛberɛ a motu firii Misraim asase so no.

9 Saa afe biara mu nnawɔtwe afahyɛ yi, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ te sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae adeɛ. Momma Awurade mmara ntena mo anom, ɛfiri sɛ tumi kɛseɛ na ɔde yii mo firii Misraim.

10 Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awieeɛ no, monni afahyɛ yi.

11 “Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfoɔ te so seesei no so a, monkae sɛ,

12 mo mmammarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no.

13 Motumi de odwan ba anaa abirekyie ba kɔsesa afunumu ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afunumu no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wobu afunumu no kɔn mu kum no. Nanso mo mmammarima abakan deɛ, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti.

14 “Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn a, monka nkyerɛ wɔn sɛ, Awurade nam anwanwadeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ so na ɔyii yɛn firii nkoasom mu wɔ Misraim.

15 Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn ɛkwan ma yɛkɔ enti, Awurade kumm mmammarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno enti na yɛde mmammarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmammarima mmakan no deɛ, wɔtɔ wɔn ti.’

16 Meti mu meka bio sɛ, saa afahyɛ yi bɛda mo nso sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛ deɛ ɔde nʼagyiraeɛhyɛdeɛ abɔ mo moma so sɛ ɔdedea. Ɛyɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛseɛ no so na ɔde yii yɛn firii Misraim.”

Omununkum Ne Egya Akwankyerɛ

17 Akyire no, Farao maa nnipa no kɔeɛ. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔfa Filistifoɔ asase a ɛkwan no da mu tee kɔsi Bɔhyɛ Asase no so, nanso Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so. Deɛ enti a Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so no ne sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛwom sɛ wɔkura wɔn akodeɛ deɛ, nanso sɛ wɔkɔ na wɔkɔhyia akodie bi a, wɔn aba mu bɛbu ama wɔasane aba Misraim.

18 Enti, Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa ɛserɛ so kɔntɔnkyekwan a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no so.

19 Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afiri Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn bɛyi wɔn afiri Misraim asase so.”

20 Wɔfiri Sukot no, wɔkɔkyeree sraban wɔ Etam ɛserɛ no ano.

21 Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn ɛkwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Enti na wɔtumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa.

22 Ɛberɛ biara na wɔhunu omununkum ne ogya no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/13-39df1e95995552397ba73800a763d796.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 14

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ nnipa no na wɔmmane mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne ɛpo no ntam na ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no. Sɛ wɔduru hɔ a, wɔnsi wɔn ntomadan wɔ mpoano hɔ.

3 Sɛ wɔyɛ saa a, Farao bɛsusu sɛ, ‘Saa Israelfoɔ no aka ɛserɛ no ne ɛpo no ntam.’

4 Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.

Misraimfoɔ Taa Israelfoɔ

5 Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?”

6 Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn.

7 Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefoɔ dɔm a wɔn dodoɔ yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforɔ bi a asraafoɔ tete wɔn so sram wɔn.

8 Farao taa Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ, na wɔde Misraimfoɔ agyapadeɛ bebree kɔ.

9 Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfoɔ no so bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntomadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim.

10 Ɛberɛ a Misraim asraafoɔ no rebɛn Israelfoɔ no, Israelfoɔ no hunuu wɔn firi akyiri sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn akoma tuiɛ, na wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn.

11 Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no sɛ, “Wode yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, ɛfiri sɛ, adamena nni Misraim a sɛ yɛwuwu a wɔbɛsie yɛn wɔ mu? Adɛn enti na womaa yɛtu firii Misraim?

12 Ɛberɛ a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo sɛ ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkaeɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu agu ɛserɛ so ha.”

13 Nanso, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monnsuro. Monnyina pintinn na monhwɛ biribi. Na mobɛhunu anwanwakwan a Awurade nam so bɛgye mo afiri atamfoɔ nsam ɛnnɛ. Misraimfoɔ a mohunu wɔn seesei yi, morenhunu wɔn bio.

14 Awurade bɛko ama mo a monha mo ho koraa!”

15 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnkɔ wɔn anim.

16 Fa wo poma no. Fa kyerɛ nsuo no so na ɛpo no mu bɛpae ama ɛkwan ada mu ma Israelfoɔ no afa asase wesee so.

17 Mɛpirim Misraimfoɔ no akoma ama wɔaka mo so na di a mɛdi Farao ne ne dɔm so bɛma mo ahunu mʼanimuonyam.

18 Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ, mene Awurade.”

19 Afei, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a ɔdi Israelfoɔ anim no twee ne ho bɛdii Israelfoɔ no akyi. Na omununkum dum nso bɛdii Israelfoɔ no akyi.

20 Ɛbɛtwaa Israelfoɔ no ne Misraimfoɔ no ntam. Na anadwo no, ɛdanee ogya maa esum tɔɔ Misraimfoɔ no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfoɔ no ɛkwan. Enti Misraimfoɔ no anhunu Israelfoɔ no akyiri kwan.

21 Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no sanee nʼakyiri ma asase no yɛɛ wesee.

22 Enti Israelfoɔ no faa ɛpo ɛkwan a emu wesee no so. Na nsuo no yɛɛ afasuo wɔ benkum ne nifa maa wɔn.

23 Afei, Misraimfoɔ no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ tii wɔn kɔduruu ɛpo no mfimfini.

24 Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne mununkudum no too Misraim dɔm no so maa wɔn ho yeraa wɔn.

25 Wɔn nteaseɛnam no nan tutuiɛ enti na wɔntumi nkɔ bio. Enti Misraimfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ anim, ɛfiri sɛ, Awurade reko ma wɔn na yɛn deɛ, ɔreko tia yɛn.”

26 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no so.”

27 Mose yɛɛ saa, na adeɛ kyee anɔpa no, ɛpo no sane nʼakyi tenee sɛdeɛ na ɛteɛ. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔdwane, nanso Awurade maa nsuo no faa wɔn.

28 Nsuo no kataa ɛkwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no nyinaa so. Farao asraafoɔ dodoɔ a wɔfaa ɛpo no mu taa Israelfoɔ no nso, anka ɔbaako koraa.

29 Israelfoɔ no nante faa asase wesee a nsuo yɛ ɔfasuo wɔ benkum ne nifa no so.

30 Saa ɛda no Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraimfoɔ nsa mu. Na Israelfoɔ no hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu deda mpoano.

31 Ɛberɛ a Israelfoɔ hunuu tumi a Awurade ada no adie de atia Misraimfoɔ no, wɔsuroo Awurade, na wɔgyee Awurade ne nʼakoa Mose diiɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/14-9164fb4546f991a60d5c403b18bfadd6.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 15

Ɔgyeɛ Ho Dwom

1 Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade:

“Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ,

wadi nkonim animuonyam mu;

Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no

agu ɛpo mu.

2 “Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom

ne me nkwagyeɛ.

Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no.

Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so.

3 Awurade yɛ ɔkofoɔ;

Aane, ne din ne Awurade.

4 Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu

Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu.

Misraim akofoɔ atitire

awuwu asorɔkye ase.

5 Nsuo akata wɔn so.

Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ.

6 Wo nsa nifa, Ao, Awurade,

tumi ne animuonyam ahyɛ no ma.

Wo nsa nifa, Ao, Awurade,

atete atamfoɔ mu pasaa.

7 “Wo tumi kɛseɛ no mu,

wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ.

Womaa wʼabufuhyeɛ

bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ.

8 Wogu ahome a,

nsuo mu pae.

Ɛgyinaa sɛ afasuo

ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa.

9 Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ,

‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.

Na makyɛ afodeɛ no mu.

Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so

atwitwa wɔn asinasini.’

10 Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa

maa ɛpo kataa wɔn so.

Wɔmemem sɛ sumpii

wɔ subunu no mu.

11 Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?

Hwan na ɔte sɛ wo?

Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu;

deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam,

na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.

12 “Wotenee wo nsa nifa

na asase menee wɔn.

13 Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim,

wʼayamyɛ mu.

Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim

de wɔn aba wʼasase kronkron no so.

14 Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ.

Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia.

15 Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn.

Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso.

Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa.

16 Ehu ne suro afa wɔn so.

Ao, Awurade, wo tumi enti,

wɔremma yɛn so!

Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn

bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.

17 Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn

wɔ wo bepɔ so,

wo ara wo efie hɔ, Awurade—

Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.

18 “Awurade bɛdi ɔhene

akɔsi daa.”

19 Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no.

20 Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ.

21 Ɛnna Miriam too saa dwom yi:

“Monto dwom mma Awurade

na wadi nkonim animuonyam mu.

Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ

amem ɛpo ase.”

22 Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom.

23 Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono.

24 Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose sɛ, “Osukɔm nku yɛn anaa?”

25 Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ.

Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn sɛ,

26 “Sɛ mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade a mesa mo nyarewa.”

27 Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na nsubura dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ enti, wɔsisii wɔn ntomadan, tenaa nsubura no ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/15-f7946981d8ca46baddc3cdee55725f5f.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 16

Nnuane A Ɛfiri Ɔsoro

1 Afei, wɔtu firii Elim baa Sin ɛserɛ so a ɛda Elim ne Bepɔ Sinai ntam. Wɔtu firii Misraim no, bosome a ɛtɔ so mmienu dadu nnanum so na wɔduruu hɔ.

2 Wɔduruu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron sɛ,

3 “Ao! Sɛ yɛwɔ Misraim bio na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yɛnya nnuane bebree di wɔ hɔ. Nanso, mode yɛn abɛgu ɛserɛ so ha ama ɛkɔm rekum yɛn.”

4 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛtɔ aduane firi soro abɛgu asase so ama wɔn. Obiara bɛtumi akɔboaboa dodoɔ biara a ɔpɛ ano ama deɛ ɔbɛdi no ɛda koro. Mede yei bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so anaasɛ wɔrenni so.

5 Ka kyerɛ wɔn na nnawɔtwe biara mu ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔmmoaboa aduane no ano sɛdeɛ daa wɔboaboa no no, mmɔho mmienu.”

6 Enti, Mose ne Aaron frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ne wɔn hyiaeɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anwummerɛ yi, mobɛhunu sɛ Awurade na ɔyii mo firii Misraim asase so.

7 Sɛ ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn?

8 Anwummerɛ yi, Awurade bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa Awurade.”

9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wɔmmɛtie wɔn anwiinwii no ho mmuaeɛ.”

10 Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, Awurade firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi.

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

12 “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.’ ”

13 Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ na anɔpa no, obosuo tɔ guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee;

14 obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te sɛ nsenseneeɛ bi a ɛte sɛ nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so.

15 Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛbɛn nie?”

Na Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo sɛ monni no.

16 Awurade aka sɛ, ‘Obiara mmoaboa dodoɔ biara a ɛbɛso ɔne ne fiefoɔ die ano.’ ”

17 Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi.

18 Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ.

19 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.”

20 Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie.

21 Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ.

22 Ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee sɛdeɛ wɔtase no daa no mmɔho mmienu. Wɔtasee susukoraa nsia, nanso daa na wɔtase susukoraa mmiɛnsa. Mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no bɛbisaa Mose deɛ enti a aba saa.

23 Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, Awurade aka ato hɔ sɛ, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’ ”

24 Na adeɛ kyee so no, na ɛyɛ a nsaama biara nni mu na ɛmmɔn nso.

25 Mose kaa sɛ, “Ɛnnɛ, mo aduane nie, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ Awurade homeda enti aduane biara rentɔ ngu asase so.

26 Momfa nna nsia mmoaboa aduane ano, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda enti morennya aduane biara saa ɛda no.”

27 Homeda no, nnipa no bi firii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduane no bi, nanso na ebi nni hɔ.

28 Awurade bisaa Mose sɛ, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akɔsi da bɛn?

29 Wɔnhunu sɛ nna nsia so no, memaa wɔn mmɔho mmienu sɛdeɛ ɛbɛso wɔn nnanu? Awurade se momfa ɛda a ɛtɔ so nson no sɛ homeda; montena mo ntomadan mu. Mommfiri adi nkɔtase aduane mfiri asase so.”

30 Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, nnipa no homee.

31 Israelfoɔ no too aduane no edin sɛ, Mana aseɛ ne “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wisa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.

32 Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduane no susukoraa mmiɛnsa na wɔmfa nkɔsie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛhunu aduane a Awurade de maa wɔn dii wɔ ɛserɛ so ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.

33 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔmfa kyɛnsee na ɔmfa mana lita mmiɛnsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.

34 Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔkɔkoraa no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ.

35 Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no.

36 Omer na na wɔde susu mana no. Omer yɛ lita mmiɛnsa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/16-2bf9e18000fa953e951e89c89a5b1b00.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 17

Ɔbotan Mu Nsuo

1 Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu hɔ no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni hɔ.

2 Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!”

Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”

3 Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam sɛ, “Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!”

4 Mose su frɛɛ Awurade sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ saa nkurɔfoɔ yi? Wɔpɛ sɛ wɔsi me aboɔ.”

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa Israelfoɔ mpanimfoɔ no bi ka wo ho na fa poma a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ.

6 Mɛhyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔ Horeb ho. Sɛ woduru hɔ a, fa wo poma no bɔ ɔbotan no mu sɛdeɛ wode bɔɔ Nil mu no na nsuo bɛfiri mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no wɔ Israel mpanimfoɔ no anim maa nsuo tue firii ɔbotan no mu.

7 Enti, Mose too beaeɛ hɔ edin Masa a aseɛ ne Sɔhwɛbea ne Meriba a aseɛ ne Akyinnyegyebea ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Israelfoɔ ne Mose gyee akyinnyeɛ, sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, bisaa sɛ, “Awurade bɛhwɛ yɛn so anaasɛ ɔrenhwɛ yɛn so?”

Israelfoɔ Di Amalekfoɔ So Nkonim

8 Afei, akofoɔ a wɔfiri Amalek bɛto hyɛɛ Israelfoɔ no so wɔ Refidim ne wɔn koeɛ.

9 Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yi asraafoɔ ma yɛn na yɛne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛgyina bepɔ no apampam a Onyankopɔn poma no kura me.”

10 Enti, Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfoɔ akodɔm no ne wɔn koeɛ. Saa ɛberɛ no ara, Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔ no apampam pɛɛ.

11 Mmerɛ dodoɔ a Mose kura poma no mu kyerɛ soro na Israelfoɔ no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ poma no ase a, na Amalekfoɔ no nso redi Israelfoɔ no so.

12 Mose brɛeɛ a na ɔntumi mma poma no so bio enti Aaron ne Hur piree ɛboɔ bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wɔgyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa mmienu no so kɔsii sɛ owia kɔtɔeɛ.

13 Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfoɔ no so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano.

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ yei ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua sɛ, mɛtɔre Amalekfoɔ nyinaa ase.”

15 Mose sii afɔrebukyia hɔ na ɔtoo no edin Awurade Nissi a aseɛ ne Awurade ne mʼakofrankaa.

16 Mose kaa sɛ, “Ɛfiri sɛ wɔapagya wɔn nsa akyerɛ Awurade ahennwa enti, Awurade ne Amalekfoɔ bɛdi ako afiri awo ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/17-dceb2ebfdd642e39936a4b640ee2780c.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 18

Yetro Afotuo

1 Ankyɛre biara na Mose ase, Midian ɔsɔfoɔ Yetro, tee anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Mose, ne sɛdeɛ Awurade ayi wɔn afiri Misraim asase so no.

2 Mose de ne yere Sipora kɔeɛ no, nʼase Yetro gyee no

3 a na ne mmammarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no edin Gersom a ɔkyerɛ aseɛ sɛ, “Mabɛyɛ ɔhɔhoɔ ananafoɔ asase so.”

4 Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, ɔtoo ne edin Elieser a ɔkyerɛ aseɛ sɛ “Mʼagyanom Onyankopɔn no yɛ me ɔboafoɔ. Ɔgyee me firii Farao akofena ano.”

5 Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmammarima baanu no kaa ne ho. Wɔduruiɛ no, na Mose ne nnipa no abɔ atenaeɛ wɔ Onyankopɔn bepɔ no ho.

6 Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmammarima baanu no ka ne ho.”

7 Mose sɔre kɔhyiaa nʼase. Ɔkotoo no anidie mu gyee no fɛ so. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ wɔn apɔ mu te. Afei, wɔkɔɔ Mose ntomadan no mu kɔtoaa wɔn amanneɛdie so.

8 Mose kaa nsɛm a asisie nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa deɛ Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfoɔ a ɔnam so agye Israelfoɔ, ayi wɔn afiri Misraim, asane ayi wɔn afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.

9 Yetro tee deɛ Awurade ayɛ ama Israel, ne titire no, sɛdeɛ ɔyii wɔn firii Misraim no, nʼani gyee yie.

10 Yetro kaa sɛ, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afiri Misraimfoɔ ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso.

11 Afei, mahunu sɛ Awurade yɛ kɛse sene onyame biara, ɛfiri sɛ, wagye ne nkurɔfoɔ afiri Misraimfoɔ ahantanfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.”

12 Yetro de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ baeɛ na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Onyankopɔn. Akyire no, Aaron ne Israel mpanimfoɔ no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreduane no wɔ Awurade anim.

13 Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase firii anɔpa kɔsii anwummerɛ tiee nsɛmpɔ a asisi wɔ nnipa no mu.

14 Mose ase no hunuu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wo nko ara wodi dwuma kɛseɛ yi a enti nnipa gyina wo so saa ara firi anɔpa kɔsi anwummerɛ yi?”

15 Mose buaa sɛ, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ memmisa Onyankopɔn akwankyerɛ.

16 Sɛ akyinnyeɛ bi ba wɔn ntam a, wɔba ma mesiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛdeɛ.”

17 Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ.

18 Worekum wo ho na sɛ wowu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ.

19 Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.

20 Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase.

21 Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofoɔ na wɔyɛ nokwafoɔ a wɔmpɛ adanmudegyeɛ, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so ɔtemmufoɔ. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufoɔ edu hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wɔbɛyi atemmufoɔ baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufoɔ baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa edu fo.

22 Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wɔnni nokorɛ daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim. Sɛ wofa saa ɛkwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn.

23 Sɛ wotie afotuo no na Onyankopɔn nso pene so a, wobɛtumi agyina asɛm biara ano na asomdwoeɛ aba.”

24 Mose tiee nʼase afotuo no dii so pɛpɛɛpɛ.

25 Ɔyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufoɔ—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu.

26 Na wɔbuu ɔman no atɛn berɛ nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛseɛ no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketewa no.

27 Akyire no, Mose gyaa nʼase ɛkwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/18-19fed254a1f6bf963f30f5ae357e4be3.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 19

Israelfoɔ Duru Sinai Bepɔ Ho

1 Anadwo a Israelfoɔ no tu firii Misraim no, nʼabosome mmiɛnsa so na wɔde kɔduruu Sinai ɛserɛ so.

2 Wɔtu firii Refidim no, wɔbɛduruu Sinai Bepɔ ase bɔɔ atenaseɛ wɔ hɔ. Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔhyiaa Onyankopɔn.

3 Mose kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ bepɔ no so na Awurade frɛɛ no firii bepɔ no so kaa sɛ, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefoɔ Israelman sɛ,

4 ‘Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te sɛ deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no.

5 Sɛ mobɛtie me, na moadi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛyɛ me nnwankuo ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, ɛfiri sɛ, asase nyinaa yɛ me dea.

6 Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.”

7 Mose siane firii bepɔ no so baeɛ no, ɔfrɛɛ mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.

8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.

9 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.

10 “Siane kɔ nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ sɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa.

11 Na ɔkyena akyiri mɛsiane aba Sinai Bepɔ no so a ɔmanfoɔ nyinaa rehwɛ ɛkwan.

12 Twitwa ahyeɛ sɛdeɛ nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yie. Mommforo nkɔ bepɔ no atifi na monnkɔ nʼahyeɛ no nso so; obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu.

13 Sɛ ɔyɛ onipa anaa a, obiara nsɔ ne mu. Na mmom, wɔbɛsi no aboɔ anaasɛ wɔbɛtoto agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfiri bepɔ no ho koraa kɔsi sɛ totorobɛnto bi bɛhyɛne ntwemu so; sɛ ɛba saa a, momforo nkɔ bepɔ no so!”

14 Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtee wɔn ho ma wɔsii wɔn nneɛma nyinaa.

15 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbaa ho.”

16 Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, ma ayerɛmo pepaeɛ, ma omununkum kabii bi siane firii bepɔ no so. Totorobɛnto bi hyɛnee ntwemu so ma nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoeɛ.

17 Mose dii nnipa no anim firi wɔn atenaeɛ hɔ sɛ wɔrekɔhyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no ase.

18 Wisie kumɔnn kataa Sinai Bepɔ no so, ɛfiri sɛ, Awurade siane baa so sɛ ogya. Wisie buaa ewiem nyinaa te sɛ deɛ ɛfiri fononoo mu, na asasewosoɔ wosoo bepɔ no dendeenden.

19 Totorobɛnto no hyɛnee dendeenden pa ara no, Mose kasaeɛ na Onyankopɔn nso de nne kɛseɛ buaeɛ.

20 Enti, Awurade baa Sinai Bepɔ no atifi, na ɔfrɛɛ Mose maa ɔforo kɔɔ ne nkyɛn.

21 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane wʼakyi kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahyeɛ no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bɛwuwu.

22 Asɔfoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn.”

23 Mose nso buaa Awurade sɛ, “Nnipa no deɛ, wɔremforo mma bepɔ no atifi, ɛfiri sɛ, woabɔ wɔn kɔkɔ dada. Woka kyerɛɛ me sɛ mentwitwa ahyeɛ mfa bepɔ no ho na menka nkyerɛ nnipa no sɛ, obiara nnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ɛhɔ yɛ Onyankopɔn dea.”

24 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Siane kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfoɔ no ne nnipa no ntra ahyeɛ no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.”

25 Enti, Mose siane kɔɔ bepɔ no ase kɔkaa asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/19-e8054ddfe060b49d0bd5d63f01f9508e.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 20

Mmaransɛm Edu No

1 Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn:

2 “Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom mu wɔ Misraim no.

3 “Monnsom onyame foforɔ biara nnka me ho.

4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase.

5 Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so.

6 Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.

7 Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.

8 Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron.

9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,

10 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara.

11 Ɛfiri sɛ, Awurade de nna nsia na ɛbɔɔ ɛsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, ɛnna ɔhomee ne nnanson so; enti ɔhyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.

12 Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.

13 Nni awu.

14 Nsɛe awadeɛ.

15 Mmɔ korɔno.

16 Nni adansekurumu.

17 Mma wʼani mmerɛ wo yɔnko fie anaa ne yere anaa nʼasomfoɔ anaa nʼanantwie anaa ne mfunumu anaa biribiara a ɛyɛ ne dea.”

18 Nnipa no nyinaa hunuu ayerɛmo ne wisie kumɔnn wɔ bepɔ no so. Wɔtee aprannaa ne totorobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ dendeenden. Enti, wɔte gyinaeɛ a ehu ama wɔn ho rewoso.

19 Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”

20 Mose nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, mobɛsuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”

21 Nanso, nnipa no tee wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose deɛ, ɔwuraa esum kabii no mu kɔɔ baabi a Onyankopɔn wɔ hɔ.

Afɔrebukyia No Ho Mmara

22 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo.

23 Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforɔ ayɛ.

24 “ ‘Dɔteɛ afɔrebukyia na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔdeɛ mma me. Mo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a mode nnwan ne anantwie bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Baabi a mɛkyerɛ mo sɛ monsi afɔrebukyia no na monsi na mɛba hɔ abɛhyira mo.

25 Motumi de aboɔ nso si afɔrebukyia, nanso aboɔ a wɔntwaeɛ na momfa nsi. Sɛ mode afidie bi twa aboɔ no di no adwini a, ɛnyɛ sɛ wɔde si, ɛfiri sɛ, moagu ho fi.

26 Monnyɛ atrapoe mma afɔrebukyia no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntadeɛ ase ahunu mo adagya mu.’

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/20-9cbf9e3619b1eb3aa90a8bc1c1e554c1.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 21

1 “Mmara no nkaeɛ a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no nie:

Nkoa Ho Mmara

2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no na ɔnkɔ ne baabi kwa a ɔntua hwee.

3 Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyire no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfeɛ nson no duru a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa deɛ a, ɔne ne yere no na ɛbɛkɔ.

4 Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbaa wareeɛ wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmammarima ne mmammaa a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no dea na okunu no akɔ ne baabi.

5 “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka sɛ ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm enti merenkɔ’ a,

6 ne wura no de no bɛba atemmufoɔ anim na wɔde fitiiɛ afiti nʼasom badwa mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ.

7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa a, mfeɛ nsia no duru a, wɔrennyaa no sɛdeɛ wɔgyaa mmarima nkoa no.

8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔsane bɛtɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, ɛfiri sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛeɛ so.

9 Na sɛ afenaawura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babaa.

10 Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsane ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte nʼaduane ne ntoma a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere.

11 Na sɛ wantumi anni saa ahyɛdeɛ mmiɛnsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ɔntua sika biara.

Awudie Ho Mmara

12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wɔbɛkum no bi.

13 Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a ɔnnwane nkɔhinta.

14 Sɛ obi boapa taataa ɔfoforɔ so pɛ sɛ ɔkum no a, onii no gyina afɔrebukyia anim koraa a, montwe no nkɔkum no.

15 “Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no.

16 “Obi a ɔwia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wɔnkum no.

17 “Deɛ ɔdome nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no.

Akasakasa Ne Ntɔkwa Ho Mmara

18 “Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɛboɔ anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so,

19 na akyire no, ɔtumi sɔre nante na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no berɛ a wasɛe no no, ɔbɛtua ho sika ama no, asane atua nʼayaresa ka nyinaa kɔsi sɛ ne ho bɛtɔ no.

20 “Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenawa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso.

21 Nanso, sɛ nna bi akyi akoa no anwu a, ɛnneɛ, owura no renkɔ asotwe biara mu, ɛfiri sɛ, akoa no yɛ nʼagyapadeɛ.

22 “Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wɔpira ɔpemfoɔ ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a ɔpiraa no no ka biara a ɔpemfoɔ no kunu de bɛto atemmufoɔ anim ama wɔapene so no.

23 Na sɛ opira no mu no, ɔbaa no nam so wu a, wɔnkum saa ɔbarima no.

24 Sɛ ɔpemfoɔ no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne deɛ bi. Nsa nsi nsa anan, ɛnan nsi ɛnan anan,

25 ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ anan, apirakuro nsi apirakuro anan na ntampeɛ nsi ntampeɛ anan.

26 “Sɛ ɔbarima bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenawa ani so ma nʼani bɔ a, ɛsiane nʼani no enti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no kɔ ne baabi kwa.

27 Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no enti, ɔmma no nkɔ ne baabi.

28 “Sɛ nantwie pem ɔbaa anaa ɔbarima ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no,

29 gye sɛ wɔate sɛ mmerɛ bi a atwam no, nantwie no pempem nnipa ma wɔabɔ ne wura no amaneɛ a ɔnka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ ɔkum obi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na ne wura no nso, wɔnkum no.

30 Sɛ nso owufoɔ no abusuafoɔ pɛ a, wɔbɛbɔ nantwiewura no ka. Atemmufoɔ na wɔbɛkyerɛ ɛka no ano.

31 Mmara korɔ no ara kyere nantwie a ɔbɛpem abarimaa anaa abaayewa.

32 Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu (342), na wɔasi nantwie no aboɔ.

33 “Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔtɔ mu a,

34 ɛka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no.

35 “Sɛ ɔbarima bi nantwie pira nantwie foforɔ na sɛ ɔwu a, mmoawuranom baanu no bɛtɔn aboa a ɔnwuiɛ no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa.

36 Na sɛ aboa no pempem dada na sɛ ne wura no abu nʼani agu so deɛ a, ɛnneɛ, sika mu kyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwie wɔ hɔ no bɛtua nantwie a wawu no ho ka nyinaa na wafa no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/21-c762eae5f4be667ed3338083de1189e6.mp3?version_id=2094—