Categories
3 Mose

3 Mose 20

Bɔne So Asotwe

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ,

2 “Obiara a ɔfiri mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ no, wɔbɛsi no aboɔ.

3 Na mʼankasa mɛtia saa onipa no na matwa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, ɔde ne ba ama Molek ama mʼAhyiaeɛ Ntomadan adane baabi a metena a ɛnyɛ yie, na wagu me din kronkron no nso ho fi.

4 Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wɔnnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔdeɛ ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa mɛtia

5 ɔbarima no ne ne fiefoɔ na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforɔ so no nyinaa asuo.

6 “ ‘Mɛtia obiara a ɔkɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ hɔ abisa na ɔkɔdi wɔn akyi adwaman kwan so, na matwa saa onipa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu.

7 “ ‘Enti monte mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Onyankopɔn.

8 Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

9 “ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne maame no, ɛkwan biara so wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, wadome nʼankasa ne honam ne ne mogya.

10 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa.

11 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa ayɛ bɔne kɛseɛ.

12 “ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi.

13 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wɔnkum wɔn baanu no nyinaa. Wɔn ara na wɔpɛ wɔn wuo.

14 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa bi na ɔsane kɔfa ɔbaa no maame ka ho a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ. Wɔbɛhye saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumuyɛsɛm afiri mo mu.

15 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, wɔbɛkum ɔbarima no na wɔakum aboa no nso.

16 “ ‘Sɛ ɔbaa nso ma aboa fa no a, monkum ɔbaa no ne aboa no nyinaa, ɛfiri sɛ, saa asotwe no fata wɔn.

17 “ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabaa da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babaa o, sɛ nso ɛyɛ ne maame babaa o, ɛyɛ animguasesɛm, enti wɔbɛgyina badwa mu atwa wɔn asuo afiri Israelfoɔ mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdie.

18 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbaa a wabu ne nsa a, wɔbɛtwa wɔn baanu no nyinaa asuo, ɛfiri sɛ, ɔbarima no ada ɔbaa no ho a ɛnte no adi.

19 “ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ. Saa ara nso na ɔne ne maame nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ ara ne no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso.

20 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa adeɛ a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotweɛ ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔnwo ba.

21 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afideɛ, ɛfiri sɛ, wafa ne nua adeɛ na wɔn nyinaa renwo ba.

22 “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so na mampam mo amfiri mo asase foforɔ yi so.

23 Monnni ɔman no amanneɛ a maka no wɔ mo anim sɛ ɛnyɛ no akyi, ɛfiri sɛ, nneɛma a wɔyɛ a ɛnyɛ no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dada. Ɛno enti na mekyiri saa aman no.

24 Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ so. Mene Awurade mo Onyankopɔn a mama mo ada nso wɔ aman a aka no nyinaa mu.

25 “ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso mohunu nnomaa ne mmoa a mama mo ho ɛkwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonsonoeɛ. Ɛwom sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so deɛ, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuo.

26 Mobɛyɛ kronkron ama me ɛfiri sɛ, me Awurade, meyɛ kronkron na mayi mo afiri nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me dea.

27 “ ‘Ɔbarima anaa ɔbaa a ɔyɛ samanfrɛfoɔ anaasɛ ɔsumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mokum wɔn. Ɛsɛ sɛ mosi wɔn aboɔ. Ɛyɛ bɔne kɛseɛ.’ ”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/20-ca67ba50ea8822b0772b104c8579dc11.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 21

Asɔfodie Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ asɔfoɔ no sɛ, ‘Wɔnnsɔ efunu mu mfa ngu wɔn ho fi.

2 Sɛ wɔbɛsɔ efunu mu a, na ɛyɛ wɔn fieni, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabaa, onuabarima

3 anaa onuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfoɔ no.

4 Ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ no yɛ obi a ɔtua ne nkurɔfoɔ ano a ɛnsɛ sɛ ɔgu ne ho fi sɛdeɛ onipa foforɔ bi bɛtumi agu ne ho fi no.

5 “ ‘Asɔfoɔ no nni ho kwan sɛ wɔbɔ’, yi wɔn abɔgyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.

6 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔgu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Awurade wɔn Onyankopɔn.

7 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ware odwamanfoɔ anaa ɔbaa bi a ɔfiri ɔman foforɔ so. Ɔnni ho kwan sɛ ɔware ɔbaa bi a wagyae awadeɛ, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn.

8 Wɔayi ɔsɔfoɔ no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Onyankopɔn afɔdeɛ; ɔyɛ kronkron na me Awurade a mete mo ho ma moyɛ kronkron no nso, meyɛ kronkron.

9 “ ‘Ɔsɔfoɔ babaa biara a ɔbɛbɔ adwaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.

10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atadeɛ sononko no gyaa ne tirinwi ma ɛsensɛn wɔ ayiyɛ mu. Saa ara nso na ɔnni ho kwan sɛ ɔsunsuane nʼatadeɛ mu.

11 Ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ efunu ho—nʼagya anaa ne maame funu koraa ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ho.

12 Sɛ ɔgu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɔnni ho kwan sɛ ɔfiri adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa mʼAhyiaeɛ Ntomadan sɛ efie bi kɛkɛ, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn ngo a wɔde tee ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.

13 “ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabunu.

14 Ɛnsɛ se ɔware okunafoɔ anaa ɔbaa bi a wagyae awadeɛ anaa odwamanfoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔbaa a ɔbɛware no no yɛ ɔbaabunu a ɔfiri ne ɔman mu,

15 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔngu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfoɔ mu. Mene Awurade a metee ne ho no.’ ”

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

17 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, nʼasefoɔ biara a wɔadi dɛm no nni ho kwan sɛ wɔbɔ Onyankopɔn afɔdeɛ.

18 Obi a wadi dɛm mmɛm me: onifirani anaa apakye anaa deɛ ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ;

19 obi a ɔyɛ abasin anaa nansin,

20 anaa deɛ ɔyɛ afu anaa akwatia anaa deɛ nʼani nyɛ anaa deɛ ekuro atutu no anaa deɛ ɔyɛ ɛtwo.

21 Ɔsɔfoɔ Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno enti ɛnsɛ sɛ ɔtwe bɛn sɛ ɔde ne Onyankopɔn aduane rebrɛ no.

22 Nanso sɛ wɔbɔ afɔdeɛ no wie a, ɔsɔfoɔ no tumi ma no Onyankopɔn afɔdeɛ no aduane no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔdeɛ kronkron.

23 Nanso ne dɛm no enti, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamutam no akyi anaa ɔbɛn afɔrebukyia no. Yei bɛgu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na wate hɔ ho.”

24 Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/21-a88595233491b0d3852425f6a541067a.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 22

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ, wɔmfa anidie mma afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ ate ho ama me no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnngu me din ho fi. Mene Awurade.

3 “Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, sɛ ɔsɔfoɔ biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛdeɛ biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ mma Awurade a, wɔbɛworɔ nʼatadeɛ. Mene Awurade.

4 “Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ, wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no,

5 anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwadeɛ bi anaa obi a biribi enti, wɔagu ne ho fi no,

6 saa ɔsɔfoɔ no ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ. Ɔrenni afɔrebɔdeɛ a wɔate ho no bi kɔsi anwummerɛ a ɔbɛdware.

7 Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛte na ɛno akyi ɔbɛtumi adi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼaduane.

8 Ɛnsɛ sɛ ɔdi aboa funu anaa deɛ akekaboa bi atete ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade.

9 “Bɔ asɔfoɔ no kɔkɔ na wɔnni saa mmara yi so yie, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so enti. Mene Awurade a mate wɔn ho.

10 “Obiara nni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Ɔhɔhoɔ a wabɛsra ɔsɔfoɔ no nni ho kwan sɛ ɔdi bi. Na saa ara nso na ɔsomfoɔ a wɔtua no ka nni ho kwan sɛ ɔdi bi.

11 Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfoɔ no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wɔdi bi.

12 Sɛ ɔsɔfoɔ babaa kɔware firi abusuakuo no akyi baabi a, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi.

13 Na sɛ ɔyɛ okunafoɔ anaa obi a wɔagyaa no awadeɛ na ɔnni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno enti ɔsane ba nʼagya nkyɛn a, ɔtumi di nʼagya aduane no bi bio. Yeinom akyi no, asɔfoɔ no abusuafoɔ nko ara na wɔwo ho kwan sɛ wɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no.

14 “Sɛ obi anhunu na ɔkɔdi saa afɔrebɔdeɛ kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ ɔtua ho ka na ɔsane bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho.

15 Ɛfiri sɛ, afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wɔnni bi no di bi, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔde saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa abrɛ no.

16 Na obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, ɛfiri sɛ, wadi afɔrebɔdeɛ kronkron. Na mene Awurade a mete afɔrebɔdeɛ nyinaa ho.”

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa sɛ, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bɔhyɛ bi enti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no,

19 sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwie ba anaa odwan anaa abirekyie no, Awurade bɛgye.

20 Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛdɛm wɔ ho bɔ afɔdeɛ, ɛfiri sɛ, wɔrennye.

21 Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri sɛ, wɔrennye.

22 Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa ekuro anaa nweweeɛ wɔ ne ho, anaa wedeɛ ani yadeɛ ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔrebukyia so bɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade.

23 Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwie ba anaa odwan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔdeɛ na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔdeɛ.

24 Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ Awurade afɔdeɛ ɛkwan biara so.

25 Saa mmara yi da hɔ ma ahɔhoɔ a wɔfra mo mu a wɔpɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ne mo ankasa, ɛfiri sɛ, aboa biara a wadi dɛm no nyɛ mma saa afɔrebɔ no.’ ”

26 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

27 “Sɛ wɔwo nantwie, odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne maame nkyɛn nnanson. Na ɛfiri nnawɔtwe rekorɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔdeɛ a, Awurade bɛgye.

28 Ɛnsɛ sɛ mokum aboa bi ne ne ba ɛda koro, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan.

29 “Sɛ morebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛsɛ sɛ mofa ɛkwan pa so,

30 ɛne sɛ, mobɛwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ no nam ɛda no ara a wɔkumm no no. Mommma adeɛ nnkye ebi so. Mene Awurade.

31 “Monni me mmarahyɛ nyinaa so na mene Awurade.

32 Ɛnsɛ sɛ mogu me din kronkron ho fi. Monni me ni na me, Awurade, na metee mo ho de mo bataa me ho,

33 nam so gyee mo firii Misraim ma mobɛyɛɛ mʼankasa me nnipa! Mene Awurade.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/22-b5700b5ca895dc0d19e1aa9ab7b1118b.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 23

Afahyɛ Ahodoɔ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ma Israelfoɔ nte sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wɔdi Awurade afahyɛ ahodoɔ no mmerɛ a Israelfoɔ nyinaa bɛhyia asom me no.

Homeda No

3 “ ‘Mowɔ nna nsia a mode yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ Homeda a mode home, ɛda a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ baabi a moteɛ. Ɛyɛ Homeda ma Awurade.

Twam Afahyɛ Ne Apiti Afahyɛ

4 “ ‘Yeinom ne Awurade apontoɔ, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ ho dawuro wɔ ɛberɛ a wɔahyɛ:

5 Wɔfiri Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so dunan no anwummerɛ.

6 Awurade Apiti Afahyɛ nso, wɔfiri aseɛ saa ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so dunum; na mobɛdi apiti nnanson.

7 Ɛda a ɛdi saa afahyɛ yi ɛkan no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron, na monnyɛ adwuma biara.

8 Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade ɛda biara. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’ ”

Nnɔbaeɛ A Ɛdi Ɛkan

9 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

10 “Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede bɛma mo no so na motwa mo nnɔbaeɛ a, momfa nnɔbaeɛ afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfoɔ.

11 Ɔbɛhim no wɔ Awurade anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade bɛgye sɛ mo akyɛdeɛ.

12 Ɛda no ara, mode odwennini a wadi afe a ɔnnii dɛm bɛbɔ Awurade ɔhyeɛ afɔdeɛ,

13 ne nʼaduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmiɛnsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa dɛɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsã lita ɛnan ne fa afɔrebɔdeɛ bɛka ho.

14 Ɛnsɛ sɛ modi burodo biara, sɛ ɛyɛ aduane a wɔato anaa ɛyɛ foforɔ, kɔsi ɛda a mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛbrɛ mo Onyankopɔn. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.

Nnawɔtwe Nnawɔtwe Afahyɛ

15 “ ‘Homeda no akyi ɛda a ɛdi ɛkan a wɔmaa atokoɔ afiafi mu baako so him no Awurade anim sɛ afɔrebɔdeɛ no, mobɛfiti aseɛ abubu nnawɔtwe nson.

16 Monkan adaduonum a ɛkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyi ɛda koro na momfa atokoɔ foforɔ mmɛbɔ afɔdeɛ mma Awurade.

17 Yei bɛyɛ burodo mmienu a mode bɛfiri mo afie mu bɛba. Na wɔbɛhim no wɔ Awurade anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikyiresiam lita ɛnan a wɔde mmɔreka afra nto saa burodo yi. Ɛyɛ mo aduane a ɛdi ɛkan afɔrebɔdeɛ a mode rema Awurade.

18 Mode burodo ne nsã bɛka nnwan mma nson a wɔadi afe a ɛdɛm biara nni wɔn ho ne nantwie ba baako ne nnwennini mmienu ho abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. Yeinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani yie.

19 Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ. Na mode nnwammaa mmienu a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

20 Asɔfoɔ no bɛhim saa afɔrebɔdeɛ yi ne burodo mmienu a ɛsi mo mfudeɛ a ɛdi akyire no ananmu no wɔ Awurade anim. Ɛyɛ kronkron ma Awurade na wɔde bɛma asɔfoɔ no sɛ wɔn aduane.

21 Ɛda no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron ho dawuro, na monnyɛ adwuma biara. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.

22 “ ‘Sɛ motwa mo mfuo mu nnɔbaeɛ a, monntwa ntu aseɛ nnɔbaeɛ no, na deɛ aporo agu fam no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔnni asase bi a wɔdidi so no. Mene Awurade mo Onyankopɔn!’ ”

Totorobɛnto Afahyɛ

23 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

24 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mohome ɛda no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn totorobɛnto dendeenden de kae.

25 Saa ɛda no, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade.’ ”

Mpata Ɛda

26 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

27 “Saa bosome a ɛtɔ so nson yi ɛda a ɛtɔ so edu ne Mpata Ɛda no. Monyɛ nhyiamu kronkron, monni abuada na mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade

28 Monnyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Mpata Ɛda, ɛberɛ a wɔpata ma mo wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim.

29 Obiara a wanni ɛda no ahonu ne awerɛhoɔ so wɔ ne bɔne ho no, wɔbɛyi no afiri ne nkurɔfoɔ mu.

30 Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no, mɛsɛe no.

31 Monnyɛ adwuma biara koraa. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, wɔ baabiara a mobɛtena.

32 Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nkron kɔsi ɛda edu no anwummerɛ no, ɛsɛ sɛ modi mo Homeda.”

Asese Afahyɛ

33 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ɛbɛdi.

35 Ɛda a ɛdi ɛkan no yɛ nhyiamu kronkron ɛda; monnyɛ adwuma biara.

36 Ɛda biara wɔ nnanson no mu, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔdeɛ ma Awurade. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔdeɛ ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a ɛtwa toɔ. Monnyɛ adwuma biara.

37 “ ‘Yeinom ne afahyɛ ahodoɔ a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔdeɛ a wɔhye no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, afɔrebɔdeɛ ahodoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ a ɛho hia ɛda biara.

38 Monni saa afahyɛ yi nka Awurade Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔdeɛ nso bɛka mo ankasa ayɛyɛdeɛ, ɛbɔ a moahyɛ ne deɛ mofiri mo pɛ mu de ma Awurade ho.

39 “ ‘Enti ɛfiri bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɔtɔ so dunum no a moatwa asase no so nnɔbaeɛ no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Ɛda a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so nnwɔtwe yɛ ahomegyeɛ nna.

40 Ɛda a ɛdi ɛkan no, montwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhahan wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo Awurade Onyankopɔn anim nnanson.

41 Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidie mmara yi tena hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

42 Saa nnanson no mu, mo a moyɛ Israelfoɔ mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase.

43 Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfoɔ no firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ, me na megyee mo firii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’ ”

44 Yeinom ne Awurade afahyɛ ahodoɔ a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Enti, Mose kyerɛɛ afahyɛ ahodoɔ a Israelfoɔ no bɛbɔ ama Awurade.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/23-67aad641bc5941994d66272ef823b565.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 24

Ngo Ne Burodo Kronkron

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da,

3 adanseɛ ntwamutam no akyi wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, Aaron bɛhwɛ nkanea a ɛwɔ Awurade anim no so, firi anwummerɛ kɔsi anɔpa biara. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.

4 Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nkanea a ɛsisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so ɛberɛ biara.

5 “Momfa asikyiresiam muhumuhu nto burodo amuamua dumienu. Momfa esiam lita ɛnan ne fa nto burodo mua biara.

6 Monhyehyɛ no akyerɛpɛn mmienu, a nsia biara wɔ kyerɛpɛn baako so wɔ sikakɔkɔɔ amapa ɛpono so wɔ Awurade anim.

7 Mode aduhwam pa bɛgu kyerɛpɛn biara ho de asi burodo no anan mu ayɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ ogya so ma Awurade.

8 Ɛsɛ sɛ wɔde saa burodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a ɛnni awieeɛ ama Israelfoɔ.

9 Burodo yi yɛ Aaron ne ne mmammarima dea, na ɛsɛ sɛ wɔdi wɔ kronkronbea hɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma Awurade no mu.”

Wɔsii Musubɔni Bi Aboɔ

10 Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔ wɔn atenaeɛ.

11 Ntɔkwa no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wɔmmu no atɛn. Na ne maame din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusua mu.

12 Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.

13 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

14 “Fa obusuyɛni no firi atenaeɛ ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsi no aboɔ nku no.

15 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔnya ho asotwe:

16 obiara a ɔgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛsɛ sɛ ɛdɔm no nyinaa si no aboɔ. Ɔhɔhoɔ anaa Israelni biara a ɔbɛgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.

17 “ ‘Obiara a ɔkum ne yɔnko onipa no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.

18 Obiara a ɔkum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ananmu.

19 Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bɛpira no bi saa ara.

20 Dompe mu bu nsi dompe mu bu ananmu; ani nsi ani ananmu; ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛdeɛ obi pira ɔfoforɔ no, saa ara na wɔmpira ɔno nso.

21 Obiara a ɔbɛkum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wɔkum no bi.

22 Mmara korɔ no ara wɔ hɔ ma ɔhɔhoɔ ne kuromani. Mene Awurade, mo Onyankopɔn.’ ”

23 Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, na wɔyii obusuyɛni no firii atenaeɛ hɔ kɔsii no aboɔ. Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/24-31aa6ef19b501456f9ea32aa78cf530a.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 25

Homeda Afe

1 Mose wɔ Sinai Bepɔ so no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ,

2 “Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede rebɛma mo no so a, mfeɛ nson biara, momma asase no nya Awurade mu homeda.

3 Momfa mfeɛ nsia nnua mo nnɔbaeɛ wɔ mo mfuo mu na monyiyi mo bobe turo mu na montwa mo nnɔbaeɛ.

4 Na mfeɛ nson so no, asase no nna hɔ kwa wɔ Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Monnnua so aba. Afe no nyinaa mu, monnyiyi mo bobe turo no mu.

5 Na aba biara a moadua no, monnte mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home.

6 Nanso, aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduane ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔhoɔ,

7 wʼayɛmmoa ne wiram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Monni biribiara a asase no bɛma biara.

Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ

8 “ ‘Bubu Homeda mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, na wobɛnya mfeɛ aduanan nkron.

9 Afei, bosome a ɛtɔ so nson no ɛda edu no yɛ Mpata Ɛda. Monhyɛn totorobɛnto wɔ baabiara. Mpata Ɛda no, monhyɛn totorobɛnto no dendeenden nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara.

10 Monte mfeɛ aduonum no ho na mompae ahofadie mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsane akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafoɔ ho.

11 Aane, mfeɛ aduonum no bɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ ama mo; monnnua biribiara na monntwa nnɔbaeɛ biara, na bobe a moadua nso, monnte so aba.

12 Ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfirinhyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho teɛ. Monni deɛ monya firi asase no mu nko ara.

13 “ ‘Saa mfirinhyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so.

14 “ ‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛeɛ a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapadeɛ bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko.

15 Sɛ woretɔ asase afiri wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfeɛ dodoɔ no so fa afiri Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛtwaam no. Ɔdetɔnfoɔ no bɛgye wo boɔ a ɛgyina mfeɛ dodoɔ a aka ansa na mfirinhyia aduonum afahyɛ a ɛreba no.

16 Mfeɛ no dodoɔ na ɛma ɛboɔ no kɔ soro. Saa ara nso na mfeɛ kakra bi ma ɛboɔ no kɔ fam. Yeinom nyinaa mu, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodoɔ a wɔbɛtwa afiri asase no so.

17 Monsuro mo Onyankopɔn na moammɔ ɛboɔ a ɛboro so! Na mene Awurade.

18 “ ‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoeɛ mu deɛ a, monni me mmara so.

19 Sɛ moyɛ ɔsetie a, aduane bɛbu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoeɛ mu.

20 Nanso, mobɛbisa sɛ, “Na sɛ wɔse yɛnnnua anaa yɛnntwa saa afe no so a, ɛdeɛn na mfeɛ nson no so yɛbɛdie?”

21 Mmuaeɛ ara ne sɛ, mfeɛ nsia no so, mɛhyira mo ama nnɔbaeɛ aba abu so kɔsi sɛ mobɛtwa mfeɛ nwɔtwe mu nnɔbaeɛ no.

22 Sɛ modua nnɔbaeɛ wɔ mfeɛ nwɔtwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a ɛtwaam no mu nnuane. Nokorɛm, nnuane dada no na mobɛdi kɔsi sɛ otwaberɛ bɛduru so mfeɛ nkron no mu.

23 “ ‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti monni ho ɛkwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔhoɔ na meyɛ asasewura ma mo.

24 Asasetɔn mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛeɛ sɛ asasetɔnfoɔ no tumi sane bɛgye asase no ɛberɛ biara.

25 “ ‘Sɛ ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafoɔ tumi bɛgye.

26 Sɛ ɔnni obi a ɔbɛgye ama no na sɛ nʼankasa nya sika a,

27 wɔbɛsese ɛso nnɔbaeɛ a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛ Afe no reba na wɔagyina so atua ɛka no, na deɛ ɔtɔeɛ no nso adane asase no ama no.

28 Na sɛ deɛ asase no yɛ ne dea no ankasa antumi annye a, ɛnneɛ, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea ara kɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no, na deɛ ɔtɔeɛ no de onii no adeɛ asane ama no.

29 “ ‘Sɛ obi tɔn efie wɔ kurom a, ɔwɔ afe a ɔtumi sane gye nʼadeɛ a biribiara nsi no ho ɛkwan.

30 Na sɛ afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora. Ahosɛpɛ Afe no mu, ɔrensane mfa mma onipa a kane no na ɛyɛ ne dea no bio.

31 Nanso akuraase dan a wɔntoo ɔfasuo ntwaa ho nhyiaeɛ te sɛ agyapadeɛ a ɛwɔ wiram deɛ, wɔtumi sane kɔgye no ɛberɛ biara, na Mfeɛ Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔsane de ma ne wura ankasa.

32 “ ‘Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifoɔ afie a ɛwɔ nkuro a wɔde afasuo atwa ho mu no, wɔtumi sane gye ɛberɛ biara,

33 na wɔde ama wɔn wuranom Ahosɛpɛ Afe no mu. Na Lewifoɔ no deɛ, wɔremma wɔn mfuo nsase te sɛ mmusuakuo a aka no, na mmom, wɔbɛma wɔn afie wɔ wɔn nkuro ne wɔn mfuo a atwa wɔn ho ahyia no mu.

34 Mma wɔnntɔn nsase a atwa Lewifoɔ nkuro ho ahyia, ɛfiri sɛ, yeinom yɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔne obiara kyɛ.

35 “ ‘Sɛ ohia hia wo nua a, ɛsɛ sɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena hɔ bi.

36 Suro wo Onyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho ba.

37 Kae sɛ, worennye ho nsiho biara, na aduane a wode ma no nso, nnye ho nsiho biara. Mpɛ mfasoɔ!

38 Ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn yii mo firii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛdeɛ mɛyɛ mo Onyankopɔn.

39 “ ‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ

40 na mmom, yɛ no sɛ obi a wotua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔhoɔ na ɔnsom wo nkɔsi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no.

41 Ɛduru saa mmerɛ no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapadeɛ nyinaa kɔ wɔn abusuafoɔ nkyɛn.

42 Me na mede mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ mommɛsom me sɛdeɛ obi rentumi ntɔn mo sɛ nnipa hunu bi

43 na obi nso ntumi nha mo; monsuro mo Onyankopɔn.

44 “ ‘Nanso mobɛtumi atɔ asomfoɔ afiri aman foforɔ a atwa mo ho ahyia no so.

45 Saa ara nso na motumi tɔ ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu.

46 Wɔbɛyɛ nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfoɔ no deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa.

47 “ ‘Sɛ ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu no bɛyɛ osikani, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ no anaa ɔhɔhoɔ no abusuafoɔ a,

48 ne nuanom bi tumi bɛgye no.

49 Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho onipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso bɛnya sika a, ɔtumi de bɛgye ne ho.

50 Nʼahogyeɛ no gyina mfeɛ a aka na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduro ne sika dodoɔ a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfoɔ a, anka ɔbɛgye saa mfeɛ a aka no mu.

51 Sɛ aka mfeɛ pii ansa na Ahosɛpɛ Afe no aso a, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ wɔ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no nyinaa;

52 na sɛ mfeɛ no pii atwam ama aka kakra na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no aduru a, ɛnneɛ, ɔbɛtua sika a ɔgyeeɛ ɛberɛ a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi.

53 Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔhoɔ a, ɔhɔhoɔ no bɛfa no sɛ ne ɔsomfoɔ a ɔtua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne ɔsomfoɔ buruburo anaa nʼagyapadeɛ.

54 “ ‘Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru na wɔnnyee no a, wɔbɛgyaa ɔne ne mma nyinaa.

55 Israelfoɔ yɛ mʼasomfoɔ. Mede wɔn firi Misraim na ɛbaeɛ. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/25-202e36aae76fab08844cc1d0175e1cd4.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 26

Osetie So Akatua

1 “ ‘Monnyɛ abosom. Monnsisi ahoni anaa aboɔ mma mo ho. Mommfa aboɔ a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkoto wɔn. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

2 “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me Homeda, na mode anidie ma me kronkronbea. Mene Awurade.

3 “ ‘Sɛ modi me mmara no nyinaa so a,

4 daa mɛtɔ osuo ama mo ama mo nnɔbaeɛ ayɛ yie abu so, na mo nnua nso bɛso aba a ɛbɛkyɛre wɔ nnua no so.

5 Na sɛ ɛduru odua berɛ so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mobɛdidi amee na moatena asase no so asomdwoeɛ mu,

6 “ ‘Ɛfiri sɛ, mɛma mo asomdwoeɛ, na mɛma mo ada a monnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afiri mo ho.

7 Mobɛpam mo atamfoɔ; na wɔbɛwuwu wɔ mo asekan ano.

8 Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka ɔpedu agu! Mo atamfoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ mo anim.

9 “ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔre, na madi apam a me ne mo pameeɛ no so.

10 Mo nnɔbaeɛ bɛbu so a sɛ otwa berɛ foforɔ duru so a, morenhunu deɛ mode bɛyɛ.

11 Na mɛtena mo mu, na meremmu mo animtiaa.

12 Me ne mo bɛnante, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ.

13 Mene Awurade mo Onyankopɔn a ɔde mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ ɔmpɛ sɛ moyɛ nkoa bio no. Mabubu mo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na mɛma mo anante animuonyam so.

14 “ ‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so,

15 na mopo me mmara a,

16 deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma mo akoma atutu na mama nsamanwa ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani bɛtutu, na mo nkwa so ahwan. Mobɛdua nnɔbaeɛ agu kwa, ɛfiri sɛ, mo atamfoɔ na wɔbɛdie.

17 Mɛyi mʼani afiri mo so, na moadwane afiri mo atamfoɔ anim. Wɔn a wɔtan mo bɛdi mo so. Mobɛdwane ɛberɛ a obiara mpam mo.

18 “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo aso mmɔho nson a emu yɛ den wɔ mo bɔne no ho.

19 Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dadeɛ ne mo fam sɛ kɔbere.

20 Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase nnya nnɔbaeɛ biara, na ɛso nnua nso renso aba.

21 “ ‘Na sɛ tie ara na monntie me a, mo bɔne enti, mede ɔyaredɔm mmɔho nson bɛgu mo so.

22 Mɛma nkekaboa abɛkunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwie, na mate mo dodoɔ so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio.

23 “ ‘Na sɛ yei antumi ansesa mo, na mokɔ so tia mʼapɛdeɛ a,

24 me nso, mɛtia mo apɛdeɛ, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mprɛnson wɔ mo bɔne ho.

25 Menam ɔko so bɛbu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mobɛdwane akɔ mo nkuro mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfoɔ bɛdi mo so.

26 Mɛsɛe mo nnuane a mobɛnya nyinaa kɔsi sɛ mpo, fononoo baako burodo a ɛbɛto no na mmusuakuo edu bɛdi. Aduane kakra a mobɛdi no akyi, ɛkɔm bɛde mo.

27 “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a,

28 mo bɔne enti, me bo bɛfu mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho nson.

29 Mobɛwe mo mmammarima ne mo mmammaa ɛnam.

30 Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Mɛtwitwa mo aduhwam afɔrebukyia agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a ɛnni nkwa no so; na mɛpo mo.

31 Mɛma mo nkuro ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohwam afɔrebɔ no.

32 Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfoɔ atena so, na deɛ mɛyɛ mo no ayɛ mo nwanwa.

33 Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkuro.

34 Akyire no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfeɛ dodoɔ a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmerɛ a mowɔ atamfoɔ nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso.

35 Ɛberɛ a asase no da mpan nyinaa, ɛbɛnya home a moamma annya wɔ Homeda dodoɔ a motenaa soɔ no.

36 “ ‘Wɔn a wɔgyaa wɔn hɔ a wɔnwuiɛ no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafoɔ ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahahan koraa a, wɔbɛdwane te sɛ deɛ obi a ɔkura akofena repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ ɛberɛ a obi mpam wɔn.

37 Obiara rempamo wɔn nanso ehu enti, wɔbɛsuntisunti wɔn ho wɔn ho te sɛ deɛ wɔredwane afiri akono a wɔnni tumi biara a wɔde bɛgyina wɔn atamfoɔ anim no.

38 Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfoɔ asɛe mo.

39 Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne enti, wɔn ho bɛyera wɔn wɔ atamfoɔ nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛeɛ no enti.

40 “ ‘Nanso akyire no, me nkurɔfoɔ bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛdeɛ wɔdii me hwammɔ na wɔtiaa me no.

41 Sɛ me nso metia wɔn te sɛ deɛ ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfoɔ asase so a, afei, wɔn akomaden no ano bɛbrɛ ase, na wɔbɛtua wɔn bɔne so ka.

42 Afei, mɛkae apam a me ne Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no.

43 Asase no da hɔ dinn no, ɛbɛdi ne homeda. Nanso akyire no, wɔbɛnya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛeɛ so na wɔtiaa me mmara.

44 Na deɛ wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔne mʼapam no korakora, ɛfiri sɛ, mene Awurade wɔn Onyankopɔn.

45 Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim, ɛberɛ a amanaman nyinaa rehwɛ no, yɛeɛ no. Me Awurade ne wɔn Onyankopɔn.’ ”

46 Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ no wɔ Sinai Bepɔ so no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/26-aeb8ed6564e9c7dc2e09adb0cdb9a500.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 27

Sɛdeɛ Wɔgye Deɛ Ɛyɛ Awurade Dea

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔtua sika mmom a,

3 ɔbɛtua dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570) ama ɔbarima a wadi mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduosia,

4 sɛ ɔyɛ ɔbaa a wadi mfeɛ aduonu kɔsi aduosia a, wɔbɛtua dwetɛ gram ahasa ne aduanan (340),

5 abarimaa a wadi mfeɛ enum kɔsi aduonu no nso wɔbɛtua dwetɛ gram ahanu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115).

6 Abarimaa a wadi bosome kɔsi mfeɛ enum no wɔbɛtua dwetɛ gram 60; na abaayewa nso wɔatua dwetɛ gram 35.

7 Ɔbarima a wadi boro mfeɛ aduosia no wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha aduɔson (170); na ɔbaa nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115).

8 Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfoɔ anim, na ɔsɔfoɔ no akyerɛ no sika a ɔbɛtumi atua.

9 “ ‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron.

10 Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde deɛ ɛyɛ sesa deɛ ɛnyɛ anaa sɛ ɔde deɛ ɛnyɛ sesa deɛ ɛyɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesayɛ yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa mmienu no nyinaa ho te.

11 Sɛ aboa a ɔde rema Awurade no ho nte na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfoɔ.

12 Ɔno na ɔbɛhwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ ɔnte saa, na wakyerɛ sika dodoɔ a ɛsɛ sɛ ɔtua de si aboa no anan.

13 Sɛ aboa no yɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsane gye nʼadeɛ a, ɔbɛtua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ɛboɔ a ɔsɔfoɔ no bɛtwa ama no sɛ ɔntua no ho.

14 “ ‘Sɛ obi de ne fie ma Awurade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsane gye a, ɔsɔfoɔ no bɛsese ne boɔ a ɔnte so,

15 na saa onipa no atua, asane atua ɛbo korɔ no ara ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na efie no abɛyɛ ne dea bio.

16 “ ‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔdeɛ ma Awurade a, wɔbɛgyina aba kɛntɛnma dodoɔ a ɛbɛhia sɛ wɔbɛdua wɔ so no so atwa asase no boɔ; aba kɛntɛnma biara boɔ yɛ dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570).

17 Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuo kyɛ a, ne boɔ no rensesa.

18 Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ansa na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛdi so no so asese ne boɔ, na wɔbɛtumi ate so.

19 Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ɔgye nʼasase a, ɔsɔfoɔ no boɔ a ɔbɛbɔ no, ɔbɛtua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio.

20 Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ɔgye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforɔ a, ɛnneɛ wɔrentumi nnye bio.

21 Sɛ wɔdane asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde ato hɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no agyapadeɛ.

22 “ ‘Sɛ obi bi de asase a watɔ ma Awurade, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a,

23 ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ama wɔadi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne boɔ. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ɛboɔ no ɛda no ara, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron ma Awurade.

24 Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, asase no bɛsane akɔ deɛ ɔtɔneɛ no nkyɛn anaasɛ deɛ na ɔyɛ asase no wura no.

25 Wɔbɛsese ɛho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbena a wɔgye wɔ hyiadan mu, a ɛyɛ gram dubaako.

26 “ ‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, ɛfiri sɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan no, yɛ Awurade dea dada.

27 Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho nteɛ no bi a, onipa no bɛtumi atua ne boɔ no, na ɔde ɛboɔ no mu nkyɛmu enum mu baako aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio deɛ a, wɔbɛtɔn aboa no sɛdeɛ ne boɔ teɛ.

28 “ ‘Adeɛ biara a wɔde ama Awurade no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsane gye, ɛfiri sɛ, biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma Awurade.

29 “ ‘Onipa biara a Awurade ayi no asi nkyɛn ama ɔsɛeɛ no, wɔmmfa biribi ntua ne tiri ka. Ɛsɛ sɛ wɔkum no.

30 “ ‘Asase no so nnɔbaeɛ nkyɛmu edu mu baako, sɛ ɛyɛ aburoo anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron.

31 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsane tɔ saa aduaba anaa aburoo no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne boɔ nkyɛmu enum mu baako ka ho.

32 Anantwie ne nnwan no ntotosoɔ dudu nyinaa, aboa biara a ɔtɔ so edu a ɔfa odwanhwɛfoɔ nsam no yɛ kronkron ma Awurade.

33 Aboa a ɔtɔ so edu a wɔde bɛma Awurade no, wɔnhwɛ sɛ ɔyɛ anaa ɔnyɛ, na wɔmmfa biribiara nsi nʼananmu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔde biribiara si ananmu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ ”

34 Yeinom ne mmara a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/27-865511ad2fba19dca3543c9f9a92bba8.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose Nnianimu

Nnianimu

Edin

Ɛksodɔs

no ase kyerɛ ne otukɔ a ɛyɛ Israelfoɔ abakɔsɛm mu asɛm titire. Ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ tu firii Misraim asase so. Ɛhɔ na wɔyɛɛ nkoa bɛyɛ mfirinhyia ahanan. Onipa titire a wɔka ne ho asɛm wɔ saa Nwoma yi mu ne Mose ne sɛdeɛ ɔdii Israelfoɔ anim firii Misraim asase so.

Wɔakyekyɛ Ɛksodɔs mu nan: Ɔfa a ɛdi ɛkan no ka sɛdeɛ wɔyii Israelfoɔ firii nkoasom mu. Ɔfa a ɛtɔ so mmienu ka ɔman no akwantuo a wɔde kɔɔ Bepɔ Sinai so. Ɔfa ɛtɔ so mmiɛnsa nso ka Onyankopɔn ne Israelfoɔ apam a wɔpam wɔ Bepɔ Sinai so ho asɛm. Ɔfa a ɛtɔ so ɛnan no ka sɛdeɛ wosii hyiadan, siesiee mu, na wɔyɛɛ mmara a wɔnam so somm Onyankopɔn.

Ɛksodɔs fa bi a ɛyɛ titire nso ne Mmara Nsɛm Edu a yɛhunu wɔ Ti aduonu no.

Emu Nsɛm

Israel Wɔ Misraim (

1.1–12.36

)

Israel Wɔ Ɛserɛ So (

12.37–18.27

)

Israel Wɔ Sinai (

19.1–40.38

)

Categories
2 Mose

2 Mose 1

Israelfoɔ Wɔ Misraim

1 Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi.

2 Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;

3 Isakar, Sebulon ne Benyamin;

4 Dan, Naftali;

Gad ne Aser.

5 Yakob asefoɔ a ɔne wɔn kɔeɛ no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada.

6 Yosef ne ne nuanom ne wɔn ɛberɛ sofoɔ no nyinaa wuwuiɛ,

7 nanso Israelfoɔ no ase dɔreeɛ, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.

8 Na ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm.

9 Ɔka kyerɛɛ ne mamfoɔ no sɛ, “Monhwɛ, Israelfoɔ yi ase adɔre, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn.

10 Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu.”

11 Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.

12 Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, dɔ ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ

13 na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfoɔ no so ketee.

14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no.

15 Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn din ne Sifra ne Pua sɛ,

16 “Sɛ mokɔgye Hebrini biara awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, monkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabaa deɛ a, monnyɛ no hwee.”

17 Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ.

18 Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanni mmara a mehyɛeɛ no so na moama mmarimaa a Hebrifoɔ no wowoo wɔn no atena?”

19 Wɔbuaa no sɛ, “Hebrifoɔ mmaa no de ahoɔden wo ɔherɛ so enti yɛbɛduru hɔ no, na wɔawo dada. Wɔnte sɛ Misraimfoɔ mmaa no.”

20 Onyankopɔn hyiraa awogyefoɔ no. Na Israelfoɔ no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ.

21 Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma.

22 Afei, Farao hyɛɛ mmara sɛ Herbrifoɔ mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no, wɔnto wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmaayewa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no deɛ, wɔntena hɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/1-4d8ae187840da9d4af33bfac6dad0c61.mp3?version_id=2094—