Categories
4 Mose

4 Mose 27

Selofehad Mmammaa

1 Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano sɛ wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ hɔ no anim.

2 Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya.

3 Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ.

4 Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.”

5 Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim.

6 Awurade buaa Mose sɛ,

7 “Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn.

8 “Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa.

9 Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn.

10 Na sɛ ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn.

11 Na sɛ ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”

Wɔyi Yosua Sɛ Mose Abadiakyire

12 Ɛda bi, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim mmepɔ no so na to wʼani fa asubɔnten a ɛda hɔ no so ma ɛnkɔsi asase a mede maa Israelfoɔ no so.

13 Sɛ wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no,

14 ɛfiri sɛ, wosɔre tiaa me mmara wɔ Sin ɛserɛ so hɔ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ wɔ nsuo no ho.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo “Akoeɛ” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so.

15 Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ,

16 “Ao Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan

17 a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so.”

18 Awurade buaa no sɛ, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ Honhom no wɔ ne mu no,

19 na fa no kɔ ɔsɔfoɔ Eleasa nkyɛn, na nnipa no nyinaa rehwɛ mo no, fa nnipa no animdie so tumi hyɛ ne nsa.

20 Fa wo tumi ma no wɔ badwam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israelfoɔ nyinaa bɛtie no.

21 Sɛ wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.”

22 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no nyinaa.

23 Mose de ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/27-389ca936d3cb800d8848aaa13bcb269d.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 28

Afɔrebɔ Ahodoɔ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no.

3 Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ Awurade afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano.

4 Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa na momfa baako mmɔ anwummerɛ.

5 Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho.

6 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Sinai Bepɔ so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano ma ɛyi hwa. Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ de ma Awurade.

7 Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ nsã a apae lita baako a odwammaa ka ho ka afɔrebɔdeɛ no ho a wɔbɛhwie agu beaeɛ bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim.

8 Momfa odwammaa a ɔtɔ so mmienu no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ a aburoo ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade hwam. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ.

9 “ ‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no.

10 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no.

11 “ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.

12 Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho;

13 na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani.

14 Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu.

15 Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama Awurade. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho.

16 “ ‘Afe biara bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no nso, mobɛdi Awurade Twam Afahyɛ no.

17 Ɛda a ɛdi so no, mobɛfiti aseɛ adi dapɔnna a wɔde anigyeɛ di no nnanson no, nanso, morenni burodo a mmɔreka wɔ mu.

18 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahoteɛ dwa na obiara renyɛ adwuma biara.

19 Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.

20 Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho,

21 na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho.

22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho.

23 Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho.

24 Nna nson no mu ɛda biara adidie mu no, mobɛbɔ saa afɔdeɛ korɔ yi ara bi. Ɛbɛyɛ Awurade anisɔ yie.

25 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛbɛyɛ ɛda kronkron bio a nnipa no nyinaa bɛhyia mu na saa ɛda no, obiara renyɛ adwuma biara.

26 “ ‘Aduanekan ɛda no a wɔfrɛ no Nnawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa bɔ nhyiamu kronkron ho dawuro de di Otwa berɛ Afahyɛ no. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuo mu nnɔbaeɛ foforɔ bɛbɔ Awurade aduane afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara yɛ adwuma saa ɛda no.

27 Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson.

28 Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho;

29 na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho.

30 Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho.

31 Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/28-f9214fc9b0d8c25452799e76557ed298.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 29

Totorobɛnto Afahyɛ

1 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara.

2 Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a Awurade ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho.

3 Mode aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ no a nantwie no ka ho. Wɔde lita ɛnan bɛka odwennini no ho

4 ɛnna lita mmienu ne fa nso ka nnwammaa no baako biara ho.

5 Ɛsɛ sɛ mosane de ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de yei yɛ mo mpatadeɛ.

6 Saa afɔrebɔ sononko yi ka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no bosome biara ne ɛda no deɛ no ho; afei nso, ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ a aburoo ne nsã afɔrebɔ ka ho no ho sɛdeɛ afɔrebɔ no ho mmara teɛ no. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

Mpata Da Afɔrebɔ

7 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade anim, na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ adwuma biara.

8 Saa ɛda no, mobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade—nʼani bɛsɔ. Afɔrebɔdeɛ no yɛ nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.

9 Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra.

10 Lita ɛnan na mode bɛka odwennini no ho ɛnna mode lita mmienu ne fa aka odwammaa baako biara ho.

11 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ. Yei ka bɔne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ de pata ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daadaa a aduane afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ ka ho.

Asese Afahyɛ

12 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ Awurade anim.

13 Nneɛma a mode bɛbɔ saa afɔdeɛ sononko yi ama Awurade ani asɔ no bɛyɛ nantwie mma dumiɛnsa, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan.

14 Ɛsɛ sɛ, sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ka anantwie mma dumiɛnsa no biara ho. Lita ɛnan ka nnwennini no baako biara ho

15 ɛnna lita mmienu ne fa aka nnwammaa dunan no baako biara ho.

16 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no ho a aburoo ne nsã afɔdeɛ ka ho.

17 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ.

18 Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho.

19 Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ.

20 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara

21 a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho.

22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.

23 “ ‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara

24 a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho.

25 Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho.

26 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara.

27 Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho.

28 Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho.

29 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan

30 bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.

31 Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no.

32 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan

33 a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ.

34 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.

35 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no.

36 Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ.

37 Na sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ nka ho.

38 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho a daa afɔdeɛ a mobɔ no nso ka ho.

39 “ ‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma Awurade. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’ ”

40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/29-0d5174da4838ae06920fb94c5b05ec50.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 30

Bɔhyɛ Ho Mmara

1 Afei, Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade ahyɛ sɛ,

2 sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ no, ɛnsɛ sɛ ɔbu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.

3 “Sɛ ababaawa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ ɛberɛ a ɔda so te nʼagya fie,

4 na nʼagya no te sɛ ne ba no ahyɛ bɔ, na wanka hwee a, ne bɔhyɛ no di mu.

5 Nanso sɛ ɛba sɛ nʼagya no si no bɔhyɛ no ho ɛkwan ɛda a ɔbɛte no a, ɔde sɛe bɔhyɛ no. Awurade de bɛkyɛ ababaawa no, ɛfiri sɛ, nʼagya ampene sɛ ɔbɛdi so.

6 “Sɛ ɔhyɛ bɔ a ɛnyɛ na akyire no ɔkɔware

7 na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee ɛda no ara a, ne bɔhyɛ no di dwuma.

8 Na sɛ ne kunu no po bɔhyɛ bɔne no a, po a ɔpoeɛ no di mu enti, Awurade de bɛkyɛ no.

9 “Sɛ ɔbaa yɛ okunafoɔ anaa wɔagyaa no aware a, ɛkwan biara so, ɛsɛ sɛ ɔdi ne bɔhyɛ nyinaa so.

10 “Sɛ waware na ɔte ne kunu fie a ɛhɔ na ɔhyɛɛ ɛbɔ no,

11 na ne kunu no teeɛ na wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no di mu.

12 Na sɛ ɛda no ara a ɔteeɛ no, sɛ wampene so a, ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de bɛkyɛ no.

13 Enti, ne kunu na ɔbɛsi so dua anaasɛ ɔbɛkasa atia bɔhyɛ no.

14 Sɛ ɛda mu no nyinaa wanka ho hwee deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɔpene so.

15 Sɛ ɔtwɛn ma ɛda koro fa so na sɛ ɔbɛka sɛ bɔhyɛ no nni mu a, ɛho asotwe biara a ɔbaa no penee so no bɛba ɔbarima no so.”

16 Yei ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere ne agya ne ne babaa a wɔn nyinaa te efie baako mu no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/30-1430f1cbc4a219cfcbf22ccffe284d2c.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 31

Midianfoɔ So Aweretɔ

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Esiane sɛ Midianfoɔ daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no enti, tɔ wɔn so awere. Yei akyi no wɔbɛwu na wɔakɔ wɔn agyanom nkyɛn.”

3 Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no.

4 Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.”

5 Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no.

6 Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ.

7 Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔkumm Midian mmarima nyinaa wɔ ɔko no mu.

8 Wɔn a wɔkumm wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn edin de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔkumm no.

9 Afei, Israel asraafoɔ no kyekyeree Midian mmaa ne mmɔfra nyinaa ne wɔn anantwie ne wɔn nnwan fom nneɛma pii kaa ho.

10 Wɔtoo Midian nkuro ne nkuraa nyinaa mu ogya, hyee no pasaa.

11 Wɔfaa asadeɛ ne afodeɛ a nnipa no ne mmoa ka ho.

12 Wɔde nneduafoɔ no ne ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ a na wɔabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Moab bepɔ so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wɔtwa firi Yeriko ba hɔ no.

13 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no kɔhyiaa nkonimdifoɔ no ɛkwan.

14 Nanso, Mose bo fuu mpanimfoɔ a wɔtuatua akodɔm no ano no.

15 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moankunkum mmaa no?

16 Yeinom ara ne nnipa no a wɔtie Balaam enti wɔmaa Israelfoɔ gyaa Awurade kɔsom abosom wɔ bepɔ Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa yɛn so bɛsɛee yɛn no.

17 Monkunkum mmarimaa no nyinaa. Afei, monkunkum mmaa a wɔne mmarima adeda no nyinaa.

18 Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena.

19 “Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so.

20 Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.”

21 Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose.

22 Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no,

23 ɛsɛ sɛ wɔde ka ogya sɛdeɛ ɛho bɛte. Yei akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsuo dwira ho ma ɛho te. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no deɛ, wɔmfa nsuo nnwira ho.

24 Nnanson so, ɛsɛ sɛ mosi mo ntadeɛ na modwira mo ho ansa na moasane aba atenaeɛ hɔ.”

Wɔkyekyɛ Afodeɛ

25 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

26 “Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua no mpanimfoɔ nyinaa twerɛ afodeɛ a nnipa ne mmoa ka ho a monyaa no ɔko no mu.

27 Afei, monkyɛ afodeɛ no mu mmienu. Momfa ɛfa mma mmarima a wɔkɔɔ ɔko no na momfa ɛfa a aka no mma nnipa a aka no.

28 Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ Awurade nya kyɛfa a ɛyɛ nneduafoɔ, anantwie, mfunumu, ne nnwan a ɛfiri akofoɔ no kyɛfa mu. Awurade kyɛfa no bɛyɛ ahanum biara mu baako.

29 Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔnhim no afɔrebukyia no anim mfa mma Awurade.

30 Afei Israelfoɔ a wɔaka no kyɛfa no, monyi aduonum biara mu baako. Momfa yei mma Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no so no.”

31 Enti, Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

32 Afodeɛ a ɛkaeɛ a akofoɔ no faeɛ no dodoɔ yɛ nnwan mpem ahansia aduɔson enum (675,000);

33 anantwie mpem aduɔson mmienu (72,000);

34 mfunumu mpem aduosia baako (61,000);

35 ne mmaayewa mpem aduasa mmienu (32,000).

36 Nneɛma no fa a wɔde maa asraafoɔ no dodoɔ nie:

Nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500)

37 a wɔde mu ahansia aduɔson enum (675) maa Awurade;

38 Anantwie mpem aduasa nsia (36,000) a wɔde mu aduɔson mmienu (72) maa Awurade;

39 mfunumu mpem aduasa ne ahanum (30,500) a emu aduosia baako (61) yɛ Awurade kyɛfa;

40 mmaayewa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa mmienu (32) maa Awurade.

41 Wɔde Awurade kyɛfa no nyinaa maa ɔsɔfoɔ Eleasa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

42 Afodeɛ no a Israelfoɔ no nyaa no na ɛdidi soɔ yi:

43 nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500),

44 anantwie mpem aduasa nsia (36,000),

45 mfunumu Mpem aduasa ne ahanum (30,500) ne

46 mmaayewa mpem dunsia (16,000).

47 Nnipa no kyɛfa a wɔnyaeɛ no, Mose yiyii nneduafoɔ ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan so no. Wɔyɛɛ yei nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

48 Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ baa Mose nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ,

49 “Owura yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na yɛn mu baako koraa anyera.

50 Ɛno enti, yɛfiri deɛ yɛnyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedadeɛ no yɛ sika adwinneɛ, nkapo, nkawa, nsonkawa ne kɔnmuadeɛ. Yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”

51 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa gyee saa akyɛdeɛ yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne adwinneɛ firii asraafoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn.

52 Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de baeɛ sɛ akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkariboɔ kilogram ɔha ne aduɔkron.

53 Na asraafoɔ no afa ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no bi.

54 Enti Mose ne Eleasa gyee akyɛdeɛ no firii asraafoɔ mpanimfoɔ no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Awurade sɛ Israelfoɔ yɛ ne dea.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/31-3d3aaba92f935d57b8446d00e2a71d49.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 32

Mmusuakuo A Wɔwɔ Yordan Apueeɛ Fam

1 Na Ruben ne Gad mmusuakuo no wɔ nyɛmmoa pii, enti wohunuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no bɛyɛ ama wɔn nnwan ne anantwie no,

2 wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no ntuanofoɔ no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,

3 “Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon.

4 Saa nsase yi nyinaa, Awurade ako, agye ama Israelfoɔ. Ɛbɛyɛ ama yɛn nnwan ne yɛn anantwie.

5 Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na monnyae Asubɔnten Yordan fa nohoa a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.”

6 Mose nso bisaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no sɛ, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha wɔ ɛberɛ a mo nuanom atwa mu rekɔko?

7 Mopɛ sɛ mobu nnipa a aka no aba mu ma wɔsane sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no?

8 Ade koro yi ara na mo agyanom yɛeɛ. Mesomaa wɔn firii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no

9 nanso ɛberɛ a wɔwiee nsra no na wɔfiri Eskol subɔnhwa mu baeɛ no, wɔbuu nnipa no aba mu sɛ wɔrenkɔ Awurade Bɔhyɛ Asase no so.

10 Na Awurade bo fuu wɔn enti ɔkaa ntam sɛ,

11 wɔn a wɔayi wɔn afiri Misraim asase so no, wɔn mu biara nni hɔ a wadi boro mfirinhyia aduonu a ɔbɛhunu asase a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no, ɛfiri sɛ, wɔanni ne mmara so.

12 Agye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua na wɔnka ho, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.

13 Awurade ma yɛkyinkyinii ɛserɛ no so hɔ mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ amumuyɛfoɔ no nyinaa wuwuiɛ.

14 “Nanso, monhwɛ, abɔnefoɔ, moreyɛ saa bɔne koro no ara bi. Esiane sɛ mo dɔɔso enti, Awurade bo a afu Israel no ano bɛyɛ den sen kane no.

15 Sɛ motwe mo ho firi Onyankopɔn ho sei a, ɔbɛma nnipa no atena ɛserɛ so hɔ akyɛre na sɛ nnome bi ba wɔn so a, ɛho asodie da mo so.”

16 Wɔteaam sɛ, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nnwammuo na yɛakyekyere nkuro akɛseɛ asi nketewa no anan

17 na yɛn ankasa de akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfoɔ a aka no anim kɔsi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoeɛ mu ama wɔabɛfa wɔn agyapadeɛ. Na deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekyere nkuro a yɛbɛgye afasuo afa ho ama yɛn nkurɔfoɔ atena mu na ɛhɔfoɔ no ankɔto anhyɛ wɔn so.

18 Sɛ Israelfoɔ no nsa nkaa wɔn agyapadeɛ no a, yɛrentena ha.

19 Yɛmpɛ Yordan ho asase biara. Mmom, yɛpɛ asase a ɛda apueeɛ fam hɔ no.”

20 Mose kaa sɛ, “Ɛyɛ. Sɛ mobɛyɛ sɛdeɛ moaka no, na mode akodeɛ ahyehyɛ mo ho ama Awurade ɔko no,

21 na mode mo akodɔm no atware Yordan kɔsi sɛ Awurade bɛpamo nʼatamfoɔ no a,

22 ɛnneɛ, sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛdeɛ ama Awurade ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo.

23 “Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, na sɛ ɛba saa a, monhunu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so.

24 Monkɔ so nkyekyere nkuro mma mo fiefoɔ na monyɛ nnwammuo mma mo nnwan na monni asɛm a mokaeɛ no nyinaa so.”

25 Ruben ne Gad nkurɔfoɔ no kaa sɛ, “Yɛbɛdi wʼahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ.

26 Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nnwan ne yɛn anantwie bɛtena Gilead nkuropɔn mu.

27 Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafoɔ no bɛko ama Awurade sɛdeɛ woaka no.”

28 Enti, Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo ano no sɛ,

29 “Sɛ Gad ne Ruben abusuakuo mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ahyɛ sraa mu sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn;

30 na sɛ wɔankɔ a, ɛnneɛ wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.”

31 Gad ne Ruben abusuafoɔ kaa bio sɛ, “Yɛbɛdi Awurade asɛm so;

32 yɛde akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan nanso, yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.”

33 Enti, Mose maa wɔde Amorifoɔhene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkuro akɛseɛ maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuo.

34 Gad nkurɔfoɔ na wɔkyekyeree saa nkuro yi: Dibon, Atarot, Aroer.

35 Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha,

36 Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkuro a nnwan wɔ mu yie.

37 Ruben mmammarima na wɔkyekyeree saa nkuro a ɛdidi so yi: Hesbon, Eleale Kiriataim,

38 Nebo, Baal-Meon ne Sibma. Wɔtotoo nkuro a wɔakyekyere no edin foforɔ.

39 Afei, Makir asefoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pamoo Amorifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔte hɔ no nyinaa.

40 Enti, Mose de Gilead maa Makirfoɔ, Manase asefoɔ, ma wɔtenaa hɔ.

41 Manase abusuakuo mu nnipa foforɔ bi a wɔfiri Yair nso tenatenaa Gilead nkuro bebree so, sesaa beaeɛ a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair.

42 Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ hɔ, enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ hɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/32-de89ec062aa76d3ed2c88f49efecd91d.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 33

Israelfoɔ Akwantuo

1 Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no.

2 Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu.

3 Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii hɔ a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn.

4 Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a Awurade kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. Awurade nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim.

5 Wɔfirii Rameses no, wɔbaa Sukot.

6 Wɔfirii Sukot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Etam, ɛserɛ no ano.

7 Wɔfirii Etam sane wɔn akyi baa Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu, na wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ bepɔ Migdol ho.

8 Wɔfiri Pihahirot, na wɔtwaa Ɛpo Kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔde nnansa nante kɔɔ Etam ɛserɛ so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Mara.

9 Wɔfirii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na nsuwa dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ hɔ.

10 Wɔfirii Elim no, wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

11 Wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sin anweatam so.

12 Wɔtu firii Sin kɔɔ Dofka.

13 Wɔfirii Dofka kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Alus.

14 Wɔfirii Alus kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Refidim, baabi a na wɔnnya nsuo mma nnipa no nnom.

15 Wɔfirii Refidim no, wɔkɔɔ Sinai ɛserɛ so.

16 Wɔfirii Sinai ɛserɛ so no, wɔkɔɔ atenaeɛ wɔ Kibrot-Hataawa.

17 Wɔfirii Kibrot-Hataawa kɔɔ Haserot.

18 Wɔfirii Haserot kɔɔ Ritma.

19 Wɔfirii Ritma kɔɔ Rimon Peres.

20 Wɔfirii Rimon Peres kɔɔ Libna.

21 Wɔfirii Libna kɔɔ Risa.

22 Wɔfirii Risa kɔɔ Kahelata.

23 Wɔfirii Kahelata kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sefer Bepɔ so.

24 Wɔfirii Sefer Bepɔ so kɔɔ Harada.

25 Wɔfirii Harada kɔɔ Makhelot.

26 Wɔfirii Makhelot kɔɔ Tahat.

27 Wɔfirii Tahat kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Tera.

28 Wɔfirii Tera kɔɔ Mitka.

29 Wɔfirii Mitka kɔɔ Hasmona.

30 Wɔfirii Hasmona kɔɔ Moserot.

31 Wɔfirii Moserot kɔɔ Beneyaakan.

32 Wɔfirii Beneyaakan kɔɔ Horhagidgad.

33 Wɔfirii Horhagidgad kɔɔ Yotbata.

34 Wɔfirii Yotbata kɔɔ Abrona.

35 Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber.

36 Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Kades, wɔ Sin ɛserɛ so.

37 Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano.

38 Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron sɛ ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no.

39 Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so.

40 Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba nʼasase so.

41 Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona.

42 Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon.

43 Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot.

44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hyeɛ so.

45 Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ Dibon Gad.

46 Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim.

47 Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so.

48 Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.

49 Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no.

50 Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ,

51 “Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a,

52 mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa.

53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so.

54 Mo mmusua mu nnipa dodoɔ so na wɔbɛhwɛ ama mo asase. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛseɛ na wɔn a wɔsua no nso bɛnya asase ketewa.

55 “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nkasɛɛ. Wɔbɛha mo wɔ asase no so.

56 Na mede deɛ mahyɛ sɛ mɛyɛ wɔn no bɛyɛ mo.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/33-2dda5618d8cb636f29c2543babb943f0.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 34

Kanaan Ahyeɛ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:

3 “ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no.

4 Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon.

5 Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.

6 Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.

7 Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor,

8 de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad

9 ne Sifron akɔ Hasar-Enan.

10 Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam

11 akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam,

12 na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no.

“ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ”

13 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa.

14 Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi

15 wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”

Ntuanofoɔ A Wɔbɛkyɛ Asase No

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

17 “Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua.

18 Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.

19 “Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:

“Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;

20 Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;

21 Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;

22 Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;

23 Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;

24 Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;

25 Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;

26 Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;

27 Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;

28 Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”

29 Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/34-d3aa1893db817f9f174f533b7a411bc2.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 35

Lewifoɔ Nkuro

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Yordan ho, Moab tata so a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ no mu bi a ɛyɛ nkuro ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifoɔ.

3 Nkuro no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwie, wɔn nnwan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi wɔ adidibea hɔ.

4 “Wɔn mmoa adidibea no kɛseɛ bɛfiri kuro no afasuo ho a ne fa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn apem ne ahanum.

5 Monsusu anammɔn mpensa mfiri kuro no afasuo no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Yei bɛyɛ adidibea kɛseɛ ama nkuro no.

Dwanekɔbea Nkuropɔn

6 “Momma Lewifoɔ no dwanekɔbea nkuropɔn nsia, baabi a obi a wafom akum ɔfoforɔ no bɛtumi adwane akɔ. Momfa nkuro aduanan mmienu nka wɔn ho.

7 Ne nyinaa bɛyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ho adidibea.

8 Saa nkuro yi bɛfiri Israelfoɔ no agyapadeɛ mu. Mmusuakuo no mu akɛseɛ bɛma Lewifoɔ no nkuro bebree na mmusuakuo nketewa no ama kakraa. Abusuakuo biara bɛma sɛdeɛ nʼagyapadeɛ kɛseɛ teɛ.”

9 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

10 “Ka kyerɛ nnipa no sɛ, sɛ wɔduru asase no so a,

11 wɔnyi Dwanekɔbea Nkuro a wɔde bɛma obiara a wafom akum onipa na ɔpɛ sɛ ɔdwane kɔ hɔ.

12 Saa nkuro yi bɛyɛ dwanekɔbea ama owudifoɔ no afiri owufoɔ no abusuafoɔ a wɔpɛ sɛ wɔtɔ owufoɔ no wuo so awere; na ɛnsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no, gye sɛ wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ.

13 Ɛsɛ sɛ wɔsisi Dwanekɔbea Nkuro yi mu mmiɛnsa wɔ Kanaan asase so

14 na wɔsisi mmiɛnsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam.

15 Ɛnyɛ Israelfoɔ nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn dwanekɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ahɔhoɔ ne akwantufoɔ nyinaa.

16 “Nanso, sɛ obi de dadeɛ poma sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu, enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no.

17 Anaasɛ, sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ bi bɔɔ owufoɔ no a, ɛyɛ awudie enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no.

18 Saa ara nso na sɛ wɔde dua na wɔde kumm no a, ɛte ara ne no.

19 Sɛ ɔweretɔfoɔ no hyia owudifoɔ no baabiara a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkum no bi.

20 Enti, sɛ obi nam ɔtan so to biribi bɔ obi, anaasɛ ɔtetɛ no,

21 anaa ɔde abufuo bɔ no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifoɔ enti ɛsɛ sɛ ɔweretɔfoɔ no kum owudifoɔ no.

22 “Na sɛ nkwanhyia no mu, sɛ obi anhyɛ da na ɔtoo biribi anaa ɛboɔ bi a wanto no abufuo so, na ɔnnim sɛ ɛbɛbɔ obi

23 anaasɛ ɛnyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛha ne ɔtamfoɔ, na sɛ onipa ko no wu a,

24 ɛsɛ sɛ wɔdi asɛm no. Wɔbɛhwɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia anaa ɛnyɛ nkwanhyia, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no hyɛ owufoɔ no weretɔni nsa anaa wɔmmfa no nhyɛ ne sa.

25 Sɛ wɔsi gyinaeɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia a, nnipa no bɛgye owudifoɔ no afiri ɔweretɔfoɔ no nsam. Wɔbɛma owudifoɔ no atena Dwanekɔbea Kuro no mu hɔ ara akɔsi sɛ ɔsɔfopanin bɛwu.

26 “Sɛ owudifoɔ no firi kuro no mu

27 na ɔweretɔni no hyia no na ɔkum no tua ka a, wɔmmfa no sɛ ɛyɛ awudie,

28 ɛfiri sɛ, anka ɛsɛ sɛ owudifoɔ no tena kuro no mu kɔsi mmerɛ a ɔsɔfopanin no bɛwu. Ɔsɔfopanin no wuo akyi no, owudifoɔ no tumi kɔ ne kurom.

29 “Yei yɛ Israelfoɔ mmara a ɛwɔ hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

30 “Ɛsɛ sɛ wɔkum awudifoɔ nyinaa. Nanso gye sɛ adansefoɔ boro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ sɛ wɔkum no. Sɛ onipa baako di adanseɛ tia no nso a, ɛnsɛ sɛ wɔkum no.

31 “Ɛberɛ biara a wɔbɛbua obi kumfɔ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo a wɔnnye mpata biara.

32 “Odwanefoɔ bi a ɔhyɛ Dwanekɔbea Kuropɔn no mu no nso nni ho ɛkwan sɛ ɔtua sika ma wɔma no ɛkwan kɔ ne kurom ansa na ɔsɔfopanin no awu.

33 “Yei na ɛbɛma awerɛhyɛmu sɛ asase a mote so no ho rengu fi, ɛfiri sɛ, awudie gu asase ho fi. Wɔrentumi nyɛ mpatadeɛ foforɔ biara mma awudie gye sɛ wɔkum owudifoɔ no.

34 Monngu asase a morekɔtena so no ho fi, ɛfiri sɛ, Me, Awurade mete hɔ bi. Mene Awurade a mete Israelfoɔ mu no.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/35-981d793eb1ff554b20a6cdd0fe04bcf7.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 36

Mmammaa Bi Agyapadeɛ

1 Afei, Gilead abusua no ntuanofoɔ, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nana asefoɔ kɔɔ Mose ne Israel ntuanofoɔ nkyɛn de adesrɛdeɛ kɔtoo wɔn anim.

2 Wɔkaa sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ bɔ ntonto kronkron na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfoɔ. Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ fa yɛn nuabarima Selofehad agyapadeɛ ma ne mmammaa.

3 Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforɔ mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ awadeɛ. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase kɛseɛ so bɛte.

4 Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, saa agyapadeɛ no bɛka hɔ ara. Na ɛbɛfiri abusuakuo a anka ɛwɔ no no nsam koraa.”

5 Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a ɛfiri Awurade yi maa Israelfoɔ no: “Yosef abusuakuo mu nnipa no asɛm no yɛ nokorɛ.

6 Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɛfa Selofehad mmammaa no ho no nie: wɔtumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ɔfiri wɔn agya abusuakuo mu.

7 Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔ abusuakuo foforɔ nsam, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ abusuakuo biara agyapadeɛ tena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ firi kane no.

8 Mmammaa a wɔwɔ Israel mmusuakuo mu nyinaa a agyapadeɛ tumi kɔ wɔn nsam no, ɛsɛ sɛ wɔwareware wɔ wɔn mmusuakuo mu na wɔn agyapadeɛ amfiri wɔn abusuakuo mu.

9 Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔdi ɔfoforɔ nsam, ɛsɛ sɛ Israel abusuakuo biara bɔ nʼagyapadeɛ ho ban.”

10 Selofehad mmammaa no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

11 Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa warewaree wɔn agyanom nuammarima mma.

12 Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn abusuakuo mu.

13 Yei ne mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ ɛberɛ a wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so so, wɔ Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/36-42c10e528271a3f9da474d58138be675.mp3?version_id=2094—