Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 9

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

1 Nyansa asi ne fie;

watwa nʼafadum nson ho.

2 Wasiesie nʼaduane afra ne nsã

wato ne ɛpono.

3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,

4 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!”

Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

5 “Mommra mmɛdi mʼaduane

na monnom nsã a mafra no.

6 Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa;

monnante nteaseɛ akwan so.”

7 Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ;

na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.

8 Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;

ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

9 Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

10 Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.

11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.

12 Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;

sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.

13 Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ;

ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.

14 Ɔte ne fie ɛpono ano,

na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ,

wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,

16 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha”

ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

17 “Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem

na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”

18 Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ

sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/9-7587d678d4b7d8f08b2cdc04a55182c6.mp3?version_id=2094—

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *