Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 3

Nyansa Ho Mfasoɔ Nkekaho

1 Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ,

kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree

na ɛde yiedie abrɛ wo.

3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn

fa yane wo kɔn mu

twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.

4 Na wobɛnya adom ne din pa

wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

5 Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so

na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;

6 hunu no wʼakwan nyinaa mu,

na ɔbɛtene wʼakwan.

7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ

suro Awurade na kyiri bɔne.

8 Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua

na ayɛ aduane ama wo nnompe.

9 Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam,

ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;

10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,

na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so

11 Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,

na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba,

12 Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.

13 Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa,

onipa a ɔnya nteaseɛ,

14 ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ,

na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ.

15 Ne boɔ yɛ dene sene bota;

na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.

16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;

ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

17 Nʼakwan yɛ ahomeka,

na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.

18 Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu;

wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira.

19 Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,

na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.

20 Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu,

na omununkum nso tɔɔ bosuo.

21 Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie,

na mma ɛmfiri wʼani so;

22 ɛbɛyɛ nkwa ama wo,

ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam.

23 Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,

na wo nan rensunti;

24 sɛ woda a worensuro;

sɛ woda a wʼani bɛkum.

25 Nsuro mpofirim amanehunu

anaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so,

26 Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛm

na ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu.

27 Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,

ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.

28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ:

“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”

wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no.

29 Mpam ɔhaw mma wo yɔnko

ɛberɛ a ɔne wo te yie.

30 Mfa ɛso nto obi so kwa

ɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.

31 Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ,

na mfa nʼakwan no mu biara,

32 ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔ

na ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu.

33 Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so,

na ɔhyira ɔteneneeni fie.

34 Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

35 Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi,

nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/3-78ebdffc77efc5479706fe439d200dd9.mp3?version_id=2094—

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *