Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 16

1 Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ:

2 Ɛsiane sɛ mama wo so afiri mfuturo mu, na masi wo me man Israel so panin, na woafa Yeroboam kwan soɔ, na woama me man Israel ayɛ bɔne ama wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti,

3 hwɛ, merepra Baasa ne ne fie akɔ, na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie.

4 Baasa busuani biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na ne ho nipa biara a ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.

5 Na Baasa ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

6 Na Baasa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Tirsa. Na ne ba Ela bɛdii n’adeɛ.

7 Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba Odiyifoɔ Yehu so ba tiaa Baasa ne ne fie, bɔne a ɔyɛɛ no AWURADE ani soɔ nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛɛ sɛ Yeroboam fie no huruu ne boɔ ne kum a ɔkumm no ho.

Ela di Israel so hene

8 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nsia mu na Baasa ba Ela bɛdii hene Tirsa mfeɛ mmienu.

9 Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene no, pamm ne tiri so. Na ɔwɔ Tirsa anom nsa abo wɔ Arsa a ɔdi ahemfie a ɛwɔ Tirsa no soɔ no fie.

10 Na Simri kɔɔ mu kɔbɔɔ no kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu, na ɔdii n’adeɛ.

11 Na ɔbɛdii hene na ɔtenaa ahennwa soɔ ara pɛ no, ɔkumm Baasa fiefoɔ nyinaa, obusuani oo, adamfo oo, wannya ɔbarima biara amma no.

12 Na Simri sɛee Baasa fie nyinaa sɛ AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yehu so ka tiaa Baasa,

13 wɔ Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛeɛ na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, boɔ no ho.

14 Na Ela ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

Simri di Israel so hene

15 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Simri bɛdii hene nnanson wɔ Tirsa. Na ɔman no akyere Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ deɛ no ho nsraban.

16 Na ɔman a wɔwɔ nsra mu no tee sɛ Simri akɔ apam na wakum ɔhene no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri sii Israel so hene da no ara nsraban no mu.

17 Na Omri firi Gibeton foro bae, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔbɛtuaa Tirsa.

18 Na Simri hunuu sɛ wɔagye kuro no no, ɔkɔɔ ahemfie aban mu, na ɔde ogya hyee ahemfie no ne ne ho, na ɔwui

19 ne bɔne a ɔyɛeɛ, sɛ ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ ɔnantee Yeroboam kwan soɔ, ne ne bɔne a ɔyɛeɛ de maa Israel yɛɛ bɔne no mu nti.

20 Na Simri ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

21 Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa mmienu. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyiri sɛ wɔbɛsi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi.

22 Na ɔman no fa a wɔdii Omri akyire no yɛ den sene ɔman no fa a wɔdii Ginat ba Tibni akyire; na wɔkumm Tibni, na Omri dii hene.

Omri di Israel so hene

23 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu na Omri bɛdii Israel so hene mfeɛ dummienu. Ɔdii hene Tirsa mfeɛ nsia.

24 Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne Samaria.

25 Na Omri yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa.

26 Na ɔfaa Nebat ba Yeroboam kwan nyinaa ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no so, sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ bɛhuru AWURADE, Israel Nyankopɔn, no boɔ.

27 Na Omri ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.

28 Na Omri toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria. Na ne ba Ahab bɛdii n’adeɛ.

Ahab di Israel so hene

29 Na Omri ba Ahab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu. Na Omri ba Ahab dii Israel so hene Samaria mfirinhyia aduonu mmienu.

30 Na Omri ba Ahab yɛɛ AWURADE ani so bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa.

31 Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no.

32 Na ɔsii afɔrebukyia maa Baal wɔ Baal fie a ɔsii no Samaria.

33 Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na Ahab yɛɛ pii sɛ ɔde bɛhuru AWURADE Israel Nyankopɔn bo asene Israel ahemfo a wɔdii n’anim nyinaa.

34 Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N’abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 17

Elia hyɛ ɔhaw ho nkɔm

1 Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!

2 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

3 Firi ha kɔ, na dane wo ho kɔ apueeɛ, na kɔhunta asuo Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho.

4 Na wobɛnom asuo no mu nsuo, na mahyɛ anene sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ.

5 Na ɔsii mu kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ, na ɔkɔ kɔtenaa asuo Kerit a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho.

6 Na anene brɛɛ no paanoo ne nam anɔpa, ne anwummerɛ, na ɔnomm asuo no mu nsuo bi.

7 Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, asuo no wee, ɛfiri sɛ osuo antɔ asase no so.

Elia wɔ Sarefat ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn

8 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

9 Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfoɔ deɛ no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbaa kunafoɔ bi wɔ hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.

10 Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.

11 Na ɔrekɔ akɔsa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma kura wo nsam brɛ me.

12 Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.

13 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛdeɛ woaka no, na kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi nso ma me kane, na fa brɛ me, na ɛno akyiri no yɛ wo ne wo ba deɛ.

14 Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Esiam kuruwa no so renhwan, na ngo toa no so rente de bɛkɔ akɔsi da a AWURADE bɛma osuo atɔ agu asase no soɔ.

15 Na ɔkɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na ɔdii, ɔno ne ɔbaa no ne ne fiefoɔ, nna pii;

16 na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.

17 Na nsɛm yi akyiri no, ɔbaa fiewura no babarima yaree, na ne yadeɛ no mu yɛɛ den pii kɔsii sɛ ɔwuiɛ.

18 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ɔgyee no firii ne kokom de no kɔɔ abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so.

20 Na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbaa kunafoɔ yi nso a mabɛsoɛ ne nkyɛn yi, wode mmusuo reba ne so sɛ worekum ne ba yi?

21 Na ɔtenee ne mu butuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abɔfra yi kra nsane mmra ne mu.

22 Na AWURADE tiee Elia nne, na abɔfra no kra sane baa ne mu, na ɔnyaa nkwa.

23 Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa.

24 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w’anomu yɛ nokorɛ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 18

Elia ne Obadia

1 Na nna pii akyiri no, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osuo atɔ asase so.

2 Na Elia sii mu kɔɔ sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab. Nso na ɛkɔm a emu yɛ den aba Samaria.

3 Na Ahab frɛɛ Obadia a ɔdi ne fie soɔ; (nso Obadia deɛ, na ɔsuro AWURADE sɛ.

4 Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.)

5 Na Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: Kɔkyini asase no so, nsuo aniwa nyinaa ne nsubɔnhwa nyinaa ho; ebia yɛbɛnya wira de agye apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ no bi nkwa, na yɛanhwere mmoa no.

6 Na wɔkyɛɛ asase no mu fae sɛ wɔrekyini so, Ahab nko faa ɔkwan baako so, na Obadia nko nso faa ɔkwan baako soɔ.

7 Na Obadia wɔ ɔkwan no soɔ no, hwɛ, Elia ne no bɛhyiae, na ɔhunuu no, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: Me wura Elia nie?

8 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Menie. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Mahunu Elia.

9 Na ɔkaa sɛ: Bɔne bɛn na mayɛ, na wo deɛ, woreyi w’akoa ahyɛ Ahab nsa na waku me yi?

10 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, ɔman ne ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma mmaa wɔnkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ woɔ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔnni hɔ, a, ɔma ahennie no ne ɔman no ka ntam sɛ wɔnhunuu woɔ.

11 Na afei, wo ara wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha.

12 Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE.

13 Wɔnkaa deɛ Isebel kumm AWURADE adiyifoɔ no, meyɛeɛ no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifoɔ mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum mesiee ɔbodan mu, na me de aduane ne nsuo mehwɛɛ wɔn no?

14 Na afei, wo deɛ, wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha, na ɔnku me.

15 Na Elia kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, ɛyɛ dɛn ara a nnɛ mede me ho bɛkyerɛ no.

16 Ɛnna Obadia kɔ kɔhyiaa Ahab, na ɔka kyerɛɛ no; na Ahab kɔ kɔhyiaa Elia.

17 Na Ahab hunuu Elia no, Ahab bisaa no sɛ: Wo a woha Israel no, wo nie?

18 Na ɔse: Menhaa Israel, na mmom wo ne w’agya fie, sɛ moagya AWURADE mmara nsɛm, na moakɔdi Baalim akyire.

19 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmrɛ me Karmel bepɔ so ne Baal adiyifoɔ ahanan aduonum no ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel pono soɔ no.

20 Na Ahab soma maa wɔkɔɔ Israelfoɔ nyinaa mu kɔboaboaa adiyifoɔ no ano kɔɔ Karmel bepɔ so.

Elia ne Baal asɔfoɔ

21 Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.

22 Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me deɛ, me nko ara mene AWURADE diyifoɔ a waka, na Baal adiyifoɔ deɛ, wɔyɛ mmarima ahanan aduonum.

23 Na momma wɔmma yɛn anantwinini mmienu, na ma wɔnyi nantwinini no baako mfa, na wɔntwitwa no asinasini, na wɔmfa ngu nnyina so, na ogya deɛ, wɔmmfa nngu aseɛ. Na me nso, mɛsiesie nantwinini baako no, na mede magu nnyina so, na meremfa ogya mengu aseɛ.

24 Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya bɛgye soɔ no, ɔno ne Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!

25 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: Monyi nantwinini baako mfa, na monsiesie no kane; na mo deɛ, modɔɔso; na mommɔ mo nyame din, na ogya na mommfa nngu aseɛ.

26 Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wɔsiesiee; na wɔbɔɔ Baal din firii anɔpa kɔsii awigyina sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so. Na wɔhurihuri twaa afɔrebukyia a wɔyɛeɛ no ho hyiae.

27 Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan, anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane.

28 Na wɔde nne kɛseɛ teateaa mu, na wɔde nkrantɛ ne mpea bobɔɔ wɔn ho akam, sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ no, kɔsii sɛ mogya guu wɔn soɔ.

29 Na awigyina twaa mu no, wɔkɔmee kɔsii sɛ ɛrekɔ aduane afɔrebɔ berɛ soɔ; nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so, na obiara nso antie wɔn.

30 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Montwe mpini me! Na ɔman no nyinaa twe pinii no. Na ɔsiesiee AWURADE afɔrebukyia a abubuo no.

31 Na Elia tasee aboɔ dummienu sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuo no ano sie.

32 Na ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia, AWURADE din mu, na ɔtwaa ɛka a ɛbɛdi aba a wɔguo susuo adeɛ mmienu afɔrebukyia no ho hyiae.

33 Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na ɔtwitwaa nantwinini no asinasini de guu nnyina no so kaa sɛ: Momfa nsuo nhyehyɛ nhina nnan amaama, na mommɛhwie ngu ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnyina no so!

34 Na ɔkaa sɛ: Monyɛ bio! Na wɔyɛɛ bio. Na ɔkaa sɛ: Momma no nyɛ mprɛnsa! Na wɔmaa no yɛɛ mprɛnsa.

35 Na nsuo no fefaa afɔrebukyia no ho hyiae, na ɛka no nso, ɔhyɛɛ no nsuo ma.

36 Na afɔrebɔberɛ mu no, Odiyifoɔ Elia twe pinii, na ɔkaa sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wɔnhunu sɛ wo na wone Onyankopɔn Israel mu, na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ adeɛ yi nyinaa.

37 Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhunu sɛ wo AWURADE ne Onyankopɔn, na wo nso woama wɔn akoma asane akyire aba.

38 Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.

39 Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn!

40 Na Elia kaa sɛ: Monkyere Baal adiyifoɔ no, mommma wɔn mu biara mmfiri mu mfi! Na wɔkyeree wɔn na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison asuo ho, na ɔkumm wɔn wɔ hɔ.

41 Na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Foro kɔ kɔdidi na nom. Na mete osu kɛseɛ nka.

42 Na Ahab foro kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom. Na Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotoo fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.

43 Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkaa sɛ: Hwee nni hɔ. Na ɔse: Sane kɔ mprɛnson.

44 Na ɛbaa sɛ, deɛ ɛtɔ so nson no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, mununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre firi po mu. Na ɔse: Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: Siesie wo nteaseɛnam na siane kɔ na osuo ansi wo kwan.

45 Na ɛbaa sɛ ɛyɛɛ kakra na mununkum ne mframa abiri soro tumm, na osu kɛseɛ bi tɔe. Na Ahab nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel.

46 Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔbɔɔ n’abɔsoɔ tuu mmirika dii Ahab anim de kɔduruu sɛ wɔrehyɛne Yesreel.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 19

Elia aba pa

1 Na Ahab bɛka kyerɛɛ Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa, nkrantɛ ano no.

2 Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ.

3 Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ.

4 Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom.

5 Na ɔde ne ho too hɔ sesea bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre didi!

6 Na ɔhwɛe, na hwɛ, na ɔfam a wɔato no nnyansramma soɔ ne nsuo kuruwa si n’atifi; na ɔdidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae.

7 Na AWURADE bɔfoɔ sane bɛkaa no ne mprenu soɔ sɛ: Sɔre didi, na ɔkwan no ware papa ma wo.

8 Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔnantee aduane no ahoɔden mu adaduanan, awia ne anadwo de kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.

Onyankopɔn yi ne ho adi Horeb

9 Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?

10 Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam; w’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.

11 Na ɔkaa sɛ: Firi adi kɔgyina bepɔ no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee mmepɔ na ɛbubuu abotan dii AWURADE anim; nanso na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyiri no asasewosoɔ, na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na AWURADE wɔ;

12 na asasewosoɔ no akyiri no, ogya, na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no akyi no ɛnne bɔkɔɔ bi a.

13 Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?

14 Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam: W’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, sane si wo kwan so kɔ Damasko serɛ so; na sɛ woduru a, sra Hasael ngo si no Siria so hene;

16 na Nimsi ba Yehu nso, sra no ngo si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ɔfiri Abel-mehola no deɛ, sra no si w’ananmu sɛ odiyifoɔ.

17 Na deɛ ɔbɛfiri Hasael nkrantɛ ano no, Yehu bɛku no, na deɛ ɔbɛfiri Yehu nkrantɛ ano no, Elisa bɛku no.

18 Nanso mɛgya Israel mu nnipa mpemnson, nkotodwe a ɛnnya nkutoo Baal, ne ano a ɛnnya mfee n’ano.

Elisa frɛ

19 Ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum; anantwie mpamho dummienu na ɛdi n’anim, na ɔno ne deɛ ɛtɔ so dummienu no na ɛrefuntum, na Elia sene baa ne nkyɛn, na ɔtoo ne ngusoɔ guu ne so.

20 Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi?

21 Na ɔsane firii n’akyi kɔfaa anantwie mpamho no kumm wɔn, na ɔde anantwie no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfoɔ no, na wɔdii; na ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 20

Ahab di Siriafoɔ so nkonim mprenu

1 Na Siriahene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahemfo aduasa mmienu kaa ne ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria ne no koeɛ.

2 Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔbaa Israelhene Ahab nkyɛn kuro no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie:

3 Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ no nso, wɔyɛ me dea.

4 Na Israel hene buaa sɛ: W’asɛm no wom, me wura ɔhene, wo na me ne deɛ mewɔ nyinaa wɔ woɔ.

5 Na ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie: Sɛ mesoma maa wɔbaa wo nkyɛn sɛ: Wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma, fa ma me no,

6 sɛ ɔkyena sɛsɛberɛ nso mesoma me nkoa ma wɔaba wo nkyɛn abɛkyini wo fie ne wo nkoa afie mu, na adeɛ biara a ɛyɛ wɔn ani so fɛ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de akɔ.

7 Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ nyinaa sɛ: Monhwɛ nhunu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ; na wasoma ama wɔaba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no.

8 Na mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ntie, na mpene nso.

9 Na ɔka kyerɛɛ Ben-hadad abɔfoɔ no sɛ: Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ: Deɛ wobisaa w’akoa kane no nyinaa deɛ, mɛyɛ, na asɛm yi deɛ, merentumi menyɛ. Na abɔfoɔ no kɔ kɔka kyerɛɛ no.

10 Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ: Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ. Anyame no nkum me sɛ manyɛ a.

11 Na Israel hene buaa sɛ: Monkɔka sɛ: Mma deɛ ɔhyɛ akodeɛ nnhoahoa ne ho sɛ deɛ ɔyie.

12 Na ɛbaa sɛ ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Montoa kuro no! Na wɔto hyɛɛ kuro no so.

13 Na hwɛ, odiyifoɔ bi twe pinii Israelhene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wohunu asafokuo kɛseɛ yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahunu sɛ mene AWURADE.

14 Na Ahab kaa sɛ: Ɛnam hwan so? Na ɔse: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam amansini no mmapɔmma mmeranteɛ no so. Ɛnna ɔkaa sɛ: Hwan na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ɔse: Wo!

15 Ɛnna ɔkan amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no, na wɔyɛ ahanu aduasa mmienu, na wɔn akyiri no, ɔkan ɔman no nyinaa, Israel mma nyinaa, mpemnson.

16 Na wɔfirii adi awigyina. Na Ben-hadad anom nsa abo wɔ asese no mu, ɔno ne ahemfo aduasa mmienu a wɔboa no no.

17 Na amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no firii adi kane. Na Ben-hadad somaa adɔntenfoɔ, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima afiri adi afiri Samaria reba.

18 Na ɔse: Sɛ ɔmannwoeɛ so na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono.

19 Na wɔn deɛ, wɔfiri kuro no mu firii adi, amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no ne dɔm a wɔdii wɔn akyire no.

20 Na wɔkumm wɔn mmaako mmaako, na Siriafoɔ dwanedwanee, na Israel tii wɔn, na Siriahene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefoɔ firi dwanee.

21 Na Israel hene firii adi kɔ kyekyeree apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔde okunkɛseɛ kumm Siriafoɔ.

22 Na odiyifoɔ no twe pinii Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hwɛ na hunu deɛ wobɛyɛ; na afeda sɛsɛɛ no Siriafoɔ bɛforo aba wo so.

23 Na Siriahene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔ nyame, enti na wɔn ho yɛɛ den sene yɛn no; na sɛ yɛne wɔn koo asaseta so deɛ a, anka yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa?

24 Na yei na yɛ: Tutu ahemfo no firi wɔn dibea, na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu.

25 Na wo deɛ, boaboa ɛdɔm bi ano sɛ ɛdɔm a woahwereɛ no, apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asaseta so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa? Na ɔtiee wɔn, na ɔyɛɛ saa.

26 Na afeda ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ no mu, Ben-hadad boaboaa Siriafoɔ dɔm ano na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko.

27 Na wɔboaboaa Israelfoɔ nso ano, na wɔsiesiee wɔn ho, na wɔkɔ kɔhyiaa wɔn. Na Israelfoɔ kyeree nsraban wɔn ntentensoɔ sɛ mmirekyie akuo nketewa mmienu. Na Siriafoɔ deɛ, wɔyɛɛ asase no ma.

28 Na Nyankopɔn nipa no twe pinii bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ Siriafoɔ aka sɛ: Mmepɔ nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ mmonhwa mu nyame nti, mede wɔn asafokuo kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa, na moahunu sɛ mene AWURADE.

29 Na wɔkyeree nsraban, yeinom wɔ yeinom ntentensoɔ, nnanson. Na da a ɛtɔ so nson no, wɔde dɔm koo no kɔbɔɔ anim na Israelfoɔ no kumm Siriafoɔ anammɔnmufoɔ mpemha da koro.

30 Na nkaeɛ no dwanedwane kɔɔ Afek kuro no mu, na ɔfasuo no bu guu nnipa a wɔkaeɛ no mu mpem aduonu nson so.

Na Ben-hadad deɛ, ɔdwane kɔɔ kuro no mu firi pia mu kɔɔ pia mu.

31 Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa.

32 Na wɔde ayitoma kyekyeree wɔn asene, na wɔde ntampehoma bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ɔbisaa sɛ: Ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua.

33 Afei na mmarima no rehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ anim kwan, na wɔyɛɛ ntɛm gyee asɛm no, na wɔkaa sɛ: Wo nua ne Ben-hadad. Na ɔse: Monkɔfa no mmra! Na Ben-hadad firi baa ne nkyɛn; na ɔmaa no foro baa teaseɛnam no mu.

34 Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkuro a m’agya gyee no w’agya nsam no, mɛdane mama, na te mmorɔno nso Damasko fa, sɛdeɛ m’agya tee no Samaria no. Na Ahab kaa sɛ: Me nso, mede apam bɛgya wo kwan. Ɛnna ɔne no pameeɛ, na ɔgyaa no kwan.

35 Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no.

36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nti, hwɛ, wofiri me nkyɛn ha rekɔ ara pɛ a, gyata bɛku wo. Na ɔfiri ne kyɛn kɔeɛ no, gyata hunuu no, na ɔkum no.

37 Na ɔhunuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no bɔɔ no, ɔbɔɔ no piraa no.

38 Ɛnna odiyifoɔ no kɔ kɔgyinaa ɔkwan no ho twɛn ɔhene, na ɔde abotire akyekyere n’ani akyiri asakyera ne ho.

39 Na ɔhene retwam no, ɔbɔnee ɔhene no sɛ: W’akoa firi kɔɔ ɛko no mu, na hwɛ, ɔbarima bi manee de ɔbarima bi brɛɛ me sɛ: Hwɛ ɔbarima yi so, na sɛ ɔyera a, ɛnneɛ wode wo kra bɛsi ne kra ananmu, anaasɛ wobɛtua dwetɛ talente baako.

40 Na w’akoa reyɛ adeɛ foforɔ no, hwɛ, ɔdwanneeɛ hɔ. Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Sɛ w’atemmuo teɛ ne no, wo ara woabu.

41 Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotire no firii n’ani akyire, na Israel hene no hunuu no sɛ ɔfiri adiyifoɔ no mu.

42 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama onipa a mahyira no soɔ afiri wo nsa korɔ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu.

43 Ɛnna Israel hene no sii mu kɔɔ ne fie, a wakum n’anim na ne bo afuo, na ɔbaa Samaria.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 21

Wɔdi Nabot awu

1 Na Yesreelni Nabot wɔ bobe turo bi Yesreel wɔ Samariahene Ahab ahemfie ho.

2 Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobe turo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie ho, na mɛma wo bobe turo a ɛyɛ sene no ahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛho sika.

3 Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma yei mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyadeɛ bɛma woɔ.

4 Ɛnna Ahab kɔɔ ne fie a wakum n’anim na waboto, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti; sɛ waka akyerɛ no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyadeɛ memma wo. Na ɔdaa ne mpa so danee n’ani, na wannidi.

5 Na ne yere Isebel baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wo honhom aboto sɛɛ na wonnidie yi?

6 Na ɔbuaa no sɛ: Ɛfiri sɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na mesee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo ahyɛ ananmu. Na ɔse: Meremfa me bobeturo no memma wo.

7 Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam, na mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.

8 Ɛnna ɔde Ahab din twerɛtwerɛɛ nwoma, na ɔde ne nsɔanodeɛ sosɔɔ ano, na ɔsomasoma maa wɔde nwoma no kɔmaa mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te mu no.

9 Na ɔtwerɛɛ nwoma no mu sɛ: Mompae mma wɔnni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfoɔ no ti.

10 Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu.

11 Ɛnna ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:

12 Wɔpaee sɛ wɔnni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfoɔ no ti.

13 Na mmarima mmahuhufoɔ baanu ba bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii adanseɛ tiaa Nabot ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na wɔyii no firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui.

14 Ɛnna wɔsoma maa wɔkɔɔ Isebel nkyɛn sɛ: Wɔasi Nabot aboɔ, na wawu.

15 Na Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ na wawuo no, Isebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, ɛfiri sɛ Nabot nte ase bio, na wawu.

16 Na ɛbaa sɛ Ahab tee sɛ Nabot awuo no, Ahab sɔree sɛ ɔresiane akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so.

Elia hyɛ asotwe ho nkɔm

17 Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ:

18 Sɔre siane kɔhyia Israelhene Ahab a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasiane kɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi soɔ no mu;

19 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Woadi awu, na woafa obi adeɛ adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Faako a akraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtafere wo nso wo mogya.

20 Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

21 Hwɛ, mede bɔne bɛba wo so; mɛpra wo akɔ na matwa Ahab babarima biara wɔ Israel mu, akoa anaa ɔdehyeɛ atwene.

22 Na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie, huru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne nti.

23 Na Isebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel fasuo ho.

24 Ahab fie mu nipa a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.

25 (Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, ɛfiri sɛ ne yere Isebel hwanyan no.

26 Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ sɛ, sɛ ɔdii ahoni huhuo no akyire, sɛdeɛ Amorifoɔ a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim yɛeɛ no ara.)

27 Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo.

28 Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: Woahunu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase m’anim?

29 Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne berɛ so. Ne ba berɛ so, na mede bɔne no bɛba ne fie soɔ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 22

Ahab ne Yehosafat ko tia Siriafoɔ

1 Na Siria ne Israel tenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa a ɔko bi nni wɔn ntam.

2 Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no Yudahene Yehosafat siane baa Israel hene nkyɛn.

3 Na Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ Ramot-gilead wɔ yɛn, na yɛn deɛ yɛte hɔ komm na yɛnnye mfiri Siriahene nsam?

4 Na ɔbisaa Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead sa anaa? Na Yehosafat buaa Israel hene no sɛ: Mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ.

5 Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ!

6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

7 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio a yɛbɛbisa ne hɔ adeɛ anaa?

8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako bi da so wɔ hɔ a anka yɛbɛtumi abisa AWURADE afiri ne nkyɛn, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.

9 Ɛnna Israel hene frɛɛ gyaaseni bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnuru ha ntɛm!

10 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ, Samaria pono ano mpraeɛ so, na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim.

11 Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dadeɛ mmɛn na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛsum Siriafoɔ de kɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn sɛeɛ.

12 Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Kɔ Ramot-gilead na kɔdi siadeɛ, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

13 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa de ano korɔ ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako deɛ, na ka deɛ ɛyɛ!

14 Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka.

Mikaia hyɛ nkoguo ho nkɔm

15 Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yɛnnyae? Na ɔbuaa no sɛ: Kɔ na kɔdi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

16 Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?

17 Na ɔse: Mahunu Israel nyinaa sɛ wɔahwete mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ, na AWURADE se: Yeinom nni wura, ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.

18 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne?

19 Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.

20 Na AWURADE kaa sɛ: Hwan na ɔbɛdaadaa Ahab na waforo akɔtɔ wɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi kaa sɛɛ.

21 Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim kaa sɛ: Me na mɛdaadaa no.

22 Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.

23 Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne.

24 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe pini bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn kɔ kasa kyerɛɛ woɔ yi?

25 Na Mikaia se: Hwɛ, da a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta no na wobɛhunu.

26 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Kyere Mikaia, na fa no kɔ kuro no so hwɛfoɔ Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

27 na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni ne ahohiahia nsuo nnom kɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.

28 Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!

Ahab wuo

29 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

30 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ ɔko no ano, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ ko no ano.

31 Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene aduasa mmienu no sɛ: Ma monne akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, gye Israel hene no nko.

32 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Ampa, Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu.

33 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene ne no no, wɔsane firii n’akyi.

34 Na ɔbarima bi twee ne tadua mu anibiannasoɔ so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane wo ho fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.

35 Na ɔko no mu yɛɛ den da no. Na wɔkura ɔhene no mu maa no gyinaa teaseɛnam no mu Siriafoɔ no anim ara, na ɔwuu anwummerɛ. Na apirakuro no mu mogya sene guu teaseɛnam no mu.

36 Na wɔpae faa nsraban no mu owiatɔ berɛ sɛ: Obiara nkɔ ne kurom ne n’asase so.

37 Na ɔhene no wui, na wɔde no baa Samaria; na wɔsiee ɔhene no Samaria.

38 Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria tareɛ mu, na akraman bɛtaferee ne mogya, na mmaa nnwamamfoɔ nso dwaree mu, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaeɛ no teɛ no.

39 Na Ahab ho nsɛm nkaeɛ, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse dan a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?

40 Na Ahab toaa n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Ahasia bɛdii n’adeɛ.

Yehosafat di Yuda so hene

41 Na Israelhene Ahab afe a ɛtɔ so nnan mu na Asa ba Yehosafat bɛdii Yuda so hene.

42 Yehosafat bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.

43 Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyiyie, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea hɔ.

44 Na asomdwoeɛ bɛdaa Yehosafat ne Israel hene ntam.

45 Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ ne sɛdeɛ ɔdii ako no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?

46 Na mmarima nnwamamfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn n’agya Asa nna mu no, ɔhyee wɔn ase firii asase no so.

47 Na ɔhene bi nni Edom; na ɔhene abadiakyire na na ɔhwɛ akyire sɛ ɔhene;

48 Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir na ɛnkɔpɛ sika kɔkɔɔ, nanso ankɔ, ɛfiri sɛ ahyɛn no bobɔe wɔ Esion-geber.

49 Ɛno mu na Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ma me nkoa ne wo nkoa nkɔ ahyɛn no mu. Na Yehosafat ampene.

50 Na Yehosafat toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu; na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.

Ahasia di Israel so hene

51 Ahab ba Ahasia bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunson mu, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu.

52 Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔfaa n’agya kwan so, ne ne na kwan so, ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no kwan so;

53 na ɔsomm Baal na ɔsɔree no, na ɔhuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn bo, sɛdeɛ n’agya yɛeɛ no ara.

Categories
2 Samuel

2 Samuel 1

Dawid te Saulo wuo

1 Na Saulo wuo akyi a Dawid asane afiri Amalekfoɔ kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu.

2 Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.

3 Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mefiri dwaneeɛ yi.

4 Na Dawid bisaa no sɛ: Ɔko no kɔɔ sɛn? Ka kyerɛ me ɛ! Na ɔse: Ɔman no adwane afiri ɔko no ano, na ɔman no mu nnipa pii atotɔ na wɔawu, na Saulo ne ne ba Yonatan nso awu.

5 Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no amanneɛ no bio sɛ: Woyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne ba Yonatan awuo?

6 Na aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no kaa sɛ: Mekɔfirii Gilboa Bepɔ so, na hwɛ, na Saulo twere ne pea so, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ atu repamo ho.

7 Na ɔhwɛɛ n’akyire no, ɔhunuu me, na ɔfrɛɛ me. Na megyee no so sɛ: Menie.

8 Na ɔbisaa me sɛ: Wo ne hwan? Na mebuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Bɛgyina me so ku me, na nketenkete akuta me, nso me kra nyinaa da so wɔ me mu.

10 Ɛnna megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ na menim sɛ n’ahweaseɛ akyiri no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotire a ɛbɔ ne tire ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura wɔ ha.

11 Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa.

12 Na wɔtwaa adwo na wɔsui, na wɔkyenee kɔm kɔsii anwummerɛ maa Saulo ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fie, sɛ wɔatotɔ nkrantɛ ano.

13 Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wofiri he? Na ɔse: Ɔhɔhoɔ Amalekni bi ba ne me.

14 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na woansuro sɛ wobɛtene wo nsa asɛe deɛ AWURADE asra no ngo no?

15 Na Dawid frɛɛ ne mmeranteɛ no mu bi sɛ: Twe pini na to hyɛ ne so! Na ɔbɔɔ no maa no wui.

16 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no.

Dawid be Kwadwom

17 Na Dawid bee Saulo ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi,

18 na ɔkaa sɛ wɔmfa agyan dwom yi nkyerɛ Yuda mma. Hwɛ, wɔatwerɛ no Yasar Nwoma no mu.

19 Ɛnie: Israel, w’animuonyamfoɔ a wɔahwire wɔn mu no deda wo sorɔnsorɔmmea so.

Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ!

20 Monnka no Gat,

mommmɔ kaseɛ Askelon mmɔntene so,

na Filistifoɔ mmammaa ani annye,

na momonotofoɔ mmammaa anni ahurisie.

21 Mo Gilboa mmepɔ,

wɔmmma bosuo ne osuo nntɔ nngu mo so,

na nnɔbaeɛ mfu mmma mo so,

na ɛhɔ na wɔatoto ahoɔdenfoɔ kyɛm atwene,

Saulo kyɛm, wɔamfa ngo ansra ho.

22 Atɔfoɔ mogya,

ahoɔdenfoɔ sradeɛ ho

na Yonatan agyan ansane amfire,

na Saulo nkrantɛ ansane amfiri ho hunu.

23 Saulo ne Yonatan, wɔyɛ adɔfoɔ ne ahoɔfɛfoɔ.

Wɔn nkwa mu ne wɔn wuo mu nso wɔanni ntetemu.

Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ,

wɔn ho yɛ den sene agyata.

24 Israel mmammaa, Saulo na monsu no,

ɔno na ɔfiraa mo ntoma kɔkɔɔ maa no yɛɛ fɛ,

na ɔde sika ahyehyɛdeɛ guguu mo ntadeɛ soɔ.

25 Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ ɔko mu!

Wɔahwire Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so.

26 Wo nti me ho hiahia me, me nua Yonatan,

w’asɛm yɛɛ me fɛ sɛ,

wo dɔ yɛɛ me nwanwa

sene mmaa dɔ.

27 Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ,

na akodeɛ asi asɛeɛ!

Categories
2 Samuel

2 Samuel 2

Dawid di Yuda so hene

1 Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.

2 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no.

3 Na Dawid de mmarima a wɔne no nam no nso ne wɔn fiefoɔ bae, na wɔbɛtenaa Hebron nkuro mu.

4 Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ.

Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.

5 Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yabes-gileadfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saulo adɔeɛ sɛɛ, na moasie no.

6 Na afei AWURADE ne mo nni no adɔeɛ ne nokorɛ so, na sɛ moayɛ saa adeɛ yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yie yi bi.

7 Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima, na mo wura Saulo awu, nanso Yuda fie asra me ngo asi wɔn so hene.

Isboset di Israel so hene

8 Na Saulo safohene Abner, Ner ba faa Saulo ba Isboset de no twa kɔɔ Mahanaim,

9 na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurfoɔ ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene.

10 Saulo ba Isboset bɛdii Israel so hene no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii hene mfeɛ mmienu. Nanso, Yuda fie deɛ wɔdii Dawid akyi.

11 Na nna a Dawid dii Yuda fie so hene Hebron no ano si mfirinhyia nson ne abosome nsia.

12 Na Ner ba Abner ne Saulo ba Isboset nkoa tu firii Mahanaim baa Gibeon.

13 Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha.

14 Na Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ma mmeranteɛ no nsɔre nko wɔ yɛn anim ɛ! Na Yoab kaa sɛ: Wɔnsɔre ɛ!

15 Ɛnna wɔbuu wɔn ano sɔre kɔeɛ: Benyamin ne Saulo ba Isboset deɛ dummienu ne Dawid nkoa mu dummienu.

16 Na wɔn nyinaa sosɔɔ wɔn mfɛfoɔ ti de wɔn nkrantɛ wowɔɔ wɔn mfɛfoɔ mfem, na wɔtotɔɔ prɛko. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Helkat-hasurima ɛwɔ Gibeon.

17 Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkoguo Dawid nkoa no anim.

Abner kum Asahel

18 Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe.

19 Na Asahel pamm Abner, na wammane ankɔ nifa anaa benkum amfiri Abner akyi.

20 Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyire, na ɔkaa sɛ: Wo Asahel nie? Na ɔse: Mene no.

21 Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire.

22 Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn?

23 Nanso wampɛ sɛ ɔsane. Ɛnna Abner de ne pea to wɔɔ ne yafunu mu, na pea no hwiree n’akyi, na ɔhwee hɔ wuu hɔ ara. Na obiara a ɔduruu deɛ Asahel wuiɛ hɔ no, ɔgyinae komm.

24 Na Yoab ne Abisai tii Abner. Na owia rekɔtɔ no, na wɔduruu Ama kokoɔ a ɛda Gia anim Gibeon serɛ so kwan ho no so.

25 Na Benyaminfoɔ boaboaa wɔn ano gyinaa Abner akyi yɛɛ ekuo baako, na wɔkɔgyinaa kokoɔ bi atifi.

26 Na Abner bisaa Yoab sɛ: Nkrantɛ nsɛe adeɛ nkɔsi da bɛn? Wonnim sɛ akyire bɛyɛ ɔtan? Na ɛnkɔsi da bɛn ansa na woaka akyerɛ w’asraafoɔ no sɛ wɔnsane mfiri wɔn nuanom akyi?

27 Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te aseɛ yi, sɛ woankasa a, anka ɛfiri anɔpa na mmarima no asan afiri wɔn nuanom akyi die.

28 Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto no na mmarima no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nso wɔankɔ so anko bio.

29 Na Abner ne ne mmarima no faa mpaperɛ so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan nam Bitron nyinaa kɔɔ Mahanaim.

30 Na Yoab sane firii Abner akyi, na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano no, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel.

31 Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia.

32 Na wɔsoaa Asahel kɔsiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na adeɛ kyee wɔn Hebron.

Categories
2 Samuel

2 Samuel 3

Dawid mma

1 Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.

2 Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no no.

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.

4 Na deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit ba Adoniya. Na deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia.

5 Na deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Yeinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.

Abner atirisopam ne ne wuo

6 Na ɛberɛ a na akodie da Saulo fie ne Dawid fie ntam no, Abner yɛɛ ne ho kɛseɛ wɔ Saulo fie ara.

7 Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho?

8 Na Isboset asɛm no hyɛɛ Abner abufuo kɛseɛ maa ɔkaa sɛ: Adɛn, ɔkraman ne me na mama Yuda de me adi asie, sɛ ɛbɛsi nnɛ mayɛ w’agya Saulo fie, ne nuanom ne ne namfonom adɔeɛ a menyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, na nso worepɛ kwaadu a ɛte saa abɔ me wɔ ɔbaa yi ho?

9 Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛdeɛ AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no,

10 sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba.

11 Ɛsiane sɛ na Isboset suro no nti, wantumi ammua Abner asɛm biara bio.

12 Na Abner somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔbisaa sɛ: Hwan na asase yi wɔ no? Nso ɔkaa sɛ: Ɛne me mpam. Na hwɛ, mɛboa wo ama Israel nyinaa adane aba wo nkyɛn.

13 Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.

14 Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Saulo ba Isboset nkyɛn kɔkaa sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ano ɔha megyee no awadeɛ no brɛ me.

15 Na Isboset soma maa wɔkɔfaa no firi ne kunu Lais ba Paltiel nkyɛn.

16 Na ne kunu no ne no kɔe, na ɔde esu dii n’akyiri ara kɔduruu Bahurim. Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ! Na ɔsaneeɛ.

17 Na Abner ne Israel mpanimfoɔ kasaa sɛ: Mmerɛ a atwam no na morehwehwɛ Dawid sɛ ɔmmɛdi mo so hene.

18 Na afei monyɛ ɛ: Ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede bɛgye me man Israel, Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.

19 Na Abner kasa guu Benyamin aso mu nso, na Abner kɔe nso kɔkaa adwene pa a Israel ne Benyamin fie nyinaa afa no guu Dawid aso mu wɔ Hebron.

20 Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid too Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pono.

21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam, na woadi wɔn a wopɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan, maa no kɔɔ asomdwoeɛ mu.

22 Na hwɛ, Dawid mmarima no ne Yoab firii akofoɔ asafo mu bae, na wɔde asadeɛ pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, ɛfiri sɛ wagya no kwan ma no kɔ dwoodwoo.

23 Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho nyinaa baeɛ no, wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ner ba Abner aba ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan, ma ɔkɔ asomdwoeɛ mu.

24 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Hwɛ, Abner aba wo nkyɛn, adɛn nti na woagya no kwan na ɔkorɔ yi?

25 Wonim Ner ba Abner sɛ ɔbaa sɛ ɔrebɛdaadaa woɔ, na wahunu wo korɔ ne wo ba, na wahunu deɛ woreyɛ nyinaa.

26 Na Yoab firii adi firii Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔtii Abner, na wɔde no firii Sira abura ho sane bae. Na Dawid deɛ, na ɔnnim.

27 Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.

28 Na ɛno akyi Dawid teeɛ, na ɔkaa sɛ: Me ne m’ahennie di Ner ba Abner mogya ho bem AWURADE anim daa.

29 Wɔmma no mmua Yoab atifi ne n’agya fie nyinaa so, nanso wɔmmma onipa a ɔwɔ babaso anaa ɔkwatani anaa deɛ ɔtwere poma so anaa deɛ ɔtɔ nkrantɛ ano anaa deɛ aduane bɔ no mmpa Yoab fie da.

30 Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, ɛfiri sɛ ɔkumm wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Monsunsuane mo ntadeɛ mu na momfira ayitoma na montwa adwo ma Abner. Na Ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.

32 Na wɔkoraa Abner wɔ Hebron. Na ɔhene maa ne nne so suu Abner da so, na ɔman no nyinaa sui.

33 Na ɔhene bee Abner ho kwadwom yi sɛ:

Ogyegyentwie wuo na Abner awuo yi?

34 Wɔankyekyere wo nsa da,

na wɔanto wo nan mpokyerɛ da.

Sɛ wɔtɔ amumuyɛ mma anim

na woatɔ yi.

Na ɔman no nyinaa kɔɔ so suu no bio.

35 Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a!

36 Na ɔman no nyinaa hunui, na ɛyɛɛ wɔn anisɔ. Adeɛ a ɔhene yɛeɛ nyinaa yɛɛ ɔman no nyinaa anisɔ.

37 Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hunuu da no, sɛ ɛmfiri ɔhene na wɔkumm Ner ba Abner.

38 Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛseɛ atɔ nnɛ da yi, Israel?

39 Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.