Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 6

Asɔrefie no sie

1 Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so, Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so mmienu (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no.

2 Na ɛdan a Ɔhene Salomo si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn.

3 Na ntwonoo a ɛwɔ asɔrefie dan no anim no, basafa du ne ne ntwemu, sɛdeɛ ɛdan no trɛ no teɛ no, basafa nnum ne ne trɛ ɛdan no anim.

4 Na ɔyɛɛ ɛdan no ho mpomma a emu aniahunuankansa tintim mu.

5 Na ɔtotoo ɛdan no fasuo ho ban de twaa ho hyiae, na asɔredan no ara ne mpiakyire no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae:

6 Aseɛ pa ara pia yɛ basafa mmienu ne fa ne ne tɛtrɛtɛ; na mfimfini deɛ yɛ basafa mmiɛnsa, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ basafa mmiɛnsa ne fa; na ɔyɛɛ ɛdan no akyi mmamma hyiae, na mpuna no anhyɛne ɛdan no afasuo mu.

7 Na wɔresi ɛdan no, wɔde aboɔ amuamu a wɔasiesie firi abotubea na ɛsiiɛ. Na wɔresie no, wɔante asaeɛ anaa pɛeɛ anaa dwinnadeɛ biara nka ɛdan no ho.

8 Aseɛ pia no pono wɔ ɛdan no anafoɔ fam, na wɔforo ntwedeɛ nkyinkyimiiɛ kɔ mfimfini deɛ no mu, na wɔfiri mfimfini deɛ no mu kɔ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

9 Na ɔsii ɛdan no wieeɛ no, ɔde tweneduro mpuna ne ntaaboɔ kataa ɛdan no so.

10 Na ɔsisii nsamsoɔ twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae, basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na wɔde tweneduro mpuna guu ɛdan no so.

11 Na AWURADE asɛm baa Salomo nkyɛn sɛ:

12 Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na woyɛ m’atemmudeɛ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo.

13 Na mɛtena Israelfoɔ mu, na merennya me man Israel.

14 Na Salomo sii ɛdan no wiee.

Ɛdan no mu Nsiesie

15 Na ɔde tweneduro ntaaboɔ penam ɛdan no afasuo ho wɔ mu, ɔde nnua kataa mu firi ɛdan no fam kɔsi nsamsoɔ ani, na ɔde papea ntaaboɔ sam ɛdan no fam.

16 Na ɔde tweneduro ntaaboɔ sii ɛdan no akyiri fam basafa du, firi fam kɔpem nsamsoɔ mpuna, na ɔsii de emu yɛɛ mpiakyire, ɛne kronkronkronbea no.

17 Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu.

18 Na ɛdan no mu tweneduro ntaaboɔ no anim no, wɔdii so ntoa ne nhwiren a ahanehane adwini; ne nyinaa yɛ tweneduro, wɔanhunu ɔboɔ biara.

19 Na ɔsiesiee mpiakyire no ɛdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ.

20 Na mpiakyire no mu kwan deɛ, basafa du ne ne ntwemu, na basafa du yɛ ne tɛtrɛtɛ, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde tweneduro kataa afɔdeɛ pono no ho hyiae.

21 Na Salomo de sika amapa duraa ɛdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyire no anim, na ɔduraa ho sika.

22 Na ɛdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kɔsii sɛ ɛhyiaa ɛdan no nyinaa mu; na afɔdeɛ pono a ɛwɔ mpiakyire no, ɔde sika duraa ho nyinaa.

23 Na mpiakyire no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim mmienu, a basafa nnum ne ebiara tentene.

24 Na kerub no ntaban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na kerub no ntaban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako ano yɛ basafa nnum.

25 Na kerub a ɔtɔ so mmienu no nso yɛ basafa nnum; kerubim mmienu no nyinaa tentene pɛ, na wɔn su nso yɛ pɛ.

26 Kerub baako tentene yɛ basafa nnum, na kerub baako no nso saa ara.

27 Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu. Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim.

28 Na ɔde sika duraa kerubim no ho.

29 Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so.

30 Na ɛdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so.

31 Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako;

32 na ngodua apono mmienu no, ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no ho.

33 Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano aponnwa no, ahinanan soɔ.

34 Na ɔde papea nnua yɛɛ apono mmienu, ɛpono baako wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane, na ɛpono baako nso wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane;

35 na ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyireeɛ no mu.

36 Na ɔyɛɛ emu fam abannwa no, aboɔ a wɔasensene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne tweneduro mpuna kyerɛpɛn baako.

37 Afe a ɛtɔ so nnan bosome Siw (a ɛte se Kɔtɔnimma) mu na wɔtoo AWURADE dan no fapem.

38 Na afe a ɛtɔ so dubaako bosome Bul a ɛne bosome a ɛtɔ so nwɔtwe (a ɛte sɛ Obubuo) no mu na wɔwiee efie no, ɛho nnoɔma ne ne yɛbea nyinaa fam. Mfeɛ nson na wɔde siiɛ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 7

Ahemfie no sie

1 Na Salomo no ara ne fie deɛ, mfeɛ dummiɛnsa ansa na ɔrewie efie no nyinaa sie.

2 Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonu nnum ne ne trɛ, na basafa dunum ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro mpuna gu so;

3 na wɔde tweneduro samm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no soɔ no so, ɛyɛ aduanan nnum a dunum yɛ kyerɛpɛn baako.

4 Na nsamsoɔ mpuna yɛ kyerɛpɛn mmiɛnsa, na mpomma kyerɛkyerɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa.

5 Na apono no ne aponnwa no nyinaa yɛ mpuna ahinanan, na mpomma hwehwɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa.

6 Na ɔyɛɛ Adum Abrannaa a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum ne ne ntwemu yɛ basafa dunum ne ne trɛ; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne ntwedeɛ wɔ anim.

7 Na ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa a ɛhɔ na ɔbu atɛn, atemmuo abrannaa no; na ɔde tweneduro kataa fam nyinaa.

8 Na ne dan a ɔte mu no, ɛne abannwa a ɛwɔ abrannaa no mu no yɛbea te, yɛ pɛ ara. Na ɔsii ɛdan nso maa Farao babaa a ɔwaree no no.

9 Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so.

10 Na fapem no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, aboɔ akɛseɛ, basafa nnum nnum aboɔ ne basafa nnan nnan aboɔ.

11 Na ɛso a wɔtoeɛ no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, ɛne ntweneduro.

12 Na abannwa kɛseɛ a ɛtwa hyia no yɛ aboɔ a wɔasene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne ntweneduro mpuna kyerɛpɛn baako; na AWURADE fie no mu fam abannwa no ne ɛdan no abrannaa no te saa ara.

Hiram adwinneɛ

13 Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa Hiram firii Tiro baeɛ;

14 ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no.

Kɔbere adum mmienu no

15 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ adum mmienu, baako tentene yɛ basafa nkron, na homa a ne tentene yɛ basafa nsia twa baako ho hyia, tokuro da mu, na emu pipiripie yɛ nsateaa nan. Dum a ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara.

16 Na ɔyɛɛ ntaasotire mmienu sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛguiɛ. Oduntire baako korɔn yɛ basafa mmienu ne fa, na baako no nso korɔn yɛ basafa mmienu ne fa.

17 Atena a wɔanwono a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no ho, nson wɔ oduntire baako ho, na nson nso wɔ baako no ho;

18 na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu twaa atena no ho hyiae de kataa aduntire no so; saa na ɔyɛɛ oduntire baako no nso;

19 na ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwonoo no ho, basafa mmienu;

20 na adum mmienu no so ntaasotire no wɔ soro nso, n’afuru a ɛwɔ atena no ho; na atoaa aba nsɛsoɔ ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntire baako no ho hyia.

21 Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ no, ɔtoo no din Yakin,na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.

22 Na sukooko adwini wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no.

23 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no, wɔgui, ɛfiri ano kɔpem ano yɛ basafa nnum, ɛyɛ kurukuruwa, na basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum homa twa ho hyia.

24 Na nkukuduuduu wɔ ano no aseɛ twa ho hyia, basafa nnum nnum twa ho hyia, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn mmienu, na wɔguu no ne guo ara mu.

25 Ɛtaa anantwie dummienu so: Mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam.

26 Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane. Ɛdi galɔn ɔpedu.

27 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nsugyeɛ nnaka du, adaka no baako ntwemu yɛ basafa mmienu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu, na ne korɔn yɛ basafa baako ne fa.

28 Na nnaka no yɛbea nie: Ɛwowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’adwa ntam;

29 na agyata, anantwie ne kerubim wowɔ adwa no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinasoɔ bi wɔ adwa no so soro. Na agyata ne anantwie no ase no wɔyɛɛ nhahamma nkyekyereeɛ a ɛsensɛne hɔ.

30 Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.

31 Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra anammɔn baako ne fa, na hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ anammɔn mmienu ne fa, na wɔdii adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.

32 Na ntwahonan nnan no wowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no baako korɔn yɛ anammɔn mmienu ne fa;

33 na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui.

34 Na nsosɔmu nsa nnan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifire.

35 Na nnaka no tiri no, wɔyeyɛɛ no nkurukuruwa nkurukuruwa hyiae, ne korɔn yɛ anammɔn baako, na nnakatire no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa a ɛfiri mu no wɔ.

36 Na ɔdii ne nsa no trɛ ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no so adwini: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛdeɛ ntam nnedahɔ teteɛ no, na nhahamma nkyekyereɛ twa ho hyia.

37 Saa na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ gubea, nsusuiɛ ne suban korɔ.

38 Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di galɔn ahanan. Na dwaresɛn baako biara yɛ basafa mmienu; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako mmaako.

39 Na ɔde nnaka no nnum sisii ɛdan no anafoɔ fam, na ɔde nnum sisii atifi fam; na ɛpo no deɛ, ɔde sii ɛdan no anafoɔ fam, apueeɛ a ɛkyerɛ anafoɔ fam no.

Asɔredan no mu nsiesie nnoɔma

40 Na Hiram yɛɛ nnwaresɛn no, sesa adeɛ ne nkoraa. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo, AWURADE fie ho no nyinaa yɛ,

41 adum mmienu no ne adum no atifi ntaasotire no apɔ mmienu no, ne atena mmienu a wɔde kataa adum no, atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no,

42 na atena mmienu no ho atoaa aba nsɛsoɔ ahanan no, atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu yɛ atena baako deɛ, sɛ ɛnkata ntaasotire apɔ mmienu a ɛwowɔ adum no soɔ no ho,

43 ne nsugyeɛ nnaka du no so nnwaresɛn du no,

44 ne ɛpo baako, ne ɛpo no ase anantwie dummienu no;

45 ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no.

Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.

46 Na ɔhene de kɔɔ Yordan ho asase so dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.

47 Na Salomo gyaee nnoɔma no nyinaa karie, ne dɔ a ɛdɔɔso nti; wɔanhunu kɔbere mfrafraeɛ no mu duro.

48 Na Salomo yɛɛ AWURADE fie nnoɔma no nyinaa, sika afɔrebukyia ne ɛpono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no sika,

49 ne nkaneadua no, nnum wɔ nifa na nnum wɔ benkum, mpiakyire no anim no yɛ sika amapa, na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika;

50 ne nyowa ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne nsramma kukuwa no yɛ sika ara nko; na ɛdan no mu fam kronkronkronbea hɔ apono ne asɔredan apono no mpɛɛwa nso yɛ sika.

51 Na wɔwiee adwuma a Ɔhene Salomo yɛɛ no AWURADE fie ho no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ, dwetɛ ne sika ne nnoɔma nnoɔma no, baa mu de bɛsiee AWURADE fie akoradeɛ mu.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 8

Asɔrefie no dwira

1 Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.

2 Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ Ahinime) no mu nnapɔnna no mu.

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no bɛsoaa adaka no.

4 Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne kronkronbea nnoɔma a ɛwɔ ntomadan no mu no nyinaa bae, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no na wɔde foro baeɛ.

5 Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔabɛhyia ne nkyɛn no nyinaa ne no dii adaka no anim kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan mmu ano bɔɔ afɔdeɛ.

6 Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.

7 Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so.

8 Na nnua no woware maa wɔhunuu nnua no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyire no anim; na wɔnhu no adihɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

9 Biribiara nni adaka no mu, gye aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ no.

10 Na asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ firii adie no, mununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma.

11 Na mununkum no nti amma asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma.

12 Ɛno na Salomo kaa sɛ:

AWURADE de owia asi soro, nanso ɔbɛtena esum kabii mu.

13 Sie na masi ɛdan mayɛ no tenabea mama woɔ,

baabi a wobɛtena hɔ daa.

Salomo kasa kyerɛ Ɔman no

14 Na ɔhene danee n’ani, na ɔhyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ.

15 Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ:

16 Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.

17 Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din.

18 Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ w’akoma mu sɛ anka wobɛsi ɛdan ama me din yi, woayɛ no yie deɛ,

19 nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w’asene mu, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.

20 Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din,

21 na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom firi Misraim asase so reba no, ɔne wɔn pameeɛ no wɔ mu no.

Salomo Mpaebɔ

22 Na Salomo gyinaa AWURADE afɔrebukyia anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ soro

23 kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam, sɛ wo a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no.

24 Wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ama no; wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

25 Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no.

26 Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ntim ɛ!

27 Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!

28 Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa rebɔ no w’anim nnɛ yi,

29 sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi.

30 Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ ha yi, na wo deɛ, tie no wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa kyɛ!

31 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a,

32 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.

33 Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpaeɛ na wɔkoto srɛ wo efie yi mu a,

34 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so.

35 Sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a,

36 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.

37 Sɛ ɛkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɛhoɔ, ɛpoɔ, ntutummɛ, mmɛbɛ ba oo, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn kuro apono asase so oo, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo,

38 mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara bɛhunu n’akoma mu yea, na ɔbɛtrɛ ne nsa mu kyerɛ efie yi a,

39 wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akomam no; na wo ara wo nko na wonim nnipa mma nyinaa akoma mu,

40 deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa.

41 Afei nso, ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu na wo din nti ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba,

42 (ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woama so no nka), sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ɛdan yi a,

43 wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahunu wo din na wɔasuro woɔ, sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ, wo din na wɔde frɛ ɛdan a masie yi.

44 Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,

45 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.

46 Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo, na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,

47 na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho, na wɔkoto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm,

48 na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,

49 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn,

50 na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ.

51 Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no,

52 na bue w’ani ma w’akoa nkotosrɛ ne wo man Israel nkotosrɛ, na tie wɔn deɛ wɔsu frɛ woɔ no nyinaa mu.

53 Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim baeɛ no.

54 Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ ɔsoro no.

55 Na ɔgyinaa hɔ de nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ:

56 Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.

57 AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyire no, ɔnnnya yɛn, na ɔmmpa yɛn nso.

58 Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.

59 Na ma me nsɛm a mede mekoto mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na ɔnni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da biara,

60 na asase so aman nyinaa nhunu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.

61 Na momma mo akoma nni mu AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ mobɛnante n’ahyɛdeɛ soɔ, na moadi ne mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

Wɔtu Asɔredan no hyɛ AWURADE nsa

62 Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔdeɛ AWURADE anim.

63 Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.

64 Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so.

65 Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.

66 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 9

Onyankopɔn yi ne ho adi kyerɛ Salomo bio

1 Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no,

2 AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wobɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa.

4 Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ no, akoma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa, na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,

5 ɛnneɛ mɛma wo hene a wodi Israel soɔ no adwa atim akɔsi daa, sɛdeɛ mekaa no w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahennwa soɔ no.

6 Na sɛ mo ne mo mma sane firi m’akyire, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a,

7 ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne fɛwdie aman nyinaa mu.

8 Na ɛdan yi, bɛyɛ dammoto na obiara a ɔtwam wɔ ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ kyɛkyɛ, na waka sɛ: Ɛnam ɛdeɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi sɛɛ?

9 Ɛno na wɔbɛbua sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim asase so baeɛ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.

Nkuro ne ahyɛn

10 Na mfeɛ aduonu a Salomo de sisii afie mmienu, AWURADE fie ne ahemfie no, akyire yi no,

11 nso Tirohene Hiram de ntweneduro nnua ne papea nnua ne sika, sɛdeɛ ɔpɛ, maa Salomo. Ɔhene Salomo maa Hiram nkuro aduonu wɔ Galilea asase so.

12 Na Hiram firii Tiro bɛhwɛɛ nkuro a Salomo de maa no no, nanso ansɔ n’ani.

13 Na ɔkaa sɛ: Nkuro bɛn na wode ama me yi, me nua? Sei nti na wɔfrɛ hɔ Kabul Asase, de bɛsi nnɛ.

14 Na Hiram soma maa wɔde sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu brɛɛ ɔhene.

15 Na adwuma toɔ a Ɔhene Salomo gyee sɛ ɔde rebɛsi AWURADE fie, ne ɔno ara ne fie, ne Milo, ne Yerusalem fasuo ne Hasor, Megido ne Geser no ho asɛm nie:

16 (Misraimhene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahye, na wakum Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu no, na ɔde ama ne babaa, Salomo yere no, sɛ awaredeɛ.

17 Na Salomo kyekyeree Geser) ne Bet-horon a ɛwɔ anafoɔ

18 ne Baalat ne Tamar a ɛwɔ ɛserɛ so asase no soɔ,

19 ne aduanekora nkuro a Salomo wɔ nyinaa, ne nteaseɛnam nkuro, ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne Salomo adeɛ a ɔpɛ sɛ ɔsi no Yerusalem ne Lebanon ne asase a ɔdi soɔ nyinaa no so.

20 Nkurɔfoɔ a wɔaka wɔ Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ mu no,

21 wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no, Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi.

22 Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obi anyɛ akoa, ɛfiri sɛ wɔn na wɔyɛ akofoɔ ne ne gyaasefoɔ ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfoɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ.

23 Yeinom ne Salomo adwuma so ahwɛfoɔ mu mpanin: Ahanum aduonum a wɔdi nkurɔfoɔ a wɔkura adwuma no mu no soɔ.

24 Nso Farao babaa no firii Dawid kuro no mu baa ne dan a Salomo si maa no no mu. Afei ɔsii Milo.

25 Na Salomo bobɔɔ afɔdeɛ afe mu mprɛnsa, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa AWURADE no so, na ɔhyee aduhwam wɔ deɛ ɛsi AWURADE anim no so. Na ɔwiee efie no koraa.

26 Na Ɔhene Salomo yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛwa Po ano, Edom asase so.

27 Na Hiram somaa ne nkoa a wɔyɛ hyɛn mufoɔ a wɔnim ɛpo so adwuma maa wɔkaa Salomo nkoa ho ahyɛn no mu.

28 Na wɔkɔɔ Ofir kɔgyee sika hɔ, dwetikɛseɛ ahanan aduonu, na wɔde brɛɛ Ɔhene Salomo.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 10

Seba hemmaa nsrahwɛ

1 Na Seba hemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ,

2 na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.

3 Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhunta ɔhene a wantumi ammua no.

4 Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa nyinaa, ne efie a wasie no,

5 ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne ne nsahyɛfoɔ ne n’afɔreɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no.

6 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho nsɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ;

7 na mannye nsɛm no anni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani abɛhunu yi; na hwɛ, wɔanka me emu fa mpo; wo nyansa ne w’ahonyadeɛ sene deɛ meteeɛ no.

8 Nhyira ne wo yerenom, nhyira ne w’asomfoɔ yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi tie wo nyansa no.

9 Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahennwa soɔ. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekɔsi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.

10 Na ɔmaa ɔhene sikakɔkɔɔ dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam bebree pa ara ne aboɔden aboɔ; nnuhwam bebree saa bi amma bio, sɛdeɛ Seba hemmaa de maa Ɔhene Salomo no.

11 Na Hiram ahyɛnkuo a ɛde sika firi Ofir baeɛ no de samfona nnua bebree pa ara ne aboɔden aboɔ bae.

12 Na ɔhene de samfona nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie aforoeɛ ne nsankuo ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Saa samfona nnua bi amma bio, na wɔanhunu saa bio de bɛsi nnɛ.

13 Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no deɛ ɔbisaeɛ nyinaa; ɛsono deɛ ɛfiri Ɔhene Salomo ankasa akoma mu a ɔde maa no. Na ɔsane sii mu kɔɔ n’asase so, ɔno ne n’asomfoɔ.

Salomo ahonyadeɛ ne n’animuonyam

14 Sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia,

15 ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ ne akwantemfoɔ batadie mu, ne deɛ ɛfiri Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nsam.

16 Na Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm ahanu; sika nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu baako biara ho;

17 na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnaa mmiɛnsa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no mu.

18 Na ɔhene yɛɛ asonse ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho.

19 Adwa no wɔ ntwedeɛ nsia, na akyire na nantwie tiri wɔ; na adwa no tiri a ɛwɔ akyire yɛ kurukuruwa, na nsa wowɔ ha ne ha wɔ atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho.

20 Na agyata dummienu gyinagyina ntwedeɛ nsia no so ha ne ha; ɛso bi nni ahennie biara mu.

21 Na Ɔhene Salomo nkuruwa a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ Dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa. Na dwetɛ, nni mu, ɛfiri sɛ na wɔmmu no ade titire bi wɔ Salomo berɛ so.

22 Na ɔhene ahyɛn wɔ Tarsis ɛpo no so a ɛka Hiram hyɛn ho; mfensa mu Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.

23 Na Ɔhene Salomo yɛɛ kɛse sene asase so ahemfo nyinaa, ahodeɛ ne nyansa fam.

24 Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahunu, sɛ wɔbɛtie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne tiri mu no.

25 Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ ne nkuu hwanhwam ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.

26 Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.

27 Na ɔhene maa dwetɛ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso yɛɛ pii sɛ akyee nnua a ɛwɔ asaseta soɔ no.

28 Na Salomo kra n’apɔnkɔ firi Misraim ne Kue, deɛ ɔhene adwadifoɔ asafo kɔtotɔ apɔnkɔ kuo, sɛdeɛ wɔn boɔ teɛ, de ba.

29 Na wɔde teaseɛnam firi Misraim ba, bɛgye dwetɛ nnwetɛbena ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na adwadifoɔ de bi brɛ Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 11

Salomo yerenom ne n’abosonsom

1 Na Ɔhene Salomo dɔɔ aman foforɔ so mmaa bebree kaa Farao babaa no ho, wɔne Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ mmaa

2 a wɔfiri amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Monnkɔ wɔn mu awareɛ na wɔn nso mmma mo mu, na wɔankom mo akoma anni wɔn anyame no akyi; wɔn na Salomo bataa wɔn ho ɔdɔ mu.

3 Na ɔwɔ yerenom, ahenemma ahanson ne mpenafoɔ nso ahasa; na ne yerenom no maa ɔdanee n’akoma firii Onyankopɔn ho.

4 Na ɛbaa sɛ, Salomo nkɔkoraa berɛ mu no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid akoma.

5 Na Salomo kɔdii Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Amonfoɔ Milkom a ɛyɛ akyiwadeɛ no akyi.

6 Na Salomo yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wantumi anni AWURADE akyiri sɛ n’agya Dawid.

7 Ɛno mu na Salomo sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfoɔ Kemos a ɛyɛ akyiwadeɛ, bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ so, ne Amon mma Molek a ɛyɛ akyiwadeɛ.

8 Na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafoɔ ma wɔhyee aduhwam na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn anyame no nyinaa.

9 Na AWURADE bo fuu Salomo, ɛfiri sɛ n’akoma adane afiri AWURADE, Israel Nyankopɔn a wayi ne ho akyerɛ no mprenu

10 na wahyɛ no asɛm yi ho mmara sɛ ɔnnkɔdi anyame foforɔ akyi; nanso wanni deɛ AWURADE hyɛɛ no no so.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’adwene mu, na woanni m’apam ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ woɔ no soɔ nti, teɛ na mɛte ahennie no mafiri wo nsam, na mede mama w’akoa.

12 Nanso wo berɛ so deɛ, merenyɛ, ɛsiane w’agya Dawid nti, na wo ba nsam na mɛte afire;

13 nanso m’akoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti, merente ahennie no nyinaa, na mede abusuakuo baako bɛma wo ba.

Salomo atamfoɔ ne ne wuo

14 Na AWURADE maa ɔperedifoɔ bi, Edomni Hadad, sɔre tiaa Salomo; ɔfiri ɔhene asefoɔ mu wɔ Edom.

15 Ɛberɛ a na Dawid wɔ Edom na ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrekɔsie wɔn a wɔatotɔ no, ɔkumm Edom mmarima nyinaa,

16 (na Yoab ne Israel nyinaa tenaa hɔ abosome nsia kɔsii sɛ ɔkumm Edom mmarima nyinaa).

17 Na Hadad ne Edom mmarima bi a wɔfiri n’agya nkoa mu dwane kɔɔ Misraim; saa berɛ no na Hadad yɛ abɔfra kumaa.

18 Na wɔsɔre firii Midian, na wɔkɔduruu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraimhene Farao nkyɛn; na ɔmaa no efie na ɔhyɛɛ aduane a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso.

19 Na Hadad nyaa Farao anim animuonyam pii, na ɔde ne yere Tapenes nua, maa no awareɛ.

20 Na Tapenes nua woo ne babarima Genubat maa no, na Tapenes twaa no nufoɔ Farao fie, na Genubat wɔ Farao fie, Farao mma mu.

21 Na Hadad tee no Misraim sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda na ɔsahene Yoab nso awuo no, Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: Gya me kwan ma menkɔ m’asase so.

22 Ɛnna Farao bisaa no sɛ: Na ɛdeɛn na ɛhia wo me nkyɛn ha na worehwehwɛ w’asase so akorɔ yi? Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ biribiara, nanso gya me kwan ma menkɔ.

23 Na Onyankopɔn maa ɔtamfoɔ bi, Eliada ba Reson a ɔdwane firii ne wura Hadad-eser, Sobahene, nkyɛn no sɔre tiaa no.

24 Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, berɛ a Dawid kumm Sobafoɔ no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na ɔdii hene Damasko.

25 Na ɔyɛɛ Israel tamfoɔ Salomo nna nyinaa, kaa bɔne a Hadad yɛeɛ no ho; na ɔkyirii Israel, na ɔdii Siria so hene.

26 Na Nebat ba Yeroboam, Efratini a ɔfiri Sereda a ɔyɛ Salomo akoa, na ne na din de Serua, ɔbaa kunafoɔ bi, nso tee ɔhene so atua.

27 Na deɛ ɛmaa no tee ɔhene so atua ne sɛ: Salomo kyekyeree Milo na ɔtuatuaa n’agya Dawid kuro ho fasuo mu.

28 Na ɔbarima Yeroboam no yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, na Salomo hunuu aberanteɛ no sɛ ɔyɛ ɔdeyɛfoɔ no, ɔmaa no yɛɛ Yosef fie adwumayɛfoɔ no nyinaa so hwɛfoɔ.

29 Na berɛ no mu, Yeroboam firi Yerusalem rekorɔ no, Odiyifoɔ Ahia, Siloni, bɛhunuu no ɔkwan no so; nso na ɔfira ntoma foforɔ, na wɔn mmienu pɛ na na ɛwɔ wiram hɔ.

30 Na Ahia sɔɔ ntoma foforɔ a ɛfira no no mu, na ɔsunsuanee mu asinasini dummienu,

31 na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: Yi asinasini du fa, na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebɛte ahennie no mafiri Salomo nsam, na mede mmusuakuo du mama wo.

32 Na m’akoa Dawid ne kuro Yerusalem a mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no nti, abusuakuo baako na ɛbɛyɛ ne deɛ;

33 ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔsɔre Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Amon mma nyame Milkom, na wɔannante m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ sɛ n’agya Dawid.

34 Nanso merennye ne nsam ahennie no nyinaa, na m’akoa Dawid a mafa no a ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ soɔ no nti, mɛsi no ɔman so panin ne nkwa nna nyinaa.

35 Na mɛgye ahennie no ne ba nsam, na mede mmusuakuo du mama wo.

36 Na ne ba no, mede abusuakuo baako bɛma no, deɛ ɛbɛyɛ na kanea atena hɔ ama m’akoa Dawid nna nyinaa wɔ m’anim Yerusalem kuro a mayi mafa sɛ mede me din bɛto hɔ no mu.

37 Na wo na mɛfa wo mama woadi hene sɛdeɛ wo kra pɛ nyinaa, na woayɛ Israel so hene.

38 Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.

39 Na yei nti mɛbrɛ Dawid asefoɔ ase, nanso ɛnyɛ nna nyinaa.

40 Na Salomo hwehwɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam; na Yeroboam sɔre dwane kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak nkyɛn; na ɔtenaa Misraim kɔsii sɛ Salomo wuiɛ.

41 Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nyansa no, wɔatwerɛ no Salomo ho nsɛm nwoma no mu.

42 Na nna a Salomo de dii hene Yerusalem Israel nyinaa soɔ yɛ mfirinhyia aduanan.

43 Na Salomo tii ne nananom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu; na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 12

Ahennie no mu paepae

1 Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem; na Sekem na Israel nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.

2 Na Nebat ba Yeroboam teeɛ no, ɔno deɛ, (na ɔda so wɔ Misraim a ɔdwane firii Ɔhene Salomo anim kɔɔ hɔ no), na ɔte Misraim,

3 na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel asafo nyinaa baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:

4 W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, afei yi w’agya ɔsom denden ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo.

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ, na nnansa monsane mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe.

6 Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔyɛ n’afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede mabua ɔman yi?

7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛnnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wobua wɔn na woka wɔn asɛmpa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.

8 Na ɔgyaa mpanimfoɔ fo a wɔtuu no no, na ɔne mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ a wɔyɛ n’afotufoɔ no kɔtuu agyina,

9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso motuo, na yɛde abua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn kɔn soɔ no so ma no nyɛ hare, no?

10 Na mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene,

11 na afei, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛna ɛbɛhwe mo.

12 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa san baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaeɛ sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no.

13 Na ɔhene de asɛmdenden buaa ɔman no, na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,

14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so. M’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.

15 Na ɔhene antie ɔman no, ɛfiri sɛ AWURADE na ɔdanee no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.

16 Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ:

Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu?

Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu,

monkɔ mo afie mu, Israel,

afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so.

Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie.

17 Na Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.

18 Na Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a ɔdi ɔhyɛ adwumayɛ toɔ soɔ no; na Israel nyinaa sii no aboɔ maa no wuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm faa teaseɛnam sɛ ɔredwane aba Yerusalem.

19 Ɛno nti Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.

20 Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asane aba no, wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no baa asafo no mu, na wɔsii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a ɔdii Dawid fie akyire sɛ Yuda abusuakuo nko.

21 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fie nyinaa ne Benyamin abusuakuo ano, nnipa a wɔayi wɔn a wɔtu sa mpemha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fie rekɔko, na wɔadane ahennie no ama Salomo ba Rehoboam.

22 Na Nyankopɔn asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:

23 Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fie nyinaa ne ɔman no nkaeɛ sɛ:

24 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israel nnkɔko, monsane nkɔ mo afie; na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔsane kɔe, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no.

Yeroboam abosonsom

25 Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔ so tenaa mu; na ɔfirii hɔ kɔkyekyeree Penuel.

26 Na Yeroboam see n’akoma mu sɛ: Afei na ahennie no bɛsane akɔ Dawid fie,

27 sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔdeɛ AWURADE fie Yerusalem a, ɛnneɛ ɔman yi akoma bɛdane akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene nkyɛn, na wɔaku me, na wɔasane akɔ Yudahene Rehoboam nkyɛn.

28 Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.

29 Na ɔde baako kɔsii Betel na ɔde baako nso kɔsii Dan.

30 Na asɛm yi danee bɔne, na ɔman no fa kɔɔ baako yi anim wɔ Dan, na baako no nso kɔɔ Betel.

31 Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea fie, na ɔde ɔman no nyinaa mu nnipa a wɔmfiri Lewi mma mu sisii asɔfoɔ.

32 Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel.

33 Na ɔbɔɔ afɔdeɛ afɔrebukyia a ɔyɛɛ no Betel no so, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe da a ɛtɔ so dunum no so, bosome a ɔno nko ara bɔɔ ne tirim hyɛeɛ no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfoɔ, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee aduhwam.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 13

Odiyifoɔ bi a ɔkasa tiaa Betel

1 Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam.

2 Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔhye wo so aduhwam bɛbɔ afɔdeɛ, na wahye nnipa nnompe wɔ wo so.

3 Na ɔmaa nsɛnkyerɛnneɛ da no ara sɛ: Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔrebukyia no bɛbubu, na nso a ɛwɔ soɔ no ahwie agu.

4 Na ɔhene tee Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔteaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no, Yeroboam tenee ne nsa firii afɔrebukyia no so kaa sɛ: Monkye no. Na ne nsa a ɔtenee no ne soɔ no senee kyerebann, na wantumi antwe amma ne ho.

5 Na afɔrebukyia no bubui, na nso no firii afɔrebukyia no so gui, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Nyankopɔn nipa no de AWURADE asɛm kaeɛ no teɛ no.

6 Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no.

7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ fie, na kɔdwodwo wo ho, na mɛkyɛ wo adeɛ.

8 Na Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fie fa bɛma me mpo a, me ne wo renkɔ, na merenni aduane, nso merennom nsuo ɛha yi,

9 ɛfiri sɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nni aduane na nnom nsuo wɔ hɔ, na nsane mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so.

10 Na ɔfaa ɔkwan foforɔ so, a wansane amfa ɔkwan a ɔnam so kɔɔ Betel no so.

11 Nso na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Betel; na ne mma kɔkaa no nneyɛɛ a Nyankopɔn nipa no bɛyɛɛ no Betel da no; nsɛm a ɔkaa ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya.

12 Na wɔn agya no bisaa wɔn sɛ: Ɔkwan bɛn so na ɔfaeɛ? Na ne mma no hunuu ɔkwan a Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no faa soɔ.

13 Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no, na ɔtenaa so,

14 na ɔsii mu tii Nyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum kɛseɛ no aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone Nyankopɔn nipa a wofiri Yuda baeɛ no? Na ɔse: Mene no.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone me nkɔ fie na kɔdidi.

16 Na ɔse: Mentumi ne wo nsane na me ne wo nkɔ, nso merennidi na me ne wo rennom nsuo ɛha yi, na wɔnam AWURADE asɛm so see me sɛ:

17 Nni aduane na nnom nsuo hɔ, nsane mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so.

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.

19 Ɛnna ɔne no saneeɛ, na ɔkɔdidii ne fie, na ɔnom nsuo.

20 Na wɔte pono ho no, AWURADE asɛm baa odiyifoɔ a ɔkɔsanee no baeɛ no nkyɛn,

21 na ɔteaa mu kyerɛɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam sɛ woate AWURADE anomu asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no soɔ,

22 na woasane abɛdidi na woanom nsuo faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsuo, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu.

23 Na ɔdidiiɛ na ɔnomm nsuo wieeɛ no, ɔhyehyɛɛ afunumu no maa odiyifoɔ a ɔkɔsanee no baeɛ no,

24 na ɔkɔeɛ; na gyata hunuu no ɔkwan no mu, na ɔkumm no, na ne funu no da ɔkwan no mu, na afunumu no gyina nkyɛn, na gyata no nso gyina efunu no ho.

25 Na hwɛ, sɛ nnipa retwam, na wɔhunu efunu a ɛda ɔkwan no mu, ne gyata a ɔgyina efunu no ho no a, wɔkɔ kɔka no kuro a odiyifoɔ akɔkoraa no te mu no mu.

26 Na odiyifoɔ a ɔkɔsanee no firii ɔkwan no soɔ no teeɛ no, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn nipa a ɔtee AWURADE anomu asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ama no atete ne mu aku no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ no.

27 Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ no.

28 Na ɔkɔ kɔhunuu efunu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina efunu no ho. Gyata no nwee funu no, na ɔmpiraa afunumu no nso.

29 Na odiyifoɔ no maa Nyankopɔn nipa no funu no so de no saneeɛ, na odiyifoɔ akɔkoraa no de no kɔɔ ne kuro mu, sɛ ɔrekɔgyam no na wasie no.

30 Na ɔde ne funu no too ne da mu, na wɔgyamm no sɛ: Due, me nua!

31 Na ɔwiee no sie no, ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Sɛ mewu a, monsie me ɛda a wɔasie Nyankopɔn nipa no mu no mu, momfa me nnompe nto ne nnompe ho.

32 Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afie a ɛwɔ Samaria nkuro mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa.

33 Asɛm yi akyiri no, Yeroboam ansane amfiri ne kwammɔne so, na ɔsane faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodeɛ hyɛ ne nsa ma ɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no bi.

34 Na asɛm yi danee Yeroboam fie bɔne a enti wɔdwerɛɛ wɔn na wɔsɛee wɔn firii asase ani.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 14

Yeroboam ho nkɔmhyɛ

1 Ɛberɛ no mu no, Yeroboam ba Abia yaree.

2 Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre, sakyera wo ho, na wɔanhunu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na Odiyifoɔ Ahia wɔ; ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔman yi so hene.

3 Na fa paanoo du ne taterɛ ne ɛwoɔ toa kura wo nsam, na kɔ ne nkyɛn; ɔno na ɔbɛka wo deɛ ɛbɛyɛ abɔfra yi.

4 Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na ɔsii mu kɔɔ Silo, na ɔduruu Ahia fie. Nso na Ahia nhunu adeɛ, na akorabɔ nti n’ani so ayɛ kusuu.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abɛbisa wo hɔ asɛm ne ba ho, ɛfiri sɛ ɔyare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no.

Ɔbaeɛ no, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbaa foforɔ bi.

6 Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɛpono ano no, ɔkaa sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakyera wo ho ayɛ sɛ obi yi? Na me deɛ, wɔde asɛm denden asoma me wo nkyɛn.

7 Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ memaa wo so wo man no mu, na mesii wo me man Israel so panin,

8 na metee ahennie no mefirii Dawid fie de maa woɔ, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm soɔ, na ɔde n’akoma nyinaa dii m’akyire sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ no nko,

9 na woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforɔ ne ahoni a wɔaguo sɛ wode rehuru me bo, na woato me atwene w’akyire nti,

10 hwɛ, mede bɔne bɛba Yeroboam fie so, na matwa Yeroboam fie barima biara ne Israel mu akoa ne ɔdehyeɛ atwene, na mapra Yeroboam fie sɛdeɛ obi pra fi kɔsi sɛ ɛsa.

11 Yeroboam nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. AWURADE na waka.

12 Na wo deɛ, sɔre kɔ wo fie; na wo nan si kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu.

13 Na Israel nyinaa bɛgyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam deɛ a ɔbɛkɔ ɛda mu, ɛfiri sɛ ɔno mu na wɔahunu adepa bi a ɛsɔ AWURADE Israel Nyankopɔn ani, Yeroboam fie.

14 Na AWURADE bɛma ɔhene bi so, Israel so a ɔbɛtwa Yeroboam fie atwene nnɛ. Na ɛfiri nnɛ,

15 AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.

16 Na Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, ɔbɛgyae Israel mu ama.

17 Na Yeroboam yere no sɔre sii mu kɔɔ Tirsa. Na ɔduruu ɛdan no aponnwa ano no, abɔfra no wui.

18 Na wɔsiee no, na Israel nyinaa gyamm no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Odiyifoɔ Ahia so kaeɛ no teɛ no.

19 Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ, sɛdeɛ ɔdii ako ne sɛdeɛ ɔdii ne hene faeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.

20 Na nna a Yeroboam de dii hene yɛ mfeɛ aduonu mmienu; na ɔtoaa n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Nadab bɛdii n’adeɛ.

Rehoboam di Yuda so hene

21 Na Salomo ba Rehoboam dii hene Yuda. Na Rehoboam adi mfirinhyia aduanan baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuro a AWURADE fa firii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.

22 Na Yuda yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔmaa no twee wɔn ho ninkunu sene wɔn agyanom bɔne a wɔyɛ tiaa no no ho deɛ nyinaa.

23 Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne abosompɔ nkokoɔ sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase fae.

24 Na mmarima nnwamamfoɔ nso wɔ asase no so; wɔyɛɛ sɛdeɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ nyinaa teɛ.

25 Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum soɔ no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so.

26 Na ɔfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ahemfie akoradeɛ, ɔfaa ne nyinaa kɔe. Na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso nyinaa.

27 Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ ahemfie pono ano no so asafohene nsa.

28 Na da biara a ɔhene bɛkɔ AWURADE fie no, awɛmfoɔ no soa kɔ, na wɔde sane bɛsie awɛmfoɔ dan mu.

29 Na Rehoboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

30 Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa.

31 Na Rehoboam toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kuro mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bɛdii n’adeɛ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 15

Abiam di Yuda so hene

1 Na Nebat ba Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu na Abiam bɛdii Yuda so hene.

2 Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.

3 Na ɔnantee n’agya bɔne a ɔyɛ dii n’anim nyinaa mu, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn anim sɛ n’agya Dawid akoma.

4 Nanso Dawid nti, AWURADE ne Nyankopɔn maa no kanea wɔ Yerusalem, sɛ ɔbɛma ne ba so asi n’akyire, na wama Yerusalem agyina,

5 ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.

6 Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa.

7 Na Abiam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na akodie daa Abiam ne Yeroboam ntam.

8 Na Abiam toaa n’agyanom wɔ asamando; na wɔsiee no Dawid kuro mu; na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ.

Asa di Yuda so hene

9 Na Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu soɔ na Asa bɛdii Yuda so hene.

10 Na ɔdii hene mfirinhyia aduanan baako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.

11 Na Asa yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.

12 Na ɔtutuu mmarima nnwamamfoɔ no firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a n’agyanom yɛeɛ no nyinaa.

13 Na ne na Maaka nso, ɔtuu no firii ahemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyee no Kidron subonhwa mu.

14 Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, nanso Asa akoma dii mu AWURADE anim ne nna nyinaa.

15 Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa AWURADE fie: Dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ.

16 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.

17 Na Israelhene Baasa foro baa Yuda so, na ɔbɛkyekyeree Rama, sɛ ɔremma obi nni Yudahene Asa nkyɛn ahyɛmfire.

18 Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na Ɔhene Asa de somaa wɔn maa wɔkɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siriahene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:

19 Ma apam nna me ne wo ntam, te sɛ m’agya ne w’agya ntam: Hwɛ, merebrɛ wo dwetɛ ne sika ayɛyɛdeɛ, na kɔ kɔbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.

20 Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no maa wɔkɔko tiaa Israel nkuro, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase nyinaa.

21 Na Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ, na ɔkɔtenaa Tirsa.

22 Ɛnna Ɔhene Asa maa wɔpaee no Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na Ɔhene Asa de kyekyeree Geba-benyamin ne Mispa.

23 Na Asa ho nsɛm nyinaa nkaeɛ, ne ne mmaninneɛ nyinaa ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro a ɔkyekyereeɛ, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Nanso ne nkɔkoraaberɛ mu no, ɔyaree ne nan.

24 Na Asa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ.

Nadab di Israel so hene

25 Na Yeroboam ba Nadab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmienu mu. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu.

26 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee n’agya kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.

27 Na Ahia ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no pam ne tiri so; na Baasa bɔɔ no wɔ Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ dea hɔ; nso na Nadab ne Israel nyinaa retua Gibeton.

28 Na Baasa kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔdii n’adeɛ.

29 Na ɔbɛdii hene no pɛ, ɔbɔɔ Yeroboam fie nyinaa, wannya obiara a ɔhome amma Yeroboam de kɔsii sɛ ɔsɛee no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahia so kaeɛ

30 wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti.

31 Na Nadab ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

32 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.

Baasa di Israel so hene

33 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Ahia ba Baasa bɛdii Israel nyinaa so hene Tirsa. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nnan.

34 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee Yeroboam kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.