Categories
He Ester

He Ester 8

Wɔma Mordekai so

1 Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no.

2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ɔgyee no Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fie so.

3 Na Ester kasaa bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na ɔsu koto srɛɛ no sɛ, ɔnyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafoɔ ho no.

4 Na ɔhene tenee sika ahempoma no kyerɛɛ Ester. Ɛnna Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim,

5 na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no tene ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa nwoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔtwerɛɛ sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa soɔ no mu,

6 na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ m’abusuafoɔ sɛeɛ?

7 Ɛnna Ɔhene Akas-weros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fie mama Ester, na ɔno nso wɔasɛne no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafoɔ no nti.

8 Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani.

Ɔhene no gye Yudafoɔ nkwa

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene Atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwanno da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

10 Na ɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na ɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne mfunumupɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mfrafraeɛ mma so.

11 Emu na ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ano nhyia, na wɔn nkwa nti, wɔnnyina hɔ, na wɔnsɛe na wɔnkum na wɔnnwerɛ ɛdɔm ne ɔman ne mantam biara a ɛhiahia wɔn ho, mmɔfra ne mmaa nso, sɛ wɔbɛfom wɔn nnoɔma,

12 da koro, Ɔhene Akas-weros nsase no nyinaa so, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa so.

Artasasta hyɛ mmara

13 Deɛ ɛdidisoɔ yi yɛ krataa no nhwɛsoɔ:

14 “Ɔhene Kɛseɛ no, Artasasta, twerɛ kɔ ma amradofoɔ a wɔwɔ ɛfiri India de kɔsi Etiopia amantam ɔha ne aduonu nson mu, ne wɔn a wɔdi nokorɛ ma aban no, mekyea mo.

15 “Nnipa bebree na mprɛ dodoɔ a wɔn adomfoɔ de adɔeɛ bɛdi wɔn ni no, na ahantan ara na wɔkɔ so ara yɛ, na ɛnyɛ bɔne nko na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ atia yɛn man mufoɔ, na mmom sɛ wɔbɛsi wɔn yiedie ho kwan, mpo wɔbɔ pɔ de tia wɔn ankasa wɔn adomfoɔ.

16 Ɛnyɛ aseda nko na wɔgye firi afoforɔ hɔ, na mmom, wɔnam wɔn a wɔnnim papayɛ ho hwee no so, mpo wɔdwen sɛ wɔbɛdwane afiri Onyankopɔn a ɔkyiri bɔne na daa nyinaa ɔhunu biribiara no n’atemmuo no.

17 Na mpɛn pii no, wɔn a wɔde wɔn asisi tumi dibea no, wɔmma asodie bɛda wɔn so wɔ wɔn mogya a ɛdi bem a wɔka guo no ho. Na wɔnam nnamfonom a wɔde ɔman no amammuo ahyɛ wɔn nsa no nnaadaa so de wɔn ho kaa nnipa a wɔde mmusudeɛ a wɔntumi nsi ano kwan baeɛ no ho,

18 wɔ ɛberɛ a saa nnipa yi nam wɔn suban bɔne nnaadaa kwan so sɛee ahemfonom adɔeɛ no.

19 Deɛ wɔde amumuyɛ so ayɛ a ɛfiri awudisɛm nneyɛɛ a wɔn a wɔdi tumi ɛmfata wɔn no, wɔtumi hunu, ɛnyɛ tete nsɛm a wɔatwerɛ ato hɔ no mu, na mmom nsɛm a wɔahwehwɛ mu a ɛbɛn wɔn no.

20 Daakye yɛbɛhwɛ yie na yɛabu yɛn ahennie no dwoodwoo ne asomdwoeɛ mu de ama nnipa nyinaa,

21 sɛ yɛbɛsesa yɛn akwan na deɛ daa wɔde ba yɛn anim no, yɛde atɛntenenee abua.

22 Ɛfiri sɛ Hamedata ba Haman a ɔfiri Makedonia (a nokorɛ mu no ɔyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Persia mogya mu na ɔnni yɛn ayamyie su no bi), na wabɛyɛ yɛn hɔhoɔ yi,

23 wanya adɔeɛ mu a yɛde ma aman nyinaa no bi a wɔfrɛ no yɛn agya na nnipa nyinaa kɔ so ara bɔ wɔn mu ase ma no sɛ adehyeɛ adwa no abadiakyire.

24 Nanso, ɔntumi nhyɛ n’ahantan soɔ no nti, wayɛ ne sɛ ɔbɛgye yɛn ahennie ne yɛn nkwa afiri yɛn nsam,

25 ɔde nkontompo ne nnaadaa bisaa sɛ wɔnku Modekai, yɛn gyefoɔ ne yɛn domfoɔ wɔ ɛberɛ biara no, ne Ester yɛn ahemman no mu fafafoɔ a mfomsoɔ nni ne ho no, a wɔn man mufoɔ nyinaa ka ho bi.

26 Ɔdwene sɛ ɔnam saa akwan yi so bɛkye yɛn a yɛn ani nna yɛn ho so na wadane Persiafoɔ ahennie no de ama Makedoniafoɔ no.

27 “Nanso yɛhu sɛ Yudafoɔ a onipa a wɔadome no mprɛnsa yi ahyɛ sɛ wɔpepa wɔn mfiri hɔ no, wɔnyɛ nnipa bɔnefoɔ, na mmom mmara a ɛtene paa no na wɔde bu wɔn man

28 na wɔyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no, ɔsorosoroni no, deɛ ɔwɔ tumi paa no, ne mma. Ɔno ne deɛ wakyerɛkyerɛ ahennie no ho akwan ama yɛn ne yɛn nananom, wɔ nhyehyɛɛ a ɛkyɛn soɔ pa ara.

29 “Enti, mobɛbɔ mmɔden sɛ monkunkum sɛdeɛ krataa a Hamedata ba Haman twerɛ brɛɛ mo no ka no,

30 ɛfiri sɛ, onipa a ɔyɛɛ saa nnoɔma no no, wɔasɛne no wɔ Susa ɛponkɛseɛ ho, ɔno ne ne fiefoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ Onyankopɔn a ɔdi nnoɔma nyinaa soɔ no, ayɛ no ntɛmntɛm de asotwe a ɛfata no no ama no.

31 “Enti ma wɔmfa krataa yi nsɛsoɔ nkɔ ɔman mu baabiara, na ma Yudafoɔ kwan ma wɔmfa wɔn mmara ntena ase.

32 Na ma wɔn banbɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛda a ɛtɔ so dummiɛnsa wɔ bosome dummienu Adar mu no, ɛda no ara, wɔbɛtumi atwitwa agye wɔn ho, wɔ wɔn a wɔbɛsɔre atia wɔn wɔ ɔhyɛ berɛ no mu.

33 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔdi nnoɔma nyinaa so hene no, ayɛ ɛda yi sɛ ɛnyɛ anigyeɛ da mma nnipa a wayi wɔn no, sene sɛ ɛbɛyɛ ɔsɛeɛ da ama wɔn.

34 “Enti mode ahosɛpɛ nyinaa bɛdi yei sɛ ɛda a ɛda nso wɔ afahyɛ nna a wɔdie no nyinaa mu,

35 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnnɛ ne nna a ɛrebɛba no, ɛbɛgyina hɔ ama ɔgyeɛ ama mone Persiafoɔ nokwafoɔ, na mmom sɛ ɛnyɛ ɔsɛe ho nkaeɛ mma wɔn a wɔpam yɛn tiri soɔ no.

36 “Kuro ne ɔman biara, wɔnyi bi mfiri mu, wɔn a wɔanyɛ saa no, abufuhyeɛ mu na wɔde pea ne ogya bɛsɛe wɔn. Ɛnyɛ yɛ na wɔbɛyɛ ama nnipa ntumi mfa so, na mmom ɛbɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ ama wiram mmoa ne nnomaa ɛberɛ nyinaa mu.”

37 Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa soɔ no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafoɔ no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wɔntɔ wɔn atamfoɔ so were.

38 Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

39 Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibiri ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

40 Yudafoɔ no nyaa nkwa ne anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne anidie.

41 Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *