Yudafoɔ awerɛhoɔ ne mmuadadie
1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.
2 Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛseɛ anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ɔfira ayitoma de hyɛne ɔhene ponkɛseɛ no mu.
3 Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.
4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.
5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.
6 Na Hatak firii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kuro no mpraeɛ a ɛda ɔhene ponkɛseɛ anim no so.
7 Na Mordekai kaa no deɛ ato no no nyinaa ne dwetɛ dodoɔ a Haman aka sɛ Yudafoɔ no nti ɔbɛkari agu ɔhene akoradeɛ mu sɛ wɔnsɛe wɔn no.
8 Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.
Wɔsrɛ Ester hɔ mmoa
9 Na Hatak ba bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.
10 Ɛnna Ester ka kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ,
11 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.
12 Na wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai.
13 Na Mordekai kaa sɛ wɔnkɔbua Ester sɛ: Nsusu sɛ wobɛfiri mu afi wɔ ahemfie, Yudafoɔ nyinaa mu;
14 na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?
15 Ɛnna Ester kaa sɛ wɔnkɔbua Mordekai sɛ:
16 Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa anadwo ne awia. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ meyera a, mayera.
17 Na Mordekai sane kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Ester hyɛɛ no no nyinaa.
Mordekai mpaebɔ
18 Afei ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ, na ɔkaakae Awurade nnwuma nyinaa.
19 Ɔkaa sɛ: O Awurade, Awurade, wo na wodi nnoɔma nyinaa so Hene,
ɛfiri sɛ wiase nyinaa hyɛ wo tumi no ase,
obiara nni hɔ a ɔbɛtumi asɔre atia wo,
ɛberɛ a ɛyɛ wo pɛ sɛ wogye Israel,
20-21 ɛsiane sɛ wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase
ne anwanwadeɛ a ɛwɔ wi yi ase nyinaa.
Wone nnipa nyinaa Awurade,
na obiara nni hɔ a ɔtumi sianka wo.
22-23 O Awurade, wo na wonim ade nyinaa,
sɛ ɛnyɛ aniɛden anaasɛ ahantan
anaasɛ animuonyampɛ nti na meyɛɛ yei,
sɛ mankoto saa ɔhantanni Haman yi;
ɛsiane sɛ, na anka mɛpɛ sɛ
mɛfe ne nan ase de agye Israel!
24 Nanso meyɛɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ
na memmma nnipa animuonyam nsene Onyankopɔn animuonyam,
na merenkoto obiara ka wo a woyɛ m’Awurade no ho,
na menyɛ yei wɔ ahantan mu.
25 Afei deɛ, O Awurade Nyankopɔn ne Ɔhene,
Abraham Nyankopɔn, gye wo nkurɔfoɔ;
ɛfiri sɛ yɛn atamfoɔ de wɔn ani asi yɛn so,
sɛ wɔbɛtɔre yɛn ase,
na wɔpɛ sɛ agyapadeɛ a ayɛ wo deɛ firi mfitiaseɛ no.
26 Nyi w’ani nhunta wo kyɛfa a wogye firii Misraim de maa wo ho no.
27 Tie me mpaebɔ, na hu w’agyapadeɛ mmɔbɔ;
na dane yɛn su yɛ no apontoɔ,
na yɛatena ase na yɛato dwom ayi wo din no ayɛ,
O Awurade; nsɛe wɔn a wɔyi wo ayɛ no ano.
28 Na Israel sui kɛse, ɛfiri sɛ wɔn wuo gyinagyina wɔn ani so.
Ester mpaebɔ
29-32 Ɛnna Ɔhemmaa Ester a suro kɛseɛ ahyɛ no ma no dwane kɔɔ Awurade nkyɛn. Ɔyii n’atadeɛ fɛfɛ no na ɔfiraa amanehunu ne ayiyɛ ntoma, na sɛ anka ɔde aduhwam aboɔden bɛyɛ ne ho no, mmom ɔde nso ne agyanan sraa ne tirim, na ɔbrɛɛ ne nipadua ase koraa; nipadua no baabiara a na ɔdɔ no, ɔde ne nwi a ayɛ tantantan no kataa hɔ. Na ɔbɔɔ Awurade, Israel Nyankopɔn no mpaeɛ, na ɔkaa sɛ:
33 O m’Awurade, wo nko ara ne yɛn hene;
boa me a aka me nko ara, na menni ɔboafoɔ biara ka wo ho,
ɛfiri sɛ m’amanehunu wɔ me nsam.
34-35 Ɛfiri berɛ a wɔwoo me,
mate afiri ɔman a m’abusua firi mu no sɛ,
wo, O Awurade, woyii Israel firii amanaman mu,
ne yɛn nananom firii wɔn akanefoɔ no nyinaa mu,
sɛ daa agyapadeɛ,
na woyɛɛ nnoɔma a wohyɛɛ wɔn ho bɔ no nyinaa.
36-37 Na afei, yɛayɛ w’anim bɔne,
na wadane yɛn ama yɛn atamfoɔ,
ɛfiri sɛ yɛhyɛɛ wɔn anyame no animuonyam.
O Awurade, wone ɔteneneeni!
38 Na afei wɔn bo nnwoee sɛ yɛwɔ nkoasom yaya mu,
na mmom wɔn ne wɔn abosom apam sɛ
wɔde resɛe deɛ wode w’ano aka no,
na wɔasɛe w’agyapadeɛ,
na wɔaka wɔn a wɔyi wo ayɛ no ano atom,
na wɔadum w’afɔrebukyia ne animuonyam a ɛwɔ wo fie no.
39 Wɔbɛbue amanaman ano ama wɔayi abosom huhuo ayɛ,
na ɔhene a ɔwuo no daa nyinaa.
40 “O Awurade, mfa w’ahempoma mma deɛ ɛnni hɔ no;
na ɛmma wɔnnsere wɔ yɛn ahweaseɛ ho;
na mmom dane wɔn nhyehyɛɛ tia wɔn,
na fa deɛ ɔfirii yei aseɛ tiaa yɛn no yɛ nhwɛsoɔ adeɛ.
41 O Awurade, kae;
ma wɔnte wo nka wɔ yɛn ahohia berɛ yi mu,
na ma me akokoɔduro,
O anyame nyinaa mu Hene ne atumfoɔ nyinaa mu Wura!
42 Te m’ano na mentumi nkasa wɔ gyata no anim,
na dane n’akoma ma ɔmfa ntane onipa a ɔne yɛn reko no,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔne wɔn a
wɔn ne no yɛ adwene no nyinaa bɛba awieeɛ.
43 Nanso fa wo nsa gye yɛn,
na boa me a mayɛ ankonam,
na menni ɔboafoɔ biara ka wo ho, O Awurade.
44 Wonim nnoɔma nyinaa,
na wonim sɛ metane ɔbɔnefoɔ ahoɔfɛ
na mekyiri momonotoni ne ɔnanani mpa.
Wonim m’ahiadeɛ,
sɛ mekyiri m’ahantan gyinabea nsɛnkyerɛnneɛ,
a ɛne deɛ ɛso me nna a mɛpue abɔntene soɔ no.
Mekyiri no sɛ ntomago fi,
na ɛda a menyɛ hwee no, menhyɛ.
45 Na w’akoa nnidii wɔ Haman pono so da,
na menkɔdidii wɔ ɔhene apontoɔ ase anaasɛ,
menkɔnomm nsa a wɔde ayi apaeɛ no bi da.
46 Wo nkoa nyaa anigyeɛ firi ɛda a wɔde me baa ha de bɛsi seesei,
gye wo nko ara, O Awurade, Abraham Nyankopɔn.
47 O Onyankopɔn, wo a wo tumi boro obiara so,
tie amanehunufoɔ nne,
na gye yɛn firi amumuyɛfoɔ nsam.
Na gye me firi deɛ mesuro mu!