Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 1

1 Yudahene Yehoiakim afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babelhene Nebukadnessar baa Yerusalem, na ɔbɛto hyɛɛ wɔn so.

2 Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafoɔ hene Aspenas, sɛ ɔmfa Israel mu, ahemfo asefoɔ ne mmapɔmma no mu,

4 mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa.

5 Na ɔhene yii wɔn ahennuane no bi, da biara ne ne deɛ, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔntete wɔn mfeɛ mmiɛnsa; na ɛno akyi wɔmmɛsom ɔhene.

6 Na wɔn mu bi a wɔfiri Yudafoɔ mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;

7 na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.

8 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa asomfoɔ panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.

10 Na asomfoɔ panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Mesuro, ɛfiri sɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduane ne mo anonneɛ no bɛhunu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sene mo atipɛnfoɔ mmerantewaa no deɛ, na moama me tiri ato, ɔhene anim.

11 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a asomfoɔ panin no de no asi Daniel, Hanania, Misael ne Asaria soɔ no sɛ:

12 Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afuomduane nni ne nsuo nnom,

13 na wode w’ani ahwɛ yɛn ne mmerantewaa a wɔdi ahennuane no anim, na sɛdeɛ wobɛhunu no, wo ne wo nkoa adi.

14 Ɛnna ɔpenee deɛ wɔkaeɛ no soɔ, na ɔsɔɔ wɔn hwɛɛ dadu.

15 Na dadu no wiee duro no, wɔhunuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sene mmerantewaa a wɔdi ahennuane no nyinaa.

16 Ɛnna ɔsomfoɔ no yii wɔn aduane pa ne nsa a wɔbɛnom no, na ɔmaa wɔn afuomduane.

17 Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.

18 Na berɛ a ɔhene kaa sɛ wɔmfa wɔn mmra no duruiɛ no, asomfoɔ panin no de wɔn baa Nebukadnessar anim.

19 Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhunu wɔn nyinaa mu deɛ ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wɔde wɔn kaa ɔhene apamfoɔ no ho.

20 Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu.

21 Na Daniel tenaa hɔ kɔduruu Ɔhene Kores afe a ɛdi kan so.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 2

Nebukadnessar daeɛso: Ohoni Mfrafraeɛ no

1 Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe.

2 Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.

3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Maso daeɛ bi, na me honhom ho yera me sɛ mɛkae daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ.

4 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene wɔ Aramaik kasa mu sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Ka wo daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

5 Ɔhene bua see Kaldeafoɔ no sɛ: Deɛ maka no ara na maka: Sɛ moankyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔadane mo afie sumina.

6 Na sɛ mokyerɛ me daeɛ no ne n’ase a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ, ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ. Enti monkyerɛ me daeɛ no ne n’ase.

7 Wɔbuaa bio sɛ: Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ aseɛ.

8 Ɔhene buaa sɛ: Menim ampa sɛ moresɛe me berɛ, ɛsiane sɛ monim sɛ mekasa a mennane akyire.

9 Sɛ moankyerɛ me daeɛ no a, adeɛ rebɛyɛ mo, ɛfiri sɛ moadwene atorosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim de akɔsi sɛ mɛsesa m’adwene; enti monka daeɛ no nkyerɛ me, na menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ me aseɛ.

10 Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.

11 Na asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den dodo, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ no ɔhene anim, gye anyame a wɔn tenabea nni honam mufoɔ nkyɛn.

12 Yei nti ɔhene bo fui, na n’ani beree kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnkum Babel anyansafoɔ nyinaa.

13 Enti mmara no baa sɛ wɔnkum anyansafoɔ no; na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfoɔ no sɛ wɔrebɛku wɔn.

14 Ɛnna Daniel de kasa pa ne nyansa ne ɔhene safohene Ariok a ɔfirii sɛ ɔrekɔkum Babel anyansafoɔ no kasae;

15 sɛ: Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ɛyɛ den seyie? Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel.

16 Na Daniel kɔ kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no berɛ na wakyerɛ no daeɛ no ase.

17 Ɛnna Daniel firi kɔɔ ne fie, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Hanania, Misael ne Asaria,

18 sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu, ahuntasɛm no ho, na wɔankum Daniel ne ne mfɛfoɔ anka Babel anyansafoɔ a aka no ho.

19 Ɛnna wɔyii ahuntasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehunu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;

20 Daniel kaa sɛ:

Nhyira nka Nyankopɔn din daa daa,

sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;

21 ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna;

ɔtu ahene, na ɔsi ahene,

ɔma anyansafoɔ nyansa,

na ɔma wɔn a wɔnni nhunumu nimdeɛ;

22 ɔyi deɛ emu dɔ ne deɛ ahunta adi,

ɔnim deɛ ɛwɔ esum mu,

na hann ne no na ɛteɛ.

23 Wo, m’agyanom Nyankopɔn,

na meda wo ase meyi wo ayɛ,

sɛ woama me nyansa ne tumi,

na afei woayi deɛ yɛsrɛɛ woɔ akyerɛ me,

sɛ woama yɛahunu ɔhene daeɛ no.

Daniel kyerɛ daeɛ no ase

24 Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ ɔnkum Babel anyansafoɔ no nkyɛn; ɔkɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: Babel anyansafoɔ no, nkum wɔn! Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ no aseɛ.

25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mahunu Yuda atukɔfoɔ no mu barima bi a ɔbɛkyerɛ ɔhene daeɛ no aseɛ.

26 Ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: Wobɛtumi akyerɛ me daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ?

27 Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahuntasɛm a ɔhene rebisa no, anyansafoɔ, pɛadeahunufoɔ, nkonyaayifoɔ nyankonnekyerɛfoɔ rentumi nkyerɛ ɔhene;

28 nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahuntasɛm adie, na wakyerɛ Ɔhene Nebukadnessar deɛ ɛrebɛba daakye. Wo daeɛ ne w’anisoadeɛ a woda wo mpa soɔ no wohunuiɛ no nie:

29 Ɔhene, wodwenee nnoɔma pii ho wɔ wo mpa so, deɛ yei akyi ɛbɛba no ho, na deɛ ɔyi ahuntasɛm adie no ama woahunu deɛ ɛrebɛba no.

30 Na me deɛ, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sene ateasefoɔ nyinaa nti na wɔayi ahuntasɛm yi akyerɛ me, na deɛ ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ ɔhene nkyerɛaseɛ no, na woahunu w’akoma mu nsusuiɛ no nti.

31 Wo, ɔhene, wohwɛe, na hwɛ, na ohoni kɛseɛ bi nie: Ohoni no so, na ɛhran hyɛnn; ɛgyinaa w’anim na ɛho yɛ hu.

32 Ohoni no nie: Ne tiri yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asene yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

33 N’asrɛ yɛ dadeɛ, ne nan mu bi yɛ dadeɛ, na emu bi yɛ dɔteɛ.

34 Wohwɛ ara kɔsii sɛ ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛbɔɔ ohoni no nan a ɛyɛ dadeɛ ne dɔteɛ no, na ɛbubuu no muhumuhu;

35 ɛnna dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dwetɛ ne sika no bubuu muhumuhu prɛko pɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuberɛ mu ayuporebea so ntɛtɛ, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu wɔn baabiara bio. Na ɔboɔ a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.

36 Daeɛ no nie, na yɛbɛka ne nkyerɛaseɛ nso akyerɛ ɔhene.

37 Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahennie, tumi, ahoɔden ne animuonyam ama woɔ,

38 na baabiara a nnipa mma, wiram mmoa ne ewiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.

39 Na w’akyi na ahennie foforɔ bɛsɔre a ɛnnuru wo deɛ no ne ahennie a ɛtɔ so mmiɛnsa foforɔ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ.

40 Na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛyɛ den sɛ dadeɛ; na sɛdeɛ dadeɛ bubu na ɛyam adeɛ a ɛbɔ so nyinaa no, saa ara na ahennie a ɛtɔ so nnan no bɛbobɔ ahennie a ɛdi kan no nyinaa.

41 Na sɛdeɛ wohunuu nan ne nansoaa a emu bi yɛ ɔnwomfoɔ dɔteɛna emu bi yɛ dadeɛ no, ɛbɛyɛ ahennie a emu apaepaeɛ, nso dadeɛ denyɛ no bɛtena mu, sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ afrafra dadeɛ no mu no.

42 Na nansoaa a emu bi yɛ dadeɛ na ebi yɛ ɛfa no, ahennie no fa bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛ;

43 na sɛdeɛ wohunuu dɔteɛ sɛ afrafra dadeɛ no, nnipa no bɛdi afra, wɔn asefoɔ mu, na wɔremfemfam wɔn ho, sɛdeɛ dadeɛ nnya dɔteɛ mu afraeɛ no.

44 Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.

45 Ɛno nti sɛdeɛ wohunuu sɛ ɔboɔ a nsa anka te firii bepɔ no ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere mfrafraeɛ, ɛfa, dwetɛ ne sika no muhumuhu no, saa ara na Onyankopɔn kɛseɛ no akyerɛ ɔhene deɛ daakye ɛbɛba; na daeɛ no wom na ne nkyerɛaseɛ yɛ nokorɛ.

Ɔhene bɔ Daniel aba so

46 Ɛno na Ɔhene Nebukadnessar de n’anim butuu fam, na ɔkotoo Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmmɔ no Daniel aduane afɔdeɛ ne ohwam afɔdeɛ.

47 Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.

48 Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛseɛ, na ɔmaa no ayɛyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafoɔ nyinaa so mpanimfoɔ mu titire.

49 Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 3

Nebukadnessar sika honi

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.

2 Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi.

3 Ɛnna amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, asennifoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi, na wɔbɛgyinaa ohoni a Nebukadnessar de sii hɔ no anim.

4 Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:

5 Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

6 Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.

7 Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Mmarima baasa wɔ ogya fononoo mu

8 Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;

9 kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!

10 Wo na woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,

11 na deɛ wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu:

12 Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

13 Ɛnna Nebukadnessar de abufuo ne anibereɛ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mmra. Na wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

14 Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, moboapa na monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no?

15 Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?

16 Sadrak, Mesak ne Abed-Nego buaa Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɛnhia yɛn sɛ yɛbɛbua wo yei ho asɛm biara.

17 Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi ayi yɛn afiri ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene, nsam.

18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.

19 Ɛno na abufuhyeɛ hyɛɛ Nebukadnessar ma, na n’anim tebea sakyera tiaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mprɛnson nkyɛne deɛ daa ɛyɛ no.

20 Na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ, sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mfa wɔn nkɔgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu.

21 Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, togase, wɔn ntadeɛ ne wɔn mmotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu ogya a ɛrefranam no mu.

22 Na ɛsiane sɛ ɔhene asɛm no mu yɛ den, na fononoo no adɔ hyehyeehye aboro soɔ no nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego kɔforoeɛ no, ogyaframa no kumm wɔn.

23 Na mmarima baasa yi, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego a wɔakyekyere wɔn no hwehwee ogya a ɛrefranam fononoo no mu.

Asaria dwom wɔ fononoo mu

24 Wɔnantefefaa gyaframa no mu a wɔreto dwom ma Onyankopɔn na wɔrehyira Awurade.

25 Afei Asaria gyinaa ogya no mu dinn na ɔde ɛnne a ɛgyegyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ:

26 Nhyira ne wo, O Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wofata ayeyie;

na animuonyam nka wo din daa!

27 Ɛfiri sɛ wotene wɔ deɛ woayɛ nyinaa mu;

wo nnwuma nyinaa yɛ nokorɛ na w’akwan tene,

na w’atemmuo nyinaa yɛ torodoo.

28 Woabu atɛn pa wɔ deɛ wode aba yɛn

ne yɛn agyanom kuro kronkron Yerusalem soɔ no ho;

wonam nokorɛ atemmuo so de yeinom nyinaa aba yɛn so ɛsiane yɛn bɔne nti.

29 Ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne na yɛabu wo mmara so sɛ yɛadane afiri wo nkyɛn;

yɛayɛ bɔne kɛseɛ wɔ biribiara mu.

30 Yɛanni wo mmara so,

yɛankura mu ɛnna nso yɛanyɛ deɛ woahyɛ yɛn wɔ yɛn ara ankasa yie ho.

31 Saa nti, deɛ wode baa yɛn soɔ nyinaa,

ne deɛ woayɛ yɛn nyinaa no,

ɛyɛ nokorɛ atemmuo na woabuo.

32 Woadane yɛn ama yɛn atamfoɔ, mmaratofoɔ atuatefoɔ a wɔtane wɔn,

ne ɔhene sisifoɔ, deɛ ne tirim yɛ den pa ara wɔ wiase mu nyinaa.

33 Seesei deɛ yɛntumi mmue yɛn ano;

yɛn, wo nkoa a yɛsom wo no adane aniwuo ne ahohora.

34 Wo din no nti, nnyae yɛn mma daa,

na ntwa w’apam mu.

35 Nyi wo mmɔborɔhunu mfiri yɛn so,

ɛsiane wo dɔfo Abraham nti,

ne w’akoa Isak

ne wo kronkronni Israel nti,

36 wɔn a wohyɛɛ wɔn bɔ

sɛ wobɛma wɔn asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma

ne mpoano anwea no.

37 O Awurade, afei, yɛabɛyɛ ketewa asene aman afoforɔ,

na ɛnnɛ da yi wɔabrɛ yɛn ase wɔ wiase mu ɛsiane yɛn bɔne nti.

38 Yɛnni sodifoɔ, anaasɛ odiyifoɔ, anaasɛ ɔkannifoɔ biara wɔ yɛn berɛ mu,

yɛnni ɔhyeɛ afɔrebɔ biara, anaasɛ afɔrebɔ, anaasɛ akyɛdeɛ, anaasɛ aduhwam,

yɛnni beaeɛ biara a yɛbɛbɔ afɔdeɛ de anya w’anim adom.

39 Nanso ahonu akoma ne ahobrɛaseɛ honhom na wɔde bɛgye yɛn,

40 te sɛ deɛ ɛka nnwennini ne anantwinini afɔdeɛ ho,

anaasɛ ɛka nnwammaa sradeɛ mpem du du ho;

saa ara na yɛn afɔdeɛ bɛyɛ wɔ w’ani so nnɛ,

na yɛmmfa yɛn akoma nyinaa nni w’akyi,

ɛfiri sɛ animguaseɛ rento wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ wo mu no.

41 Na seesei yɛde yɛn akoma nyinaa bɛdi w’akyi;

yɛbɛsuro wo na yɛbɛhwehwɛ w’anim.

42 Mma yɛn ani nwu,

na mmom ɛnne yɛn nni no wo boasetɔ

ne wo mmɔborɔhunu so.

43 Gye yɛn sɛdeɛ w’anwanwa nnwuma teɛ,

na fa animuonyam ma wo din, O Awurade.

44 Ma wɔn a wɔyɛ wo nkoa bɔne no nyinaa ani nwu;

ma wɔn anim ngu ase na gye tumi nyinaa firi wɔn nsam,

na bubu wɔn ahoɔden mu.

45 Ma wɔn nhunu sɛ wo nko ara ne Awurade Nyankopɔn,

a w’animuonyam wɔ wiase nyinaa.

46 Afei ɔhene nkoa a wɔtoo wɔn guu mu no kɔɔ so ara de nafta ngo, ɛhyɛ, mmabaa, ne mmabowa guu fononoo no mu.

47 Na ogyaframa no dɛre traa fononoo no so basafa aduonu nnan ne fa,

48 ɛtrɛe na ɛhyee Kaldeafoɔ a na wɔbɛn fononoo no.

49 Nanso Awurade bɔfoɔ siane baa fononoo no mu bɛkaa Asaria ne n’ayɔnkofoɔ no ho, na ɔpamoo ogya a ɛredɛre no firii fononoo no mu,

50 na ɔmaa fononoo no mu yɛɛ sɛdeɛ mframa nwununwunu rebɔ fa hɔ. Ogya no anka wɔn koraa na amma wɔn baabiara anyɛ wɔn ya anaasɛ anha wɔn.

Mmeranteɛ baasa no dwom

51 Ɛnna afei nnipa mmiɛnsa no boom yii Onyankopɔn ayɛ, hyɛɛ no animuonyam hyiraa no sɛ:

52 O Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, nhyira nka wo,

yɛbɛyi wo ayɛ kɛseɛ na yɛama wo so daa;

yɛbɛhyira w’animuonyam din no,

yɛbɛyi wo ayɛ kɛse na yɛama wo so daa.

53 Nhyira nka wo wɔ w’asɔrefie a w’animuonyam kronkron no wɔ,

yɛbɛkamfo wo na yɛahyɛ wo animuonyam kɛse daa.

54 Nhyira nka wo wɔ w’ahennie adwa so,

yɛbɛkamfo wo na yɛama wo so daa.

55 Nhyira ne wo a wohwɛ ebunu mu firi w’ahennwa a ɛsi kerubim soɔ no,

yɛbɛyi wo ayɛ na yɛama wo so kɛse daa.

56 Nhyira nka wo wɔ ɔsoro ntrɛmu hɔ,

yɛbɛto dwom na yɛahyɛ wo animuonyam daa.

57 Monhyira Awurade, mo Awurade nnwuma nyinaa;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so kɛse daa.

58 Mo ɔsorofoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

59 Mo Awurade abɔfoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

60 Mo asuo a mowɔ ɔsoro;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

61 Mo Awurade atumfoɔ nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

62 Owia ne ɔsrane, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

63 Ɔsoro nsoromma, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no, na momma no so daa.

64 Nsuo a ɛtɔ ne bosuo nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

65 Mframa nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

66 Ogya ne ɔhyeɛ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

67 Awɔ berɛ mu awɔ ne ahuhuro berɛ mu ahuhuro, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

68 Bosuo ne sukyerɛmma a ɛretɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

69 Nsukyeneeɛ ne awɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

70 Nsukyeneeɛ ne nsukyerɛmma, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

71 Adesaeɛ ne adekyeeɛ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

72 Hann ne esum, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

73 Anyinam ne mununkum, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

74 Ma asase nhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

75 Mmepɔ ne nkokoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

76 Deɛ ɛnyini wɔ fam nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

77 Mo nsuwa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

78 Ɛpo ahodoɔ ne nsubɔntene, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

79 Mo bonsu ne deɛ ɛnante nsuo mu nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

80 Nnomaa a ɛwɔ wiem nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

81 Wiram mmoadoma ne anantwie nyinaa;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

82 Nnipa a mowɔ asase so nyinaa, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

83 O Israel, hyira Awurade;

to ayeyie dwom ma no na ma no so daa.

84 Mo Awurade asɔfoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

85 Mo Awurade asomfoɔ, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

86 Ateneneefoɔ ahonhom ne akra, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

87 Mo a moyɛ kronkron na mobrɛ mo ho aseɛ akoma mu, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

88 Hanania, Asaria ne Misael, monhyira Awurade;

monto ayeyie dwom ma no na momma no so daa.

Ɛfiri sɛ wagye yɛn afiri Asamando na wagye yɛn afiri owuo tumimu,

na wagye yɛn afiri ogya fononoo hyehyeɛ no mu;

ogya mfinimfini na wagye yɛn afiri.

89 Monna Awurade ase, na ɔyɛ

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

90 Mo a mosɔre Awurade nyinaa, monhyira anyame mu Nyame no,

monto ayeyie dwom ma no na monna no ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Ɔhene gye nsɛnkyerɛnneɛ no to mu

91 Ɛnna Ɔhene Nebukadnessar ho dwirii no, na ɔsɔre ntɛmntɛm, na ɔbisaa n’agyinatufoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn guu ogya no mu? Wɔbuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene.

92 Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi.

93 Ɛnna Nebukadnessar bɛn ogya a ɛrefranam fononoo no mu no ano na ɔkaa sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, momfiri adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abed-Nego firii adi firii ogya no mu.

94 Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho.

95 Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.

96 Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.

97 Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.

Nebukadnessar paemuka

98 Ɔhene Nebukadnessar de yei kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔte asase nyinaa soɔ: Ɛnsi mo yie mmoroso!

99 Nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ.

100 Sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ si soso fa!

na n’anwanwadeɛ sɛdeɛ ɛsi yɛ den fa!

N’ahennie yɛ daa ahennie,

na ne tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 4

Nebukadnessar daeɛso a ɛtɔ so mmienu

1 Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu;

2 na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.

3 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafoɔ mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.

4 Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.

5 Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no:

6 Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.

7 Na m’anisoadeɛ a mehunuu no me mpa soɔ no nie:

Mehunuu dua bi sɛ ɛsi asase mfimfini,

a ɛware tenteenten.

8 Dua no nyini yɛɛ kɛseɛ na ɛyɛɛ den,

na ne tentene kɔduruu soro,

na wɔhunu no asase so baabiara;

9 ɛso ahahan yɛ fɛ,

na ɛso aba dɔɔso,

na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa,

wiram mmoa tete ne nwunu ase,

na ewiem nnomaa sisi ne mman so,

na abɔdeɛ nyinaa didi ho.

10 Mehunuu wɔ m’anisoadeɛ wɔ me mpa soɔ no mu sɛ, ɔwɛmfoɔ kronkron bi firi soro durui.

11 Ɔteaa mu denden na ɔkaa sɛ:

Mommu dua no ntwitwa ne mman.

Mompore n’ahahan mpansam n’aba;

mmoa nnwane mfiri aseɛ,

na nnomaa mfiri ne mman so.

12 Nanso monnya ne dunsini asase mu,

dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu,

petee so wira mu,

na ɔsoro bosuo mfɔ no,

na ɔne mmoa

nni asase so ahahan.

13 N’adwene nsakyera na anyɛ onipa deɛ bio,

na wɔmma no aboa adwene

na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

14 Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam,

na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie,

deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ:

Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi,

na ɔde ma obiara a ɔpɛ,

na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.

15 Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnessar, mehunuiɛ. Na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛaseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ nyinaa ntumi nkyerɛ me aseɛ, na wo deɛ, ɛsiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wobɛtumi.

Daniel kyerɛ daeɛ no ase

16 Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfoɔ ho.

17 Dua a wohunuiɛ a ɛso na ɛyɛ den a ne tentene kɔpem soro na wɔhu no asase nyinaa soɔ,

18 na n’ahahan yɛ fɛ na ɛso aba dɔɔso na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, na wiram mmoa tete aseɛ na ewiem nnomaa sisi ne mman soɔ no,

19 ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.

20 Na sɛ ɔhene hunuu ɔwɛmfoɔ kronkron bi sɛ ɔfiri ɔsoro duru bɛkaa sɛ: Mommu dua no nsɛe no, nanso monnya ne dunsini asase mu, dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ mu, petee so wira mu, na ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɔne wiram mmoa nnidi nkɔsi sɛ mfeɛ nson bɛtwa ne tiri soɔ:

21 Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie, na ɔsorosoroni asotwe a ɛbɛba me wura ɔhene soɔ nie:

22 Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.

23 Na sɛdeɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini no, sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, w’ahennie bɛgyina ama wo.

24 Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.

Daeɛso no ba mu

25 Yeinom nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so.

26 Abosome dummienu wiee duro no, da bi na ɔnenam Babel ahennie aban so;

27 ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?

28 Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.

29 Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.

30 Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnessar ho, na wɔpamm no firii nnipa mu, na ɔwee ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, de kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne bɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.

Nebukadnessar tontom AWURADE

31 Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me,

na mehyiraa Ɔsorosoroni no,

na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ,

sɛ ne tumi yɛ daa tumi

na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;

32 na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee,

na ɔde ɔsoro asafo

ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ,

na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene

na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

33 Ɛberɛ no mu ara na m’adwene sane baa me mu, na deɛ ɛbɛyɛ na m’ahennie agye din bio nti, m’animuonyam ne me haran sane baa me so, na m’agyinatufoɔ ne m’aberempɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na wɔde tumi a ɛsene kane deɛ no maa me.

34 Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ,

sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ,

na n’akwan yɛ atɛntenenee,

na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no,

ɔtumi brɛ wɔn ase.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 5

Belsasar apontoɔ

1 Ɔhene Belsasar too n’aberempɔn a wɔyɛ nnipa apem ɛpono kɛseɛ, na wɔnomm nsa, wɔn anim.

2 Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu.

3 Ɛnna wɔde sika ne dwetɛ nnwinneɛ a wɔkɔfa firii Nyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu.

4 Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.

5 Dɔn no mu ara na onipa nsateaa firi ba bɛtwerɛɛ ahennan no fasuo akaadoo soɔ, kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛtwerɛeɛ no ano.

6 Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.

7 Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi.

8 Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ.

9 Ɛnna Ɔhene Belsasar ho yeraa no kɛse, na n’anim danee, na n’aberempɔn no tirim yɛɛ wɔn keserenee.

10 Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti ɔhemmaa baa apontoɔ dan no mu. Ɔhemmaa no kaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnha wo na w’anim nnnane.

11 Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin.

12 W’agya hunuu wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu honhom a ɛkyɛne soɔ ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ daeɛ aseɛ kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ sane apɔ mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ aseɛ,

13 ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no?

14 Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahunu wo mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛne soɔ.

15 Na afei wɔde anyansafoɔ ne pɛadeahunufoɔ aba m’anim, sɛ wɔmmɛkenkan atwerɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ; nso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.

16 Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase na wosane apɔ; na sɛ wotumi kenkan atwerɛ no kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ de sika atweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.

17 Ɛno na Daniel bua see ɔhene sɛ: Ma w’ayɛyɛdeɛ ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛdeɛ ma obi foforɔ, nanso mɛkenkan atwerɛ no makyerɛ ɔhene, na mama no ahunu ne nkyerɛaseɛ.

18 Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,

19 na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.

20 Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho;

21 na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.

22 Na wo, ne ba Belsasar, wonim yei nyinaa deɛ, nanso woammrɛ w’akoma ase;

23 na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.

24 Ɛno nti ɔno na ɔmaa nsa no firi bɛtwerɛɛ nkurukyireeɛ yi.

25 Na atwerɛ a wɔakurukyire no nie: MENE, MENE, TEKEL PARSIN.

26 Asɛm no nkyerɛaseɛ nie: MENE, Onyankopɔn akan w’ahennie, na wabɔ no;

27 TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahu wo sɛ wonnu;

28 PERES,wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.

29 Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.

30 Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 6

1 Na Mediani Dario faa ahennie no, na wadi mfeɛ aduosia mmienu.

Amradofoɔ no bo fu wɔ Daniel abasobɔ ho

2 Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahemfo ɔha aduonu bɛsisi n’ahennie no soɔ, sɛ wɔnni ahemman no nyinaa so

3 ne wɔn so aberempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu baako, sɛ amantam ahemfo no mmu akonta nkyerɛ wɔn, na ɔhene adeɛ ammɔ no.

4 Na Daniel yi kyɛnee aberempɔn ne amantam ahemfo no, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛne soɔ wɔ ne mu. Na ɔhene no yɛɛ sɛ ɔde no bɛsi ahemman no nyinaa so.

5 Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bie, ahennie no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, na wɔnhunu ne ho mfomsoɔ anaa bɔne biara.

6 Ɛnna mmarima no kaa sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yɛhunu bi ne Nyankopɔn mmara ho.

7 Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no kɔtoaa ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene Dario nnya nkwa daa!

8 Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.

9 Enti ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wɔnkurukyire atwerɛ a wɔrensakyera, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ no.

10 Yei nti Ɔhene Dario maa wɔkurukyiree atwerɛ ne ɛmom no.

Daniel kɔ so ara bɔ mpaeɛ

11 Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotoo ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.

12 Ɛnna mmarima yi bɛtoaa Daniel na wɔhunuu no sɛ ɔrebisa adeɛ koto srɛ Nyankopɔn anim.

13 Ɛnna wɔtwe pinii bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm ɔhene anim sɛ: Woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu? Ɔhene buaa sɛ: Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ.

14 Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Daniel a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛ adeɛ da koro mprɛnsa.

15 Ɛnna ɔhene tee asɛm no no, ɛyɛɛ no ya kɛse, na ɔsuaee ne tirim Daniel ho, sɛ ɔbɛgye no, na ɔbɔɔ mmɔden ara kɔsii owiatɔberɛ sɛ ɔbɛgye no.

16 Ɛnna mmarima no bɛtoaa ɔhene na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene, hunu sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ ɛmom ne ahyɛdeɛ biara a ɔhene ahyɛ no, wɔnnane ani.

Wɔde Daniel to gyata amena mu

17 Ɛnna ɔhene ka maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa daa no, ɔno na ɔnnye woɔ.

18 Na wɔde ɔboɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberempɔn mpɛtea sɔɔ ano, na wɔansakyera Daniel ho adeɛ biara.

19 Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na ɔdii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa n’anigyedeɛ amma n’anim, na n’ani soroe.

20 Ɛnna ɔhene sɔree ahemadakye a anim teteeɛ no, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano.

21 Na ɔbɛn amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaa mu frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no anomu anaa?

22 Ɛnna Daniel ne ɔhene no kasaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!

23 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama no abɛmuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, ɛsiane sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne biara.

24 Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Na wɔyii Daniel firii amena no mu baa soro, na wɔanhunu biribiara a ɛtii no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.

25 Na ɔhene ka maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.

Ɔhene no gyidie paemu ka

26 Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso.

27 Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a medi so tumi nyinaa mu wɔmfɛre na wɔnsuro Daniel Nyankopɔn anim,

na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte aseɛ

na ɔgyina hɔ daa,

na n’ahennie yɛ deɛ ɛnsɛe da,

na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi aseɛ.

28 Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ,

na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ,

ɔno na ɔyii Daniel

agyata nsam.

29 Na Daniel yi dii yie Dario ahennie ase ne Persiani Kores ahennie ase.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 7

Daniel daeɛso: Mmoa nnan no ho yikyerɛ

1 Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire.

2 Daniel firii aseɛ sɛ: Mehunuu m’ani so adeɛ anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa nnan tu bɔe wɔ ɛpo kɛseɛ no so.

3 Na mmoa akɛseɛ nnan pue firii ɛpo no mu, ɛsono oyi, na ɛsono oyi.

4 Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.

5 Na hwɛ, aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu te sɛ sisire na ɔgyinaa hɔ tɔ kɔɔ ɔfa baako so, na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anomu ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!

6 Yei akyi, mehwɛe ara, na hwɛ, aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ, na n’akyi ɔwɔ anomaa ntaban nnan, na aboa no wɔ tiri nnan, na wɔmaa no tumi.

7 Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.

8 Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ bi puee ɛnonom ntam, na akane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu ɛno anim, na hwɛ, na aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ wɔ abɛn no ho.

9 Mehwɛe ara kɔsii

sɛ wɔsisii ahennwa,

na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase,

n’atadeɛ hoa sɛ nwera,

na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita;

n’adwa yɛ ogyaframa ara nko,

ne ntwahonan ogya a ɛrefranam.

10 Ogya te sɛ asubɔnten sene

firi n’anim bae,

mpem mpem som no,

na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim,

wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn,

na wɔbuebuee nwoma no mu.

11 Mehwɛe ara kɔsii sɛ ɛsiane nsɛm akɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti, wɔkumm aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefranam no.

12 Na mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn berɛ ne dɔn a wɔn nkwa nna nkɔduro.

13 Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara,

na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba

nam ɔsoro mununkum mu reba,

na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn,

na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.

14 Na ɔno na wɔde tumi

ne animuonyam ne ahennie maa no

maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa

som no;

ne tumi yɛ daa tumi

a ɛrentwam da,

na n’ahennie yɛ

deɛ ɛrensɛe da.

Anisoadehunu no nkyerɛaseɛ

15 Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me.

16 Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ.

17 Mmoa akɛseɛ yi a wɔyɛ nnan yi yɛ ahemfo baanan a wɔbɛfiri asase soɔ asɔre agyina.

18 Na ɔsorosoroni no ahotefoɔ bɛfa ahennie no, na wɔanya ahennie no daa daa mmerɛ santen.

19 Ɛnna mepɛɛ sɛ mehunu nokorɛ a ɛfa aboa a ɔtɔ so nnan a ɛsono ɔno wɔn nyinaa mu a ne ho yɛ hu boro soɔ a ne se yɛ dadeɛ na ne bɔwerɛ yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔdidi keka mu de ne nan pɛkyɛ nkaeɛ no ho asɛm no ase,

20 ne ne tiri so mmɛn du ne foforɔ a ɛpueeɛ no a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ, na wɔhwɛ a, ɔso sene ne mfɛfoɔ no deɛ;

21 mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefoɔ dii ako, na ɛtumii wɔn,

22 kɔsii sɛ deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no baeɛ, na wɔbuu ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bem, na ɛberɛ a ɛsɛsɛ ahotefoɔ sɔ ahennie mu no durui.

23 Ɔkaa sɛ: Aboa a ɔtɔ so nnan no

bɛyɛ ahennie a ɛtɔ so nnan,

asase so a ɛbɛsono ɛno, ahennie nyinaa mu,

na ɛbɛmene asase nyinaa

atiatia so abubu no asinasini.

24 Na mmɛn du no,

ahennie no ara mu na ahemfo du bɛsɔreɛ,

na wɔn akyiri no, ɔfoforɔ bi bɛsɔre,

na ɛbɛsono ɔno ne akanefoɔ no,

na ɔbɛbrɛ ahemfo baasa ase.

25 Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no,

na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ,

na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara,

na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa,

mfeɛ mmiɛnsa ne fa.

26 Na wɔbɛtena ase abu atɛn,

na wɔagye ne nsam tumi

asɛe no ama no ayera akɔsi aseɛ;

27 na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman

so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ

bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man;

n’ahennie yɛ daa ahennie,

na tumi nyinaa bɛsom no na atie no.

28 Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 8

Anisoadehunu no

1 Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi.

2 Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ asuo Ulai ho.

3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu gyina asuo no ano, na mmɛn no woware, na baako ware sene baako, na deɛ ɛwareɛ no na ɛdii akyire firiiɛ.

4 Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a ɔbɛgye obi afiri ne nsam, na ɔyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na ɔdi akokurokosɛm.

5 Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi firi atɔeɛ bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wɔhwɛ a, ɛso, n’ani ntam.

6 Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu a mehunuu no sɛ ɔgyina asuo no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.

7 Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛyi odwennini no afiri ne nsam.

8 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔn soɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan.

9 Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no;

10 na ɛyɛɛ kɛse kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so;

11 na ɔmaa ne ho so kɔduruu asafo no safohene so, na ɔyii daa afɔdeɛ no firii n’anim, na wɔtoo ne kronkron tenabea hwee fam.

12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtoo nokorɛ twenee fam, na ɔyɛɛ adeɛ, na ɔdii yie.

13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie?

14 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akɔsi anwummerɛ ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yie.

Anisoadehunu no nkyerɛaseɛ

15 Na me, Daniel, mehunuu anisoadeɛ no na merepere sɛ mɛte aseɛ no, hwɛ, na obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima nsɛsoɔ,

16 na metee onipa nne, Ulai nsunoa a ɔfrɛɛ sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehunu no ase.

17 Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hunu aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho.

18 Na ɔne me rekasa no, medaa nnahɔɔ, na ɔsɔɔ me mu de megyinaa me nan so bio.

19 Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.

20 Odwennini a wohunuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no ne Media ne Persia ahemfo.

21 Na ɔpapo a ɔyɛ werɛmfoɔ no ne Hela hene. Na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a ɔdi kan.

22 Na deɛ ɛbuiɛ a nnan fifiri sii ananmu no, ahennie nnan bɛsɔre ɔman no mu, nso ɛnnuru akane deɛ no ahoɔden.

23 Na wɔn ahennie no akyire berɛ mu

a mmaratofoɔ awie wɔn adeɛ yɛ no,

ɔhene a n’ani yɛ den

na ɔhunu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre.

24 Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi;

na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa,

na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ,

na wasɛe ahoɔdenfoɔ

ne akronkronfoɔ man no.

25 Na n’aniteɛ nti

ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam,

na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm

na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn;

na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no,

nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no.

26 Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho.

27 Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara anhunu mu.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 9

Daniel di ma ne nkurɔfoɔ

1 Akas-weros ba Dario a n’ase firi Media a ɔdii Kaldeafoɔ ahemman so hene no afe a ɛdi kan

2 a ɔbɛdii hene mu no, na me, Daniel, meredwendwen AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirinhyia aduɔson awie duru, Yerusalem amamfo soɔ no ho.

3 Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ.

4 Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpaeɛ na mepaee mu mekaa sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ,

5 yɛayɛ bɔne afom adi abɔnefosɛm ate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.

6 Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.

7 Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a wɔn fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so,

8 AWURADE, yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua,

10 na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnante ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so de sii yɛn anim no mu;

11 na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.

12 Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn atemmufoɔ a wɔbuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛseɛ a ebi mmaa wiase nyinaa pɛn sɛdeɛ ɛbaa Yerusalem no baa yɛn soɔ;

13 sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsane afiri yɛn amumuyɛ ho, na yɛatie wo nokorɛ.

14 Yei na AWURADE atwɛn na berɛ a ɛsɛ mu no, ɔde atoyerɛnkyɛm aba yɛn soɔ; na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ tenenee, ne nneyɛɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa mu, na yɛantie ne nne.

15 Na afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Misraim asase soɔ de agye din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne.

16 Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.

17 Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, AWURADE nti.

18 Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’ani na hwɛ yɛn amamfo ne kuro a wɔabɔ wo din wɔ soɔ no, na ɛnyɛ yɛn tenenee so na yɛde yɛn nkotosrɛ reba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebree ntira,

19 Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man.

Gabriel kyerɛ nkɔmhyɛ no ase

20 Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron,

21 na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, Ɔbɔfoɔ Gabriel a mehunuu no anisoadehunu mu akane no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu.

22 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔne me kasaa sɛ: Daniel, afei mafiri aba sɛ merebɛma woanya nhunumu.

23 Wo nkotosrɛ mfitiaseɛ mu no, asɛm firi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wɔdɔ wo sɛ; enti te asɛm no ase, na hunu adehunu no mu.

24 Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron.

25 Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ.

26 Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.

27 Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 10

Ɔbɔfoɔ no ahoyie

1 Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu.

2 Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe mmiɛnsa;

3 manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.

4 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so aduonu nnan no, na mewɔ asu kɛseɛ Hidekel a ɛne Tigris ano.

5 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfira nwera na Ufas sika bɔ n’asene nie;

6 na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.

7 Na me, Daniel, nko na mehunuu anisoadeɛ no, na mmarima a ɛka me ho no anhunu adeɛ no, nanso ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔdwane kɔhuntae.

8 Na ɛkaa me nko ara na mehunuu anisoadeɛ kɛseɛ yi, na ahoɔden biara anka me mu, na m’ahoɔfɛ dane yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

9 Na metee ne nsɛm nne; na metee ne nsɛm nne no, na mehwee ase daa nnahɔɔ, na m’anim butuu fam.

10 Na hwɛ, nsa bi bɛkaa me nyanee me maa meweaweaa me nankoroma ne me nsa so.

11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ woɔ yi, na gyina wo nan so, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopoɔ megyinaa hɔ.

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.

13 Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me nnawɔtwe mmiɛnsa, na hwɛ, Mikael a ɔyɛ abɔfoɔ atitire no mu baako, ba bɛboaa me, na metenaa hɔ wɔ Persia ahemfo no nkyɛn.

14 Na maba sɛ merebɛma woate deɛ ɛbɛyɛ wo man, nna a ɛdi akyire no mu. Na nna no ho anisoadehunu da so wɔ hɔ.

15 Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim mesii fam, na metɔree mum.

16 Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma nsɛsoɔ kaa m’anofafa, na mebuee m’ano mekasa ka kyerɛɛ deɛ ɔgyinaa m’anim no sɛ: Owura, anisoadehunu no mu maboto ahima, na ahoɔden biara nni me mu;

17 na ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa yi bɛtumi ne me wura yi akasa? Ɛfiri sɛ, afei deɛ ahoɔden biara nni me mu, na home biara nso nni me mu.

18 Na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ sane bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den;

19 na ɔse: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoeɛ nka wo, yɛ den! Yɛ den! Na ɔne me kasaeɛ no, mehyɛɛ me ho den, na mese: Ma me wura nkasa, ɛfiri sɛ woahyɛ me den.

20a Na ɔse: Wonim deɛ enti a mebaa wo nkyɛn?

21a Nanso merekyerɛ wo deɛ wɔakurukyire no nokorɛ nwoma mu,

20b Na afei na mɛsane me ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebɛfiri makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba,

21b na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina asɔ me mu atia yeinom gye Mikael.